Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkonyaayi ne Ahonhonsɛmdi a Wɔnam so Hwehwɛ Nea Wonnim No

Nkonyaayi ne Ahonhonsɛmdi a Wɔnam so Hwehwɛ Nea Wonnim No

Ti 4

Nkonyaayi ne Ahonhonsɛmdi a Wɔnam so Hwehwɛ Nea Wonnim No

1. Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ Atenefo no wɔ Areopago? Dɛn ntia?

“ATENE mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa.” (Asomafo no Nnwuma 17:22) Eyi ne asɛm a Kristoni ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔahyiam wɔ Areopago anaasɛ Mars Bepɔw so, wɔ tete Hela kurow Atene mu. Paulo kaa saa asɛm no efisɛ na wadi kan ahu sɛ “kurow no de wɔn ho ama abosonsom.” (Asomafo no Nnwuma 17:16) Dɛn na ohui?

2. Dɛn na na ɛkyerɛ sɛ na Atenefo no suro anyame?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo ahu Helafo ne Romafo anyame ahorow wɔ saa kurow a na aman pii mu nnipa wom no mu, na na ɛda adi sɛ nnipa no asetra gyina anyame no a na wɔsom wɔn no so. Esiane sɛ na Atenefo no suro sɛ ebia na wɔnsom onyame titiriw anaa otumfoɔ bi ma enti ne bo betumi afuw nti, wɔde “Onyame a wonnim no” mpo kaa wɔn som ho. (Asomafo no Nnwuma 17:23) Ɛno daa no adi pefee sɛ na wosuro anyame no.

3. So Atenefo nkutoo na wosuro anyame?

3 Nokwarem no, ɛnyɛ afeha a edi kan no mu Atenefo nkutoo na na wosuro anyame, titiriw wɔn a wonnim wɔn no. Ɛkame ayɛ sɛ adesamma nyinaa ada saa osuro yi adi mfe mpempem pii. Wɔ wiase mmeae pii no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔtete hɔ no asetra fã biara gyina onyame bi anaa ahonhom so tẽẽ anaa wɔ ɔkwan bi so. Sɛnea yɛahu wɔ ti a edi eyi anim no mu no, na tete Misrifo, Helafo, Romafo, Chinafo ne afoforo ho atetesɛm gyina adwenhorow a na wokura wɔ anyame ne ahonhom a wodii dwuma titiriw wɔ nnipa ankorankoro ne ɔman no nsɛm mu ho so kɛse. Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, na nnipa a wɔsa yare biara, nkonyaayifo ne abayifo ho nsɛm atrɛw wɔ Kristoman mu. Na tebea no te saa ara nnɛ.

Ɛnnɛ Amanne ne Gyidi Hunu Ahorow

4. Amanne ahorow a agye din a ɛda adi sɛ wɔde bata anyame ne ahonhom ho no bi ne nea ɛwɔ he?

4 Sɛ́ ebia nkurɔfo nim anaasɛ wonnim no, nneɛma pii a wɔyɛ no fi gyidi hunu nneyɛe anaa gyidi horow a ebi fa anyame anaa ahonhom ho. Sɛ nhwɛso no, so na wunim sɛ awodadi fi nsoromma mu hwɛ a ebu da pɔtee a wɔwo obi sɛ ɛho hia kɛse no mu? Na awodadi keeki nso ɛ? Ɛte sɛ nea ɛnam Helafo nyamewa Artemis a na wɔde ɛwo keeki a ɛte sɛ ɔsram a kyɛnere sisi so di n’awoda no so na ɛbae. Anaa na wunim sɛ mfiase no na ntama tuntum a wofura wɔ ayi ase no yɛ nnaadaa kwan a ɛmma ahonhommɔne a wose wɔbɛtɛw hɔ saa bere no nhu wɔn no? Afrikafo bi de aduru fitaa ka wɔn ho, na wɔn a wɔn biribi wu wɔ aman foforo so hyɛ ntade a ɛsono ani na amma ahonhom no anhu wɔn.

5. Gyidi hunu a abu so a wunim no bi ne nea ɛwɔ he?

5 Amanne ahorow a agye din yi akyi no, nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa wɔ wɔn gyidi hunu ahorow ne nea wosuro. Wɔ Atɔe fam no, wobu ahwehwɛ a wobɛbɔ no, agyinamoa tuntum a wubehu no, antweri ase a wobɛfa, ne Benada anaa Fida a ɛyɛ ɔsram no da a ɛto so 13 no sɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ asɛmmɔne bi besi, na eyi gyina faako a wowɔ so. Wɔ Apuei fam no, Japanfo hyɛ wɔn kimono a wɔabubu benkum de no agu nifa de no so, efisɛ afunu na wobu nifa de gu benkum de no so ma wɔn. Wonsisi wɔn afie mfa mfɛnsere anaa apon no nkyerɛ kusuu fam apuei na amma adaemone a wose ɛhɔ na wofi ba no anhu ɔkwan no. Wɔ Philippines no, nkurɔfo worɔworɔw awufo mpaboa gu wɔn nan ho ansa na wɔasie wɔn, na ama “Ɔhotefo” Petro agye wɔn. Mpanyimfo ka kyerɛ mmofra sɛ wommu bra pa denam da a wɔda no adi sɛ biribi a ɛwɔ ɔsram so no yɛ “Ɔhotefo” Mikael a ɔrehwɛ wɔn nneyɛe na ɔkyerɛw to hɔ no so.

6. Nkurɔfo de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu kodu he nnɛ?

6 Nanso ahonhom ne anyame mu gyidi nyɛ amanne ne gyidi hunu horow a ɛte sɛ nea ɛnsɛe hwee nkutoo. Wɔ tetefo ne nnɛɛmmafo mu no, nkurɔfo afa akwan horow so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi ahonhom a wɔn ho yɛ hu so anaasɛ wɔbɛpata wɔn na ama wɔanya wɔn mu ayamyefo no anim dom. Sɛnea ɛte no, ebia yebedi kan asusuw nnipa a wɔte kwae mu ne mmepɔw so wɔ akyirikyiri a wokohu ahonhonfrɛfo, nnunsinfo ne akɔmfo bere a wɔyare anaa wɔn ho akyere wɔn no ho. Nanso nkurow akɛse ne nketewa mu nnipa nso kɔ nsoromma mu ahwɛfo, adebisafo, ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm nkyɛn kobisa nea ɛbɛba daakye anaasɛ wokogye mmoa a wɔde besi gyinae ahorow a ɛho hia. Ɛwom sɛ ebinom kɔ asɔre de, nanso wɔde anigye yɛ nneɛma a ɛtete saa. Afoforo pii nso de ahonhonsɛmdi, aduto ne asumansɛm ayɛ wɔn som.

7. Nsɛmmisa bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?

7 Ɛhe na saa nneyɛe ne gyidi hunu yi nyinaa fi bae? So ɛyɛ akwan horow a wɔfa so bɛn Onyankopɔn ara kwa? Nea ehia koraa no, dɛn na ɛyɛ ma wɔn a wodi akyi no? Sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ onipa abakɔsɛm mu na yɛahu akwan a mfiase no ɔfaa so somee no ho biribi.

