Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristosom—So na Yesu ne Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No?

Kristosom—So na Yesu ne Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No?

Ti 10

Kristosom—So na Yesu ne Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No?

Ɛde besi ha no, sɛ yɛde ti a ɛka Yudasom ho asɛm no to nkyɛn a, yɛasusuw ɔsom akɛse a egyina anansesɛm so titiriw no ho. Afei yɛbɛhwehwɛ ɔsom foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛma adesamma bɛn Onyankopɔn kɛse—Kristosom—no mu. Dɛn so na Kristosom gyina—atetesɛm anaasɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm?

1. (a) Dɛn nti na Kristoman abakɔsɛm mma ebinom nnye Kristosom ntom koraa? (b) Nsonsonoe bɛn na yehu sɛ ɛwɔ Kristoman ne Kristosom ntam?

KRISTOMAN * abakɔsɛm ne emu akodi, atirimɔden asɛnni, ɛne Nkramofo ntam akodi ne ɔsom mu nyaatwomyɛ no mmoaa Kristosom. Nkramofo a wɔpɛ wɔn som ne afoforo kyerɛ sɛ Atɔe fam, “Kristofo” aman mu ɔbrasɛe ne ɔporɔw na ama wɔpo Kristosom. Nokwarem no, saa Kristofo aman no bra asɛe na gyidi a wonni, adifudepɛ ne ahopɛ ama wɔagu asu.

2, 3. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛda tete Kristofo abrabɔ ne Kristoman a ɛwɔ hɔ nnɛ no mufo de ntam? (b) Nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ wobua no bi ne nea ɛwɔ he?

2 Ɔbenfo Elaine Pagels di nea ɛkyerɛ sɛ Kristosom a edi kan no gyinapɛn ahorow yɛ soronko wɔ nnɛyi abrabɔ a ɛma obiara yɛ nea ɔpɛ no ho adanse wɔ ne nhoma Adam, Eve and the Serpent no mu sɛ: “Mfeha anan a edi kan no mu Kristofo pii ani gyee ɔbarima ne ɔbea nna ho ahosodi a na wɔwɔ no ho; wɔkwatii ɔyere dodow aware, ne mpɛn pii awaregyae a Yudafo amanne maa hokwan no nso; wɔpoee sɛ wobefi wɔn ahokafo akyi, ade a na wɔn bere so abosonsomfo pene so, nneyɛe a na tuutuusi ne nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna ka ho.”

3 Enti, ɛfata sɛ yebisa sɛ, So Kristoman abakɔsɛm ne ne nnɛyi abrabɔ kyerɛ sɛnea Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ te ankasa? Ná Yesu yɛ onipa bɛn? So ɔboa ma adesamma bɛn Onyankopɔn kɛse? Ɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ mu no? Eyi ne nsɛmmisa a yebesusuw ho wɔ ti yi mu no bi.

Yesu—Na Dɛn Na Edi Ne Ho Adanse?

4. Wɔ yɛn adesua no mu no, nsonsonoe a ɛda adi pefee bɛn na yɛahu wɔ Kristosom ne ne fibea, ne wiase nyamesom akɛse no ntam?

4 Yɛahu ade titiriw a atetesɛm ayɛ wɔ wiase nyamesom akɛse no dodow no ara mu wɔ atiri a edi kan no mu. Nanso bere a yɛde yɛn adwene kɔɔ Yudasom mfiase wɔ ti a edi eyi anim so no, yɛde Abraham ne n’agyanom ne n’asefo ho abakɔsɛm ankasa na efii ase na ɛnyɛ atetesɛm. Saa ara nso na yɛde abakɔsɛm mu nipa ne nea ɔde Kristosom bae, Yesu, na efii Kristosom ho asɛm ase, na ɛnyɛ atetesɛm.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 237 no mu.

5. (a) Adanse abiɛsa bɛn na Yesu wɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔne Abraham ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no? (b) Henanom na wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no?

5 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Foforo (hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 241) no nkyekyem a edi kan ka sɛ: “Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba [abakɔsɛm nhoma, NW].” (Mateo 1:1) So ɛyɛ nsɛnhunu bi na Mateo a anka ɔyɛ Yudani towgyeni, ne Yesu suani saa bere no ne ne nkwa nna mu nsɛnkyerɛwfo no kae? Dabida. Nkyekyem 15 a edidi so no bobɔ Abraham asefo din de besi Yakob, a ‘ɔwoo Yosef a ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no kunu no’ so. Enti na Yesu yɛ Abraham, Yuda ne Dawid aseni ankasa ma enti na ɔwɔ ‘aseni’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm wɔ Genesis 3:15 ne sɛ ɔbɛyɛ Abraham aseni no ho adanse abiɛsa.—Genesis 22:18; 49:10; 1 Beresosɛm 17:11.

6, 7. Dɛn nti na beae a wɔwoo Yesu no ho hia?

6 Aseni a ɔyɛ Mesia no ho adanse foforo bɛyɛ beae a na wɔbɛwo no. Wɔwoo Yesu wɔ he? Mateo ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so.” (Mateo 2:1) Oduruyɛfo Luka kyerɛwtohɔ no si saa nokwasɛm no so dua, na ɛka nea ɔbɛhwɛ Yesu daakye sɛ agya ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne abusua mu, kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a ɔyem no din.”—Luka 2:4, 5.

7 Dɛn nti na na ɛho hia sɛ wɔwo Yesu wɔ Betlehem na ɛnyɛ Nasaret anaa kurow foforo biara mu? Esiane nkɔm bi a Hebrini diyifo Mika hyɛe wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no nti: “Na wo, Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata, wo a wusua sɛ wobɛfra Yuda mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; na n’adifi fi tete nteredee, fi daa a enni ase nna mu.” (Mika 5:2) Enti esiane beae a wɔwoo Yesu nti, na ɔwɔ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔne Aseni ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no.—Yohane 7:42.

