Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn

San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn

Ti 15

San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn

“Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ efi ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu ba?

YESU nam asɛm yi so de gyinapɛn bi sii hɔ maa wɔn a wose wɔyɛ ne nokware akyidifo no. Ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ di honam ani hwɛbea, mmusua ne aman ntam mpaapaemu so. Ɛho behia sɛ nokware Kristofo renyɛ “wiase no fã” sɛnea Yesu anyɛ na ɔnyɛ “wiase no fã” no.—Yohane 17:14, 16, NW; Romafo 12:17-21.

2 Ɔkwan bɛn so na Kristoni kyerɛ sɛ ɔnyɛ “wiase no fa”? Sɛ́ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade dɛn wɔ yɛn bere yi mu amammuisɛm a basabasayɛ wom, ɔman anidan ne akodi ho? Kristoni somafo Yohane kyerɛw asɛm a ɛne Yesu nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ hyia sɛ: “Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ na ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.” Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ nea enti a n’asuafo anko annye no mu sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko . . . Nanso m’ahenni mfi ha.” Bere a Yesu nkwa da asiane mu mpo no, saa asomfo no anko amfa anni ntawntawdi no ho dwuma sɛnea wiase no yɛ no.—1 Yohane 3:10-12; Yohane 18:36.

3, 4. (a) “Nna a edi akyiri no” ho nkɔm bɛn na Yesaia hyɛe? (b) Nsɛmmisa bɛn na ehia mmuae?

3 Bɛboro mfe 700 ansa na Kristo reba no, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ aman nyinaa mu nnipa bɛboaboa wɔn ho ano aba Yehowa nokware som mu na wɔrensua akodi bio. Ɔkae sɛ: “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, . . . na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na [Yehowa, NW] asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” *Yesaia 2:2-4.

4 Wiase som ahorow nyinaa no mu nea ɛwɔ he na edu ahwehwɛde ahorow yi ho paa? Henanom na wɔmpene sɛ wobesua akodi bere a wɔde wɔn to afiase ne nnadeban mu na wobu wɔn kumfɔ nyinaa akyi?

Kristofo Dɔ ne Afã Biara a Wonni

5. Edin bɛn na Yehowa Adansefo ankorankoro agye sɛ Kristofo a wonni afã biara, na dɛn ntia?

5 Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wofi ahonim mu kura afã biara a wonni sɛ Kristofo no mu. Wɔagyina afiase ne nnadeban mu nna, ayayade, asu a wotwa wɔn ne ɔtaa ano wɔ afeha a ɛto so 20 yi nyinaa mu efisɛ wɔmpene sɛ wɔbɛma wɔn dɔ ne biakoyɛ afi wɔn nsa sɛ Kristofo wiase nyinaa asafo a wɔde wɔn ho abɔ Onyankopɔn ho. Wɔ Nasi Germany wɔ 1933–45 mfe no mu no, Adansefo bɛyɛ apem wuwui na wɔde mpempem pii guu afiase esiane sɛ wɔammoa Hitler wɔ n’akodi mu nti. Saa ara nso na wɔ Franco ase wɔ kan Fasist Spain no, wɔde Adansefo nkumaa ɔhaha pii guu afiase, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu pii de mfe du daa asraafo afiase mmom sen sɛ anka wobesua akodi. Ɛde besi nnɛ Yehowa Adansefo nkumaa pii da afiase wɔ aman pii mu wɔ nea wɔyɛ wɔ afa biara a Kristofo nni no ho. Nanso, Yehowa Adansefo mfa wɔn ano nto nniso horow no asraafo nhyehyɛe horow mu. Fa a Adansefo no mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu koraa sɛ Kristofo no yɛ wɔn gyidi mu nneɛma a ɛnsakra wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ntawntawdi ne akodi nyinaa mu no mu biako. Ɛma wɔda nsow sɛ Kristo nokware akyidifo, na ɛma wɔyɛ soronko wɔ Kristoman som ahorow ho.—Yohane 17:16; 2 Korintofo 10:3-5.

6, 7. Dɛn na Yehowa Adansefo abehu wɔ Kristosom ho?

6 Bere a Yehowa Adansefo di Bible no so ne Kristo nhwɛso akyi no, wɔda no adi sɛ wɔde nokware Nyankopɔn Yehowa som bɔ wɔn bra. Wohu Onyankopɔn dɔ a ɛda adi wɔ Yesu asetra ne n’afɔrebɔ mu no. Wonim sɛ Kristofo nokware dɔ ma wonya wiase nyinaa onuayɛ a mpaapaemu nni mu—edi amammui, mmusua, ne aman ntam mpaapaemu so. Ɔkwan foforo so no, Kristosom nyɛ aman ahorow mu som kɛkɛ; ɛwɔ wiase nyinaa, ɛtra ahye, tumidi anaa apɛde. Ebu adesamma sɛ abusua biako ne onipa biako asefo, a wɔn Bɔfo yɛ biako, Yehowa Nyankopɔn.—Asomafo no Nnwuma 17:24-28; Kolosefo 3:9-11.

7 Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔsom foforo biara de ne ho ahyɛ akodi mu—nea ɛma anuanom ne nnipa foforo kunkum wɔn ho—de, nanso Yehowa Adansefo akyerɛ sɛ wotie nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:4 a yɛafa aka asɛm dedaw no. Ebia wubebisa sɛ: ‘Nanso Yehowa Adansefo fi he? Wɔyɛ wɔn ade dɛn?’

