Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hindusom—Ahofadi a Wɔhwehwɛ

Hindusom—Ahofadi a Wɔhwehwɛ

Ti 5

Hindusom—Ahofadi a Wɔhwehwɛ

“Hindufo nyamesom amanne kyerɛ sɛ ade a ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ anɔpa ne sɛ wobeguare wɔ asubɔnten bi a ɛbɛn mu anaa wɔ fie, sɛ asubɔnten anaa asuten biara mmɛn hɔ a. Nkurɔfo gye di sɛ ɛma wɔyɛ kronkron. Afei, bere a wonnidii no, wɔkɔ hɔnom asɔredan mu de nhwiren ne aduan kɔma ɛhɔ nyame. Ebinom guare ohoni no bɔ no pawda kɔkɔɔ ne akokɔsrade.

“Ɛkame ayɛ sɛ ofie biara wɔ mantwea bi anaa ɔdan mpo a wɔsom abusua no nyame a wɔpɛ n’asɛm yiye wom. Onyame a wagye din wɔ mmeae bi ne Ganesa, ɛsono nyame no. Nkurɔfo bɔ no mpae titiriw de bisa yiyedi, efisɛ wonim no sɛ obi a oyi akwanside fi hɔ. Wɔ mmeae foforo no, ebia Krishna, Rama, Siva, Durga, anaasɛ onyame foforo bi na wɔsom no titiriw.”—Tara C., Kathmandu, Nepal.

1. (a) Ka Hindufo amanne bi ho asɛm. (b) Nneɛma a Atɔe famfo ne Hindufo adwene nhyia wɔ ho no bi ne dɛn?

DƐN ne Hindusom? So ɛne Atɔe famfo adwene a ɛnteɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔsom mmoa, woguare wɔ Ganges mu, na wɔkyekyɛ nnipa mu akuwakuw no? Anaasɛ ɛkyerɛ pii sen saa? Mmuae no ne sɛ: Ɛkyerɛ pii sen saa. Hindusom yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so te asetra ase, na ɛyɛ soronko koraa wɔ Atɔe famfo gyinapɛn ahorow ho. Atɔe famfo bu asetra sɛ nsɛm a asisi nnidiso nnidiso wɔ abakɔsɛm mu. Hindufo bu asetra sɛ biribi a edi kyinhyia a adesamma abakɔsɛm nhia ahe biara wom.

2, 3. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Hindusom mu? (b) Indiani nhoma kyerɛwfo bi kyerɛkyerɛ Hindusom ne anyame bebree som mu dɛn?

2 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛ Hindusom ase, efisɛ enni gyidikasɛm pɔtee bi, asɔfo mpanyin kuw, anaa sodikuw bi. Nanso, ɛwɔ swamifo (akyerɛkyerɛfo) ne gurufo (honhom fam akwankyerɛfo). Hindusom asekyerɛ a emu trɛw a abakɔsɛm nhoma bi de ma no ka sɛ ɛyɛ “gyidi ne ahyɛde hwanyann a aba fi bere a wɔkyerɛw wɔn tete kyerɛw nsɛm (a ɛyɛ kronkron paa), Vedas, de besi nnɛ no nyinaa.” Foforo nso ka sɛ: “Yebetumi aka sɛ Hindusom yɛ anyame Vishnu, anaa Shiva [Siva], anaa onyamewa Shakti anaa wɔn honam mu tebea, wɔn su ahorow bi, wɔn aware mu ahokafo, anaasɛ wɔn asefo akyi a wodi anaa som a wɔsom wɔn.” Nea ɛka ho ne Rama ne Krishna (Vishnu a waba ɔhonam tebeam), Durga, Skanda, ne Ganesa (Siva yere ne ne mma) som. Wɔkyerɛ sɛ Hindusom wɔ anyame ɔpepem 330, nanso wɔka sɛ Hindusom nyɛ anyame bebree som. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?

3 Indiani nhoma kyerɛwfo A. Parthasarathy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Hindufo nsom anyame pii. Hindusom ka Onyankopɔn biako ho asɛm . . . Hindufo anyame ne anyamewa bebree no gyina hɔ ma Onyankopɔn pumpuni biako no tumi ne ne dwumadi wɔ wiase a yɛte mu no mu kɛkɛ.”

4. Asɛmfua “Hindusom” no fa dɛn ho?

4 Hindufo taa frɛ wɔn som sɛ sanatana dharma, a ɛkyerɛ mmara anaa ahyɛde a ɛwɔ hɔ daa. Hindusom * yɛ asɛmfua a ɛkyerɛ nyamesom ne ɔsom akuw nketenkete pii (sampradayas) a aba na atrɛw wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu wɔ tete Hindufo atetesɛm a asete yɛ den no mu ankasa. Saa atetesɛm no asete yɛ den araa ma New Larousse Encyclopedia of Mythology ka sɛ: “Indiafo atetesɛm te sɛ kwae kusuu a emu afifide yɛ frɔmfrɔm. Sɛ wohyɛn mu a, wunhu hann bio na woyera koraa.” Nanso, ti yi bɛka saa ɔsom no mu nneɛma ne nkyerɛkyerɛ no bi ho asɛm.

Hindusom Mfiase Wɔ Tete

5. Hindusom atrɛw akodu he?

5 Ɛwom sɛ ebia Hindusom ntrɛw te sɛ nyamesom akɛse foforo bi de, nanso ebeduu 1990 no, na ɛwɔ akyidifo bɛyɛ ɔpepem 700, anaasɛ wiase nnipa 8 biara mu bɛyɛ 1 (13%). Nanso, saafo yi mu dodow no ara wɔ India. Enti ntease wom sɛ yebebisa sɛ, Ɛyɛɛ dɛn, na dɛn nti na Hindusom wɔ India paa?

6, 7. (a) Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo bi kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Hindusom duu India? (b) Ɔkwan bɛn so na Hindusom ka n’atetesɛm a ɛfa nsuyiri ho no ho asɛm? (d) Sɛnea Marshall a otutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma mu kyerɛ no, ɔsom bɛn na na ɛwɔ Indus Bon no mu ansa na Aryanfo no rekɔ hɔ?

6 Abakɔsɛm akyerɛwfo bi se Hindusom fii ase bɛboro mfe 3,500 ni wɔ atutra bi a ɛmaa Aryanfo a wɔn honam ani hoa no tu fii kusuu fam atɔe kɔɔ Indus Bon a seesei ɛwɔ Pakistan ne India titiriw mu no mu. Wofi hɔ hwete kɔɔ Ganges Asubɔnten no ho asasetaw no so kɔfaa India. Abenfo bi ka sɛ na atukɔfo no nyamesom nsusuwii horow no gyina tete Iranfo ne Babilonfo nkyerɛkyerɛ so. Ade biako a wohu wɔ aman pii ne Hindusom nso mu ne nsuyiri ho atetesɛm no.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 120 no mu.

7 Nanso ɔsom bɛn na na ɛwɔ Indus Bon no mu ansa na Aryanfo no reba hɔ? Obi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu, Sir John Marshall, ka “‘Ɛna Nyamewa Kɛse,’ a n’ahoni bi yɛ mmea apemfo, na emu dodow no ara yɛ mmea a wɔdeda adagyaw a wɔhyehyɛ kɔnmude abobɔ abotiri atenten ho asɛm. . . . Nea edi hɔ ne ‘Onyame a Ɔyɛ Ɔbarima’ a ‘wohu no ntɛm ara sɛ Siva a wagye din no honi’ a waka ne nammuromu asi anim (sɛnea wɔyɛ wɔ yoga mu), ne barima asɔre (ɛma wɔkae lingam [ɔbarima bɔbeasu] som), na mmoa atwa ne ho ahyia (a ɛkyerɛ Shiva nkaedum so nsɛm a ɛne ‘Mmoa Nyame’). Ɔbarima ne ɔbea bɔbeasu abo ahoni abu so, . . . na ɛkyerɛ Shiva ne ne yere lingam ne yoni [bɔbeasu] som.” (World Religions—From Ancient History to the Present) Ɛde besi nnɛ no, wɔde obu kɛse ma Siva sɛ awo nyame, ɔbarima bɔbeasu nyame. Ɔte nantwinini Nandi so.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Hinduni nhomanimfo bi nnye Marshall nkyerɛkyerɛ no ntom? (b) Akyinnye bɛn na wogye wɔ nneɛma a wɔsom wɔ Hindusom ne “Kristosom” mu no ho? (d) Hindusom nhoma kronkron no gyina dɛn so?

8 Hinduni nhomanimfo Swami Sankarananda nnye Marshall nkyerɛkyerɛmu no ntom, na ɔka sɛ mfiase no na abo a wɔsom a wɔfrɛ bi Sivalinga no yɛ “wim gya anaa owia gya, owia, ne hann” ho sɛnkyerɛnne. (The Rigvedic Culture of the Pre-Historic Indus) Ɔka sɛ “ɔbarima ne ɔbea nna som . . . amfi ase sɛ nyamesom. Akyiri yi na ɛbae. Mfiase de no na ɛsɛe bɛyɛɛ saa. Nnipa no na wɔma nea ɛyɛ papa a ɛkorɔn dodo sɛ wɔbɛte ase no ba fam na ama wɔate ase.” Sɛ asɛm a ɔde rebɔ kasa a Atɔe famfo kasa tia Hindusom gu no, ɔka sɛ esiane sɛ Kristofo som mmeamudua, abosonsomfo sɛnkyerɛnne ma bɔbeasu nti, “Kristofo . . . na wɔsom ɔbarima ne ɔbea nna.”

