Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi a Wonni Nnɛ—So Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ So Hwehwɛ Kwan No?

Gyidi a Wonni Nnɛ—So Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ So Hwehwɛ Kwan No?

Ti 14

Gyidi a Wonni Nnɛ—So Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ So Hwehwɛ Kwan No?

“Nnipa nnwen Onyankopɔn ho daa bio. Wɔn werɛ kɔ so fi no wɔ wɔn asetra ne wɔn gyinaesi ahorow mu. . . . Wɔde nneɛma foforo a ɛsom bo ma wɔn asi Onyankopɔn ananmu: sika ne aguade a wobenya. Ebia anka wobu no bere bi sɛ nea ɔma nnipa dwumadi biara nya atirimpɔw, nanso nnɛ wɔde no asie wɔ abakɔsɛm mu. . . . Nnipa werɛ afi Onyankopɔn.”—The Sources of Modern Atheism.

1. (Fa nnianim asɛm no ka ho.) (a) Ɔkwan bɛn so na The Sources of Modern Atheism nhoma no ka gyidi a nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wɔ Onyankopɔn mu ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na gyidi a wonni nnɛ ne sɛnea na tebea no te wɔ mfe kakra a atwam no mu bɔ abira koraa?

MFE kakra a atwam ni no, na Atɔe famfo dwen Onyankopɔn ho paa wɔ wɔn asetra mu. Sɛ na wobegye obi atom wɔ asetra mu a, na ɛsɛ sɛ ɔde adanse ma sɛ ogye Onyankopɔn di, sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nea ɔkyerɛ sɛ ogye di no bɔ ne bra mpo a. Obiara de anifere ma adwenem naayɛ biara a ɔwɔ no tra ne nkutoo tirim. Sɛ ɔka wɔ baguam a, ɛbɛhaw adwene yiye na ebia wɔbɛka n’anim mpo.

2. (a) Dɛn nti na nnipa pii nhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bio? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa?

2 Nanso, tebea no asakra nnɛ. Sɛ obi nya nyamesom mu gyidi bi a ɛyɛ den a, nnipa pii bu no sɛ n’adwene sua na ɔyɛ katee mpo. Aman pii mu no, yehu sɛ nkurɔfo yɛ anibiannaso wɔ Onyankopɔn ne nyamesom ho, anaasɛ wonni ho anigye. Nnipa dodow no ara nhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bio, efisɛ wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ anaasɛ wontumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ. Nokwarem no, ebinom de asɛm “Kristosom akyi” ka yɛn bere yi ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ yebisa nsɛm bi: Dɛn nti na nnipa nnwen Onyankopɔn ho koraa bio wɔ wɔn asetra mu saa? Tumi horow bɛn na ɛmaa nsakrae yi bae? So ntease pa ahorow wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan?

Nsɛnnennen a Ɔsesɛw no De Bae

3. Dɛn ne ade biako a efii Protestantfo Ɔsesɛw no mu bae?

3 Sɛnea yehui wɔ Ti 13 no, afeha a ɛto so 16 no mu Protestantfo Sesɛw no sakraa sɛnea nnipa bu tumidi, nyamesom anaa nneɛma foforo kɛse. Anuɔden ne kasa mu ahofadi besii osetie ne ahobrɛase ananmu. Ɛwom sɛ nnipa dodow no kɔɔ so traa ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw no mu de, nanso ebinom bɛyɛɛ katee na wogyee asɔre ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw no nkyerɛkyerɛ atitiriw ho kyim. Bere a afoforo nso huu nea nyamesom ayɛ wɔ akodi, amanehunu, ne nsisi mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔannye nyamesom antom.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na afeha a ɛto so 16 ne 17 mu kyerɛwtohɔ ahorow ka Onyankopɔn a na wonnye no nni wɔ England ne France wɔ saa bere no mu ho asɛm? (b) Henanom na mmɔden a wɔbɔe wɔ Ɔsesɛw no mu sɛ wɔbɛde wɔn ho afi pope tumi ase no ma wɔdaa wɔn ho adi?