Onyankopɔn Adansefo Bebree No

8, 9. Onyankopɔn ato nsa afrɛ adesamma sɛ wɔnyɛ dɛn?

8 Bɛboro mfe 2,700 ni no, odiyifo Yesaia nso de ɔfrɛ yi too gua sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa, NW] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:6, 7.

9 Mfehaha pii akyi no, Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Atene Helafo a ná “wosuro [anansesɛm] mu anyame” (NW) no sɛ: “[Onyankopɔn maa] nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn, NW] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:22-28.

10. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Onyankopɔn ne Adam ne Hawa ne wɔn mma ntam kwan nware?

10 Nokwarem no, na Onyankopɔn ne n’abɔde a wɔyɛ nnipa, Adam ne Hawa, ntam kwan nware. Ɔne wɔn kasae, na ɔkaa ne mmara nsɛm ne n’apɛde kyerɛɛ wɔn. Afei nso, Onyankopɔn amfa ne ho anhintaw wɔn mma Kain ne Habel. Otuu Kain a na nitan ahyɛ no ma no fo bere a n’ani beree afɔre a ne nua no bɔ maa Onyankopɔn no. Nanso, sɛ́ anka Kain bɛsakra ne som no, ɔyɛɛ ahoɔyaw, wannya afoforo som ho koma na okum ne nua Habel.—Genesis 2:15-17; 3:8-24; 4:1-16.

11. (a) Asɛm “mogya dansefo” no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Habel bɛyɛɛ mogya dansefo a odi kan?

11 Habel nam nokware a odi maa Nyankopɔn koduu owu mu mpo no so bɛyɛɛ mogya dansefo a odi kan. * Ɔne Yehowa dansefo a odi kan ne adansefo mudi mu kurafo pii a wɔtraa ase wɔ abakɔsɛm mu nyinaa mu nea odi kan. Enti na Paulo tumi kae sɛ: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.”—Hebrifo 11:4.

12. Henanom ne Yehowa adansefo anokwafo ho nhwɛso afoforo?

12 Paulo bobɔ mmarima ne mmea anokwafo pii te sɛ, Noa, Abraham, Sara ne Mose a wɔnam wɔn mudi mu kura so bɛyɛɛ ‘adansefo [Hela, mar·tyʹron] mununkum kɛse’ a wɔayɛ nhwɛso ne nkuranhyɛ ama afoforo a wɔpɛ sɛ wohu na wɔsom nokware Nyankopɔn no din wɔ saa nhoma koro no ara a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu. Ná wɔyɛ mmarima ne mmea a wɔne Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ. Wɔhwehwɛɛ no na wohuu no.—Hebrifo 11:1–12:1.

13. (a) Dɛn nti na Yesu yɛ Onyankopɔn dɔ a ɔda no adi ho nhwɛso titiriw? (b) Ɔkwan titiriw bɛn so na Yesu yɛ nhwɛso ma n’akyidifo?

13 Adansefo a wɔte saa no mu otitiriw ne nea wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ “Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo” no. Yesu yɛ Onyankopɔn dɔ ho adanse foforo a ɛda adi pefee, efisɛ Yohane kyerɛwee sɛ: “Na yɛahu na yedi adanse sɛ: agya no asoma ɔba no sɛ wiase agyenkwa. Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu. Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi.” Wɔwoo Yesu sɛ Yudani, na ɔyɛ ɔdansefo nokwafo na owui sɛ mogya dansefo de dii N’agya Yehowa nokware. Ná Kristo nokware akyidifo a wɔbɛba wɔ mfe a ɛbɛba no mu nso bɛyɛ ɔne ne nokware Nyankopɔn, Yehowa, no adansefo.—Adiyisɛm 1:5; 3:14; 1 Yohane 4:14-16; Yesaia 43:10-12; Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

14. Asɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebua?

14 Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ ba a wɔbɛsan aba nokware Nyankopɔn Yehowa nkyɛn no bɛyɛ “awiei bere” anaa nea Bible afã foforo frɛ no “nna a edi akyiri” no ho sɛnkyerɛnne no bi. * Esiane ɔsom ahorow ne basaayɛ a yɛaka ho asɛm wɔ nhoma yi mu no nti, asɛmmisa no ne sɛ: Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, henanom na wɔahwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan ankasa na wɔsom no “honhom ne nokware” mu? Sɛ yebebua saa asɛmmisa no a, ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn adwene kɔ nsɛm a asisi wɔ afeha a ɛto so 19 mu no so.—Yesaia 2:2-4; 2 Timoteo 3:1-5; Yohane 4:23, 24.

Aberante Bi Hwehwɛ Onyankopɔn

15. (a) Hena ne Charles Taze Russell? (b) Ná nyamesom mu nneɛma a onnye nni no binom ne dɛn?

15 Wɔ 1870 mu no, aberante mmɔdenbɔfo bi, Charles Taze Russell (1852-1916), fii ase bisaa Kristoman tete nkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii. Sɛ́ abofra no, ɔyɛɛ adwuma wɔ n’agya aguadidan mu wɔ mfiridwuma kurow Allegheny a ɛreyɛ kɛse (ɛnnɛ ɛyɛ Pittsburgh fã baabi), Pennsylvania, U.S.A. Wɔtetee no sɛ Presbiteriani ne Congregational asɔre no muni. Nanso, nkyerɛkyerɛ te sɛ nkrabea ne daa ayayade wɔ hellgya mu no haw no. Dɛn nti na na onnye Kristoman nyamesom ahorow bi nkyerɛkyerɛ atitiriw yi nni? Ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn a ɔde ne tumi bɛbɔ nnipa a onim wɔn dedaw na ɔhyɛ to hɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayayade daa no ntumi nyɛ onyansafo, nea ɔteɛ ne nea ɔwɔ ɔdɔ. Ne gyinapɛn bɛba fam asen nnipa pii de.”—Yeremia 7:31; 19:5; 32:35; 1 Yohane 4:8, 9.

