Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Taosom ne Konfusiosom—Ɔsoro Kwan a Wɔhwehwɛ

Taosom ne Konfusiosom—Ɔsoro Kwan a Wɔhwehwɛ

Ti 7

Taosom ne Konfusiosom—Ɔsoro Kwan a Wɔhwehwɛ

Taosom, Konfusiosom ne Buddhasom yɛ ɔsom atitiriw abiɛsa a ɛwɔ China ne Apuei Fam Akyirikyiri. Nanso Taosom ne Konfusiosom mmɛyɛɛ ɔsom a ɛwɔ wiase nyinaa te sɛ Buddhasom, na mmom atra China ne baabiara a Chinafo amammerɛ nkɛntɛnso ada adi titiriw. Ɛwom sɛ wonnim Tao ne Konfusio akyidifo a wɔwɔ China mprempren de, nanso anya wiase nnipa nkyem anan mu biako nyamesom so nkɛntɛnso wɔ mfe 2,000 a atwam ni no mu.

1. (Fa nnianim asɛm no ka ho.) (a) Ɛhe na Taosom ne Konfusiosom wɔ, na atrɛw adu he? (b) Bere bɛn na yɛredan akɔ so seesei akɔhwehwɛ nkyerɛkyerɛ yi mu?

MA NHWIREN ɔha mpae; ma ɔsom ɔha nni aperepere.’ Asɛm a Mao Tse–tung a ofi People’s Republic of China maa nnipa pii tee wɔ kasa bi a ɔmae wɔ 1956 mu no yɛ asɛm a Chinafo nhomanimfo de aka Chinafo bere a efi afeha a ɛto so anum besii afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu, a wɔfrɛ no Aman a Wodi Ako bere ho asɛm a ɔde n’ankasa nsɛm kae. Ebeduu saa bere yi na Chou ahene atumfo abusua no (bɛyɛ 1122–256 A.Y.B.), regu ma abɛyɛ aman a nsase wuranom adefo di so, a wodi ako bere nyinaa ma nnipa mpapahwekwa no hu amane.

2. (a) Dɛn na ɛma wɔtewee “nkyerɛkyerɛ akuw ɔha” no? (b) “Nkyerɛkyerɛ akuw ɔha” no mu ahe na aka?

2 Basabasayɛ ne amanehunu a akodi ahorow no de bae no brɛɛ ahemfo no tumi ase kɛse. Ná nnipa mpapahwekwa no mpɛ sɛ wogye nnipa atitiriw kakraa bi no nnaadaasɛm ne adɛfɛdɛfɛsɛm no tom na wɔahu nea ebefi mu aba mu amane a wɔnka ho hwee bio. Esiane eyi nti, wɔdaa wɔn nsusuwii ne wɔn botae ahorow a wɔaka ahyɛ bere tenten no adi te sɛ “nhwiren ɔha.” Nkyerɛkyerɛ akuw a egu ahorow daa adwene a wokura wɔ aban, mmara, asetra mu nhyehyɛe pa, nneyɛe ne abrabɔ ho gyinapɛn, ne nsɛm te sɛ kuayɛ, nnwonto ne nhoma a wɔkyerɛw ho adi sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ma asomdwoe bi aba asetra mu. Wɔfrɛɛ wɔn sɛ “nkyerɛkyerɛ akuw ɔha.” Wɔn mu dodow no ara amfa mfaso a ɛtra hɔ daa amma. Nanso, nkyerɛkyerɛ akuw abien gyee din kɛse araa ma anya Chinafo asetra so nkɛntɛnso bɛboro mfe 2,000. Wɔn na awiei koraa no wɔbɛfrɛɛ wɔn Taofo ne Konfusiofo no.

Tao—Ɛyɛ Dɛn?

3. (a) Adwene bɛn na Chinafo kura wɔ Tao ho? (b) Sɛ anka Chinafo begye Ɔbɔadeɛ bi adi no, dɛn na wogye di sɛ ɛde nneɛma nyinaa bae? (Fa toto Hebrifo 3:4 ho.)