4 Wɔ 1572 mu tɔnn no, amanneɛbɔ bi a na wɔato din sɛ Discourse on the Present State of England kae sɛ: “Wɔakyɛ ahemman no mu abiɛsa, Katolekfo, Wɔn a Wonnye Onyankopɔn Nni ne Protestantfo. Wogye abiɛsa no nyinaa tom: esiane sɛ nea edi kan ne nea ɛto so abien no mufo dɔɔso nti, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ yɛn ho asɛm yɛ wɔn nea wɔmpɛ.” Akontaabu foforo kyerɛ sɛ na nnipa a wonnye Onyankopɔn nni a wɔwɔ Paris wɔ 1623 mu no yɛ 50,000, ɛwom sɛ wɔamfa asɛm no ansi hɔ pi de. Sɛnea ɛte biara no, na ɛda adi pefee sɛ bere a Ɔsesɛw no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛpo popenom tumi no, ɛmaa wɔn a na wɔkasa tia ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw no gyinabea nso daa wɔn ho adi. Sɛnea Will ne Ariel Durant ka wɔ The Story of Civilization: Part VII—The Age of Reason Begins mu no: “Ná Europa mmadwemma—Europa animdefo akɛse—nka pope tumi ho asɛm bio; ná wogye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho kyim.”

Nyansahu ne Nyansapɛ Ntua

5. Nneɛma bɛn na ɛmaa wɔhweree Onyankopɔn mu gyidi ntɛmntɛm?

5 Wɔ mpaapaemu a ɛbaa Kristoman ankasa mu akyi no, na nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛsan brɛɛ ne gyinabea ase. Nyansahu, nyansapɛ, wiase nyansa ne honam fam ade dodowpɛ nso ma wogyee Onyankopɔn ne nyamesom ho kyim.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na nyansahu ho nimdeɛ a ɛtrɛwee no kaa asɔre no nkyerɛkyerɛ pii? (b) Dɛn na ebinom a wobuu wɔn ho sɛ wɔn ani abue no yɛe?

6 Nyansahu nimdeɛ a ɛtrɛwee no ma wogyee asɔre no nkyerɛkyerɛ pii a egyina Bible nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛnteɛ so no ho kyim. Sɛ nhwɛso no, nsoromma ahorow a nnipa te sɛ Copernicus ne Galileo hui no ma wɔkasa tiaa asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ asase wɔ amansan no mfinimfini no tẽẽ. Afei nso, sɛnea abɔde a yɛde yɛn aniwa hu yɛ adwuma ho mmara a wɔtee ase no amma ho anhia bio sɛ wɔbɛka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ nneɛma te sɛ aprannaa ne anyinam anaa nsoromma ahorow bi a epue a anka wobu no sɛ ɛyɛ anwonwade no. Wɔannye “anwonwade” ne “Onyankopɔn ho a ɔde gye” nnipa nsɛm mu nso anni. Mpofirim, na ɛte sɛ nea Onyankopɔn ne nyamesom bere atwam ama nnipa pii, na wɔn a na wobu wɔn ho sɛ wɔn ani abue no bi poo Onyankopɔn kɔsom nyansahu a wobu no sɛ asɛm nni ho no.

7. (a) Dɛn na ɛdaa adi pefee sɛ ɛhaw nyamesom paa? (b) Dɛn na asɔre ahorow no yɛe wɔ Darwin nkyerɛkyerɛ no ho?

7 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛhaw nyamesom sen biara ne adannandi nkyerɛkyerɛ no. Wɔ 1859 mu no, Engiresini mmoa ne afifide ho nimdefo, Charles Darwin, (1809–82) kyerɛw ne nhoma Origin of Species na ɛma wɔsɔre tiaa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade no. Dɛn na asɔre ahorow no yɛe wɔ ho? Mfiase no, asɔfo a wɔwɔ England ne mmeae foforo kasa tiaa nkyerɛkyerɛ no. Nanso ankyɛ na ɔsɔretia no baa awiei. Ɛte sɛ nea na Darwin nsusuwii no ne anoyi a asɔfo pii a wɔ kokoam no, na wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no hwehwɛ. Enti The Encyclopedia of Religion ka sɛ “na asɔfo a wodwen ade ho paa na wɔn ano atew atumi anya adwene sɛ adannandi ne kyerɛw nsɛm mu ntease a emu da hɔ hyia pɛpɛɛpɛ” wɔ Darwin nkwa nna mu. Sɛ́ anka Kristoman begyina Bible no akyi mmom no, egyee nyansahu adwene toom na edii nea na aba so akyi. Bere a ɛyɛɛ saa no, ɛsɛee Onyankopɔn mu gyidi.—2 Timoteo 4:3, 4.