16, 17. (a) Nkyerɛkyerɛ bɛn na Russell Bible adesua kuw no ani gyee ho kɛse? (b) Akyinnyegye titiriw bɛn na ɛsɔree, na Russell buaa dɛn?

16 Bere a Russell nnii mfe aduonu no, ɔne mmerante foforo fii ase yɛɛ dapɛn biara Bible adesua. Wofii ase hwehwɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa nsɛm foforo te sɛ ɔkra a enwu da ne Kristo agyede afɔrebɔ ne ne ba a ɛto so abien ho no mu. Wɔ 1877 mu bere a na Russell adi mfe 25 no, ɔtɔn kyɛfa a na ɔwɔ wɔ n’agya adwuma a ɛretrɛw no mu, na ofii bere nyinaa asɛnka adwuma ase.

17 Wɔ 1878 mu no, Russell ne ne mfɛfo no mu biako a na wapo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Kristo wu no betumi ayɛ mpatade ama abɔnefo, no gyee akyinnye kɛse. Russell kyerɛwee wɔ mmuae a ɔde mae no mu sɛ: “Kristo yɛɛ nneɛma pa pii maa yɛn wɔ ne wu ne ne wusɔre mu. Ɔyɛ yɛn nanmusifo wɔ owu mu; owui sɛ ɔtreneeni maa abɔnefo—yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. Yesu Kristo nam Onyankopɔn dom so kaa owu hwɛe maa onipa biara. . . . Ɔbɛyɛɛ daa nkwagye farebae maa wɔn a wotie no nyinaa.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ́ wobegye obi no kyerɛ sɛ wɔbɛsan atɔ no. Dɛn na Kristo san tɔ maa nnipa nyinaa? Nkwa. Adam a odi kan asoɔden yeraa no. Adam a ɔto so abien [Kristo] de n’ankasa nkwa san tɔe.”—Marko 10:45; Romafo 5:7, 8; 1 Yohane 2:2; 4:9, 10.

18. (a) Dɛn na ɛbae wɔ agyede no ho akyinnyegye no akyi? (b) Ntoboa ho nhwɛso bɛn na Bible Asuafo no dii akyi?

18 Esiane sɛ na Russell yɛ agyede nkyerɛkyerɛ no ho dawurubɔfo kɛse nti, ɔne ne yɔnko no tetew mu koraa. Wɔ July 1879 mu no, Russell fii ase tintim Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence, a wonim wɔ wiase nyinaa nnɛ sɛ Ɔwɛn-Aban—Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no. Wɔ 1881 mu no, ɔne Kristofo foforo a wɔahyira wɔn ho so hyehyɛɛ Bible asafo a ɛnhwehwɛ mfaso. Wɔfrɛɛ no Zion’s Watch Tower Tract Society, na nnɛ wɔfrɛ no Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, mmara kwan so ahyehyɛde a edi Yehowa Adansefo ahiade ho dwuma. Efi mfiase pɛɛ no, Russell kae sɛ wonnnyigye sika wɔ asafo nhyiam horow ase na wɔmmfa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow nnsrɛsrɛ ntoboa. Ná wɔfrɛ nnipa a wɔbɛkaa Russell ho ma wɔyɛɛ Bible adesua a emu dɔ no sɛ Bible Asuafo.

Wɔsan Hu Bible Mu Nokware No

19. Kristoman nkyerɛkyerɛ bɛn na Bible Asuafo no poe?

19 Esiane Russell ne n’ayɔnkofo no Bible adesua nti, wɔpoo Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛne “Baasakoro Kronkron” ahintasɛm, ɔdesani kra a enwu da ne daa ayayade wɔ hellgya mu no. Wɔsan poo hia a ehia sɛ wonya asɔfokuw a wɔatete wɔn wɔ asɔfo nteteebea. Wɔpɛe sɛ wɔsan kɔfa Kristosom a edi kan no, a mpanyimfo a wɔfata wɔ honhom mu di asafo no anim a wonni adwene sɛ wobenya akatua anaasɛ mfaso.—1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9.

20. Dɛn na Bible Asuafo no hui wɔ Kristo pa·rou·siʹa ne 1914 ho?

20 Bible Asuafo no ani gyee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei” ne Kristo “ba” ho no ho paa wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔhwehwɛɛ mu no mu. (Mateo 24:3) Bere a wɔkenkan nea wɔde Hela kyerɛwee no, wohui wɔ nokwarem sɛ Kristo “ba” no yɛ “pa·rou·siʹa” anaasɛ mmae a wɔmfa aniwa nhu. Enti, na Kristo aka ne mmae wɔ awiei bere no mu a aniwa nhu ho adanse ho asɛm akyerɛ n’asuafo, na ɛnyɛ ba a ɔbɛba daakye wɔ honam mu. Na Bible asuafo no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛte Kristo ba ho mmerebu a ɛwɔ Bible mu no ase aka adesua yi ho. Ɛwom sɛ Russell ne n’ayɔnkofo no ante ne nyinaa ase anwie de, nanso wohui sɛ 1914 bɛyɛ bere titiriw wɔ adesamma abakɔsɛm mu.—Mateo 24:3-22; Luka 21:7-33.