Nea Wonnim No a Wɔhwehwɛ No

8. Su soronko bɛn na ɛma nnipa da nsow wɔ abɔde a wɔba fam no ho?

8 Nea ɛne nea ebia adannandifo ka bɔ abira no, onipa wɔ honhom fam nneɛma ho su bi a ɛma ɔyɛ soronko wɔ abɔde a wɔba fam no ho, na ɔkorɔn kyɛn wɔn. Wɔde nkate a ɛma ɔhwehwɛ nea onnim no wo no. Ɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ obebua nsɛmmisa te sɛ: Dɛn ne asetra atirimpɔw? Dɛn na ɛba wɔ obi wu akyi? Abusuabɔ bɛn na onipa ne wiase a ohu, nokwarem no, amansan no wɔ? Pɛ a ɔpɛ sɛ onya biribi a ɛkorɔn anaasɛ ɛwɔ tumi sen no na ama watumi anya nneɛma a atwa ne ho ahyia ne n’asetra so tumi bi no nso piapia no.—Dwom 8:3, 4; Ɔsɛnkafo 3:11; Asomafo no Nnwuma 17:26-28.

9. Nhomanimfo bi ka “honhom mu yiyedi” ho asɛm dɛn?

9 Ivar Lissner ka wɔ ne nhoma Man, God and Magic no mu sɛɛ se: “Sɛnea onipa de animia abɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ biribi a ɛkorɔn sen no wɔ n’abakɔsɛm mu nyinaa no yɛ nwonwa kɛkɛ. Ɛnyɛ asetrade nkutoo na ɔde n’ahoɔden ahwehwɛ. Wahwehwɛ nneɛma mu bere nyinaa, apere akɔ n’anim, na wabɔ mmɔden sɛ obenya nea ne nsa ntumi nka. Saa nkate a ɛyɛ nwonwa a wɔde wo onipa no ne ne honhom fam yiyedi.”

10. Dɛn na ɛda no adi sɛ ɛyɛ onipa awosu sɛ ɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn?

10 Nokwarem no, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no nsusuw nneɛma ho saa. Sɛnea yehui wɔ Ti 2 mu no, wɔtaa ka sɛ nneɛma a onipa adwene hia anaasɛ biribi foforo na ɛma onya su yi. Nanso, so yɛntaa nhu sɛ bere a yehyia asiane anaa tebea a ɛyɛ hu no, nea nnipa dodow no ara di kan yɛ ne sɛ wɔsrɛ Onyankopɔn anaasɛ tumi a ɛkorɔn bi sɛ ɔmmoa wɔn? Eyi te saa nnɛ te sɛ nea na ɛte kan no. Enti, Lissner toaa so kae sɛ: “Obiara nni hɔ a wayɛ tetefo ho nhwehwɛmu a wantumi anhu sɛ na wɔn nyinaa dwen Onyankopɔn ho, na na wonim yiye sɛ opumpuni bi wɔ hɔ.”

11. Dɛn na afi mmɔden a onipa bɔ sɛ obehu nea onnim no no mu aba? (Fa toto Romafo 1:19-23 ho.)

11 Sɛnea wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi saa ɔpɛ a wɔde woo wɔn sɛ wɔbɛhwehwɛ nea wonnim no ho dwuma no yɛ ade foforo koraa. Nkekaboa ahoɔden maa ehu kaa abɔmmɔfo ne nyɛmmoa ahwɛfo a wodii atutra no. Ná akuafo nim wim tebea ne mmere mu nsakrae titiriw. Na ɛsono sɛnea kwae mufo yɛ wɔn ade koraa wɔ anhweatam anaa mmepɔw sotefo de ho. Esiane ehu ne ahiade a egu ahorow yi nti, nkurɔfo nyaa nyamesom nneyɛe a egu ahorow a ɛyɛ nwonwa, a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔde bɛsrɛ anyame ayamyefo ade na wɔapata wɔn a wɔn ho yɛ hu no.

12. Nsɛdi ahorow bɛn na wobetumi ahu wɔ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa no nyamesom nneyɛe mu?

12 Nanso, nsonsonoe pii yi nyinaa akyi no, wohu nsɛdi ahorow bi wɔ saa nyamesom nneyɛe yi mu. Emu bi ne nidi a wɔde ma ahonhom kronkron ne tumi a ɛkorɔn sen onipa ne suro a wosuro wɔn, nkonyaayi, nsɛnkyerɛnne, nsoromma mu hwɛ ne akwan horow a wɔfa so bisa ade a wɔde kyerɛ nea ɛbɛba daakye. Sɛ yɛhwehwɛ nneɛma yi mu a, yebehu sɛ adi dwuma titiriw wɔ adwene a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ne wɔn a wɔtraa ase wɔ mmere a atwam no mu, a nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ mpo ka ho, anya wɔ nyamesom ho no mu.

Ahonhom Kronkron ne Tumi Horow a Ɛkorɔn Sen Onipa

13. Nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na ɛkyere nnipa adwene wɔ mmere a atwam no mu?

13 Ɛte sɛ nea na ahintasɛm ayɛ tetefo asetra mu ma. Ná nsɛm a wontumi nkyerɛkyerɛ mu a ɛkyere adwene a esisi atwa wɔn ho hyia. Sɛ nhwɛso no, na wontumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ onipa hoɔdenfo bi yare mpofirim, anaasɛ osu ntɔ ne bere mu, anaa nea enti a ɛsɛ sɛ dua a ɛte sɛ nea awu no nya nhaban frɔmm bere bi wɔ afe no mu. Na obi ankasa sunsuma, ne koma a ɛbɔ, ne sɛnea ɔhome mpo yɛ ahintasɛm.

14, 15. Esiane ntease ne akwankyerɛ a na onipa nni nti, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɔkae sɛ ɛde nea wontumi nkyerɛkyerɛ mu no ba? (Fa toto 1 Samuel 28:3-7 ho.)

14 Esiane honhom fam nneɛma ho nkate a wɔde woo onipa nti, na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɛka sɛ tumi bi a ɛkorɔn sen onipa na ɔma anwonwade ahorow ne nsɛm a esisi no ba. Nanso, esiane sɛ na onni akwankyerɛ ne ntease pa nti, ankyɛ na akra, ahonhom, nsamanfo ne adaemone bɛhyɛɛ n’asetram ma. Sɛ nhwɛso no, Amerika kusuu fam Algonquia Indiafo frɛ onipa kra sɛ otahchuk a ɛkyerɛ “ne sunsuma,” na Malayfo a wɔwɔ Asia Kesee fam apuei no gye di sɛ, sɛ onipa wu a, ne kra pue fa ne hwene mu guan. Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ wogye ahonhom ne awufo akra di—na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bedi nkitaho ɔkwan bi so —wɔ baabiara.

15 Saa ara nso na ɛte sɛ nea abɔde afoforo—owia, ɔsram, nsoromma, ɛpo, nsubɔnten, mmepɔw—wɔ nkwa mu na enya nnipa dwumadi ahorow so nkɛntɛnso tẽẽ. Esiane sɛ ɛte sɛ nea nneɛma yi wɔ wɔn ankasa trabea nti, wobuu wɔn sɛ ahonhom ne anyame, a ebinom yɛ ayamyefo ne aboafo, na afoforo yɛ atirimɔdenfo a wopira nnipa. Ɛkame ayɛ sɛ abɔde a wɔsom wɔn bɛyɛɛ nyamesom nyinaa mu ade titiriw.

16. Ɔkwan bɛn so na ahonhom, anyame, ne nneɛma akronkron a wɔsom no daa adi?

