Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye

Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye

Ti 16

Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye

“Wɔ amansan a ɛyɛ nwonwa yi mu no, ade biako wɔ hɔ a Onipa betumi agye atom sɛ ɛyɛ nokware. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Onipa ankasa ne honhom muni a ɔsen biara wɔ Amansan no mu. . . . Ɔteasefo bi wɔ Amansan no mu a ɔyɛ honhom muni sen Onipa ankasa. . . . Onipa botae ne sɛ ɔne ɔteasefo a ɔhyɛ anwonwade no akyi bedi nkitaho, na wahwehwɛ no, a atirimpɔw no ne sɛ ɔne honhom teasefo a ɔyɛ pɛ yi bɛyɛ biako.”—An Historian’s Approach to Religion, a Arnold Toynbee kyerɛwee.

1. (Fa nnianim asɛm no ka ho.) (a) Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo Toynbee hu wɔ onipa ne amansan no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛɛ onii ko a “honhom teasefo a ɔyɛ pɛ” no yɛ?

ADESAMMA de mmɔdenbɔ kɛse anaa kakra ahwehwɛ sɛ wobehu “honhom teasefo a ɔyɛ pɛ” no wɔ mfe mpem asia a atwam no fã kɛse mu. Ɔsom akɛse no mu biara ama saa ɔteasefo no din soronko. Sɛnea ɔsom a wowɔ mu te biara—Hindusom, Nkramosom, Buddhasom, Shintosom, Konfusiosom, Taosom, Yudasom, Kristosom, anaasɛ foforo biara—no, mowɔ din ma “honhom teasefo a ɔyɛ pɛ” no. Nanso Bible no kyerɛ ɔteasefo yi din, bɔbeasu, ne nipasu—Yehowa, Onyankopɔn teasefo. Saa Onyankopɔn a ɔda nsow no ka kyerɛɛ Persiani Kores Ɔkɛseɛ no sɛ: “Mene [Yehowa, NW], na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. . . . Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa.”—Yesaia 45:5, 12, 18; Dwom 68:19, 20.

Yehowa—Nkɔmhyɛ Nyankopɔn Nokwafo

2. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya daakye ho nokwasɛm a, hena na ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ ne nkyɛn, na dɛn ntia?

2 Onyankopɔn a adesamma hwehwɛ no no ne Yehowa. Yehowa ada ne ho adi sɛ nkɔmhyɛ Nyankopɔn a otumi fi mfiase ka awiei asɛm. Ɔnam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Monkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; me ne Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. . . . Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.”—Yesaia 46:9-11; 55:10, 11.

3. (a) Nsɛm a ebesisi bɛn na yɛnam Bible nkɔmhyɛ so betumi ahu? (b) Dɛn na Satan ayɛ wɔn a wonnye nni no, na dɛn ntia?

3 Esiane sɛ yɛwɔ nkɔmhyɛ Nyankopɔn nokwafo a ɔte sɛɛ nti, yebetumi ahu nea ɛbɛba wiase nyamesom nhyehyɛe a emu apaapae no so. Afei nso, yebetumi akyerɛ nea ɛbɛba amammui ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ tumi a ɛte sɛ nea ɛkyerɛ nea ɛbɛba wiase no so. Nea ɛsen saa mpo no, yebetumi akyerɛ nea “wi yi ase nyame,” Satan, a ɔde ɔsom ahorow pii a atwe adesamma afi nokware Nyankopɔn Yehowa ho “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani” no bɛyɛ. Dɛn nti na Satan ayɛ anifurae adwuma yi? Ɔyɛ na amma “Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.”—2 Korintofo 4:3, 4; 1 Yohane 5:19.

4. Asase ne onipa daakye ho nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yebua?

4 Yebetumi ahu nea ɛbɛba wɔ nsɛm a wɔka siei sɛ ebesisi yi akyi nso. Awiei koraa no asase tebea bɛyɛ dɛn? So efĩ bɛba ɛso nneɛma mu? Ɛbɛsɛe? Ɛso kwae bɛsa? Anaasɛ asase ne adesamma abusua no bɛyɛ foforo? Sɛnea yebehu no, Bible no bua nsɛmmisa yi nyinaa. Nanso ma yenni kan nsusuw nsɛm a ebesisi nnansa yi ara ho.

