Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Islām—Ahobrɛase a Wɔde Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn

Islām—Ahobrɛase a Wɔde Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn

Ti 12

Islām—Ahobrɛase a Wɔde Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn

[Mfonini—Arabfo Nkyerɛwee]

1, 2. (a) Nsɛm bɛn na efi Qurʼān no ase? (b) Dɛn nti na ɛyɛ nsɛm titiriw ma Nkramofo? (d) Kasa bɛn mu na wodii kan kyerɛw Qurʼān no, na “Qurʼān” kyerɛ dɛn?

WƆ ALLAH, Ɔyamyefo, Mmɔborohunufo, no din mu.” Eyi yɛ atifi hɔ asɛm a efi Qurʼān mu a ɛwɔ Arabik kasa mu no nkyerɛase. Ɛtoa so sɛ: “Ayeyi nka Allah, Wiase Ahorow no Wura: Ɔyamyefo, Mmɔborohunufo: Atemmu Da Wura. Wo (nkutoo) na yɛsom wo; Wo (nkutoo) na yɛsrɛ wo mmoa. Kyerɛ yɛn ɔkwan a ɛteɛ no: Wɔn a wɔwɔ W’anim dom kwan no; Ɛnyɛ wɔn a Wo bo fuw wɔn anaasɛ wɔfom kwan no (kwan).”—Qurʼān, sura 1:1-7, MMP. *

2 Nsɛm yi na ɛka bom yɛ Al-Fātiḥah (“Mfiase”), Nkramofo nhoma kronkron, Qurʼān anaasɛ Koran Kronkron no ti anaasɛ sura a edi kan. Esiane sɛ wiase nnipa 6 biara mu bɛboro 1 yɛ Kramoni, na Nkramofo a wɔpɛ wɔn som yiye ka nsɛm yi boro pɛnkoro wɔ wɔn da biara mpaebɔ anum no biara mu nti, eyi abɛyɛ nsɛm a wotĩ mu ka sen biara wɔ asase so no bi.

3. Ɛhe na Islām atrɛw adu nnɛ?

3 Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, Nkramofo bɛboro ɔpepem 900 na wɔwɔ wiase, ma enti Roma Katolek Asɔre no nkutoo na emufo dɔɔso sen Islāmfo. Ebia Islām ne ɔsom kɛse a emufo dɔɔso ntɛmntɛm sen biara wɔ wiase, na Nkramosom retrɛw wɔ Afrika ne Atɔe fam aman mu.

4. (a) “Islām” kyerɛ dɛn? (b) “Muslim” (Kramoni) kyerɛ dɛn?

4 Edin Islām no kyerɛ biribi titiriw ma Kramoni, efisɛ ɛkyerɛ “ahobrɛase,” “ahofama,” anaa “bɔ” a wɔhyɛ Allāh, na sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, “ɛda wɔn a wɔatie Mohammed asɛnka no komam su adi.” “Muslim” (Kramoni) kyerɛ ‘obi a ɔyɛ Islām.’

5. (a) Dɛn na Nkramofo gye di wɔ Islām ho? (b) Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Bible ne Qurʼān mu?

5 Nkramofo gye di sɛ wɔn som no gyina adiyisɛm a wɔde maa tete Hebrifo ne Kristofo anokwafo no so. Nanso, wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible no nhyia wɔ nsɛm bi ho, ɛwom sɛ wɔka Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu nsɛm wɔ Qurʼān no mu de. * (( Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 285 no mu..) Sɛ yɛbɛte Nkramofo som ase yiye a, ɛho hia sɛ yehu sɛnea ɔsom yi fii ase, baabi a efii ase ne bere a efii ase.

Muḥammad Frɛ

6. (a) Na dɛn ne Arabfo som mu ade titiriw wɔ Muḥammad bere so? (b) Atetesɛm bɛn na na wɔka fa Kaʽbah ho?

6 Wɔwoo Muḥammad * wɔ Mecca (Arabik kasa, Makkah), Saudi Arabia, bɛyɛ 570 Y.B. Muḥammad papa a ne din de ʽAbd Allāh, wui ansa na wɔrewo no. Ne maame Āminah wui bere a na wadi bɛyɛ mfe asia no. Saa bere no na Arabfo de ɔsom bi ma Allāh wɔ Mecca bon mu wɔ kronkronbea Kaʽbah, ɔdan ahinanan bi a wɔsom ɔbo tuntum bi wom. Sɛnea Islām atetesɛm kyerɛ no, “Adam na ɔhwɛɛ ɔsoro Kaʽbah bi so dii kan sii Kaʽbah no, na Abraham ne Ishmael san sii wɔ Nsuyiri no akyi.” (History of the Arabs, a Philip K. Hitti kyerɛwee) Ɛbɛyɛɛ kronkronbea maa ahoni 360, biako ma afe no mu da biako biara.

7. Ɔsom mu nneyɛe bɛn na ɛhaw Muḥammad?

7 Bere a Muḥammad nyinii no, na n’ani nnye ne bere so ɔsom mu nneyɛe ho. John Noss ka wɔ ne nhoma Man’s Religions no mu sɛ: “Ɔsom ne nidi ho akasakasa a ɛkɔɔ so daa wɔ Quraysh ahemfo [na Muḥammad yɛ saa abusua no muni] mu no haw [Muḥammad]. Nea na n’ani nnye ho koraa ne Arabfo nyamesom mu tete nneɛma, abosom pii ne abo ne nnua ne ade a na wɔsom, nyamesom nhyiam ne guasodeyɛ ahorow ase ɔbrasɛe, asanom, kyakyatow, asaw a na aba so, ne mmeawa a wɔyɛ nkokoaa a wɔmpɛ wɔn a wosie wɔn animono wɔ Arabia nyinaa na ɛnyɛ Mecca nkutoo no.”—Sura 6:137.

8. Tebea bɛn mu na wɔfrɛɛ Muḥammad sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo?

8 Wɔfrɛɛ Muḥammad sɛ odiyifo bere a na wadi mfe 40. Ná ne nkutoo taa kɔ bepɔw bi a ɛbɛn mu ɔbodan a wɔfrɛ no Ghār Ḥirāʼ mu kɔdwennwene, na ɔkyerɛe sɛ saa mmere yi bi mu na wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo. Nkramofo atetesɛm kyerɛ sɛ bere a na ɔwɔ hɔ no, ɔbɔfo bi a akyiri yi wohui sɛ ɔne Gabriel hyɛɛ no sɛ ontĩ nsɛm mu nka wɔ Allāh din mu. Muḥammad anyɛ, enti ɔbɔfo no ‘kyeree no miaa no denneennen araa ma na ontumi nyɛ ne ho hwee bio.’ Ɔbɔfo no san tĩĩ ahyɛde no mu. Ɛno nso Muḥammad anyɛ, enti ɔbɔfo no san ‘tim ne menewa.’ Ɔyɛɛ eyi mprɛnsa ansa na Muḥammad fii ase kaa adiyi nsɛm ahorow a ɛbɛyɛɛ Qurʼān no fã a edi kan. Atetesɛm foforo kyerɛ sɛ wɔdaa saa ɔsoro adiyi no adi kyerɛɛ Muḥammad te sɛ ɛdɔn a ɛrebɔ.—The Book of Revelation a efi Ṣaḥīḥ Al-Bukhārī.

