Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buddhasom—Pɛyɛ a Wɔkwati Onyankopɔn Hwehwɛ

Buddhasom—Pɛyɛ a Wɔkwati Onyankopɔn Hwehwɛ

Ti 6

Buddhasom—Pɛyɛ a Wɔkwati Onyankopɔn Hwehwɛ

1. (a) Ɔkwan bɛn so na Buddhasom ada adi wɔ Atɔe famfo mu? (b) Nneɛma bɛn na ama ɔsom yi akɔ Atɔe fam?

BUDDHASOM a ebeduu afeha 20 mu no na Asia nkutoo na wonim no abɛyɛ ɔsom a ɛwɔ wiase nyinaa nnɛ. Nokwarem no, Atɔe famfo pii ho dwiriw wɔn kɛse bere a wohu sɛ Buddhasom retrɛw wɔ baabi a wɔte no. Nea ama aba saa titiriw ne aguanfo a wotu kɔ aman foforo mu no. Asiafo bebree akɔtra Europa Atɔe fam, Amerika Kusuu fam, Australia, ne mmeae foforo. Bere a atubrafo pii kɔtra wɔn aman foforo koraa no mu no, wɔde wɔn som nso kɔ hɔ. Bere koro no ara mu no, Atɔe famfo pii rehu Buddhasom nea edi kan. Eyi ne biribiara a wɔma ho kwan ne honhom fam nneɛma ho anigye a akɔ fam wɔ asɔre ahorow a akyɛ no mu no ama ebinom abɛyɛ nyamesom “foforo” mufo.—2 Timoteo 3:1, 5.

2. Ɛhe na wohu Buddhafo nnɛ?

2 Enti, sɛnea 1989 Britannica Book of the Year kyerɛ no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 300 na wose wɔyɛ Buddhafo wɔ wiase nyinaa, a bɛyɛ 200,000 wɔ Europa Atɔe fam na bɛyɛ 200,000 wɔ Amerika Kusuu fam, 500,000 wɔ Latin Amerika, na 300,000 wɔ kan Soviet Union. Nanso, wɔda so ara hu Buddhafo dodow no ara wɔ Asia aman te sɛ Sri Lanka, Myanmar (Burma), Thailand, Japan, Korea, ne China mu. Nanso, hena ne Buddha? Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom yi fii ase? Dɛn ne Buddhasom nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe?

Nokware Fibea Ho Asɛm

3. Buddha asetra ho kyerɛwtohɔ bɛn na ɛwɔ hɔ?

3 Nhoma World Religions—From Ancient History to the Present se: “Nea wonim wɔ Buddha asetra ho no gyina nyamesom nhoma mu adanse so titiriw, na nea ɛka nneɛma pii ho nsɛm na emu da hɔ yiye sen biara ne nea wɔde Pali, tete India kasa bi kyerɛwee no.” Nea eyi kyerɛ ne sɛ Siddhārtha Gautama, nea ɔde ɔsom yi bae a ɔtraa ase wɔ India kusuu fam wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no bere so nhoma biara nni hɔ a ɛka ne ho asɛm kyerɛ yɛn. Nokwarem no, ɛno ma asɛnnennen bi sɔre. Nanso, nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse ne bere ne sɛnea wɔkyerɛw “nyamesom nhoma” no.

4. Ɔkwan bɛn so na mfiase no wɔkoraa Buddha nkyerɛkyerɛ ankasa so?

4 Buddhafo atetesɛm ka sɛ Gautama wu akyi pɛɛ no, nkokorafo baguafo 500 hyiae sɛ wobesi ne Wura no nkyerɛkyerɛ ankasa ho gyinae. Sɛ́ ebia wɔyɛɛ saa nhyiam no ampa no yɛ asɛm a Buddhafo nhomanimfo ne abakɔsɛm akyerɛwfo gye ho akyinnye pii. Nanso, nea ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ Buddhafo nyamesom nhoma mpo gye tom sɛ wɔankyerɛw nkyerɛkyerɛ a wogye tom a wosii ho gyinae no, na mmom n’asuafo sua guu wɔn tirim. Wɔtwɛn bere tenten bi ansa na wɔrekyerɛw wɔn nyamesom nhoma no ankasa.

5. Bere bɛn na wɔkyerɛw Pali nyamesom nhoma no?

5 Sɛnea afeha a ɛto so anan ne asia Y.B. mu Sri Lankafo abakɔsɛm kyerɛ no, wɔkyerɛw saa Pali kasa mu “nyamesom nhoma” a akyɛ sen biara no wɔ Ɔhene Vattagamani Abhaya ahenni mu wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu. Wɔankyerɛw Buddha asetra ho nsɛm foforo ansa na ebia afeha a edi kan anaa nea ɛto so anum Y.B. mpo reba, bɛyɛ mfe apem wɔ n’asetra akyi.

6. Nsɛm bɛn na wɔka de tiaa “kyerɛw nsɛm a wogye tom” no? (Fa toto 2 Timoteo 3:16, 17 ho.)

6 Enti, Abingdon Dictionary of Living Religions kyerɛ sɛ, “Wɔankyerɛw ‘ne nkwa nna ho nsɛm’ ntɛm, atetesɛm ne anansesɛm ayɛ mu ma, na wɔde ano na ɛkaa anyamesɛm a akyɛ sen biara no, na ɛda adi sɛ wɔyɛɛ nsakrae bi wom de nsɛm pii kekaa ho.” Nhomanimfo bi “kae sɛ wontumi nkyerɛ pefee sɛ Gautama ankasa na ɔkaa nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw no mu asɛm biako mpo.” So ɔkasatia a ɛtete saa fata?

Buddha Nyinsɛn ne N’awo

7. Sɛnea Buddhafo nyamesom nhoma kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Buddha maame nyinsɛn no?

7 Susuw Jataka, Pali anyamesom nhoma no fã bi ne Buddha-charita, afeha a ɛto so abien Y.B. Sanskrit kasa mu Buddha asetra ho asɛm mu nsɛm bi a edidi so yi ho. Nea edi kan no yɛ sɛnea Buddha maame, Ɔhemmaa Maha-Maya, nyinsɛn no wɔ adaeso mu ho asɛm.

“Abɔfo baanan a wɔbɔ ne ho ban bɛmaa ɔne ne mpa nyinaa so, de no kɔɔ Himalaya Mmepɔw so. . . . Afei abɔfo a wɔbɔ ne ho ban yi yerenom bae, na wɔde no kɔɔ Ɔtare Anotatta ho, na woguaree no yii nnipa nkekae biara fii ne ho. . . . Ná Dwetɛ Bepɔw no bɛn hɔ, na na sika dan kɛse bi wom. Wɔde ɔsoro mpa bi sii hɔ a na ne ti kyerɛ apuei fam, na wɔde no too so. Afei na nea ɔbɛyɛ Buddha daakye no adan ɛsono fitaa nwonwaso bi. . . . Ɔforoo Dwetɛ Bepɔw no . . . na ɔnantew faa ne maame mpa no ho mprɛnsa, a na ne nifa so kyerɛ mpa no, na bere a ɔbɔɔ ne maame nifa so no, na ɛte sɛ nea wahyɛn n’awotwaa mu. Enti wonyinsɛn no ahohuru bere mfinimfini afahyɛ no mu.”

8. Dɛn na wɔka siei wɔ Buddha daakye ho?

8 Bere a ɔhemmaa no kaa dae no kyerɛɛ ne kunu a ɔne ɔhene no, ɔfrɛɛ Hindufo asɔfo atitiriw 64, ɔmaa wɔn aduan dii maa wɔn ntade hyɛe, na ɔkae sɛ wɔnkyerɛ no ase. Mmuae a wɔmae ni:

“Mma wo koma nntu, ɔhene kɛse! . . . Wobɛwo ɔbabarima. Na sɛ ɔkɔ so tra fie a, ɔbɛyɛ ɔhempɔn wɔ amansan nyinaa so; nanso sɛ ofi fie na ɔkɔ wiase a, ɔbɛyɛ Buddha, na obeyi wiase yi bɔne ne n’agyimisɛm afi hɔ.”

9. Anwonwasɛm bɛn na wose esisii wɔ nea wɔkae sɛ Buddha bɛyɛ daakye no akyi?

9 Wose anwonwade 32 sisii wɔ ɛno akyi:

“Wiase ɔpedu no nyinaa wosowee na ehinhimii mpofirim. . . . Hell ahorow nyinaa gya dunnumii; . . . nyarewa fii nnipa so; . . . nnwonto mfiri nyinaa bɔɔ nnwom a obiara mmɔ; . . . ɛpo kɛse hahraa no yɛɛ dɛdɛɛdɛ; . . . wiase ɔpedu no nyinaa dan nhwiren kɛse biako a ɛyɛ fɛ yiye.”