8. (a) Dɛn na wɔn a wɔkasa tiaa nyamesom wɔ afeha a ɛto so 19 mu gyee ho kyim? (b) Nkyerɛkyerɛ a agye din a wɔn a wɔkasa tiaa nyamesom de bae no bi ne nea ɛwɔ he? (d) Dɛn nti na nnipa pii gyee adwenhorow a na ɛsɔre tia nyamesom no toom ntɛm ara?

8 Bere a na afeha 19 rekɔ awiei no, wɔn a na wɔkasa tia nyamesom de akokoduru kɛse yɛɛ saa. Esiane sɛ na ɛnnɔɔso mma wɔn sɛ wɔbɛda asɔre no sintɔ ahorow kɛkɛ adi nti, wofii ase gyee nea nyamesom gyina so ho kyim. Wobisaa nsɛm te sɛ: Dɛn ne Nyankopɔn? Dɛn nti na yehia Onyankopɔn? Tumi bɛn na Onyankopɔn mu gyidi anya wɔ adesamma abusua no so? Nnipa te sɛ Ludwig Feuerbach, Karl Marx, Sigmund Freud, ne Friedrich Nietzsche daa wɔn akyinnyesɛm no adi wɔ nyansapɛ, adwene ho nimdeɛ ne asetra mu nsɛm mu. Nkyerɛkyerɛ te sɛ ‘Onyankopɔn yɛ onipa adwene a ɔda no adi kɛkɛ,’ ‘Nyamesom yɛ awuduru a ɛsɛe nnipa adwene’ ne ‘Onyankopɔn awu’ nyinaa bɛyɛɛ ade foforo ne anigyede kɛse, sɛ wɔde toto asɔre ahorow nkyerɛkyerɛ ne atetesɛm a ɛnyɛ anigye na wɔnte ase no ho a. Ná ɛte sɛ nea afei de nnipa pii anya ɔkwan a wɔbɛfa so ada wɔn adwenem naayɛ ne nea wonnye nni no adi pefee. Wɔde ahoɔhare fi wɔn pɛ mu gyee nsusuwii yi toom sɛ asɛmpa foforo a ɛyɛ nokware.

Nsɛm Pii a Wogyae Mu Siesie

9. (a) Dɛn na asɔre ahorow no yɛe bere a nyansahufo ne nyansapɛfo kasa tiaa wɔn no? (b) Dɛn na efii nsɛm a asɔre no gyae mu siesiei no mu bae?

9 Dɛn na asɔre ahorow no yɛe bere a na nyansahu ne nyansapɛ kasa tia wɔn na wɔhwehwɛ mu no? Sɛ́ anka wobedi nea Bible ka so mmom no, wɔmaa nhyɛso horow no nyaa wɔn so tumi na wogyaee nsɛm mu siesiei wɔ gyidi ho nsɛm atitiriw te sɛ bɔ a Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade ne nokware a Bible no yɛ mpo mu. Dɛn na efii mu bae? Nnipa fii ase sɛ wɔrennye Kristoman asɔre ahorow no nni bio na pii fii ase hweree wɔn gyidi. Yi a asɔre ahorow no antumi anyi wɔn ho ano no buee kwan kɛse ma nnipa pii fii mu. Nnipa pii fam no, nyamesom yɛ asetra mu nkaede bi kɛkɛ, biribi a wɔde kae wɔn asetra mu nsɛntitiriw—awo, aware, owu. Nnipa pii ankɔ so anhwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan bio.

10. Nsɛmmisa a egye ntɛmpɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

10 Esiane eyi nyinaa nti, ntease wom sɛ yebebisa sɛ: So nyansahu ne nyansapɛ ama wonnye Onyankopɔn nni bio ampa? Asɔre ahorow no nkogudi kyerɛ sɛ nea wose wɔkyerɛkyerɛ a ɛne Bible no nso adi nkogu? Nokwarem no, so ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan? Ma yɛnhwehwɛ nsɛm yi mu kakra.

Nea Wogyina So Nya Onyankopɔn mu Gyidi

11. (a) Nhoma abien bɛn na efi bere tenten ni Onyankopɔn mu gyidi gyina so? (b) Tumi bɛn na nhoma ahorow yi anya wɔ nnipa so?