9 Bere bi akyi no, wɔkyerɛw gyidi, anansesɛm ne atetesɛm ahorow a ɛwɔ India no too hɔ, na nnɛ ɛyɛ Hindusom nhoma kronkron. Ɛwom sɛ nhoma kronkron yi mu nsɛm dɔɔso de, nanso ɛnka sɛ ɛsɛ sɛ Hindufo nya nkyerɛkyerɛ biako.

Hindusom Nhoma Kronkron Ahorow

10. Hindusom nhoma ahorow a akyɛ paa no bi ne nea ɛwɔ he?

10 Nhoma ahorow a akyɛ paa no ne Veda ahorow, a mpaebɔ ne nnwom wom a wɔfrɛ no Rig-Veda, Sama-Veda, Yajur-Veda, ne Atharva-Veda no. Wɔde mfehaha pii na ɛboaboaa ano, na wowiee bɛyɛ 900 A.Y.B. Akyiri yi wɔde nhoma foforo kaa Veda ahorow no ho, na ebi ne Brahmana ne Upanishad.

11. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Brahmanas ne Upanishads no mu? (b) Nkyerɛkyerɛ bɛn na wɔda no adi wɔ Upanishads no mu?

11 Brahmana kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne bɔ afɔre ahorow wɔ fie ne baguam, na ɛde asekyerɛ a emu dɔ no ho nkyerɛkyerɛmu pii ma. Wofii ase kyerɛwee wɔ bɛyɛ 300 A.Y.B. mu anaa ɛno akyi. Upanishad (a asekyerɛ ankasa ne “tra a wɔtra bɛn ɔkyerɛkyerɛfo”), a wɔsan frɛ no Vedanta a wɔkyerɛw no bɛyɛ 600-300 A.Y.B. no yɛ kyerɛwtohɔ ahorow, a sɛnea Hindufo nyansapɛ kyerɛ no, ɛkyerɛ nea nsusuwii ne nneyɛe nyinaa gyina so. Wɔkaa samsara (ɔkra a ɛdan ade foforo wɔ owu akyi) ne Karma (gyidi a ɛne sɛ obi mprempren asetra fi ne kan asetra mu nneyɛe) ho asɛm wɔ nhoma ahorow yi mu.

12. Ná hena ne Rama, na wohu ne ho asɛm wɔ he?

12 Nhoma foforo ne Puranas, anaa anansesɛm a ɛwoware a Hindufo anyame ne anyamewa ne Hindufo akatakyie ho atetesɛm wom. Ramayana ne Mahabharata anwensɛm ahorow no ka Hindufo nhoma pii no ho. Sɛnea A. Parthasarathy kyerɛ no, nea edi kan ne asɛm a ɛfa “Owura Rama . . . nyamesom nhoma mu nnipa mu onuonyamfo paa ho.” Ramayana yɛ Hindufo nhoma a agye din sen biara no mu biako, na wɔkyerɛw bɛyɛ afeha a ɛto so anan A.Y.B. Ɛyɛ ɔkatakyie Rama, anaa Ramachandra a Hindufo bu no sɛ ɔbabarima, onuabarima, ne okunu a ɛsɛ sɛ wosuasua no ho asɛm. Wobu no sɛ ɔyɛ Vishnu avatar (honam tebeam) a ɛto so ason, na wɔtaa bɔ ne din de kyia.

13, 14. (a) Sɛnea Hinduni bi kyerɛ no, dɛn ne Bhagavad Gita? (b) Sruti ne Smriti kyerɛ dɛn, na dɛn ne Manu Smriti?

13 Sɛnea Bhaktivedanta Swami Prabhupāda a ɔtew International Society for Krishna Consciousness kyerɛ no, “Bhagavad-gītā [Mahabharata fã] ne abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ a eye kyɛn so koraa. Bhagavad-gītā mu nkyerɛkyerɛ no yɛ nyamesom ne abrabɔ kwan a eye kyɛn so koraa. . . . Gītā mu nkyerɛkyerɛ a etwa to no ne abrabɔ ne nyamesom nyinaa ho asɛm a etwa to: fa wo ho ma Kṛṣṇa [Krishna].”—BG.

14 Bhagavad Gita (Ɔsoro Dwom) a ebinom bu no sɛ “India honhom fam nyansa a ɛsom bo paa” no yɛ nkɔmmɔ a “Owura Śrī Kṛṣṇa [Krishna], Anyame mu Pumpuni, ne Arjuna, N’adamfo ne ne somfo paa a Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea obi ankasa tumi nya nea ɔpɛ, no bɔe wɔ akono.” Nanso, Bhagavad Gita no yɛ Hindufo nhoma kronkron ahorow pii no fã bi pɛ. Wobuu nhoma ahorow yi (Veda, Brahmana, ne Upanishad) no sɛ Sruti, anaa “wɔate,” ma enti wobu no sɛ ɛyɛ ahyɛde kronkron a wɔayi akyerɛ tẽẽ. Afoforo, te sɛ anwensɛm ahorow ne Puranas, yɛ Smriti, anaa “wɔakae,” ma enti nhoma akyerɛwfo a wɔyɛ nnipa na wɔhyehyɛe, ɛwom sɛ wonya fii adiyisɛm mu de. Nhwɛso biako ne Manu Smriti a ɛka Hindufo nyamesom ne asetra mu mmara ne nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe nnyinaso ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ mu no. Gyidi horow a Hindufo nhoma horow yi ama aba no bi ne nea ɛwɔ he?

Nkyerɛkyerɛ ne Abrabɔ—Ahimsa ne Varna

15. (a) Kyerɛ ahimsa ase, na kyerɛkyerɛ sɛnea Jainfo de di dwuma no mu. (b) Ná Gandhi bu ahimsa dɛn? (d) Ɔkwan bɛn so na ɛsono Sikhfo wɔ Hindufo ne Jainfo ho?

15 Sɛnea ɛte wɔ ɔsom afoforo mu no, adwene atitiriw bi wɔ Hindusom mu a enya wɔn nsusuwii ne wɔn da biara abrabɔ so tumi. Emu titiriw biako ne ahimsa (Sanskrit, ahinsa), anaasɛ basabasa a ɛsɛ sɛ wɔkwati, a Mohandas Gandhi (1869-1948) a na wɔfrɛ no Mahatma no gyee din kɛse wɔ ho. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 113.) Adwene yi nti, ɛnsɛ sɛ Hindufo kum abɔde afoforo anaasɛ wɔyɛ wɔn basabasa, na ɛno ne ade biako a enti wɔsom mmoa bi te sɛ anantwi, awɔ, ne nkontromfi no. Wɔn a wɔyɛ katee paa wɔ ahimsa ne obu a wɔwɔ ma nkwa nkyerɛkyerɛ yi ho ne Jainsom (a ɛbae wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu) mufo a wɔnhyɛ mpaboa na wɔde ade kata wɔn ano mpo na amma wɔammene aboawa biara a wɔanhyɛ da no. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 104, ne mfonini a ɛwɔ kratafa 108 no.) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wonim Sikhfo sɛ akofofo, na Singh, wɔn din a ɛtaa twa to no kyerɛ gyata.—Hwɛ adaka no mu wɔ nkratafa 100-101.

16. (a) Hindufo dodow no ara bu nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe no dɛn? (b) Dɛn na Gandhi kae wɔ nnipa mu nkyekyem no ho?

16 Hindusom mu ade a wonim wɔ baabiara ne varna, anaa nnipa mu nkyekyem, a ama wɔakyekyɛ nnipa mu akuwakuw a wɔne afoforo nni twaka biara no. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 113.) Obi betumi ahu sɛ nhyehyɛe yi apaapae Hindufo mu de besi nnɛ, ɛwom sɛ Buddhafo ne Jainfo nnye ntom de. Nanso, sɛnea mmusua mu nyiyim wɔ United States ne mmeae foforo no, saa ara nso na nnipa mu nkyekyem no agye Indiafo ti. Ɔkwan bi so no, ɛyɛ hu a wɔma nnipa hu wɔn asetra mu gyinabea, na ɛde besi nnɛ no wobetumi ahu kakra wɔ Britaniafo mu ne nsase foforo so. (Yakobo 2:1-9) Enti, wɔ India no, wɔwo obi to kuw a wɔne afoforo nni twaka mu, na ɛkame ayɛ sɛ ontumi mfi mu. Bio nso, Hindufo dodow no ara nhwehwɛ sɛ wobefi mu. Wobu no sɛ wɔn asetra mu hyɛbea a wontumi nkwati, nea wɔn kan asetra bi anaa Karma nneyɛe de aba. Nanso ɛyɛɛ dɛn na nnipa mu nkyekyem no fii ase? Ɛha nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔhwɛ Hindufo atetesɛm mu.

17, 18. Sɛnea Hindufo atetesɛm kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe no fii ase?

17 Sɛnea Hindufo atetesɛm kyerɛ no, mfiase no na nnipa akuw atitiriw anan a na egyina Purusha, adesamma agya a odi kan no nipadua nkwaa so na ɛwɔ hɔ. Rig-Veda mu nnwom ka sɛ:

“Wɔkyekyɛɛ Purusha mu no, ahe na wonyae?

Wɔfrɛ n’ano, n’abasa dɛn? Wɔfrɛ n’asrɛ ne ne nantabon dɛn?