16 Yebetumi ahu saa gyidi horow yi wɔ tete aman dodow no ara nyamesom mu. Ná Babilonfo ne Misrifo som wɔn owia, ɔsram, ne nsoromma akuw anyame. Ná mmoa ne nkekaboa nso ka nneɛma a wɔsom no ho. Wonim Hindufo sɛ wɔsom anyame bebree a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii. Chinafo wɔ wɔn mmepɔw kronkron ne wɔn nsubɔnten anyame bere nyinaa, na wɔda nidi a wɔwɔ ma wɔn awofo adi wɔ nananom a wɔawuwu som mu. Ná tete Druidfo a wɔte British Isles so no bu odum nnua sɛ ɛyɛ kronkron, na wɔde obu soronko bi maa nyankonuru a enyin wɔ odum so no. Akyiri yi, Helafo ne Romafo nyaa wɔn de; na ahonhom, anyame, akra, adaemone, ne akronkronne ahorow nyinaa ase timii.

17. Ɔkwan bɛn so na wɔda so ara som abɔde nnɛ?

17 Ɛwom sɛ ebia nnipa bi a wɔwɔ hɔ nnɛ bebu saa gyidi horow a ɛtete saa yi nyinaa sɛ gyidi hunu de, nanso wɔda so ara hu nsusuwii yi wɔ nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa no nyamesom nneyɛe mu. Ebinom da so ara gye di sɛ mmepɔw, nsubɔnten, abotan a ne tebea no yɛ hu, nnua dedaw bi, ne nneɛma foforo pii yɛ kronkron, na wɔsom wɔn sɛ anyame. Wosisi afɔremuka, abosonnan ne asɔredan ahorow wɔ mmeae yi. Sɛ nhwɛso no, Asubɔnten Ganges yɛ kronkron ma Hindufo a nea wɔpɛ paa ne sɛ wobeguare wom bere a wɔte ase, na wɔama wɔde wɔn nsõ apete ani wɔ wɔn wu akyi no. Buddhafo bu no sɛ ɛyɛ osuahu a ɛkyɛn so sɛ wɔbɛsom wɔ abosonnan a ɛwɔ Buddha Gaya wɔ India, a wose Buddha tee nsɛm ase wɔ hɔ wɔ bodhi dua bi ase no mu. Katolekfo weawea wɔn nkotodwe anim kɔ Our Lady of Guadalupe Asɔredan Kɛse a ɛwɔ Mexico no mu, anaasɛ woguare wɔ abosonnan mu nsu “kronkron” no mu wɔ Lourdes wɔ France de hwehwɛ anwonwakwan so ayaresa. Ɛda so ara da adi yiye nnɛ sɛ wɔsom abɔde mmom sen Ɔbɔadeɛ no.—Romafo 1:25.

Nkonyaayi Mfiase

18. Dɛn na ahonhom ne anyame mu gyidi de bae?

18 Bere a wogye dii sɛ ahonhom pa ne ahonhommɔne ahyɛ nneɛma a nkwa nnim mu ma no, ɛma wɔyɛɛ nea edi hɔ yi wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so—wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔne ahonhom pa no bedi nkitaho de ahwehwɛ akwankyerɛ ne nhyira, na wɔapata ahonhommɔne no. Nea efii mu bae ne nkonyaayi, a ɛkame ayɛ sɛ akɔ so wɔ tete ne nnɛyi ɔman biara mu no.—Genesis 41:8; Exodus 7:11, 12; Deuteronomium 18:9-11, 14; Yesaia 47:12-15; Asomafo no Nnwuma 8:5, 9-13; 13:6-11; 19:18, 19.

19. (a) Dɛn ne nkonyaayi? (b) Dɛn nti na ɛte sɛ nea nnipa pii gye nkonyaayi di?

19 Titiriw no, nkonyaayi yɛ mmɔden a onipa bɔ sɛ obedi abɔde mu tumi anaa tumi a ɛkorɔn sen no no so anaasɛ ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ nea ɔpɛ. Esiane sɛ na tetefo no nnim nea ɛde nsɛm a esisi da biara no mu pii ba nti, wogye dii sɛ nkonyaayi nsɛm anaa nsɛm bi a wɔde kankye a wobetĩ mu aka, anaa amanne bi a wɔbɛyɛ betumi ama wɔanya nneɛma bi a wɔhwehwɛ. Nea ɛma wogyee nkonyaayi yi dii ne sɛ amanne no bi ma wonyaa nea wɔhwehwɛ no ampa. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na nnunsinfo—titiriw nkonyaayifo ne akɔmfo—a wɔte Mentawai Nsupɔw so wɔ Sumatra atɔe fam no tumi sa nnipa a wɔn yam tu yare ma ɛyɛ nwonwa. Ná ɔkwan a wɔfa so yi wɔn nkonyaa no ne sɛ wɔma ayarefo no butuw fam wɔ ɔbotan bi ano na wɔtaforo fam bere ne bere mu. Dɛn na ɛma yare no gyaee? Ná kaolin, dɔte fitaa bi a wɔtaa de fra nnɛyi ayamtu nnuru mu no bi wɔ abotan so dɔte no mu.

20. Ɛyɛɛ dɛn na nkonyaayi benyaa nnipa asetra so tumi?

20 Nkonimdi kakra a ɛte sɛ eyi bɔɔ nkogudi no nyinaa gui ntɛm ara na ɛmaa wɔn a wɔyɛ no gyee din. Ankyɛ wɔbɛyɛɛ nnipa a wosuro wɔn na wobu wɔn kɛse—asɔfo, ahemfo, akɔmfo, nnunsinfo, asumanfo, ne adebisafo. Nkurɔfo de wɔn haw ahorow te sɛ ɔyare a wɔbɛsa na wɔasiw ano, nneɛma a ayera a wobehu, akorɔmfo a wobehu wɔn, mmusu ano a wobesiw, ne afoforo were a wobedi kɔɔ wɔn nkyɛn. Awiei koraa no, wobenyaa gyidi hunu nneyɛe ne amanne pii a ɛfa nneɛma yi ne asetra mu nsɛm foforo te sɛ awo, mpanyinyɛ, asiwa, aware, owu, ne afunsie ho. Ankyɛ na nkonyaayi tumi ne ahintasɛm nyaa nnipa no asetra nyinaa so nkɛntɛnso.

Osu Asaw ne Kaberɛkyere

21, 22. “Asuasua nkonyaayi” kyerɛ dɛn? Ma mfatoho.

21 Ɛwom sɛ nkonyaa a nnipa ahorow yi no gu ahorow pii de, nanso adwene a wɔde yɛ saa no sesɛ ma ɛyɛ nwonwa. Nea edi kan no, wɔwɔ adwene sɛ biribi a wosuasua yɛ no ma wonya dekode no. Ɛtɔ da bi a, wɔfrɛ eyi sɛ asuasua nkonyaayi. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔpɛ a esi reyɛ asɛe Omaha Indiafo a wɔwɔ Amerika Kusuu fam no nnɔbae a, wɔsaw twa ɛsɛn bi a nsu wom ho hyia. Afei wɔn mu biako nom nsu no bi na opuw gu mframa mu de suasua nsu a ɛpete. Anaasɛ obi betumi apirepirew wɔ fam te sɛ sisi a wapira na ama watumi akum sisi wɔ n’ahayɔ mu.