11 Wɔaka sɛ nhoma abien na ɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ—abɔde “nhoma” anaa abɔde a atwa yɛn ho ahyia, ne Bible no. Ɛno na nnipa ɔpepem pii a wɔtraa ase tete ne nnɛ gyidi gyina so. Sɛ nhwɛso no, bere a afeha a ɛto so 11 A.Y.B. no mu ɔhene bi ani sɔɔ nea ohui wɔ soro a nsoromma ayɛ hɔ ma no, ɔde anwensɛm kae sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dwom 19:1) Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu, hwɛ a ahunmu kwantufo bi fi n’ahunmu hyɛn mu hwɛɛ sɛnea asase yɛ fɛ bere a ɔretwa ɔsram no ho ahyia no kanyan no ma ɔsan kaa asɛm yi: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔakasa atia abɔde ho nhoma ne Bible no?

12 Nanso, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no kasa tia nhoma abien yi. Wɔka sɛ nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ wɔ wiase a yɛte mu no ho ada no adi sɛ ɛnyɛ adebɔ a nyansa wom so na nkwa nam bae, na mmom ɛbae ara kwa na ɛnam adannandi a nhyehyɛe biara nni mu so. Enti wɔka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ, ma enti ɛho nhia sɛ wɔbɛka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afei nso, wɔn mu pii gye di sɛ Bible no atwam na ntease nni mu, ma enti ɛmfata sɛ wogye di. Enti, wɔn fam no, biribiara nni hɔ bio a wobegyina so agye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. So eyi nyinaa yɛ nokware? Dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi?

Ɛbae Ara Kwa Anaasɛ Wɔyɛe?

13. Dɛn na na ɛsɛ sɛ esi na ama nkwa aba ara kwa?

13 Sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ nkwa fii ase kɛkɛ mpofirim. Sɛ nkwa betumi afi ase a, ɔkwan bi so no, ɛsɛ sɛ emu nneɛma a ɛfata no dodow pɛpɛɛpɛ ka bom wɔ ɔhyew ne awɔw tebea a ɛfata ne nneɛma foforo a ɛwɔ so tumi mu, na ne nyinaa kɔ so tra hɔ bere tenten a ɛfata no mu. Afei nso, sɛ anka nkwa befi ase wɔ asase so na akɔ so atra hɔ a, ɛsɛ sɛ nneɛma a ɛba ara kwa yi san ba mpɛn mpempem pii bio. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nneɛma yi mu biako pɛ mpo atumi aba?

14. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ den paa sɛ protein molecule ketewaa biako betumi aba ara kwa? (b) Ɔkwan bɛn so na nkontaabu ka adwene a ɛne sɛ nkwa bae ara kwa no?

14 Adannandifo gye tom sɛ ansa na nkwa mu nneɛma a wɔfrɛ no atom ne molecule betumi aka abom ayɛ nea wɔfrɛ no protein molecule biako pɛ mpo no, ɛsɛ sɛ biribi kɔ so mpɛn 10113 anaasɛ 1 a ohunu 113 di akyi ansa na aba saa mpɛn 1. Ɛdɔɔso sen atom dodow a wobu akontaa sɛ ɛwɔ amansan no mu! Nkontaabufo ka sɛ ade a biribi betumi akɔ so mpɛn 1050 ansa na asi mpɛn 1 no ntumi nsi da. Nanso wobehia protein molecule kɛkɛ no bebree ansa na wɔayɛ nkwa. Nkwaboaa biako hia protein bɛyɛ 2,000 na atumi akɔ so ayɛ n’adwuma, na tumi a ne nyinaa betumi aba ara kwa no bɛhwehwɛ sɛ biribi kɔ so mpɛn 1040,000 ansa na aba 1! Nsoromma ho nimdefo Fred Hoyle ka sɛ: “Sɛ asetra mu gyidi horow anaa nyansahu ntetee mmaa obi nnyaa adwene a ɛnteɛ a ɛma ogye di sɛ nkwa baa Asase so [ara kwa] a, saa akontaabu a asete nyɛ den yi bɔ adwene no gu koraa.”

15. (a) Dɛn na nyansahufo ahu wɔ ade a wosua fa wiase mu nneɛma ho mu? (b) Dɛn na abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo bi kae wɔ abɔde mmara ahorow ho?