10. Buddhafo nyamesom nhoma ka Buddha awo ho asɛm dɛn?

10 Afei wɔwoo Buddha anwonwakwan so wɔ turo nnua bi a wɔfrɛ no Lumbini Pɔw mu. Bere a ɔhemmaa no pɛe sɛ oso pɔw no mu dua a ɛware sen biara no baa mu no, dua no penee so kuntunui ma otumi soo mu. Bere a osoo dubaa no mu, na ogyinaa hɔ no, ɔwoe.

“Opue fii ne maame awotwaa mu te sɛ ɔsɛnkafo a ofi n’asɛnka agua so resi fam, anaasɛ obi a ɔresian atrapoe na watene ne nsa abien ne ne nan abien nyinaa, a ne maame woo no no na nkekae biara nni ne ho. . . .”

“Wɔwoo [nea ɔbɛyɛ Buddha daakye no] ara pɛ no, ne nan abien nyinaa gyee fam, otuu anammɔn ason kɔɔ kusuu fam a akatawia fitaa si no so, na ɔhwɛɛ wiase afanan biara, de nne a ɛso nni kae sɛ: Meyɛ ɔhene wɔ wiase nyinaa, nea oye sen obiara ne otitiriw paa; m’awo a etwa to ni; wɔrenwo me bio da.”

11. Dɛn na nhomanimfo binom aka wɔ Buddha asetra ho nsɛm a ɛwɔ nyamesom nhoma no mu ho?

11 Ne mmofraase, ɔne mmeawa a wɔkyerɛɛ ne ho anigye ntam nsɛnnii, n’akyinkyinakyinkyin, ne ɛkame ayɛ sɛ asɛm biara a esii wɔ n’asetra mu ho nsɛm a ɛtete saa ara pii nso wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ebia nhomanimfo dodow no ara bɔ nsɛm yi nyinaa gu sɛ ɛyɛ atetesɛm ne anansesɛm. Britania Tete Nneɛma Akorae panyin bi ka mpo sɛ esiane “atetesɛm ne anwonwade pii no nti, . . . wontumi nhu Buddha asetra ho abakɔsɛm ankasa.”

12, 13. (a) Buddha asetra ho tete kyerɛwtohɔ ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn na nnipa dodow no ara gye tom wɔ bere a wɔwoo Buddha no ho? (Fa toto Luka 1:1-4 ho.)

12 Atetesɛm ahorow yi nyinaa akyi no, Buddha asetra ho tete kyerɛwtohɔ bi atrɛw yiye. Nnɛyi nhoma bi a wɔfrɛ no A Manual of Buddhism a wotintim wɔ Colombo, Sri Lanka, no ka asɛm tiawa yi.

“Da a na ɔsram atwa puruw wɔ May mu wɔ afe 623 A.Y.B. mu no, wɔwoo India Sakyanni Ɔhene Ba bi a ne din de Siddhattha Gotama wɔ Nepal mantam mu. * Ná ne papa ne Ɔhene Suddhodana, na ne maame ne ɔhemmaa Mahā Māyā. Owui bere a ɔwoo abofra no akyi nna kakraa bi, na Mahā Pajāpati Gotamī sii ne maame ananmu hwɛɛ no.

“Odii mfe dunsia no, ɔwaree ne wɔfa ba, Ɔhene babea hoɔfɛfo Yasodharā.

“Odii yiye wɔ asetra mu bɛyɛ mfe dumiɛnsa wɔ n’aware a na anigye wom no akyi, a na onnim ahemfie no akyi asetra a emu yɛ den no ho hwee koraa.

“Bere rekɔ so no, ohuu nokware no nkakrankakra. Bere a odii mfe 29 a nsakrae baa n’asetra mu no, ɔwoo ne babarima Rāhula. Obuu ne ba no sɛ akwanside, efisɛ ohui sɛ wɔwo obiara, obiara yare na owu. Enti bere a ohui sɛ awerɛhow wɔ baabiara no, osii gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ adesamma yare a ɛwɔ baabiara yi ano aduru.

“Enti ɔpoo anigye a na onya sɛ ɔdehye no, na ofii fie anadwo bi . . . otwitwaa ne ti nhwi, hyɛɛ ɔhotuafo atade, na okyinkyinii sɛ Nokware Hwehwɛfo.”

13 Ɛda adi pefee sɛ ne nkwa nna ho nsɛm kakra yi ne anwonwasɛm a ɛwɔ “nyamesom nhoma” no mu bɔ abira koraa. Nnipa dodow no ara gye eyi tom, gye afe a wɔwoo no nkutoo.

Pɛyɛ No—Sɛnea Ɛbae

14. Dɛn na ɛde nsakrae baa Gautama asetra mu?

14 Dɛn ne ‘nsakrae a ɛbaa n’asetra mu’ a yɛaka ho asɛm dedaw no? Ɛyɛ bere a edi kan a ohuu ɔyarefo, akwakoraa, ne obi a wawu wɔ n’asetra mu no. Nea ohui yi ma odii asetra atirimpɔw ho yaw—Dɛn nti na wɔwo nnipa ma wobehu amane, wonyinyin na wowuwu kɛkɛ? Afei wose ohuu onipa kronkron bi, obi a wapo wiase rehwehwɛ nokware no. Eyi kaa Gautama ma ɔpoo n’abusua, n’agyapade, ne ne din sɛ ɔhene ba no, na ɔde mfe asia a edi hɔ no hwehwɛɛ mmuae fii Hindufo akyerɛkyerɛfo ne gurufo hɔ, nanso ankosi hwee. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ odwennwen dii mmuada, ɔyɛɛ Yoga, na ɔde nneɛma pii kamee ne ho, nanso wannya honhom fam asomdwoe anaa pɛyɛ biara.

15. Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Gautama duu nea ose ɛyɛ pɛyɛ no ho?

15 Awiei no, obehui sɛ mfaso nni nneɛma pii a ɔde kame ne ho no so te sɛ nea taamudi asetra ntraso te no. Afei ɔpaw nea ɔfrɛɛ no Mfinimfini Kwan, na wanyɛ ade antra so wɔ asetra kwan a na odi akyi no mu. Esiane sɛ osii gyinae sɛ hu a obehu sɛnea n’ankasa te no na ɛbɛma wanya mmuae no nti, ɔkɔtraa Indiafo borɔdoma bi ase dwennwenee. Bere a ɔko tiaa honhommɔne Mara ntua ne ne sɔhwɛ ahorow no, ɔkɔɔ so dwennwenee adapɛn anan (ebinom kyerɛ sɛ ɛyɛ adapɛn ason) kosii sɛ wose ɔtraa nimdeɛ ne ntease nyinaa na oduu pɛyɛ ho.

16. (a) Gautama bɛyɛɛ onipa bɛn? (b) Adwenhorow bɛn na wokura wɔ Buddha ho?

16 Sɛnea Buddhafo kyerɛ no, adeyɛ yi maa Gautama bɛyɛɛ Buddha—Onimdefo anaa Obi a Ɔyɛ Pɛ. Ná wadu botae a etwa to, Nirvana, asomdwoe a edi mu ne pɛyɛ a akɔnnɔ ne amanehunu nnim ho. Wɔsan frɛɛ no Sakyamuni (Sakya abusua mu onyansafo), na na ɔtaa frɛ ne ho sɛ Tathagata (nea ɔbae sɛ [ɔrebɛkyerɛkyerɛ]). Nanso, Buddhafo kuw biara kura adwene soronko wɔ asɛm yi ho. Ebinom bu no ketee sɛ obi a n’ankasa huu ɔkwan a wɔfa so du pɛyɛ ho na ɔde kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo. Afoforo nso bu no sɛ Buddhanom a wɔbaa wiase toatoaa so bɛkaa dharma (Pali, Dhamma), Buddha nkyerɛkyerɛ anaa ne kwan ho asɛm anaa wɔbɛhyɛɛ mu den no mu nea otwa to. Bio nso, afoforo bu no sɛ bodhisattva, nea wadu pɛyɛ ho nanso otuu Nirvana a ɔbɛkɔ hyɛɛ da na ama waboa afoforo wɔ pɛyɛ a wɔhwehwɛ mu. Sɛnea ɛte biara no, ade yi, Pɛyɛ, ho hia Buddhafo nyinaa kɛse.