22 Ná nnipa foforo wɔ amanne a ɛdɔɔso sen saa, a nsɛm a wɔde kankye ne afɔrebɔ ka ho. Chinafo de krataa anaa dua kɛse bi yɛ ɔtweaseɛ a ɔne wɔn osutɔ nyame no, na wɔde kyinkyin anaasɛ woyi wɔn nyame no honi fi asɔrefi hɔ de no besi awia mu na ama watumi ate ɔhyew nka na ebia wama osu atɔ. Ngonifo a wɔwɔ Afrika Apuei fam amanne no bi ne sɛ wohwie nsa gu kuku bi a wɔde ahyɛ fam wɔ osutɔ abosonnan mu no mu, na afei wɔbɔ mpae sɛ, “Owura Chauta, worebɔ yɛn atirimɔden, dɛn na wopɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yewuwu ampa. Ma osu ntɔ mma wo mma, na nsa a yɛde ma wo ni.” Afei wɔnom nsa a aka no. Wɔto nnwom saw na wohinhim nnubaa a wɔde abɔ nsu mu wɔ eyi akyi.

23. Ɛyɛɛ dɛn na abayisɛm ne kaberɛkyere bae? (Fa toto Leviticus 19:31; 20:6, 27; Deuteronomium 18:10-13 ho.)

23 Adwene foforo a wɔde yi nkonyaa ne sɛ obi nneɛma kɔ so nya no so nkɛntɛnso bere a enni ne nkyɛn bio mpo no. Eyi na ɛma wɔde biribi a anka ɛyɛ obi de kyere no kaberɛ no bae. Wɔ afeha 16 ne 17 mu Europa ne England mpo no, na nkurɔfo da so ara gye abayifo a wotumi de tumi yi pira nnipa no di. Na akwan a wɔfa so no bi ne sɛ wɔde biribi te sɛ amãne yɛ obi honi na wɔde mpaane tuatua mu, wɔkyerɛw ne din gu kratasin so na afei wɔhyew, wɔde ne ntamasin bi hyɛ fam, anaasɛ wɔyɛ ne ti nhwi, n’awerɛw a wɔatwitwa, ne ho fifiri, anaa ne tiafi mpo biribi. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Mmarahyɛ Baguafo hyɛɛ Mmara wɔ England wɔ 1542, 1563, ne 1604 mu sɛ abayisɛm yɛ bɔne a ɛho asotwe ne owu no betumi ama yɛahu faako a wɔyɛɛ eyi ne nneɛma afoforo kodui. Ɛkame ayɛ sɛ ɔman biara mu nnipa ayi saa nkonyaa yi bi wɔ ɔkwan bi so wɔ bere a atwam no nyinaa mu.

Nsɛnkyerɛnne a Wɔnam so Hu Nea Ɛbɛba Daakye

24. (a) Dɛn ne adebisa? (b) Ɔkwan bɛn so na Babilonfo bisaa ade?

24 Wɔtaa de nkonyaayi hu ahintasɛm anaa wɔnam nsɛnkyerɛnne so hu nea ɛbɛba daakye. Wɔfrɛ eyi sɛ adebisa, na na wonim Babilonfo sɛ wɔyɛ eyi. Sɛnea nhoma Magic, Supernaturalism, and Religion kyerɛ no, “ná wɔyɛ abenfo wɔ nea ebesi daakye a wohu mu, na wɔhwɛ mmoa a wɔakum wɔn mmerɛbo ne wɔn nsono, ogya ne wusiw ne aboɔden abo hyerɛn mu kyerɛ nea ɛbɛba daakye; wogyinaa nsuten a ɛworo ne afifide tebea so kaa nsɛm a ebesisi. . . . Wɔkyerɛɛ wim nsɛnkyerɛnne, osu, amununkum, mframa, ne anyinam ase sɛ ɛde nsɛm nam; nkongua ne apon a ɛpaapae kyerɛɛ nsɛm a ebesisi daakye. . . . Wɔde asumansɛm somaa nwansena ne mmoawa foforo ne akraman.”

25. Hesekiel ne Daniel kaa tete Babilon adebisa ho asɛm dɛn?

25 Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel no bɔ amanneɛ sɛ wɔ ɔsa bi mu no, “Babel hene gyina ɔtempɔnnkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.” (Hesekiel 21:21) Na adebisafo, asumanfo ne nkonyaayifo nso wɔ Babilon ahemfie daa.—Daniel 2:1-3, 27, 28.

26. Adebisa bɛn na na agye din wɔ Helafo mu?

26 Ná aman foforo, nea ɛwɔ Apuei ne Atɔe fam nyinaa mu nnipa nso fa akwan pii so bisa ade. Ná Helafo kobisa nsɛm akɛse a ebesisi wɔ amammui mu ne obi asetram nsɛm te sɛ aware, akwantu, ne mmofra ho nsɛm fi wɔn adebisafo hɔ. Eyi mu nea agye din paa ne Delphi adebisa no. Ná wɔde nnyigyei a wɔnte ase fa ɔkɔmfowa no anaa Pythia so de mmuae ahorow a wosusuw sɛ efi onyame Apollo hɔ ma, na akɔmfo de nkyerɛase a emu nna hɔ ma. Nhwɛso titiriw bi ne mmuae a wɔde maa Lidia hene Croesus no: “Sɛ Croesus twa Halys a, ɔbɛsɛe ahemman kɛse bi.” Ɛbɛdaa adi sɛ ahemman kɛse a wɔsɛee no no yɛ n’ankasa de. Croesus dii nkogu wɔ Persiani Kores nsam bere a otwaa Halys kɔtow hyɛɛ Kapadokia so no.

27. Romafo de wɔn ho hyɛɛ adebisa mu koduu he?

27 Wɔ Atɔe fam no, Romafo a ɛkame ayɛ sɛ wɔde wɔn adwene sii nsɛnkyerɛnne ne anwonwade so wɔ biribiara a wɔyɛe mu no maa adebisa duu ne pɔmpɔn so. Ná nnipa ahorow nyinaa gye nsoromma mu hwɛ, abayisɛm, nsɛbɛ, abosonkɔm, ne adebisa afoforo pii di. Na sɛnea Romafo abakɔsɛm ho nimdefo Edward Gibbon kyerɛ no, “nnipa no buu akwan horow a wɔfaa so somee wɔ Roma ahemman no mu no sɛ ne nyinaa yɛ nokware.” Ná ɔmanyɛfo Cicero a ɔwɔ din na n’ano atew no aben wɔ nsɛnkyerɛnne a wɔhwehwɛ wɔ nnomaa tu mu ho. Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Petronius kae sɛ, sɛ wohwɛ ɔsom pii a na ɛwɔ Romafo nkurow mu no a, ɛbɛyɛ sɛ na anyame dɔɔso wom sen nnipa.

28. Ɔkwan bɛn so na Chinafo bisaa ade wɔ tete mmere no mu?

28 Wɔatutu nnompe ne nworaa a na wɔde bisa ade a na ɛwɔ hɔ fi mfe mpem abien A.Y.B. (Shang adedi bere) mu no bɛboro 100,000 afi fam wɔ China. Ná Shang asɔfo de hwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ wɔ biribiara ho, fi wim tebea so kosi asraafo mpasuatwa so. Ná asɔfo no de tete nkyerɛwee bi kyerɛw nsɛmmisa gu nnompe yi so. Afei wɔka nnompe no hyew na wɔhwɛ akam a abɛdeda ho no na wɔkyerɛw mmuae no gu nnompe koro no ara ho. Nhomanimfo bi gye di sɛ tete nkyerɛwee yi so na wɔnam nyaa Chinafo nkyerɛwee.

