Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?

Ti 1

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?

1-7. Nneɛma a ɛda adi wɔ wiase nyamesom ahorow mu no bi ne dɛn?

ƐMFA ho sɛ ɛhe na wote no, akyinnye biara nni ho sɛ w’ankasa woahu sɛnea nyamesom ka nnipa ɔpepem pii asetra, a ebia wo de nso ka ho. Wɔ aman a Hindusom wom mu no, mpɛn pii no wubehu sɛ nkurɔfo reyɛ puja—guasodeyɛ bi a nea wɔyɛ no bi ne kube, nhwiren, ne aprɛ a wɔde bɔ afɔre ma wɔn anyame. Ɔsɔfo bi de tilak, biribi kɔkɔɔ anaa akokɔsrade besisi gyidifo no moma so. Nnipa ɔpepem pii nso pia wɔn ho yuu kogu asubɔnten Ganges mu afe biara sɛ wɔde emu nsu no redwira wɔn ho.

2 Katolek aman mu no, wubehu sɛ nkurɔfo rebɔ mpae wɔ asɔredan nketewa ne akɛse mu bere a wokurakura mmeamudua a Kristo honi wɔ so anaa rosary. Wɔde rosary nhene no kan mpae a wɔbɔ de som Maria no. Na ɛnyɛ den sɛ wubehu mmea nkokorafo ne asɔfo a wɔn ntade tuntum ma wɔda nsow no.

3 Protestant nsase so no, asɔredan pii wɔ hɔ, na edu Kwasida a, asɔremma taa hyɛ wɔn ntade a ɛsom bo paa hyiam to asɔre nnwom tie anyamesɛm. Mpɛn pii no wɔn asɔfo hyɛ ntade tuntum bɔ asɔfo kɔla a ɛma wɔda nsow.

4 Islām aman mu no, wubetumi ate nkramofo a wogyina asɔredan so teɛm mpɛn anum da biara frɛ ɔsom no mufo sɛ wɔmmɛyɛ ṣalāt, anaa amanne kwan so mpae no nne. Wobu Qur’ān Kronkron no sɛ Nkramofo nyamesom nhoma. Sɛnea Nkramofo gyidi kyerɛ no, Onyankopɔn na oyii no adi, na ɔbɔfo Gabriel de maa odiyifo Muḥammad wɔ afeha a ɛto so ason Y.B. mu.

5 Wɔ Buddhafo aman pii mmɔnten so no, wobu Buddhasom mu nkokorafo a mpɛn pii no wɔhyehyɛ ntade atenten akokɔsrade, tuntum, anaa kɔkɔɔ no sɛ nyamesuro ho sɛnkyerɛnne. Tete asɔredan ahorow a Buddha a watew n’anim ahoni sisi mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Buddhasom akyɛ.

6 Shinto a ɛwɔ Japan titiriw no de abusua abosonnan ne ayɛyɛde a wɔde ma wɔn nananom a wɔawuwu na efi da biara asetra ase. Ɛnhaw Japanfo sɛ wɔbɛbɔ mpae abisa wiase nneɛma paa, te sɛ nkonim a wobedi wɔ sukuu sɔhwɛ mu mpo.

7 Ɔsom dwumadi foforo a wonim wɔ wiase nyinaa ne nkurɔfo a wɔde Bible ne Bible ho nhoma ahorow kɔ afie afie na wɔde gyinagyina mmɔnten so no. Ɛkame ayɛ sɛ sɛ obiara hu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no a, ohu sɛ nkurɔfo yi yɛ Yehowa Adansefo.

