Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyamesom—Efii Ase Dɛn?

Nyamesom—Efii Ase Dɛn?

Ti 2

Nyamesom—Efii Ase Dɛn?

1, 2. Dɛn na wɔahu wɔ sɛnea nyamesom akyɛ na egu ahorow no ho?

NYAMESOM ho abakɔsɛm akyɛ te sɛ onipa ankasa ho abakɔsɛm. Saa na wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne onipa ne n’asetra ho animdefo ka kyerɛ yɛn. Wohu ɔsom bi ho adanse wɔ nnipa a “wɔn ani mmuei” koraa, kyerɛ sɛ aman a wonnyaa nkɔanim mpo mu. Nokwarem no, The New Encyclopædia Britannica ka sɛ “nea nhomanimfo ahu kyerɛ sɛ nnipa biara ntraa ase wɔ baabiara, wɔ bere bi mu da, a na wɔnyɛ nyamesomfo wɔ ɔkwan bi so.”

2 Wɔ sɛnea nyamesom akyɛ akyi no, egu ahorow pii nso. Borneo kwaebirentuw mufo a wotwa ti, Eskimofo a wɔwɔ Arctic a awɔw a ano yɛ den yiye wɔ hɔ, Sahara Anhweatam no so atutrafo, nnipa a wɔtete wiase no nkurow akɛse mu—asase so nnipa biara ne ɔman biara wɔ wɔn nyame anaa anyame ne ɔkwan a wɔfa so som. Nyamesom gu ahorow yiye ma ɛyɛ nwonwa ampa.

3. Wiase nyamesom ahorow ho nsɛmmisa bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?

3 Ntease wom sɛ nsɛmmisa sɔre wɔ yɛn adwenem. Ɛhe na ɔsom ahorow yi nyinaa fi bae? Esiane sɛ nsonsonoe ne nsɛdi atitiriw wɔ mu nti, so emu biara nkutoo na ɛbae, anaasɛ ebetumi aba sɛ ne nyinaa fi ɔsom biako mu? Nokwarem no, yebetumi abisa sɛ: Dɛn nti na nyamesom fii ase koraa? Na ɔkwan bɛn so? Nsɛmmisa yi ho mmuae ho hia yiye ma wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobehu nyamesom ne nyamesom mu gyidi ahorow ho nokwasɛm nyinaa no.

Faako a Efi Ho Asɛm

4. Dɛn na yenim wɔ wɔn a wɔde ɔsom ahorow no mu pii bae no ho?

4 Sɛ wɔka baabi a nyamesom fi ho asɛm a, ɔsom a ɛsonsonoe mufo susuw din ahorow te sɛ Muḥammad, Buddha, Konfusio, ne Yesu ho. Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom biara mu no, yebetumi ahu onipa titiriw bi a wɔka sɛ ɔno na ɔde ‘nokware som’ no sii hɔ. Ná eyinom mu bi yɛ asesɛwfo a wɔkasa tiaa ahonisom ne gyidi horow a na ɛwɔ hɔ dedaw no. Ná ebinom yɛ abrabɔ ho nyansapɛfo. Ná ebinom nso yɛ akatakyie a wɔde wɔn ho nyinaa maa wɔn nkurɔfo. Wɔn mu pii awu agyaw nkyerɛwee anaa nsɛm a wogyinaa so hyehyɛɛ nyamesom foforo bi. Bere bi akyi no, wɔkyerɛkyerɛɛ nea wɔkae na wɔyɛe no mu kɔɔ akyiri, wɔde bi kaa ho, na wɔde ehu bi bataa ho. Wɔyɛɛ saa akannifo yi mu binom anyame mpo.

5, 6. Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom pii fii ase?

5 Ɛwom sɛ wobu nnipa yi sɛ wɔn na wɔde ɔsom atitiriw a yenim no bae de, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔde nyamesom bae ankasa. Mpɛn pii no, wɔn nkyerɛkyerɛ no fi nyamesom nsusuwii ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw no mu, ɛwom mpo sɛ wɔn a wɔtew ɔsom ahorow yi mu dodow no ara kae sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛyɛɛ saa de. Anaasɛ wɔsakraa nyamesom nhyehyɛe ahorow a na ɛwɔ hɔ dedaw a na abɛyɛ nea wɔmpɛ wɔ ɔkwan bi so no yɛɛ no foforo.

6 Sɛ nhwɛso no, sɛnea abakɔsɛm betumi aka no pɛpɛɛpɛ akyerɛ yɛn no, na Buddha yɛ ɔhene ba a amanehunu ne tebea bɔne a ohui sɛ atwa ne ho ahyia wɔ nnipa a na wɔn mu dodow no ara yɛ Hindufo mu no haw no. Buddhasom na efii asetra mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den ano aduru a ɔhwehwɛe no mu bae. Saa ara nso na abosonsom ne ɔbrasɛe a Muḥammad hui wɔ ɔsom mu nneyɛe a na atwa ne ho ahyia mu no haw no yiye. Akyiri yi ɔkyerɛe sɛ wanya adiyi nsɛm soronko afi Onyankopɔn hɔ, na wɔka boom yɛɛ no Qur’ān, a wɔde hyehyɛɛ nyamesom kuw foforo a ɛne Nkramosom. Protestantsom fi Katoleksom mu na ɛbae esiane Ɔsesɛw a efii ase wɔ afeha 16 mfiase, bere a Martin Luther kasa tiaa bɔneka a na Katolek Asɔre no gye ho sika saa bere no nti.

7. Nyamesom ho asɛmmisa bɛn na ɛho da so hia sɛ wobua?

7 Enti, ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mfiase ne ne nkɔso, wɔn a wɔde bae, wɔn nhoma kronkron, ne nea ɛkeka ho ho nsɛm pii wɔ hɔ. Na ɔsom ahorow a na ɛwɔ hɔ ansa na eyinom reba no nso ɛ? Na nea na ɛwɔ hɔ ansa na ɛnonom nso reba no nso ɛ? Sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ abakɔsɛm mu tɔnn a, nea ɛbɛyɛ biara yebehyia asɛmmisa a ɛne: Ɛyɛɛ dɛn na nyamesom fii ase? Ɛda adi pefee sɛ sɛ yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ tra ɔsom ahorow mmiako mmiako no.