Pɛyɛ—Ɛne Dɛn?

17. (a) Ɛhe na Buddha dii kan kaa n’asɛm no, na ɔka kyerɛɛ henanom? (b) Kyerɛkyerɛ Nokware Atitiriw Anan no mu tiawa.

17 Bere a Buddha duu pɛyɛ ho no, osiim sɛ ɔde nokware foforo a wahu, ne dharma, rekɔkyerɛkyerɛ afoforo bere a watwentwɛn ne nan ase kakra akyi no. Ɔmaa ne kasa a edi kan a ebetumi aba sɛ ɛne nea ɛho hia sen biara no wɔ kurow Benares mu kyerɛɛ bhikkusfo—asuafo anaa nkokorafo baanum—wɔ aforote atrae. Ɔkyerɛkyerɛe wom sɛ sɛ obi benya nkwa a, ɛsɛ sɛ ɔkwati anigyede ntraso ne ahotua asetra na ɔfa Mfinimfini Kwan no so. Afei, ɛsɛ sɛ ɔte Nokware Atitiriw Anan (hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa a ɛne eyi di nhwɛanim no mu) a wobetumi abɔ no mua sɛnea edidi so yi ase na odi akyi:

(1) Asetra nyinaa yɛ amanehunu.

(2) Akɔnnɔ na ɛde amanehunu ba.

(3) Akɔnnɔ gyae a, amanehunu to twa.

(4) Akwan Awotwe so fa ma akɔnnɔ gyae, na obi nya n’abrabɔ, ne nsusuwii ne ne gyidi so tumi.

18. Dɛn na Buddha kae wɔ ne pɛyɛ fibea ho? (Fa toto Hiob 28:20, 21, 28; Dwom 111:10 ho.)

18 Mfinimfini Kwan ne Nokware Atitiriw Anan ho ɔkasa yi da Pɛyɛ mu ade titiriw adi, na wobu no sɛ Buddha nkyerɛkyerɛ nyinaa a wɔabɔ no mua. (Nea ɛne eyi bɔ abira no, fa toto Mateo 6:25-34; 1 Timoteo 6:17-19; Yakobo 4:1-3; 1 Yohane 2:15-17 ho.) Gautama ankyerɛ sɛ honhom na ɛkaa no ma ɔmaa ɔkasa yi, na mmom ɔno na ɔkaa nsɛm a “Tathagata hui” no. Wose bere a Buddha da ne wupa so no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Hwehwɛ nkwagye wɔ nokware no mu nkutoo; hwehwɛ mmoa fi wo nkutoo hɔ.” Enti, sɛnea Buddha kyerɛ no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma obi du pɛyɛ ho na mmom mmɔden a n’ankasa bɔ sɛ obenya adwempa na wayɛ nnepa no.

19. Dɛn nti na wogyee Buddha nsɛm no toom saa bere no?

19 Ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a wogyee nkyerɛkyerɛ yi toom wɔ Indiafo mu saa bere no. Ɛkasa tiaa nyamesom mu adifudepɛ ne ɔporɔw a Hindu Brahmanfo anaa asɔfokuw hyɛɛ ho nkuran, ne Jainfo ne nyamesom akuw foforo ahotua asetra denneennen no. Ɛma woguu afɔrebɔ ne amanne ahorow, anyame ne anyamewa bebree, ne nnipa mu nkyekyem a ɔhaw wom a edi nnipa no asetra nyinaa mu akoten na ɛde wɔn ayɛ nkoa no. Ne tiaatwa mu no, ɛma wonyaa anidaso sɛ obiara a ɔpɛ sɛ osuasua Buddha no benya ahofadi.

Buddhasom Trɛw Ne Nkɛntɛnso Mu

20. (a) Dɛn ne Buddhasom “Abohene Abiɛsa” no? (b) Buddha asɛnka ɔsatu no trɛw koduu he?

20 Bere a bhikkusfo baanum no gyee Buddha nkyerɛkyerɛ toom no, wɔbɛyɛɛ sangha, anaasɛ nkokorafo kuw a wodi kan. Enti wowiee Buddhasom mu “Abohene Abiɛsa” (Triratna) a ɛne Buddha, dharma, ne sangha a wosusuw sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛfa ɔkwan a ɛbɛma wɔadu pɛyɛ ho no so. Bere a Gautama Buddha siesiee ne ho saa no, ɔkɔkaa asɛm wɔ Ganges Bon no mu nyinaa. Nnipa ahorow nyinaa bi betiee no na wɔbɛyɛɛ n’asuafo. Eduu bere a owui a na wadi mfe 80 no, na wagye din yiye, na na wobu no paa. Wɔkae sɛ nsɛm a etwa to a ɔka kyerɛɛ n’asuafo ne sɛ: “Ɔporɔw wɔ nneɛma nyinaa mu. Momfa nsi nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.”

21. (a) Hena titiriw na ɔmaa Buddhasom trɛwee? (b) Dɛn na efii ne mmɔdenbɔ no mu bae?

21 Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu, bɛyɛ Buddha wu akyi mfe 200 no, nea odii Buddhasom mu akoten sen biara, Ɔhempɔn Aśoka, a odii India fã kɛse no ara so no sɔree. Esiane sɛ nnipakum ne basabasayɛ a ne nkonimdi ahorow de bae no maa ne werɛ howee nti, ogyee Buddhasom toom na ɔmaa Ɔman no boae. Osii nyamesom nkaedum ahorow, frɛɛ baguafo nhyiam, na otuu nnipa no fo sɛ wonni Buddha ahyɛde ahorow so. Afei nso, Aśoka somaa Buddhafo asɛmpatrɛwfo kɔɔ India baabiara ne Sri Lanka, Siria, Egypt, ne Greece. Aśoka mmɔdenbɔ titiriw nti, Buddhasom a ɛyɛ Indiafo som no trɛw kɔɔ wiase nyinaa. Ɛfata sɛ ebinom bu no sɛ Buddhasom farebae a ɔto so abien.

22. Ɛyɛɛ dɛn na Buddhasom kɔɔ Asia nyinaa?

22 Buddhasom trɛw fii Sri Lanka kɔɔ apuei fam koduu Myanmar (Burma), Thailand, ne Indochina mmeae foforo. Buddhasom trɛw kɔɔ Kashmir ne Asia mfinimfini wɔ atifi fam. Buddhafo nkokorafo fi saa mmeae no tutuu akwan kɔfaa mmepɔw ne anhweatam a wɔmma nnipa nkɔ hɔ no so de wɔn nyamesom kɔɔ China wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Efi China no, na ɔkwan no nware sɛ Buddhasom bɛtrɛw akɔ Korea ne Japan. Wɔde Buddhasom kɔɔ Tibet a ɛne India bɔ hye wɔ kusuu fam no nso. Ɛne ɛhɔ gyidi horow frafrae, na ɛbɛyɛɛ Lamasom a edi nyamesom ne amammui mu akoten wɔ hɔ. Eduu afeha a ɛto so asia anaa ason Y.B. mu no, na Buddhasom ase atim yiye wɔ Asia Kesee fam apuei ne Mediterranea Supɔw Apuei Fam Tɔnn nyinaa. Nanso dɛn na na ɛrekɔ so wɔ India?

23. Dɛn na ɛbaa Buddhasom so wɔ India?

23 Bere a Buddhasom nkɛntɛnso retrɛw wɔ nsase foforo so no, na ɛrebrɛ ase nkakrankakra wɔ India. Esiane sɛ na nkokorafo no di nyansapɛ ne nneɛma a wontumi mfa aniwa nhu akyi kɛse nti, wɔne wɔn akyidifo no ntam fii ase tetewee. Bio nso, ahemfo mmoa a efii wɔn nsa ne Hindufo nsusuwii ne nneyɛe a wogye toom no maa Buddhasom guu ntɛmntɛm wɔ India. Buddhafo mmeae kronkron, te sɛ Lumbini, a wɔwoo Gautama ne Buddh Gaya a “oduu pɛyɛ ho” wɔ hɔ no mpo sɛee. Eduu afeha 13 no, na ɛkame ayɛ sɛ Buddhasom agu wɔ India, ɔman a efi mu no mu.

24, 25. Nsɛm foforo a ɛkɔɔ so wɔ Buddhasom mu bɛn na wohui wɔ afeha a ɛto so 20 no mu?

