Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛdi Ahorow a Ɛwɔ Atetesɛm Mu

Nsɛdi Ahorow a Ɛwɔ Atetesɛm Mu

Ti 3

Nsɛdi Ahorow a Ɛwɔ Atetesɛm Mu

1-3. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw atetesɛm ahorow ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?

DƐN nti na ɛsɛ sɛ yesusuw atetesɛm ahorow ho? So ɛnyɛ tete ayɛsɛm ara kwa? Ɛyɛ ampa sɛ pii gyina ayɛsɛm so de, nanso afoforo gyina nokwasɛm so. Fa wiase nyinaa anansesɛm ne atetesɛm ahorow a egyina wiase nyinaa Nsuyiri a Bible ka ho asɛm mu nokwasɛm so no sɛ nhwɛso.

2 Ade biako nti a yɛresusuw atetesɛm ahorow ho ne sɛ ɛne nea gyidi ne amanne horow a ɛda so ara wɔ nyamesom ahorow mu nnɛ no gyina so. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ahu ɔkra a enwu da gyidi no wɔ tete Asiria ne Babilon ne Misraim, Hela, ne Roma atetesɛm mu de abedu Kristoman a abɛyɛ ne nyamekyerɛ mu gyidi titiriw no mu. Atetesɛm ahorow yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ tetefo hwehwɛɛ anyame ne asetra atirimpɔw. Yɛbɛka nsɛm a abu so wɔ wiase aman atitiriw no atetesɛm mu ho asɛm tiawa wɔ ti yi mu. Bere a yɛhwehwɛ atetesɛm ahorow yi mu no, yebehu sɛnea adebɔ, Nsuyiri no, atoro anyame ne anyame a wɔn afã yɛ nnipa, ɔkra a enwu da ne owia som taa pue wɔ atetesɛm a egu ahorow mu bere nyinaa. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa?

3 Mpɛn pii no, wohu abakɔsɛm mu nokwasɛm, onipa, anaasɛ asɛm bi a esii a akyiri yi woguguu mu dodo anaa wokyinkyim no ma ɛbɛyɛɛ atetesɛm wom. Abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow yi mu biako ne Bible no adebɔ ho kyerɛwtohɔ no. *

Adebɔ Ho Nokwasɛm ne Anansesɛm

4, 5. Ná Helafo atetesɛm mu gyidi horow no bi ne dɛn?

4 Adebɔ ho anansesɛm ahorow abu so, nanso ntease nni emu biara mu te sɛ adebɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no. (Genesis, atiri 1, 2) Sɛ nhwɛso no, Hela atetesɛm mu kyerɛwtohɔ no da atirimɔdensɛm adi. Helani a odii kan kyerɛw atetesɛm ahorow nnidiso nnidiso ne Hesiod a ɔkyerɛw ne nhoma Theogony no wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea anyame no ne wiase fii ase no mu. Ɔde Gaea, anaa Gaia (Asase), a ɔwo Uranus (Ɔsoro) no na efi ase. Nhomanimfo Jasper Griffin kyerɛkyerɛ nea ɛbae wɔ ɛno akyi no mu wɔ The Oxford History of the Classical World mu sɛ:

5 “Hesiod ka asɛm a Homer nim a ɛfa wim anyame a wɔbaa nnidiso nnidiso ho no kyerɛ. Nea edi kan no, na Uranus yɛ opumpuni, nanso ɔhyɛɛ ne mma so, na Gaia hyɛɛ ne babarima Kronos nkuran sɛ ɔnsa no. Kronos nso memenee ne mma, kosii sɛ ne yere Rea maa no ɔbo dii de sii Seus ananmu; wɔtetee abofra Seus wɔ Kreta, ɔhyɛɛ n’agya ma ɔfee ne nuanom no bae, na wɔne afoforo boaa no ma odii Kronos ne ne Titanfo so nkonim na wɔtow wɔn guu Tartarus.”

6. Sɛnea Jasper Griffin kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ henanom na wɔde Helafo atetesɛm no mu pii bae?

6 Helafo nyaa atetesɛm a ɛyɛ nwonwa yi fii he? Nhoma kyerɛwfo koro no ara bua sɛ: “Ɛte sɛ nea efi Sumeria. Yehu anyame a wɔtoatoaa so bae wɔ apuei famfo anansesɛm ahorow yi mu, na ɛwom sɛ mmarima a wɔsa wɔn, ade a wɔmene, ne ɔbo ho asɛntitiriw taa pue wom wɔ akwan a egu ahorow so de, nanso ɛkyerɛ sɛ sɛnea ɛne Hesiod asɛm no di nsɛ no nyɛ asɛm a ɛne asɛm hyia kɛkɛ.” Ɛsɛ sɛ yebu tete Mesopotamia ne Babilon sɛ mmeae a anansesɛm pii a abu so wɔ aman foforo mu no fi.

7. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wobenya tete Chinafo atetesɛm ahorow ho nsɛm? (b) Chinafo atetesɛm biako kyerɛkyerɛ asase ne onipa bɔ mu dɛn? (Fa toto Genesis 1:27; 2:7 ho.)

7 Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Chinafo nyamesom atetesɛm mu, efisɛ wɔsɛee kyerɛwtohɔ ahorow no mu pii wɔ 213-191 A.Y.B. mu. * Nanso, atetesɛm ahorow no bi da so ara wɔ hɔ, te sɛ nea ɛka ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ asase ho asɛm no. Anthony Christie, Apuei Famfo adwinni ho nimdefo bi kyerɛw sɛ: “Yɛahu sɛ na Chaos te sɛ akokɔ kesua. Na Ɔsoro ne Asase nni hɔ. Kesua no mu na P’an-ku fi bae, na wɔde emu nneɛma a ɛyɛ duru no yɛɛ Asase na wɔde nea ɛyɛ hare no yɛɛ Ahunmu. Wɔda P’an-ku adi sɛ akwatia a ɔhyɛ sisi nhoma anaasɛ nhaban atade tenten bi. Bɛyɛ mfe 18,000 no, na Asase ne Ahunmu ntam kwan mu twe anammɔn du da biara, na P’an-ku nyinii saa ara ma enti ne nipadua siw ɔkwan a ɛbɛdaa hɔ no. Owui no, ne nipadua nkwaa horow bɛyɛɛ abɔde ahorow. . . . Ne ho dwiw bɛyɛɛ adesamma abusua no.”

8. Sɛnea Inkafo atetesɛm kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na kasa horow bae?

8 Inkafo atetesɛm a efi Amerika Kesee Fam kyerɛkyerɛ sɛnea anansesɛm mu ɔbɔadeɛ bi maa ɔman biara kasa no mu. “Ɔmaa ɔman biara kasa a wɔbɛka . . . Ɔmaa obiara, a mmarima ne mmea ka ho nipadua ne ɔkra, na ɔhyɛɛ ɔman biara sɛ ɛmmem nkɔ asase ase. Enti ɔman biara nam asase ase koduu mmeae a ɔde maa wɔn no.” (The Fables and Rites of the Yncas a Cristóbal de Molina a ofi Cuzco kyerɛwee, na wɔfaa emu asɛm kae wɔ South American Mythology mu) Ɛda adi sɛ kasa a wɔyɛɛ no basabasa wɔ Babel ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no so na Inkafo atetesɛm yi gyina titiriw wɔ asɛm yi mu. (Genesis 11:1-9) Nanso ma yɛnnan yɛn adwene nkɔ Nsuyiri a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Genesis 7:17-24 no so afei.