8. Dɛn na ɔsom mu ahofama ho abakɔsɛm da no adi?

8 Nyamesom mu ahofama a egu ahorow pii wɔ wiase nyinaa yi kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ mfe mpempem pii ni no, adesamma apɛ sɛ wonya honhom fam ahiade bi. Onipa agyina ne sɔhwɛ ne ne haw ahorow, n’adwenem naayɛ ne nsɛmmisa, a owu a wɔnte ase ka ho ano. Nkurɔfo ada nyamesom mu nkate horow adi wɔ akwan horow pii so bere a wɔhwehwɛ nhyira ne awerɛkyekye fi Onyankopɔn anaa wɔn anyame hɔ no. Nyamesom bɔ mmɔden nso sɛ ebebua nsɛmmisa akɛse yi: Dɛn nti na yɛwɔ ha? Ɛsɛ sɛ yɛtra ase dɛn? Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma?

9. Ɔkwan bɛn so na nnipa dodow no ara wɔ nyamesom mu ahofama bi wɔ wɔn asetra mu?

9 Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wose wonni ɔsom biara mu na wonnye onyame biara nni. Wɔyɛ nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afoforo nso, wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ gye di sɛ yennim Onyankopɔn na ebia yentumi nhu no. Nanso, ɛda adi sɛ ɛno nkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wonni nnyinasosɛm anaa abrabɔ ho gyinapɛn biara, te sɛ nea ɔsom bi muni a obi ka sɛ ɔyɛ no nkyerɛ sɛ ɔwɔ bi no. Nanso, sɛ obi gye nyamesom tom sɛ ɛyɛ “nnyinasosɛm bi sodi; nokware turodoo a wodi; ahwɛyiye; biribi ho dɔ kɛse anaa biribi a obi de ne ho bata ho denneennen” a, ɛnde na nnipa dodow no ara, a wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ no wɔ nyamesom mu ahofama bi wɔ wɔn asetra mu.—The Shorter Oxford English Dictionary.

10. So nyamesom nya nnɛyi wiase no so nkɛntɛnso? Ma nhwɛso.

10 Esiane sɛ nyamesom pii wɔ wiase a akwantu ne nkitahodi a bere nyinaa ɛkɔ so ntɛmntɛm ma ɛkɔ so yɛ ketewaa mu nti, sɛ yɛpɛ anaasɛ yɛmpɛ no, yɛte nkɛntɛnso a ɔsom ahorow wɔ no nka wɔ wiase nyinaa. Abufuw a wɔdaa no adi wɔ 1989 mu wɔ nhoma The Satanic Verses a obi a ebinom frɛɛ no ‘Ɔkramoni waefo’ kyerɛw ho no yɛ adanse pefee sɛ nyamesom mu nkate betumi ada adi wɔ wiase nyinaa. Nkramofo akannifo kae sɛ wɔmmara nhoma no na wonkum ɔkyerɛwfo no mpo. Dɛn na ɛma nkurɔfo de nkate a emu yɛ den saa yɛ ade wɔ nyamesom ho?

11. Dɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛhwehwɛ ɔsom afoforo mu?

11 Sɛ yebebua a, ehia sɛ yehu biribi fa wiase nyamesom ahorow no ho abakɔsɛm ho. Sɛnea Geoffrey Parrinder ka wɔ World Religions—From Ancient History to the Present mu no: “Nyamesom afoforo ho ade a obi besua no nkyerɛ sɛ wapo n’ankasa gyidi, na mmom sɛnea nnipa foforo ahwehwɛ nokwasɛm na wɔn nhwehwɛmu no ama wɔahu nneɛma pii no a obehu no betumi ama ne gyidi ayɛ kɛse.” Nimdeɛ ma yenya ntease, na ntease ma yenya nnipa a wɔne yɛn adwene nhyia ho koma.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Mu?