8. Nkɔmhyɛ ahorow a Yesu ma enyaa mmamu no bi ne nea ɛwɔ he?

8 Nokwarem no, Yesu maa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ foforo pii nyaa mmamu, ma enti ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no nyinaa. Wubetumi ahwɛ eyi bi wɔ Bible no mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 245 no mu.) * Nanso afei ma yɛnhwehwɛ Yesu nsɛm ne ne som adwuma no mu kakra.

Yesu Asetra Kyerɛ Ɔkwan No

9. (a) Yesu fii ne baguam som adwuma no ase dɛn? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu sɔ Onyankopɔn ani?

9 Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔtetee Yesu te sɛ ne bere so Yudani abofra biara, na ɔkɔ ne kurom hyiadan mu ne Yerusalem asɔrefie. (Luka 2:41-52) Bere a odii mfe 30 no, ofii ne baguam ɔsom adwuma ase. Odii kan kɔɔ ne maame nua ba Yohane a na ɔrebɔ Yudafo asu sɛ wɔn adwensakra ho sɛnkyerɛnne wɔ asubɔnten Yordan mu no nkyɛn. Luka kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei, na honhom kronkron sianee ɔhonam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.”—Luka 3:21-23; Yohane 1:32-34.

10, 11. (a) Akwan a Yesu faa so kaa asɛm na ɔkyerɛkyerɛe no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ n’Agya din ho hia?

10 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Yesu fii ne som adwuma ase sɛ Onyankopɔn Ba a wɔasra no. Okyinkyinii Galilea ne Yudea nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm yɛɛ anwonwade ahorow, te sɛ ayarefo a ɔsaa wɔn yare. Wannye akatua biara na wanhwehwɛ ahonyade anyɛ ne ho kokuroo. Nokwarem no, ɔkae sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye. Afei nso, ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔka asɛm no.—Mateo 8:20; 10:7-13; Asomafo no Nnwuma 20:35.

11 Sɛ yɛhwehwɛ Yesu asɛm no ne akwan a ɔfaa so kaa no mu a, yehu sɛ nsonsonoe wɔ sɛnea ɔyɛɛ no ne sɛnea Kristoman asɛnkafo pii yɛ no ntam pefee. Wamfa nsɛm a ɛkanyan nkate kɛkɛ anaa hellgya ho hu annaadaa nnipadɔm no. Mmom no, Yesu de da biara da asetra mu nsɛm a ntease wom ne mmebu anaasɛ mfatoho a asete nyɛ den na ɛkanyan nnipa no koma ne wɔn adwene. Ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no yɛ ne nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe ho nhwɛso titiriw. Yesu mpaebɔ nhwɛso a ɔkyerɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ Kristoni ma ɛho hia no titiriw pefee wom denam Onyankopɔn din a ɔbɛtew ho a ɔde dii kan so no ka saa asɛnka no ho. (Hwɛ adaka a ɛwɔ nkratafa 258-9 no mu.)—Mateo 5:1–7:29; 13:3-53; Luka 6:17-49.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yii ɔdɔ adi kyerɛe wɔ ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe mu? (b) Sɛ nkurɔfo de Kristofo dɔ bɔ wɔn bra ampa a, anka wiase no bɛyɛ soronko dɛn?

12 Yesu daa ɔdɔ ne ayamhyehye adi wɔ sɛnea ɔne n’akyidifo ne ɔmanfo nyinaa dii no mu. (Marko 6:30-34) N’ankasa nso daa ɔdɔ ne ahobrɛase adi bere a na ɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Enti otumi ka kyerɛɛ n’asuafo no bere a aka bere tiaa bi ma wawu no sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Enti, Kristosom a obi de tra ase ankasa no ma ɔda ɔdɔ a ɛma ɔde ne ho bɔ afɔre a egyina nnyinasosɛm so adi. (Mateo 22:37-40) Eyi a Kristoni de di dwuma kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ n’atamfo, ɛwom mpo sɛ ebia ɔbɛtan wɔn nnwuma bɔne no de. (Luka 6:27-31) Susuw ɛno ho kakra. Sɛ obiara da saa ɔdɔ no adi ampa a, hwɛ sɛnea wiase yi bɛyɛ soronko afa!—Romafo 12:17-21; 13:8-10.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yesu nkyerɛkyerɛ wɔ Konfusio, Lao–tzu, ne Buddha de ho?

13 Nanso, nea Yesu kyerɛkyerɛe no nyɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm anaasɛ nyansapɛ kɛkɛ, te sɛ nea Konfusio ne Lao–tzu kyerɛkyerɛe no. Afei nso, Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ obi nam nimdeɛ ne pɛyɛ kwan so betumi ayɛ n’ankasa nkwagye ho adwuma te sɛ nea Buddha kyerɛkyerɛe no. Mmom no, ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn ne nkwagye fibea bere a ɔkaa eyi no: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.”—Yohane 3:16, 17.

14. Dɛn nti na Yesu tumi kae sɛ, “Mene kwan ne nokware ne nkwa”?

14 Yesu nam N’agya dɔ a ɔdaa no adi wɔ nsɛm a n’ankasa kae mu ne ne nneyɛe so twee nkurɔfo bɛn Onyankopɔn kɛse. Ɛno ne ade biako nti a otumi kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. . . . Nea wahu me no ahu agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn agya no? Wunnye nni sɛ mewɔ agya no mu, na agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no. . . . Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Mekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:6-28) Yiw na Yesu ne “kwan ne nokware ne nkwa” efisɛ na ɔde saa Yudafo no resan akɔ N’agya, wɔn nokware Nyankopɔn, Yehowa, no nkyɛn. Enti Yesu hyɛɛ hwehwɛ a adesamma hwehwɛ Onyankopɔn no mu den efisɛ na Onyankopɔn nam ne dɔ a ɛkyɛn so no so asoma Yesu aba asase so sɛ hann ne nokware fibea a ɔde nnipa bɛkɔ Agya no nkyɛn.—Yohane 1:9-14; 6:44; 8:31, 32.

15. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛahu Onyankopɔn? (b) Onyankopɔn dɔ ho adanse bɛn na ɛwɔ asase so ha?

15 Yesu ɔsom adwuma ne ne nhwɛso nti, ɔsɛmpatrɛwfo Paulo tumi ka kyerɛɛ Helafo a wɔwɔ Atene no akyiri yi sɛ: “Na [Onyankopɔn maa] nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn, NW] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Asomafo no Nnwuma 17:26-28) Yiw, sɛ obi pɛ sɛ ɔde mmɔdenbɔ hwehwɛ Onyankopɔn a, obetumi ahu no. (Mateo 7:7, 8) Onyankopɔn ada ne ho ne ne dɔ adi akyerɛ efisɛ ɔde asase a abɔde a nkwa wom bebree te so ama. Ɔde nea adesamma hia nyinaa ma wɔn, sɛ ebia wɔyɛ atreneefo anaa amumɔyɛfo no. Ɔde N’asɛm a wakyerɛw, Bible, no nso ama adesamma na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ ogye afɔre. * Bio nso, Onyankopɔn de mmoa a nnipa hia na ama wɔahu N’akyi kwan no ama.—Mateo 5:43-45; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17; Romafo 3:23-26.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔda Kristofo nokware dɔ adi?

16 Nokwarem no, ɛnyɛ nsɛm nko na ɛsɛ sɛ Kristoni de da ne dɔ adi kyerɛ na mmom nea ehia titiriw no, ne nneyɛe. Eyi nti na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:4-8.

17 Yesu nso kyerɛe pefee sɛ ɛho hia sɛ yɛbɔ ɔsoro Ahenni—Onyankopɔn nniso a ebedi adesamma ahobrɛasefo so no ho dawuru.—Mateo 10:7; Marko 13:10.

Kristoni Biara Yɛ Ɔsɛmpakafo

18. (a) Dɛn na Yesu sii so dua wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu? (b) Asɛyɛde bɛn na Kristoni biara wɔ? (d) Ɔkwan bɛn so na Yesu siesiee n’asuafo maa wɔn som adwuma, na asɛm bɛn na na wɔbɛka?

18 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, osii so dua kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔn nsɛm ne wɔn nneyɛe bɛma wɔahyerɛn ama afoforo. Ɔka sɛ: “Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:14-16) Yesu tetee n’asuafo no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛnea wɔbɛka asɛm no na wɔakyerɛkyerɛ wɔ wɔn akwantu mu sɛ asomfo akwantufo. Ná asɛm bɛn na wɔbɛka? Nea Yesu ankasa kae no, Onyankopɔn Ahenni a ebedi asase so trenee mu no. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu bere bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43; 8:1; 10:1-12) Ɔsan kae sɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛhyɛ nna a edi akyiri no agyirae no fã bi ne sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:3-14.

19, 20. (a) Dɛn nti na nokware Kristosom yɛ ɔsom a ɛde nnamyɛ ka asɛm bere nyinaa? (b) Nsɛmmisa atitiriw bɛn na afei ehia sɛ yebua?

19 Ansa na Yesu a wɔanyan no no reforo akɔ soro koraa wɔ afe 33 Y.B. mu no, ɔmaa n’asuafo no ahyɛde sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:18-20) Eyi ne ade biako nti a efi Kristosom mfiase pɛɛ no ayɛ ɔsom a ɛde nnamyɛ hwehwɛ asuafo a ɛmaa saa bere no mu Helafo ne Romafo som a egyina atetesɛm so mufo bu fuwii na wɔtwee ninkunu no. Ɔtaa a Paulo hyiae wɔ Efeso no kyerɛkyerɛ saa nokwasɛm no mu pefee.—Asomafo no Nnwuma 19:23-41.

20 Afei nsɛmmisa no ne sɛ, Nsɛm bɛn na Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no kae wɔ awufo ho? Awufo anidaso ho asɛm bɛn na Kristo kae? So na ɔregye wɔn a wogye no di no “akra a enwu da” no nkwa afi “hellgya” mu? Anaasɛ dɛn?—Mateo 4:17.

Daa Nkwa Anidaso

21, 22. (a) Yesu de Lasaro a na wawu no tebea totoo dɛn ho, na dɛn ntia? (b) Ná anidaso bɛn na Marta wɔ ma ne nuabarima a wawu no?

21 Ebia yebetumi ahu anidaso a Yesu kaa ho asɛm no pefee paa afi nea ɔkae na ɔyɛe bere a n’adamfo Lasaro wui no mu. Yesu buu owu yi dɛn? Bere a Yesu rebesim akɔ Lasaro fie no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.” (Yohane 11:11) Yesu de Lasaro wu no totoo nna ho. Sɛ yɛda hatee a, yennim biribiara, na ɛne Hebri asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 9:5 no hyia: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.”

22 Ɛwom sɛ na Lasaro awu nnanan de, nanso yehu sɛ Yesu anka asɛm biara a ɛkyerɛ sɛ Lasaro kra wɔ soro, hellgya mu anaasɛ ahodwiragya mu! Bere a Yesu duu Betania na Marta, Lasaro nuabea, behyiaa no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsɔre bio.” Ɔkaa dɛn? So ɔkae sɛ ɔwɔ soro dedaw? Marta kae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” Ɛno kyerɛ pefee sɛ na Yudafo anidaso wɔ saa bere no mu ne owusɔre, nkwa mu a wɔbɛsan aba wɔ asase so ha.—Yohane 11:23, 24, 38, 39.