3 Sɛ yebehu nea enti a Taosom (wɔbɔ din sɛ dao-som) ne Konfusiosom nyaa Chinafo ne Japanfo, Koreafo ne aman foforo a atwa wɔn ho ahyia so nkɛntɛnso kɛse a akyɛ saa a, ehia sɛ yenya adwene titiriw a Chinafo kura wɔ Tao ho no ho ntease bi. Asɛmfua no ankasa kyerɛ “ɔkwan anaa ɔtempɔn.” Sɛ yɛtrɛw mu a, ebetumi akyerɛ “ɔkwan a wɔfa so yɛ biribi, nnyinasosɛm anaa ɔkyerɛkyerɛ.” Ná Chinafo bu biakoyɛ ne nneɛma a wohu sɛ ɛyɛ wɔano wɔano wɔ amansan no mu no sɛ ɛkyerɛ sɛ Tao, ɔsoro apɛde bi anaa amansan no mu mmara a ɛkyerɛ no kwan wɔ hɔ. Ɔkwan foforo so no, sɛ anka wobegye Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ amansan so tumi mmom adi no, wogye di sɛ ɔkwankyerɛfo bi, ɔsoro apɛde bi, anaa ne tiaatwa mu no, ɔsoro ankasa na ɛma biribiara ba.

4. Ɔkwan bɛn so na Chinafo de adwene a wokura wɔ Tao ho dii nnipa nsɛm ho dwuma? (Fa toto Mmebusɛm 3:5, 6 ho.)

4 Bere a Chinafo de adwene a wokura wɔ Tao ho dii nnipa nsɛm ho dwuma no, wogye dii sɛ ɔkwan bi a ɛteɛ wɔ hɔ a wɔfa so yɛ biribiara, na biribiara ne obiara wɔ ne gyinabea ne ne dwumadi a ɛfata. Sɛ nhwɛso no, wogye dii sɛ, sɛ sodifo no yɛ n’adwuma denam asɛntrenee a ɔne nnipa no di so, na ɔhwɛ ma wɔbɔ ɔsom mu afɔre ma ɔsoro a, ɔman no benya asomdwoe na adi yiye. Saa ara nso na sɛ nnipa no fi wɔn pɛ mu hwehwɛ ɔkwan no anaa Tao, na wɔfa so a, biakoyɛ ne asomdwoe bɛba biribiara mu na atu mpɔn. Nanso sɛ wɔyɛ nea ɛne eyi bɔ abira anaasɛ wɔko tia a, basabasayɛ ne amanehunu na ebefi mu aba.

5. (a) Taosom yɛ ade dɛn wɔ Tao ho? (b) Konfusiosom yɛɛ n’ade dɛn wɔ Tao ho? (d) Asɛmmisa bɛn na ehia sɛ wobua?

5 Adwene a ɛne sɛ wobedi Tao akyi na wonsiw ne kwan yi yɛ Chinafo nyansapɛ ne nyamesom adwene titiriw. Wobetumi aka sɛ Taosom ne Konfusiosom yɛ adwenkoro no ara a wɔda no adi wɔ akwan horow abien so. Taosom gyina ahonhonsɛmdi so, na mfiase no na ɛkamfo kyerɛ sɛ obi nyɛ hwee, ɔntra ase komm, ɔntwe ne ho mfi nnipa ho nkɔtra wuram baabi. Adwene titiriw a ɛwom ne sɛ, sɛ nnipa bɛtra ase komm, wɔrenyɛ hwee, na wɔbɛma abɔde akɔ so ayɛ n’adwuma a, biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Konfusiosom di nneɛma ho dwuma ankasa. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obiara yɛ n’asɛde ne n’adwuma a, asetra mu biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. Esiane eyi nti, ɛkyekyɛ nnipa ne wɔn asetra mu abusuabɔ nyinaa mu—ɔhene ne akoa, agya ne ɔbabarima, okunu ne ɔyere, ne nea ɛkeka ho—na ɛde akwankyerɛ ahorow ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɛte no, eyi ma nsɛmmisa a edidi so yi sɔre: Ɛyɛɛ dɛn na nhyehyɛe abien yi bae? Henanom na wɔde bae? Ɔkwan bɛn so na wodi akyi nnɛ? Na dɛn na ayɛ wɔ hwehwɛ a adesamma hwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan no mu?