12. Nneɛma ahorow bɛn na ɛtaa kyerɛ obi som?

12 So woasusuw ho anaa woaka pɛn sɛ, ‘Mewɔ m’ankasa me som. Ɛyɛ m’ankasa m’asɛm. Me ne afoforo nka ho asɛm’? Ampa, nyamesom yɛ obi ankasa asɛm—ɛkame ayɛ sɛ yɛn awofo ne abusuafo de nyamesom anaa abrabɔ ho gyinapɛn ho nsusuwii hyɛ yɛn adwene mu fi awo mu. Esiane eyi nti, yɛtaa di yɛn awofo ne yɛn nananom nyamesom nsusuwii ahorow akyi. Ɛkame ayɛ sɛ nyamesom abɛyɛ abusua amammerɛ. Dɛn na afi saa adeyɛ no mu aba? Ɛne sɛ afoforo na wɔapaw yɛn mu pii no nyamesom ama yɛn. Ayɛ ade a egyina beae ne bere a wɔwoo yɛn so kɛkɛ. Anaa, sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛe no, “asase no baabi a wɔwo obi no” na ɛtaa kyerɛ ɔsom ko a obedi akyi.

13, 14. Dɛn nti na ntease nnim sɛ obi bɛfa no sɛ Onyankopɔn pene nyamesom a wɔwoo no toom so ɔkwan biara so?

13 So ntease wom sɛ obi benya adwene sɛ nyamesom a wɔpaw maa no wɔ n’awo mu no ne nokware no nyinaa ankasa? Sɛ wɔwoo wo wɔ Italy anaa Amerika Kesee Fam a, ɛnde ebia wɔtetee wo sɛ Katolekni a woanyɛ ho hwee. Sɛ wɔwoo wo wɔ India a, ɛnde ebia woyɛ Hinduni, anaasɛ wufi Punjab a, ebia woyɛ Sikni. Sɛ na w’awofo fi Pakistan a, ɛnde ɛda adi sɛ woyɛ Ɔkramoni. Na sɛ wɔwoo wo wɔ Sohyialist man bi mu mfe du kakra a atwam ni a, ebia wɔatete wo sɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a wuntumi nyɛ ho hwee.—Galatifo 1:13, 14; Asomafo no Nnwuma 23:6.

14 Enti, so nyamesom a wɔwoo obi toom ne nokware a Onyankopɔn pene so no? Sɛ na ɛno ne adwene a wodii akyi wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu a, anka adesamma pii da so ara de wɔn ho hyɛ tete abosonsom ne tete abawo ho som mu de kyerɛ sɛ ‘nea na eye ma me nananom no ye ma me nso.’

15, 16. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ nyamesom afoforo a wɔbɛhwehwɛ mu no so?

15 Esiane nyamesom ahorow pii a aba wiase nyinaa wɔ mfe 6,000 a atwam ni no mu nti, anyɛ yiye koraa no nea afoforo gye di ne sɛnea wɔn gyidi no fii ase a wobɛte ase no bɛkyerɛkyerɛ wo na abue w’adwenem. Na ebetumi ama woanya wo daakye ho anidaso pa ho nimdeɛ pii nso.

16 Atutra ne nnipadɔm a wotu kɔtra mmeae foforo nti, nnipa a wonni nyamesom biako mu tra faako wɔ aman pii mu nnɛ. Enti, sɛ nnipa a wonni nyamesom biako mu te wɔn ho wɔn ho nsusuwii ase a, ebetumi ama nkitahodi ne nkɔmmɔbɔ pa atra wɔn ntam. Afei nso, ebia ebeyi wiase mu ɔtan a egyina nyamesom mu nsonsonoe so no bi afi hɔ. Ampa, ebia nkurɔfo adwene renhyia wɔ wɔn nyamesom mu gyidi horow ho koraa de, nanso ntease biara nnim sɛ wɔbɛtan obi esiane sɛ ɛsono adwene a okura nti.—1 Petro 3:15; 1 Yohane 4:20, 21; Adiyisɛm 2:6.

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtan wɔn a wɔn nyamesom nsusuwii yɛ soronko wɔ yɛn de ho?