Wɔahu “Babilon Kɛse No”

5. Dɛn na Yohane hui wɔ anisoadehu mu?

5 Woyii Bible nhoma a ɛne adiyisɛm no adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ Patmo supɔw so wɔ afe 96 Y.B. mu. Ɛkyerɛ nsɛntitiriw a ebesisi wɔ awiei bere no mu pefee, bere a sɛnea Bible adanse kyerɛ no, adesamma wɔ mu fi 1914. * Sɛnkyerɛnne kwan so mfonini a Yohane hui wɔ anisoadehu yi mu biako ne aguaman bi a ommu ade a wasiesie ne ho hyerɛnn a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse, asase so nguaman ne akyide nã.” Na ɔwɔ tebea bɛn mu? “Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no.”—Adiyisɛm 17:5, 6.

6. Dɛn nti na Babilon Kɛse no nyɛ wiase amammuifo a wodi tumi no ho mfonini?

6 Ɔbea yi yɛ dɛn ho mfonini? Wɔannyaw yɛn sɛ yɛmfa yɛn adwene mmu onii ko a ɔyɛ. Sɛ yesusuw wɔn a obetumi ayɛ wɔn ho mfonini no ho mmiako mmiako a, yebetumi ahu onii ko a ɔyɛ. Wɔ anisoadehu koro no ara mu no, Yohane te sɛ ɔbɔfo bi ka sɛ: “Bra na menkyerɛ wo aguaman kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. Ɔno na wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsã no abobow wɔn a wɔtete asase so no.” Sɛ asase so ahene anaa sodifo ne no bɔ aguaman a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ aguaman no rentumi nyɛ wiase amammui atumfoɔ no ho mfonini.—Adiyisɛm 17:1, 2, 18.

7. (a) Dɛn nti na Babilon Kɛse no nyɛ aguadifo ho mfonini? (b) Babilon Kɛse no yɛ dɛn ho mfonini?

7 Kyerɛwtohɔ koro no ara ka kyerɛ yɛn sɛ “asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.” Enti Babilon Kɛse no rentumi nyɛ asase so nnwumawuranom anaa “aguadifo” no ho mfonini. Nanso, asɛm a wɔnam honhom so kyerɛw no ka sɛ: “Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.” Wiase ade titiriw foforo bɛn na aka a sɛnkyerɛnne kwan so aguaman a ɔne amammui sodifo bɔ aguaman, ɔne nnwuma di gua, na ɔde anuonyam te nkurow, nnipadɔm, aman ne ɔkasa horow so ho nkyerɛkyerɛmu no fata no? Ɛyɛ atoro som ne ne tebea horow nyinaa!—Adiyisɛm 17:15; 18:2, 3.

8. Nokwasɛm afoforo bɛn na esi nea Babilon Kɛse no yɛ so dua?

8 Kasa a ɔbɔfo bi kasa tiaa Babilon Kɛse no wɔ ‘n’ahonhonsɛmdi a ɔde adaadaa amanaman nyinaa’ ho no si nea ɔyɛ yi so dua. (Adiyisɛm 18:23) Ahonhonsɛmdi biara yɛ nyamesom na adaemone na wɔhyɛ ho nkuran. (Deuteronomium 18:10-12) Enti, ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse yɛ nyamesom ahyehyɛde bi ho mfonini. Bible mu adanse da no adi sɛ ɛyɛ Satan wiase nyinaa atoro som ahemman a ɔde ho asɛm hyɛ nnipa adwenem na ama watwe wɔn adwene afi nokware Nyankopɔn Yehowa no so.—Yohane 8:44-47; 2 Korintofo 11:13-15; Adiyisɛm 21:8; 22:15.