23. Anwonwade bɛn na Yesu yɛe, na tumi bɛn na enyae wɔ wɔn a wohui no so?

23 Yesu buae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?” (Yohane 11:25, 26) Nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛ sɛ nea ɔkae no yɛ nokware no, ɔkɔɔ ɔboda a wɔde Lasaro atom no ano frɛɛ no ma ɔbaa nkwa mu wɔ ne nuabeanom Maria ne Marta ne wɔn afipamfo anim. Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii. . . . Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii da mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.” (Yohane 11:45; 12:17) Wɔn ankasa huu anwonwade no, wogye dii na wodii adanse sɛ esii ampa. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu ɔsom mu asɔretiafo no nso gyee nea esii no dii efisɛ kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ asɔfo mpanyin no ne Farisifo no tuu agyina sɛ wobekum Yesu “efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.”—Yohane 11:30-53.

24. (a) Ná ɛhe na Lasaro wɔ nnanan no? (b) Dɛn na Bible no ka wɔ nkwa a owu nnim ho?

24 Ɛhe na Lasaro kɔe wɔ nnanan a na wawu no mu? Wankɔ baabiara. Ná onnim hwee, ná wada wɔ ɔboda no mu retwɛn owusɔre. Yesu hyiraa no denam anwonwakwan a ɔnam so nyan no fii awufo mu no so. Nanso sɛnea Yohane kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Lasaro anka asɛm biara a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔɔ soro, hellgya anaasɛ ahodwiragya mu wɔ saa nnanan no mu. Dɛn ntia? Ne tiaatwa mu ara ne sɛ na onni ɔkra a enwu da a ebetumi akɔ saa mmeae no. *Hiob 36:14; Hesekiel 18:4.

25. (a) Sɛ Bible no ka daa nkwa ho asɛm a, na ɛkyerɛ dɛn? (b) Onyankopɔn Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no ba gyina dɛn so?

25 Enti, bere a Yesu kaa daa nkwa ho asɛm no, na ɔkyerɛ nkwa a ɛte saa wɔ soro sɛ honhom a enwu a ɔne no bedi ade wɔ n’Ahenni mu, anaasɛ na ɔkyerɛ daa nkwa a obenya sɛ onipa wɔ paradise asase so wɔ saa Ahenni no nniso ase. * (Luka 23:43; Yohane 17:3) Sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ kyerɛ no, tra a ɔne adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra asase so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no de nhyira pii bɛba asase so. Nanso, eyi nyinaa gyina sɛ ebia Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu, na n’ani sɔ no ampa anaasɛ ɛnte saa no so.—Luka 22:28-30; Tito 1:1, 2; Adiyisɛm 21:1-4.

Onyankopɔn Anim Dom—Ɛyɛ Nokwasɛm na Ɛnyɛ Atetesɛm

26. Anwonwade bɛn na esii wɔ asuafo Petro, Yakobo ne Yohane anim?

26 Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu wɔ Onyankopɔn anim dom? Nea edi kan no, bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, wɔtee sɛ ɛnne bi fi soro ka sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Akyiri yi wosii N’anim dom a na ɔwɔ yi so dua wɔ adansefo foforo anim. Asuafo Petro, Yakobo ne Yohane a wofi Galilea a anka wɔyɛ apofofo no ne Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi (ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Hermon Bepɔw a ne sorokɔ yɛ mita 9,232 no) so. Ɛhɔ na anwonwade bi sii wɔ wɔn anim: “Na [Yesu sakrae] wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae. . . . Hwɛ, omununkum bi a ɛharan bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no! Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.”—Mateo 17:1-6; Luka 9:28-36.

27. (a) Nkɛntɛnso bɛn na ahosakra no nyae wɔ asuafo no so? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu nyɛ anansesɛm mu nipa?

27 Adanse a Onyankopɔn de mae a Petro tee na ohui yi hyɛɛ ne gyidi den yiye, efisɛ ɔkyerɛw akyiri yi sɛ: “Na ɛnyɛ anansesɛm [Hela myʹthois] a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.” (2 Petro 1:16-18) Yudafo asuafo a wɔne Petro, Yakobo ne Yohane huu anwonwade a ɛne Yesu ahosakra no ankasa, na wɔtee Onyankopɔn nne a ɛkyerɛ sɛ n’ani sɔ no no fii soro. Ná wɔn gyidi gyina nokwasɛm a ɛne sɛ wohui na wɔtee no so, na ennyina anansesɛm anaasɛ “Yudafo ayɛsɛm” so. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 237 no mu.)—Mateo 17:9; Tito 1:13, 14. *

Yesu Wu ne Anwonwade Foforo

28. Ɔkwan bɛn so na wotwaa atoro too Yesu so wɔ afe 33 Y.B. mu?

28 Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yudafo nyamesom mpanyimfo no kyeree Yesu dii n’asɛm, na wotwaa atoro too no so sɛ ɔka abususɛm efisɛ ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn Ba. (Mateo 26:3, 4, 59-67) Esiane sɛ na ɛda adi sɛ saa Yudafo no pɛ sɛ Romafo atumfo no kum no nti, wɔde no kɔmaa Pilato, na wɔsan twaa atoro too no so sɛ afei de wabara tow a wotua ma Kaesare na ɔka sɛ n’ankasa yɛ ɔhene.—Marko 12:14-17; Luka 23:1-11; Yohane 18:28-31.

29. Ɔkwan bɛn so na Yesu wui?

29 Bere a wɔde Yesu adi atumfoɔ hɔ akɔneaba akyi no, Roma amrado Pontio Pilato tiee basabasayɛfo dɔm a nyamesom akanyan wɔn maa ogyaee nsɛm mu buu Yesu kumfɔ. Esiane eyi nti, Yesu wuu animguase mu wɔ dua ho, na wɔde n’amu kɔtoo ɔboda mu. Nanso nnansa ntam no, asɛm bi sii a ɛmaa Yesu asuafo a na wɔn werɛ ahow no bɛyɛɛ gyidifo a wɔwɔ anigye ne asɛmpakafo a wɔyɛ nnam.—Yohane 19:16-22; Galatifo 3:13.