24 Wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, nsakrae foforo baa Buddhasom mu. Amammui mu basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ China, Mongolia, Tibet, ne Asia Kesee fam apuei aman mu no kaa no kɛse. Wɔsɛee nkokorafi ne asɔredan mpempem pii pamoo nkokorafo ne mmea asɔfo ɔpehaha pii, de wɔn guu afiase, na wokunkum bi mpo. Nanso, Buddhasom da so ara wɔ aman yi mu nnipa nsusuwii ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse.

25 Wɔ Europa ne Amerika Kusuu fam no, ɛte sɛ nea nnipa pii ani gye Buddhafo adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ “nokware” no wɔ n’ankasa mu no ho kɛse, na dwen a ɛma wodwennwen no tumi ma wɔkwati Atɔe fam asetra a basabasayɛ wom no. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ Tenzin Gyatso, Tibet Dalai Lama, a wɔatwa no asu no kyerɛwee wɔ nhoma Living Buddhism nnianim asɛm no mu sɛ: “Ebia nnɛ Buddhasom betumi ayɛ biribi de akae atɔe famfo sɛ wɔwɔ honhom mu ahiade wɔ wɔn asetra mu.”

Buddhasom Akwan Horow No

26. Wɔakyekyɛ Buddhasom mu dɛn?

26 Ɛwom sɛ wɔtaa ka Buddhasom ho asɛm sɛ ɔsom biako de, nanso nokwasɛm no ne sɛ wɔakyekyɛ mu ayɛ no akuw pii a ɛsono ebiara nsusuwii. Emu biara wɔ n’ankasa nkyerɛkyerɛ, nneyɛe ne ne nyamesom nhoma a egyina sɛnea Buddha te ho nkyerɛkyerɛmu a egu ahorow so. Wɔasan akyekyɛ akuw yi mu ayɛ no akuw nketewa pii, a baabi a ɛwɔ no amammerɛ ne atetesɛm anya pii so nkɛntɛnso kɛse.

27, 28. Wobɛkyerɛkyerɛ Theravada Buddhasom mu dɛn? (Fa toto Filipifo 2:12; Yohane 17:15, 16 ho.)

27 Theravada (Mpanyimfo Kwan) anaa Hinayana (Afiri Ketewa) Buddhasom no atrɛw wɔ Sri Lanka, Myanmar (Burma), Thailand, Kampuchea, (Cambodia), ne Laos. Ebinom bu eyi sɛ ɛne tete Buddhasom no. Esi nyansa a obi benya ne n’ankasa nkwagye ho adwuma a ɔbɛyɛ denam po a ɔbɛpo wiase atra ase sɛ ɔkokorani, adwennwen asua ade wɔ nkokorafi so no so dua.

28 Wɔtaa hu mmerantewaa akuw a wɔabɔ tikwa, ahyehyɛ ntade atenten akokɔsrade a wɔnhyɛ mpaboa na wokurakura nkuruwa a wɔde srɛsrɛ ade a wɔrekogye wɔn da biara aduan afi gyidifo a wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn no nkyɛn wɔ aman yi bi mu. Anyɛ yiye koraa no, mmarima taa de wɔn nkwa nna fã bi tra nkokorafi. Ɔkokorani asetra atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ arhat, kyerɛ sɛ, obi a wadu honhom fam pɛyɛ ho na wade ne ho afi ɛyaw ne amanehunu ho wɔ wu a owu ma wɔsan wo no kyinhyia no mu. Buddha akyerɛ kwan no; nea aka ne sɛ obiara bedi akyi.

29. Mahayana Buddhasom mu nneɛma no bi ne dɛn? (Fa toto 1 Timoteo 2:3, 4; Yohane 3:16 ho.)

29 Wohu Buddhasom a ɛne Mahayana (Afiri Kɛse) no wɔ China, Korea, Japan, ne Vietnam titiriw. Nea enti a wɔfrɛ no saa ne sɛ esi Buddha nkyerɛkyerɛ yi so dua sɛ “nokware ne nkwagye kwan no wɔ hɔ ma obiara, sɛ ebia ɔte ɔbodan, nkokorafi, anaa ofie mu no . . . Enni hɔ mma wɔn a wɔpo wiase no nkutoo.” Mahayana adwene titiriw ne sɛ Buddha dɔ ne ne mmɔborohunu yɛ kɛse araa ma ɔremfa nkwagye nkame obiara. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ Buddha ne ne su wɔ yɛn nyinaa mu, obiara betumi abɛyɛ Buddha, na wayɛ pɛ anaasɛ wayɛ bodhisattva. Ɛnyɛ ahohyɛso denneennen na ɛde pɛyɛ ba, na mmom ɛyɛ Buddha mu gyidi ne mmɔborohunu a wonya ma nneɛma a nkwa wom nyinaa. Ɛda adi pefee sɛ nnipa pii a wɔpɛ nneyɛe kyɛn nkyerɛkyerɛ no ani gye eyi ho kɛse. Nanso, ahofadi su kɛse yi nti, akuw ne ɔsom pii aba.

30. Botae bɛn na “Asase Kronn” Buddhafo hwehwɛ sɛ wodu ho? (Fa toto Mateo 6:7, 8; 1 Ahene 18:26, 29 ho.)

30 Mahayana akuw pii a aba China ne Japan no bi ne Asase Kronn ne Zen Buddhasom. Nea edi kan no de ne gyidi gyina Amida Buddha a ɔhyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ wɔbɛsan awo wɔn wɔ Asase Kronn, anaa Atɔe Fam Paradise a ɛyɛ asase a anigye wɔ so a anyame ne nnipa te so no so nkwagye tumi mu gyidi so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobefi hɔ akɔ Nirvana. Bere a ne suani ti mpaebɔ mu sɛ “Mede me gyidi gyina Amida Buddha so” mpɛn pii, ɛtɔ da bi a, mpɛn mpempem pii da biara no, ɔma ne ho tew na ama wadu pɛyɛ ho anaasɛ wɔasan awo no wɔ Atɔe fam Paradise.

31. Nneɛma bɛn na ɛwɔ Zen Buddhasom mu? (Fa toto Filipifo 4:8 ho.)

31 Zen Buddhasom (Ch’an Buddhasom a ɛwɔ China) nyaa ne din fii nneɛma ho dwen mu. Nsɛmfua ch’an (China kasa) ne zen (Japan kasa) no yɛ Sanskrit asɛmfua dhyāna a ɛkyerɛ “nneɛma ho dwen.” Eyi kyerɛkyerɛ sɛ adesua, nnwuma pa, ne amanne horow ho nhia kɛse. Obi betumi adu pɛyɛ ho denam aborɔmmɛ a wontumi nhu nea ɛkyerɛ pɛpɛɛpɛ, te sɛ ‘Nsam a wɔbɔ biako pɛ gyigye dɛn?’ ne ‘Dɛn na yehu wɔ baabi a hwee nni no?’ ho a obesusuw kɛkɛ no so. Wɔada Zen Buddhasom mu ahonhonsɛmdi adi wɔ sɛnea wɔhyehyɛ nhwiren, nsaano nkyerɛwee, mfonini a wɔde adubiri yɛ, anwensɛm, turoyɛ ne nea ɛkeka ho mu, na wɔagye eyi atom wɔ Atɔe fam. Ɛnnɛ, wohu mmeae a Zenfo tra dwennwen wɔ Atɔe fam aman pii mu.

32. Tibet Buddhasom te dɛn?

32 Nea etwa to koraa no, Tibet Buddhasom anaa Lamasom wɔ hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, wɔfrɛ Buddhasom yi Mantrayana (Mantra Afiri) esiane mantra, nsɛmfua ahorow a ntease wom anaasɛ ntease nnim a wɔde di dwuma wɔ nsɛm a wotĩ mu ka mu nti. Sɛ́ anka saa Buddhasom yi besi nyansa anaa mmɔborohunu so dua mmom no, esi ɔsom amanne, mpaebɔ, nkonyaayi, ne ahonhonsɛmdi so dua. Wɔbɔ mpae biako mpɛn mpempem pii da biara denam nhene ne nkyimii a wɔde bɔ mpae so. Wɔnam lamafo, anaa nkokorafo akannifo, a wɔn a wonim wɔn yiye ne Dalai Lama ne Panchen Lama ano a wɔde kyerɛkyerɛ no so na wobetumi asua amanne ahorow a asete yɛ den no. Lamani wu akyi no, wɔhwehwɛ abofra a wose ɔyɛ lamani a wɔasan awo no ma ɔyɛ honhom fam kannifo a odi hɔ. Nanso, wɔsan de asɛmfua no kyerɛ nkokorafo a akontaabu biako kyerɛ sɛ bere bi na wɔyɛ Tibetfo mu baanum biara mu biako no nyinaa. Lamafo san som sɛ akyerɛkyerɛfo, nnuruyɛfo, nsasewuranom, ne amammuifo.