Taosom—Efii Ase sɛ Nyansapɛ

6. (a) Dɛn na wonim wɔ nea ɔde Taosom bae ho? (b) Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛfrɛɛ nea ɔde Taosom bae sɛ Lao–tzu?

6 Mfiase no, na Taosom yɛ nyansapɛ titiriw sen nyamesom. Na Lao–tzu a ɔde bae no ani nnye saa bere no mu basabasayɛ no ho, na ɔhwehwɛɛ ahotɔ denam ne ho a ɔtwe fii nnipa ho kɔtraa wuram baabi no so. Wonnim onipa yi a wose ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no ho nsɛm pii, ɛwom mpo sɛ wontumi nhu sɛ ɛte saa anaa. Na wɔtaa frɛ no Lao–tzu a ɛkyerɛ sɛ “Owura Akwakoraa” anaa “Akwakoraa,” efisɛ sɛnea atetesɛm kyerɛ no, ne maame nyinsɛn no kyɛe ma enti bere a ɔwoo no no na ne ti hwi adan fitaa dedaw.

7. Dɛn na yesua fa Lao–tzu ho wɔ “Abakɔsɛm Kyerɛwtohɔ” mu?

7 Lao–tzu ho kyerɛwtohɔ biako pɛ a wogye tom no wɔ Shih Chi (Abakɔsɛm Kyerɛwtohɔ) a Ssu–ma Ch’ien, afeha a ɛto so abien ne nea edi kan A.Y.B. mu ahemfie abakɔsɛm kyerɛwfo a na wobu no kyerɛwee no mu. Sɛnea nhoma yi kyerɛ no, Lao–tzu din ankasa ne Li Erh. Ná ɔyɛ nkrataa sohwɛfo wɔ ahemman no kyerɛwtohɔ korabea wɔ Loyang wɔ China mfinimfini. Nanso nea ehia titiriw no, ɛka asɛm yi fa Lao–tzu ho:

“Lao Tzu de ne nkwa nna fã kɛse ara traa Chou. Bere a ohuu ɔbrasɛe a ɛwɔ Chou no, ofii hɔ baa ɔhye no so. Aguade ho towgyefo Yin Hsi kae sɛ: ‘Owura, esiane sɛ wopɛ sɛ wugyae adwuma nti, mesrɛ wo kyerɛw nhoma bi ma me.’ Enti Lao Tzu kyerɛw nhoma a wɔakyem abien a nsɛmfua bɛboro mpemnum wom, a ɔka Ɔkwan [Tao] ne Tumi [Te] ho adwenhorow wom. Afei ofii hɔ kɔe. Obiara nnim baabi a owui.”

8. (a) Nhoma bɛn na wose Lao–tzu kyerɛwee? (b) Dɛn nti na wotumi kyerɛ nhoma no ase wɔ akwan horow pii so?

8 Nhomanimfo pii nnye asɛm yi nni. Sɛnea ɛte biara no, wɔfrɛ nhoma a ɔkyerɛwee no sɛ Tao Te Ching (wɔtaa kyerɛ ase sɛ “Ɔkwan ne Tumi ho Nhoma”), na wobu no sɛ Taosom nyamesom nhoma titiriw. Wɔkyerɛw no nkyekyem ntiantiaa a asete yɛ den, a ebi yɛ nsɛmfua abiɛsa anaa anan pɛ. Esiane eyi ne sɛnea nkyerɛwde no bi asakra kɛse fi Lao–tzu bere so no nti, wotumi kyerɛ nhoma no ase wɔ akwan horow pii so.