9. Nsɛdi bɛn na yehu wɔ ɔsom ahorow pii mu?

9 Sɛnea yɛahu wɔ nhoma yi nyinaa mu no, nsɛdi da adi wɔ wiase som hwanyann no nyinaa mu. Ɔsom ahorow pii fi atetesɛm mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɔdesani kra a wose enwu na ɛkɔ asetra foforo mu anaasɛ ɛkɔhyɛn abɔde foforo mu no mu gyidi ka wɔn nyinaa bom biako. Wɔn mu pii wɔ gyidi biako sɛ beae bi a ɛyɛ hu a wɔyɛ nnipa ayayade wɔ hɔ a wɔfrɛ no hell. Tete abosonsomfo gyidi horow wɔ anyame baasakoro ne ɛna anyamewa mu no ka pii bom. Enti, ɛfata sɛ wɔka wɔn nyinaa bom wɔ aguaman “Babilon Kɛse” ho sɛnkyerɛnne biako a ekura afã horow no ase.—Adiyisɛm 17:5.

Bere a Ɛsɛ sɛ Wuguan Fi Atoro Som Mu Ni

10. Awiei bɛn na wɔahyɛ nkɔm sɛ nyamesom mu aguaman no benya?

10 Dɛn na Bible no ka siei sɛ awiei koraa no ɛbɛto aguaman a ɔwɔ wiase nyinaa yi? Adiyisɛm nhoma no de sɛnkyerɛnne kwan so kasa ka sɛe a amammuifo bɛsɛe no no ho asɛm. Wɔde “mmɛn du” a egyina Amanaman Nkabom, “aboa kɔkɔɔ” a ɛyɛ Satan amammui nhyehyɛe a edi mogya ho fɔ akyi honi no yɛ eyinom ho mfonini.—Adiyisɛm 16:2; 17:3-16. *

11. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn kasa tia atoro som? (b) Dɛn na ɛbɛto Babilon Kɛse no?

11 Atemmu a Onyankopɔn de bɛba ɔsom ahorow yi so no bɛma wɔasɛe Satan wiase nyinaa atoro som ahemman no. Esiane sɛ wɔne amammui atumfo nhyɛsofo ayɛ biako na wogyina wɔn akyi nti, wobebu wɔn fɔ sɛ wɔabɔ aguaman wɔ honhom mu. Atoro som de mogya a edi bem akeka n’atade mu efisɛ ɛde ne ho bɔ ɔman biara sodifo kuw a ɛkorɔn ho wɔ ɔman no akodi ahorow mu. Enti Yehowa de hyɛ amammuifo komam sɛ wɔnyɛ n’apɛde ntia Babilon Kɛse no nsɛe no.—Adiyisɛm 17:16-18.

12. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ saa bere yi na sɛ wɔsɛe Babilon no a, wɔakora wo so? (b) Nkyerɛkyerɛ bɛn na ɛma nokware som da nsow?

12 Esiane sɛ eyi ne wiase nyamesom ahorow no daakye nti, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Mmuae no wɔ nea Yohane tee sɛ ɛnne bi fi soro ka no mu: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” Enti, saa bere yi na ɛsɛ sɛ wutie ɔbɔfo no ahyɛde a ese fi Satan atoro som ahemman mu kɔ Yehowa nokware som mu no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 377 no mu.)—Adiyisɛm 17:17; 18:4, 5; fa toto Yeremia 2:34; 51:12, 13 ho.

Harmagedon Abɛn

13. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ esisi nnansa yi ara?

13 Adiyisɛm ka sɛ “ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no.” Sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow nyinaa kyerɛ no, saa “da koro pɛ” anaa bere tiaa mu mpofirim ɔsɛe no abɛn. Nokwarem no, Babilon Kɛse no sɛe de “ahohiahia kɛse” a ɛbɛkɔ akowie “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko . . . Harmagedon” no bɛba. Saa Harmagedon ko anaasɛ ɔsa no bɛma Satan amammui nhyehyɛe no adi nkogu na wɔde no ato ebun mu. Trenee wiase foforo befi ase!—Adiyisɛm 16:14-16; 18:7, 8; 21:1-4; Mateo 24:20-22.

14, 15. Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛda adi sɛ ɛrebenya mmamu?

14 Yɛahu dedaw sɛ Bible nkɔmhyɛ titiriw foforo bi rebenya mmamu. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ [Yehowa, NW] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.”—1 Tesalonikafo 5:1-3.