Na n’ano ne Brahman [kuw a ɛkorɔn sen biara], wɔde n’abasa abien nyinaa yɛɛ Rajanya.

N’asrɛ bɛyɛɛ Vaisya, ne nantabon na wɔde yɛɛ Sudra.”—The Bible of the World.

18 Enti, wɔkyerɛ sɛ Brahmanfo a wɔyɛ asɔfokuw, kuw a ɛkorɔn sen biara no fi Purusha ano, n’akwaa a ɛwɔ soro sen biara no mu. Sodifo anaa akofofo kuw (Kshatriya anaa Rajanya) no fi n’abasam. Aguadifo ne akuafo kuw a wɔfrɛ wɔn Vaisya anaa Vaishya no fi n’asrɛ mu. Kuw a ɛba fam, Sudra anaa Shudra, anaa apaafo kuw no fi ne nipadua akwaa a ɛwɔ fam sen biara a ɛne ne nantabon mu.

19. Akuw foforo bɛn na ɛbae?

19 Mfehaha pii a atwam no mu no, akuw a wɔba fam koraa mpo bae, wɔn a wonni kuw biara ne Wɔn a Wɔn Ho Ntew, anaasɛ sɛnea Mahatma Gandhi frɛɛ wɔn yiye kakra no, Harijanfo, anaa “onyame Vishnu nkurɔfo.” Ɛwom sɛ efi 1948 no, mmara mma kwan sɛ wobebu ebinom sɛ wɔn ho ntew wɔ India de, nanso Wɔn a Wɔn Ho Ntew no da so brɛ paa wɔ asetra mu.

20. Nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe no ho nneɛma foforo ne dɛn?

20 Bere bi akyi, akuw no bɛyɛɛ bebree ma ɛkame ayɛ sɛ India adwuma biara nyaa ne de. Nnipa mu nkyekyem yi a efi tete a ɛma obiara hu n’asetra mu gyinabea no nso yɛ mmusua mu nyiyim ankasa, na “mmusua a wɔda nsow a wofi wɔn a wɔfrɛ wɔn Aryanfo [a wɔbere] so kosi wɔn a wɔtraa ase ansa na Dravidiafo [a wobiri] reba so no ka ho.” Varna anaa kuw a obi wom no kyerɛ ne “honam ani hwɛbea.” “Ná nnipakuw abiɛsa a wodi kan no yɛ Aryanfo, nnipa a wɔbere paa; ná kuw a ɛto so anan a asase no sotefo ankasa ka ho nyɛ Aryanfo.” (Myths and Legends Series—India, a Donald A. Mackenzie kyerɛwee) Ɛyɛ Indiafo asetra mu nokwasɛm sɛ nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe a nyamesom nkyerɛkyerɛ Karma ama ase atim no ama nnipa ɔpepem pii di hia na wosisi wɔn daa.

Asetra a Edi Kyinhyia a Ɛhaw Adwene No

21. Sɛnea Garuda Purana kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Karma nya obi hyɛbea so tumi?

21 Gyidi titiriw foforo a enya Hindufo abrabɔ ne nneyɛe so tumi, a ɛyɛ nea ɛho hia paa no mu biako ne Karma nkyerɛkyerɛ no. Eyi ne nnyinasosɛm a ɛne sɛ biribi fi adeyɛ biara mu ba, papa anaa bɔne; ɛkyerɛ ɔkra a adan biribi foforo anaa aba ɔhonam tebeam no asetra biara. Sɛnea Garuda Purana kyerɛkyerɛ mu no:

“Onipa na ɔhyehyɛ n’ankasa nkrabea, na ne kan asetra mu nnwuma nya no so tumi bere a ɔyɛ mogyatɔw mpo no. Sɛ́ ebia obi nkutoo hyɛ akyirikyiri baabi anaa ɛpo ase, ɔda ne maame srɛ so anaa wapagyaw no akɔ soro no, ontumi nkwati nea efi ne kan nneyɛe mu ba no. . . . Nea ɛbɛyɛ biara, nea ɛbɛba no so wɔ afe anaa bere pɔtee bi mu no bɛba no so saa bere no ne ɛda no.”

Garuda Purana no toa so sɛ:

“Nimdeɛ a obi nya wɔ ne kan awo mu, ahode a ɔde yɛɛ adɔe wɔ ne kan asetra mu, ne nnwuma a ɔyɛe wɔ n’asetra bi a atwam mu di ne kra anim wɔ n’akwantu mu.”

22. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsono nea Hindufo kyerɛ sɛ ɛba ɔkra so ne nea Kristoman ka no? (b) Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ wɔ ɔkra ho?

22 Saa gyidi yi gyina dɛn so? Ɔkra a enwu da no yɛ Karma nkyerɛkyerɛ mu ade titiriw, na Karma na ɛma adwene a Hindufo kura wɔ ɔkra ho no yɛ soronko wɔ Kristoman de ho no. Hindufo gye di sɛ obiara kra, jīva anaa prān, * san ba ma wɔsan wo no mpɛn pii, na ebetumi aba sɛ ɛkɔ “hell.” Ɛsɛ sɛ ɛbɔ mmɔden sɛ ɛne “Ɔteasefo Pumpuni” a wɔsan frɛ no Brahman, anaa Brahm (ɛnyɛ Hindufo nyame Brahma) no bɛyɛ biako. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristoman nkyerɛkyerɛ kyerɛ sɛ ɔkra betumi akɔ soro, hell, ahodwiragya, anaa Limbo, na egyina sɛnea ne nyamesom te so.—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10; Dwom 146:4.

23. Ɔkwan bɛn so na Karma nya adwene a Hindufo kura wɔ asetra ho so nkɛntɛnso? (Fa toto Galatifo 6:7-10 ho.)

23 Karma nti, Hindufo gye nkrabea di. Wogye di sɛ obi mprempren gyinabea ne ne tebea fi ne kan asetra bi ma enti sɛ́ eye anaasɛ enye no, ɛfata. Hinduni betumi abɔ mmɔden sɛ obenya din pa na ama n’asetra a edi hɔ no atumi ayɛ mmerɛw kɛse. Enti, ogye nea ohyia wɔ asetra mu no tom ntɛm sen Atɔe famni. Hinduni bu ne nyinaa sɛ efi mmara a ɛne sɛ biribi fi adeyɛ bi mu ba, a ne kan asetra gyina so no. Ɛyɛ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ nea wugui wɔ nea wose ɛyɛ kan asetra bi mu no na wutwa. Nokwarem no, eyi nyinaa gyina adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da a ɛkɔ asetra foforo mu, sɛ́ ebia ɛbɛyɛ onipa, aboa, anaa afifide bi no so.

24. Dɛn ne moksha, na ɔkwan bɛn so na Hindufo gye di sɛ obi nsa tumi ka?

24 Enti, dɛn ne Hindusom botae titiriw? Sɛ́ wɔn nsa bɛka moksha a ɛkyerɛ ahofadi anaa ogye a wonya fi wu a wowu ma wɔsan wo wɔn mpɛn pii ne asetra ahorow a amanehunu wom mu. Enti, ɛyɛ ɔhonam asetra a “ɔkra” no na ɛnyɛ nipadua no guan fi mu. Nkyerɛkyerɛmufo bi ka sɛ “esiane sɛ Hinduni biara botae ne moksha, anaa ahofadi a obenya afi ɔhonam mu a ɔba toatoa so mpɛn pii mu nti, n’asetra mu ade titiriw paa ne ne wu.” Wobetumi anya moksha denam marga anaa akwan horow a wɔbɛfa so no so. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 110.) Oo, hwɛ sɛnea nyamesom nkyerɛkyerɛ yi pii gyina tete Babilonfo adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da no so!

25. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Hindufo adwene ne nea Bible no ka wɔ nkwa ho?

25 Nanso, sɛnea Bible kyerɛ no, ɔhonam asetra a wobu no animtiaa anaa wɔmpɛ koraa no ne Yehowa Nyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma bɔ abira koraa. Bere a ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, ɔmaa wɔn asase so asetra a anigye wom. Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ:

“Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so. . . . Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:27-31)

Bible no hyɛ nkɔm sɛ asomdwoe ne atɛntrenee bere bi bɛba asase so, bere a abusua biara benya n’ankasa trabea pa, na adesamma benya akwahosan ne nkwa a edi mu daa.—Yesaia 65:17-25; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.

26. Asɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebua afei?

26 Asɛmmisa a edi hɔ a ɛsɛ sɛ yebua ne sɛ, Anyame bɛn na ɛsɛ sɛ Hinduni sɔ wɔn ani na ama wanya Karma pa?

Hindufo Anyame Bebree No

27, 28. (a) Anyame bɛn na wɔka bom yɛ Hindufo Trimurti no? (b) Henanom ne wɔn yerenom anaa wɔn ahokafo? (d) Bobɔ Hindufo anyame ne anyamewa foforo bi din.

27 Ɛwom sɛ ebia anyame ɔpepem pii wɔ Hindusom mu de, nanso anyame bi a Hindusom akuw horow no pɛ wɔn asɛm no na wɔsom wɔn paa. Anyame atitiriw paa no mu baasa yɛ nea Hindufo frɛ no Trimurti, anyame baasakoro anaa baasa a wɔbom biako no mufo.—Hwɛ adaka a ɛwɔ nkratafa 116-17 no mu na woahu Hindufo anyame foforo.