“Tao Te Ching” Mu Nhwehwɛmu Kakra

9. Lao–tzu kaa Tao ho asɛm dɛn wɔ Tao Te Ching mu?

9 Tao Te Ching mu no, Lao–tzu de Tao, abɔde kwan titiriw, ho nkyerɛkyerɛmu mae, na ɔde kaa nnipa dwumadi biara ho asɛm. Yɛafa nnɛyi nkyerɛase bi a Gia–fu Feng ne Jane English yɛe mu asɛm aka wɔ ha na ama yɛahu Tao Te Ching ho biribi. Ɛka asɛm a edi so yi fa Tao ho:

“Wɔyɛɛ anwonwade bi,

Wɔwoo no ansa na ɔsoro ne asase reba. . . .

Ebia ɛyɛ nneɛma ɔpedu maame.

Minnim ne din.

Frɛ no Tao.”—Ti 25.

“Biribiara fi Tao mu.

Abrabɔ Pa [Te] na ɛwowaw no.

Wɔde nneɛma a aniwa hu na ɛyɛe.

Nneɛma a atwa ho ahyia na ɛma ɛyɛ sɛnea ɛte no.

Enti nneɛma ɔpedu no nyinaa kyerɛ obu ma Tao

na edi Abrabɔ pa [Te] ni.”—Ti 51.

10. (a) Dɛn ne Taosom botae? (b) Ɔkwan bɛn so na Taofo adwene yi fa onipa nneyɛe ho?

10 Dɛn na yebetumi ahu wɔ nsɛm a ɛkyere adwene yi mu? Wɔ Taofo fam no, Tao yɛ ɔsoro tumi nwonwaso bi a ɛno na ɛyɛɛ amansan a yehu no. Taosom botae ne sɛ ɛbɛhwehwɛ Tao, apo wiase, na ɛne abɔde ayɛ biako. Saa nsusuwii yi san da adi wɔ adwene a Taofo kura wɔ nnipa nneyɛe ho mu. Adwene yi a ɛda adi wɔ Tao Te Ching mu ho asɛm ni:

“Eye sɛ wobɛma atɔ sin sen sɛ wobɛma ayɛ ma tɛnn.

Sew sekan no boro so, na ɛrenkyɛ na ano akum.

Boaboa sika kɔkɔɔ ne ahwehwɛbo bebree ano, na obiara ntumi mmɔ ho ban.

Nya ahonyade ne abodin pii, na asiane bedi akyi aba.

Pɔn bere a woayɛ adwuma awie.

Eyi ne ɔsoro kwan.”—Ti 9.

11. Wobetumi aka Taofo adwene no ho asɛm dɛn?

11 Nhwɛso kakra yi kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, mfiase no na Taosom yɛ nyansapɛ titiriw. Bere a na Taofo redi nsisi, amanehunu, adesɛe ne ahuhude a saa bere no mu nsase wuranom adefo atirimɔden nniso de bae ho dwuma no, wogye dii sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya asomdwoe ne biakoyɛ ne sɛ wɔbɛsan ayɛ nneɛma a tetefo a wɔtraa ase ansa na ahemfo ne aman asoafo a wodi nnipa a wɔba fam so tumi reba no yɛe no. Na wɔn adwene ne sɛ wɔne abɔde foforo bɛtra ase asomdwoe mu wɔ nkuraa ase.—Mmebusɛm 28:15; 29:2.

Taosom Mu Onyansafo a Ɔto So Abien

12. (a) Hena ne Chuang Chou? (b) Dɛn na ɔde kaa Lao–tzu nkyerɛkyerɛ a edi kan no ho?

12 Chuang Chou, anaasɛ Chuang–tzu a ɛkyerɛ “Owura Chuang” (369-286 A.Y.B.), a na wobu no sɛ onipa titiriw paa a obedii Lao–tzu ade no maa Lao–tzu nyansapɛ no san nyaa nkɔanim. Ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ Tao mu kɔɔ akyiri wɔ ne nhoma Chuang Tzu no mu nko, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ yin ne yang nsusuwii a efii ase wɔ I Ching no mu nso. (Hwɛ kratafa 83.) Osusuwii sɛ biribiara nni hɔ a ɛtra hɔ daa anaasɛ edi mu koraa, na mmom biribiara yɛ nneɛma abien a ɛsakra bere nyinaa. Ɔkyerɛwee wɔ ti a ɛne “Ofupɛ Bere mu Nsuyiri” mu sɛ:

“Biribiara nni amansan yi mu a ɛtra hɔ daa, efisɛ biribiara tra hɔ kosi bere a ebewu. Tao nkutoo a enni mfiase anaa awiei no na ɛtra hɔ daa. . . . Wobetumi de asetra atoto ɔpɔnkɔ a otu mmirika ntɛmntɛm ho—ɛkɔ so sakra bere nyinaa anibu biara. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Dɛn na ɛnsɛ sɛ woyɛ? Ɛho nhia ankasa.”

13. (a) Chuang–tzu nkyerɛkyerɛmu kyerɛ sɛ adwene bɛn na Taofo kura wɔ asetra ho? (b) Chuang–tzu dae bɛn na wɔkae sen biara?

13 Esiane yɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ hwee nyansapɛ yi nti, Taofo adwene ne sɛ ntease biara nnim sɛ obi bɛyɛ biribi de asiw abɔde dwumadi kwan. Bere bi bɛba a biribiara bɛsan asakra. Sɛ tebea bi nye sɛ dɛn ara a, ɛrenkyɛ ɛbɛyɛ papa. Sɛ tebea bi ye sɛ dɛn ara a, ɛrenkyɛ ebetwam akɔ. (Nea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ Ɔsɛnkafo 5:18, 19.) Asetra ho nyansapɛ adwene yi da adi wɔ Chuang–tzu adaeso a nnipa mpapahwekwa de kae no yiye no mu:

“Bere bi Chuang Chou soo dae sɛ ɔyɛ afofantɔ, afofantɔ a otutu sisi a n’ani gye ne ho na ɔyɛ nea ɔpɛ. Na onnim sɛ ɔne Chuang Chou. Onyanee mpofirim na hwɛ Chuang Chou ankasa ni. Nanso na onnim sɛ ebia ɔne Chuang Chou a ɔsoo dae sɛ ɔyɛ afofantɔ no, anaasɛ afofantɔ a na ɔreso dae sɛ ɔyɛ Chuang Chou.”

14. Nneɛma bɛn mu na wohu Taofo nkɛntɛnso?

14 Wohu nyansapɛ yi nkɛntɛnso wɔ sɛnea Chinafo a wɔbaa akyiri yi adwumfo kyerɛw wɔn anwensɛm ne adwini mu. (Hwɛ kratafa 171.) Nanso, ankyɛ Taosom sakrae.

Nyansapɛ Dan Nyamesom

15. (a) Adwene bɛn na abɔde ho anigye maa Taofo nyae? (b) Tao Te Ching mu nsɛm bɛn na ɛboa ma wonyaa saa adwene no?

15 Bere a Taofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔrenhaw abɔde no, wɔmaa sɛnea ɛtra hɔ daa na etumi gyina amanehunu ano no gyee wɔn adwene. Wosusuwii sɛ, sɛ obi bɔ ne bra ma ɛne Tao, anaasɛ abɔde kwan hyia a, obetumi ahu abɔde mu ahintasɛm wɔ ɔkwan bi so, na wabɛyɛ obi a ompira, ɔnyare na onwu mpo. Ɛwom sɛ Lao–tzu anka eyi ho asɛm kɛse de, nanso ɛte sɛ nea Tao Te Ching mu nsɛm bi da saa adwene yi adi. Sɛ nhwɛso no, ti 16 ka sɛ: “Tao a wɔne no bɛyɛ biako no bɛma wɔatra hɔ daa. Ɛwom mpo sɛ nipadua no wu de, nanso Tao renwu da.” *

16. Ɔkwan bɛn so na Chuang–tzu nhoma ahorow maa Taosom mu nkonyaayi gyidi horow no bi bɛkaa ho?