15 Ɛbɛyɛ te sɛ aman a anka wɔpɛ ɔko na wonnye wɔn ho wɔn ho nni de ahwɛyiye rebɛn tebea bi a ɛbɛma wɔatumi aka sɛ asomdwoe ne ahotɔ aba wiase. Enti, ɔkwan foforo so no, yenim sɛ da a Yehowa atemmu bɛba atoro som, amanaman no ne wɔn sodifo, Satan, so no abɛn.—Sefania 2:3; 3:8, 9; Adiyisɛm 20:1-3.

16. Dɛn nti na Yohane afotu no ho hia nnɛ saa?

16 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɔ wɔn bra te sɛ nea honam fam nneɛma nkutoo na ɛtra hɔ daa na mfaso wɔ so. Nanso, nea wiase bɔne yi de ma nyinaa yɛ ahuhude na ɛntra hɔ nkyɛ. Enti na Yohane afotu yi ho hia kɛse no: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ nni no mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” So worempɛ sɛ wotra ase daa?—1 Yohane 2:15-17.

Wiase Foforo a Wɔahyɛ Ho Bɔ

17. Dɛn na wɔn a wɔhwehwɛ nokware Nyankopɔn no benya daakye?

17 Esiane sɛ Onyankopɔn nam Kristo Yesu so rebebu wiase ntɛn nti, dɛn na ebedi akyi aba? Bere tenten ni no, Onyankopɔn hyɛɛ bɔ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu sɛ obedi ne mfitiase atirimpɔw ma adesamma a wɔwɔ asase yi so no ho dwuma, kyerɛ sɛ ɔbɛma adesamma abusua no mu asoɔmmerɛfo anya asetra a ɛyɛ pɛ wɔ paradise asase so. Mmɔden a Satan bɔe sɛ ɔbɛsɛe saa atirimpɔw no mmaa Onyankopɔn bɔhyɛ nyɛɛ ɔkwa. Enti na Ɔhene Dawid tumi kyerɛw sɛ: “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi. Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:9-11, 29; Yohane 5:21-30.

18-20. Nsakrae ahorow bɛn na ɛbɛba asase yi so?

18 Asase bɛba tebea bɛn mu wɔ ɛno akyi? So efĩ bɛba ɛso nneɛma mu koraa? Ɛbɛhyew? Ɛso kwae bɛsa? Dabida! Mfiase no na Yehowa pɛ sɛ asase no bɛyɛ paradise turo fɛfɛ a emu tew na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ mu. Ɛmfa ho sɛ onipa asɛe asase no, ebetumi aba saa. Nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe “wɔn a wɔasɛe asase no.” Afeha a ɛto so 20 yi nkutoo mu na tebea a ɛrema asase nyinaa asɛe aba. Eyinom nyinaa nti na ɛsɛ sɛ yegye di sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛyɛ biribi de abɔ n’agyapade, n’abɔde ho ban.—Adiyisɛm 11:18; Genesis 1:27, 28.

19 Nsakrae yi bɛba nnansa yi ara wɔ Onyankopɔn “ɔsoro foforo ne asase foforo” nhyehyɛe no mu. Ɛrenyɛ wim foforo ne okyinnsoromma foforo, na mmom honhom fam nniso foforo a ebedi asase a wɔasiesie no foforo, a adesamma abusua a wɔn tebea ayɛ papa te so no so. Wɔ saa wiase foforo no mu no, wɔrenni mfɛfo nnipa anaa mmoa amim bio. Wɔrenyɛ basabasa na wɔrenhwie mogya ngu. Obiara benya dabere, ɔkɔm renne nnipa na wɔrenhyɛ wɔn so.—Adiyisɛm 21:1; 2 Petro 3:13.

20 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. . . . Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, [Yehowa, NW] na ose.”—Yesaia 65:17-25.

Wiase Foforo no Fapem

21. Dɛn nti na wiase foforo no bɛba ɔkwan biara so?

21 Ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom nyinaa atumi ayɛ hɔ?’ Efisɛ “Onyankopɔn a onni atoro no . . . fi teteete hyɛɛ bɔ” sɛ ɔbɛma adesamma asan aba tebea pa mu na wɔanya daa nkwa wɔ pɛyɛ mu. Anidaso yi nnyinaso na ɔsomafo Petro kaa ho asɛm wɔ ne nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no mu no: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Tito 1:1, 2; 1 Petro 1:3, 4.