Nkyerɛkyerɛ Pii

8. Mfehaha pii no, na su bɛn na nkurɔfo kura wɔ nyamesom ho?

8 Sɛ wɔde toto ho a, nyamesom mfiase ne ne nkɔso ho adesua yɛ foforo. Mfehaha pii no, nkurɔfo gyee nyamesom atetesɛm ahorow a wɔwoo wɔn toom na wɔde tetee wɔn no toom. Nkyerɛkyerɛmu a wɔn nananom de mae no sɔɔ wɔn mu dodow no ara ani, na wɔtee nka sɛ wɔn som ne nokware no. Ná wɔntaa nnya biribiara a ɛbɛma wɔagye biribi ho kyim, anaasɛ wɔanhu nea enti a ehia sɛ wɔhwehwɛ nea ɛyɛe, bere ko, ne nea enti a efii ase no mu. Nokwarem no, mfehaha pii mu no, esiane sɛ na wonni akwantu ne nkitahodi ho nneɛma pii nti, na nnipa kakraa bi na wonim mpo sɛ nyamesom nhyehyɛe afoforo wɔ hɔ.

9. Efi afeha 19 reba no, mmɔden bɛn na wɔabɔ sɛ wobehu nea ɛyɛe ne nea enti a nyamesom fii ase?

9 Nanso, tebea no fii ase sakrae wɔ afeha 19 mu. Ná adannandi nkyerɛkyerɛ retrɛw wɔ nhomanimfo mu. Ɛno ne abɔde ho nyansahu nhwehwɛmu a wofii ase maa nnipa pii fii ase gyee nhyehyɛe ahorow a na wɔde asisi hɔ dedaw, a nyamesom ka ho, ho kyim. Esiane sɛ nhomanimfo binom hui sɛ wonni mmoa pii a ɛbɛma wɔahwehwɛ mmuae no wɔ ɔsom a ɛwɔ hɔ no mu nti, wɔdan kɔɔ tete aman mu nneɛma a na ɛda so wɔ hɔ anaa wiase mmeae akyirikyiri a na nnipa a wɔn ani mmuei kɛse da so te hɔ no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde adwene, asetra, ne onipa ho adesua, ne ade bedi eyinom ho dwuma, a na wɔwɔ anidaso sɛ wobehu nnyinasode bi a ɛkyerɛ nea ɛyɛe ne nea enti a nyamesom fii ase.

10. Dɛn na efii nyamesom mfiase ho nhwehwɛmu ahorow no mu bae?

10 Dɛn na efii mu bae? Nkyerɛkyerɛ pii bae mpofirim—na ɛte sɛ nea ne dodow ne nhwehwɛmufo no dodow yɛ pɛ—a na nhwehwɛmufo biara ka nea ɛbɔ ɔfoforo de abira, na wɔn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔde nnamyɛ bɛyɛ ade asen ɔfoforo na wahu nneɛma foforo asen no. Nhwehwɛmufo yi bi huu nneɛma atitiriw bi; na wɔnkae afoforo nnwuma koraa. Nea efii saa nhwehwɛmu yi mu bae no kakra a yebehu no bɛyɛ asuade ama yɛn na yɛate nneɛma ase. Ɛbɛboa yɛn ma yɛate nyamesom su ahorow a nnipa a yehyia wɔn no da no adi no ase yiye.

11. Kyerɛkyerɛ animism nkyerɛkyerɛ no mu.

11 Engiresini Edward Tylor (1832-1917), onipa ne n’asetra ho nimdefo, de nkyerɛkyerɛ a wɔtaa frɛ no animism (a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a nkwa nnim nyinaa wɔ akra) too gua. Ɔkae sɛ nneɛma te sɛ adaeso, anisoadehu, ne nkwa a enni afunu mu no maa tetefo kae sɛ ɔkra bi (Latin, anima) wɔ nipadua no mu. Sɛnea nkyerɛkyerɛ yi kyerɛ no, esiane sɛ wɔsosoo wɔn adɔfo a wɔawuwu ho dae nti, wonyaa adwene sɛ ɔkra kɔ so tra ase wɔ owu akyi, na efi nipadua no mu kɔtra nnua, abotan, nsubɔnten, ne nea ɛkeka ho so. Awiei koraa no, wɔsom awufo ne nneɛma a wose akra no kɔtra so no sɛ anyame. Tylor kae sɛ saa na ɛyɛe na nyamesom bae.

12. Kyerɛkyerɛ animatism nkyerɛkyerɛ no mu.

12 Engiresini foforo bi a ɔyɛ onipa ne n’asetra ho nimdefo, R. R. Marett (1866-1943), de nneɛma a nkwa nnim a wose ɛwɔ akra nkyerɛkyerɛ foforo a ɔfrɛɛ no animatism bae. Bere a Marett suaa Melanesiafo a wɔte Pasifik nsupɔw so ne Afrikafo ne Amerikafo gyidi ho ade akyi no, osii gyinae sɛ sɛ́ anka tetefo benya adwene sɛ biribiara wɔ n’ankasa kra mmom no, wogye dii sɛ tumi bi a enni nipasu anaa ɛkorɔn sen onipa wɔ hɔ a ɛma biribiara nkwa; saa gyidi no kanyan ehu nkate ahorow wɔ onipa mu, na wɔnam ɛno so hyehyɛɛ tete nyamesom. Ná Marett bu nyamesom sɛ nea onipa fi nkate mu yɛ wɔ ade a onnim ho titiriw. Asɛm a na ɔtaa ka ne sɛ nyamesom “nyɛ ade a wodwen ho pii sɛnea wosusuw no.”

13. Ɔsom ho nkyerɛkyerɛ bɛn na James Frazer de bae?