Woyii Qurʼān no Adi

9. Dɛn na wɔkyerɛ sɛ ɛne Muḥammad adiyisɛm a edi kan? (Fa toto Adiyisɛm 22:18, 19 ho.)

9 Dɛn na wɔka sɛ ɛne adiyi a edi kan a Mụhammad nsa kae? Islām mpanyimfo gye tom sɛ ɛne sura 96 no nkyekyem anum a edi kan a wɔato din Al-‘Alaq, “[Mogya] Tɔw,” na ɛkenkan sɛ:

“Wɔ Allah, Ɔyamyefo, Mmɔborohunufo, no din mu.

Kenkan: W’Awurade a ɔbɔɔ ade no din mu.

Ɔde mogya tɔw bɔɔ onipa.

Kenkan: Na w’Awurade ne Ɔyamyefo a Ɔsen Biara,

Nea ɔde kyerɛwdua kyerɛɛ ade,

Ɔkyerɛɛ onipa nea na onnim.”—MMP.

10-12. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so koraa Qurʼān no so?

10 Sɛnea Arabfo nhoma The Book of Revelation kyerɛ no, Muḥammad buae sɛ, “Minnim akenkan.” Enti na ɛsɛ sɛ ɔkyere adiyi nsɛm no gu ne tirim na ama watumi afi ne tirim aka mpɛn pii. Ná Arabfo tumi kyere nsɛm gu wɔn tirim yiye, na na Muḥammad nso tumi yɛ saa ara. Bere bɛn na egyei ansa na ne nsa reka Qurʼān no mu nsɛm nyinaa? Wogye di sɛ onyaa adiyi nsɛm no wɔ bɛyɛ mfe 20 kosi 23 mu, bɛyɛ 610 Y.B. mu kosi bere a owui wɔ 632 Y.B. mu.

11 Nkramofo nhoma ahorow kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ Muḥammad nsa ka adiyisɛm no mu biara a, na ɔka fi ne tirim kyerɛ wɔn a wɔbɛn no ntɛm ara. Eyinom nso kyere guu wɔn tirim tii mu kae na amma wɔn werɛ amfi. Esiane sɛ na Arabfo nnim sɛnea wɔyɛ krataa nti, Muḥammad maa akyerɛwfo kyerɛw adiyi nsɛm no guu tete nneɛma a na ɛwɔ hɔ saa bere, te sɛ yoma mmati nnompe, berɛw, nnua, ne mmoa nhoma so. Nanso, odiyifo no wu akyi ansa na Qurʼān no rebɛyɛ sɛnea ɛte mprempren, wɔ Muḥammad adedifo ne ayɔnkofo akwankyerɛ ase. Eyi sii wɔ caliph anaa Nkramofo akannifo baasa a wodi kan no ahenni mu.

12 Nsɛm asekyerɛfo Muhammad Pickthall kyerɛw sɛ: “Wɔkyerɛw Qurʼān mu sura no nyinaa ansa na Odiyifo no rewu, na na Nkramofo pii akyere Qurʼān no mu nsɛm nyinaa agu wɔn tirim. Nanso wɔkyekyɛɛ sura ahorow a wɔakyerɛw no maa nnipa no; na bere a ɔko bi mu . . . wokunkum wɔn a wɔakyere Qurʼān no mu nsɛm nyinaa agu wɔn tirim no mu pii no, wɔboaboaa Qur’an no nyinaa ano na wɔkyerɛw too hɔ.”

13. (a) Nhoma abiɛsa bɛn na wonya Islām nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ fi mu? (b) Islām mu nhomanimfo bi bu Qurʼān no a wɔbɛkyerɛ ase no dɛn?

13 Nhoma abiɛsa na ɛkyerɛ Islāmfo asetra kwan—Qurʼān, Ḥadīth, ne Sharīʽah. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 291 no mu.) Nkramofo gye di sɛ Qurʼān a ɛwɔ Arabik kasa mu no ne adiyisɛm a ɛyɛ kronn sen biara, efisɛ wɔka sɛ, ɛne kasa a Onyankopɔn nam Gabriel so kae. Sura 43:3 kyerɛ sɛ: “Yɛayɛ no Qurʼān wɔ Arabik kasa mu, na moatumi ate ase (na moasua nyansa).” (AYA) Enti, wobu nkyerɛase biara sɛ nea wɔafra mu a ɛnyɛ kronn bio. Nokwarem no, Islām nhomanimfo binom mpɛ sɛ wɔkyerɛ Qurʼān no ase. Sɛnea Ɔbenfo J. A. Williams a ɔkyerɛ Islām abakɔsɛm kyerɛ no, wɔn adwene ne sɛ, “ɛyɛ afatwa bere nyinaa sɛ wɔbɛkyerɛ ase,” ma enti “Nkramofo mpene so, na ɛtɔ da bi a, wosiw mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa foforo mu no ano.”

Islām Trɛw

14. Asɛm bɛn na ɛbɛyɛɛ bere titiriw wɔ Islām abakɔsɛm mfiase?

14 Muḥammad hyiaa akwanside pii bere a ɔrehyehyɛ ne som foforo no. Meccafo, n’ankasa kuromfo mpo poo no. Mfe 13 ɔtaa ne nitan akyi no, ɔde ne dwumadi no kɔɔ kusuu fam wɔ Yathrib a saa bere no wɔbɛfrɛɛ no al-Madīnah (Medina), odiyifo no kurow no. Saa otukɔ anaa hijrah wɔ 622 Y.B. mu yi yɛ bere titiriw wɔ Islām abakɔsɛm mu, na akyiri yi wɔfaa afe no sɛ Islām kalenda mfiase. *

15. Ɛyɛɛ dɛn na Mecca bɛyɛɛ Islām beae titiriw a wotu kwan kɔhwɛ hɔ?