30. Nhyehyɛe bɛn na nyamesom akannifo no yɛe sɛ wɔde besiw nea wose ɛyɛ nnaadaasɛm ano?

30 Nyamesom akannifo a na wosusuw sɛ Yesu asuafo no bɛdaadaa nkurɔfo no de adesrɛde kɔtoo Pilato anim sɛ: “Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa na menyan. Enti hyɛ ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no na asuafo no ammewia no anadwo, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no. Pilato see wɔn sɛ: Munnye awɛmfo nkɔ nkɔwɛn sɛnea mubetumi. Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no.” (Mateo 27:62-66) Wotumi wɛn no yiye dɛn?

31. Bere a mmea anokwafo kɔɔ Yesu ɔboda no ho no, dɛn na esii?

31 Nnansa wɔ Yesu wu akyi no, mmea baasa kɔɔ ɔboda no so sɛ wɔde aduhuam rekɔsrasra amu no. Dɛn na wohui? “Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema wɔbaa ɔda no so, na owia apue. Na wosisee wɔn ho sɛ: Hena na obepirew ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn? Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo no apirew, na ɛso kokuroo. Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw. Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ nea wɔde no toe! Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafo ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.” (Marko 16:1-7; Luka 24:1-12) Wɔ nyamesom akannifo no wɛn soronko no nyinaa akyi no, Yesu Agya anyan no. So ɛyɛ anansesɛm anaasɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm?

32. Ntease ahorow a emu yɛ den bɛn nti na Paulo gye dii sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu?

32 Bɛyɛ mfe 22 wɔ bere a asɛm yi sii akyi no, Paulo, obi a na anka ɔtaa Kristofo kyerɛw nea ɛyɛe a ogye dii sɛ Kristo anyan afi awufo mu no, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa huu no ansa na dumien no huu no. Ɛno akyi na ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda. Ɛno akyi ɔmaa Yakobo huu no ansa na asomafo no nyinaa huu no.” (1 Korintofo 15:3-7) Yiw, na Paulo wɔ nokwasɛm a ogyinaa so de ne nkwa too asiane mu maa Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no, na na adansefo bɛyɛ 500 a wɔde wɔn ani huu Yesu a wɔanyan no no ankasa adanse ka ho! (Romafo 1:1-4) Ná Paulo nim sɛ wɔanyan Yesu, na na ɔwɔ ntease a emu yɛ den sen saa mpo a enti ɔkaa saa, sɛnea ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu no: “Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.”—1 Korintofo 15:8, 9; Asomafo no Nnwuma 9:1-19.

33. Dɛn nti na na tete Kristofo no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ mogya adansefo wɔ wɔn gyidi ho?

33 Ná tete Kristofo no wɔ ɔpɛ sɛ wobewuwu sɛ mogya adansefo wɔ Romafo agumadibea. Dɛn ntia? Efisɛ na wonim sɛ wɔn gyidi gyina abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow so, na ɛnyɛ atetesɛm so. Na ɛyɛ nokware sɛ Yesu ne Kristo anaasɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ nkɔmhyɛ mu no, ne sɛ Onyankopɔn somaa no baa asase so, onyaa Onyankopɔn anim dom, owui wɔ dua ho sɛ Onyankopɔn Ba a okuraa ne mudi mu, na wɔanyan no afi awufo mu.—1 Petro 1:3, 4.

34. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, dɛn nti na Yesu wusɔre no ho hia kɛse wɔ Kristosom mu?

34 Yɛkamfo kyerɛ sɛ kenkan Paulo nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no ti 15 no nyinaa, na woate nea na Paulo gye di wɔ owusɔre no ho, ne nea enti a ɛho hia wɔ Kristosom mu no ase. Wɔada n’asɛm no mu asɛntitiriw yi adi wɔ asɛm yi mu: “Nanso afei de, wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan. Na sɛnea ɛnam onipa [Adam] so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.”—1 Korintofo 15:20-22.

35. Nhyira horow bɛn na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ asase ne adesamma benya? (Yesaia 65:17-25)

35 Enti Kristo Yesu wusɔre no wɔ atirimpɔw a awiei koraa no adesamma nyinaa benya ɛso mfaso. * Ebuee kwan nso maa Yesu na awiei koraa no, wama Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow a aka no anya mmamu. Ɛrenkyɛ trenee nniso no befi soro a yɛmfa yɛn aniwa nhu hɔ no atrɛw afa asase a wɔatew so no so. Afei yebenya nea Bible ka ho asɛm sɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo,” na emu na Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:1-4.

Wɔhwɛɛ Ɔwae ne Ɔtaa Kwan

36. Dɛn na esii Pentekoste afe 33 Y.B. mu, na dɛn na efii mu bae?

36 Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi pɛɛ no, anwonwade foforo sii a ɛhyɛɛ saa tete Kristofo no asɛnka no mu den. Wɔ Pentekoste da wɔ afe 33 Y.B. mu no, Onyankopɔn hwiee ne honhom kronkron anaasɛ n’adeyɛ tumi fi soro guu Kristofo bɛyɛ 120 a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no so. Dɛn na efii mu bae? “Na tɛkrɛma a wɔapaapae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.” (Asomafo no Nnwuma 2:3, 4) Yudafo a na wɔka aman foforo so kasa a na wɔwɔ Yerusalem saa bere no ho dwiriw wɔn sɛ wɔtee sɛ saa Galilea Yudafo a wose wonnim hwee no ka aman foforo so kasa. Nea efii mu bae ne sɛ nnipa pii gye dii. Kristofo nkrasɛm no trɛwee te sɛ ogyaframa bere a Yudafo gyidifo foforo yi san kɔɔ wɔn kurom no.—Asomafo no Nnwuma 2:5-21.