17 Yudafo tete mmara no kae sɛ: “Ntan w’abusuafo wo koma mu. Ka wo busuani anim na nni ne ho fɔ. Nni were na nnya wo man mufo ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE [Yehowa].” (Leviticus 19:17, 18, Ta) Kristosom Farebae kae sɛ: “Na mise mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, . . . na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.” (Luka 6:27, 35) Qur’ān no ka nnyinasosɛm a ɛte saa ara ho asɛm wɔ asɛmti “Nea Wɔbɛhwehwɛ Ne Mu” ase (surah 60:7, MMP) sɛ: “Ebia Allāh bɛma adamfofa aba wo ne wɔn a wubu wɔn sɛ atamfo no ntam. Na Allāh yɛ Otumfoɔ; na Allāh de Firi, ɔyɛ Mmɔborohunufo.”

18. Ɔkwan bɛn so na nea obi gye di no ho hia yiye?

18 Mmom, ɛwom sɛ ehia sɛ obi nya afoforo ho koma ne ntease de, nanso ɛnkyerɛ sɛ nea ogye di ho nhia. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Geoffrey Parrinder kae no: “Ɛtɔ mmere bi a, wɔka sɛ nyamesom nyinaa wɔ botae koro, anaa ɛyɛ akwan koro a wɔfa so hu nokware no, anaa ne nyinaa mpo kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ koro . . . Nanso nokwarem no, tete Astekfo a wɔma wɔn a wokum wɔn koma a ɛrebɔ no so kyerɛ owia no nyamesom nyɛ papa te sɛ Buddhafo a wɔpɛ asomdwoe no de.” Bio nso, so ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ɔsom a eye ne nea enye?—Mika 6:8.

Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔfa so Hwehwɛ Nyamesom Mu?

19. Ɛsɛ sɛ nyamesom ka obi abrabɔ dɛn?

19 Ɛwom sɛ nyamesom dodow no ara wɔ wɔn gyidi anaa nkyerɛkyerɛ ahorow de, nanso mpɛn pii no eyinom betumi ayɛ nyamekyerɛ a asete yɛ den, a asɔremma dodow no ara ntumi nte ase. Nanso nnyinasosɛm a ɛne sɛ biribi na ɛde biribi ba no fa tebea biara ho. Ɛsɛ sɛ ɔsom bi nkyerɛkyerɛ nya gyidini biara nipasu ne ne da biara abrabɔ so nkɛntɛnso. Enti, obiara abrabɔ bɛkyerɛ ɔsom ko a ɔwɔ mu. Nkɛntɛnso bɛn na wo som wɔ wɔ wo so? So ɔsom a wowɔ mu no ma obi yɛ ɔyamyefo kɛse? So ɛma ɔyɛ adɔe, ɔnokwafo, ɔhobrɛasefo, onya afoforo ho koma ne ayamhyehye kɛse? Eyinom yɛ nsɛmmisa a ntease wom, efisɛ sɛnea nyamesom kyerɛkyerɛfo kɛse bi, Yesu Kristo, kae no: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mateo 7:17-20.

20. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nyamesom ne abakɔsɛm ho?

20 Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wiase abakɔsɛm ma yegyina susuw nea nyamesom ayɛ wɔ akodi pii a asɛe adesamma na ɛde amanehunu pii aba no mu no ho. Dɛn nti na wɔakunkum nnipa pii saa wɔ nyamesom din mu? Mmeamudua Ho Akodi, Atirimɔden Asɛnni, ako a wodi wɔ Mediterranea Supɔw ne Ireland Kusuu Fam, Iraq ne Iran ntam nnipakum (1980-88), Hindufo ne Sikfo ntam ɔko wɔ India—nokwarem no, eyinom nyinaa ma mmadwemma bisa nyamesom mu gyidi ne abrabɔ gyinapɛn ahorow ho nsɛm. —Hwɛ ase hɔ adaka no mu.