15 Awiei koraa no, tumi bedii Muḥammad nsam bere a Meccafo de wɔn ho kɔhyɛɛ ne nsa January 630 Y.B. (8 A.H.) mu, na ɔbɛyɛɛ wɔn sodifo no. Bere a amammui ne nyamesom tumi bedii ne nsam no, otumi yiyii abosonsom mu ahoni no nyinaa fii Ka‛bah no mu, na ɔyɛɛ hɔ beae titiriw a wotu kwan kɔ Mecca kɔhwɛ de besi nnɛ.—Hwɛ nkratafa 289, 303.

16. Islām trɛw koduu he?

16 Mfe bi ntam wɔ Muḥammad wu akyi wɔ 632 Y.B. no, na Islām atrɛw akodu Afghanistan ne Tunisia mpo wɔ Afrika Kusuu fam. Ebeduu afeha a ɛto so awotwe mfiase no, ná Qurʼān som no adu Spain ne France ahye so. Sɛnea Ɔbenfo Ninian Smart kae wɔ ne nhoma Background to the Long Search mu no: “Nnipa fam no, nea Arabni diyifo a ɔtraa ase mfeha asia ne ason mu wɔ Kristo akyi tumi yɛe no yɛ nwonwa yiye. Nnipa fam no, ɔno na ɔde anibuei foforo bae. Nanso, Nkramofo bu no sɛ Onyankopɔn adwuma ne nea Allah atumi ayɛ.”

Muḥammad Wu De Mpaapaemu Ba

17. Ɔhaw kɛse bɛn na Islām hyiae wɔ Muḥammad wu mu?

17 Odiyifo no wu maa nsɛnnennen sɔree. Owui a na onni ɔbabarima ne ɔdedifo pɔtee a wɔapaw no. Sɛnea Philip Hitti ka no: “Enti [nea ɔbɛyɛ] ɔkannifo ne ɔhaw a akyɛ paa a Islam hyiae. Ɛda so ara yɛ asɛm a ɛto ntwae. . . . Sɛnea Kramoni abakɔsɛm kyerɛwfo al-Shahrastāni [1086-1153] ka no: ‘Asɛm biara mmaa Islam a ama wɔahwie mogya pii agu te sɛ Nkramofo panyin dibea (imāmah) no da.’” Ɔkwan bɛn na wɔfaa so dii ɔhaw no ho dwuma saa bere no wɔ 632 Y.B. mu? “Wɔpaw Abu-Bakr . . . sɛ onni Muḥammad ade (June 8, 632) denam aba bi a ahenkurow al-Madīnah mu akannifo tow bi no so.”—History of the Arabs.

18, 19. Asɛm bɛn na ɛde mpaapaemu ba Sunnī ne Shī‛ite Nkramofo ntam?

18 Ná nea obedi odiyifo no ade no bɛyɛ sodifo, khalīfah anaa caliph. Nanso, wɔn a na ɛsɛ sɛ wodi Muḥammad ade ankasa asɛm no de mpaapaemu baa Islām mu. Sunnī Nkramofo no gye tom sɛ wɔntow aba mpaw obi mmom sen sɛ wɔbɛpaw odiyifo no busuani bi. Enti wogye di sɛ na caliph baasa a wodi kan, Abū Bakr (Muḥammad yere papa), ‘Umar (odiyifo no fotufo) ne ‘Uthmān (odiyifo no babea kunu) ne wɔn a na wɔfata sɛ wodi Muḥammad ade.

19 Shīʽite Nkramofo a wɔka sɛ ɔkannifo no ankasa fi odiyifo no abusua mu denam ne wɔfa ba ne ne babea kunu ʽAlī ibn Abī Ṭālib, imām (ɔkannifo ne ɔdedifo), a odi kan a ɔwaree Muḥammad babea a ɔpɛ n’asɛm paa, Fāṭimah, no so nnye eyi ntom. Wɔn aware no ma wɔwoo Muḥammad mmanana Ḥasan ne Ḥusayn. Shīʽitefo no san kyerɛ sɛ “Allah ne Ne Diyifo no fi mfiase apaw ʽAli nkutoo pefee sɛ ɔdedifo a ɔfata nanso caliph baasa a wodi kan no sisii no gyee dibea a ɛyɛ ne de ankasa fii ne nsam.” (History of the Arabs) Nanso, Sunnī Nkramofo ne wɔn nyɛ adwene.

20. Dɛn na ɛtoo Muḥammad aseni ʽAlī?

20 Dɛn na ɛtoo ʽAlī? Wɔ ne tumidi sɛ caliph a ɔto so anan (656-661 Y.B.) mu no, ɔne Siria amrado Muʽāwiyah peree akanni ho. Wɔkoe, na afei sɛnea ɛbɛyɛ na wɔagyae Nkramofo kunkum no, wɔpenee so sɛ wɔbɛma afoforo asiesie wɔn ntam. Eyi a ʽAlī penee so no sɛee n’asɛm na n’akyidifo pii twee wɔn ho, a Khawārijfo (Atuatewfo) a wɔbɛyɛɛ n’atamfo kɛse no ka ho. Wɔ afe 661 Y.B. mu no, Khārijīni tirimɔdenfo bi de nkrante a bɔre wɔ ano kum ʽAlī. Ná akuw abien (Sunnīfo ne Shīʽahfo) no yɛ aka. Afei Islāmfo a wɔne Sunnīfo no paw ɔkannifo fii Umayyadfo, Mecca ahemfo adefo a na womfi odiyifo no abusua mu no mu.

21. Adwene bɛn na Shī‛itefo kura wɔ Muḥammad adedifo ho?

21 Shīʽahfo fam no, na ʽAlī abakan Ḥasan a na ɔyɛ odiyifo no banana no ne ɔdedifo no ankasa. Nanso, ogyaee adedi no na wokum no. Ne nuabarima Ḥusayn na ɔbɛyɛɛ imām foforo no, nanso Umayyad asraafo kum ɔno nso October 10, 680 Y.B. mu. Ne wu anaasɛ ne mogya dansefo wu, sɛnea Shīʽahfo bu no no, anya Shīʽat ʽAlī, ʽAlī kuw no so nkɛntɛnso kɛse abedu nnɛ. Wogye di sɛ na ʽAlī ne Muḥammad ɔdedifo ankasa ne “imām [ɔkannifo] a odi kan a Onyankopɔn bɔ ne ho ban wɔ mfomso ne bɔne ho.” Shīʽahfo buu ʽAlī ne n’adedifo no sɛ akyerɛkyerɛfo a wonni mfomso na wɔwɔ “ɔsoro akyɛde a ɛmma wontumi nyɛ bɔne.” Shīʽahfo dodow no ara gye di sɛ imāmfo ankasa 12 pɛ na wɔatra ase, na wɔn mu nea otwa to a ɔne Muḥammad al-Muntaẓar, tu yerae (878 Y.B.) “wɔ Nkramodan kɛse a ɛwɔ Sāmarra no ɔbodan no mu a wanwo da.” Enti “ɔbɛyɛɛ ‘imām (mustatir) a wahintaw’ anaasɛ ‘(muntaẓar) imām a wɔhwɛ no kwan.’ . . . Obepue bere a ɛsɛ mu sɛ Mahdi (nea wofi soro kyerɛ no kwan) de nokware Islam asan abesi hɔ, obedi wiase nyinaa so nkonim na ɔde bere tiaa mu mfirihyia apem ahenni bi aba ansa na nneɛma nyinaa aba awiei.”—History of the Arabs.