13 Wɔ 1890 mu no, Scotlandni tete amammerɛ ho ɔbenfo, James Frazer, (1854-1941) tintim The Golden Bough nhoma a agye din a ɔkae wom sɛ nyamesom fi nkonyaayi mu na ɛbae no. Sɛnea Frazer kyerɛ no, onipa dii kan bɔɔ mmɔden sɛ obenya n’ankasa asetra ne nneɛma a atwa ne ho ahyia so tumi denam nea ohui sɛ ɛrekɔ so wɔ abɔde mu a osuasuae no so. Sɛ nhwɛso no, osusuwii sɛ obetumi ama osu atɔ denam nsu a ɔde bɛpetepete fam bere a ɔbɔ akyene a egyigye te sɛ aprannaa ka ho anaasɛ obetumi apira ne tamfo denam mpaane a ɔde betuatua ohoni bi ho no so. Eyi ma wɔde abosonne, kaberɛkyere, ne nkonyaayi nneɛma dii dwuma wɔ asetra afã horow pii mu. Bere a eyinom anyɛ adwuma sɛnea ɔhwɛɛ kwan no, ɔpataa tumi ahorow a wɔkorɔn sen onipa no na ɔsrɛɛ wɔn mmoa mmom sen sɛ ɔbɛbɔ mmɔden adi wɔn so. Abosonne ne nsɛm a wɔde kankye no bɛyɛɛ afɔrebɔ ne mpaebɔ, na ɛnam saayɛ so ma nyamesom fii ase. Sɛnea Frazer kyerɛ no, wɔde nyamesom “pata tumi horow a wɔkorɔn sen onipa no anaa wɔde siesie wɔn ntam.”

14. Sigmund Freud kyerɛkyerɛɛ nyamesom mfiase mu dɛn?

14 Austriani adwenemyare duruyɛfo Sigmund Freud (1856-1939) a ogyee din no mpo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nyamesom mfiase mu wɔ ne nhoma Totem and Taboo no mu. Sɛnea Freud adwuma te no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nyamesom a edi kan koraa no fi nea ɔfrɛɛ no obi a ɔte sɛ agya ho adwenemhaw mu. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ, te sɛ nea na nwuram apɔnkɔ ne anantwi yɛ no, agya no dii abusua no so tumi wɔ tetefo mu. Mmabarima a na wɔtan agya no na wɔsan pɛ n’asɛm no tew atua na wokum agya no. Freud kyerɛ sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔanya agya no tumi no, ‘ahamufo a wɔwe nnipa nam yi wee wɔn agya no nam.’ Akyiri yi, ahonu nti, wɔhyehyɛɛ amanne ahorow de mpata mae wɔ wɔn adeyɛ no ho. Wɔ Freud nkyerɛkyerɛ no mu no, obi a ɔte sɛ agya no bɛyɛɛ Onyankopɔn, na amanne ahorow no bɛyɛɛ nyamesom a edi kan koraa, na agya a wokum no nam a wodii no bɛyɛɛ adidi a wɔyɛ wɔ nyamesom pii mu no atetesɛm no.

15. Dɛn na aba nyamesom mfiase ho nkyerɛkyerɛ a wɔde bae no mu dodow no ara so?

15 Yebetumi aka nkyerɛkyerɛ foforo pii a ɛyɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nyamesom mfiase mu ho asɛm. Nanso, wɔnkae emu dodow no ara, na emu biara nni hɔ a ada adi sɛ nea wogye di anaa wogye tom sen afoforo no. Dɛn ntia? Ne tiaatwa mu ne sɛ na abakɔsɛm mu adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokware da. Na ɛyɛ nhwehwɛmufo bi nsusuwii anaa wɔn adwenkyerɛ kɛkɛ, na na ɛnkyɛ na foforo abesi dedaw no ananmu.

Nhyɛase a Mfomso Wɔ Ho

16. Dɛn nti na mfe pii a wɔde ayɛ nhwehwɛmu no antumi ankyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a nyamesom bae no mu?

16 Bere a wɔde mfe pii peree asɛm no ho akyi no, seesei nnipa pii anya adwene sɛ ɛda adi kɛse sɛ wɔrentumi nhu nea ɛyɛe a nyamesom fii ase. Nea edi kan koraa no, eyi te saa efisɛ tetefo nnompe ne wɔn ho nneɛma a ɛda so ara wɔ hɔ nka sɛnea na saa nnipa no susuw nsɛm ho, nea na wosuro, anaa nea enti a na wɔsom biribi no nkyerɛ yɛn. Aboro so koraa no, adwene biara a tete nneɛma yi ama wɔanya no yɛ nhomanimfo adwenkyerɛ kɛkɛ. Nea ɛto so abien no, nnipa a nnɛ wose wɔn ani mmuei, te sɛ Australia Aboriginefo no nyamesom nneyɛe nyɛ nea wotumi de ho to so de hu nea tetefo yɛe anaa nea wosusuwii ankasa. Obiara nnim sɛ wɔn amammerɛ sakrae na yennim sɛnea ɛsakrae wɔ mfehaha pii no mu ankasa.

17. (a) Dɛn na nyamesom ho nnɛyi abakɔsɛm akyerɛwfo nim? (b) Dɛn na ɛte sɛ nea ehia wɔn titiriw bere a wɔpɛɛpɛɛ nyamesom mu no?

17 Esiane nea wontumi nhu no nyinaa nti, nhoma World Religions—From Ancient History to the Present ka sɛ “nnɛyi nyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo nim sɛ wontumi nhu nyamesom mfiase.” Nanso, nhoma no ka abakɔsɛm akyerɛwfo mmɔdenbɔ no ho asɛm sɛ: “Mmere a atwam mu no, wɔn a wɔde nkyerɛkyerɛ no bae mu pii amfa wɔn adwene ansi nyamesom ho asɛm a wɔbɛka anaa wɔbɛkyerɛkyerɛ nko so, na mmom sɛ wɔbɛka biribi de abɔ agu, na wɔtee nka sɛ, sɛ na tete de no gyina nnaadaasɛm so a, ɛnde wobetumi asɛe ɔsom ahorow a ɛbɛba akyiri yi na ɛkorɔn no.”