16 Chuang–tzu nso de biribi kaa nsusuwii a ɛte saa no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Chuang Tzu mu nkɔmmɔbɔ bi mu no, anansesɛm mu nipa bi bisaa ne yɔnko sɛ “Woanyin yiye, nanso wo honam ani hwɛbea yɛ abofra de. Dɛn nti na ɛte saa?” Ne yɔnko no buae sɛ: “Masua Tao.” Chuang– tzu kyerɛw Taoni nyansapɛfo foforo ho asɛm sɛ: “Afei Liehtse de mframa tu. Bere a ɔde anigye nam mframa wiridudu mu no, odi nnafua dunum ansa na wasan n’akyi. Wɔntaa nhu obi a ɔte saa wɔ nnipa a wonwu na wonya anigye no mu.”

17. Taofo nneyɛe bɛn na tete adwenhorow de bae, na dɛn na efii mu bae? (Fa toto Romafo 6:23; 8:6, 13 ho.)

17 Nsɛm a ɛte sɛɛ kanyan Taofo adwene, na wofii ase suaa sɛnea wodwennwen, wohu nnuan a wobedi ne nea wonni, ne sɛnea wɔhome a wose ɛrentumi mma nipadua no ngurow ntɛm na enwu ntɛm nso. Ankyɛ wofii ase kaa nnipa bi a wonwu, wotumi tu wɔ amununkum mu, na wotumi yi wɔn ho adi kyerɛ na wɔyera bere biara a wɔpɛ, a wɔtra mmepɔw kronkron anaa nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri so mfe pii, a obosu anaasɛ nnuaba nwonwaso na wodi ho atetesɛm. Chinafo abakɔsɛm ka sɛ 219 A.Y.B. mu no, Ch’in ɔhempɔn, Shih Huang–Ti, de ahyɛn pii somaa mmarimaa ne mmeawa 3,000 sɛ wɔnkɔhwehwɛ atetesɛm mu supɔw P’eng–lai, faako a nnipa a wonwu te, na wɔnkɔfa nkwa a owu nnim aduru mmra. Wɔantumi amfa nkwa aduru no amma, nanso atetesɛm ka sɛ wɔkɔtraa supɔw a wɔbɛfrɛɛ no Japan no so.

18. (a) Adwene bɛn na Taofo kura wɔ ‘nkwa a owu nnim aduru’ no ho? (b) Nkonyaayi nneyɛe foforo bɛn na Taosom de bae?

18 Wɔ Han abusua ahenni (206 A.Y.B.–220 Y.B.) no mu no, Taosom mu nkonyaayi no duu ne mpɔmpɔn so. Wɔkae sɛ ɛwom sɛ na Ɔhempɔn Wu Ti rekamfo Konfusiosom akyerɛ sɛ Ɔman no nkyerɛkyerɛ de, nanso n’ani gyee Taofo adwene a ɛne sɛ ɔhonam no ntumi nwu no ho. Na n’ani gye ‘nkwa a owu nnim dufaw’ a wɔn a wɔma nkwa yɛ tenten yɛe ho titiriw. Taofo susuw sɛ sɛ yin ne yang (ɔbea ne ɔbarima) tumi a ɛbɔ abira no ka bom a, nkwa fi mu ba. Enti, bere a wɔn a wɔma nkwa tenten nan sumpii (esum anaasɛ yin) de fraa mercury (hann anaasɛ yang) no, na wosuasua adebɔ, na wosusuwii sɛ nea wobenya afi mu ne nkwa dufaw. Taofo teɛteɛɛ wɔn apɔw mu te sɛ nea wɔyɛ Yoga no, nyaa akwan a wɔfa so home, nnuandi ho mmara, nna mu nneyɛe a wogye dii sɛ ɛma obi nya ahoɔden na onyin kyɛ. Nneɛma a wɔde dii dwuma no bi ne nkonyaa nsɛbɛ a wose ɛma obi yera na akode ntumi no anaasɛ otumi nantew nsu so anaasɛ otumi tu fa wim. Na wɔwɔ nkonyaayifo nsɔano a mpɛn pii no yin ne yang sɛnkyerɛnne wɔ so nso, na ɛbɔ wɔn adan ne apon atifi a wɔde pam ahonhommɔne ne nkekaboa.