Nsuyiri No—Nokwasɛm Anaa Anansesɛm?

9. (a) Dɛn na Bible no ka kyerɛ yɛn wɔ tebea horow a na ɛwɔ asase so ansa na Nsuyiri no reba no ho? (b) Na dɛn na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua yɛ na wɔagye wɔn nkwa wɔ Nsuyiri no mu?

9 Bible no de yɛn san yɛn akyi kɔ bɛyɛ mfe 4,500 a atwam ni no mu, bɛyɛ 2,500 A.Y.B., na ɛka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma atuatewfo dan wɔn ho nnipa na “wɔwarewaree [yerenom, NW] biara a wɔpɛ.” Aware a ɛne adebɔsu bɔ abira yi ma wɔwoo Nefilim basabasayɛfo, “abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” Wɔn amumɔyɛ no kaa wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no araa ma Yehowa kae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn mafi asase ani, . . . efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn. Na Noa de, onyaa ɔdom wɔ [Yehowa, NW] anim.” Afei kyerɛwtohɔ no toa so ka nneɛma pɔtee a na ɛsɛ sɛ Noa yɛ de gye ne ho, n’abusua ne mmoa a wogu ahorow wɔ Nsuyiri no mu ho asɛm.—Genesis 6:1-8, Genesis 6:13–8:22; 1 Petro 3:19, 20; 2 Petro 2:4; Yuda 6.

10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wobu Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Nsuyiri no ho sɛ anansesɛm?

10 Nnɛyi akasatiafo ka sɛ nsɛm a esisii ansa na Nsuyiri no reba a wɔaka wɔ Genesis no ho kyerɛwtohɔ no yɛ anansesɛm. Nanso, nnipa anokwafo te sɛ Yesaia, Hesekiel, Yesu Kristo, ne asomafo Petro ne Paulo gyee Noa ho abakɔsɛm no dii. Afei nokwasɛm a ɛne sɛ ɛda adi wɔ atetesɛm pii mu wɔ wiase nyinaa, a tete Gilgamesh Anwensɛm ne Chinafo, Astekfo, Inkafo, ne Mayafo atetesɛm ka ho no nso foa so. Bere a Bible kyerɛwtohɔ no wɔ yɛn adwene mu no, ma yensusuw Asiriafo ne Babilonfo atetesɛm ne nea ɛka fa nsuyiri bi ho no ho. *Yesaia 54:9; Hesekiel 14:20; Mateo 24:37; Hebrifo 11:7.

Nsuyiri no ne Gilgamesh a Ɔyɛ Onyame ne Onipa

11. Gilgamesh Anwensɛm no ho nimdeɛ a yɛwɔ no gyina dɛn so?

11 Sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ abakɔsɛm mu bɛyɛ mfe 4,000 a, yehu Akadiafo atetesɛm a agye din a wɔfrɛ no Gilgamesh Anwensɛm no. Eyi ho nimdeɛ a yɛwɔ no gyina Asurbanipal a odii hene 668-627 A.Y.B. wɔ tete Niniwe no nhomakorabea mu tete nkyerɛwee a wɔfrɛ no cuneiform mu asɛm so titiriw.

12. Ná hena ne Gilgamesh, na dɛn nti na na wɔmpɛ n’asɛm? (Fa toto Genesis 6:1, 2 ho.)

12 Ɛyɛ asɛm a ɛfa Gilgamesh a wɔka ne ho asɛm sɛ ne nkyem abiɛsa mu abien yɛ onyame na biako yɛ onipa, anaasɛ ne fã yɛ onyame na ne fã yɛ onipa no abaninsɛm ho. Anwensɛm no fã biako ka sɛ: “Ɔtoo afasu, ɔyɛɛ pampa kɛse bi, ne Eanna kronkron no asɔrefi maa wim nyame Anu, ne ɔdɔ nyamewa Ishtar . . . , yɛn dɔ ne ɔko awuraa no wɔ Uruk.” (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 45 no mu na woahu Asiriafo ne Babilonfo anyame ne anyamewa din.) Nanso, na Gilgamesh nyɛ abɔde a ne ho yɛ anika ankasa sɛ wɔne no tra. Urukfo nwiinwii kyerɛɛ anyame no sɛ: “N’akɔnnɔ bɔne ma ogye ɔbaabun biara fi ne dɔfo nsam, na ɔkofo babea ne ɔdehye yere nso ka ho.”

13. (a) Dɛn na anyame no yɛe, na dɛn na Gilgamesh yɛe? (b) Ná hena ne Utnapishtim?

13 Dɛn na anyame no yɛe wɔ nnipa no anwiinwii no ho? Onyamewa Aruru bɔɔ Enkidu sɛ ɔnyɛ Gilgamesh tamfo a ɔyɛ onipa. Nanso, sɛ́ anka wɔbɛyɛ atamfo mmom no, wɔbɛyɛɛ nnamfo paa. Bere a wɔrekyerɛw anwensɛm no, Enkidu wui. Gilgamesh a na wahaw no sui sɛ: “Sɛ miwu a, so merenyɛ te sɛ Enkidu? Amanehunu ahyɛn me yafunu mu. Owu a misuro nti, menenam sare so.” Ɔpɛe sɛ ohu nkwa a owu nnim ho ahintasɛm no na osiim sɛ ɔrekɔhwehwɛ Utnapishtim a onyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu, a na wɔama ɔne anyame no nkwa a owu nnim no.

14. (a) Dɛn na wɔka kyerɛɛ Utnapishtim sɛ ɔnyɛ? (Fa toto Genesis 6:13-16 ho.) (b) Dɛn na efii Gilgamesh akwantu soronko no mu bae?

14 Awiei koraa no, Gilgamesh hu Utnapishtim na ɔka nsuyiri no ho asɛm kyerɛ no. Sɛnea wohu wɔ Anwensɛm ɔbopon XI a wɔfrɛ no Nsuyiri Ɔbopon no so no, Utnapishtim ka nsuyiri no ho akwankyerɛ ahorow a wɔde maa no no ho asɛm sɛ: “Dwiriw ɔdan (yi) gu, pam hyɛn! Po ahonyade, hwehwɛ wo nkwa. . . . Fa nneɛma a nkwa wom nyinaa aba kɔ hyɛn no mu.” So eyi nte sɛ asɛm a Bible ka fa Noa ne Nsuyiri no ho wɔ ɔkwan bi so? Nanso Utnapishtim antumi amma Gilgamesh nkwa a owu nnim. Gilgamesh a n’abaw mu abu no san kɔ Uruk. Kyerɛwtohɔ no de ne wu wie asɛm no. Nea anwensɛm no kyerɛ nyinaa ne awerɛhow ne abasamtu a owu de ba ne owu akyi asetra. Saa tetefo no anhu nokware ne anidaso Nyankopɔn no. Nanso, abusuabɔ a anwensɛm no ne Bible mu kyerɛwtohɔ a asete nyɛ den a ɛfa bere a edi Nsuyiri no anim ho no wɔ da adi kɛse. Afei ma yɛnhwɛ Nsuyiri no ho asɛm a ɛda adi wɔ atetesɛm foforo mu no.