29. Adebisa ho nnyinasosɛm bɛn na wɔda no adi wɔ I Ching mu?

29 Tete Chinafo adebisa ho nhoma a wonim no yiye ne I Ching (Nsakrae Horow Nhoma; wɔbɔ din sɛ Yee-Jing) a wose Chou ahempɔn baanu a wodi kan, Wen Wang ne Chou Kung, na wɔkyerɛwee wɔ afeha 12 A.Y.B. mu. Nkyerɛkyerɛmu a edi mu a ɛfa tumi abien a ɔtan da wɔn ntam a wɔne yin ne yang (esum ne hann, papa ne bɔne, onini ne ɔbere, ɔsram ne owia, asase ne ɔsoro, ne nea ɛkeka ho) dwumadi, a Chinafo da so ara gye di sɛ ɛne nnyinasosɛm atitiriw a asetra mu nsɛm nyinaa gyina so ho wom. Ɛka sɛ biribiara sakra bere nyinaa na biribiara ntra hɔ daa. Sɛ obi bedi nkonim wɔ biribiara a ɔyɛ mu a, ɛsɛ sɛ ohu saa bere no mu nsakrae nyinaa na ɔyɛ ade ma ɛne no hyia. Enti, nkurɔfo bisa nsɛm na wɔbɔ ntonto na afei wobisa mmuae fi I Ching hɔ. Mfehaha a atwam no mu no, na adebisa ne abosonkɔm foforo nyinaa gyina I Ching so wɔ China.

Efi Nsoromma Ho Nimdeɛ so Kosi Nsoromma mu Hwɛ So

30. Kyerɛ nea ɛyɛe a tete nsoromma ho nimdeɛ fii ase.

30 Sɛnea owia, ɔsram, nsoromma, ne okyinnsoromma ahorow no dwumadi kɔ so pɛpɛɛpɛ no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so no nwonwa bere tenten. Wɔahu nsoromma ho kyerɛwtohɔ a wɔyɛe wɔ 1800 A.Y.B. mu wɔ Mesopotamia. Babilonfo gyinaa nsɛm a ɛte sɛɛ so tumi kaa nneɛma pii a ɛbɛkɔ so wɔ ahunmu, te sɛ ɔsram a ebeduru sum, nsoromma pue ne ne tɔ, ne sɛnea okyinnsoromma ahorow twa wɔn ho wɔ ɔkwan bi so, ho asɛm siei. Misrifo, Asiriafo, Chinafo, Indiafo, Helafo, Romafo, ne tetefo afoforo hwɛɛ wim kyerɛw nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ nsoromma mu ho asɛm a ɛkɔ akyiri too hɔ. Kyerɛwtohɔ ahorow yi so na wɔhwɛ yɛɛ wɔn kalenda ne wɔn afe afe dwumadi ahorow ho nhyehyɛe.

31. Ɛyɛɛ dɛn na nsoromma ho nimdeɛ de nsoromma mu hwɛ bae?

31 Wɔnam nea wohui wɔ nsoromma mu no so hui sɛ ɛte sɛ nea nsɛm bi a esisi wɔ asase so ne nneɛma bi a ɛkɔ so wɔ ahunmu hyia. Sɛ nhwɛso no, na mmere sakra bere a owia twa ne ho no akyi pɛɛ, na asorɔkye brɛ ase ma ɛne ɔsram pue ne ne wu hyia, na Nil asubɔnten no yiri afe biara wɔ bere a Sirius, nsoromma a ɛhyerɛn sen biara no pue akyi pɛɛ bere nyinaa. Nea wɔkae ara ne sɛ ɔsoro abɔde ahorow ka ho titiriw na eyi ne nsɛm foforo sisi wɔ asase so. Nokwarem no, Misrifo frɛɛ Sirius sɛ Nea ɔde Nil bae. Adwene a ɛne sɛ nsoromma ma nsɛm sisi wɔ asase so no ma wonyaa adwene ntɛm ara sɛ wobetumi agyina ɔsoro abɔde ahorow no so aka nea ɛbɛba daakye. Enti nsoromma ho nimdeɛ de nsoromma mu hwɛ bae. Ankyɛ, ahene ne ahempɔn maa nsoromma mu ahwɛfo traa wɔn ahemfie na wɔahwɛ nsoromma mu wɔ ɔman no nsɛm a ɛho hia ho. Nanso mpapahwekwa nso hwɛɛ nsoromma mu wɔ wɔn ankasa yiyedi ho.

32. Akwan bɛn so na Babilonfo de wɔn ho hyɛɛ nsoromma mu hwɛ mu?

32 Bio nso, Babilonfo ho ba asɛm no mu. Wobuu nsoromma sɛ anyame no trabea wɔ soro, te sɛ nea na asɔrefi no yɛ wɔn asase so trabea no. Eyi ma wonyaa adwene sɛ wɔbɛkyekyɛ nsoromma ahorow no mu akuwakuw, na wogye dii sɛ nsakrae a ɛba soro, te sɛ ɔsram a eduru sum anaa nsoromma ahorow bi a ɛhyerɛn dodo anaa epue no kyerɛ sɛ awerɛhow ne ɔko bɛba asase so. Wohuu amanneɛbɔ ɔhaha pii a nsoromma mu ahwɛfo de maa ahene wɔ tetefo nneɛma a wotu fii fam wɔ Mesopotamia no mu. Sɛ nhwɛso no, eyinom mu bi ka sɛ na ɔsram a ɛrebeduru sum yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔtamfo bi bedi nkogu anaasɛ okyinnsoromma bi a ebepue wɔ nsoromma kuw bi mu no bɛma wɔafa asase ho “abufuw kɛse.”

33. Dɛn na Yesaia ka faa Babilonfo “nsorommahwɛfo” ho?

33 Yebetumi asan ahu faako a Babilonfo de wɔn ho too adebisa yi so kodui no wɔ nsɛm a odiyifo Yesaia de dii Babilonfo ho fɛw no mu bere a ɔhyɛɛ wɔn sɛe ho nkɔm no: “Sɔre gyina ɛ, fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no . . . ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfo no, nsorommahwɛfo a ɔsram foforo daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no.”—Yesaia 47:12, 13.

34. Ná “Magi” anaa anyansafo a wɔbaa abofra Yesu nkyɛn no yɛ nnipa bɛn?

34 Wɔde nsoromma mu hwɛ fii Babilon kɔɔ Misraim, Asiria, Persia, Hela, Roma, ne Arabia. Apuei fam no, na Hindufo ne Chinafo nso wɔ wɔn nsoromma mu hwɛ nhyehyɛe pii. Ná “Magi” (anyansafo) a ɔsɛmpakafo Mateo kae sɛ wɔbɛsraa akokoaa Yesu no yɛ “nsoromma mu ahwɛfo a wofi apuei.” (Mateo 2:1, 2, NW) Nhomanimfo bi gye di sɛ ɛbɛyɛ sɛ na nsoromma mu ahwɛfo yi fi Kaldeafo ne Medo-Persiafo nsoromma mu hwɛ sukuu a na ɛwɔ Parthia, Persia mantam bi a akyiri yi ɛbɛyɛɛ Parthia Ahemman a ɛde ne ho no mu.

35. Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ nsoromma mu hwɛ mu fi Helafo bere so?

35 Nanso, Helafo na wɔmaa nsoromma mu hwɛ bɛyɛɛ sɛnea ɛte nnɛ no. Afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, Claudius Ptolemy a na ɔyɛ Helani nsoromma mu hwɛfo wɔ Alexandria, Misraim, no boaboaa nsoromma mu hwɛ ho nsɛm a na ɛwɔ hɔ nyinaa ano yɛɛ no nhoma anan a wɔfrɛ no Tetrabiblos, a ayɛ nsoromma mu hwɛ ho nhoma titiriw de besi nnɛ no. Eyi mu na wonyaa nea wɔtaa frɛ no awo ho nsoromma mu hwɛ, kyerɛ sɛ, nhyehyɛe a wɔnam so kyerɛ nea obi daakye bɛyɛ denam n’awo nsoromma gyinabea—mfonini bi a ɛkyerɛ baabi a owia, ɔsram, ne okyinnsoromma ahorow no wɔ wɔ nsoromma akuw no mu sɛnea wohu fi baabi a wɔwo obi bere a wɔwo no—a wosua no so.

36. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nsoromma mu hwɛ benyaa obu?

36 Ebeduu afeha 14 ne 15 mu no, na wogye nsoromma mu hwɛ tom yiye wɔ Atɔe fam. Na ɛyɛ ade a sukuupɔn ahorow kyerɛkyerɛ, na na ɛhwehwɛ sɛ wonya ɔkasa ne akontaabu ho nimdeɛ a ɛfata. Ná wobu nsoromma mu ahwɛfo sɛ nhomanimfo. Nsɛm a ɛkyerɛ sɛ nsoromma mu hwɛ wɔ nnipa dwumadi so nkɛntɛnso ayɛ Shakespeare nhoma ahorow mu ma. Ná ahemfie biara ne adehye pii wɔ wɔn ankasa nsoromma mu ahwɛfo a wobisa wɔn nsɛm. Ná dwumadi biara—sɛ ɛyɛ akodi, adansi, aguadi, anaa akwantu—nni hɔ a wɔyɛ a wonni kan mmisa ho ade ansa. Nsoromma mu hwɛ bɛyɛɛ nea nidi wom.

37. Ɔkwan bɛn so na nyansahu mu nkɔanim anya nsoromma mu hwɛ so tumi?

37 Ɛwom sɛ nsoromma ho animdefo te sɛ Copernicus ne Galileo nnwuma, ne nyansahu mu nhwehwɛmu a anya nkɔanim akyerɛ yiye sɛ nsoromma mu hwɛ nyɛ nyansahu ankasa de, nanso atra hɔ abedu nnɛ. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 85 no mu.) Aman mpanyimfo ne mpapahwekwa, sɛ ebia wofi aman a anya mfiridwuma mu nkɔanim mu anaa aman a afei na wɔrenya nkɔso no akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri ase no da so ara bu anwonwade a Babilonfo fii ase, na Helafo ma enyaa nkɔanim, na Arabiafo ma ɛsan trɛw yi sɛ ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse nnɛ.

Wɔakyerɛw Obi Hyɛbea Wɔ N’anim ne Ne Nsam

38. Dɛn na ɛma wonyaa akwan foforo a wɔfa so bisa ade denam onipa nsa ne n’anim so?

38 Sɛ ɛte sɛ nea wontumi nte ɔsoro a wɔhwɛ na ama wɔanya nsɛnkyerɛnne no ase a, akwan foforo pii wɔ hɔ a wɔn a wobisa betumi afa so ntɛm. Zohar, anaa Sefer ha-zohar (Hebri, Anuonyam Nhoma), afeha 13 mu Yudafo ahonhonsɛmdi nhoma bi kae sɛ: “Yehu sɛ nsoromma ne okyinnsoromma ayeyɛ mfonini pii wɔ ɔsoro ntrɛwmu a ɛkata amansan no ho mu. Ɛda nneɛma a ahintaw ne anwonwade akɛse adi. Saa ara nso na su horow a ɛyɛ yɛn nipadua nsoromma ahorow wɔ were a ɛkata onipa ho no mu.” Nyansapɛ yi ma wɔfaa akwan foforo so bisaa ade na wɔkaa nea ɛbɛba daakye denam nnipa anim ne wɔn nsam a wɔhwɛ de hwehwɛɛ nkɔmhyɛ mu nsɛnkyerɛnne so. Nneyɛe a ɛtete saa atrɛw wɔ Apuei ne Atɔe fam nyinaa be besi nnɛ. Nanso ɛda adi pefee sɛ nsoromma mu hwɛ ne nkonyaayi na ɛde bae.

39. Dɛn ne animhwɛ adebisa, na wɔde adi dwuma dɛn?

39 Animhwɛ adebisa yɛ animdua nneɛma, te sɛ sɛnea aniwa, ɛhwene, ɛse, ne aso te a wɔhwɛ de kyerɛ biribi a ebesi. Obi a ne din de John a ofi Indagine kyerɛw ho nhoma wɔ Strasbourg wɔ 1531 mu, na ɔyɛɛ animdua ahorow a ɛsono ebiara aniwa, ɛhwene, aso, ne nea ɛkeka ho ho mfonini a ani tew a nkyerɛkyerɛmu ka ho wom. Nea ɛyɛ anika ne sɛ ɔfaa asɛm a Yesu Kristo kae wɔ Mateo 6:22 kae sɛ, “Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann” no de kyerɛɛ nea enti a ɔkae sɛ aniwa kurukuruwa akɛseakɛse a ɛhyerɛn kyerɛ mudi mu kura ne akwahosan pa, na aniwa a amemem kɔ mu a esusua no kyerɛ anibere, nitan ne adwemmɔne. Nanso, wɔ nhoma a ɛte saa ara a ɛne Compendium of Physiognomy a wotintim wɔ 1533 mu no, ne kyerɛwfo Bartolommeo Cocle kae sɛ aniwa kurukuruwa akɛseakɛse kyerɛ sɛ obi yɛ ɔkɔnkɔnsani ne onihafo.

40. (a) Dɛn ne nsamhwɛ adebisa? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔpɛe sɛ wɔde Bible no gyina nsamhwɛ adebisa akyi?

40 Sɛnea adebisafo kyerɛ no, wɔ eti akyi no, nsa kyerɛ tumi a efi soro sen nipadua no akwaa foforo biara. Enti, obi nsam nsensanee a wɔhwɛ na ama wɔahu ne su horow ne ne hyɛbea yɛ adebisa foforo a agye din—nea wɔtaa frɛ no nsamhwɛ adebisa. Mfinimfini Mmere mu nsamhwɛfo hwehwɛɛ Bible mu na ama wɔanya nea wɔde begyina wɔn adwuma no akyi. Wonyaa kyerɛw nsɛm te sɛ “Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhu ade” ne “Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam.” (Hiob 37:7; Mmebusɛm 3:16) Wɔde nsa ho apɔw nso kaa ho efisɛ na wosusuw sɛ egyina hɔ ma okyinnsoromma ahorow, ma enti ɛma wohu onipa no ne ne daakye ho biribi.

41. Ɔkwan bɛn na Apuei famfo fa so bisa ade?