19. Ɛyɛɛ dɛn na wɔhyehyɛɛ Taosom akuwakuw?

19 Ebeduu afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, na wɔahyehyɛ Taosom sɛ kuw. Obi a wɔfrɛ no Chang Ling, anaasɛ Chang Tao–ling, tew Taofo sum ase kuw bi wɔ China atɔe fam na wɔsaa nyarewa anwonwakwan so na wɔmaa nkwa aduru. Esiane sɛ wɔmaa kuw no muni biara tuaa tow a ɛyɛ ɛmo susukora anum nti, wɔtoo kuw no din sɛ Ɛmo–Susukora–Anum Taosom (wu-tou-mi tao). * Esiane sɛ Chang kae sɛ wanya oyikyerɛ afi Lao–tzu nkyɛn nti, ɔbɛyɛɛ “ɔsoro wura” a odi kan. Awiei koraa no, wɔka sɛ otumi yɛɛ nkwa aduru no na ɔtraa ɔsebɔ so tu fii Bepɔw Lung–hu (Ɔtweaseɛ ne Ɔsebɔ Bepɔw) a ɛwɔ Kiangsi Mantam mu so kɔɔ soro anikan. Efi Chang Tao-ling so no, Taofo “ɔsoro wuranom” a wose wɔn mu biara yɛ Chang a ɔwɔ onipa tebeam toatoaa so bae wɔ mfehaha pii mu.

Buddhasom Ho Nsɛnnennen Ano a Wogyinae

20. Ɔkwan bɛn so na Taosom bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛko atia Buddhasom nkɛntɛnso?

20 Ebeduu afeha a ɛto so ason, wɔ T’ang abusua ahenni (618–907 Y.B.) mu no, na Buddhasom rewurawura Chinafo nyamesom mu. Taosom kamfoo ne ho kyerɛe sɛ ɔsom a efi China na ama wɔako atia. Wɔyɛɛ Lao–tzu onyame, na wobuu Taofo nhoma sɛ wɔn nyamesom nhoma. Wosisii asɔredan ne nkokorafie ahorow, na wɔkyekyɛɛ mmarima ne mmea nkokorafo mu akuwakuw te sɛ Buddhafo ara pɛ. Bio nso, Taosom de anyame, anyamewa, ahonhom ne Chinafo anansesɛm mu nnipa a wonwu da te sɛ Nnipa Baawɔtwe a Wonwu Da (Pa Hsien), asammorofi nyame (Tsao Shen), nkurow anyame (Ch’eng Huang), ne apon ano awɛmfo (Men Shen) kaa wɔn anyame pii no ho. Nea efii mu bae ne Buddhasom, gyidihunu, ahonhonsɛmdi ne nananom a wɔawuwu som a wɔde frae.—1 Korintofo 8:5.

21. Awiei koraa no, Taosom sakra bɛyɛɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛɛ saa?

21 Bere kɔɔ so no, Taosom danee ahonisom ne gyidihunu nkakrankakra. Obiara som anyame ne anyamewa a ɔpɛ wɔn asɛm wɔ baabi a ɔte no asɔredan ahorow mu, na ɔbɔɔ wɔn mpae sɛ wɔmmɔ ne ho ban wɔ bɔne ho na wɔmmoa no mma onni yiye wɔ asase so. Ná wɔbɔ asɔfo paa ma wɔyɛ wɔn ayi; wɔpaw beae a ɛfata ma adamoa, afie ne nnwuma; wɔne awufo di nkitaho; wɔpam ahonhommɔne ne nsamanfo; di afahyɛ ahorow; na wɔyɛ amanne foforo. Enti, ade a efii ase sɛ nkonyaayi nyansapɛ no abɛdan ɔsom a egye ahonhom a wonwu da, hellgya ne anyame a wɔn fã yɛ nnipa di denneennen—nsusuwii a wonya fii tete Babilon atoro gyidi pii a ɛnsakra no mu.