Nsuyiri no Ho Atetesɛm Wɔ Aman Foforo So

15. Dɛn nti na Sumeriafo nsuyiri ho atetesɛm no ho hia yɛn?

15 Nea akyɛ sen Gilgamesh Anwensɛm no mu asɛm mpo ne Sumeriafo atetesɛm a ɛka “Siusudra, Bible mu Noa no sɛso, a wɔka ne ho asɛm sɛ ɔhotefo, ɔhene a osuro Nyankopɔn, a na ɔhwɛ kwan bere nyinaa sɛ obenya ɔsoro adiyi nsɛm wɔ adaeso anaa nsɛm a wɔde kankye mu” ho asɛm no. (Ancient New Eastern Texts Relating to the Old Testament) Sɛnea nhoma koro no ara kyerɛ no, atetesɛm yi na “ɛka nea ɛne Bible mu asɛm di nsɛ na ɛyɛ nwonwa paa wɔ Sumeriafo nhoma ahorow a wɔahu pɛn mu.” Sumeria nyaa Babilonfo ne Asiria aman a ɛbae akyiri yi so nkɛntɛnso.

16. Ɛhe na na Chinafo nsuyiri ho atetesɛm no betumi afi aba?

16 Nhoma China—A History in Art ka kyerɛ yɛn sɛ Chinafo tete ahemfo no mu biako ne Yü a na ɔyɛ “Nsuyiri Kɛse no so nkonimdifo. Yü dan nsuyiri mu nsu no koguu nsubɔnten ne ɛpo mu de maa ne nkurɔfo nyaa baabi trae.” Atetesɛm ho nimdefo Joseph Campbell kyerɛw Chinafo “Atitiriw Du Mmere” ho asɛm sɛ: “Ebeduu bere titiriw yi a ɛbaa awiei wɔ Nsuyiri no mu no, wɔkaa ahempɔn du ho asɛm wɔ tete Chou bere so atetesɛm no mu. Enti, ɛte sɛ nea ade a yehu wɔ ha no betumi ayɛ tete Sumeriafo ahene din a wɔakyerɛw no nnidiso nnidiso a ɛhafo asakra no.” Afei Campbell kaa Chinafo atetesɛm mu nneɛma foforo a ɛte sɛ nea “ɛfoa ka a wɔka sɛ efi Mesopotamia no so” ho asɛm. Ɛno de yɛn san kɔ beae koro titiriw a atetesɛm ahorow pii fi no. Nanso, wɔka Nsuyiri no ho asɛm wɔ Amerika nso, sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico wɔ Astekfo bere so wɔ afeha 15 ne 16 Y.B. mu.

17. Nsuyiri ho atetesɛm bɛn na na Astekfo wɔ?

17 Astekfo atetesɛm kaa mmere anan a atwam a na abran te asase so wɔ nea edi kan no mu ho asɛm. (Ɛyɛ ade foforo a ɛma yɛkae Nefilim, abran a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Genesis 6:4 no.) Ná nsuyiri a ɛbae wɔ amansan no mfiase a “nsu a ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ka boom sɛee ahunmu ma ɛyɛɛ hahraa” ho atetesɛm ka ho. Ná onyame a ɔhwɛ osutɔ ne nsu so ne Tlaloc. Nanso, wɔbrɛe ansa na wɔrenya nsu no bi, na na ɔde ma de “sesa nnipa a wɔde wɔn abɔ afɔre a wɔn nusu bɛma osu atɔ no mogya.” (Mythology—An Illustrated Encyclopedia) Atetesɛm foforo ka sɛ Chalchiuhtlicue, nsu nyamewa a nsuyiri sɛee n’amansan no na odii bere a ɛto so anan no so hemmaa. Nnipa nyaa nkwa denam mpataa a wɔdanee no so!

18. Kyerɛwtohɔ bɛn na abu so wɔ Amerika Kesee famfo atetesɛm ahorow mu? (Fa toto Genesis 6:7, 8; 2 Petro 2:5 ho.)

18 Saa ara na na Inkafo wɔ wɔn Nsuyiri ho atetesɛm ahorow. Britaniani nhoma kyerɛwfo Harold Osborne se: “Ebia Amerika Kesee Fam atetesɛm mu asɛm a atrɛw sen biara ne nsuyiri ho nsɛm no . . . Nsuyiri bi ho atetesɛm atrɛw wɔ nnipa a wɔte mmepɔw so ne mmusua a wɔte asasetaw a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ so so no mu. Wɔtaa de nsuyiri no bata adebɔ ne ɔbɔadeɛ ne onyame bi ahoyi ho. . . . Ɛtɔ mmere bi a, wobu no sɛ Onyankopɔn asotwe a ɔde tɔree adesamma ase sɛnea ɛbɛyɛ na abusua foforo aba.”

19. Ka Mayafo nsuyiri ho atetesɛm ho asɛm.

19 Saa ara nso na na Mayafo a wɔwɔ Mexico ne Amerika Mfinimfini no wɔ wɔn Nsuyiri ho atetesɛm a ɛfa wiase nyinaa nsuyiri, anaa haiyococab, a ɛkyerɛ “nsu a ɛkataa asase so” ho. Katolekfo sɔfo panyin Las Casas kyerɛwee sɛ Guatemala Indiafo “frɛɛ no Butic, a ɛyɛ asɛmfua a ɛkyerɛ sɛ nsu pii yirii, na ɛkyerɛ atemmu a etwa to, enti wogye di sɛ Butic foforo bi rebɛba, a ɛyɛ nsuyiri ne atemmu foforo, nanso ɛnyɛ nsu na ɛde bɛba na mmom ogya.” Nsuyiri ho atetesɛm afoforo pii wɔ wiase nyinaa, nanso kakra a yɛafa aka asɛm dedaw no si atetesɛm no mu asɛntitiriw, a ɛne abakɔsɛm mu asɛm a wɔaka wɔ Genesis nhoma no mu so dua.

Ɔkra a Enwu Da Gyidi a Ɛwɔ Baabiara No

20. Ná dɛn na Asiriafo ne Babilonfo gye di wɔ owu akyi asetra ho?

20 Nanso, ɛnyɛ atetesɛm ahorow nyinaa na egyina nokwasɛm anaasɛ Bible so. Onipa agye nneɛma a entumi mmoa no atom bere a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan no, na nkwa a owu nnim ho nsusuwii adaadaa no. Sɛnea yebehu wɔ nhoma yi mu nyinaa no, ɔkra a enwu da gyidi anaasɛ nea ɛte saa no yɛ ade a yɛn nsa aka a adi mfe mpempem pii. Tete Asiriafo ne Babilonfo gye dii sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ. New Larousse Encyclopedia of Mythology kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ asase ase wɔ Apsu bun [a nsu kurennyenn ayɛ no ma na etwa asase ho hyia] akyi na baabi a nnipa sian kɔ wɔ owu akyi wɔ. Ná ɛyɛ ‘Asase a wɔnkɔ hɔ mma’ . . . Wɔka awufo akra—edimmu—‘a wɔhyehyɛ ntakra ntade te sɛ nnomaa’ no nyinaa bom wɔ mmeae a aduru sum daa yi.” Sɛnea atetesɛm no kyerɛ no, na onyamewa Ereshkigal, “asase kɛse no so Hemmaa” na odi asase ase wiase yi so.