33. Ɔkwan bɛn so na Buddhasom mu apaapae te sɛ Kristoman? (Fa toto 1 Korintofo 1:10 ho.)

33 Wɔakyekyɛ Buddhasom akuw atitiriw yi mu ayɛ no akuw anaa ɔsom pii. Ebinom di ɔkannifo pɔtee bi akyi, te sɛ Nichiren a ɔwɔ Japan a ɔkyerɛkyerɛe sɛ Mahayanan Lotus Sutra nkutoo mu na Buddha nkyerɛkyerɛ a wogye tom wɔ, ne Nun Ch’in-Hai a ɔwɔ Taiwan a nnipa pii di n’akyi no. Saa kwan yi so no, Buddhasom nyɛ soronko koraa wɔ Kristoman a ɛwɔ asɔre ne fekuw pii no ho. Nokwarem no, wɔtaa hu nnipa a wose wɔyɛ Buddhafo sɛ wɔyɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ Taosom, Shintosom, nananom a wɔawuwu som, ne Kristoman mpo mu no bi. * Buddhasom ahorow yi nyinaa kyerɛ sɛ wɔn gyidi ne nneyɛe gyina Buddha nkyerɛkyerɛ so.

Nkɛntɛn Abiɛsa ne Buddhafo Kyerɛw Nsɛm Foforo

34. Sɛ yesusuw Buddhasom nkyerɛkyerɛ ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

34 Wɔde ano na ɛkaa nkyerɛkyerɛ a wose efi Buddha hɔ no, na mfehaha pii wɔ ne wu akyi ansa na wofii ase kyerɛw too hɔ. Enti, aboro so koraa no, ɛkyerɛ nea n’akyidifo a wɔbaa akyiri yi susuwii sɛ ɔkae na ɔyɛe. Nokwasɛm a ɛne sɛ eduu saa bere no na Buddhasom mu apaapae ayɛ ɔsom pii dedaw no san ma asɛm yi yɛ hwanyann. Enti, nyamesom nhoma ahorow ka Buddhasom a ɛsonsono koraa ho asɛm.

35. Buddhafo nyamesom nhoma a akyɛ sen biara no ne nea ɛwɔ he?

35 Wɔkyerɛw Buddhafo kyerɛw nsɛm a edi kan koraa no wɔ Pali kasa a wose ɛne Buddha kurom kasa sɛ no mu wɔ bɛyɛ afeha a edi kan A.Y.B. mu. Theravada Buddhasom gye saa nyamesom nhoma yi tom sɛ ɛyɛ nokware. Ɛyɛ nhoma 31 a wɔaka abom ayɛ no nhoma abiɛsa a wɔfrɛ no Tipitaka (Sanskrit, Tripitaka), ɛkyerɛ “Nkɛntɛn Abiɛsa,” anaa “Nhoma Abiɛsa.” Vinaya Pitaka (Nteɛso Kɛntɛn) no ka mmara ne ahyɛde horow a wɔde ma nkokorafo ne asɔfo mmea ho asɛm titiriw. Nea ɛwɔ Sutta Pitaka (Ɔkasa Horow Kɛntɛn) no mu ne asɛnka, mfatoho, ne mmebusɛm a Buddha ne n’asuafo atitiriw ka kyerɛe. Nea etwa to koraa no, Abhidhamma Pitaka (Nkyerɛkyerɛ a Ɛsen Biara Kɛntɛn) yɛ Buddhasom nkyerɛkyerɛ ho nkyerɛkyerɛmu.

36. Dɛn na ɛda adi wɔ Mahayana Buddhafo kyerɛw nsɛm mu?

36 Nanso, Mahayana Buddhasom ho nhoma ahorow wɔ Sanskrit, China, ne Tibet kasa mu titiriw, na ɛdɔɔso pii. China kasa mu nyamesom nhoma no nkutoo yɛ apo bɛboro 5,000. Nsusuwii pii a enni nhoma ahorow a edi kan no mu, te sɛ Buddhanom a wɔn dodow te sɛ Ganges ano anhwea a wose wɔatra ase mfe ɔpepem pii, a wɔn mu biara hwɛ n’ankasa wiase so ho nsɛm wom. Ɛnyɛ nsɛm a wɔagugu mu dodo bere a nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ “nsɛm horow, nsusuwii a ɛtra so, nnipa a wɔn ho yɛ anika, ne nsɛm a wotĩ mu dodo” wɔ saa nyamesom nhoma yi mu no.

37. Ɔhaw ahorow bɛn na Mahayana nkyerɛwee ahorow de bae? (Fa toto Filipifo 2:2, 3 ho.)

37 Ɛda adi pefee sɛ nnipa kakraa bi na wotumi te nhoma a emu nsɛm asete yɛ den yiye yi ase. Esiane eyi nti, nsɛm a esisii akyiri yi ama Buddhasom aman koraa afi nea mfiase no Buddha pɛe sɛ ɛyɛ no ho. Sɛnea Vinaya Pitaka kyerɛ no, ná Buddha pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa te ne nkyerɛkyerɛ no ase na ɛnyɛ nhomanimfo nkutoo. Eyi nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa kasa a nnipa a wɔba fam no te nkyerɛkyerɛ ne nsusuwii no, na ɛnyɛ Hindusom kasa kronkron a na wɔnka bio no. Enti, mmuae a Mahayana akyidifo de ma Theravada Buddhafo a wɔka sɛ wonnye nhoma ahorow yi ntom sɛ wɔn som nhoma ne sɛ Gautama Buddha dii kan kyerɛkyerɛɛ mpapahwekwa a wonni nimdeɛ no, nanso ɔdaa nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛw akyiri yi wɔ Mahayana nhoma ahorow mu no adi kyerɛɛ nhomanimfo ne anyansafo.

Karma ne Samsara Kyinhyiadi

38. (a) Sɛ wɔde Buddhasom nkyerɛkyerɛ toto Hindusom ho a, ɛte dɛn? (b) Adwene bɛn na Buddhafo kura wɔ ɔkra ho wɔ nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe mu?

38 Ɛwom sɛ Buddhasom gyee nkurɔfo fii Hindusom mpokyerɛ mu koduu baabi de, nanso emu nsusuwii atitiriw no da so ara yɛ Hindufo nkyerɛkyerɛ a ɛfa Karma ne samsara ho. Ɛsono Buddhasom a Buddha kyerɛkyerɛɛ mfiase no wɔ Hindusom ho, efisɛ Buddhasom nnye ntom sɛ ɔkra a enwu bi wɔ hɔ, na mmom ɛka ankorankoro ho asɛm sɛ “honam ne adwene tumi anaa ahoɔden ahorow a aka abom.” * Nanso, ne nkyerɛkyerɛ da so ara gyina adwene a ɛne sɛ adesamma nyinaa nam wo a wɔsan wo wɔn (samsara) mpɛn pii no so fi asetra biako mu kɔ foforo mu, na nea wɔyɛɛ kan ne nea wɔyɛ mprempren (Karma) ma wohu amane no so. Ɛwom sɛ ebia nkurɔfo ani betumi agye pɛyɛ ne ahofadi a wobenya afi kyinhyiadi yi mu ho nsɛm yi ho de, nanso ebinom bisa sɛ: So ɛwɔ nnyinaso pa? Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi nneyɛe wɔ ne kan asetra bi mu na ɛde amanehunu biara ba? Na nokwarem no, adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi atra ase pɛn?

39. Buddhafo kyerɛwsɛm bi kyerɛkyerɛ Karma mmara no mu dɛn?

39 Karma mmara no ho nkyerɛkyerɛmu biako se:

“Kamma [Karma wɔ Pali kasa mu] no ankasa yɛ mmara. Nanso ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya mmarahyɛfo. Abɔde mu mmara, te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam nhia mmarahyɛfo. Kamma mmara nso nhia mmarahyɛfo. Ɛyɛ n’ankasa adwuma a nniso foforo bi mfa ne ho nnye mu.”—A Manual of Buddhism.

40. (a) Dɛn na abɔde mu mmara a ɛwɔ hɔ no kyerɛ? (b) Dɛn na Bible ka wɔ nea ɛde biribi ba ho?