41 Anim ne nsam a wɔhwɛ de kyerɛ nea ɛbɛba daakye agye din yiye wɔ Apuei fam. Wɔn a wɔhwɛ anim ne nsam ne ho afotufo a eyi yɛ wɔn adwuma akyi no, wɔn a wɔyɛ de gye wɔn ani ne wɔn a wɔn ankasa yɛ wɔn de no abu so, efisɛ nhoma ahorow a obiara betumi ate ase nyɛ na. Nkurɔfo taa hwɛ nsam de kyerɛ nea ɛbɛba sɛ ade a wɔyɛ de gye wɔn ani, nanso pii nso bu nneɛma a ɛtete saa no aniberesɛm. Nanso, mpɛn pii no, ɔkwan biako pɛ a wɔfa so bisa ade no ntaa nnɔɔso mma nkurɔfo. Sɛ wohyia ɔhaw a anibere wom anaasɛ ɛsɛ sɛ wosi gyinae ahorow a ɛho hia a, wɔkɔ wɔn asɔredan, sɛ ɛyɛ Buddhafo, Taofo, Shintofo, anaasɛ afoforo de bi mu kobisa wɔn anyame, na afei wofi hɔ kɔ nsoromma mu hwɛfo hɔ kobisa wɔn nsoromma, wɔkɔ ɔdebisafo nkyɛn ma ɔhwɛ wɔn nsam ne wɔn anim, na ne nyinaa akyi no, wɔba fie bebisa wɔn nananom a wɔawuwu. Wɔwɔ anidaso sɛ wobenya mmuae a ɛte sɛ nea wɔrehwehwɛ no wɔ baabi.

So Ɛyɛ Anigyede a Ɔhaw Biara Nni Mu?

42. Dɛn na awosu mu a nkurɔfo fi pɛ sɛ wohu nea ɛbɛba daakye no ama wɔayɛ?

42 Ɛyɛ awosu sɛ obiara bɛpɛ sɛ ohu nea ɛbɛba daakye. Wɔ mmaa nyinaa no, nnipa pɛ sɛ wodi yiye na wɔkwati nea ebetumi adi wɔn awu. Ɛno nti na efi teteete no nnipa ahwehwɛ akwankyerɛ afi ahonhom ne anyame hɔ no. Wɔ saayɛ mu no, wodii ahonhonsɛm, woyii nkonyaa, wɔhwɛɛ nsoromma mu, na wɔyɛɛ nneɛma foforo a ɛyɛ gyidi hunu. Tetefo bobɔɔ nsɛbɛ de bɔɔ wɔn ho ban, na wɔkɔhwehwɛɛ ayaresa wɔ nnunsinfo ne akɔmfo nkyɛn. Nkurɔfo da so ara de “Ɔhotefo” Christopher mfonini hyɛ wɔn ho anaasɛ wɔbɔ “akraye” nsɛbɛ, na wɔyɛ wɔn ahonhonsɛmdi nhyiam, wɔwɔ adebisa nnua, adebisa bɔɔl, wɔn awo nsoromma, ne adebisa sopaa. Ɛte sɛ nea adesamma nsakrae ahe biara wɔ ahonhonsɛmdi ne gyidi hunu ho.

43. (a) Nnipa pii te nka dɛn wɔ ahonhonsɛmdi, nkonyaayi, ne adebisa ho? (b) Gyidi hunu nneyɛe ho nsɛmmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua?

43 Nokwarem no, nnipa pii nim sɛ eyinom yɛ gyidi hunu kɛkɛ, na enni nnyinaso ankasa. Na ebia wɔbɛka aka ho sɛ wɔyɛ de gye wɔn ani kɛkɛ. Afoforo mpo ka sɛ mfaso wɔ nkonyaayi ne adebisa so ankasa efisɛ ɛma nnipa a anka akwanside ahorow a wohyia wɔ asetra mu no bɛma ehu aka wɔn dodo no adwene si wɔn pii. Nanso so eyi nyinaa yɛ anigyede a ɔhaw biara nni mu anaa ebue obi adwenem kɛkɛ? Ɛhe na ahonhonsɛmdi ne nkonyaayi a yɛasusuw ho wɔ ti yi mu ne afoforo pii a yɛnkaa ho asɛm no fi ankasa?

44. Dɛn titiriw na yebetumi aka wɔ nea wogyina so yɛ nneɛma a ɛtete saa no ho?

44 Bere a yesusuw ahonhonsɛmdi, nkonyaayi, ne adebisa afã horow ho no, yɛahu sɛ ɛne awufo akra ne ahonhommɔne anaa ahonhom pa a nkurɔfo gye di sɛ wɔwɔ hɔ no wɔ abusuabɔ kɛse. Enti, ahonhom, nkonyaayi, ne adebisa mu gyidi gyina anyame pii som bi a egyina ɔdesani kra a enwu da nkyerɛkyerɛ so no so titiriw. So eyi yɛ fapem pa a ɛsɛ sɛ obi hyehyɛ ne som si so? Wubebu ɔsom a egyina fapem a ɛte saa so no sɛ eye?

45. Aduan a wɔde bɔ afɔre ma abosom ho asɛmmisa bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo hyiae?

45 Afeha a edi kan no mu Kristofo hyiaa nsɛmmisa koro yi ara. Ná wɔte Helafo ne Romafo ne wɔn anyame pii ne wɔn gyidi hunu ho amanne horow no mu. Ná amanne no biako ne aduan a wɔde bɔ afɔre ma anyame na afei wɔadi. So na ɛsɛ sɛ obi a ɔdɔ nokware Nyankopɔn no na ɔpɛ sɛ ɔsɔ n’ani no de ne ho hyɛ amanne a ɛte saa no mu? Hwɛ sɛnea ɔsomafo Paulo buaa saa asɛmmisa no.

46. Dɛn na Paulo ne tete Kristofo no gye dii wɔ Onyankopɔn ho?

46 “Na abosom afɔrebɔde di ho de, yenim sɛ abosom nyɛ hwee ewiase, nanso onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara. Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, ade a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a, yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no.” (1 Korintofo 8:4-6) Na Ɔsomafo Paulo ne afeha a edi kan no mu Kristofo no nim sɛ nokware som nyɛ ɔsom a wɔde ma anyame pii, na mmom ɔsom a wɔde ma ‘Onyankopɔn biako, Agya no’ a Bible no da ne din adi bere a ɛka eyi no: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.

47. Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛɛ nea ‘anyame ne awurade a wɔwɔ ɔsoro anaa asase so’ no yɛ ankasa?

47 Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛwom sɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ “abosom nyɛ hwee” de, nanso wanka sɛ “anyame” ne “awurade” a nkurɔfo nam wɔn nkonyaayi, adebisa, ne afɔrebɔ so kɔ wɔn nkyɛn no nni hɔ. Ɛnde, dɛn na na ɔkyerɛ titiriw? Akyiri yi Paulo kaa eyi pefee wɔ saa nhoma no ara mu bere a ɔkyerɛw eyi no: “Na mmom [mise], afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn.” (1 Korintofo 10:20) Yiw, na amanaman no nam wɔn anyame ne awurade pii no so resom adaemone ankasa—abɔfo, anaa ahonhom abɔde a wɔtew atua tiaa nokware Nyankopɔn na wɔkɔkaa wɔn kannifo Satan Ɔbonsam ho no.—2 Petro 2:4; Yuda 6; Adiyisɛm 12:7-9.