21. Sɛnea Misrifo gyidi kyerɛ no, dɛn na ɛbaa awufo so?

21 Ná Misrifo nso wɔ adwene bi wɔ ɔkra a enwu da ho. Ansa na ɔkra no betumi adu anigyebea bi no, na ɛsɛ sɛ wɔkari ɔne Maat, nokware ne atɛntrenee nyamewa a na wɔde nokware takra ayɛ ne ho sɛnkyerɛnne no hwɛ. Ná Anubis, onyame a ɔwɔ sakraman ti, anaasɛ Horus, ɔkɔre no, boa adeyɛ yi. Sɛ Osiris pene so a, saa ɔkra no bɛkɔ na ɔne anyame no akogye wɔn ani. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 50 no.) Sɛnea ɛte mpɛn pii no, yehu wɔ ha sɛ Babilonfo ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no anya nkurɔfo nyamesom, wɔn asetra, ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso.

22. Na adwene bɛn na Chinafo kura wɔ awufo ho, na dɛn na wɔyɛ de boaa wɔn?

22 Ná owu akyi asetra ne hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ so ma nananom a wɔawuwu ani gye mu gyidi ka tete Chinafo anansesɛm ho. “Wobuu” nananom a wɔawuwu sɛ “ahonhom ateasefo a wɔwɔ tumi kɛse, a wɔn asefo a wɔte ase ho asɛm hia wɔn paa, nanso sɛ wɔyɛ nea wɔmpɛ a, wotumi de abufuw twe wɔn aso.” Na ɛsɛ sɛ wɔde mmoa biara ma awufo, a ayɔnkofo a wɔawu ka ho. Enti, “na wɔde nnipa bɛyɛ ɔha kosi ahasa a na wɔbɛyɛ Shang ahene bi asomfo wɔ wiase foforo no mu . . . sie wɔn. (Adeyɛ yi ma abusuabɔ ba tete China ne Misraim, Afrika, Japan, ne mmeae foforo a wɔbɔɔ afɔre a ɛte saa ara wɔ hɔ no ntam.)” (Man’s Religions a John B. Noss kyerɛwee) Saa nsɛm yi mu no, ɔkra a enwu da mu gyidi ma wɔde nnipa bɔɔ afɔre.—Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yesaia 38:18, 19 ho.

23. (a) Wɔ Helafo atetesɛm mu no, na hena ne dɛn ne Hades? (b) Sɛnea Bible kyerɛ no, dɛn ne Hades?

23 Ná Helafo a wɔyeyɛɛ anyame pii wɔ wɔn atetesɛm mu no dwen awufo ne faako a wɔkɔ no nso ho. Sɛnea atetesɛm ahorow no kyerɛ no, ná Kronos ba ne anyame Seus ne Poseidon nuabarima na ɔhwɛ esum kabii wiase no so. Ná ne din de Hades, na wɔde n’ahemman no too no. Ná ɔkwan bɛn so na awufo akra kodu Hades? *

24. (a) Sɛnea Helafo atetesɛm kyerɛ no, dɛn na esii wɔ awufo atrae? (b) Biribi a ɛne Gilgamesh Anwensɛm di nsɛ bɛn na ɛwɔ Helafo atetesɛm mu?

24 Nhoma kyerɛwfo Ellen Switzer kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná . . . abɔde a wɔn ho yɛ hu wɔ awufo atrae hɔ. Ná Charon a ɔde ɔkorow fa wɔn a wowuwui nkyɛe fi ateasefo asase so kɔ awufo atrae no wɔ hɔ. Na Charon gye akatua wɔ n’adwuma [asubɔnten Styx a ɔde wɔn twa] no ho, na na Helafo taa de sika hyɛ wɔn awufo tɛkrɛma ase de sie wɔn de hwɛ hu sɛ wɔwɔ sika a wobetua no pɛpɛɛpɛ. Na wogyaw akra a wɔantumi antua no wɔ asubɔnten no ho baabi a ɛhɔ nye, asase bi a enni wura so, na na wobetumi asan abɛhaw ateasefo.” *

25. Henanom na Helafo nsusuwii wɔ ɔkra ho no nyaa wɔn so nkɛntɛnso?

25 Helafo atetesɛm a ɛfa ɔkra ho no kɔɔ so nyaa Romafo nsusuwii so nkɛntɛnso, na Hela anyansapɛfo te sɛ Plato (bɛyɛ 427-347 A.Y.B.) nyaa tete Kristofo awaefo anyansapɛfo a wogyee ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ a na ennyina Bible so no kaa wɔn nkyerɛkyerɛ ho no so nkɛntɛnso kɛse.

26, 27. Astekfo, Inkafo, ne Mayafo buu owu dɛn?

26 Astekfo, Inkafo, ne Mayafo nso gye dii sɛ ɔkra nwu da. Na owu yɛ ahintasɛm ma wɔn sɛnea na ɛte ma aman foforo no. Na wɔwɔ wɔn guasodeyɛ ne gyidi horow a ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ano. Sɛnea fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu ho abakɔsɛm kyerɛwfo, Victor W. von Hagen, kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Ancient Sun Kingdoms of the Americas mu no: “Na awufo te ase ankasa: na wɔafi asetra biako mu kɔ foforo mu kɛkɛ; na wontumi mfa aniwa nhu wɔn, wontumi nso wɔn mu, na biribiara ntumi wɔn. Na awufo no . . . abɛyɛ abusuafo a wonhu wɔn.”—Fa toto Atemmufo 16:30; Hesekiel 18:4, 20 ho.

27 Nhoma koro no ara ka kyerɛ yɛn sɛ “na [Inka] Indiafo gye nkwa a owu nnim di; nokwarem no na wogye di sɛ obi nwu da, . . . amu no dan ɔteasefo kɛkɛ na enya atumfo a aniwa nhu wɔn no nkɛntɛnso ahorow no bi.” Na Mayafo nso gye di sɛ ɔkra ne ɔsoro 13 ne hell 9 wɔ hɔ. Enti, baabiara a yɛdan kɔ no, nkurɔfo mpɛ sɛ wogye di sɛ owu yɛ nokwasɛm ankasa, na nea wogyina so yɛ saa ne ɔkra a enwu da no.—Yesaia 38:18; Asomafo no Nnwuma 3:23.

28. Gyidi horow a akɔ so atra hɔ wɔ Afrika no bi ne nea ɛwɔ he?

28 Wɔka ɔkra a ɔkɔ so tra ase wɔ owu akyi ho nsɛm wɔ Afrikafo atetesɛm ahorow nso mu. Afrikafo pii suro awufo akra. New Larousse Encyclopedia of Mythology se: “Gyidi yi ne gyidi foforo bi na ɛnam—kɔ a ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi. Nkonyaayifo tumi srɛ akra ma wɔma wɔn tumi. Awufo akra taa kɔhyɛn mmoa mu, anaasɛ ɛdan afifide mpo.” Ne saa nti, Zulufo nkum awɔ bi a wogye di sɛ wɔyɛ wɔn abusuafo ahonhom no.