21. Aba a Kristoman asow ho nhwɛso no bi ne dɛn?

21 Wɔahu Kristoman nyaatwom wɔ eyi mu yiye. Katolekfo akunkum Katolekfo na Protestantfo akunkum Protestantfo wɔ wiase nyinaa ako abien mu, bere a wɔn “Kristofo” amammui akannifo hyɛɛ wɔn no. Nanso Bible kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ ɔhonam nnwuma ne honhom aba ntam pefee. Ɛka ɔhonam nnwuma ho asɛm sɛ: “Ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na mebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” Nanso wɔn a wose wɔyɛ Kristofo ayɛ saa nneɛma yi mfehaha pii, na wɔn asɔfo pene wɔn nneyɛe no so mpɛn pii.—Galatifo 5:19-21.

22, 23. Nea ɛne eyi bɔ abira no, aba bɛn na ɛsɛ sɛ nokware som sow?

22 Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔka honhom aba a ɛyɛ papa no ho asɛm sɛ ɛne: “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” Ɛsɛ sɛ ɔsom nyinaa sow saa asomdwoe aba yi. Nanso so wɔyɛ saa? Nea wowom no yɛ saa?—Galatifo 5:22, 23.

23 Enti, ɛsɛ sɛ wiase nyamesom ahorow a adesamma nam so hwehwɛ Onyankopɔn no mu nhwehwɛmu a nhoma yi yɛ no tumi bua yɛn nsɛmmisa no bi. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wogyina so de hu sɛnea ɔsom bi te? Hena gyinapɛn na wɔde bɛyɛ saa?

‘Me Som Ye Ma Me’

24, 25. Asɛnnennen bɛn na obiara hyia wɔ ne som ho?

24 Nnipa pii bɔ nyamesom ho nkɔmmɔ gu ka sɛ, ‘Me som ye ma me. Menyɛ obi foforo biara bɔne, na mede mmoa ma bere a metumi.’ Nanso so ɛno dɔɔso sɛnea ɛsɛ? So sɛnea yɛn ankasa bu nyamesom no ara dɔɔso?

25 Sɛ nyamesom yɛ “gyidi a onipa kyerɛ wɔ tumi bi a ɛkyɛn onipa de a wogye tom sɛ amansan no bɔfo ne ne sodifo mu, ne nidi a ɔwɔ ma no” sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ asɛmmisa no yɛ, So me som ye ma amansan no bɔfo ne ne sodifo no? Afei nso, sɛ ɛte saa de a, na Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ abrabɔ, nyamesom, ne nkyerɛkyerɛ pa ne nea ɛnyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔda n’apɛde adi kyerɛ adesamma, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ obiara nsa bɛka nea wayi adi akyerɛ no. Bio nso, ɛwom sɛ ɔde n’adiyi nsɛm mae wɔ mfehaha pii mu de, nanso ɛsɛ sɛ biakoyɛ da adi wom na ehyia bere nyinaa. Eyi ma obiara hyia asɛnnennen—sɛ ɔbɛhwehwɛ adanse no mu na n’ankasa ahu Onyankopɔn apɛde a ɔpene so.

26. Nhoma kronkron bɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware som susudua? Na dɛn ntia?

26 Nhoma ahorow a akyɛ sen biara a wose wɔnam Onyankopɔn honhom so na wɔkyerɛwee no biako ne Bible no. Ɛsan yɛ nhoma a wɔatɔ pii akyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. N’akyerɛwfo no mu biako kae bɛyɛ mfe mpem abien ni sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Ɛhe na adanse a ɛte saa no befi aba? Ɔkyerɛwfo koro no ara kae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” Enti, ɛsɛ sɛ Bible no a wɔnam honhom so kyerɛwee no yɛ ade a wɔde ho to so a wɔde hu nokware som a wogye tom no.—2 Timoteo 3:16, 17.

27. (a) Wiase nyamesom ahorow no bi nhoma kronkron ne nea ɛwɔ he? (b) Sɛ wɔde nea ɛkyerɛkyerɛ toto Bible no de ho a, ɛte dɛn?