15 Nea ɛne eyi bɔ abira no, ade a nyansahu sua wɔ wiase yi ho, efi nneɛma nketenkete so kosi nsoromma akuw akɛse so no ama wɔahu sɛ abɔde mu anwonwade ahorow a wonim nyinaa nam mmara atitiriw bi so na ɛba. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔahu sɛ nyansa ne nhyehyɛe pa da adi wɔ biribiara a ɛkɔ so wɔ amansan no mu no mu, na wɔnam akontaabu a ɛnyɛ den so atumi ada nyansa ne nhyehyɛe pa yi adi. Abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo Paul Davies kyerɛw wɔ New Scientist nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Nyansahufo kakraa bi na mmara horow a ɛkame ayɛ sɛ asete nyɛ den koraa na ɛsom bo no nsɔ wɔn ani.”

16. (a) Abɔde ho mmara mu nneɛma atitiriw a ɛnsakra no bi ne dɛn? (b) Sɛ nneɛma yi sakra kakra mpo a, dɛn na ɛbɛba? (d) Abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo bi kaa amansan no ne yɛn asetra ho asɛm dɛn?

16 Nanso, mmara horow yi ho nokwasɛm bi a ɛyɛ nwonwa paa ne sɛ nneɛma bi wom a ɛnsɛ sɛ ɛsakra na ama amansan a yenim no akɔ so atra hɔ. Nneɛma atitiriw a ɛnsakra yi bi ne proton mu anyinam ahoɔden tumi, nneɛma atitiriw bi mu duru, ne amansan no mu tumi a ɛtwe ade ba fam a Newton hui a wɔtaa de nkyerɛwde G gyina hɔ ma no. Ɔbenfo Davies toa so ka eyi ho asɛm sɛ: “Nsakrae nketenkete mpo a ɛwɔ emu bi mu no bɛma sɛnea Amansan no te asakra kɛse. Sɛ́ nhwɛso no, Freeman Dyson ada no adi sɛ, sɛ anka proton ne neutron ntam tumi ano yɛ den kakra sen sɛnea ɛte no a, anka yennya mframa a wɔfrɛ no hydrogen wɔ Amansan no mu. Anka nsoromma te sɛ Owia, sɛ yɛnka nsu ho asɛm a, ntumi ntra hɔ. Anyɛ yiye koraa no, anka nkwa a yenim no remma. Brandon Carter akyerɛ sɛ nsakrae nketenkete koraa a ɛbɛba G mu no bɛma nsoromma nyinaa ayeyɛ akɛse anaa nketenkete na ɛbɛsɛe nkwa nso saa ara.” Enti Davies wie asɛm no sɛ: “Eyi nti yebetumi anya adwene sɛ Amansan biako pɛ na ebetumi atra hɔ. Na sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ yɛnam nyansa a wontumi nkwati so na yɛte ase sɛ nnipa.”—Yɛn na yɛasi afã bi so dua no.

17. (a) Dɛn na amansan no mu adwini ne atirimpɔw kyerɛ pefee? (b) Wosi eyi so dua dɛn wɔ Bible mu?

17 Dɛn na yebetumi ahu afi eyi nyinaa mu? Nea edi kan koraa no, sɛ mmara ahorow kyerɛ amansan yi kwan a, ɛnde na mmarahyɛfo nyansafo a ɔyɛe anaa ɔhyehyɛɛ mmara ahorow no wɔ hɔ. Afei nso, esiane sɛ ɛda adi sɛ wɔyɛe amansan no dwumadi ho mmara de hwɛɛ nkwa ne tebea horow a ɛbɛma akɔ so atra hɔ kwan nti, ɛda adi pefee sɛ atirimpɔw bi nti na wɔyɛe. Adwini ne atirimpɔw—eyinom nyɛ ade a ɛbae ara kwa; ɛyɛ nea Ɔbɔadeɛ nyansafo bi bɛda no adi pɛpɛɛpɛ. Na eyi ne nea Bible da no adi bere a ɛka sɛ: “Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. Na efi wiase bɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.”—Romafo 1:19, 20; Yesaia 45:18; Yeremia 10:12.

Adanse Pii Atwa Yɛn Ho Ahyia

18. (a) Ade foforo bɛn mu na yebetumi ahu adwini ne atirimpɔw? (b) Adwini a wɔde nyansa adi ho nhwɛso ahorow a wunim bɛn na wubetumi de ama?