37. Roma sodifo ahorow bi yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Kristosom foforo no ho?

37 Nanso ankyɛ na ɔhaw fii ase. Saa ɔsom foforo yi a ɛte sɛ nea ennye onyame biara nni a enni ahoni no haw Romafo no adwene. Efi Ɔhempɔn Nero so no, wɔde ɔtaa a ɛyɛ hu baa Kristofo no so wɔ Yɛn Bere yi mu mfeha abiɛsa a edi kan no mu. * Wobuu Kristofo pii kumfɔ sɛ wonkunkum wɔn wɔ agumadibea mfa nnye ahempɔn atirimɔdenfo mogyapɛfo ne nnipadɔm a wɔbɛhwɛɛ nneduafo a wɔde wɔn rema nkekaboa no ani.

38. Tebea bɛn na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛhaw tete Kristofo asafo no?

38 Ade foforo a ɛhaw adwene wɔ saa tete mmere no mu ne biribi a na asomafo no ahyɛ ho nkɔm no. Sɛ nhwɛso no, Petro kae sɛ: “Na atoro adiyifo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.” (2 Petro 2:1-3) Ɔwae! Ɛno yɛ twe a wɔtwe wɔn ho fi nokware ho, saa bere no mu Roma ahemman no mu som a na Helafo nyansapɛ ne nsusuwii ayɛ mu ma a wogye tom. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Yɛn asɛmti a edi hɔ no bebua eyi ne ɛho nsɛmmisa foforo.—Asomafo no Nnwuma 20:30; 2 Timoteo 2:16-18; 2 Tesalonikafo 2:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Sɛ yɛka “Kristoman” a, yɛkyerɛ fekusom ne wɔn dwumadi a wɔn mu dodow no ara ne wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no. “Kristosom” yɛ ɔsom a edi kan no kwan a wɔfa so hu Onyankopɔn a Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no.

^ nky. 8 San hwɛ Insight on the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., tintim no 1988 no Po 2, nkratafa 385-9 wɔ asɛmti “Messiah” ase.

^ nky. 15 Yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛfa agyede no ne hia a ɛho hia ho no mu wɔ Ti 15.

^ nky. 24 Asɛm “ɔkra a enwu da” no mpue wɔ Bible no mu baabiara. Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “nea enwu” ne nea “owu nnim” no pue mpɛn abiɛsa pɛ, na ɛkyerɛ honhom nipadua foforo a wɔfa anaasɛ wɔn nsa ka, na ɛnyɛ biribi a wonya fi awo mu. Ɛfa Kristo ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔbɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni mu no ho.—1 Korintofo 15:53, 54; 1 Timoteo 6:16; Romafo 8:17; Efesofo 3:6; Adiyisɛm 7:4; 14:1-5.

^ nky. 25 Sɛ wopɛ Ahenni nniso yi ho nsɛm pii a, hwɛ Ti 15.

^ nky. 27 Ná “Mose” ne “Elia” a na wɔwɔ anisoadehu no mu yɛ Mmara ne Adiyifo a Yesu maa wɔn nsɛm baa mu no ho mfonini. Sɛ wopɛ ahosakra no mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, 1988, Po 2, kratafa 1120-21.

^ nky. 35 Sɛ wopɛ Yesu wusɔre ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., tintim no 1989 no nkratafa 78-86.

^ nky. 37 Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Suetonius (bɛyɛ 69-140 Y.B.) kyerɛwee sɛ wɔ Nero ahenni mu no, “wɔtwee . . . Kristofo, kuw bi a wɔwɔ nyamesom gyidi foforo bɔne no aso.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 237 adaka/mfonini]

So Na Yesu yɛ Anansesɛm mu Nipa?

Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant bisa sɛ: “So onipa awerɛhodi, nsusuwii ne anidaso so na wɔnam kyerɛw nea ɔde Kristosom bae asetra ho asɛm no—anansesɛm a ɛte sɛ Krishna, Osiris, Atti, Adonis, Dionysus, ne Mithras ho atetesɛm?” Obua sɛ wɔ afeha a edi kan no mu no, “ɛte sɛ nea amma amanaman mufo anaa Yudafo a na wɔsɔre tia Kristosom a na afi ase no denneennen mpo adwenem da” sɛ wɔbɛka sɛ Kristo antra ase.—The Story of Civilization: Part III—Caesar and Christ.

Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Suetonius (bɛyɛ 69-140 Y.B.) kaa ɔhempɔn Klaudio ho asɛm wɔ n’abakɔsɛm nhoma The Twelve Caesars no mu sɛ: “Esiane sɛ Chrestus [Kristo] maa Yudafo a wɔwɔ Roma no kɔɔ so yɛɛ basabasa nti, ɔpam wɔn fii kurow no mu.” Eyi sii bɛyɛ afe 50 Y.B. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 18:1, 2 ho.) Hyɛ no nsow sɛ Suetonius kaa pefee sɛ Kristo traa ase. Nokwasɛm yi ne ɔtaa a ɛde tete Kristofo no nkwa too asiane mu nyinaa akyi no, wɔde nnamyɛ kɛse kaa wɔn gyidi ho asɛm. Anka ɛbɛyɛ den sɛ anansesɛm nti wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu. Yesu wu ne ne wusɔre sii wɔ wɔn nkwa nna mu, na wɔn mu binom de wɔn aniwa huu saa nsɛm a esisii no.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Durant wie asɛm no sɛ: “Sɛ́ awo ntoatoaso biako pɛ mu nnipa mpapahwekwa kakraa bi betumi abɔ wɔn tirim aka obi a ɔwɔ tumi kɛse na ɔwɔ suban pa, abrabɔ a ɛkorɔn ho mmara a ɛkorɔn, ne adesamma nuayɛ ho adwene a ɛhyɛ nkuran a ɛte saa ho asɛm no bɛyɛ anwonwade kɛse asen nea wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu biara.”