22. Ɔkwan bɛn so na Shī‛ahfo kae Ḥusayn mogya dansefo wu no?

22 Afe biara, Shīʽahfo kae Imam Ḥusayn mogya dansefo wu no. Wotu aperenten a wɔn mu binom de asekan ne mfoa twitwa wɔn ho, na wɔyɛ nneɛma foforo a ɛma wohu amane wom. Ɛnnɛ bere yi mu no, nnipa pii ate Shīʽite Nkramofo nka pii esiane wɔn nnamyɛ wɔ Islām ho nti. Nanso, wɔyɛ Nkramofo a wɔwɔ wiase nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 20 pɛ, wɔn mu dodow no ara yɛ Sunnī Nkramofo. Nanso afei, ma yɛnnan nkɔ Islām nkyerɛkyerɛ no bi so na yɛnhwɛ sɛnea Islām som ka Nkramofo da biara da abrabɔ.

Onyankopɔn na Ɔyɛ Opumpuni na Ɛnyɛ Yesu

23, 24. Muḥammad ne Nkramofo buu Yudasom ne Kristosom dɛn?

23 Wiase som atitiriw abiɛsa a egye Onyankopɔn biako pɛ di no ne Yudasom, Kristosom, ne Islām. Nanso eduu bere a Muḥammad bae wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so ason Y.B. mfiase no, na obu no sɛ ɔsom abien a edi kan no aman afi nokware kwan no so. Nokwarem no, sɛnea Islām ho nkyerɛkyerɛmufo bi ka no, Qurʼān no kyerɛ sɛ wɔapo Yudafo ne Kristofo bere a ɛka eyi no: “Ɛnyɛ wɔn a Wo bo fuw wɔn anaasɛ wɔn a wɔfom no (kwan).” (Sura 1:7, MMP) Dɛn nti na ɛte saa?

24 Qurʼān no ho nkyerɛkyerɛmu bi ka sɛ: “Nhoma no Nkurɔfo yɛɛ bɔne: Yudafo no buu wɔn Apam no so na wotwirii Maria ne Yesu . . . na Kristofo paw Ɔsomafo Yesu ma ɔne Nyankopɔn yɛɛ pɛ” denam Baasakoro nkyerɛkyerɛ no so.—Sura 4:153-176, AYA.

25. Nsɛm a edi nsɛ bɛn na yehu wɔ Qurʼān ne Bible no mu?

25 Ne tiaatwa mu ara ne sɛ Islām nkyerɛkyerɛ titiriw ne nea wɔfrɛ no shahādah, anaa gyidi mpaemuka a Kramoni biara akyere agu ne tirim no: “La ilāh illa Allāh; Muḥammad rasūl Allāh” (Onyame biara nni hɔ sɛ Allah; Muḥammad ne Allah somafo). Eyi ne Qurʼān mu asɛm a ɛne “Wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn biako; Onyankopɔn biara nni hɔ gye Ɔno, Ɔyamyefo, Mmɔborohunufo no.” (Sura 2:163, MMP) Na wɔaka asɛm yi dedaw akyerɛ Israelfo no ama adi mfe 2,000: “Israel tie, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro.” (Deuteronomium 6:4) Yesu san kaa mmara a ɛsen biara a wɔakyerɛw wɔ Marko 12:29 yi mu ho asɛm bɛyɛ mfe 600 ansa na wɔrewo Muḥammad, na Yesu anka wɔ baabiara da sɛ ɔne Nyankopɔn anaasɛ ɔne No yɛ pɛ.—Marko 13:32; Yohane 14:28; 1 Korintofo 15:28.

26. (a) Nkramofo bu Baasakoro no dɛn? (b) So Baasakoro no gyina Bible so?

26 Qurʼān no ka sɛnea Onyankopɔn da nsow no ho asɛm sɛ: “Enti gye Onyankopɔn ne N’asomafo no di. Nka ‘Baasakoro’: nka saa: ɛbɛyɛ papa ama wo: efisɛ Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn Biako.” (Sura 4:171, AYA) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ Baasakoro. Ɛyɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ a Kristoman awaefo de bae wɔ Kristo ne asomafo no wu akyi.—Hwɛ Ti 11. *

Ɔkra, Owusɔre, Paradise, ne Hellgya

27. Dɛn na Qurʼān no ka wɔ ɔkra ne owusɔre ho? (Fa toto Leviticus 24:17, 18; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 5:28, 29 ho.)

27 Islām kyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Qurʼān no se: “Allah gye (nnipa) akra wɔ wɔn wu mu, ne saa (ɔkra) a (ennya) nwui bere a ada no. Ɔkora saa (ɔkra) a Wahyɛ sɛ obewu no so.” (Sura 39:42, MMP) Bere koro no ara mu no, wɔde sura 75 nyinaa ka “Qiyāmat, anaa Owusɔre” (AYA), anaa “Awufo Sɔre” (MMP) ho asɛm. Ne fã bi se: “Mefrɛ Owusɔre Da no midi adanse . . . So onipa susuw sɛ yentumi mmoaboa ne nnompe ano? . . . Obisa sɛ: ‘Bere bɛn na Owusɔre Da no bɛba?’ So [Allāh] nni tumi a ɔde bɛma awufo anya nkwa?”—Sura 75:1, 3, 6, 40, AYA.

28. Dɛn na Qurʼān no ka wɔ hell ho? (Fa toto Hiob 14:13; Yeremia 19:5; 32:35; Asomafo no Nnwuma 2:25-27; Romafo 6:7, 23 ho.)