29. Kyerɛkyerɛ Afrika anafo mmusuakuw bi atetesɛm ahorow mu. (Fa toto Genesis 2:15-17; 3:1-5 ho.)

29 Masaifo a wɔwɔ Afrika anafo fam apuei gye di sɛ ɔbɔadeɛ bi a wɔfrɛ no ’Ng ai, a ɔma Masaini biara ɔbɔfo a ɔbɔ ne ho ban wɔ hɔ. Sɛ ɔkofo no wu ara pɛ a, ɔbɔfo no de ne kra kɔ awufo atrae. Larousse a yɛafa mu asɛm aka dedaw no ka sɛnea Zulufo ka owu ho atetesɛm bi a ɛfa onipa a odi kan a wɔfrɛ no Unkulunkulu a wabɛyɛ opumpuni wɔ atetesɛm yi mu ho no ho asɛm. Ɔsomaa ɔbosomaketew sɛ ɔmmɛka nkyerɛ adesamma sɛ: “Nnipa renwu!” Ɔbosomaketew nantew brɛoo na ɔmaa nneɛma twetwee n’adwene wɔ kwan so. Enti Unkulunkulu de nkra foforo somaa ɔketew sɛ ɔmmɛka sɛ, “Nnipa bewu!” Ɔketew duu hɔ kan, “na onipa biara ntumi nkwatii owu fi saa bere no.” Bechuanafo, Basutofo, ne Barongafo mmusuakuw no ka atetesɛm koro yi ara wɔ akwan horow so.

30. Dɛn na yɛbɛsan ahu bio afa ɔkra ho wɔ nhoma yi mu?

30 Bere a yɛkɔ so sua hwehwɛ a adesamma hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan ho ade no, yɛbɛsan ahu sɛnea na ɔkra a enwu da ho atetesɛm no hia adesamma na ɛda so ara hia wɔn no bio.

Owia Som ne Nnipa a Wɔde Wɔn Bɔ Afɔre

31. (a) Ná dɛn na Misrifo gye di wɔ owia nyame Ra ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛno ne nea Bible ka no bɔ abira? (Dwom 19:4-6)

31 Misraim atetesɛm no ka anyame ne anyamewa pii ho asɛm. Sɛnea wɔyɛe wɔ tete aman pii mu no, bere a Misrifo rehwehwɛ Nyankopɔn akyi kwan no, wɔdan kɔsom biribi a na ɛboa wɔn ma wotumi tra ase da biara no—owia. Enti wɔfrɛɛ wim hene a ɔde hyɛmma fi apuei kɔ atɔe da biara no Ra (Amon-Ra) na wɔsom no. Sɛ ade sa a, na ɔfa ɔkwan bi a ɛso yɛ hu so kotwam fa awufo atrae.

32. Ka ogya nyame Xiuhtecutli (Huehueteotl) afahyɛ biako ho asɛm.

32 Na wɔtaa de nnipa bɔ afɔre wɔ Astekfo, Inkafo, ne Mayafo owia som mu. Na Astekfo taa de nnipa bɔ afɔre ma wɔn anyame ahorow, ne titiriw wɔ owia nyame Tezcatlipoca som mu, de di nyamesom afahyɛ horow a ɛtoatoa so daa. Afei nso, wɔ ogya nyame Xiuhtecutli (Huehueteotl) afahyɛ mu no, na “ɔko mu nnommum ne wɔn a wɔkyeree wɔn no nyinaa bom saw . . . wɔde wɔn twa ogyaframa ho hyia na wopia wɔn gu nnyansramma no mu, na woyi wɔn bere a wonwui yi wɔn koma a ɛda so bɔ no de bɔ afɔre ma wɔn anyame.”—The Ancient Sun Kingdoms of the Americas.

33. (a) Inkafo som mu nneɛma no bi ne dɛn? (b) Dɛn na Bible no ka wɔ nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre ho? (Fa toto 2 Ahene 23:5, 11; Yeremia 32:35; Hesekiel 8:16 ho.)

33 Wɔ kesee fam tɔnn no, na Inkafo som wɔ n’afɔrebɔ ne atetesɛm ahorow. Tete Inkafo som mu no, na wɔde mmofra ne mmoa bɔ afɔre ma owia nyame Inti ne ɔbɔadeɛ Viracocha.

Atetesɛm mu Anyame ne Anyamewa

34. Ná henanom ne Misrifo nyame baasakoro no mu atitiriw paa, na dwuma bɛn na wodii?

34 Misraim baasakoro anyame atitiriw paa ne Isis a ɔyɛ ɔsoro baatan ho sɛnkyerɛnne; Osiris a ɔyɛ ne nuabarima ne ne kunu; ne Horus a ɔyɛ wɔn babarima a wɔtaa de ɔkɔre gyina hɔ ma no no. Ɛtɔ da bi a, wɔyɛ Isis mfonini wɔ Misrifo nkaedum so sɛ ɔrema ne ba nufu te sɛ Kristoman ɔbaabun no ne ne ba nkaedum ne mfonini ahorow a wɔyɛe bɛboro mfe mpem abien akyi no. Bere bi akyi no, Isis kunu Osiris gyee din sɛ awufo nyame efisɛ ɔde anidaso a ɛne sɛ awufo akra benya daa asetra a anigye wom wɔ owu akyi mae.

35. Ná hena ne Hator, na dɛn ne n’afe afe afahyɛ titiriw?

35 Na Misrifo Hator yɛ ɔdɔ, anigye, nnwom ne asaw nyamewa. Ɔbɛyɛɛ awufo hemmaa, a na ɔde antweri boa wɔn ma wɔkɔ soro. Sɛnea New Larousse Encyclopedia of Mythology kyerɛkyerɛ mu no, na wɔhyɛ fã akɛse ma no, a “nea ɛsen ne nyinaa ne Afe Foforo Da a ɛyɛ n’awoda no. Ansa na ahemadakye bedu no, nsɔfowa no de Hator honi besi petee mu ma owia a ɛrepue no bɔ so. Na wogyina anigye a edi akyi no so tow pon kɛse, na wɔde nnwom ne asabow pɔn ɛda no dwumadi.” So nneɛma asakra kɛse wɔ Afe Foforo Da afahyɛ ahorow no mu wɔ mfe mpempem pii akyi?

36. (a) Nyamesom tebea bɛn na na Israel wom wɔ afeha 16 A.Y.B. mu? (b) Na Ɔhaw Du no kyerɛ dɛn titiriw?

36 Na Misrifo wɔ mmoa anyame ne anyamewa pii nso, te sɛ nantwinini Apis, odwennini Banaded, apɔtorɔ Hekt, nantwi Hator, ne ɔdɛnkyɛm Sebek. (Romafo 1:21-23) Saa nyamesom tebea yi mu na Israelfo yɛɛ nkoa wɔ afeha 16 A.Y.B. mu. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa, Israel Nyankopɔn, no agye wɔn afi Farao a opirim ne koma nsam no, ɔde ɔhaw du baa Misraim so. (Exodus 7:14–12:36) Ɔhyɛɛ da de saa ɔhaw ahorow no guu Misrifo atetesɛm mu anyame no anim ase.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 62 no mu.

37. (a) Na Romafo anyame binom kura su horow bɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na anyame no suban nyaa wɔn akyidifo so nkɛntɛnso? (d) Osuahu bɛn na Paulo ne Barnaba nyae wɔ Listra?