[Mfonini]

Yesu kaa asɛm yɛɛ anwonwade ahorow wɔ Galilea mantam a ɛwɔ tete Palestina yi mu

[Kratafa 241 adaka/mfonini]

Henanom na Wɔkyerɛw Bible No?

Hebri Kyerɛwnsɛm (hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 220 no mu) a nnipa pii frɛ no Apam Dedaw no mu nhoma 39, ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Foforo no mu nhoma 27 na ɛka bom yɛ Kristofo Bible no. * Enti, Bible no yɛ nhomakorabea ketewaa a ekura nhoma 66 a mmarima 40 de abakɔsɛm mu mfe 1,600 (fi 1513 A.Y.B. besi 98 Y.B.) kyerɛwee.

Nsɛmpa anan anaasɛ Yesu asetra ne asɛmpa a ɔkae no ho kyerɛwtohɔ ka Hela Kyerɛwnsɛm no ho. Kristo akyidifo baanu, towgyeni Mateo, ne ɔpofoni Yohane a wɔne no nantewee no kyerɛw emu abien. Tete gyidifo Marko ne oduruyɛfo Luka na wɔkyerɛw abien a aka no. (Kolosefo 4:14) Asomafo no Nnwuma a ɛyɛ tete Kristofo asɛmpatrɛw adwuma ho asɛm a Luka kyerɛwee no na ɛtoa Nsɛmpa no so. Nea edi hɔ ne nhoma 14 a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Kristofo ankorankoro ne asafo ahorow, na nhoma a efi Yakobo, Petro, Yohane, ne Yuda hɔ na edi hɔ. Nea etwa to ne Adiyisɛm nhoma a Yohane kyerɛwee no.

Sɛ́ nnipa pii a ɛsono wɔn asetra tebea a wɔtraa ase wɔ mmere ne amammerɛ horow mu tumi kyerɛw nhoma a ɛmmɔ ne ho abira no yɛ adanse a emu yɛ den sɛ ɛnyɛ nnipa nyansa kɛkɛ na wɔde kyerɛw Bible no, na mmom Onyankopɔn honhom. Bible no ankasa ka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu [ne nkyerɛase ankasa ne sɛ, “Onyankopɔn na ɔhomee”] na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” Enti, wɔnam Onyankopɔn honhom kronkron anaasɛ n’adeyɛ tumi no so na wɔkyerɛw Kyerɛwnsɛm no.—2 Timoteo 3:16, 17, Int.

[Mfonini]

Romafo nkyerɛwee a ebi apopa a ɛde Pontio Pilato din di dwuma wɔ Latin mu (nsensanee a ɛto so abien, “IVS PILATVS”) no si so dua sɛ na ɔyɛ onipa titiriw wɔ Palestina, sɛnea Bible ka no

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 100 Katolekfo Bible de nhoma afoforo bi a ɛka bom yɛ Apocrypha a Yudafo ne Protestantfo mmu no sɛ efi honhom mu ka ho.

[Kratafa 245 adaka]

Mesia a Ɔwɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu

Nkɔmhyɛ Nea Esii Mmamu

Gen. 49:10 Wɔwoo no Yuda abusua mu Mat. 1:2-16; Luka 3:23-33

Dw. 132:11; Ofi Yisai ba Dawid Mat. 1:1, 6-16; 9:27;

Yes. 9:7 abusua mu Aso. 13:22, 23

Mika 5:2 Wɔwoo no Betlehem Luka 2:4-11; Yoh. 7:42

Yes. 7:14 Ɔbaabun na ɔwoo no Mat. 1:18-23;

Luka 1:30-35

Hos. 11:1 Wɔfrɛɛ no fii Misraim Mat. 2:15

Yes. 61:1, 2 Wɔsomaa no Luka 4:18-21

Yes. 53:4 Ɔsoaa yɛn nyarewa Mat. 8:16, 17

Dw. 69:9 Ɔbɔɔ Yehowa fi ho mmɔden Mat. 21:12, 13;

Yoh. 2:13-17

Yes. 53:1 Wɔannye no anni Yoh. 12:37, 38;

Rom. 10:11, 16

Sak. 9:9; Wɔkamfoo no sɛ ɔhene ne Mat. 21:1-9;

Dw. 118:26 nea ɔreba Yehowa din mu Marko 11:7-11

Yes. 28:16; Wɔpoo no nanso ɔbɛyɛɛ Mat. 21:42, 45, 46;

Dw. 118:22, 23 tweaa tibo titiriw Aso. 3:14; 4:11;

1 Pet. 2:7

Dw. 41:9; Ɔsomafo biako yii no mae Mat. 26:47-50;

Dw. 109:8 Yoh. 13:18, 26-30

Sak. 11:12 Woyii no mae de gyee Mat. 26:15; 27:3-10;

nnwetɛbona 30 Marko 14:10, 11

Yes. 53:8 Wodii n’asɛm buu no fɔ Mat. 26:57-68; 27:1, 2, 11-26

Yes. 53:7 Ɔyɛɛ komm wɔ anototofo Mat. 27:12-14;

anim Marko 14:61; 15:4, 5

Dw. 69:4 Wɔtan no kwa Luka 23:13-25;

Yoh. 15:24, 25

Yes. 50:6; Wɔbobɔɔ no, tew ntasu Mat. 26:67; 27:26, 30;

guu no so Yoh. 19:3

Dw. 22:18 Wɔbɔɔ ne ntade so ntonto Mat. 27:35;

Mika 5:1 Yoh. 19:23, 24

Yes. 53:12 Wɔde no fraa nnebɔneyɛfo Mat. 26:55, 56; 27:38;