28 Sɛnea Qurʼān no kyerɛ no, ɔkra betumi anya anidaso a egu ahorow, ebetumi ayɛ ɔsoro paradise turo anaa asotwe wɔ hell a ogya redɛw wɔ hɔ. Sɛnea Qurʼān no ka no: “Wobisa sɛ: Atemmu Da no bɛba bere bɛn? (Ɛyɛ) da a wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ Ogya no mu, (na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ): Monka mo ayayade (a moyɛe) no nhwɛ.” (Sura 51:12-14, MMP) “Na wɔn [abɔnefo no] na wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ wiase asetra mu, na nokwarem no, Owu akyi asetra mu amanehunu no yɛ yaw kɛse, na wonnya ɔkamafo biara a ofi Allah nkyɛn.” (Sura 13:34, MMP) Wobisa sɛ: “Na dɛn na ɛbɛkyerɛkyerɛ nea eyi yɛ no mu akyerɛ wo? (Ɛyɛ) Ogya a ɛredɛw framfram!” (Sura 101:10, 11, AYA) Wɔkyerɛkyerɛ amanehunu yi mu kɔ akyiri sɛ: “Hwɛ! Wɔn a wonnye Yɛn adiyi nsɛm no nni no, Yɛde wɔn begu Ogya no mu. Dodow a wɔn honam hyew no, mpɛn dodow no ara na Yɛbɛma wɔn honam foforo na wɔatumi ate ayayade no nka. Hwɛ! Allah yɛ daa Otumfo, Onyansafo.” (Sura 4:56, MMP) Nkyerɛkyerɛmu foforo bi se: “Hwɛ! hell retetɛw . . . Wɔbɛtra hɔ mfe pii. Wonnya onwini na wɔnnom nsu (biara) gye nsu a ahuru ne awɔw a ɛma wɔyɛ sisirii.”—Sura 78:21, 23-25, MMP.

29. Fa Islām nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ne ne daakye ho toto Bible no de ho.

29 Nkramofo gye di sɛ owufo kra kɔ Barzakh anaa “Ntwamu,” “beae anaa tebea a nkurɔfo bɛkɔ mu wɔ owu akyi ansa na Atemmu aba.” (Sura 23:99, 100, AYA, ase hɔ asɛm) Ɔkra no te ase wɔ hɔ na sɛ onipa no yɛ ɔsɛmmɔnedifo a, onya nea wɔfrɛ no “Ɔboda mu Asotwe,” na sɛ ɔyɛɛ ɔnokwafo a, onya anigye. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ anokwafo nso ayayade bi esiane wɔn bɔne kakra a wɔyɛe bere a na wɔte ase no nti. Atemmu da no, obiara hyia nea ɛbɛyɛ ne daa hyɛbea a ɛde saa mfinimfini tebea no ba awiei. *

30. Sɛnea Qurʼān kyerɛ no, dɛn na wɔde ahyɛ atreneefo bɔ? (Fa toto Yesaia 65:17, 21-25; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:1-5 ho.)

30 Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔde ɔsoro paradise nturo hyɛ treneefo bɔ: “Na wɔn a wogye di na wɔyɛ nnwuma pa no, Yɛbɛma wɔakɔ Nturo a nsubɔnten sen fa ase mu na wɔatra hɔ daa.” (Sura 4:57, MMP) “Saa da no wɔn a wɔwɔ Paradise no bedwen wɔn anigye nkutoo ho. Wɔne wɔn yerenom bɛdeda nnua onwini ase wɔ mpa a ɛso yɛ fɔmm so.” (Sura 36:55, 56, NJD) “Ansa na eyi bɛba no Yɛkyerɛw wɔ Nnwom no mu, Nkrasɛm (a wɔde maa Mose) no akyi sɛ: ‘Me nkoa, atreneefo no benya asase no adi.’” Saa sura yi ase hɔ asɛm no twe ɔkenkanfo no adwene si Dwom 25:13 ne 37:11, 29, ne Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:5 no so. (Sura 21:105, AYA) Ɔyerenom ho asɛm a wɔka no ma yɛdan kɔ asɛmmisa foforo so afei.

Ɔyere Biako Anaasɛ Mmea Dodow Aware?

31. Dɛn na Qurʼān no ka wɔ mmea dodow aware ho? (Fa toto 1 Korintofo 7:2; 1 Timoteo 3:2, 12 ho.)

31 So mmea dodow aware yɛ ahyɛde wɔ Nkramofo mu? Ɛwom sɛ Qurʼān ma mmea dodow aware ho kwan de, nanso Nkramofo pii wɔ yere biako pɛ. Esiane akunafo pii a wɔkae wɔ akodi a wɔhweree nnipa pii wom no mu nti, Qurʼān maa mmea dodow aware ho kwan: “Na sɛ musuro sɛ morenhwɛ nyisaa no yiye a, monware mmea no mu nea woye ma mo, baanu anaa baasa anaa baanan; na sɛ musuro sɛ morentumi nhwɛ (pii saa) a, ɛnde monware biako (pɛ) anaasɛ (nnommum) a mo nsa nifa so wɔn mu no.” (Sura 4:3, MMP) Muḥammad nkwa nna mu nsɛm ho nhoma a Ibn-Hishām kyerɛwee no ka sɛ Muḥammad waree okunafo ɔdefo bi, Khadījah, a na wanyin sen Muḥammad mfe 15. Ɔbea no wu akyi no, ɔwaree mmea pii. Bere a owui no ogyaw akunafo baakron.

32. Dɛn ne mutʽah?

32 Wɔfrɛ Islām mu aware foforo bi sɛ mutʽah. Wɔkyerɛ ase sɛ “nhyehyɛe soronko bi a ɔbarima ne ɔbea yɛ denam pene a wɔpene so sɛ wɔbɛware bere tiaa bi, a wotua ti ade pɔtee bi te sɛ aware a ɛbɛtra hɔ daa nhyehyɛe no so.” (Islamuna, a Muṣṭafā al-Rāfiʽī kyerɛwee) Sunnīfo frɛ no aware a wɔde gye wɔn ani, na Shīʽahfo frɛ no aware a wogu no bere pɔtee bi mu. Nhoma koro no ara ka sɛ: “[Aware a ɛtete saa mu mma] nyɛ nguaman mma na wɔwɔ hokwan ahorow te sɛ aware a ɛbɛtra hɔ daa mu mma ara pɛ.” Ɛda adi sɛ na wɔware bere tiaa aware yi wɔ Muḥammad bere so, na ɔmaa ho kwan. Sunnīfo ka sɛ akyiri yi wɔbarae, na Imāmīfo a wɔne Shīʽite kuw a ɛso paa no gye di sɛ ɛda so ara wɔ hɔ. Nokwarem no, pii de wɔn ho hyem, titiriw bere a ɔbarima bi gyaw ne yere hɔ bere tenten bi no.