18. (a) Dɛn nti na nhwehwɛmufo pii no ntumi nkyerɛkyerɛ nyamesom mfiase mu? (b) Dɛn na ɛda adi sɛ ɛne nyamesom mu nhwehwɛmufo a “wɔyɛ katee” atirimpɔw ankasa?

18 Nsɛm a etwa to no ma yehu nea enti a nyamesom mu nhwehwɛmufo a “wɔyɛ katee” mfaa nkyerɛkyerɛmu a ntease wom biara mmae no. Ntease ma yehu sɛ nokwasɛm nkutoo na ebetumi ama wɔasi gyinae a ɛteɛ. Sɛ obi de atosɛm fi ase a, ontumi nsi gyinae pa. Esiane sɛ nhwehwɛmufo a “wɔyɛ katee” ntumi mfa nkyerɛkyerɛmu a ntease wom mma mpɛn pii nti, ɛmma wonnye nea wɔde wɔn adwenkyerɛ ahorow no gyina so no nni koraa. Esiane sɛ wodi adwene a wɔadi kan anya akyi nti, wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn agu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ ‘wɔbɛbɔ nyamesom agu no’ mu.

19. Dɛn na nhwehwɛmu a wɔyɛ no katee a edii nkonim no gyina so titiriw? Yɛsrɛ sɛ fa mfatoho ma.

19 Yebetumi de tebea no atoto akwan pii a nsoromma ho animdefo a wɔtraa ase ansa na afeha 16 reba no faa so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea okyinnsoromma ahorow twa wɔn ho mu no ho. Na nkyerɛkyerɛ pii wɔ hɔ, nanso na emu biara mfata ankasa. Dɛn ntia? Efisɛ na egyina adwene a ɛne sɛ asase wɔ amansan no mfinimfini, na nsoromma ne okyinnsoromma ahorow twa ho hyia no so. Wɔantumi annya nkɔso ankasa kosii sɛ abɔde ho nyansahufo—ne Katolek Asɔre no—penee so sɛ wobegye nokwasɛm a ɛne sɛ asase nni amansan no mfinimfini, na mmom etwa owia a ɛwɔ owia nsorommakuw no mfinimfini ho hyia no atom. Nkyerɛkyerɛ pii a antumi ankyerɛkyerɛ nokwasɛm ahorow no mu no amma nnipa a wogye nsusuwii foforo tom no ammɔ mmɔden sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ foforo bɛma, na mmom wɔsan hwehwɛɛ nea wɔn nhwehwɛmu no gyina so mu. Ɛno ma wodii nkonim.

20. (a) Na dɛn ne adwene a ɛnteɛ a na nyamesom mfiase ho nhwehwɛmu a ‘wɔyɛ no katee’ gyina so? (b) Ahiade titiriw bɛn na Voltaire kaa ho asɛm?

20 Yebetumi de nnyinasosɛm koro no ara adi dwuma wɔ nyamesom mfiase ho nhwehwɛmu no mu. Esiane sɛ Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no retrɛw na wogye adannandi nkyerɛkyerɛ di wɔ mmeae pii nti, nnipa pii bu no sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Esiane nsusuwii yi nti, wɔte nka sɛ wobenya wɔ a nyamesom wɔ hɔ ho nkyerɛkyerɛmu wɔ onipa ankasa mu—ne nsusuwii, n’ahiade, nea osuro, “n’adwenemhaw ahorow” mu. Voltaire kae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, ɛho behia sɛ yɛbɔ no”; enti wɔka sɛ onipa abɔ Onyankopɔn.—Hwɛ adaka no mu, kratafa 28.

21. Gyinae a ntease wom bɛn na nkogu a nyamesom mfiase ho nkyerɛkyerɛ dii no betumi ama yɛasi?

21 Esiane sɛ nkyerɛkyerɛ pii no antumi amma wɔannya mmuae a ɛma akomatɔyam ankasa nti, so ɛnyɛ mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛsan hwehwɛ nea wogyinaa so yɛɛ nhwehwɛmu ahorow yi mu? Sɛ́ anka yɛbɛbrɛ ayɛ adwumahunu no ara bi no, so ntease nnim sɛ yɛbɛhwehwɛ mmuae no wɔ baabi foforo? Sɛ yɛpɛ sɛ yegye nsusuwii foforo tom a, yɛbɛpene so sɛ ntease wom sɛ yɛbɛyɛ saa na ɛne nyansahu nso hyia. Na yɛwɔ nhwɛso a ɛte saa a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu ntease a ɛwɔ saayɛ mu.

Tete Nhwehwɛmu Bi

22. Ɔkwan bɛn so na Atenefo nkyerɛkyerɛ pii a ɛfa wɔn anyame ho no kaa wɔn som?

22 Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no mu no, na Atene a ɛwɔ Hela man mu no yɛ asuae a agye din. Nanso, na nnipa a wokura adwenhorow pii, te sɛ Epikurofo ne Stoafo, a ɛsono adwene a wɔn mu biara wɔ wɔ anyame no ho wɔ Atenefo no mu. Esiane adwenhorow yi nti wɔsom anyame pii, na wonyaa akwan horow a wɔfaa so somee. Esiane eyi nti, na ahoni a nnipa ayɛ ne asɔredan ayɛ kurow no mu ma.—Asomafo no Nnwuma 17:16.

23. Onyankopɔn ho adwene foforo koraa bɛn na Paulo daa no adi kyerɛɛ Atenefo no?

23 Bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no, Kristoni ɔsomafo Paulo kɔɔ Atene na ɔdaa adwene foforo koraa adi kyerɛɛ Atenefo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛnea ehia no biribi. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.”—Asomafo no Nnwuma 17:24, 25.