21. Russell ne ne mfɛfo gyidifo no tee nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde bɛn?

21 Ná Russell nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma kɛse bi. Ná onim Yesu asɛm a Mateo kyerɛw too hɔ no: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14; Marko 13:10) Ansa na 1914 reba no na Bible Asuafo no de ntɛmpɛ yɛ wɔn adwuma no. Wogye dii sɛ wɔn asɛnka adwuma no bɛba awiei saa afe no, ma enti wɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden biara boa afoforo ma wɔte “ahenni no ho asɛmpa yi.” Awiei koraa no, wotintim Bible mu ɔkasa ahorow a C. T. Russell mae no wɔ atesɛm nkrataa mpempem pii mu wɔ wiase nyinaa.

Sɔhwɛ ne Nsakrae Ahorow

22-24. (a) Bere a C. T. Russell wui no, Bible Asuafo dodow no ara yɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Hena na osii Russell ananmu sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani?

22 Wɔ 1916 mu, bere a na Charles Taze Russell adi mfe 64 no, owui mpofirim bere a na ɔrekyinkyin United States nyinaa aka asɛm no. Afei dɛn na na ɛbɛto Bible Asuafo no? So wobegyae wɔn adwuma no te sɛ nea wɔyɛ onipa bi kɛkɛ akyidifo? Ná wɔbɛyɛ dɛn agyina Wiase Ko I (1914-18) a na aka bere tiaa bi ma United States de ne ho ahyɛ emu nnipakum mu no mu sɔhwɛ ahorow no ano?

23 Asɛm a W. E. Van Amburgh, Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo mu biako kae yi kyerɛ sɛnea Bible Asuafo dodow no ara yɛɛ wɔn ade: “Wiase nyinaa adwuma kɛse yi nyɛ onipa biako adwuma. Ɛsõ dodo ma onipa biako. Ɛyɛ Onyankopɔn adwuma na ɛnsakra. Tete no Onyankopɔn de nkoa pii dii dwuma na akyinnye biara nni ho sɛ Ɔde pii bedi dwuma daakye. Yɛanhyira yɛn ho so amma onipa, anaasɛ onipa bi adwuma, na mmom sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, sɛnea Ɔnam N’asɛm ne ne ɔsoro akwankyerɛ so bɛda no adi akyerɛ yɛn no. Onyankopɔn na ɔda so ara kyerɛ nneɛma kwan.”—1 Korintofo 3:3-9.

24 Wɔ January 1917 mu no, wɔpaw Joseph F. Rutherford, a na ɔyɛ mmaranimfo ne Bible suani mmɔdenbɔfo no sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abien. Ná n’ani yɛ den enti ná wontumi nsisi no. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm.—Marko 13:10.

Nnamyɛ ne Din Foforo

25. Bible Asuafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no akyi asɛnnennen no ho?

25 Ɔwɛn Aban Asafo no yɛɛ nhyiam ahorow wɔ United States wɔ 1919 ne 1922 mu. Wɔ Wiase Ko I no mu ɔtaa wɔ United States akyi no, na ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ Pentekoste foforo ma Bible Asuafo mpem kakraa bi no wɔ saa bere no mu. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Sɛ anka wobesuro onipa mmom no, wɔde ahoɔden foforo koraa gyee Bible ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔnkɔka asɛm nkyerɛ amanaman no so. Wɔ 1919 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no yɛɛ nsɛmma nhoma foforo kaa Ɔwɛn-Aban no ho a na wɔfrɛ no Golden Age na nnɛ wɔfrɛ no Nyan! Eyi ayɛ adwinnade a ɛyɛ nnam a wɔde ma nkurɔfo hu nea bere a yɛte mu yi kyerɛ na ama wɔanya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe wom ho no mu awerɛhyem.

26. (a) Asɛyɛde bɛn na Bible Asuafo no kɔɔ so sii so dua? (b) Bible no mu ntease a emu da hɔ kɛse bɛn na Bible Asuafo no nyae?

26 Wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no, Bible Asuafo no kɔɔ so sii ɔkwan a tete Kristofo no faa so kaa asɛm no so dua—afie afie. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Ná ɛyɛ gyidini biara asɛyɛde sɛ obedi Kristo Ahenni nniso no ho adanse akyerɛ nnipa dodow biara a obetumi. Wohui wɔ Bible no mu pefee sɛ ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda adesamma anim no fa amansan tumidi ho, na Yehowa Nyankopɔn bɛsɛe Satan ne n’asase so nnwuma bɔne nyinaa de adi eyi ho dwuma. (Romafo 16:20; Adiyisɛm 11:17, 18) Ɔsɛmpɔw yi ma wohui sɛ Onyankopɔn a wobebu no bem sɛ Sodifo a ɔfata no ho hia sen onipa nkwagye. Enti, na ɛsɛ sɛ wonya adansefo anokwafo wɔ asase so a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobedi Onyankopɔn atirimpɔw ne ne pumpuni a ɔyɛ ho adanse. Wodii eyi ho dwuma dɛn?—Hiob 1:6-12; Yohane 8:44; 1 Yohane 5:19, 20.

27. (a) Asɛntitiriw bɛn na esii 1931? (b) Adansefo no gyidi a ɛda nsow no bi ne nea ɛwɔ he?