22. Dɛn na ɛho hia titiriw wɔ wiase foforo no ho anidaso mu, na dɛn ntia?

22 Yesu Kristo wusɔre no ho hia titiriw na yɛanya trenee wiase foforo ho anidaso efisɛ Onyankopɔn apaw no sɛ omfi soro nni asase a wɔatew so no so. Paulo nso sii sɛnea Kristo wusɔre no ho hia no so dua bere a ɔkyerɛw eyi no: “Nanso afei de, wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan. Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.”—1 Korintofo 15:20-22.

23. (a) Dɛn nti na Kristo wusɔre no ho hia? (b) Ahyɛde bɛn na Yesu a wanyan afi awufo mu no de maa n’akyidifo?

23 Kristo afɔrebɔ wu sɛ agyede a ɛfata ne ne wusɔre no too nhyɛase maa “ɔsoro foforo” a ɛne Ahenni nniso ne adesamma abusua a wɔn tebea ayɛ papa a wɔne “asase foforo” no ho anidaso. Ne wusɔre no nso hyɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ a n’asomafo anokwafo no yɛe no mu den. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu [a wanyan afi awufo mu no] kyerɛɛ wɔn no so. Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye. Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 19:28, 29; 28:16-20; 1 Timoteo 2:6.

24. Nhyira foforo bɛn na Yesu wusɔre no si so dua?

24 Yesu wusɔre no nso hyɛ nhyira foforo a adesamma benya ho bɔ—awufo sɔre. Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no yɛ daakye owusɔre kɛse ho sɛnkyerɛnne. (Hwɛ nkratafa 249-50.) Yesu kae sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29; 11:39-44; Asomafo no Nnwuma 17:30, 31.

25. (a) Dɛn na wiase foforo no mufo nyinaa betumi apaw? (b) Ɔsom bɛn na ɛbɛtra wiase foforo no mu?

25 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebetumi ama yɛn adɔfo akwaaba, a ebia awo ntoatoaso biara bɛyɛ saa nnidiso nnidiso! Afei wɔ wiase foforo no mu no, onipa biara betumi asi gyinae wɔ tebea horow a ɛyɛ pɛ mu sɛ ebia ɔbɛsom nokware Nyankopɔn Yehowa no anaa ɔbɛyɛ ɔsɔretiafo na nkwa abɔ no. Yiw, wɔ wiase foforo no mu no, ɔsom biako pɛ na ɛbɛtra hɔ. Wɔde ayeyi nyinaa bɛma Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no, na ɔdesani ɔsoɔmmerɛfo biara bɛka odwontofo no nsɛm yi: “Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa. . . . [Yehowa, NW] sõ, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.”—Dwom 145:1-3; Adiyisɛm 20:7-10.

26. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu?

26 Afei a wode wiase som akɛse no atoto ho ahwɛ awie yi, yɛto nsa frɛ wo sɛ san hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible, a Yehowa Adansefo gyidi horow gyina so no mu. W’ankasa hwehwɛ mu hu sɛ wobetumi ahu nokware Nyankopɔn no. Sɛ ebia woyɛ Hinduni, Kramoni, Buddhani, Shintoni, Konfusioni, Taoni, Yudani, Kristoni anaasɛ ɔsom foforo biara muni a, saa bere yi na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ abusuabɔ a wo ne nokware Nyankopɔn teasefo no wɔ no mu. Ebia baabi a wɔwoo wo a woantumi anyɛ ho hwee no na ɛpaw wo som maa wo. Nokwarem no, nea Bible ka fa Onyankopɔn ho a wobɛhwehwɛ mu no mma wonhwere hwee. Eyi betumi ayɛ wo nkwa nna mu hokwan ankasa a wode behu Amansan Hene Nyankopɔn no atirimpɔw ma asase yi ne ɛso nnipa. Yiw, nokware Nyankopɔn no a wubefi wo koma mu ahwehwɛ n’akyi kwan no betumi ayɛ yiye denam Bible no a wo ne Yehowa asomafo, n’Adansefo a wɔde nhoma yi brɛɛ wo no besua no so.