27 Bible no fã a akyɛ paa no akyɛ sen wiase nyamesom nhoma afoforo nyinaa. Wɔkyerɛw Torah, anaa Bible nhoma anum a edi kan, Mmara a wɔde honhom kaa Mose ma ɔkyerɛwee no, wɔ mfeha 15 ne 16 A.Y.B. mu. Sɛ wɔde toto ho a, wɔkyerɛw Hindufo nhoma Rig-Veda (nnwom a wɔaboaboa ano) no mu nsɛm wiei bɛyɛ 900 A.Y.B. mu, na ɛnka sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na wɔkyerɛwee. Wɔkyerɛw Buddhafo nhoma a wɔfrɛ no “Canon of the Three Baskets” no wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu. Wɔkyerɛw Qur’ān a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn nam ɔbɔfo Gabriel so na ɔde mae no wɔ afeha a ɛto so ason Y.B. mu. Wɔkyerɛw Mormonfo Nhoma a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔbɔfo bi a wɔfrɛ no Moroni de maa Joseph Smith wɔ United States no wɔ afeha 19 no mu. Sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na wɔkyerɛw nhoma ahorow yi bi sɛnea ebinom kyerɛ no a, ɛnde ɛnsɛ sɛ nyamesom ho akwankyerɛ a ɛde ma no bɔ Bible no a wɔnam honhom so dii kan kyerɛwee no nkyerɛkyerɛ abira. Ɛsɛ sɛ etumi bua adesamma nsɛmmisa a ɛkyere adwene paa no bi nso.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wobua

28. Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ wobua no bi ne nea ɛwɔ he?

28 (1) So Bible no kyerɛkyerɛ nea ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ ne nea nnipa pii gye di, a ɛne sɛ adesamma wɔ ɔkra a enwu da, ne sɛ wɔ owu mu no, ɛkɔ atrae foforo, “owu akyi asetra mu,” ɔsoro, hell, anaa ahodwiragya mu, anaa ɔsan ba ma wɔwo no bio?

(2) So Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Amansan Hene no nni din? Ɛkyerɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn koro? anaa nnipa baasa a wɔka bom yɛ Onyankopɔn biako? anaa ɔyɛ anyame pii?

(3) Dɛn na Bible no ka sɛ ɛne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw nti a ɔbɔɔ adesamma sɛ wɔntra asase so?

(4) So Bible no kyerɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asase? Anaasɛ ɛka wiase nhyehyɛe bi a aporɔw awiei nkutoo ho asɛm?

(5) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya komam asomdwoe ne nkwagye ankasa?

29. (a) Nnyinasosɛm titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ nokware no a yɛhwehwɛ no mu? (b) Mmuae ahorow bɛn na Bible no de ma wɔ yɛn nsɛmmisa ho?

29 Ɔsom biara wɔ mmuae soronko, nanso bere a yɛhwehwɛ “onyamesom kronkron” no, ɛsɛ sɛ awiei koraa no yehu nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ yehu no. (Yakobo 1:27, AS; KJ) Dɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ yɛn nnyinasosɛm titiriw bɛyɛ: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nim.”—Romafo 3:4. *

30. Nsɛmmisa a yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu no bi ne nea ɛwɔ he?

30 Afei a yɛanya nea yebegyina so ahwehwɛ wiase nyamesom ahorow mu yi, ma yɛnnan nkɔ honhom mu nneɛma a adesamma hwehwɛɛ mfiase no so. Dɛn na yenim wɔ nea ɛyɛe a nyamesom bae no ho? Ɔsom ho nhwɛsode bɛn na wɔde sii hɔ wɔ tetefo ne nnipa a ebia na wɔn ani mmuei no mu?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 29 Sɛ w’ani gye ho sɛ wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae a efi Bible mu ntɛm ara a, yɛkamfo kyerɛ sɛ kenkan kyerɛw nsɛm a edidi so yi: (1) Genesis 1:26; 2:7; Hesekiel 18:4, 20; Leviticus 24:17, 18; Mateo 10:28; (2) Deuteronomium 6:4; 1 Korintofo 8:4-6; (3) Genesis 1:27, 28; Adiyisɛm 21:1-4; (4) Ɔsɛnkafo 1:4; Mateo 24:3, 7, 8; (5) Yohane 3:16; 17:3; Filipifo 2:5-11; 4:6, 7; Hebrifo 5:9.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Ɛsɛ sɛ nyamesom nyinaa tumi sow asomdwoe aba. Nanso so wɔyɛ saa?