37 Afei ma yɛnkɔ tete Helafo ne Romafo anyame so. Romafo fɛm anyame pii ne wɔn suban pa ne wɔn subammɔne fii tete Hela. (Hwɛ nnaka no mu wɔ nkratafa 43 ne 66.) Sɛ nhwɛso no, na Venus ne Flora yɛ nguaman a wɔn ani nwu ade; na Bacchus yɛ ɔsabofo a ɔpɛ agobɔne; na Mercury yɛ ɔkwanmukafo; na na Apolo yɛ mmeapɛfo. Wɔbɔ amanneɛ sɛ Jupiter a ɔyɛ anyame no agya no ne mmea bɛyɛ 59 sɛee aware anaasɛ ɔne wɔn dii mogyafra! (Hwɛ sɛnea eyi ma yɛkae abɔfo atuatewfo a wɔbɛwaree mmea ansa na Nsuyiri no reba no!) Esiane sɛ asomfo da wɔn anyame suban adi nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ Roma ahempɔn te sɛ Tiberio, Nero, ne Caligula bɔɔ ahohwibra sɛ awaresɛefo, nguaman, ne awudifo?

38. (a) Ka ɔsom a na ɛwɔ Roma no ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na nyamesom nyaa Romafo sraani so nkɛntɛnso?

38 Romafo de aman pii mu anyame dii dwuma wɔ wɔn som mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde anigye som Mithras, Persiafo hann nyame a ɔbɛyɛɛ wɔn owia nyame no (hwɛ adaka no mu wɔ nkratafa 60-1), ne Siriafo nyamewa Atargatis (Ishtar). Wɔsakraa Helafo ɔbɔmmɔfo Artemis yɛɛ no Diana, na wɔyɛɛ Misrifo Isis sɛso fae. Wogyee Celtfo abawo anyamewa baasa no nso toom.—Asomafo no Nnwuma 19:23-28.

39. (a) Hena na na odi Romafo asɔfokuw so? (b) Ka Romafo nyamesom guasodeyɛ ahorow no biako ho asɛm.

39 Na wɔwɔ asɔfo ahorow a wɔn nyinaa “hyɛ Pontifex Maximus [Pope Kunini] a na ɔyɛ ɔman no asɔre panyin ase” a wɔboa wɔn ma wɔsom wɔ baguam wɔ abosonnan ne asɔredan ɔhaha pii mu. (Atlas of the Roman World) Nhoma koro no ara ka sɛ na Romafo guasodeyɛ ahorow no biako ne taurobolium a “ɔsomfo no gyina amoa mu na wɔde nantwinini a wɔde bɔ no so afɔre mogya guare no wom. Owie saa amanne yi a, na ne ho atew koraa.”

So Ɛyɛ Kristofo Anansesɛm ne Atetesɛm?

40. Nhomanimfo pii bu nsɛm a esisii wɔ tete Kristosom mu no dɛn?

40 Sɛnea nnɛyi akasatiafo bi kyerɛ no, anansesɛm ne atetesɛm ahorow wɔ Kristosom nso mu. So ɛyɛ ampa? Nhomanimfo pii ka sɛ wo a ɔbaabun woo Yesu, anwonwade ahorow a ɔyɛe ne ne wusɔre no yɛ anansesɛm. Ebinom mpo se wantra ase da, na mmom ne ho anansesɛm no fi atetesɛm ne owia som mu. Atetesɛm ho nimdefo Joseph Campbell kyerɛwee sɛ: “Enti, nhomanimfo pii ka sɛ Yohane [Suboni], anaa Yesu biara ntraa ase da, na mmom nsu nyame ne owia nyame pɛ na wɔatra ase.” Nanso ɛho hia sɛ yɛkae sɛ nhomanimfo koro yi ara mu pii yɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma enti wonnye no nni koraa.

41, 42. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛfoa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Kristosom wɔ hɔ wɔ tete bere no mu no so?

41 Nanso, abakɔsɛm mu adanse bɔ saa akyinnyegye adwene yi gu. Sɛ nhwɛso no, Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus (bɛyɛ 37 kosi bɛyɛ 100 Y.B.) kyerɛwee sɛ: “Yudafo binom buu Herode asraafo a wɔsɛee wɔn no sɛ ɔsoro aweredi, na ɛda adi sɛ ɛyɛ aweredi a ɛteɛ wɔ nea ɔde yɛɛ Yohane a wɔfrɛɛ no Osuboni no ho. Na Herode akum no, ɛwom sɛ na ɔyɛ onipa pa de.”—Marko 1:14; 6:14-29.

42 Abakɔsɛm kyerɛwfo yi ara dii adanse sɛ Yesu Kristo traa ase sɛ onipa, bere a ɔkyerɛwee sɛ “Obi a wɔfrɛ no Yesu, onipa bi a ne yɛ hu, sɛ yebetumi afrɛ no onipa ampa a, . . . a n’asuafo frɛɛ no Onyankopɔn ba” sɔree. Ɔtoaa so kae sɛ “Pilato buu no atɛn . . . na seesei mpo wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘Mesia akyidifo’ a ne din da wɔn so no ase ntɔree ɛ.” *Marko 15:1-5, 22-26; Asomafo no Nnwuma 11:26.

43. Dɛn nnyinasosɛm na na ɔsomafo Petro wɔ a enti ogyee Kristo dii?

43 Enti, Kristoni ɔsomafo Petro a ɔde n’ani huu Yesu ahosakra tumi de gyidi koraa kyerɛwee sɛ: “Na ɛnyɛ anansesɛm [Hela, myʹthos] a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.”—2 Petro 1:16-18. *

44. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ onipa adwenkyerɛ ne Onyankopɔn Asɛm ntam abirabɔ biara mu?

44 Esiane sɛ onipa adwenkyerɛ a “ɛkyɛn so” ne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira nti, ɛsɛ sɛ yɛde nnyinasosɛm a yɛaka dedaw no di dwuma: “Na sɛ ebinom annye anni ɛ? So wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu? Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nim.”—Romafo 3:3, 4.

Nsɛdi Ahorow

45. Wiase atetesɛm ahorow mu nsɛdi no bi ne nea ɛwɔ he?

45 Wiase atetesɛm binom mu nhwehwɛmu kakra yi ama yɛahu nsɛdi bi a emu pii fi Babilon, Mesopotamia, baabi a ɔsom dodow no ara fi bae no. Nsɛdi pii wom, sɛ́ ɛyɛ adebɔ mu nokwasɛm ahorow, anaa mmere a anyame a wɔn fã yɛ nnipa ne abran traa asase no so na nsuyiri sɛee nnebɔneyɛfo, anaasɛ owia som ne ɔkra a enwu da ho nyamesom nsusuwii atitiriw mu.

46, 47. (a) Bible mu nkyerɛkyerɛmu bɛn na yebetumi de ama wɔ atetesɛm ahorow mfiase ne emu nsɛdi ho? (b) Tete ɔsom mu nneɛma foforo bɛn bio na yebesusuw ho?