27 Bible Asuafo no yɛɛ nhyiam wɔ Columbus, Ohio, July 1931 na nnipa mpempem pii a wɔkɔe no gyee tirimbɔ bi toom. Wɔde anigye gyee “edin a Awurade Nyankopɔn de n’ano bɔe” no toom kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ wɔde din no, ‘Yehowa Adansefo,’ frɛ yɛn.” Efi saa bere no, Yehowa Adansefo abɛyɛ nnipa a wonim wɔn wɔ wiase nyinaa a ɛnyɛ wɔn gyidi horow a ɛda nsow no nko nti, na mmom wɔn afie afie ne mmɔnten so ɔsom adwuma no nso nti. (Hwɛ nkratafa 356-7.)—Yesaia 43:10-12; Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

28. Wɔ 1935 mu no, Ahenni nniso no ho ntease a emu da hɔ kɛse bɛn na Adansefo no nyae?

28 Wɔ 1935 mu no, Adansefo no nyaa ɔsoro Ahenni kuw a wɔne Kristo bedi tumi, ne wɔn a wobedi wɔn so wɔ asase so no ho ntease a emu da hɔ kɛse. Ná wonim dedaw sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔne Kristo bedi tumi wɔ soro no dodow bɛyɛ 144,000 pɛ. Enti, ná dɛn na ɛbɛyɛ adesamma a wɔaka no anidaso? Ɛho hia sɛ nniso biara nya wɔn a edi wɔn so de kyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ. Ɔsoro nniso yi, Ahenni no nso benya nnipa asoɔmmerɛfo ɔpepem pii a ebedi wɔn so wɔ asase so ha. Eyinom bɛyɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wɔteɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn [Yehowa] a ɔte ahengua no so ne oguammaa [Kristo Yesu] dea.”—Adiyisɛm 7:4, 9, 10; 14:1-3; Romafo 8:16, 17.

29. Adwumaden bɛn na Adansefo no hui na wogye toom?

29 Nnipakuw kɛse no ho ntease yi boaa Yehowa Adansefo ma wohui sɛ wɔwɔ adwuma kɛse bi da wɔn anim—sɛ wɔbɛhwehwɛ nnipa ɔpepem pii a wɔhwehwɛ nokware Nyankopɔn no a wɔbɛka abom ayɛ “nnipakuw kɛse” no nyinaa na wɔakyerɛkyerɛ wɔn. Ná wɔbɛyɛ amanaman ntam ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi. Ná ebehia akasafo ne asomfo a wɔatete wɔn. Ná sukuu ahorow ho behia. Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi hɔ no huu eyinom nyinaa.

Wɔhwehwɛ Wɔn a Wɔhwehwɛ Onyankopɔn no Wɔ Wiase Nyinaa

30. Nsɛm a esisii wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu bɛn na ɛkaa Adansefo no?

30 Wɔ 1931 mu no, na Adansefo a wonnu 50,000 wɔ aman a ennu 50 mu. Nsɛm a esisii wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no amma wɔn asɛnka no anyɛ mmerɛw. Saa bere yi mu na Fasist ne Nasi nniso ne Wiase Ko II bae. J. F. Rutherford wui wɔ 1942 mu. Ná Ɔwɛn Aban Asafo no behia ɔkannifo a ɔyɛ den na wasan ahyɛ Yehowa Adansefo asɛnka no mu den.

31. Ade a wɔde bɛtrɛw asɛmpaka no mu bɛn na efii ase wɔ 1943 mu?

31 Wɔ 1942 mu no, wɔpaw Nathan H. Knorr a ná wadi mfe 36 no sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abiɛsa. Ná ɔyɛ obi a ɔyɛ hyew na onim nhyehyɛe, na na onim pefee sɛ ɛho hia sɛ wɔka asɛmpa no ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa sɛnea wobetumi, ɛwom sɛ na amanaman no gu so reko Wiase Ko II de. Enti, ɔyɛɛ sukuu a wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo a wɔfrɛ no Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu ho nhyehyɛe ntɛm ara. * Adesuafo ɔha a wodi kan a na wɔn nyinaa yɛ bere nyinaa asomfo no fii adesua ase January 1943. Wɔde bɛyɛ asram asia suaa Bible no ne ɔsom ho nneɛma foforo kɔɔ akyiri yiye ansa na wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ wɔn adwuma, wɔ aman foforo so titiriw. Ebeduu 1990 no na adesuafo akuw 89 awie sukuu no, na na asomfo mpempem pii afi Gilead resom wɔ wiase nyinaa.

32. Nkɔso bɛn na Yehowa Adansefo anya fi 1943?

32 Wɔ 1943 mu no, na Adansefo 126,329 pɛ na wɔreka asɛm wɔ aman 54 so. Wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den a wohyiae wɔ Nasifo, Fasistfo, Komunisfo ne Katolek Kuw ne wɔn a wose wɔyɛ demokrase aman no nsam wɔ Wiase Ko II mu nyinaa akyi no, ebeduu 1946 no, na Yehowa Adansefo boro Ahenni asɛnkafo 176,000. Mfe aduonum abien akyi no, bɛboro ɔpepem anum ne fã na wɔwɔ nsase, nsupɔw ne nsasesin bɛboro 230 so. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn din ne wɔn nneyɛe a wonim pefee no ama wɔahu wɔn wɔ wiase nyinaa. Nanso nneɛma foforo ka ho bi na ama wotu mpɔn kɛse no.—Sakaria 4:6.

Bible Nkyerɛkyerɛ Ahyehyɛde

33. Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ Ahenni Asa ahorow?