28 Ɔbɔadeɛ Brahma, Nkwa so Korafo Vishnu, ne Ɔsɛefo Siva na wɔyɛ anyame baasa a wɔbom biako no, na anyɛ yiye koraa no, wɔn mu biara wɔ yere anaa ɔhokafo biako. Brahma ware Saraswati, nimdeɛ nyamewa no. Vishnu yere ne Lakshmi, na Siva yere a odi kan ne Sati a okum ne ho no. Ɔne ɔbea a odi kan a ɔde ne ho bɔɔ afɔre wɔ ogya mu, ma enti ɔbɛyɛɛ okunafo a odi kan a ɔhyew ne ho. Esiane sɛ Hindufo mmea akunafo mpempem pii suasua nea atetesɛm kyerɛ sɛ ɔyɛe no nti, wɔahyew wɔn ho wɔ ogya a wɔde hyew wɔn kununom afunu mu wɔ mfehaha pii no mu, ɛwom sɛ seesei wɔabara adeyɛ yi de. Siva nso wɔ yere foforo a ɔwɔ din ne abodin pii. Sɛ ne bo mfuwii a, wɔfrɛ no Parvati ne Uma, ne Gauri, Nea Ɔte sɛ Sika. Sɛ́ wɔfrɛ no Durga anaa Kali a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ onyamewa a ne ho yɛ hu.

29. Hindufo bu Brahma dɛn? (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:22-31 ho.)

29 Ɛwom sɛ Hindufo atetesɛm de adwene si Brahma so titiriw de, nanso Hindufo dodow no ara mmu no sɛ onyame titiriw wɔ wɔn som mu. Nokwarem no, asɔredan kakraa bi na wɔahyira so ama no, ɛwom sɛ wɔfrɛ no Ɔbɔadeɛ Brahma de. Nanso, Hindufo atetesɛm kyerɛ sɛ opumpuni, nneɛma farebae, anaa ɔteasefo bi—Brahman, anaa Brahm—a wɔde nkyerɛwde kronkron OM anaa AUM na egyina hɔ ma no no na ɔbɔɔ amansan a yehu no. Wobu anyame baasa a wɔbom biako no nyinaa sɛ wɔyɛ saa “Ɔteasefo” no fã, na wobu anyame foforo nyinaa sɛ wɔ a ɔwɔ tebea foforo mu. Ne saa nti wobu onyame biara a wɔsom no sɛ opumpuni no sɛ onyame a ɔwɔ biribiara so tumi. Enti ɛwom sɛ Hindufo som anyame ɔpepem pii pefee de, nanso wɔn mu dodow no ara gye tom sɛ nokware Nyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obetumi adan ne ho nneɛma pii: ɔbarima, ɔbea, anaasɛ aboa mpo. Enti, Hindufo nhomanimfo ka ntɛm ara sɛ Hindufo som onyame biako na ɛnyɛ anyame pii. Nanso, akyiri yi Vedi (Hindufo Amammerɛ) bɔ adwene a ɛne sɛ opumpuni bi wɔ hɔ no gu, na ɛde onyame anaa ɔteasefo bi a onni nipasu si ananmu.

30. Vishnu avatar ahorow no bi ne nea ɛwɔ he?

30 Vaishnavisom mufo som Vishnu a ɔyɛ owia ne amansan nyame yamyefo no titiriw. Ɔdan avatar anaa nneɛma du wɔ ɔhonam mu a Rama, Krishna, ne Buddha ka ho. * Avatar foforo ne Vishnu Narayana “a wɔayɛ no sɛ onipa a wada wɔ ɔwɔ Shesha anaa Anata a wabobɔw ne ho so, na ɔtɛn amansan nsu no ani a ne yere, onyamewa Lakshmi, te ne nan ase na onyame Brahma pue fi nhwiren a afifi wɔ Vishnu funuma mu ba no.”—The Encyclopedia of World Faiths.

31. Siva yɛ onyame bɛn?

31 Siva a wɔtaa frɛ no Mahesha (Ɔhene Pumpuni) ne Mahadeva (Onyame Kɛse) nso no ne Hindusom mu onyame kɛse a ɔto so abien, na wɔfrɛ ɔsom a wɔde ma no no sɛ Saivisom. Wɔka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔhotuafo kɛse, nea waben wɔ yoga mu a ɔte Himalaya so dwennwen, na ɔde nsõ asra ne ho na ne ti nhwi atwa mpɛsɛmpɛsɛ.” Wagye din nso sɛ “obi a n’ani gye ɔbarima ne ɔbea nna ho paa, sɛ nea ɔma awo ne ɔbɔadeɛ pumpuni, Mahadeva.” (The Encyclopedia of World Faiths) Wɔnam lingam, anaa ɔbarima bɔbeasu honi so na wɔsom Siva.—Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 99 no.

32. (a) Onyamewa Kali da ne ho adi wɔ akwan bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na wonyaa Engiresi asɛmfua bi fii ne som mu?

32 Te sɛ wiase nyamesom foforo pii no, Hindusom wɔ ne nyamewa pumpuni a ne ho tumi yɛ anika anaasɛ ɛyɛ hu. Sɛ n’ani gye kɛse a, wonim no sɛ Parvati ne Uma. Wɔde ne su a ɛyɛ hu no nim no sɛ Durga anaa Kali, onyamewa mogyapɛfo a n’ani gye mogya afɔrebɔ ho. Sɛ́ Ɛna Nyamewa, Kali Ma (Asase-Nã Tuntum) no, ɔne Shaktisom nyamewa titiriw. Wɔyɛ ne ho mfonini sɛ obi a ɔda adagyaw besi n’asen na ɔde afunu, awɔ ne tikora ahyehyɛ ne ho. Mmere a atwam mu no, gyidifo a wɔfrɛ wɔn thugi a emu na Engiresi asɛmfua thug (owudifo) fi no de nnipa a wotim wɔn menewa no bɔɔ afɔre maa no.

Hindusom ne Asubɔnten Ganges

33. Dɛn nti na Ganges yɛ kronkron ma Hindufo?

33 Yentumi nka Hindusom mu anyame pii no ho asɛm a yɛremmɔ n’asubɔnten kronkron paa—Ganges—no din. Hindufo atetesɛm fã kɛse no ara fa asubɔnten Ganges, anaa Ganga Ma (Ɛnã Ganga), sɛnea Hindufo a wɔpɛ wɔn som frɛ no no ho tẽẽ. (Hwɛ asase mfonini a ɛwɔ kratafa 123 no.) Wɔbɔ mpae bi a asubɔnten no din 108 wom. Dɛn nti na Hindufo a wɔpɛ wɔn som paa no de obu kɛse ma Ganges saa? Efisɛ ɛfa nkwa mu a wɔbɛtra da biara ne wɔn tetefo atetesɛm ho paa. Wogye di sɛ kan no na ɛwɔ soro na na wɔfrɛ no Milky Way. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɛbɛyɛɛ asubɔnten?

34. Sɛnea Hindufo atetesɛm kyerɛ no, nea ɛyɛe a Ganges bae no ho nkyerɛkyerɛmu biako ne dɛn?

34 Hindufo dodow no ara de nkyerɛkyerɛmu a nsonsonoe kakra wom bɛma sɛɛ se: Na Maharajah Sagara wɔ mmabarima 60,000, na Kapila, a ɔne Vishnu a ɔwɔ honam tebeam kunkum wɔn. Ná wɔde wɔn akra bɛkɔ hell gye sɛ onyamewa Ganga fi soro ba bɛtew wɔn ho gye wɔn fi nnome no mu. Bhagīratha, Sagara nanankanso kɔsrɛɛ Brahma sɛ ɔmma ɔkronkronni Ganga mmra asase so. Kyerɛwtohɔ biako toa so sɛ: “Ganga buae sɛ. ‘Meyɛ asuten kɛse a me hweam ano yɛ den ma medwiriw asase fapem agu.’ Enti bere a [Bhagīratha] de mfe apem twee ne ho aso de kyerɛɛ n’ahonu akyi no, ɔkɔɔ onyame Shiva, ɔhotuafo a ɔsen biara no nkyɛn na otumi dan n’adwene ma okogyinaa soro wɔ Himalaya abotan ne sukyerɛmma mu. Ná Shiva ayɛ ne ti nhwi mpɛsɛmpɛsɛ, na ɔmaa Ganga fi soro boboom besii mpɛsɛmpɛsɛ no mu na egyee ɔwosow a ebetumi asɛe asase no brɛoo. Afei Ganga no sosɔɔ nkakrankakra guu asase so, na efi mmepɔw no so tene bɛfaa asasetaw so, na ɛmaa nsu ne nkwa baa asase a ɛso awo no so.”—From the Ocean to the Sky, a Sir Edmund Hillary kyerɛwee.

35. Ɔkwan bɛn so na Vishnu akyidifo kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a asubɔnten no bae no mu?

35 Nea Vishnu akyidifo ka wɔ sɛnea Ganges fii ase ho no yɛ soronko wɔ ɔkwan bi so. Sɛnea tete nhoma bi, Vishnu Purana, kyerɛ no, nea wɔka ne sɛ:

“Beae yi [Vishnu atrae kronkron no] na asubɔnten Ganges, nea ɛpopa bɔne nyinaa no fi . . . Ofi Vishnu nan benkum kokurobeti kɛse no awerɛw mu na ɛba.”

Anaa sɛnea Vishnu akyidifo ka wɔ Sanskrit mu no: “Visnu-padabja-sambhuta” a ɛkyerɛ “Vishnu nantabon a ɛte sɛ nsɔe dua bi no na ɛwoo no.”