Islām ne Da Biara Asetra

33. Dɛn ne Islam mu nneɛma atitiriw ne gyidi nnyinaso atitiriw?

33 Nneɛma anaa asɛyɛde atitiriw anum ne gyidi atitiriw asia na ɛwɔ Islām mu. (Hwɛ nnaka a ɛwɔ nkratafa 296, 303 no mu.) Asɛyɛde ahorow no mu biako ne sɛ ɛsɛ sɛ Kramoni a ɔpɛ ne som yiye de n’ani kyerɛ Mecca mpɛn anum da biara bɔ mpae (ṣalāt). Sɛ edu Nkramofo homeda (Fida) a, mmarima no pia wɔn ho yuu kɔ Nkramodan mu kɔbɔ mpae bere a wɔte sɛ nea ogyina wɔn dan no so frɛ wɔn no. Nnansa yi wɔde nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so di dwuma wɔ Nkramodan pii mu sen sɛ wɔbɛma obi ateɛm afrɛ wɔn.

34. Dɛn ne Nkramodan, na wɔde di dwuma dɛn?

34 Nkramodan (Arab kasa, masjid) ne baabi a Nkramofo som, na Ɔhene Fahd Bin Abdul Aziz a ofi Saudi Arabia kae sɛ ɛyɛ “beae titiriw a wɔfrɛ Onyankopɔn.” Ɔkyerɛɛ nkramodan ase sɛ “beae a wɔbɔ mpae, sua ade, di mmara mu nsɛm, tu agyina, ka asɛm, de akwankyerɛ ma, sua nhoma na wɔyɛ ahosiesie. . . . Nkramodan yɛ beae titiriw ma Nkramofo.” Wohu mmeae a wɔsom wɔ hɔ yi wɔ wiase afanan nyinaa nnɛ. Nea agye din paa wɔ abakɔsɛm mu no biako ne Córdoba Mezquita (Nkramodan) a ɛwɔ Spain a na ɛso paa wɔ wiase wɔ mfehaha pii mu. Mprempren Katolekfo asɔredan bi si mfinimfini.

Ɛne Kristoman Ntam ne Mu Ntawntawdi

35. Tete no, na asɛm bɛn na ɛwɔ Islām ne Katoleksom ntam?

35 Efi afeha a ɛto so ason no, Islām trɛw kɔɔ atɔe fam koduu Afrika Kusuu fam, kɔfaa apuei fam koduu Pakistan, India, Bangladesh ne Indonesia. (Hwɛ nhoma yi mu asase mfonini a ɛwɔ nkratafa a edi kan mu.) Bere a ɛtrɛwee no, ɛne Katolek Asɔre a ɛpɛ akodi a ɛyɛɛ Mmeamudua Akodi ho nhyehyɛe na ama wɔagye Asase Kronkron no afi Nkramofo nsam no koe. Wɔ 1492 mu no, Spain Hemmaa Isabella ne Ɔhene Ferdinand wiee nkonim a Katolekfo san dii wɔ Spain so koraa no. Ná ɛsɛ sɛ Nkramofo ne Yudafo sakra yɛ Katolekfo, anyɛ saa a, wɔbɛpam wɔn afi Spain. Wɔ a na wɔwɔ wɔn ho wɔn ho koma wɔ Nkramofo nniso ase wɔ Spain no tu yerae wɔ Katolek Atirimɔden Asɛnni no mu. Nanso, Islām angu, asan agye din na atrɛw pii wɔ afeha 20 yi mu.

36. Bere a na Islām retrɛw no, na nsɛm bɛn na ɛrekɔ so wɔ Katolek Asɔre no mu?

36 Bere a na Islām retrɛw no, na Katolek Asɔre no rehyia ɔhaw na na ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma biakoyɛ atra asɔre no mu. Nanso na nneɛma abien a ebenya asɔre no so nkɛntɛnso kɛse rebɛba, na na ɛbɛsɛe saa asɔre no kɛseyɛ akɔ akyiri. Ná ɛyɛ nhomatintim afiri ne Bible no a ɛwɔ kasa a nnipa no ka mu. Yɛn asɛmti a edi hɔ no bɛka sɛnea saa nkɛntɛnso no ne afoforo maa Kristoman mu san paapaee ho asɛm.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 “Qurʼān” (a ɛkyerɛ “Nsɛm a wɔasua agu tirim ka”) ne sɛnea Nkramofo nhoma akyerɛwfo pɛ sɛ wɔkyerɛw no ne nea yɛde bedi dwuma wɔ nsɛm yi mu. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Arabik ne kasa a wodii kan de kyerɛw Qurʼān no, na enni Engiresi nkyerɛase a wogye tom wɔ mmaa nyinaa. Sɛ wɔfa mu asɛm ka a, akontaabude a edi kan no yɛ ti anaasɛ sura, na nea ɛto so abien no yɛ nkyekyem no.

^ nky. 5 Nkramofo gye di sɛ Bible no kura Onyankopɔn adiyisɛm nanso akyiri yi wɔde atosɛm kaa emu bi ho.

^ nky. 6 Wotumi kyerɛw odiyifo no din akwan horow so wɔ Engiresi kasa mu (Muhammed, Muḥammad, Mahomet). Nkramofo nhoma dodow no ara kyerɛw Muḥammad, na yɛde ɛno bedi dwuma. Turkeyfo Nkramofo kyerɛw no Muhammed.

^ nky. 14 Enti, wobu Nkramofo afe sɛ A.H. (Latin, Anno Hegirae, oguan afe) na ɛnyɛ A.D. (Anno Domini, Awurade afe) anaa Y.B. (Yɛn Bere mu).

^ nky. 26 Sɛ wopɛ Baasakoro ne Bible no ho nsɛm foforo a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no 1989 no mu.

^ nky. 29 Ɛdefa ɔkra ne hellgya ho asɛm ho no, fa Bible kyerɛw nsɛm yi toto ho: Genesis 2:7; Hesekiel 18:4; Asomafo no Nnwuma 3:23. Hwɛ Reasoning From the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintim no 1985 no nkratafa 168-75; 375-80.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

 [Kratafa 285 adaka]

Qur’ān ne Bible No

“Wayi Nhoma a nokware no wom no adi akyerɛ wo, de asi kyerɛw nsɛm a edii ɛno anim so dua; efisɛ Wayi Torah no ne Asɛmpa no adi dedaw na akyerɛ nnipa kwan, ne nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu nsonsonoe.”—Sura 3:2, NJD.