33 Yehowa Adansefo yɛ dapɛn dapɛn Bible adesua ho nhyiam horow wɔ wɔn Ahenni Asa a asafo bɛboro 87,000 hyia wɔ so wɔ wiase nyinaa no so. Nhyiam horow yi nnyina amanne anaa nkate so na mmom Onyankopɔn, n’Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ a wobenya so. Enti Yehowa Adansefo hyiam mprɛnsa dapɛn biara na ama wɔn Bible mu ntease akɔ anim na wɔasua sɛnea wɔbɛka asɛm no akyerɛ afoforo akyerɛkyerɛ wɔn.—Romafo 12:1, 2; Filipifo 1:9-11; Hebrifo 10:24, 25.

34. Teokrase Ɔsom Sukuu no atirimpɔw ne dɛn?

34 Sɛ́ nhwɛso no, dapɛn mfinimfini nhyiam no biako ne Teokrase Ɔsom Sukuu a asafo no mufo betumi akyerɛw wɔn din wom no. Wɔde sukuu a Kristoni panyin a ɔfata hwɛ so yi tete mmarima, mmea, ne mmofra wɔ nkyerɛkyerɛ ne nsɛm a wɔka ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia mu. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” Adansefo no san sua sɛnea wɔde “odwo ne [obu a emu dɔ, NW]” bɛka Ahenni asɛm no nso wɔ wɔn Kristofo nhyiam horow ase.—Kolosefo 4:6; 1 Petro 3:15, 16.

35. Nhyiam foforo bɛn na Adansefo no yɛ, na mfaso bɛn na ɛwɔ so?

35 Adansefo no hyia da foforo nso tie simma 45 Bible mu ɔkasa na asafo no de dɔnhwerew biako susuw Bible mu asɛmti a ɛfa Kristofo nkyerɛkyerɛ anaa abrabɔ ho (denam nsɛmmisa ne mmuae so) ho wɔ ɛno akyi. Asafo no mufo fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ mu. Afe biara Adansefo no kɔ nhyiam akɛse abiɛsa nso, amansin ne ɔmantam nhyiam horow a ɛyɛ da koro kosi nnanan a nnipa mpempem pii taa hyiam tie Bible mu ɔkasa horow. Esiane eyi ne nhyiam foforo a wonnye sika wɔ ho nti, Ɔdansefo biara ma nimdeɛ a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ma asase yi ne adesamma ho nya nkɔanim de ka nkyerɛkyerɛ a ɛkyɛn so a onya wɔ Kristofo abrabɔ pa ho no ho. Ɛma wɔn mu biara bɛn nokware Nyankopɔn, Yehowa, no denam Kristo Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛso akyi a odi no so.—Yohane 6:44, 65; 17:3; 1 Petro 1:15, 16.

Wɔahyehyɛ Adansefo no Dɛn?

36. (a) So Adansefo no wɔ asɔfokuw a wotua wɔn ka? (b) Ɛnde henanom na wodi asafo no anim?

36 Ntease wom sɛ, sɛ Yehowa Adansefo yɛ nhyiam horow na wɔhyehyɛ wɔn ma asɛnka a, ɛsɛ sɛ wonya obi di wɔn anim. Nanso, wonni asɔfokuw a wotua wɔn ka ne ɔkannifo bi a ɔkanyan nkate a wɔhoahoa no. (Mateo 23:10) Yesu kae sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8; Asomafo no Nnwuma 8:18-21) Mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔfata wɔ honhom mu a wɔn mu pii yɛ honam fam nnwuma na wɔhwɛ mmusua, a wofi wɔn pɛ mu di anim kyerɛkyerɛ asafo no de akwankyerɛ ma wɔn wɔ asafo biara mu. Eyi ne nhwɛso a afeha a edi kan no mu Kristofo yɛe no pɛpɛɛpɛ.—Asomafo no Nnwuma 20:17; Filipifo 1:1; 1 Timoteo 3:1-10, 12, 13.

37. Wɔpaw mpanyimfo ne asafo mu asomfo dɛn?

37 Ɔkwan bɛn na wɔfa so paw mpanyimfo ne asafo mu asomfo yi? Wɔpaw wɔn wɔ sodikuw a emufo yɛ mpanyimfo a wɔasra wɔn a wofi aman horow so a wɔn dwumadi te sɛ asomafo ne mpanyimfo kuw a na wɔwɔ Yerusalem a wodii tete Kristofo asafo no anim no akwankyerɛ ase. Sɛnea yehui wɔ Ti 11 no, na asomafo no mu biara nkorɔn nsen wɔn a wɔaka no. Wosisii wɔn gyinae sɛ kuw, na asafo ahorow a na ahwete wɔ Roma ahemman no mu nyinaa kyerɛɛ obu maa wɔn.—Asomafo no Nnwuma 15:4-6, 22, 23, 30, 31.

38. Sodikuw no di dwuma dɛn?

38 Nhyehyɛe koro no ara na Yehowa Adansefo Sodikuw no de di dwuma nnɛ. Wɔyɛ dapɛn dapɛn nhyiam wɔ wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, na wɔde akwankyerɛ fi hɔ kɔma Baa Boayikuw ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛhwɛ ɔsom dwumadi no so wɔ ɔman biara mu no. Esiane sɛ Yehowa Adansefo di Kristofo a wodi kan koraa no nhwɛso akyi nti, wɔatumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase no fã kɛse. Wɔda so ara reyɛ saa adwuma no wɔ wiase nyinaa.—Mateo 10:23; 1 Korintofo 15:58.