36. Dɛn na Hindufo gye di wɔ tumi a Ganges nsu no wɔ ho?

36 Hindufo gye di sɛ Ganges wɔ tumi a egye gyidifo, ɛtew wɔn ho, edwira wɔn ho na ɛsa wɔn yare. Vishnu Purana ka sɛ:

“Ahotefo a asubɔnten yi mu nsu a woguare no ma wɔn ho tew, na wɔde wɔn adwene ama Kesava [Vishnu] no nya ogye a etwa to. Sɛ nnipa nyinaa te asubɔnten kronkron no ho asɛm, na wɔpɛ, wohu, wɔde wɔn nsa ka, woguare wom, anaa wɔto ho dwom a, ɛtew wɔn ho da biara. Na wɔn a wɔte akyirikyiri mpo . . . a wɔteɛm sɛ ‘Ganga ne Ganga’ no de wɔn ho fi bɔne ahorow a wɔyɛe wɔ asetra abiɛsa a edi kan mu no ho.”

The Brahmandapurana ka sɛ:

“Wɔn a wɔde koma pa guare wɔ Ganga nsu kurennyenn no mu pɛnkoro no, Ɔbɔ wɔn mmusua ho ban fi asiane ɔpehaha pii ho. Ɔsɛe nnebɔne a wɔayɛ wɔ awo ntoatoaso ahorow mu no nyinaa. Sɛ obi guare Ganga mu kɛkɛ a, ne ho tew ntɛm ara.”

37, 38. Dɛn nti na Hindufo ɔpepem pii pia wɔn ho yuu kɔ Ganges ho?

37 Indiafo pia wɔn ho yuu kɔ asubɔnten no ho kɔyɛ puja, anaa wɔkɔsom denam nhwiren a wɔde bɔ afɔre, mpaebɔ a woti mu mpɛn pii ne tilak kɔkɔɔ anaa akokɔsrade a ɔsɔfo no de sisi wɔn moma so no so. Afei wɔkɔ nsu no mu koguare. Wɔn mu pii nso nom nsu no bi, ɛwom mpo sɛ wɔde nsufi, nnuru, ne afunu asɛe no kɛse de. Nanso saa na Ganges kanyan nkurɔfo wɔ honhom fam ma enti Indiafo ɔpepem pii botae ne sɛ anyɛ yiye koraa no, wobeguare pɛnkoro wɔ wɔn ‘nsu kronkron’ no mu, sɛ efi wom anaa ebi nni mu no.

38 Afoforo de wɔn adɔfo afunu ba ma wɔhyew wɔ pata bi so wɔ asubɔnten no ho, na afei wɔde nsõ no petepete asubɔnten no mu. Wogye di sɛ eyi bɛma owufo no kra anya daa anigye. Wɔn a ahia wɔn dodo sɛ wɔbɛbɔ pata a wɔhyew funu wɔ so no pia funu a wɔde ntama akyekyere no no to asubɔnten no mu, na nnomaa bɛsosɔw, anaasɛ ɛporɔw kɛkɛ. Eyi de yɛn ba asɛmmisa yi so, Wɔ nea yɛasusuw ho dedaw no akyi no, dɛn na Hindusom kyerɛkyerɛ wɔ owu akyi asetra ho?

Hindusom ne Ɔkra No

39, 40. Dɛn na Hinduni bi a ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu ka wɔ ɔkra ho?

39 Bhagavad Gita ma mmuae sɛ:

“Bere a ɔkra a ɛwɔ honam nipadua yi kɔ so de eyi nyin sɛ abarimaa ma ɔbɛyɛ aberante, na afei ɔbɔ akwakoraa no, saa ara na ɔkra no nya nipadua foforo wɔ owu mu.”—Ti 2, nkyekyem 13.

40 Hinduni bi ka asɛm yi ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ ɔteasefo biara yɛ ɔkra nti, obiara sakra ne nipadua bere biara, ɛtɔ da bi a, ɔda ne ho adi sɛ abofra, ɛtɔ da bi a, sɛ aberantewaa, na ɛtɔ da bi a, sɛ akwakoraa—ɛwom sɛ ɔkra a ɔyɛ honhom koro no ara wɔ hɔ na ɔnsakra de. Awiei koraa no saa ɔkra yi sakra nipadua no ankasa, bere a efi biako mu kɔ foforo mu no, na esiane sɛ ɛwɔ awerɛhyem sɛ ebenya nipadua foforo wɔ n’awo a edi hɔ no mu—ebia ɔhonam anaa honhom mu de—nti, biribiara nni hɔ a owu nti ɛsɛ sɛ Arjuna twa adwo.”

41. Sɛnea Bible kyerɛ no, ɔkra no ho asɛm a ɛyɛ soronko bɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi?

41 Hyɛ no nsow sɛ nkyerɛkyerɛmu no se “ɔteasefo biara yɛ ɔkra.” Afei saa asɛm no ne nea Bible ka wɔ Genesis 2:7 no hyia:

“Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”

Nanso ɛsɛ sɛ yɛma nsonsonoe titiriw bi ba mu: So onipa ne ne nneyɛe ne ne dom akyɛde nyinaa na ɛma ɔyɛ ɔkra teasefo anaasɛ ɔwɔ ɔkra ka ne nipadua dwumadi ahorow ho? Onipa yɛ ɔkra, anaa ɔwɔ ɔkra? Asɛm a wɔafa aka a edi hɔ no kyerɛkyerɛ adwene a Hindufo kura no mu.

42. Ɔkwan bɛn so na Hindusom ne Bible no bɔ abira wɔ ɔkra ho ntease mu?

42 Bhagavad Gita Ti 2, nkyekyem 17 ka sɛ:

“Wontumi nsɛe ade a ɛnenam nipadua no mu nyinaa no. Obiara ntumi nsɛe ɔkra a entumi nwu no.”

Afei wɔkyerɛkyerɛ nkyekyem yi mu sɛ:

“Ɔkra wɔ nipadua biara mu, na nea ɛkyerɛ sɛ ɔkra no wɔ hɔ ne sɛ obiara nim sɛ biribi wɔ ne mu.”

Enti, bere a Bible ka sɛ onipa ɔkra no, Hindufo nkyerɛkyerɛ ka sɛ ɔwɔ ɔkra. Na nsonsonoe kɛse bi wom a ɛka nkyerɛkyerɛ a saa adwenhorow yi de aba no kɛse.—Leviticus 24:17, 18.

43. (a) Ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fi he? (b) Dɛn na afi mu aba?

43 Wonyaa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fii Babilon nyamesom ho nimdeɛ pii a ɛnsakra no mu titiriw. Ntease wom sɛ ɛde nea efi ‘owu akyi asetra’ mu ba a ɛda adi wɔ ɔsom pii nkyerɛkyerɛ mu na ɛba—obi a owu a wɔsan wo no, ɔsoro, hell, ahodwiragya, Limbo, ne nea ɛkeka ho. Hindufo bu ɔsoro ne hell sɛ ɛyɛ mmeae a ɔkra no twɛn kosi sɛ wɔbɛsan awo no. Nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho paa ne Hindufo adwene wɔ hell ho no.

Hindufo Hell Nkyerɛkyerɛ

44. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Hindusom kyerɛkyerɛ sɛ hell bi wɔ hɔ a wɔyɛ nnipa ayayade ma wɔte?

44 Bhagavad Gita no mu asɛm bi ka sɛ:

“Sɛ wɔsɛe abusua mmara a, ɛnde Janārdana ba nnipa a wɔwɔ hell no so.”—I.44 Harvard Oriental Series, Po 38, 1952.

Nhoma bi se: “Ɛsɛ sɛ wɔde asotwe ahorow ma wɔn a wɔyɛ nnebɔne paa wɔ wɔn asase so asetra mu no wɔ hell nsase so.” Nanso, nsonsonoe biako wɔ ɛne ayayade a Kristoman ka sɛ wɔyɛ nkurɔfo daa wɔ hellgya mu no ntam: “Asotwe no . . . nyɛ daa de.” Ɛnde, Hindufo hell no yɛ dɛn pɔtee?

45. Wɔka Hindu hell ayayade ahorow no ho asɛm dɛn?

45 Nea edi so yi kyerɛkyerɛ nea ɛba ɔdebɔneyɛfo so no mu, na wɔfa fii Markandeya Purana mu:

“Afei Yama [awufo nyame] asomafo no de nhama a ɛyɛ hu kyekyere no ntɛmntɛm twe no fa fam kɔ anafo, na mmaa a wɔbɔ no no ma ne ho popo. Afei Yama asomafo no twe no fa asase a ani woserekaa a [afifide] Kusa, nsɔe, mfɔte siw, nkoroteaa ne abo wɔ so, ogyaframa ama mmeae bi adɔ kɔɔ, ɛso atutu atokuru, owia ama ɛso ayɛ hyew na ɛredɛw bere a ɔde ɛyaw teɛteɛm huhuuhu no so. Bere a asomafo a wɔn ho yɛ hu no twe ɔdebɔneyɛfo no fa fam na sakraman ɔhaha pii keka no no, ɔfa ɔkwan bi a ɛso yɛ hu so kɔ Yama fie. . . .

“Sɛ wɔhyew ne nipadua a, ɔte sɛ ɛhyehye no yayaayaw; na sɛ wɔbɔ no anaasɛ wɔde biribi twa no a, ɔte yaw kɛse.