Luka 22:37

Dw. 69:21 Wɔmaa no nsa nyinyanyinya Mat. 27:34, 48;

ne bɔnwoma Marko 15:23, 36

Dw. 22:1 Onyankopɔn gyaw no Mat. 27:46; Marko 15:34

Dw. 34:20; Wɔammu ne dompe biara mu Yoh. 19:33, 36

Ex. 12:46

Yes. 53:5; Wɔde peaw wɔɔ no Mat. 27:49;

Sak. 12:10 Yoh. 19:34, 37;

Adi. 1:7

Yes. 53:5, 8, Owuu afɔrebɔ wu de yii Mat. 20:28; Yoh. 1:29;

Yes. 53:11, 12 bɔne kɔe Rom. 3:24; 4:25

Yes. 53:9 Wosiee no wɔ adefo mu Mat. 27:57-60;

Yoh. 19:38-42

Yona 1:17; Odii ɔdamoa mu nnansa, Mat. 12:39, 40; 

2:10 afei wonyanee no 16:21; 17:23; 27:64

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 258, 259]

Yesu ne Onyankopɔn Din

Bere a Yesu rekyerɛ n’asuafo mpaebɔ no, ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Ná Yesu nim sɛ n’Agya din no ho hia yiye, na osii so dua. Enti, ɔka kyerɛɛ ne som atamfo sɛ: “Me de, mebae m’agya din mu, na munnye me; sɛ ɔfoforo ba n’ankasa din mu a, ɔno na mubegye no. . . . Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse.”—Yohane 5:43; 10:25; Marko 12:29, 30.

Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ n’Agya no mu sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!”

Bere foforo no, Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Mayi wo din makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so. Na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atra wɔn mu, na matra wɔn mu.”—Yohane 12:28; 17:6, 26.

Sɛ́ Yudani no, na ɛsɛ sɛ Yesu hu n’Agya din, Yehowa, anaa Yahwe, efisɛ na onim kyerɛwsɛm a ɛka nea edi so yi: “Mone m’adansefo, [Yehowa, “NW”] na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. . . . Mone m’adansefo, [Yehowa, “NW”] na ose. Mene Nyankopɔn.”—Yesaia 43:10, 12, 13.

Enti, sɛ́ ɔman no, wɔpaw Yudafo no sɛ Yehowa adansefo. Sɛ́ Yudani no, na Yesu nso yɛ ɔdansefo ma Yehowa.—Adiyisɛm 3:14.

Ɛda adi sɛ eduu afeha a edi kan no mu no, ná Yudafo dodow no ara mmɔ Onyankopɔn din a wayi akyerɛ no bio. Nanso, nsaano nkyerɛwee ahorow wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo a wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no Hela kasa mu Septuagint nkyerɛase no di dwuma no tumi huu Hebri Tetragrammaton a wɔde dii dwuma wɔ Hela kyerɛwsɛm no mu no. Sɛnea George Howard, nyamesom ne Hebri kasa ho ɔbenfo kae no: “Bere a din kronkron no a ɛwɔ Hebri mu wɔ Septuagint a Apam Foforo asɔre no de dii dwuma na wɔfaa emu asɛm kae mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Apam Foforo no akyerɛwfo de Tetragrammaton no kaa nsɛm a wɔfa kae no ho. Nanso bere a [akyiri yi] woyii din kronkron no a ɛwɔ Hebri mu fii Septuagint no mu de Hela de sii ananmu no, woyi fii Septuagint no mu Apam Foforo no mu nsɛm a wɔfa kae no nso mu.”

Enti, ɔbenfo Howard ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo tee kyerɛw nsɛm te sɛ Mateo 22:44 a Yesu fa fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ka kyerɛɛ n’atamfo no ase pefee. Howard ka sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan no mu asɔre no kenkan sɛ, ‘YHWH see m’Awurade sɛ’” na ɛnyɛ sɛnea nkyerɛase a ɛbaa akyiri yi ka no, “‘Awurade see m’Awurade sɛ,’ . . . a emu nna hɔ na ɛnkyerɛ obi pɔtee no.”—Dwom 110:1.

Sobo a Yudafo no bɔe wɔ Yesu wu akyi mfehaha pii sɛ ɔyɛɛ anwonwade, efisɛ “na wayɛ ne ho Onyankopɔn ‘kokoam’ din no wura” no di adanse sɛ Yesu de din kronkron no dii dwuma.—The Book of Jewish Knowledge.

Ɛda adi sɛ na Yesu nim Onyankopɔn din a ɛda nsow no. Wɔ saa bere no mu Yudafo atetesɛm nyinaa akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de din no dii dwuma. Wamma nnipa atetesɛm ammɔ Onyankopɔn mmara angu.—Marko 7:9-13; Yohane 1:1-3, 18; Kolosefo 1:15, 16.

[Mfonini]

Mmɛw kratasin bi (afeha a edi kan A.Y.B. mu) a ɛda Onyankopɔn Hebri din adi wɔ Hela Septuagint mu

[Kratafa 238 mfonini]

Yesu de mfatoho pii dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu—aba a wogu, otwa adwuma, mpataayi, ahene pa a wohu, nguan ne mmirekyi a wɔde wɔn fra, bobe turo, ne afoforo (Mateo 13:3-47; 25:32)

[Kratafa 243 mfonini]

Yesu de Onyankopɔn tumi yɛɛ anwonwade pii a ahum a ɔma ɛyɛɛ komm no ka ho

[Kratafa 246 mfonini]

Tetragrammaton anaasɛ anom nnyigyei nkyerɛwee anan no, YHWH (Yehowa)

[Kratafa 251 mfonini]

Lasaro a wonyanee no baa nkwa mu ho kyerɛwtohɔ no nka anaasɛ ɛnkyerɛ mpo sɛ na ɔwɔ ɔkra a enwu da

[Kratafa 253 mfonini]

Ná Petro, Yakobo, ne Yohane nim sɛ Onyankopɔn ani a na ɛsɔ Yesu no nyɛ anansesɛm—wɔtee na wohui wɔ ahosakra no mu