Wɔsen Yuu Kɔ Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn

39. (a) Dɛn nti na Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu? (b) Ɔkwan bɛn so na asi Adansefo no yiye wɔ bara a wɔbara wɔn no mu?

39 Yehowa Adansefo adi yiye wɔ afeha 20 yi mu wɔ wiase nyinaa. Aba saa mpo wɔ aman a wɔabara wɔn anaasɛ wɔde nsa ato wɔn dwumadi so wom no mu. Nniso horow a wɔnte afã biara a Yehowa Adansefo nni wɔ wiase yi amammuisɛm ne ɔmampɛ mu ase titiriw no na wɔabara Adansefo no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 347 no mu.) Nanso, wɔ aman a ɛte sɛɛ mu no, nnipa ɔpedudu pii aba Onyankopɔn Ahenni no afã sɛ ɛne adesamma asomdwoe ne ahotɔ ho anidaso koro pɛ. Wɔadi adanse kɛse wɔ aman dodow no ara mu na mprempren Adansefo ɔpepem pii a wɔyɛ nnam wɔ baabiara.—Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 361.

40, 41. (a) Dɛn na Yehowa Adansefo retwɛn mprempren? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wobua ara?

40 Esiane Kristofo dɔ a Yehowa Adansefo wɔ ne wɔn “ɔsoro foforo ne asase foforo” anidaso no nti, wɔhwɛ daakye bi a enni akyiri a nsɛm a ɛbɛwosow wiase no de asase yi so atɛnkyea, dwowtwa ne amumɔyɛ nyinaa bɛba awiei no kwan. Enti wɔbɛkɔ so akɔ wɔn yɔnkonom nkyɛn de nokwaredi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma komapafo abɛn nokware Nyankopɔn Yehowa no.—Adiyisɛm 21:1-4; Marko 13:10; Romafo 10:11-15.

41 Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, mprempren anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma, nyamesom, ne asase a ɛso asɛe yi? Yɛn asɛmti a etwa to no bebua asɛmmisa a ɛho hia yi.—Yesaia 65:17-25; 2 Petro 3:11-14.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wohu nsɛm abien a etwa to yi wɔ “Isaiah Wall” no ho wɔ Amanaman Nkabom dan no anim ne Amanaman Nkabom turo no mu nkaedum bi ho, na nokwarem no, ne mmamu yɛ Amanaman Nkabom no botae biako.

^ nky. 11 Nea Hela asɛmfua marʹtyr a wonyaa Twi asɛmfua “mogya dansefo” fi mu no (“obi a ɔde ne wu di adanse,” An Expository Dictionary of New Testament Words, a W. E. Vine yɛe), kyerɛ ankasa ne “ɔdansefo” (“obi a ɔfa ɔkwan biara so kyerɛ anaa otumi kyerɛ sɛ nea n’ankasa ahu anaa wate anaa onim no yɛ nokware,” A Greek-English Lexicon of the New Testament, a J. H. Thayer yɛe).

^ nky. 14 Sɛ wopɛ “nna a edi akyiri” no ho asɛm pii a, hwɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii wɔ 1983 mu no Ti 18.

^ nky. 31 Gilead fi Hebri asɛmfua Gal·‛edhʹ a ɛkyerɛ “Adanse Kuw” mu. San hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 882, 942.—Genesis 31:47-49.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 347 adaka]

Kristofo Amfa Wɔn Ho Anhyɛ Akodi Mu Wɔ Abosonsom Roma

Esiane sɛ tete Kristofo no dii ɔdɔ ne asomdwoe ho nnyinasosɛm a Yesu kyerɛkyerɛe akyi na wosuaa Onyankopɔn Asɛm nti, wɔamfa wɔn ho anhyɛ akodi mu na wɔamma wɔantete wɔn amma akodi. Yesu kae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36.

Wɔ afe 295 Y.B. mu no, wɔhyɛɛ Maximilianus a ofi Theveste, a na ɔyɛ Romafo sraani no ba sɛ ɔmmɛyɛ ɔsraani. Bere a amrado no bisaa ne din no, obuae sɛ: “Dɛn nti na saa bere yi na wopɛ sɛ wuhu me din? Mifi ahonim mu po sraadi: Meyɛ Kristoni. . . . Mintumi mfa me ho nhyɛ mu; mintumi nyɛ bɔne ntia m’ahonim.” Amrado no bɔɔ no kɔkɔ sɛ sɛ wampene so a, ne nkwa befi ne nsa. “Meremfa me ho nhyɛ mu. Wubetumi atwa me ti, nanso merensom Wiase Yi atumfoɔ; mɛsom me Nyankopɔn.”—An Historian’s Approach to Religion, a Arnold Toynbee kyerɛwee.

Wɔ nnɛ bere yi mu no, Bible sua ama Yehowa Adansefo ankorankoro a wɔwɔ wiase nyinaa tie wɔn ahonim ma wɔasi gyinae a ɛte saa ara. Wokunkum pii wɔ aman bi mu, titiriw Nasi Germany, baabi a wɔde tuo kum wɔn, wɔsɛn wɔn anaa wotwitwaa wɔn ti wɔ Wiase Ko II mu no. Nanso wontumi nsɛee wɔn wiase nyinaa biakoyɛ a egyina Kristofo dɔ so no da. Obiara nni hɔ a Yehowa Adansefo Kristofo mu biako akum no wɔ ɔko mu da. Sɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo nyinaa nso de Kristo ɔdɔ mmara no bɔ wɔn bra a, hwɛ sɛnea anka wiase abakɔsɛm betumi ayɛ soronko!—Romafo 13:8-10; 1 Petro 5:8, 9.