“Wɔnam saayɛ so sɛe abɔde bi nipadua, na ɛwom sɛ ɔkɔ nipadua foforo mu de, nanso n’ankasa nnebɔne nti, ohu amane daa. . . .

“Afei nea ɛbɛyɛ na wɔapopa ne bɔne no, wɔde no kɔ hell foforo a ɛte saa ara mu. Bere a ɔdebɔneyɛfo no akɔ hell ahorow no nyinaa mu awie no, ɔdan aboa. Afei bere a watra ase sɛ asunson, nkoekoemmoa, ne nwansena, nkekaboa, ntontom, asono, nnua, apɔnkɔ, anantwi, na wafa asetra bɔne a ɛyɛ awerɛhow foforo mu akyi no, ɔdan onipa, wɔwo no sɛ afu, anaa omumɔ anaa epira anaa Chandala Pukkasa.”

46, 47. Dɛn na Bible ka wɔ awufo tebea ho, na dɛn na yebetumi aka wɔ ho?

46 Fa ɛno toto nea Bible ka fa awufo ho no ho:

“Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae. Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.

47 Nokwarem no, sɛ onipa nni ɔkra na mmom ɔyɛ ɔkra sɛnea Bible ka no a, ɛnde onipa nnim hwee wɔ ne wu akyi. Anigye ne amanehunu biara nni hɔ. “Owu akyi asetra” ho nsɛm hwanyann a ntease nnim no nyinaa fi hɔ. *

Nea Ɛbɔ Hindusom Abira

48, 49. (a) Sɛ yebeti mu a, Hindu nkyerɛkyerɛ no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn nti na ebinom nnye nni sɛ Hindusom fata? (d) Hena na ɔsɔree a ogyee Hindufo nsusuwii ho kyim?

48 Hindusom mu nhwehwɛmu tiawa a ɛho hia yi ada no adi sɛ ɛyɛ anyame pii som a egyina onyame biako som so—Brahman, Opumpuni, nkwa farebae, anaa ɔteasefo a wɔde nkyerɛwde OM anaa AUM gyina hɔ ma no, na ɔda ne ho adi akwan pii so no mu gyidi. Ɛsan yɛ ɔsom a ɛkyerɛkyerɛ sɛ wonnya afoforo ho koma na ɛhyɛ nkuran sɛ wonyi ayamye adi nkyerɛ mmoa.

49 Ɔkwan foforo so no, Hindu nkyerɛkyerɛ bi, te sɛ Karma ne nnipa nkyekyem mu nsisi ne abosonsom ne atetesɛm mu nsɛm a abirabɔ wom ama nnipa mmadwemma nnye nni sɛ saa ɔsom no fata. Saafo a wonnye nni no mu biako sɔree wɔ India kusuu fam apuei bɛyɛ afe 560 A.Y.B. mu. Ɔne Siddhārtha Gautama. Ɔtew ɔsom foforo a antrɛw wɔ India nanso ɛtrɛw wɔ mmeae foforo, sɛnea yɛn asɛmti a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu no. Saa ɔsom foforo no ne Buddhasom.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Europafo na wɔde edin Hindusom no bae.

^ nky. 22 Sanskrit mu no, wɔtaa kyerɛ ātma anaa ātman ase sɛ “ɔkra” nanso “honhom” ne nkyerɛase a edi mũ kɛse.—Hwɛ A Dictionary of Hinduism—Its Mythology, Folklore and Development 1500 B.C.-A.D. 1500, kratafa 31, ne nhomawa Victory Over Death—Is It Possible for You? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintim no 1986 no mu.

^ nky. 30 Avatar a ɛto so du a ɛbɛba daakye ne Kalki Avatara a “wɔda no adi sɛ aberantewaa nuonyamfo bi a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa kɛse so na okura nkrante a ɛhyerɛn na ɛde owu ne ɔsɛe ba baabiara no.” “Ne mmae bɛsan ama trenee aba asase so, na asan de kronnyɛ ne bemdi mmere aba.”—Religions of India; A Dictionary of Hinduism.—Fa toto Adiyisɛm 19:11-16 ho.

^ nky. 47 Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho ne ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nni abusuabɔ biara. Hwɛ Ti 10.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 100, 101]

Sikhsom—Ɔsom a Wɔasesɛw

Sikhsom a wɔde nkrante abiɛsa ne kɔntɔnkrɔn yɛ n’agyiraehyɛde no mu nnipa boro ɔpepem 17. Wɔn mu dodow no ara te Punjab. Sikhfo Golden Temple a esi ɔtare bi mu no wɔ Amritsar, Sikhfo kurow kronkron no mu. Wɔde Sikhfo mmarima abotiri bruu, fitaa, anaa tuntum a ne bɔ yɛ wɔn nyamesom fã titiriw bi no na ehu wɔn ntɛm ara, sɛnea wɔde wɔn ti nhwi a wɔma efuw tenteeten hu wɔn no.

Hindi asɛmfua sikh no kyerɛ “osuani.” Sikhfo yɛ Guru Nānak a ɔde wɔn som no bae no asuafo, na wodi gurufo du (Nānak ne n’adedifo baakron) a nhoma a wɔkyerɛwee wɔ Sikhfo nhoma kronkron Guru Granth Sahib mu no nkyerɛkyerɛ akyi. Ɔsom no fii ase wɔ afeha 16 no mfiase bere a Guru Nānak pɛe sɛ ɔde Hindusom ne Islām mu nneɛma a eye paa no hyehyɛ ɔsom a biakoyɛ wom no.

Wobetumi aka Nānak botae no ho asɛm tiawa sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, na Ɔne yɛn Agya; enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ anuanom.” Te sɛ Nkramofo no, Sikhfo gye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako na wɔbara ahoni a wɔde di dwuma. (Dwom 115:4-9; Mateo 23:8, 9) Wodi Hindufo atetesɛm a ɛma wogye di sɛ ɔkra a enwu da, obi a wawu a wɔsan wo no ne Karma wɔ hɔ no akyi. Wɔfrɛ beae a Sikhfo som no sɛ gurdwara.—Fa toto Dwom 103:12, 13; Asomafo no Nnwuma 24:15 ho.

Ná Guru Nānak mmara nsɛm akɛse no mu biako ne sɛ: “Kae Onyankopɔn bere nyinaa, kɔ so bɔ Ne din.” Wɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ “Ɔnokwafo No,” nanso wɔmma no din biara. (Dwom 83:16-18) Ná mmara nsɛm foforo ne sɛ “Wo ne ahiafo nkyɛ nea wunya.” Nea ɛne eyi hyia no, langar, anaa mukaase a nnipa ahorow nyinaa didi wɔ hɔ kwa wɔ Sikhfo asɔredan biara mu. Adan a akwantufo betumi ada mu kwa anadwo mpo wɔ hɔ.—Yakobo 2:14-17.

Guru a otwa to, Gobind Singh (1666-1708), hyehyɛɛ Sikhfo onuayɛ kuw bi a wɔfrɛ no Khalsa a wodi nea wɔfrɛ no K ahorow anum akyi: kesh, ti nhwi a wonyi a ɛkyerɛ honhom mu yiyedi; kangha, afe a ɛhyɛ ti nhwi mu, ɛkyerɛ nhyehyɛe pa ne ahosodi; kirpan, nkrante, ɛkyerɛ nidi, akokoduru, ne ho a wɔde bɔ afɔre; kara, dade kapo a ɛkyerɛ sɛ biakoyɛ wɔ wɔne Onyankopɔn ntam; kachh, nika a wɔhyɛ wɔ atade ase a ɛkyerɛ ahobrɛase na wɔhyɛ de kyerɛ abrabɔ mu ahosodi.—Hwɛ The Encyclopedia of World Faiths, kratafa 269.

[Mfonini]

Sikhfo Golden Temple wɔ Amritsar, Punjab, India

[Mfonini ahorow]

Abotiri bruu no kyerɛ adwene a emu abue te sɛ wim, a afoforo ho adwemmɔne biara nni mu

Abotiri fitaa no kyerɛ ɔhotefo a obu bra pa

Abotiri tuntum no kae wɔn ɔtaa a Britaniafo de baa Sikhfo so wɔ 1919 mu

Obiara na ɔpaw kɔla afoforo a aka no mu nea ɔpɛ

[Mfonini]

Sikhfo sɔfo ka akode kronkron ho abakɔsɛm kyerɛ wɔ guasodeyɛ bi mu

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 104]

Jainsom—Ahotua ne Basabasa a Wɔnyɛ

Indiafo hene ba ɔdefo Nataputta Vardhamāna a wonim no yiye sɛ Vardhamana Mahāvīra (abodin a ɛkyerɛ “Onipa Kɛse” anaa “Ɔkatakyie Kɛse”) no na ɔde ɔsom yi ne ne tete Indiafo swastika sɛnkyerɛnne no bae wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu. Ɔtraa ase sɛ ɔhotuafo. Ɔde adagyaw siim sɛ ɔrekɔhwehwɛ nimdeɛ wɔ “India mfinimfini nkuraase ne nsasetaw so de anya ogye afi awo, owu, ne obi a owu ma wɔsan wo no kyinhyia no mu.” (Man’s Religions, a John B. Noss kyerɛwee) Ogye dii sɛ ɔkra no betumi anya nkwagye denam ahopakyi ne ahosodi kɛse ne ahimsa a ɔde bedi dwuma ketee, ne abɔde biara a wɔnyɛ no basabasa nkutoo so. Odii ahimsa so araa ma na okura ɔprae a ano yɛ mmerɛw a obetumi de aprapra mmoawa biara a ebia wɔbɛfa ne kwan mu no brɛoo. Ná obu a ɔwɔ ma nkwa no bɛbɔ n’ankasa kra ahotew ne ne mudi mu kura ho ban nso.