18 Nokwarem no, ɛnyɛ amansan no dwumadi a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ no mu nko na yehu adwini ne atirimpɔw, na mmom sɛnea abɔde a nkwa wom, nketewa ne akɛse, yɛ wɔn ade da biara, ne sɛnea wɔne wɔn ho di nkitaho na wɔyɛ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia nso. Sɛ́ nhwɛso no, ɛkame ayɛ sɛ yɛn nipadua no akwaa biara—amemene, aniwa, aso, nsa—da adwini a ɛyɛ nwonwa yiye a nnɛyi nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛ mu nwie adi. Afei mmoa ne afifide nso wɔ hɔ. Nnomaa bi a wotu fa ɛpo ne asase so twa akwansin mpempem pii afe biara, sɛnea afifide de owia hann yɛ aduan, awo nkesua biako a enyin bɛyɛ abɔde nwonwaso a ɛwɔ nkwammoaa ahorow ɔpepem pii a wɔyɛ nnwuma pɔtee bi—sɛ yɛde nhwɛso kakraa bi bɛma a—nyinaa yɛ adwini a wɔde nyansa na ɛyɛe ho adanse titiriw. *

19. (a) So nkyerɛkyerɛmu a nyansahu de ma wɔ sɛnea nneɛma bi yɛ adwuma ho no kyerɛ sɛ odwumfo nyansafo bi nni hɔ? (b) Dɛn na yebetumi ahu wɔ wiase a yɛte mu no ho adesua mu?

19 Nanso, ebinom ka sɛ nyansahu ho nimdeɛ a akɔ anim no ama wɔakyerɛkyerɛ eyinom mu pii mu. Ɛwom, nyansahu akyerɛkyerɛ nneɛma pii a anka ɛyɛ ahintasɛm mu akodu baabi. Nanso hu a abofra hu sɛnea wɔɔkye yɛ adwuma no nkyerɛ sɛ ɛnyɛ obi na ɔyɛe. Saa ara nso na te a yɛte anwonwakwan a wiase mu nneɛma pii nam so yɛ adwuma no ase nkyerɛ sɛ ɛnyɛ odwumfo nyansafo bi na ɔyɛe. Mmom no, bere a yehu sɛnea wiase a yɛte mu no te no, bere dodow no ara na yenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi, Onyankopɔn, wɔ hɔ. Enti, yebetumi de adwempa ne odwontofo no ayɛ adwene bere a ogyee eyi toom no: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24.

Bible No—So Wubetumi Agye Adi?

20. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mu gyidi nkutoo nkanyan obi mma ɔnhwehwɛ n’akyi kwan?

20 Nanso, gyidi a ɛne sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no nkutoo ntumi nka nnipa mma wɔnhwehwɛ n’akyi kwan. Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔmpoo Onyankopɔn mu gyidi koraa de, nanso ɛno nka wɔn mma wɔnhwehwɛ n’akyi kwan. Amerikani nhwehwɛmufo George Gallup, Kumaa, ka sɛ “wunhu nsonsonoe kɛse ankasa wɔ wɔn a wɔkɔ asɔre ne wɔn a wɔnkɔ no ntam wɔ nsisi, tow a wontua, ne korɔn nketenkete ho, na nea ama aba titiriw ne sɛ kwasafo som pii wɔ hɔ.” Ɔde ka ho sɛ “nnipa pii rehyehyɛ nyamesom a ɛnhaw wɔn a ɛma wonya anigye kɛkɛ, a ɛnhwehwɛ mmɔdenbɔ ankasa. Obi frɛɛ no ɔsom a wɔyɛ nea wɔpɛ wom. Ɛne ɔman yi [U.S.A.] mu Kristosom mmerɛwyɛ titiriw nnɛ: Wonni gyidi a emu yɛ den.”

21, 22. (a) Dɛn na ɛma Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow? (b) Dɛn ne nokware a Bible no yɛ ho adanse titiriw? Kyerɛkyerɛ mu.

21 Saa “mmerɛwyɛ titiriw” no fi Bible mu nimdeɛ ne mu gyidi a wonni. Nanso dɛn na ɛwɔ hɔ a yebegyina so agye Bible no adi? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ebia nhoma biara nni hɔ a wɔakasa atia, asɛe no, afa ho tan, na wɔasɔre atia wɔ ɔkwan a ɛmfata so wɔ mfe a atwam no mu sen Bible no. Nanso, agyina ne nyinaa ano na abɛyɛ nhoma a wɔakyerɛ ase a wɔakyekyɛ asen biara. Ɛno ankasa ma Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow. Nanso adanse a ɛyɛ nokware pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ nhoma a efi Onyankopɔn home mu a ɛfata sɛ yegye di.—Hwɛ adaka a ɛwɔ nkratafa 340–1 no mu.