40 So eyi yɛ nsusuwii pa? So abɔde mu mmara nhia mmarahyɛfo ampa? Asraman ho nimdefo, Ɔbenfo Wernher von Braun, kae bere bi sɛ: “Abɔde mu mmara horow no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ araa ma ɛnyɛ den sɛ yɛbɛyɛ ahunmu hyɛn de akɔ ɔsram so, na yebetumi ahu bere a akwantu no begye pɛpɛɛpɛ a anibu fã mpo mpa ho. Ɛbɛyɛ sɛ obi na ɔhyehyɛɛ mmara horow yi.” Bible nso ka nea ɛde biribi ba ho asɛm. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ, “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛ́ anka ɛbɛka sɛ mmara yi nhia mmarahyɛfo no, ɛda no adi sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wosi Onyankopɔn atwetwe,’ kyerɛ sɛ mmara yi Yɛfo, Yehowa, na ɔhyɛe.

41. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Karma mmara atoto asɛnnibea mmara ho? (b) Fa Karma toto Bible bɔhyɛ ho.

41 Bio nso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “bɔne so akatua ne owu,” na “nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.” Asɛnnibea ahorow mpo nim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwe obi aso mprenu wɔ nsɛmmɔne biara ho. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔsan wo obi a wawu de atua ne bɔne so ka dedaw no ma ɔsan behu nea afi ne kan nneyɛe mu aba ho amane bio? Bio nso, bere a obi nnim ne kan nneyɛe ko a wɔretwe n’aso wɔ ho no, ɛbɛyɛ dɛn na watumi asakra na wayɛ nea ɛteɛ? So wobetumi abu eyi sɛ atɛntrenee? Ɛne mmɔborohunu a wɔka sɛ ɛne Buddha su titiriw paa no hyia? Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a Bible no kae sɛ “bɔne so akatua ne owu” akyi no, ɛtoaa so kae sɛ: “Na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” Yiw, ɛhyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn beyi ɔporɔw nyinaa, bɔne, ne owu afi hɔ, na wama adesamma nyinaa anya ahofadi na wɔadu pɛyɛ ho.—Romafo 6:7, 23; 8:21; Yesaia 25:8.

42. Buddhani nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ obi a owu ma wɔsan wo no mu dɛn?

42 Buddhani nhomanimfo, Ɔbenfo Walpola Rahula, de obi a owu ma wɔsan wo no ho nkyerɛkyerɛmu ma sɛ:

“Ɔteasefo biara yɛ ɔhonam ne adwene mu tumi anaa ahoɔden a aka abom kɛkɛ. Nea yɛfrɛ no owu no yɛ adwuma a ɔhonam nipadua no gyae yɛ koraa. So tumi ne ahoɔden yi nyinaa gyae adwumayɛ bere a nipadua no gyae adwumayɛ no? Buddhasom se ‘Dabi.’ Obi apɛde, ne pɛ mu a ofi yɛ ade, n’akɔnnɔde, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra ase, ɔbɛkɔ so, ɔbɛyɛ bebree no yɛ tumi kɛse a ɛkanyan asetra biara ne wiase nyinaa mpo. Eyi ne tumi a ɛsen biara, ahoɔden a ɛsen biara wɔ wiase. Sɛnea Buddhasom kyerɛ no, tumi yi nnyae adwumayɛ bere a nipadua no gyae adwumayɛ, a ɛne owu no; mmom ɛkɔ so da ne ho adi sɛ biribi foforo, ɛba nkwa mu mpɛn pii, nea wɔfrɛ no wu a obi wu ma wɔsan wo no no.”

43. (a) Sɛnea abɔde a nkwa wom ho nimdeɛ kyerɛ no, wɔyɛ dɛn hu nea obi awosu bɛyɛ? (b) “Adanse” bɛn na ɛtɔ da bi a wɔde gyina obi a owu ma wɔsan wo no no akyi? (d) So obi a owu ma wɔsan wo no no ho “adanse” a ɛte saa ne nea nnipa dodow no ara nim no hyia?

43 Wɔ nyinsɛn mu no, obi nya n’awosu mu ɔha mu nkyem 50 fi n’awofo no mu biara hɔ. Enti ɛremma da sɛ ɔbɛsɛ obi pɛpɛɛpɛ wɔ kan asetra bi mu. Nokwarem no, wontumi mfa nyansahu mu nnyinasosɛm a wonim biara nnyina obi a owu ma wɔsan wo no no akyi. Mpɛn pii no, wɔn a wogye obi a owu ma wɔsan wo no nkyerɛkyerɛ di no de nnipa a wose wɔkae wɔn anim, nsɛm a esisi ne mmeae a wonnim dedaw di ho adanse. So ntease wɔ eyi mu? Sɛ wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a otumi kae mmere a atwam mu nsɛm traa ase saa bere no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a obetumi aka nea ɛbɛba daakye—nnipa pii wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wotumi yɛ saa—no atra ase daakye. Ɛda adi sɛ ɛnte saa.

44. Fa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa “honhom” ho toto Buddhafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa obi a owu ma wɔsan wo no ho.

44 Bɛboro mfe 400 ansa na wɔrewo Buddha no, Bible kaa nkwa tumi bi ho asɛm. Ɛrekyerɛ nea ɛba wɔ obi wu mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:7) Wɔkyerɛɛ asɛmfua “honhom” no ase fii Hebri asɛmfua ru΄ach, a ɛkyerɛ nkwa tumi a ɛma abɔde a ɛte ase nyinaa, nnipa ne mmoa, keka wɔn ho mu. (Ɔsɛnkafo 3:18-22) Nanso, nsonsonoe titiriw a ɛwom ne sɛ ru΄ach yɛ tumi a enni nipadua; enni n’ankasa apɛde anaasɛ ɛmfa nea wawu no nipasu anaa ne su horow biara. Emfi onipa biako mu nkɔ ɔfoforo mu wɔ owu mu, na mmom ‘ɛsan kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.’ Ɔkwan foforo so no, onipa no daakye asetra ho anidaso—owusɔre anidaso—nyinaa wɔ Onyankopɔn nsam.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 17:31.

Nirvana—So Wonya Nea Nsa Ntumi Nka No?

45. Adwene bɛn na Buddhafo kura wɔ Nirvana ho?

45 Eyi de yɛn ba Buddhafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa pɛyɛ ne nkwagye ho no so. Buddhafo fam no, nkwagye ho adwene titiriw ne sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Karma ne samsara mmara horow ho, na wɔanya Nirvana nso. Na dɛn ne Nirvana? Buddhafo nyamesom nhoma ka sɛ wontumi nkyerɛ sɛnea ɛte na wontumi nkyerɛkyerɛ mu, na mmom wobetumi ate nka kɛkɛ. Ɛnyɛ ɔsoro a obi kɔ wɔ ne wu akyi na mmom biribi a obiara betumi anya wɔ ha na wanya mprempren. Wose nea asɛm no kyerɛ ankasa ne sɛ “sɛ wobedum.” Enti, ebinom kyerɛ Nirvana ase sɛ nkate ne akɔnnɔ biara a egyae; asetra a nkate te sɛ ɛyaw, ehu, apɛde, ɔdɔ, anaa ɔtan nnim; tebea a daa asomdwoe ne ɔhome wom na nsakrae nnim. Ne titiriw no, wose ɛyɛ obi asetra a ɛba awiei.

46, 47. (a) Sɛnea Buddhafo nkyerɛkyerɛ ka no, ɛhe na nkwagye fi ba? (b) Dɛn nti na adwene a Buddhafo kura wɔ baabi a nkwagye fi ho no ne nea nnipa dodow no ara nim bɔ abira?

46 Buddha kyerɛkyerɛe sɛ pɛyɛ ne nkwagye—Nirvana a awie pɛyɛ—mfi Onyankopɔn anaasɛ tumi foforo bi hɔ na ɛba, na mmom efi onipa no mu denam n’ankasa mmɔdenbɔ wɔ nnwuma pa ne nsusuwii pa mu no so. Eyi ma asɛmmisa yi sɔre sɛ: So biribi a ɛyɛ pɛ betumi afi nea ɛnyɛ pɛ mu aba? So yɛn ankasa osuahu nkyerɛ yɛn, sɛnea Hebrini diyifo Yeremia kae no, sɛ “onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn”? (Yeremia 10:23) Sɛ obi ntumi nni ne ho so nwie wɔ da biara nneɛma nketenkete mpo mu a, so ntease wom sɛ wobesusuw sɛ obi nkutoo betumi ayɛ ne daa nkwagye ho adwuma?—Dwom 146:3, 4.