Ɛnnɛ, bere a n’akyidifo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn Karma ayɛ papa no, wɔpa wɔn ho akyi saa ara na wɔwɔ obu ma abɔde foforo nyinaa. Yɛsan hu tumi kɛse a ɔdesani kra a enwu da no mu gyidi no wɔ wɔ nnipa asetra so kɛse no.

Ɛnnɛ, ɔsom yi mufo nnu ɔpepem anan, na wɔn mu dodow no ara wɔ Bombay ne Gujarat mpɔtam hɔ wɔ India.

[Mfonini]

Jainni bi resom wɔ ɔhotefo Gomateswara nantabon honi a ne tenten yɛ mita 17 no ase wɔ Karnataka, India

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 106, 107]

Hindufo Nsɛmfua Asekyerɛ Tiawa

ahimsa (Sanskrit, ahinsa)wɔnyɛ basabasa; wompira na wonkum biribiara. Eyi nti na Hindufo nwe nam na wɔwɔ obu ma mmoa no

ashram—abosonnan anaasɛ beae a guru (honhom fam kwankyerɛfo) kyerɛkyerɛ

ātman—honhom; ɛfa biribi a enwu ho. Wɔtaa kyerɛ ase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ ɔkra. Hwɛ jīva

avatar—Hindufo nyame bi ahoyi anaa wɔ a ɔwɔ ɔhonam tebeam

bhakti—onyame bi som a ɛde nkwagye ba

bindi—agyiraehyɛde kɔkɔɔ bi a mmea awarefo de sisi wɔn moma so

Brahman—nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe mu asɔfokuw ne nea ɛkorɔn paa; ɛsan kyerɛ Ɔteasefo Pumpuni. Hwɛ kratafa 116

dharma—mmara a edi nneɛma nyinaa so; nea ɛkyerɛ sɛ nneyɛe teɛ anaasɛ ɛnteɛ

ghat—asubɔnten ho atrapoe anaa asɛnka agua

guru—ɔkyerɛkyerɛfo anaa honhom fam kwankyerɛfo

Harijan—Wɔn a Wɔba Fam Koraa kuw no muni; ɛkyerɛ “Onyankopɔn nkurɔfo,” edin a eye kakra a Mahatma Gandhi de maa wɔn

japa—Onyankopɔn din ahorow no mu biako a wotĩ mu bɔ de som no; wɔde mala anaa rosary a nhene 108 wɔ so na ɛkan

jīva (anaa prān, prāni)obi ankasa kra

Karma—nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ adepa anaa adebɔne bi fi adeyɛ biara mu ba ma ɔkra a wanya nipadua foforo no asetra a edi hɔ no

Kshatriya—adwumayɛfo, sodifo, ne akofo kuw ne nnipa mu nkyekyem nhyehyɛe no mu kuw a ɛto so abien a ɛkorɔn

mahant—ɔkronkronni anaasɛ ɔkyerɛkyerɛfo

mahatma—Hinduni ɔhotefo, efi maha, nea ɔkorɔn anaasɛ ɔyɛ ɔkɛse, ne ātman, honhom, mu

mantra—ɔsom mu nsɛm a wogye di sɛ ɛwɔ nkonyaa tumi, a wɔka bere a wɔregye obi aba nyamesom kuw bi mu na wotĩ mu wɔ mpaebɔ ne nsɛm a wɔde kankye mu

maya—bu a wommu wiase no sɛ ɛwɔ hɔ

moksha, anaa mukti—gye a wogye obi fi kyinhyia a ɛne wu a owu ma wɔsan wo no no mu; ɔkra no akwantu awiei. Wɔsan frɛ no Nirvana, ka a obi ne Opumpuni no, Brahman, ka bom

OM, AUM—asɛmfua a egyina hɔ ma Brahman a wɔde dwennwenne; wobu ne nnyigyei sɛ ɛkanyan ehu; wɔde di dwuma sɛ ɔsom mu mantra

paramatman—Wiase-Honhom, amansan ātman anaa Brahman

puja—ɔsom

sadhu—onipa kronkron; ɔhotuafo anaa yogi

samsara—kɔ a ɔkra a enwu da na wontumi nsɛe no kɔ nipadua foforo mu

Shakti—ɔbea tumi anaasɛ onyame bi yere, titiriw no Siva yere

sraddha—amanne atitiriw a wɔyɛ de hyɛ nananom a wɔawuwu anuonyam a ɛboa awufo akra ma wonya moksha

Sudra—ɔpaani, nnipakuw atitiriw anan no mu nea ɛba fam koraa

swami—ɔkyerɛkyerɛfo anaa honhom fam kwankyerɛfo a ɔkorɔn

tilak—obi moma so agyiraehyɛde bi a ɛkyerɛ sɛ ɔkae Awurade wɔ ne dwumadi nyinaa mu

Trimurti—Hindi baasakoro nyame a wɔne Brahma, Vishnu, ne Siva

Upanishads—tete Hindusom anwensɛm nhoma kronkron. Wɔsan frɛ no Vedanta, Veda awiei

Vaisya—aguadifo ne akuafo kuw; nnipa mu nkyekyem kuw a ɛto so abiɛsa

Veda—Hindusom anwensɛm nhoma a akyɛ sen biara

Yoga—efi yuj mu, ɛkyerɛ sɛ wɔka bom; ɛyɛ amansan nyame no a onii no ne no ka bom. Wonim no paa sɛ nneɛma ho dwen ho adesua a ɛma wohu sɛnea wogyina hɔ na wɔhome yiye. Anyɛ yiye koraa no, Hindusom gye Yoga, anaa akwan atitiriw anan tom. Hwɛ kratafa 110

[Mfonini ahorow]

Efi benkum so, Hinduni mahant; sadhu a ogyina hɔ redwennwen; guru a ofi Nepal

[Kratafa 110 adaka]

Akwan Anan a Wɔfa so Nya Moksha

Anyɛ yiye koraa no, Hindusom kyerɛ akwan anan a wɔbɛfa so anya moksha, anaa wɔagye ɔkra no. Wɔfrɛ eyinom sɛ yoga anaa marga, akwan a wɔfa so nya moksha.

1. Karma Yoga—“Nneyɛe kwan, anaa karma yoga, nneyɛe ho adesua. Titiriw no, karma marga kyerɛ sɛ obi yɛ ne dharma sɛnea n’asetram gyinabea te. Wɔhwehwɛ sɛ onipa biara yɛ nneɛma bi, te sɛ ahimsa, na ɛnsɛ sɛ ɔnom nsa na ɔwe nam, nanso obiara dharma pɔtee no gyina kuw a saa onipa no wom ne n’asetra gyinabea so.”—Great Asian Religions.

Obi kuw nkutoo so na ogyina yɛ Karma yi. Obi ma ne kuw kɔ so yɛ kronn bere a ɔnware kuw foforo muni anaa ɔne no nnidi no, a ne Karma wɔ kan asetra bi mu na ɛkyerɛ kuw a ɔwom. Enti, wommu obi kuw sɛ atɛnkyea na mmom sɛ agyapade a efi ne kan asetra bi mu. Hindufo nyansapɛ mu no, mmarima ne mmea nyɛ pɛ. Wɔakyekyɛ wɔn mu denam kuw ne bɔbeasu, ne honam ani hwɛbea so. Mpɛn pii no, sɛ obi bere a, ne kuw korɔn.

2. Jnana Yoga—“Nimdeɛ kwan, anaa jnana yoga, nimdeɛ ho adesua. Esiane sɛ jnana marga nte sɛ nneyɛe kwan, karma marga, ne ne nnwuma a ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ asetra bere biara mu nti, ɛma obi nya ntease ne adwene a ɔde behu ne ho ne amansan no. Ɛnyɛ nea woyɛ na mmom onii ko a woyɛ na ɛma wunya jnana marga. [Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.] Nea ehia paa ne sɛ eyi ma wɔn a wɔde wɔn ho hyem no tumi nya moksha wɔ asetra yi mu.” (Great Asian Religions) Ɛyɛ yoga a obi de hwehwɛ n’adwene mu na ɔtwe ne ho fi wiase ho di ne ho nya. Ɛyɛ ahosodi ne ahopakyi.

3. Bhakti Yoga—“Hindufo amanne a agye din paa nnɛ. Eyi yɛ ahofama kwan, bhakti marga. Esiane sɛ ɔkwan yi nte sɛ karma marga nti, . . . ɛso fa yɛ mmerɛw, wofi ɔpɛ mu kɛse na ɛfa so, na obiara betumi afa so a kuw a ofi mu, ne bɔbeasu, ne mfe a wadi mfa ho. . . . [Ɛma] obi fi ne pɛ mu da ne nkate ne n’akɔnnɔ horow adi mmom sen sɛ anka ɔbɛma yoga ahotua abunkam so . . . [Ɛyɛ] ahofama a wɔde ma anyame nkutoo.” Ná anyame ɔpepem 330 na wɔwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn. Sɛnea amanne yi kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wodɔ biribi a wuhu. Nokwarem no, bhakti kyerɛ sɛ “obi de ne koma bɛma nyame a wapaw no.”—Great Asian Religions.