22 Ɛwom mpo sɛ nnipa pii susuw sɛ Bible no ne nyansahu nhyia, abirabɔ wom, na ne bere atwam de, nanso nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ne kyerɛw a ɛda nsow, n’abakɔsɛm ne sɛnea ɛka nyansahu pɛpɛɛpɛ ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛbam pɛpɛɛpɛ nyinaa da nokwasɛm biako pɛ adi: Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye.”—2 Timoteo 3:16.

Gyidi a Wonni Ano a Yebegyina

23. Sɛ yɛhwɛ nokwasɛm ahorow no a, dɛn na yebetumi aka wɔ Bible no ho?

23 Bere a yɛasusuw adanse a efi abɔde ho nhoma ne Bible mu ho awie no, dɛn na yebetumi aka? Ne tiaa mu ara ne sɛ nhoma ahorow yi ntwaam sɛnea ɛte bere nyinaa no. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde adwempa susuw asɛm no ho sen sɛ yɛbɛma adwene bi a yekura dedaw no adaadaa yɛn a, yehu sɛ yebetumi adi ɔkasatia biara so wɔ ɔkwan a ntease wom so. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ nkutoo a, yebenya mmuae ahorow no. Yesu kae sɛ, “Monhwehwɛ, na mubehu.”—Mateo 7:7; Asomafo no Nnwuma 17:11.

24. (a) Dɛn nti na nnipa pii nhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bio? (b) Dɛn na yebetumi anya mu awerɛkyekye? (d) Dɛn na yebesusuw ho wɔ nhoma yi fã a aka mu?

24 Awiei koraa no, ɛnyɛ sɛ nnipa dodow no ara a wɔnhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan bio yɛ saa esiane sɛ wɔn ankasa de boasetɔ ahwehwɛ adanse no mu na wɔahu sɛ Bible no nyɛ nokware nti. Mmom no, tumi a Kristoman antumi anna Bible no nokware Nyankopɔn no adi na ama pii agyae. Franseni nhoma kyerɛwfo P. Valadier kae sɛ: “Kristofo atetesɛm na ɛsow aba a ɛne sɛ Onyankopɔn nni hɔ; ɛma wokum Onyankopɔn wɔ nnipa ahonim mu efisɛ ɛde Onyankopɔn a wontumi nnye no nni na ɛkyerɛɛ wɔn.” Sɛ ɛte saa mpo a, ɔsomafo Paulo nsɛm yi betumi ama yɛn awerɛkyekye: “Na sɛ ebinom annye anni ɛ? So wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu? Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo.” (Romafo 3:3, 4) Yiw, yɛwɔ ntease biara a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan. Wɔ nhoma yi atiri a aka mu no, yebehu sɛnea wɔatumi ahwehwɛ no ahu no ne nea adesamma daakye bɛyɛ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Sɛ wopɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ yi ho nkyerɛkyerɛmu kɛse a, hwɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no 1985 no nkratafa 142–78.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 340, 341]

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Bible no Yɛ Nokware

Ne Kyerɛw Da Nsow: Efi Bible no nhoma a edi kan, Genesis, so kosi nea etwa to, Adiyisɛm, so no, ɛyɛ 66 a nhoma akyerɛwfo bɛyɛ 40 a ɛsono wɔn asetra, nhomanim, ne adwuma a wɔyɛ na wɔkyerɛwee. Wɔde bɛboro mfeha 16 na ɛkyerɛwee, fi 1513 A.Y.B. mu kosi 98 Y.B. Nanso ɛyɛ nhoma a abirabɔ nni mu, emu da hɔ, na ɛda asɛmti titiriw bi adi wɔ ɔkwan a ntease wom so—Onyankopɔn a wɔnam Mesia Ahenni no so bebu ɔne n’atirimpɔw bem.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 241 no mu.