“Ɛkame ayɛ sɛ Koran mu abakɔsɛm biara wɔ nea ɛne no di nsɛ wɔ Bible mu . . . Adam, Noa, Abraham (wɔbɔ ne din bɛyɛ mpɛn aduɔson wɔ sūra aduonu anum mu na ne din da sūra 14 so), Ismael, Lot, Yosef (wɔde sūra 12 kae no), Mose (ne din pue wɔ sūra aduasa anan mu), Saul, Dawid, Salomo, Elia, Hiob ne Yona (ne din da sūra 10 so) ne wɔn a wɔka wɔn ho asɛm kɛse. Wɔka adebɔ ne Adam bɔne ho nsɛm mpɛn anum, nsuyiri no ho asɛm mpɛn awotwe ne Sodom ho asɛm mpɛn awotwe. Nokwarem no, nsɛdi pii wɔ Koran ne Pentateuch (Mose nhoma anum) no mu sen Bible no fã foforo biara. . . .

“Sakaria, Osuboni Yohane, Yesu (‘Īsa) ne Maria nkutoo ne Apam foforo no mu nnipa a wɔka wɔn ho asɛm kɛse. . . .

Sɛ wɔde Koran ne Bible mu nsɛm toto ho yɛ mu nhwehwɛmu a . . . ɛmfa emu nsɛm [nka tẽẽ].” *History of the Arabs.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 94 Nanso, hwɛ kratafa 300, nkyekyem 30, wɔ Surah 21:105.

[Kratafa 291 adaka]

Ɔkyerɛkyerɛ ne Akwankyerɛ Nhoma Abiɛsa No

Qurʼān Kronkron, wose ɔbɔfo Gabriel na oyii no adi kyerɛɛ Muḥammad no. Wobu nea Qurʼān no kyerɛ ne emu nsɛm a ɛwɔ Arabik kasa mu no sɛ efi honhom mu.

Ḥadīth anaa Sunnah, “Odiyifo no nneyɛe, nsɛm a ɔkae, ne nea ɔpenee so (taqrīr) komm . . . wɔde sii hɔ wɔ afeha a ɛto so abien [A.H.] no mu sɛ ḥadīth ahorow a wɔakyerɛw. Enti, ḥadīth yɛ Odiyifo no nneyɛe anaa nsɛm a ɔkae a wɔakyerɛw ato hɔ.” Wobetumi asan de akyerɛ Muḥammad “Ayɔnkofo anaa wɔn Adedifo” no mu biara nneyɛe ne nsɛm a ɔkae. Wɔ ḥadīth mu no, nea ɛkyerɛ nkutoo na wobu no sɛ efi honhom mu.—History of the Arabs.

Sharīʽah anaa asɔre mmara a egyina Qurʼān no mu nnyinasosɛm so kyerɛ Kramoni asetra nyinaa kwan wɔ ɔsom, amammui ne asetra mu. “Wɔakyekyɛ onipa nneyɛe nyinaa mu de agyina mmara anum so: (1) nea wobu no sɛ ɛyɛ obi asɛyɛde koraa (farḍ) [wɔma no akatua wɔ ne yɛ anaa asotwe wɔ yɛ a wanyɛ ho]; (2) nneyɛe a ɛfata nkamfo anaa nidi (mustaḥabb) [wɔma akatua wɔ ne yɛ ho nanso wɔmfa asotwe mma wɔ yɛ a wɔanyɛ ho]; (3) nneyɛe a wɔma kwan (jāʼiz, mubāḥ), mmara nka ho asɛm; (4) nneyɛe a ɛmfata (makrūh), wɔmpene so nanso wɔmfa asotwe mma wɔ ho; (5) nneyɛe a wɔabara (ḥarām), ne yɛ ma wɔde asotwe ma.”—History of the Arabs.

[Kratafa 296 adaka]

Gyidi Nnyinaso Atitiriw Asia

1. Onyankopɔn biako, Allāh, mu gyidi (Sura 23:116, 117)

2. Abɔfo mu gyidi (Sura 2:177)

3. Nyamesom nhoma ahorow: Torah, Nsɛmpa, Nnwom, Abraham, Nhoma Mmobɔwee, Qurʼān

4. Adiyifo pii mu gyidi nanso nkrasɛm biako. Adam ne odiyifo a odi kan. Afoforo nso ne Abraham, Mose, Yesu, ne “Adiyifo no Nsɔano,” Muḥammad (Sura 4:136; 33:40)

5. Da a etwa to: bere a wobenyan awufo nyinaa afi wɔn adamoa mu

6. Nkrabea mu gyidi, papa a ɛwom ne bɔne a ɛwom. Biribiara nsi a ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ too hɔ

[Kratafa 303 adaka]

Nkramosom Mu Nneɛma Atitiriw Anum

1. Tĩ gyidikasɛm (shahādah) mu ka sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Allah; Muḥammad ne Allah somafo” (Sura 33:40)

2. Mpae (ṣalāt) a wɔde wɔn ani kyerɛ Mecca bɔ mpɛn anum da biara (Sura 2:144)

3. Adɔeyɛ, (zakāh), asɛyɛde a obi wɔ sɛ ɔde nea onya ne bo a agyapade bi som fã bi bɛma (Sura 24:56)

4. Mmuadadi (ṣawm), titiriw wɔ ɔsram biako a wɔde di Ramaḍān afahyɛ no mu (Sura 2:183-185)

5. Ɔsom mu akwantu (ḥajj). Ɛsɛ sɛ Kramoni biara tu kwan kɔ Mecca pɛnkoro wɔ n’asetra mu. Ɔyare ne ohia nkutoo na wobetumi de ayi wɔn ho ano (Sura 3:97)

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 304, 305]

Bahāʼīsom—Ɛhwehwɛ Wiase Biakoyɛ

1 Bahāʼīsom no nyɛ Islāmsom no bi na mmom efi Bābīsom mu, Persia (nnɛyi Iran) kuw a wɔtew wɔn ho fii Shīʽite Islām ho wɔ 1844 mu no. Na Bābīfo no kannifo ne Mīrzā ʽAlī Moḥammad a ofi Shīrāz, a ɔkae sɛ ɔne Bāb (“Ɔpon no”) ne imām-mahdī (“ɔkannifo a wɔkyerɛ no kwan yiye”) a ɔyɛ Muḥammad aseni no. Persia atumfoɔ no kum no wɔ 1850 mu. Wɔ 1863 mu no, Mīrzā Ḥoseyn Alī Nūrī, Bābī kuw no mu otitiriw bi “kae sɛ ɔne ‘Nea Onyankopɔn beyi no adi akyerɛ no,’ nea Bāb hyɛɛ ne ho nkɔm no.” Ɔno nso faa din Bahāʼ Ullāh (“Onyankopɔn Anuonyam”) na ɔtew ɔsom foforo a ɛne Bahāʼīsom no.