4. Raja Yoga—Ɔkwan a wɔfa so “gyina hɔ wɔ akwan soronko so, wɔhome, na wodwen nneɛma ho yiye mpɛn pii.” (Man’s Religions) Ɛwɔ akwan awotwe.

[Kratafa 113 adaka/mfonini]

Mahatma Gandhi ne Nnipa Mu Nkyekyem

“Me gyidi a edi kan ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ basabasa. Ɛsan yɛ me gyidikasɛm a etwa to.”—Mahatma Gandhi, March 23, 1922.

Mahatma Gandhi a n’akanni a basabasayɛ nnim a ɔde boa maa India nyaa ahofadi fii Britania hɔ (wɔde maa 1947) ma ogyee din no bɔɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛma ne mfɛfo Hindufo ɔpepem pii asetra ayɛ papa. Sɛnea Indiani Nhomanimfo M. P. Rege kyerɛkyerɛ mu no: “Ɔkae sɛ ahimsa (basabasa a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ) yɛ abrabɔ gyinapɛn a edi kan, nea ɔkyerɛɛ ase sɛ dwen a wodwen nidi a onipa biara wɔ ne ne yiyedi ho. Ɔpoo Hindufo kyerɛw nsɛm bere a emu nkyerɛkyerɛ ne ahimsa bɔ abira no, ɔde akokoduru bɔɔ mmɔden sɛ obegu nhyehyɛe a ɛkyerɛ sɛ nnipa bi ba fam koraa na afoforo korɔn no, na ɔkamfo kyerɛe sɛ mmea ne mmarima yɛ pɛ wɔ asetra afã nyinaa mu.”

Ná Gandhi bu tebea a Wɔn a Wɔba Fam Koraa wom no dɛn? Ɔkyerɛwee wɔ krataa bi a ɔkyerɛw no May 2, 1933, de kɔmaa Jawaharlal Nehru no mu sɛ: “Harijan kuw no so dodo sɛ wɔde adwene kɛkɛ bedi ho dwuma. Adebɔne biara nni wiase a ɛte saa. Nanso mintumi nnyae nyamesom ne Hindusom. Sɛ Hindusom di me huammɔ a, m’asetra bɛyɛ adesoa ama me. Hindusom ma m’ani gye Kristosom, Islam ne nyamesom foforo pii ho. . . . Nanso mintumi nnya ho koma bere a ebu nnipa bi sɛ wɔba fam no.”—The Essential Gandhi.

[Mfonini]

Mahatma Gandhi (1869-1948), Hindufo kannifo ne ahimsa kyerɛkyerɛfo a wobu no

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 116, 117]

Hindusom—Anyame ne Anyamewa Bi

Aditi—anyame no maame; wim nyamewa; Nea ɔte hɔ daa

Agni—ogya nyame

Brahma—Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn, onyame a ɔbɔɔ amansan no mu abɔde. Trimurti (baasakoro) no mu anyame no mu biako

Brahman, anaa Brahm—Opumpuni, nea ɔwɔ amansan no baabiara, wɔde nnyigyei OM anaa AUM na egyina hɔ ma no. (Hwɛ atifi hɔ sɛnkyerɛnne no.) Wɔsan frɛ no Atman. Hindufo bi bu Brahman sɛ Onyankopɔn anaa Otumfoɔ Pumpuni a onni nipasu

Buddha—Gautama, nea ɔde Buddhasom bae; Hindufo bu no sɛ Vishnu a ɔwɔ ɔhonam tebeam (avatar)

Durga—Siva yere anaa Shakti, wɔfrɛ no Kali

Ganesa (Ganesha)—Siva ba onyame a ɔwɔ ɛsono ti, Akwanside Wura, yiyedi nyame. Wɔsan frɛ no Ganapati ne Gajanana

Ganga—onyamewa, Siva yerenom no mu biako a asubɔnten Ganges na wadan ne ho saa

Hanuman—kontromfi nyame ne Rama akyidini nokwafo

Himalaya—sukyerɛmma atrae, Parvati agya

Kali—Siva yere tuntum (Shakti) ne mogyapɛfo ne ɔsɛe nyamewa. Wɔtaa yɛ ne mfonini a ne tɛkrɛma kɛse kɔkɔɔ sensɛn hɔ

Krishna—Vishnu a ɔwɔ ɔhonam tebeam nea ɛto so mpɛn awotwe a ɔpɛ agoru ne Bhagavad Gita nyame. Ná n’adɔfo ne gopifo anaa mmea a wɔyɛ nufukyifo

Lakshmi—ahoɔfɛ ne yiyedi nyamewa; Vishnu yere

Manasa—awɔ nyamewa

Manu—adesamma abusua no nana; apataa kɛse bi gyee no fii ɔsɛe a nsuyiri no de bae no mu

Mitra—hann nyame. Romafo frɛ no Mithras

Nandi—nantwinini, nea Siva de tu kwan

Nataraja—Siva a ɔresaw wɔ ogya kɔntɔnkrɔn mfinimfini

Parvati anaa Uma—Siva yere nyamewa. Ɔsan dan ne ho onyamewa Durga anaa Kali

Prajapati—amansan Bɔfo, Abɔde Wura, anyame, adaemone, ne abɔde foforo nyinaa agya. Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Brahma

Purusha—amansan nipa. Ne nipadua na wɔkyekyɛɛ mu yɛɛ no nnipakuw atitiriw anan no

Radha—Krishna yere

Rama, Ramachandra—Vishnu a ɔwɔ ɔhonam tebeam nea ɛto so mpɛn ason. Anwensɛm Ramayana ka Rama ne ne yere Sita ho asɛm

Saraswati—nimdeɛ nyamewa ne Ɔbɔadeɛ Brahma yere

Shashti—onyamewa a ɔbɔ mmea ne mmofra ho ban wɔ awo mu

Siva—abawo, owu, ne ɔsɛe nyame; Trimurti no muni. Wɔde peaw a ɛwɔ ti abiɛsa ne bɔbeasu na egyina hɔ ma no

Soma—ɔyɛ onyame ne aduru; daa nkwa ho aduru

Vishnu—onyame a ɔkora nkwa so; Trimurti no muni a ɔto so abiɛsa

[Mfonini Fibea]

(Egyina din a ɛwɔ Mythology—An Illustrated Encyclopedia mu no so)

[Mfonini ahorow]

Efi soro wɔ benkum so kɔ nifa, Nataraja (Siva a ɔresaw), Saraswati, Krishna, Durga (Kali)

[Kratafa 120 adaka]

Hindufo Atetesɛm a Ɛfa Nsuyiri no Ho

“Anɔpa no wɔde nsu brɛɛ Manu [adesamma nana ne mmarahyɛfo a odi kan] sɛ onguare . . . Bere a ɔreguare no, apataa bi [Vishnu a wadan ne ho Matsya] bɛhyɛɛ ne nsam.

“Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛn me, megye wo nkwa!’ ‘Wubegye me nkwa afi dɛn mu?’ ‘Nsuyiri de abɔde yi nyinaa bɛkɔ: na megye wo nkwa afi ɛno mu!’ ‘Ɔkwan bɛn na memfa so nyɛn wo?’”

Apataa no kyerɛɛ Manu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no. “Afei ɔkae sɛ, ‘Afe sɛɛ mu na nsuyiri no bɛba. Afei tie me (m’afotu) na pam hyɛn bi; na sɛ nsuyiri no kɔ soro a, kɔ hyɛn no mu, na megye wo nkwa afi mu.’”

Manu dii apataa no akwankyerɛ no akyi, na nsuyiri no mu no, apataa no twee hyɛn no kɔɔ “kusuu fam bepɔw bi so. Afei ɛkae sɛ, ‘Magye wo nkwa. To hyɛn no sɛkyɛ wɔ dua ho; nanso mma nsu no mmfa wo nkɔ, bere a wowɔ bepɔw yi so no. Sɛ nsu no twetwe a, wubetumi asian nkakrankakra!’”—Satapatha-Brahmana; fa toto Genesis 6:9–8:22 ho.

[Asase mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 123]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ganges sen fi Himalayas so twa akwansin bɛboro 1,500 kɔ Calcutta ne faako a ɛbɔ po mu wɔ Bangladesh no

INDIA

Culcutta

Ganges Asubɔnten

[Mfonini ahorow]

Ganga Ma, wɔ Siva ti so, osian fa ne ti nhwi mu

Hindufo a wɔpɛ wɔn nyamesom wɔ nsu ano atrapoe so, wɔreguare wɔ Ganges mu wɔ Varanasi, anaa Benares

[Kratafa 96 mfonini]

Ganesa, Hindufo yiyedi nyame a ɔwɔ ɛsono ti, ɔyɛ Siva ne Parvati babarima

[Kratafa 99 mfonini ahorow]

Lingam (ɔbarima bɔbeasu ahoni) a Hindufo som. Siva (abawo nyame) no wɔ lingam biako mu, ne ti anan wɔ foforo ho

[Kratafa 108 mfonini]

Jainfo mmea nkokorafo a wɔde mukha-vastrika, ade a wɔde kata wɔn ano na mmoawa anhyɛn wɔn anom anwu akatakata wɔn ano

[Kratafa 115 mfonini]

Awɔsom a ɛwɔ Bengal titiriw. Manasa ne awɔ nyamewa

[Kratafa 118 mfonini]

Vishnu a ne yere Lakshmi ka ne ho da ɔwɔ Ananta a wabobɔw ne ho so, na Brahma a ɔwɔ ti anan no te nhwiren a epue fi Vishnu funuma mu no so