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ ktratafa 356, 357]

Nea Yehowa Adansefo Gye Di

Asɛmmisa: Dɛn ne ɔkra?

Mmuae: Wɔ Bible mu no, ɔkra (Hebri, neʹphesh; Hela, psy·kheʹ) yɛ onipa anaa aboa anaasɛ nkwa a onipa anaa aboa wɔ.

“Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma [akra, NW] a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te. Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”—Genesis 1:24; 2:7.

Mmoa ne nnipa YƐ akra ateasefo. Ɔkra nyɛ biribi a ne nkutoo tew ne ho tra. Ebetumi awu na ewu. “Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”—Hesekiel 18:4.

Asɛmmisa: So Onyankopɔn yɛ Baasakoro?

Mmuae: Yehowa Adansefo gye di sɛ Yehowa yɛ Amansan Hene a obiara ne no nsɛ wɔ amansan yi mu. “Israel tie, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro.” (Deuteronomium 6:4) Sɛ Asɛm no, na Kristo Yesu yɛ honhom abɔde a ɔbaa asase so bɛyɛɛ N’agya apɛde. Yehowa korɔn sen no. “Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne [Kristo] nan ase a, ɛno na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”—1 Korintofo 15:28; hwɛ Mateo 24:36; Marko 12:29; Yohane 1:1-3, 14-18; Kolosefo 1:15-20 nso.

Honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi anaasɛ ahoɔden a ɔde yɛ ade, na ɛnyɛ onipa.—Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 17, 18.

Asɛmmisa: So Yehowa Adansefo som abosom anaasɛ wodi wɔn ni?

Mmuae: Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ abosonsom biara mu, sɛ ebia ɛyɛ ahoni, nnipa, anaasɛ ahyehyɛde ahorow som no.

“Yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee ewiase, nanso onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara. Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, ade a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a, yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.”—1 Korintofo 8:4-6; hwɛ Dwom 135:15-18 nso.

Asɛmmisa: So Yehowa Adansefo bɔ Mass anaasɛ wɔkɔ Adidi?

Mmuae: Yehowa Adansefo nnye nni sɛ adidi kronkron abodoo ne nsa no dan Yesu honam ne mogya, a ɛyɛ Roman Katolek nkyerɛkyerɛ no. Wɔhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ da a ɛne Yudafo Nisan 14 hyia (ɛtaa si March anaasɛ April mu) sɛ ade a wɔde kae Kristo wu afe biara. Wɔ nhyiam yi ase no, wɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ a ɛyɛ Kristo nipadua a bɔne nni ho ne n’afɔrebɔ mogya ho sɛnkyerɛnne no fa nnipa no nyinaa anim. Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ ne soro Ahenni no mu nkutoo na wodi abodoo nom nsa no bi.—Marko 14:22-26; Luka 22:29; 1 Korintofo 11:23-26; Adiyisɛm 14:1-5. *

[Mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo hyia wɔ Ahenni Asa ahorow so daa sua Bible no

Ahenni Asa Ahorow: Ichihara City, Japan (benkum so kratafa no), ne Boituva, Brazil

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 112 Sɛ wopɛ asɛm yi ho nsɛm foforo a, hwɛ Reasoning From the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1985 no nkratafa 261-9.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 361]

Aman Bi a Adansefo Ka Asɛm Wom

Ɔman Adansefo a Wɔka Asɛm Daa

Argentina 122,000

Australia 63,000

Brazil 488,000

Britain 132,000

Canada 113,000

Colombia 100,000

El Salvador 27,000

Finland 20,000

France 121,000

Germany, F. R. 172,000

Greece 27,000

Hungary 21,000

India 20,000

Italy 232,000

Japan 223,000

Korea 86,000

Lebanon 3,700

Mexico 518,000

Nigeria 222,000

Philippines 128,000

Poland 127,000

Portugal 48,000

Puerto Rico 27,000

South Africa 67,000

Spain 104,000

U.S.A. 1,040,000

Venezuela 83,000

Zambia 104,000

30 a wɔabara adwuma no wɔ hɔ 24,000

1998 Wiase Nyinaa Akontaabu Asafo ahorow 87,644 Adansefo 5,889,000

[Kratafa 346 mfonini]

Amanaman Nkabom no asomdwoe honi no so nsɛm ka sɛ: “Yɛde yɛn nkrante bɛbobɔ nsɔw”; Bible mu asɛm no wɔ “Yesaia Fasu” no ho

[Kratafa 351 mfonini]

Yehowa Adansefo gye Kristo agyede afɔrebɔ ma adesamma bɔne no di

[Kratafa 363 mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo Nhyiam Asa Ahorow: Asa a ɛwɔ East Pennines, England, mfonini a wofi wim twae

Nhyiam Asa, Fort Lauderdale, Florida, U.S.A., wɔyɛ Engiresi, Spain ne Franse kasa dwumadi ahorow wɔ so

[Kratafa 364 mfonini ahorow]

Ɔwɛn Aban Asafo no Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti, Brooklyn, New York; (efi soro wɔ benkum so) office, nhoma tintimbea, ne dabere (nea esisi adan bruu no mu no)

[Kratafa 365 mfonini ahorow]

Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea ahorow (fi soro benkum so) South Africa, Spain ne New Zealand