47 Sɛnea obi a wamem wɔ aforɔ mu ankasa ntumi mfi mu no, saa ara na adesamma hyɛ bɔne ne owu ase, na obiara ntumi nnye ne ho mfi saa mpokyerɛ yi mu. (Romafo 5:12) Nanso, Buddha kyerɛkyerɛe sɛ nkwagye gyina obi ankasa mmɔdenbɔ nkutoo so. N’afotu a ɔde kraa n’akyidifo ne sɛ “momfa mo ho nto mo ho so na ɛnyɛ afoforo mmoa so; munkura nokware no mu den te sɛ kanea; monhwehwɛ nkwagye wɔ nokware no nkutoo mu; monnhwehwɛ mmoa mmfi obi foforo hɔ.”

Pɛyɛ Anaa Abasamtu?

48. (a) Ɔkwan bɛn so na nhoma bi ka nea afi Buddhafo nsusuwii a asete yɛ den, te sɛ Nirvana mu aba ho asɛm? (b) Dɛn na afi Buddhafo nkyerɛkyerɛ ho anigye a wɔkyerɛ nnansa yi wɔ mmeae bi no mu aba?

48 Dɛn na afi nkyerɛkyerɛ a ɛte saa mu aba? So ɛkanyan wɔn a wogye di no ma wonya nokware gyidi ne ahofama? Nhoma Living Buddhism ka sɛ wɔ Buddhafo aman bi mu no, “nkokorafo mpo nnwen wɔn som mu nneɛma a ɛsom bo no ho ahe biara. Pii bu Nirvāna a wobenya no sɛ botae hunu a ntease nnim, na wɔntaa nnwennwen nneɛma ho. Wɔ Tipitaka a wosua no ebi ne bi akyi no, wɔde wɔn ho si hɔ sɛ wɔbɛma wɔn ayamye ne biakoyɛ anya nnipa so nkɛntɛnso.” Saa ara nso na bere a World Encyclopedia (Japan kasa mu de) reka Buddhafo nkyerɛkyerɛ ho anigye a wɔrenya nnansa yi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Dodow a wɔma Buddhasom ho adesua yɛ soronko no, mpɛn dodow no ara na ɛman fi ne mfiase atirimpɔw—sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa kwan no ho. Adwene yi nti, Buddhasom a wosua ho ade denneennen nnansa yi no nkyerɛ ankasa sɛ wɔresan ahyɛ ɔsom a engui mu den. Mmom no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ sɛ ɔsom bi dan bɛyɛ nneɛma a wɔmfa aniwa nhu ho adesua a asete yɛ den a, na wɔ a ɛwɔ hɔ ankasa sɛ ɔsom no rehwere ne tumi.”

49. Wɔ pii fam no, Buddhasom abɛyɛ dɛn?

49 Buddhasom adwene titiriw ne sɛ nimdeɛ ne ntease ma obi yɛ pɛ na onya nkwagye. Nanso nea Buddhasom ahorow nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den no de aba ara ne tebea a “ntease nnim koraa,” a gyidifo dodow no ara ntumi nte ase. Wɔn de, Buddhasom abɛyɛ papayɛ ne amanne ne ahyɛde ntiantiaa kakra a wodi akyi. Emmua asetra ho nsɛmmisa a ɛkyere adwene, te sɛ: Ɛhe na yefi bae? Dɛn nti na yɛwɔ ha? Na daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma onipa ne asase no?

50. Asɛmmisa bɛn na ɛba adwenem esiane nea Buddhafo anokwafo bi ahu nti? (Fa toto Kolosefo 2:8 ho.)

50 Buddhafo anokwafo bi ahu basabasayɛ ne abasamtu a nnɛ Buddhasom nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den ne amanne a ɛma nkurɔfo ho kyere wɔn nnɛ ama aba no. Ebia adɔe a aman bi mu Buddhafo akuw horow yɛ afoforo no ama ɛyaw ne amanehunu a nnipa pii hyia no agyae. Nanso so Buddhasom atumi adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛbɛma obiara nokware pɛyɛ ne ahofadi no so?

So Wobetumi Adu Pɛyɛ Ho a Onyankopɔn Nka Ho?

51. (a) Dɛn na kyerɛwtohɔ tiawa bi ka wɔ Buddha nkyerɛkyerɛ ho? (b) Ade titiriw bɛn na amma Buddha nkyerɛkyerɛ mu? (Fa toto 2 Beresosɛm 16:9; Dwom 46:1; 145:18 ho.)

51 Buddha asetra ho kyerɛwtohɔ bi kyerɛ sɛ bere bi na ɔne n’asuafo wɔ kwae bi mu. Ɔsesaw nhaban kakra na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea makyerɛkyerɛ mo no te sɛ nhaban a ɛwɔ me nsam yi, na nea menkyerɛkyerɛɛ mo no te sɛ nhaban a ɛwɔ kwae mu no dodow.” Nokwarem no, nea ɛkyerɛ ne sɛ na Buddha akyerɛkyerɛ nea onim no mu kakraa bi pɛ. Nanso, ade titiriw bi kaa mu—Gautama Buddha anka hwee amfa Onyankopɔn ho; na wankyerɛ da nso sɛ ɔne Nyankopɔn. Nokwarem no, wose ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, minnye nni sɛ obedwen me da biara asetra mu nsɛm ho,” na “anyame biara nni hɔ a wobetumi aboa onipa anaasɛ wɔbɛboa no.”

52. (a) Adwene bɛn na Buddhasom kura wɔ Onyankopɔn ho? (b) Dɛn na Buddhasom abu ani agu so?

52 Eyi mu no, nea Buddhasom yɛ wɔ nokware Nyankopɔn a adesamma hwehwɛ no mu no sua yiye. The Encyclopedia of World Faiths ka sɛ “ɛte sɛ nea tete Buddhafo ansusuw Onyankopɔn ho, na ɛda adi sɛ ankyerɛkyerɛ anaa anhwehwɛ sɛ wobegye Onyankopɔn adi.” Bere a Buddhasom si so dua sɛ onipa biara ankasa nhwehwɛ nkwagye, mfa n’ankasa adwene anaa nea onim so nnu pɛyɛ ho no, sɛ ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ mpo a, ɛkyerɛ sɛ entumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 145 no mu.) Bere a Buddhasom bɔ mmɔden sɛ ɛbɛde ne ho afi Hindusom gyidi hunu ne anansesɛm mu anyame pii ho no, ayɛ ade atra so. Abu ani agu Ɔteasefo Pumpuni a ne pɛ nti na biribiara wɔ hɔ na ɛyɛ adwuma ho adwene titiriw no so.—Asomafo no Nnwuma 17:24, 25.

53. Dɛn na wobetumi aka wɔ pɛyɛ a wɔkwati Onyankopɔn hwehwɛ no ho? (Fa toto Mmebusɛm 9:10; Yeremia 8:9 ho.)

53 Esiane ahopɛ ne afoforo nsusuwii a wɔmfa yi nti, nea afi mu aba ne anansesɛm, atetesɛm, nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den, ne nkyerɛkyerɛmu ahorow a Buddhasom pii no ama aba wɔ mfehaha pii no mu no. Nea na wɔpɛ sɛ ɛde asetra mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den ano aduru ma no de nyamesom ne nyansapɛ nhyehyɛe a nnipa dodow no ara nte ase aba. Mmom no, nea Buddhafo dodow no ara yɛ titiriw ne sɛ wɔsom abosom ne nkaede, anyame ne adaemone, ahonhom ne nananom a wɔawuwu, na wɔyɛ amanne ne nneɛma pii a ɛmfa nea Gautama Buddha kyerɛkyerɛe no ho ahe biara. Ɛda adi pefee sɛ pɛyɛ a wɔkwati Onyankopɔn hwehwɛ no nkosi hwee.

54. Apuei fam nyamesom mu anyansafo foforo bɛn na yebesusuw wɔn nkyerɛkyerɛ ho?

54 Bɛyɛ bere koro no ara a na Gautama Buddha rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adu pɛyɛ ho no, na nyansapɛfo baanu a wɔn nsusuwii anya nnipa ɔpepem pii so nkɛntɛnso te Asia asasepɔn no fã foforo. Wɔne Lao-tsu ne Konfusio, anyansafo baanu a Chinafo ne afoforo bu wɔn kɛse. Dɛn na wɔkyerɛkyerɛe, na ɔkwan bɛn so na wonyaa Onyankopɔn akyi kwan a adesamma hwehwɛ no so nkɛntɛnso? Eyi ne nea yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Eyi yɛ sɛnea wɔkyerɛw ne din wɔ Pali kasa mu asekyerɛ. Sɛnea wɔkyerɛw no wɔ Sanskrit kasa mu ne Siddhārtha Gautama. Nanso, wɔkyerɛ sɛ wɔwoo no 560, 563, anaa 567 A.Y.B. Animdefo dodow no ara gye 560 tom anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔka sɛ wɔwoo no wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu.