Abakɔsɛm mu Nokwasɛm: Nsɛm a asisi a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu ne abakɔsɛm mu nokwasɛm a wodi ho adanse hyia pɛpɛɛpɛ. Nhoma A Lawyer Examines the Bible ka sɛ: “Bere a ayɛsɛm nhoma, atetesɛm ne adansekrum de ahwɛyiye ka sɛ nsɛm a ɛka no sisii wɔ akyirikyiri baabi ne bere a ɛnyɛ pɔtee mu no, . . . Bible mu nsɛm kyerɛ bere ne beae a nsɛm a ɛka no sisii pɛpɛɛpɛ.” (Hesekiel 1:1-3) Na The New Bible Dictionary ka sɛ: “[Asomafo no Nnwuma no kyerɛwfo] ka ne nsɛm de da ne bere so abakɔsɛm adi; ne nhoma no ka nkurow mu atemmufo, amansin amrado, ahene a wɔsom ahene foforo, ne wɔn a wɔtete saa ho asɛm, na bere nyinaa ɛda adi sɛ beae ne bere a wɔka ho asɛm no te saa pɛpɛɛpɛ.”—Asomafo no Nnwuma 4:5, 6; 18:12; 23:26.

Nyansahu mu Nokware: Wɔde ayarefo a woyi wɔn fi nnipa mu ne ahotew ho mmara maa Israelfo wɔ Leviticus nhoma no mu bere a na aman a atwa wɔn ho ahyia no nnim nneyɛe a ɛtete saa ho hwee no. Ɛka nsu a edi kyinhyia ne huhuro a etu fi po mu a na tete no wonnim no ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo 1:7. Wɔkae wɔ Yesaia 40:22 ne Hiob 26:7 sɛ asase yɛ kurukuruwa na ɛsɛn ahunmu ansa na nyansahu resi so dua wɔ afeha a ɛto so 16 mu. Bɛboro mfe 2,200 ansa na William Harvey kyerɛw nea ohui wɔ sɛnea mogya sen fa nipadua mu ho no, na Mmebusɛm 4:23 ada adwuma a onipa koma yɛ no adi. Enti, ɛwom sɛ Bible nyɛ nyansahu nhoma de, nanso sɛ ɛka nyansahu ho nsɛm a, ɛda ntease a emu dɔ a bere a wɔkyerɛwee no na wonni koraa no adi.

Nkɔmhyɛ Ahorow a Ɛbam Pɛpɛɛpɛ: Ɛhyɛɛ tete Tiro sɛe, Babilon asehwe, Yerusalem a wɔsan kyekyee, ne Medo-Persia ne Hela ahene sɔre ne wɔn asehwe ho nkɔm pɛpɛɛpɛ ma akasatiafo kae sɛ nokwasɛm no sii ansa na wɔkyerɛwee nanso nea wɔkae no ankosi hwee. (Yesaia 13:17-19; 44:27–45:1; Hesekiel 26:3-7; Daniel 8:1-7, 20-22) Yesu ho nkɔm ahorow a wɔhyɛɛ mfehaha pii ansa na wɔrewo no no baam pɛpɛɛpɛ. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 245 no mu.) Nkɔm ahorow a Yesu ankasa hyɛ faa Yerusalem sɛe ho no baam pɛpɛɛpɛ. (Luka 19:41-44; 21:20, 21) Nna a edi akyiri ho nkɔm ahorow a Yesu ne ɔsomafo Paulo hyɛe no renya mmamu wɔ yɛn ankasa bere yi mu. (Mateo 24; Marko 13; Luka 21; 2 Timoteo 3:1-5) Nanso, Bible kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow nyinaa Fibea yɛ biako, Yehowa Nyankopɔn.—2 Petro 1:20, 21.

[Kratafa 333 mfonini ahorow]

Darwin, Marx, Freud, Nietzsche ne afoforo de nkyerɛkyerɛ a ɛsɛee Onyankopɔn mu gyidi bae

[Kratafa 335 mfonini ahorow]

Abɔde ho “nhoma” ne Bible no de nea yegyina so nya Onyankopɔn mu gyidi ma

[Kratafa 338 mfonini ahorow]

Dodow a yehu sɛnea wiase a yɛte mu no te no, mpɛn dodow no ara na yenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi wɔ hɔ

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 337]

Sɛ abɔde bi tew wɔn ho kakraa bi mpo a, anka nkwa ne amansan no ntumi ntra hɔ

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

NNEƐMA A ƐKA BOM YƐ HYDROGEN ATOM

Electron Shell

Proton + Nucleus

ELECTRON −