24. Nokwarem no, na dɛn na Paulo reka akyerɛ Atenefo no wɔ nokware som ho?

24 Ɔkwan foforo so no, na Paulo reka akyerɛ Atenefo no sɛ nokware Nyankopɔn a “ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no nyɛ obi a onipa fii ne tirim yɛɛ No, na ɛnyɛ akwan a ebia onipa bɛyɛ no so na wɔfa som No nso. Nokware som nyɛ mmɔden a onipa nkutoo bɔ sɛ ɔde benya adwene mu ahiade bi anaa ɔde bɛpam ehu bi. Mmom no, esiane sɛ nokware Nyankopɔn no ne Ɔbɔadeɛ a ɔmaa onipa tumi a ɔde susuw ade ho ne nea ɛma ɔte nneɛma ase nti, ntease wom sɛ Ɔbɛkyerɛ onipa ɔkwan a ɔbɛfa so ne No anya abusuabɔ a akomatɔyam wom. Sɛnea Paulo kyerɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn yɛe. “Ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa, . . . sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn, NW] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:26, 27.

25. Kyerɛkyerɛ asɛntitiriw a ɛwɔ Paulo asɛm a ɔka faa adesamma mfiase ho no mu.

25 Hyɛ asɛntitiriw a Paulo kae no nsow: Onyankopɔn ‘maa nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu.’ Ɛwom mpo sɛ nnipa a wofi aman pii mu na wɔte asase so nyinaa nnɛ de, nanso nokwarem no, abɔde ho nyansahufo nim ampa sɛ adesamma nyinaa yɛ nnipa biako. Saa adwene yi ho hia yiye efisɛ sɛ yɛka sɛ adesamma nyinaa yɛ nnipa biako a, na ɛnkyerɛ sɛ wɔwɔ nipasu ne awosu mu abusuabɔ kɛkɛ. Wɔbɔ abusua wɔ nneɛma foforo nso mu.

26. Dɛn na wonim wɔ kasa ho a ɛfoa asɛntitiriw a Paulo kae no so?

26 Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea nhoma Story of the World’s Worship ka wɔ onipa kasa ho no nsow. “Wɔn a wɔasua wiase no kasa horow ho ade na wɔde atoto ho no wɔ biribi ka, na ɛne sɛ: Wobetumi akyekyɛ kasa horow nyinaa mu akuwakuw, na wohu sɛ akuwakuw no nyinaa fii ase fii kasa biako mu.” Ɔkwan foforo so no, wiase kasa horow no amma mmiako mmiako sɛ kasa soronko, sɛnea adannandifo bɛpɛ sɛ yegye di no. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ nnipa a na wɔtete abodan mu wɔ Afrika, Europa, ne Asia de wɔn menewa mu a wɔkekae ne nteɛteɛm na efii ase kasae, na akyiri yi wonyaa wɔn ankasa kasa horow. Na ɛnte saa. Adanse no kyerɛ sɛ ‘efii ase fii kasa biako mu.’

27. Dɛn nti na ntease wom sɛ wobenya adwene sɛ onipa nsusuwii wɔ Onyankopɔn ne nyamesom ho no fii ase fii faako?

27 Sɛ ɛte saa wɔ biribi te sɛ kasa a nnipa nkutoo na wɔka ho a, ɛnde so ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ ɛsɛ sɛ onipa nsusuwii wɔ Onyankopɔn ne nyamesom ho no nso fii ase fii faako? Ne nyinaa akyi no, nyamesom ne nsusuwii na ɛnam, na nsusuwii ne sɛnea onipa tumi kasa na ɛnam. Nyamesom nyinaa mfi ɔsom biako mu ankasa, nanso nsusuwii ne adwenhorow no fi nyamesom nsusuwii biako mu. So adanse wɔ hɔ a wɔde bɛfoa eyi so? Na sɛ ɛyɛ ampa sɛ onipa nyamesom ahorow fi faako a, ɛnde na ebetumi ayɛ he? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu?

Nsonsonoe Wom Nanso Edi Nsɛ

28. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia wiase nyamesom ahorow no fi faako?

28 Yebetumi afa ɔkwan koro no ara a kasa ho abenfo faa so nyaa kasa mfiase ho mmuae no so anya mmuae no. Sɛ kasa ho nimdefo bi de kasa horow toto ho na ɔhwɛ nsɛdi ahorow no a, otumi hu faako a kasa horow no fi. Saa ara na sɛ yɛde ɔsom ahorow toto ho a, yebetumi ahwehwɛ wɔn nkyerɛkyerɛ, atetesɛm, amanne, guasodeyɛ, ahyehyɛde ahorow ne nea ɛkeka ho mu, na yɛahwɛ sɛ ebia nsɛdi bi wom, na sɛ ɛte saa a, yɛahu nea nsɛdi no de yɛn bɛkɔ.

29. Wobetumi aka sɛ nyamesom ahorow mu nsonsonoe pii no fi dɛn?

29 Sɛ wɔhwɛ no aniani a, ɛte sɛ nea ɛsono nnɛ nyamesom pii no mu biara koraa wɔ afoforo ho. Nanso, sɛ yeyi nneɛma a wɔde abatabata ho kɛkɛ ne nea wɔde kekaa ho akyiri yi, anaasɛ saa nsonsonoe ahorow a efi wim tebea, kasa, ɔman a ɛwom no mu tebea horow ne nneɛma foforo fi hɔ a, sɛnea emu dodow no ara di nsɛ no yɛ nwonwa.

30. Nsɛdi ahorow bɛn na wuhu wɔ Roman Katoleksom ne Buddhasom mu?

30 Sɛ́ nhwɛso no, nnipa dodow no ara besusuw sɛ ɔsom abien biara nni hɔ a ɛsono emu biara koraa sen Atɔe fam Roman Katolek Asɔre ne Apuei fam Buddhasom. Nanso sɛ yɛde nsonsonoe a wobetumi akyerɛ sɛ kasa ne amammerɛ na ɛde aba no to nkyɛn a, dɛn na yehu? Sɛ yɛbɛka nokware a, yebegye atom sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wohu wɔ abien no nyinaa mu. Katoleksom ne Buddhasom nyinaa de wɔn ho hyɛ amanne ne guasodeyɛ ahorow mu fee. Eyi mu bi ne kyɛnere, aduhuam, nhyira nsu, rosary, ahotefo ahoni, nsɛm a wɔde kankye ne mpaebɔ nhoma ahorow, ne mmeamudua sɛnkyerɛnne mpo a wɔde di dwuma. Ɔsom abien no nyinaa wɔ mmarima ne mmea nkokorafo ahyehyɛde ahorow, na wonim sɛ wɔn asɔfo nware, wɔhyɛ ntade soronko, wɔwɔ nna kronkron, ne nnuan atitiriw. Ɛnyɛ ne nyinaa ne no, nanso ɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu. Asɛmmisa no ne sɛ, Dɛn nti na ɔsom abien a ɛte sɛ nea ɛsono emu biara koraa no yɛ nneɛma pii a ɛsesɛ saa?