2 Wotwaa Bahāʼ Ullāh asu fii Persia, na awiei koraa no, wɔde no too afiase wɔ Acco, (nnɛyi Acre, wɔ Israel). Ɛhɔ na ɔkyerɛw ne nhoma titiriw no al-Kitāb al-Aqdas (Nhoma Kronkron a Ɛsen Biara), na ɔmaa Bahāʼīsom nkyerɛkyerɛ yɛɛ nkyerɛkyerɛ pii. Bere a Bahāʼ Ullāh wui no, wɔmaa ne babarima ʽAbd ol-Bahāʼ yɛɛ ɔsom a ase retim no kannifo, na afei ne nanankanso Shoghi Effendi Rabbānī bedii ne ba no ade, na baguafo bi a wɔpaw wɔn a wɔfrɛ wɔn sɛ Amansan Atɛntrenee Fie no besii ɔno nso ananmu wɔ 1963 mu.

3 Bahāʼīfo gye di sɛ Onyankopɔn nam “Ɔsoro Adiyi Ahorow” so ayi ne ho adi akyerɛ nnipa a Abraham, Mose, Krishna, Zoroaster, Buddha, Yesu, Muḥammad, Bāb, ne Bahāʼ Ullāh ka ho. Wogye di sɛ wɔde asomafo yi mae sɛ wɔnkyerɛ adesamma kwan mfa nsakrae bere bi a ba a Bāb bae no fii adesamma bere foforo ase mu. Bahāʼīfo ka sɛ ɛde besi nnɛ no, n’asɛm no ne Onyankopɔn apɛde a wɔada no adi koraa, na ɛyɛ adwinnade titiriw a Onyankopɔn de ama a ɛbɛma wiase atumi ayɛ biako.—1 Timoteo 2:5, 6.

4 Bahāʼīfo nkyerɛkyerɛ titiriw biako ne sɛ “Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ wiase nyamesom akɛse no nyinaa, na abirabɔ nni wɔn nnyinasosɛm atitiriw mu koraa.” Wɔn “nkyerɛkyerɛ afã horow a ɛho nhia no nkutoo na ɛma ɛyɛ soronko.”—2 Korintofo 6:14-18; 1 Yohane 5:19, 20.

5 Bahāʼīfo gyidi no bi ne sɛ Onyankopɔn yɛ biako, ɔkra no nwu da, na adesamma fi adannandi mu (wɔ awo, honhom, ne asetra mu). Nanso, wɔpo adwene a nnipa dodow no ara kura wɔ abɔfo ho no. Afei nso wɔpo Baasakoro, Hindufo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ obi wu ma wɔsan wo no bio no, ne pɛyɛ a onipa hweree ne agyede a ɛno nti wɔnam Yesu Kristo mogya so de mae no.—Romafo 5:12; Mateo 20:28.

6 Nnipa nuayɛ ne yɛ a mmea ne mmarima yɛ pɛ no yɛ Bahāʼīfo gyidi atitiriw no bi. Bahāʼīfo ware ɔyere biako. Anyɛ yiye koraa no wɔbɔ mpae abiɛsa a Bahāʼ Ullāh kyerɛe no biako pɛnkoro da biara. Wodi mmuada fi bere a owia pue kosi bere a ɛkɔtɔ wɔ Bahāʼī ɔsram ʽAlā, a esi March mu no nnafua 19 no mu. (Asram 19 na ɛwɔ Bahāʼīfo kalenda so, na ebiara kura nnafua 19, a nnafua bi a wɔde ka ho ma ɛne afe no hyia ka ho.)

7 Bahāʼīsom no nni amanne pii, na enni asɔfo nso. Obiara a ɔka sɛ ogye Bahāʼ Ullāh di na wogye ne nkyerɛkyerɛ tom no betumi ayɛ muni. Wohyiam som wɔ Bahāʼī ɔsram biara da a edi kan.

8 Bahāʼīfo bu wɔn ho sɛ wɔn adwuma ne sɛ wobedi okyinnsoromma no so nkonim honhom mu. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa nkɔmmɔbɔ, nhwɛso, ɔman nnwuma a wɔde wɔn ho hyem, ne nsɛm ho dawurubɔ so atrɛw wɔn gyidi mu. Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wodi ɔman a wɔte mu no mmara so koraa, na ɛwom sɛ wɔtow aba de, nanso wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammui nsɛm mu. Baabi a ebetumi ayɛ yiye no, wɔpɛ asraafo nnwuma a ɛmma wɔnko, nanso wɔnyɛ wɔn a ahonim nti wɔpo sraadi.

9 Sɛ́ ɔsom a ɛyɛ asɛmpatrɛwfo adwuma no, Bahāʼī atrɛw ntɛmntɛm wɔ mfe kakra a atwam no mu. Bahāʼīfo bu akontaa sɛ wɔwɔ gyidifo bɛyɛ 5,000,000 wɔ wiase nyinaa, ɛwom sɛ mpanyimfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsom no mu ankasa bɛyɛ 2,300,000 de.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

1, 2. Ɛyɛɛ dɛn na Bahāʼīsom no bae?

3-7. (a) Bahāʼīfo gyidi ahorow no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɔkwan bɛn so na Bahāʼīfo gyidi horow yɛ soronko wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ho?

8, 9. Bahāʼīfo adwuma ne dɛn?

[Mfonini ]

Bahāʼī asɔredan wɔ wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea wɔ Haifa, Israel

[Kratafa 286 mfonini ahorow]

Nkramofo atetesɛm kyerɛ sɛ Muḥammad fi Dome of the Rock a ɛwɔ Yerusalem no mu ɔbotan yi so na ɔforo kɔɔ soro

[Kratafa 289 mfonini ahorow]

Nkramofo a wɔkɔ Mecca no nantew twa Kaʽbah no ho hyia mpɛn ason de wɔn nsa ka Ɔbo Tuntum anaa wofew ho, benkum so wɔ ase hɔ

[Kratafa 290 mfonini ahorow]

Arabik kasa na wɔhwehwɛ sɛ wɔde kenkan Qurʼān no

[Kratafa 298 mfonini ahorow]

Efi atifi fam wɔ benkum so kɔ nifa so: Dome of the Rock, Jerusalem; nkramodan a ɛwɔ Iran, South Africa, ne Turkey

[Kratafa 303 mfonini ahorow]

Bere bi na Córdoba Mezquita no ne nkramodan a ɛso paa wɔ wiase, (Katolekfo asɔredan kɛse bi si mfinimfini mprempren)