^ nky. 33 Buddhafo pii a wɔwɔ Japan di “Buronya” apɔmpɔmpɛ so.

^ nky. 38 Buddhafo nkyerɛkyerɛ, te sɛ anatta (enni nipaban) no nnye ntom sɛ ɔkra bi a ɛnsakra anaa enwu da wɔ hɔ. Nanso, Buddhafo a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara, wɔn a wɔwɔ Akyirikyiri Apuei titiriw, gye di sɛ ɔkra a enwu da nya nipadua foforo. Wɔn nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn ne ayayade a wɔyɛ obi wɔ hell wɔ ne wu akyi mu gyidi no da eyi adi pefee.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 139 adaka]

Buddha Nokware Atitiriw Anan No

Buddha daa ne nkyerɛkyerɛ titiriw no adi wɔ nea wɔfrɛ no Nokware Atitiriw Anan no mu. Yɛafa Dhammacakkappavattana Sutta (Trenee Ahenni no Fapem) a ɛwɔ nkyerɛase bi a T. W. Rhys Davids yɛe mu no mu asɛm aka wɔ ha:

▪ “Oo Bhikkufo, afei eyi ne amanehunu ho nokware titiriw no. Awo yɛ yaw, ɔporɔw yɛ yaw, yare yɛ yaw, owu yɛ yaw. Nea anigye nnim a ɛba yɛn so no yɛ yaw, yɛn ho a yɛtwe fi anigye ho no yɛ yaw; na akɔnnɔ biara a yennwudwo ano nso yɛ yaw. . . .

▪ “Oo Bhikkufo, eyi ne amanehunu fibea ho nokware titiriw no. Nokwarem no, ɛyɛ saa nkate no, nea ɛma asetra yɛ foforo, a akɔnnɔ mu dɛ ka ho, akomatɔyam a yɛhwehwɛ wɔ baabiara—kyerɛ sɛ, akɔnnɔ a yɛpɛ sɛ yedwudwo ano, anaa nkwa anaa yiyedi a yɛpɛ sɛ yenya. . . .

▪ “Oo Bhikkufo, afei eyi ne amanehunu a wɔsɛe no ho nokware titiriw no. Nokwarem no, ɛyɛ ɔsɛe a akɔnnɔ, nkate yi biara nka; nkate yi a yɛde to nkyɛn, yɛsɛe no, yɛde yɛn ho fi ho, yennya bio. . . .

▪ “Oo Bhikkufo, afei eyi ne ɔkwan a wɔfa so sɛe awerɛhow ho nokware titiriw no. Nokwarem no, ɛne akwan atitiriw awotwe yi; kyerɛ sɛ: adwempa; nkuranhyɛ pa; kasa pa; abrabɔ pa; asetrade pa; mmɔdenbɔ pa; ahwɛyiye pa; ne nsusuwii pa.”

[Kratafa 145 adaka]

Buddhasom ne Onyankopɔn

“Buddhasom kyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ papa anya nyansa a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn teasefo bi ho nnim; nimdeɛ a ɛkorɔn sen biara a ‘adiyisɛm’ nka ho; . . . ogye a yebetumi anya a ogyefo a ohu amane ma yɛn ho nnim, nkwagye a obiara ne n’ankasa agyenkwa.”—The Message of Buddhism a Bhikku Subhadra kyerɛwee mu asɛm a wɔaka wɔ What Is Buddhism? mu.

Ɛnde so Buddhafo nnye nni sɛ Onyankopɔn nni hɔ? Nhoma What Is Buddhism? a Buddhist Lodge a ɛwɔ London tintimii no bua sɛ: “Sɛ wokyerɛ sɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne obi a onnye adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ hɔ ntom a, ɛnde yɛyɛ saafo.” Afei ɛtoa so ka sɛ: “Adwene a ɛrenyin betumi ate nsusuwii a ɛne sɛ Amansan a Mmara a ɛnsakra kyerɛ no kwan wɔ hɔ no ase ntɛm ara, sɛnea ebetumi ate adwene a ɛne sɛ Obi a ɔwɔ akyirikyiri a ebia onhu no da, a onnim faako a ɔte, na bere bi ɔbɔɔ Amansan a nitan, nsisi, hokwan a ebi kyɛn bi, ne amanehunu ne ntawntawdi a ɛto ntwa da wom a wamfa biribiara ammɔ ase no.”

Enti, wɔ nkyerɛkyerɛ mu no, Buddhasom nkamfo nkyerɛ sɛ wonnye Onyankopɔn anaa Ɔbɔadeɛ bi nni. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wohu Buddhafo asɔredan ne abantenten ahorow wɔ aman a Buddhasom wom nyinaa mu, na Buddhafo a wɔbɔ wɔn som ho mmɔden bɔ Buddha ne bodhisattva ahorow ahoni ne wɔn ho nneɛma a ɛwɔ hɔ mpae ne afɔre na wɔsom wɔn. Buddha a wanka da sɛ ɔyɛ Nyankopɔn no abɛyɛ onyame ankasa.

[Asase mfonini wɔ kratafa 142]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ebeduu afeha a ɛto so ason Y.B. mu no, na Buddhasom atrɛw fi India akɔ Asia apuei fam nyinaa

INDIA

Benares

Buddh Gaya

AFEHA 3 A.Y.B. SRI LANKA

AFEHA 1 A.Y.B. KASHMIR

ASIA MFINIMFINI

AFEHA 1 Y.B. CHINA

MYANMAR

THAILAND

KAMPUCHEA

JAVA

AFEHA 4 Y.B. KOREA

AFEHA 6 Y.B. JAPAN

AFEHA 7 Y.B. TIBET

[Kratafa 131 mfonini ahorow]

Ɛsono sɛnea wosisi Buddhafo asɔredan wɔ wiase baabiara

Chengteh, China kusuu fam

Kofu, Japan

New York City, U.S.A.

Chiang Mai, Thailand

[Kratafa 133 mfonini]

Maya Dae ho nkaedum, efi Gandhara, Pakistan, ɛda nea ɔbɛyɛ Buddha daakye no adi sɛ ɛsono fitaa a kontonkoruwi atwa ne ho ahyia a ɔrehyɛn Ɔhemmaa Maya mu wɔ ne nifa so ma wanyinsɛn

[Kratafa 134 mfonini ahorow]

Buddhafo nkokorafo ne asomfo wɔ asɔredan bi mu wɔ New York City

[Kratafa 141 mfonini ahorow]

Buddha a ɔde ne nipadua kasa wɔ akwan horow so ahoni

ɔrehyɛn Nirvana

ɔrekyerɛkyerɛ

odwennwen

ɔreko atia sɔhwɛ

[Kratafa 147 mfonini]

Aperententu a wɔde di Buddha awoda wɔ Tokyo, Japan. Ɛsono fitaa a odi wɔn akyi no gyina hɔ ma Buddha

[Kratafa 150 mfonini ahorow]

Lotus Sutra nkratafa (afeha a ɛto so 10) wɔ China kasa mu, ɛka tumi a bodhisattva Kuan-yin wɔ sɛ obegye obi afi ogya ne nsuyiri mu ho asɛm. Bodhisattva Ksitigarbha, nifa so, ogyee din wɔ Korea wɔ afeha 14 no mu

[Kratafa 155 mfonini]

Buddhafo nhoma a efi Kyoto, Japan, ɛkyerɛ ayayade a wɔyɛ nkurɔfo wɔ “hell”

[Kratafa 157 mfonini ahorow]

Ɛnnɛ, Buddhafo som wɔ bɔbeasu honi anim wɔ Bangkok, Thailand; Buddha Se nkaedum anim wɔ Kandy, Sri Lanka; Buddha ahoni anim wɔ Singapore ne New York, sɛnea yehu fi benkum so ba nifa so no

[Kratafa 158 mfonini ahorow]

Buddhani bea bi rebɔ mpae wɔ abusua no afɔremuka anim, na mmofra renya asɔredan mu ɔsom mu kyɛfa