31. Nsɛdi ahorow bɛn na wuhu wɔ nyamesom afoforo mu?

31 Esiane sɛ ɔsom abien yi a yɛde toto ho no ma nneɛma mu da hɔ nti, yebetumi ayɛ saa ara wɔ ɔsom afoforo ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yehu sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne gyidi ahorow reyɛ ayɛ biako wɔ baabiara. Yɛn mu dodow no ara nim nkyerɛkyerɛ te sɛ onipa kra a enwu da, ɔsoro akatua ma nnipa pa nyinaa, abɔnefo a wɔyɛ wɔn ayayade daa wɔ asaman, ahodwiragya, anyame baasa a wɔbom biako anaa anyame pii a wɔka bom yɛ onyame biako, ne onyame nã anaa ɔsoro hemmaa nyamewa no. Nanso eyinom akyi no, atetesɛm ne anansesɛm pii wɔ hɔ a wonim wɔ baabiara saa ara. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn anim dom a onipa hweree esiane mmɔden a ɛmfata a ɔbɔe sɛ obenya nkwa a owu nnim nti, hia a ehia sɛ wɔbɔ afɔre de pata bɔne, nkwa dua anaa asuten a ɛbɛma obi ayɛ aberante anaa ababaa daa a wɔhwehwɛe, anyame ne anyame a wɔn fã yɛ nnipa a wɔbɛtraa nnipa mu wowoo mma a wɔwɔ tumi sen nnipa, ne nsuyiri a ɛsɛe ade a anka ɛreyɛ atɔre adesamma nyinaa ase ho anansesɛm ahorow wɔ hɔ. *

32, 33. (a) Dɛn na nsɛdi atitiriw a ɛwɔ wiase nyamesom ahorow mu no betumi ama yɛaka? (b) Asɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebua?

32 Dɛn na eyi nyinaa betumi ama yɛaka? Yehu sɛ na wɔn a wogye atetesɛm ne anansesɛm ahorow yi di no nte mmɛn koraa. Na ɛsono wɔn mu biara amammerɛ ne atetesɛm a egu ahorow. Na ɛsono wɔn mu biara asetra mu nneyɛe. Nanso, wogyee nsɛm a ɛtete saa dii wɔ wɔn nyamesom ahorow mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nnipa yi mu biara na ogyee nneɛma a yɛabobɔ din no nyinaa dii de, nanso wɔn nyinaa gyee emu binom dii. Asɛmmisa a ɛda adi pefee ne sɛ, Dɛn ntia? Na ɛte sɛ nea ɔsom ahorow no nyinaa nyaa wɔn gyidi atitiriw no fii faako, ebi faa pii, ebi faa kakraa bi. Bere twaam no, wosiesiee nsusuwii atitiriw yi sakraa mu, na nkyerɛkyerɛ afoforo fii mu bae. Nanso na dekode a ɛyɛ ankasa no da adi pefee.

33 Ntease wom sɛ nsɛdi a ɛwɔ wiase nyamesom pii nsusuwii atitiriw mu no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ ebiara amfa ne nkutoo kwan so amma. Mmom no, sɛ wɔhwehwɛ mu kɔ akyiri sɛnea ɛsɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn nsusuwii ahorow no fi faako. Ɛhe na efi?

Tete Mmere Pa Bi

34. Onipa mfiase ho atetesɛm bɛn na ɛda adi wɔ ɔsom pii mu?

34 Anigyesɛm ne sɛ atetesɛm a ɛwɔ ɔsom pii mu no mu biako ka sɛ adesamma fii asetra ase wɔ mmere pa bi a na onipa nni bɔne, ɔtraa ase anigye ne asomdwoe mu a na ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, a ɔnyare na onwu mu. Ɛwom sɛ ebia nkyerɛkyerɛmu no gu ahorow de, nanso wohu paradise bi a ɛyɛ pɛ, a na ɛwɔ hɔ bere bi no ho adwene koro no ara wɔ ɔsom pii nhoma ne wɔn atetesɛm mu.

35. Kyerɛkyerɛ tete Soroastafo gyidi a ɛfa tete mmere pa bi ho no mu.

35 Avesta, Persiafo Soroasta nyamesom nhoma kronkron no ka “ɔhoɔfɛfo Yima, oguanhwɛfo pa” a na ɔne onipa a odi kan a Ahura Masda (ɔbɔadeɛ no) ne no bɔɔ nkɔmmɔ ho asɛm. Ahura Masda hyɛɛ no sɛ “ma me wiase no aduan, di so na hwɛ so.” Sɛ obetumi ayɛ saa a, na ɛsɛ sɛ osi “Vara,” asase ase atrae bi ma abɔde a nkwa wom nyinaa. Na “nhyɛso anaa atirimɔdensɛm, agyimisɛm anaa basabasayɛ, ohia anaa nnaadaa, mmerɛwyɛ anaa dɛmdi, ɛse akɛse anaa nipadua a ɛso mmoroso biara nni mu. Honhommɔne no angu emufo ho fĩ. Na wɔtete nnua a eyi hua ne sika adum ase; ná eyinom soso, woye na wɔn ho yɛ fɛ sen biara wɔ asase so; ná wɔn ankasa yɛ abusua a wɔwoware na wɔn ho yɛ fɛ.”