46 Yebetumi agyina Bible no so akyerɛkyerɛ nsɛdi ahorow yi mu bere a yɛkae sɛ Nsuyiri no akyi no, Onyankopɔn maa adesamma hwete fii Babel wɔ Mesopotamia bɛyɛ mfe 4,200 a atwam ni no. Ɛwom sɛ wɔn mu paapaee na wɔhyehyɛɛ mmusua ne mmusuakuw a wɔka kasa a egu ahorow de, nanso wɔn nyinaa de abakɔsɛm ne nyamesom mu nsusuwii a na wonim dedaw na efii ase. (Genesis 11:1-9) Mfehaha pii akyi no, wokyinkyim ntease yi de foforo kekaa ho wɔ ɔman biara mu, na ɛdan ayɛsɛm, atetesɛm, ne anansesɛm pii a yɛn nsa aka nnɛ no. Atetesɛm ahorow yi a ɛne Bible mu nokware bɔ abira no antumi amma adesamma ammɛn nokware Nyankopɔn no.

47 Nanso, adesamma ada wɔn nyamesom mu nkate adi akwan foforo nso so—ahonhonsɛmdi, akɔmfosɛm, nkonyaayi, nananom a wɔawuwu som, ne nea ɛkeka ho. So ɛka hwehwɛ a adesamma hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan no ho biribi kyerɛ yɛn?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Sɛ wopɛ adebɔ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a Watchtower Bible and Tract Society tintimii no mu.

^ nky. 7 Yɛbɛka Chinafo atetesɛm a ɛnkyɛe a efi Buddhasom, Taosom, ne Konfusiosom nkɛntɛnso mu aba no ho asɛm wɔ Ti 6 ne 7 mu.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ Nsuyiri no ho adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ abakɔsɛm mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Insight on the Scriptures a Ɔwɛn Aban Asafo tintimii no Po 1, nkratafa 327-8, 609-12.

^ nky. 23 “Hades” pue mpɛn du wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu sɛ adesamma ɔdamoa, na ɛnyɛ anansesɛm mu nipa. Ɛyɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ she’ohlʹ wɔ Hebri mu.—Fa toto Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 2:27, Kingdom Interlinear ho.—Hwɛ Insight on the Scriptures a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no Po 1, nkratafa 1015-16.

^ nky. 24 Nea ɛyɛ anika ne sɛ Utnapishtim, Gilgamesh Anwensɛm no mu ɔkatakyie no nso wɔ Urshanabi a ɔno na ɔhare n’ahyɛmma, na ɔde Gilgamesh twaa owu nsu no kohyiaa nea onyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu no.

^ nky. 42 Sɛnea Josephus tete nkyerɛwee a Harvard University Press tintimii no Po IX, kratafa 48 ase hɔ asɛm kyerɛ no.

^ nky. 43 Sɛ wopɛ Kristosom ho nsɛm pii a, hwɛ Ti 10.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 43 adaka]

Helafo ne Romafo Anyame

Ná Helafo atetesɛm mu anyame ne anyamewa pii kura dibea koro wɔ Romafo atetesɛm mu. Wɔn mu binom din na ɛwɔ ase hɔ no.

Hela Roma Dwumadi

Afrodito Venus Ɔdɔ nyamewa

Apolo Apolo Hann, aduruyɛ, ne anwensɛm nyame

Ares Mars Ɔko nyame

Artemis Diana Ahayɔ ne abawo nyamewa

Asklepius Aeskulapius Ayaresa nyame

Atena Minerva Adwinne, ɔko, ne nyansa nyamewa

Kronos Saturn Ɔyɛ Titanfo hene ne

Seus agya ma Helafo. Ɔyɛ kuadwuma nyame

nso wɔ Romafo atetesɛm mu

Demeter Seres Nneɛma a enyin nyamewa

Dioniso Bacchus Bobesa, awo, ne basabasayɛ nyame

Eros Kupid Ɔdɔ nyame

Gaea Terra Asase sɛnkyerɛnne, ne Uranus maame

ne ne yere

Hefaesto Vulcan Anyame no tomfo ne ogya ne

fagude adwuma nyame

Hera Juno Aware ne mmea ho bammɔfo. Ɔyɛ Seus nuabea

ne ne yere ma Helafo; ɔyɛ Jupita yere ma Romafo

Hermes Mercury Anyame no somafo; aguadi ne nyansahu nyame;

ne akwantufo, akorɔmfo, ne akobɔfo ho bammɔfo

Hestia Vesta Asammorofi nyamewa

Hypnos Somnus Nna nyame

Pluto, Hades Pluto Awufo atrae nyame

Poseidon Neptune Ɛpo nyame. Ɔyɛ asasewosow ne apɔnkɔ nyame

nso wɔ Helafo atetesɛm mu

Rhea Ops Kronos yere ne ne nuabea

Uranus Uranus Gaea babarima ne ne kunu ne Titanfo agya

Seus Jupita Anyame no Hene

Egyina The World Book Encyclopedia, 1987, Po 13 so.

[Kratafa 45 adaka]

Asiriafo ne Babilonfo Anyame ne Anyamewa

Anu—onyame pumpuni, odi ɔsoro so hene; Ishtar agya

Asur—Asiriafo man akofo nyame; ɔsan yɛ abawo nyame

Ea—nsu nyame. Marduk agya. Ɔde nsuyiri no ho kɔkɔbɔ maa Utnapishtim

Enlil (Bel)—mframa wura; akyiri yi Seus bɛyɛɛ ne sɛso wɔ Helafo anansesɛm mu. Babilonfo de no kaa Marduk (Bel) ho

Ishtar—okyinnsoromma Venus a wɔayɛ no onyamewa; na ɔsom mu aguamammɔ ka ne som ho. Ná ɔne Astarte wɔ Foinike, Atargatis wɔ Siria, Astoret wɔ Bible mu (1 Ahene 11:5, 33), Afrodito wɔ Hela, Venus wɔ Roma

Marduk—Babilon anyame panyin; “ogyee anyame foforo ne wɔn nnwuma nyinaa fae.” Israelfo frɛɛ no Merodak

Shamash—hann ne atɛntrenee owia nyame. Ɔno na odii Helafo nyame Apolo anim

Sin—ɔsram nyame, baasakoro no a Shamash (owia) ne Ishtar (Venus okyinnsoromma) ka ho no muni

Tamus (Dumusi)—otwabere nyame. Ishtar dɔfo

(Egyina New Larousse Encyclopedia of Mythology so)

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 60, 61]

Roma Asraafo Anyame

Roma asraafo a na wɔatete wɔn yiye no ma egyee din. Ná n’ahemman no biakoyɛ gyina asraafo dɔm no ahotoso ne mpɔntu so. So na nyamesom ka ho bi na ɛbaa saa? Yiw, na nea eye ma yɛn no, Romafo no de wɔn nnwuma te sɛ akwan, abannennen, nsuka, agodibea, ne asɔredan ahorow ho adanse mae pefee. Sɛ nhwɛso no, Hadrian Fasu a agye din a wɔtoe wɔ 122 Y.B. mu no wɔ Northumbria wɔ England kusuu fam. Dɛn na fam a wotutui ama wɔahu wɔ Romafo asraafo dwumadi ne nea nyamesom yɛe no ho?