[Kratafa 14 adaka]

Ɔsom, Ɔdɔ, ne Ɔtan

▪ “Nyamesom ntam akodi mu taa yɛ den mmoroso. Sɛ sika nti na nkurɔfo ko wɔ nsase ho a, wodu baabi a wohu sɛ ɔko no so nni mfaso ma enti wogyae nsɛm mu siesie. Sɛ nyamesom nti na wɔko a, ɛte sɛ nea ɛyɛ bɔne sɛ wobegyae nsɛm mu asiesie wɔn ntam.”—Roger Shinn, abrabɔ gyinapɛn ho nimdefo wɔ Union Theological Seminary, New York.

▪ “Nnipa begye nyamesom ho akyinnye denneennen, wɔbɛkyerɛw ho nsɛm, wɔbɛko wɔ ho, wobewu wɔ ho; wɔbɛyɛ biribiara wɔ ho sen sɛ wɔde bɛbɔ wɔn bra . . . Faako a nokware som asiw nsɛmmɔnedi biako ano no, atoro som ama wɔanya biribi agyina so ayɛ apem.”—Charles Caleb Colton (1825).

▪ “Yɛwɔ nyamesom a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma yɛatan afoforo, nanso yenni nea ɛdɔɔso a ɛbɛma yɛadodɔ yɛn ho yɛn ho.”—Jonathan Swift (1667-1745).

▪ “Nnipa nyɛ bɔne korakora na wɔnyɛ no anigye so da te sɛ bere a nyamesom gyidi ma wɔyɛ no.”—Blaise Pascal (1623-62).

▪ “Nyamesom a ɛkorɔn ankasa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma honhom mu afotu ne nokware ahorow a ɛyɛ mu nneɛma atitiriw no ahyerɛn akɔ akra dodow biara a ebetumi adu wɔn nkyɛn no mu, na ama akra yi mu biara atumi afa so adu Onipa nokware atirimpɔw ho. Onipa nokware atirimpɔw ne sɛ ɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na wanya Ne ho anigye daa.”—Arnold Toynbee, abakɔsɛm kyerɛwfo.

[Kratafa 4 mfonini]

Hindufo som asubɔnten Ganges—wɔfrɛ no Ganga Ma, anaasɛ Ɛna Ganga

Katolekfo a wɔn ani gye wɔn asɔre ho de wɔn rosary bɔ Maria mpae

Buddhafo aman bi mu no, mmarima dodow no ara som bere bi sɛ nkokorafo a wɔhyehyɛ ntade atenten akokɔsrade

Anyɛ yiye koraa no, Nkramofo a wodi ɔsom no mmara so kɔ Mecca pɛnkoro

[Kratafa 6 mfonini]

Yehowa Adansefo a wɔde wɔn asɛnka adwuma nim wɔn wɔ wiase nyinaa no, wɔ Japanfo kurow bi mu

[Kratafa 9 mfonini]

Wɔrebɔ akokoaa bi asu wɔ Kristoman asɔre ahorow no biako mu. So ɔsom a wɔwoo obi toom no ne nokware no ankasa?

[Kratafa 11 mfonini]

Astekfo nnipa afɔrebɔ—so nyamesom nyinaa yɛ “akwan koro a wɔfa so hu nokware no” ankasa?

[Kratafa 13 mfonini]

Wɔakunkum nnipa ɔpepem pii wɔ nyamesom din mu