36. Helani anwensɛm kyerɛwfo Hesiod kaa “Mmere Pa” bi ho asɛm dɛn?

36 Tete Helafo mu no, Hesiod anwensɛm Works and Days no ka Onipa Mmere Anum, a nea edi kan ne “Mmere Pa” a nnipa nyaa anigye a edi mũ ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Anyame a wonwu a wɔnenam ɔsoro adiwo,

Dii kan yɛɛ nnipa abusua papa bi.

Wɔde akra a wɔwɔ anigye na biribi nhaw wɔn traa ase te sɛ anyame,

Ná wɔnte ɔbrɛ ne ɛyaw nka; saa ara na

Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ a ɛsɛe nnipa amma wɔn so, na mmom wɔn asetra nyinaa

Wodidii, na wɔn akwaa ansakra.”

Sɛnea Helafo anansesɛm kyerɛ no, saa atetesɛm mu mmere pa no yerae bere a Epimeteo penee so waree ɔhoɔfɛfo Pandora, akyɛde a efi Olimpia nyame Seus hɔ no. Da bi Pandora buee n’ahina kɛse no so na ɔhaw ahorow, amanehunu ahorow ne nyarewa fii mu bae mpofirim a amfi adesamma so da.

37. Kyerɛkyerɛ tete Chinafo atetesɛm a ɛfa “paradise” bi wɔ abakɔsɛm mfiase ho no mu.

37 Tete Chinafo atetesɛm nso ka Huang-Ti (Ɔhempɔn Akokɔsrade) a wose odii hene mfe ɔha wɔ afeha 26 A.Y.B. mu bere so mmere pa bi ho asɛm. Wɔkyerɛe sɛ ɔno na ɔde anibuei ho biribiara bae—ntade ne dabere, akwantu mfiri, akode ne akodi, asase sohwɛ, nneɛma a wɔde mfiri yɛ, sirikyi nwene, nnwonto, kasa, akontaabu, kalenda, ne nea ɛkeka ho. Wɔka sɛ wɔ n’ahenni mu no, “na akorɔmfo anaa ntɔkwaw nni China, na nnipa no traa ase wɔ ahobrɛase ne asomdwoe mu. Osu a ɛtɔɔ ne bere mu ne wim tebea pa ma wonyaa nnɔbae buu so afe biara. Nea na ɛyɛ nwonwa kɛse koraa ne sɛ nkekaboa mpo ankum obi, na nnomaa a wɔkyere afoforo ankum obi. Ne tiaatwa mu ne sɛ China abakɔsɛm de paradise na efii ase.” Ɛde besi nnɛ no, Chinafo da so ara ka sɛ wɔyɛ Ɔhempɔn Akokɔsrade no asefo.

38. Gyinae bɛn na onipa mfiase ho atetesɛm ahorow mu nsɛdi no betumi ama yɛasi?

38 Wotumi hu anigye ne pɛyɛ bere wɔ onipa abakɔsɛm mfiase ho atetesɛm ahorow a ɛtete saa ara wɔ nnipa foforo pii nyamesom mu—Egyptfo, Tibetfo, Perufo, Mexicofo, ne afoforo. So ɛbae ara kɛkɛ sɛ saa nnipa yi nyinaa, a na wɔnte mmɛn na ɛsono wɔn mu biara amammerɛ, kasa ne nneyɛe koraa no nyaa baabi a wofi ho adwene koro? So ɛbae anaa ehyiae ara kwa sɛ wɔn nyinaa paw sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mfiase mu wɔ ɔkwan koro so? Ntease ne osuahu kyerɛ yɛn sɛ entumi mma saa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛbɛyɛ sɛ onipa ne ne nyamesom mfiase ho nokware ahorow bi da adi wɔ atetesɛm ahorow yi nyinaa mu.

39. Sɛ yɛka onipa mfiase ho atetesɛm pii no mu nneɛma nyinaa bom a, dɛn na yehu?

39 Nokwarem no, nneɛma pii a edi nsɛ wɔ hɔ a wohu wɔ onipa mfiase ho wɔ atetesɛm a egu ahorow no nyinaa mu. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, adwene a edi mu kɛse fi ase da adi. Ɛka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan na ɔde wɔn too paradise. Mfiase no na wɔwɔ akomatɔyam ne anigye kɛse, nanso ankyɛ wɔtew atua. Saa atuatew no maa paradise a ɛyɛ pɛ no fii wɔn nsa ma adwuma ne ɔbrɛ, ɛyaw ne amanehunu ara nko bɛhyɛɛ ananmu. Akyiri yi adesamma yɛɛ bɔne araa ma Onyankopɔn twee wɔn aso denam nsuyiri kɛse bi a ɔde bɛsɛee wɔn nyinaa ma ɛkaa abusua biako pɛ no so. Bere a saa abusua no ase fɛee no, wɔn asefo no bi ka boom fii ase sii abankɛse bi de buu Onyankopɔn animtiaa. Onyankopɔn sɛee wɔn nhyehyɛe no denam wɔn kasa a ɔyɛɛ no basabasa na ɔbɔɔ wɔn hwete kɔɔ asase afanan nyinaa so.

40. Kyerɛkyerɛ abusuabɔ a Bible no ne onipa nyamesom ahorow mfiase ho atetesɛm ahorow wɔ no mu.

40 So nea nnipa pii aka yi yɛ obi nsusuwii ara kwa? Dabi. Ne titiriw no, ɛne nea wɔka ho asɛm wɔ Bible no nhoma a ɛne Genesis no atiri 11 a edi kan no mu. Ɛwom sɛ yɛnka nokware a Bible no yɛ ho asɛm wɔ ha de, nanso momma yɛnhyɛ no nsow sɛ nea Bible ka wɔ onipa abakɔsɛm mfiase ho no da adi wɔ atetesɛm pii mu nneɛma atitiriw mu. * Kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ bere a adesamma abusua no fii ase hwete fii Mesopotamia no, wɔde wɔn tirim nsɛm, osuahu horow, ne nsusuwii ahorow kɔɔ baabiara a wɔkɔe no. Bere bi akyi no, wɔkyerɛkyerɛɛ eyinom mu kɔɔ akyiri sakraa no ma ɛbɛyɛɛ nyamesom nnyinaso wɔ wiase afanan nyinaa. Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛsan dan kɔ ntotoho a yɛyɛe no so a, nsɛm a ɛwɔ Genesis no mu na onipa ne ne som mfiase ho nsusuwii atitiriw a wohu wɔ wiase nyamesom ahorow mu no fi. Wɔde wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe kaa ho, nanso abusuabɔ no da adi pefee.

41. Dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwene mu bere a wusua nhoma yi atiri a edidi so no?

41 Yɛbɛka sɛnea ɔsom ahorow pɔtee bi fii ase na enyaa nkɔso no ho asɛm kɛse wɔ nhoma yi atiri a edi hɔ no mu. W’ani begye sɛ wubehu sɛnea ɛsono nyamesom biara wɔ afoforo ho ne sɛnea edi nsɛ nso. Afei nso wubetumi ahu sɛnea nyamesom biara ne adesamma abakɔsɛm ne nyamesom abakɔsɛm mu bere nhyehyɛe hyia, sɛnea ne nhoma anaa kyerɛw kronkron ne afoforo wɔ abusuabɔ, sɛnea nyamesom nsusuwii afoforo nyaa nea ɔde bae anaa ɔkannifo no so nkɛntɛnso, ne sɛnea anya adesamma abrabɔ ne wɔn abakɔsɛm so nkɛntɛnso. Bere a wusua bere tenten a adesamma de ahwehwɛ Onyankopɔn ho ade na nsɛm yi wɔ w’adwenem mu no, ɛbɛboa wo ma woahu nokwasɛm a ɛfa nyamesom ne nyamesom nkyerɛkyerɛ ho pefee.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 31 Sɛ wopɛ nsuyiri ho atetesɛm ahorow a wohu wɔ nnipa ahorow mu no ntotoho ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ sɛ hwɛ nhoma Insight on the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1988 mu no, Po 1, nkratafa 328, 610, ne 611.

^ nky. 40 Sɛ wopɛ asɛm yi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ kɔhwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintim no 1989 mu no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Abɔde ho nyansahu nhwehwɛmu a wofii ase ne adannandi nkyerɛkyerɛ maa nnipa pii gyee nyamesom ho kyim

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 34]

Ɛte sɛ nea na baabi pɔtee wɔ hɔ a nyamesom biara faa ne gyidi atitiriw fii

[Kratafa 28 adaka]

Dɛn Nti na Onipa Pɛ Nyamesom?

▪ John B. Noss da no adi wɔ ne nhoma Man’s Religions no mu sɛ: “Nyamesom nyinaa ka wɔ ɔkwan bi so sɛ onipa nne ne ho na ontumi nyɛ saa nso. Ɔne Abɔde ne Abusua foforo wɔ abusuabɔ a ɛho hia na ɔde ne ho to wɔn tumi so mpo. Sɛ́ onhu anaa ohu pefee no, onim sɛ ɔnyɛ tumi a ɔde ne ho a obetumi atew ne ho afi wiase no ho.”

Saa ara na nhoma World Religions—From Ancient History to the Present no ka sɛ: “Nyamesom ho adesua da no adi sɛ ne fã titiriw bi ne sɛ onipa pɛ sɛ onya asetra so mfaso, gyidi a ɛne sɛ nkwa amma kwa a atirimpɔw nnim. Atirimpɔw a onipa hwehwɛ ma onya tumi bi a ɔkorɔn sen onipa mu gyidi, na awiei koraa no, ɛma onya adwene a wogye tom wɔ baabiara anaa ɛkorɔn sen ne de a botae ne ɔpɛ a ɔwɔ ne sɛ obekura onipa asetra ho gyinapɛn ahorow a ɛsen biara mu.”

Enti nyamesom ma onipa nya ahiade titiriw bi, sɛnea aduan kum yɛn kɔm no. Yenim sɛ sɛ ɔkɔm de yɛn na yedi aduan biara kɛkɛ a, ebetumi ama ɔkɔm no agyae; nanso awiei koraa no, ɛbɛsɛe yɛn akwahosan. Sɛ yebetumi anya akwahosan pa a, yehia aduan pa a ahoɔden wom. Saa ara nso na ehia sɛ yedi honhom fam aduan pa na yɛakɔ so anya honhom fam akwahosan. Enti Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so.”—Deuteronomium 8:3.

[Asase mfonini wɔ kratafa 21]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Bere a adesamma abusua no fii Mesopotamia hwetee no, wɔde wɔn nyamesom nsusuwii ne wɔn tirim nsɛm kɔe

BABILON

LIDIA

SIRIA

MISRAIM

ASIRIA

MEDIA

ELAM

PERSIA

[Kratafa 21 mfonini ahorow]

Nnipa te sɛ Buddha, Konfusio, ne Luther sakraa nyamesom nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ dedaw no; ɛnyɛ wɔn na wɔde nyamesom bae

[Kratafa 25 mfonini]

Austriani adwenemyare duruyɛfo Sigmund Freud kyerɛe sɛ obi a ɔte sɛ agya ho hu na ɛde nyamesom bae

[Kratafa 27 mfonini]

Ka a wɔkae sɛ asase wɔ amansan no mfinimfini no ma wonyaa adwene a ɛnteɛ wɔ sɛnea okyinnsoromma ahorow twa wɔn ho no ho

[Kratafa 33 mfonini ahorow]

Buddhasom ne Roman Katoleksom—dɛn nti na ɛte sɛ nea wɔwɔ nneɛma pii a edi nsɛ?

China Buddhafo mmɔborohunu nyamewa a oturu abofra

Katolekfo Madonna (Maria) a oturu abofra Yesu

Tibet Buddhani de mpaebɔ nkyimii ne rosary rebɔ mpae

Katolekni a ɔde rosary rebɔ mpae

[Kratafa 36 mfonini]

Chinafo atetesɛm ahorow ka Huang-Ti (Ɔhempɔn Akokɔsrade) ahenni wɔ anansesɛm mmere mu bere pa bi ho asɛm