27. (a) Yesu to nsa frɛ wo sɛ yɛ dɛn? (b) Nea ɛne nhoma yi asɛmti hyia no, Yesaia ka kyerɛ obiara sɛ ɔnyɛ dɛn?

27 Yesu anka asɛm yi kwa: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.” Wubetumi ayɛ wɔn a wɔahu nokware Nyankopɔn no mu biako, sɛ wutie odiyifo Yesaia asɛm yi a: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa, NW] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Mateo 7:7; Yesaia 55:6, 7.

28. Henanom na wobetumi aboa wo ma woahu nokware Nyankopɔn no?

28 Sɛ worehwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan a, fi wo pɛ mu kohu Yehowa Adansefo. * Wɔde anigye bɛboa wo ma woahu Agya no ne n’apɛde yiye bere a bere da so wɔ hɔ yi, na wɔrennye wo hwee.—Sefania 2:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ nna a edi akyiri no ho nsɛm pii a, hwɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., tintimii 1983 no nkratafa 148-54.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ahorow ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintim no 1991 no atiri 33–37.

^ nky. 28 Hwɛ kratafa 384 na woahu address ahorow no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 377 mfonini]

Ɔkwan a Wobɛfa so Ahu Nokware Som No

1. Nokware som de ɔsom ma nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɔne Yehowa no.—Deuteronomium 6:4, 5; Dwom 146:5-10; Mateo 22:37, 38.

2. Nokware som ma wɔfa Kristo Yesu so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.—Yohane 17:3, 6-8; 1 Timoteo 2:5, 6; 1 Yohane 4:15.

3. Nokware som kyerɛkyerɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim na ɛde di dwuma.—Yohane 13:34, 35; 1 Korintofo 13:1-8; 1 Yohane 3:10-12.

4. Nokware som mfa ne ho nhyehyɛ wiase amammuisɛm ne ntawntawdi mu. Ɛnkɔ obiara afã wɔ akodi bere mu.—Yohane 18:36; Yakobo 1:27.

5. Nokware som ma Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo denam Bible no a egye tom sɛ Onyankopɔn Asɛm no so.—Romafo 3:3, 4; 2 Timoteo 3:16, 17; 1 Tesalonikafo 2:13.

6. Nokware som mpene akodi anaa basabasayɛ so.—Mika 4:2-4; Romafo 12:17-21; Kolosefo 3:12-14.

7. Nokware som ka nnipa a wofi aman, kasa horow ne mmusua nyinaa mu bom. Ɛnkyerɛkyerɛ ɔmampɛ anaa nitan, na mmom ɔdɔ.—Yesaia 2:2-4; Kolosefo 3:10, 11; Adiyisɛm 7:9, 10.

8. Nokware som ka sɛ womfi ɔdɔ mu nsom Onyankopɔn na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya mfaso anaa akatua nti. Ɛnhyɛ nnipa anuonyam. Ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Petro 5:1-4; 1 Korintofo 9:18; Mateo 23:5-12.

9. Nokware som ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm sɛ nnipa nokware anidaso, na ɛnyɛ amammui anaa asetra mu nyansapɛ bi.—Marko 13:10; Asomafo no Nnwuma 8:12; 28:23, 30, 31.

10. Nokware som kyerɛkyerɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ma onipa ne asase ho. Ɛnkyerɛkyerɛ nyamesom atosɛm a ɛne sɛ ɔkra nwu da ne daa ayayade wɔ hell. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne dɔ.—Atemmufo 16:30; Yesaia 45:12, 18; Mateo 5:5; 1 Yohane 4:7-11; Adiyisɛm 20:13, 14.

[Mfonini]

Adansefo reka asɛm wɔ Netherlands

[Kratafa 373 mfonini]

Asase betumi adan paradise—eyi nti, wiase nyinaa trenee nniso a ɛbɛtra hɔ daa ho hia, na Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ

[Kratafa 374 mfonini]

Ansa na Yesu resan akɔ soro no, ɔde ahyɛde maa n’asuafo sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnkyerɛkyerɛ wɔ asase so nyinaa

[Kratafa 379 mfonini]

Awufo a wobenyan wɔn no bɛma adesamma abusua no ani agye wɔ asase so nyinaa