48. Asumansɛm mu asiane bɛn na ɛda so ara wɔ hɔ nnɛ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati?

48 Mpɛn pii no, nnipa a wose wɔn ani mmuei a wɔn ankasa gyidi hunu ne nneɛma a wosuro de wɔn yɛɛ nkoa no asɛm yɛ nkurɔfo mmɔbɔ. Wɔka sɛ wɔn mogyahwiegu afɔrebɔ ne amanne ahorow a atirimɔdenne wom no mma nkurɔfo mmɛn wɔn. Na ɛfata sɛ ɛba saa. Nanso, yɛda so ara te abayisɛm, abonsansom, nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre mpo ho asɛm de besi nnɛ. Ɛwom sɛ ebia eyi ntaa nsi de, nanso ɛda no adi sɛ wɔda so ara kyerɛ asumansɛm ho anigye. Ebia ‘anigyede a ɔhaw nnim’ ne asɛmpɛ na ɛma wofi ase de, nanso asiane ne owu na ɛtaa fi mu ba. Hwɛ nyansa a ɛwom sɛ yebetie Bible kɔkɔbɔ yi: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8; Yesaia 8:19, 20.

49. Dɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ nhoma yi atiri a edidi so no mu?

49 Bere a yɛasusuw nea ɛyɛe a nyamesom bae, sɛnea atetesɛm gu ahorow, ne ahonhonsɛmdi, nkonyaayi, ne gyidi hunu ahorow ho no, afei yɛbɛdan yɛn adwene akɔ wiase nyamesom atitiriw no so—Hindusom, Buddhasom, Taosom, Konfusiosom, Shinto, Yudasom, Kristoman mu asɔre ahorow, ne Nkramosom so. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Dɛn na wɔkyerɛkyerɛ? Nkɛntɛnso bɛn na ɛwɔ wɔ wɔn gyidifo so? Yebesusuw nsɛmmisa yi ne afoforo ho wɔ atiri a edidi so no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 76]

Ɛte sɛ nea na nkonyaayi bi ma wonya nea wɔhwehwɛ no

[Kratafa 85 adaka]

So Nsoromma mu Hwɛ Yɛ Nyansahu?

Nsoromma mu hwɛ kyerɛ sɛ owia, ɔsram, nsoromma, ne okyinnsoromma ahorow betumi anya asase so nsɛm so nkɛntɛnso, na faako a ɔsoro abɔde ahorow yi wɔ bere a wɔwo obi no di dwuma bi wɔ n’asetra mu. Nanso, nneɛma a nyansahu ahu ma nsɛnnennen akɛse sɔre:

▪ Nsoromma ho animdefo te sɛ Copernicus, Galileo, ne Kepler nhwehwɛmu akyerɛ pefee sɛ asase nni amansan no mfinimfini. Seesei wɔsan nim sɛ nsoromma ahorow a mpɛn pii no ɛte sɛ nea ɛwɔ nsoromma kuw bi mu no nni kuw bi mu ankasa. Emu bi betumi ayɛ nea ɛwɔ akyirikyiri wɔ ahunmu, na afoforo nso bɛn yɛn kakra. Enti, nsoromma akuw mu nneɛma a wɔde di dwuma wɔ nsoromma mu hwɛ mu no yɛ nneɛma a wɔde adwene bu sɛ ɛwɔ hɔ.

▪ Ná tete nsoromma mu ahwɛfo nnim okyinnsoromma Uranus, Neptune, ne Pluto efisɛ wɔanhu kosii sɛ wɔyɛɛ afiri a wɔde hwɛ nsoromma no. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na wɔde nsoromma ahorow mfonini a wɔyɛe wɔ mfehaha pii a atwam no mu kyerɛɛ “nkɛntɛnso” a ɛwɔ? Bio nso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ okyinnsoromma biako “nkɛntɛnso” yɛ “papa” na foforo de yɛ “bɔne,” bere a seesei nyansahufo nim sɛ ne nyinaa yɛ abotan anaa mframa pii a nkwa nnim titiriw a ɛnenam wim?

▪ Awosu ho nimdeɛ kyerɛ yɛn sɛ ɛnyɛ awo bere mu na yenya nea ɛhyehyɛ yɛn nipasu, na mmom nyinsɛn bere mu, bere a agya no nkwaboaa ɔpepem pii no biako ne ɛna no mmadwoa biako hyia ka bom no. Nanso nsoromma mu ahwɛfo de bere a wɔwo obi na ɛkyerɛ ne nsoromma gyinabea. Ɛsɛ sɛ asram bɛyɛ akron a ɛda ntam no ma obi nya nipasu soronko koraa wɔ nsoromma mu hwɛ de ho.

▪ Sɛnea obi a ɔwɔ asase so hu bere a owia nenam nsoromma akuw no mu nnɛ no aka akyi wɔ sɛnea na ɛte wɔ mfe 2,000 a atwam ni mu, bere a wɔyɛɛ nsoromma mu hwɛ mu nneɛma mfonini no ho bɛyɛ ɔsram biako. Enti, nsoromma mu hwɛ bɛka sɛ obi a wɔwoo no June awiei anaa July mfiase no yɛ Cancer (asɛm haw no ntɛmntɛm, ɔtaa munamuna, ɔmpɛ kasa). Nanso nokwarem no, saa bere no na owia no wɔ Gemini nsoromma kuw no mu, na ɛsɛ sɛ ɛma onipa no pɛ nkɔmmɔ, ɔyɛ onitefo, okurokurofo.

Ɛda adi pefee sɛ ntease biara nni nsoromma mu hwɛ mu na enni nyansahu nnyinaso biara.

[Kratafa 71 mfonini]

Nhwehwɛ a abobɔ, nnyinamoa tuntum, ne nɔma ahorow bi ma wonya gyidi hunu. Chinafo nkyerɛwde ma “anan” gyigye te sɛ “owu” wɔ Chinafo ne Japanfo kasa mu

[Kratafa 74 mfonini ahorow]

Benkum so, Our Lady of Guadalupe Asɔredan Kɛse a ɛwɔ Mexico no, beae a Katolekfo bɔ mpae srɛ anwonwakwan so ayaresa.

Nifa so, Stonehenge wɔ England, baabi a wose na tete Druidfo som owia wɔ hɔ

[Kratafa 80 mfonini]

Ebinom kɔ abisa wɔ akɔmfo ne nnunsinfo hɔ

[Kratafa 81 mfonini ahorow]

Afoforo nso wɔ wɔn ahonhonsɛmdi nhyiam horow, adebisa nnua, adebisa bɔɔl, nkonyaayi sopaa ne adebisafo

[Kratafa 82 mfonini ahorow]

Apuei fam adebisa a wɔde akyekyere nworaa so nkyerɛwee ne yin-yang sɛnkyerɛnne di dwuma wom no akyɛ yiye

[Kratafa 87 mfonini ahorow]

Nnipa pii de wɔn awo nsoromma gyinabea bisa ade, na wɔwɔ gyidi sɛ owia, ɔsram, okyinnsoromma, ne nsoromma gyinabea wɔ wɔn awo bere mu no ka wɔn asetra

[Kratafa 90 mfonini ahorow]

Sɛ ɔdebisafo no wosow kuruwa ma akraye dua a ɛwom no fi tɔ fam a, onya nkrasɛm bi ne ne nkyerɛase