Housesteads Tete Nneɛma Akorae a ɛbɛn Hadrian Fasu no ho Roma asraafo atrae bi amamfo so a wɔatutu hɔ no mu nkyerɛwee bi ka sɛ: “Na wɔakyɛ Romafo sraani nyamesom mu abiɛsa. Nea edi kan ne . . . Ahempɔn a wɔayɛ wɔn anyame ne Roma ahobammɔ anyame te sɛ Jupiter, Victory ne Mars no som. Ná wosi afɔremuka ma Jupiter afe biara wɔ abankɛse biara nsrabɔbea. Na wɔhwɛ kwan sɛ ɔsraani biara bedi afahyɛ a wɔde kae Ahempɔn a wɔayɛ wɔn anyame no awoda, da a wosii wɔn ahene, ne wɔn nkonimdi ahorow no bi.” Hwɛ sɛnea ɛte sɛ nnɛ asraafo nneyɛe, a wɔde asraafo asɔfo, afɔremuka, ne frankaa di dwuma wɔ asraafo som mu daa no.

Nanso dɛn ne ade a ɛto so abien wɔ Romafo sraani nyamesom mu? Ná ɛne anyame a wɔbɔ wɔn ho ban ne honhom a ɔbɔ asraafo dɔm pɔtee bi ho ban “ne anyame a wɔde wɔn fi wɔn man mu bae” no som.

“Nea etwa to ne ɔsom a ankorankoro yɛ emufo. Mpɛn dodow a ɔsraani di n’asɛyɛde wɔ ɔman no som mu ho dwuma no, ɔde ne ho sɛ ɔsom onyame biara a ɔpɛ.” Ɛte sɛ nea wɔma ɔsom mu ahofadi ho kwan paa, nanso “na wɔmma ɔsom ahorow a biako ne Druidsom, a wobu wɔn nneyɛe sɛ atirimɔdenne, ne wɔn a wosusuwii sɛ wonni ɔman no nokware, te sɛ Kristosom, ho kwan.”—Fa toto Luka 20:21-25; 23:1, 2; Asomafo no Nnwuma 10:1, 2, 22 ho.

Anigyesɛm ne sɛ wohuu Mitras asɔredan wɔ dontori bi mu wɔ Carrawburgh a ɛbɛn Hadrian Ɔfasu pɛɛ no wɔ 1949 mu. (Hwɛ mfonini no.) Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma mu bu akontaa sɛ wosii bɛyɛ 205 Y.B. Na owia nyame bi honi, afɔremuka, ne Latin nkyerɛwee a ne fã bi ka sɛ, “De ma Onyame Mitras a biribiara ntumi no no” wom.

[Kratafa 62 adaka]

Misraim Anyame ne Ɔhaw Du No

Yehowa nam Ɔhaw Du no so de atemmu baa Misraim anyame a wonni tumi biara no so.—Exodus 7:14–12:32.

Ɔhaw Nkyerɛkyerɛmu

1 Nil ne nsu afoforo dan mogya. Nil nyame Hapi anim

guu ase

2 Mpɔtorɔ. Mpɔtorɔ nyamewa Hekt antumi ansiw ano

3 Mfutuma dan ntontom. Thoth, nkonyaayi wura no antumi

ammoa Misraim nkonyaayifo no

4 Nwansena ba Misraim nyinaa gye Gosen a na Israelfo te

no nko ara. Onyame biara antumi ansiw ano—Ptah, amansan

bɔfo, anaa Thoth, nkonyaayi wura no mpo antumi anyɛ saa

5 Mmoa yaredɔm. Nantwi kronkron nyamewa Hator anaa

nantwinini Apis mu biara antumi ansiw ɔhaw yi ano

6 Mpɔmpɔ. Ayaresa anyame Thoth, Isis, ne Ptah antumi

ammoa

7 Aprannaa ne amparuwbo. Ɛdaa no adi sɛ Reshpu a ɔhwɛ

anyinam so, ne Thoth, osu ne aprannaa nyame no

nni tumi biara

8 Mmoadabi. Eyi guu abawo nyame Min, nnɔbae ho bammɔfo

no anim ase

9 Esum duruu nnansa. Eguu Ra, owia nyame otitiriw no, ne

Horus, awia nyame bi no anim ase

10 Mmakan wuwui a Farao abakan a na wobu no sɛ onyame a

wɔawo no sɛ onipa no ka ho. Ra (Amon-Ra), owia nyame a

ɛtɔ da bi a wɔde odwennini gyina hɔ ma no no antumi

ansiw ano

[Kratafa 66 adaka]

Atetesɛm ne Kristosom

Bere a Kristosom bae bɛyɛ mfe mpem abien ni no, na wɔsom tete Helafo ne Romafo atetesɛm mu anyame paa. Na wɔda so ara de Helafo din frɛ wɔn wɔ Asia Kumaa, na ɛkyerɛkyerɛ nea enti a nnipa a na wɔte Listra (wɔ nnɛyi Turkey) no frɛɛ Kristofo ayaresafo Paulo ne Barnaba “anyame,” na wɔfrɛɛ wɔn sɛ Hermes ne Seus mmom na ɛnyɛ Romafo Mercury ne Jupiter. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “Seus a n’asɔredan wɔ kurow no anim no sɔfo de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekye baa kurow no abobow ano pɛe sɛ ɔne nkurɔfo akuwakuw no de bɛbɔ afɔre.” (Asomafo no Nnwuma 14:8-18) Paulo ne Barnaba brɛe ansa na wɔrema nnipakuw no agye atom sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn. Ɛkyerɛ sɛnea na saa nnipa no bu wɔn atetesɛm aniberesɛm saa bere no.

[Kratafa 42 mfonini]

Bepɔw Olympus, Greece, beae a wose ɛyɛ anyame no atrae

[Kratafa 47 mfonini]

Ɔbopon a cuneiform nkyerɛwee wɔ so a ɛka Gilgamesh Anwensɛm no fã bi ho asɛm

[Kratafa 50 mfonini]

Anubis, onyame a ɔwɔ sakraman ti no kari koma ne ɔkra ne Maat, nokware ne atɛntrenee nyame a wɔde ntakra gyina hɔ ma no no wɔ benkum so nsenia no so; Thoth kyerɛw nea wonya no gu ɔbopon so ansa na wabɔ Osiris amanneɛ

[Kratafa 55 mfonini ahorow]

Chalchiuhtlicue, Astekfo asubɔnten mu nsu nyamewa; anwenne a wɔayɛ no sɛ patu a tokuro da mu a wogye di sɛ wɔde koma a wɔde abɔ afɔre gu mu

[Kratafa 57 mfonini]

Misrifo baasakoro: fi benkum so, Horus, Osiris, ne Isis

[Kratafa 58 mfonini ahorow]

Intihuatana, mfonini ketewa no, owia “gyinabea,” a ebia na wɔde di dwuma wɔ owia som mu wɔ Machu Picchu

Na Inkafo som owia wɔ Machu Picchu, Peru

[Kratafa 63 mfonini ahorow]

Ɔkɔre Horus, nantwinini Apis, ne apɔtorɔ Hekt ahoni. Misraim anyame antumi ansiw ɔhaw ahorow a Yehowa de bae, a Nil a ɔma ɛdan mogya ka ho no ano

[Kratafa 64 mfonini ahorow]

Helafo anyame, fi benkum so, Afrodito, Seus a oturu Ganimede, anyame no nsahyɛfo; ne Artemis