China Nyansafo Titiriw Foforo

22. Nkyerɛkyerɛ akuw bɛn na ɛbɛyɛɛ titiriw wɔ China, na asɛmmisa bɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

22 Ɛwom sɛ yɛahu sɛnea Taosom bae, enyaa nkɔso na ɛsɛee de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛyɛ “ɔsom ɔha” a efii ase wɔ China wɔ Aman a Wodii Ako mmere mu no mu biako pɛ. Nokwarem no, ɔsom foforo a awiei koraa no ebegyee din, na nokwarem no, ɛbɛyɛɛ titiriw ne Konfusiosom. Nanso dɛn nti na Konfusiosom gyee din saa? Wɔ China anyansafo nyinaa mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Konfusio na wonim no sen obiara wɔ aman foforo so, nanso na ɔyɛ onipa bɛn ankasa? Na dɛn na ɔkyerɛkyerɛe?

23. Konfusio ankasa ho nsɛm bɛn na wɔaka wɔ “Abakɔsɛm Kyerɛwtohɔ” no mu?

23 Ɛdefa Konfusio ho no, momma yɛnkenkan Ssu–ma Ch’ien Shih Chi (Abakɔsɛm Kyerɛwtohɔ Ahorow) no. Nea ɛne Lao–tzu ho nsɛm tiawa bɔ abira no, yehu Konfusio nkwa nna ho nsɛm a ɛkɔ akyiri. N’ankasa ho nsɛm a wɔafa afi Chinani nhomanimfo Lin Yutang nkyerɛase bi a ɔyɛe mu ni:

“Wɔwoo Konfusio wɔ kurow Tsou mu wɔ Ch’angpin a ɛwɔ Lu man mu no. . . . [Ne maame] bɔɔ mpae wɔ bepɔw Nich’iu so na ɔwoo Konfusio sɛ ne mpaebɔ ho mmuae wɔ Lu Hene Hsiang afe a ɛto so aduonu abien (551 A. Y.B.) mu. Bere a wɔwoo no no, wohui sɛ ne ti ho asoa, na ɛno nti na wɔfrɛɛ no ‘Ch’iu’ (a ɛkyerɛ “bepɔw”). Ne din a ɛwɔ nhoma mu ne Chungni, na ne din ankasa ne K’ung.” *

24. Dɛn na esii wɔ Konfusio mmofraase?

24 Ne papa wui wɔ n’awo akyi pɛɛ, na ɛwom sɛ na ne maame yɛ ohiani de, nanso ɔhwɛ ma osuaa nhoma sɛnea ɛfata. Abarimaa no ani gyee abakɔsɛm, anwensɛm ne nnwom ho yiye. Sɛnea The Analects, Konfusiofo Nhoma Anan no mu biako kyerɛ no, ɔyeree ne ho suaa nhoma bere a odii mfe 15 no. Odii mfe 17 no, wɔmaa no aban dibea ketewaa bi wɔ Lu mantam a ɛhɔ na ofi no.

25. Konfusio maame wu kaa no dɛn? (Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5, 6; Yohane 11:33, 35 ho.)

25 Ɛda adi sɛ ne sikasɛm bɛyɛɛ papa, ma enti ɔwaree bere a na wadi mfe 19 no, na n’afe so no ɔwoo ɔbabarima. Nanso wɔ ne mfe 20 mfinimfini mu hɔ no, ne maame wui. Ɛda adi sɛ eyi nyaa no so nkɛntɛnso kɛse. Esiane sɛ osuaa atetesɛm yiye nti, ogyaee aban adwuma de asram 27 kogyam ne maame wɔ n’adamoa so, ma enti ɔyɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ obi di n’awofo ni ho nhwɛso titiriw maa Chinafo.

Ɔkyerɛkyerɛfo Konfusio

26. Adwuma bɛn na Konfusio yɛe wɔ ne maame wu akyi?

26 Ɛno akyi no, ogyaw n’abusua hɔ kɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a okyinkyin. Nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe no bi ne nnwom, anwensɛm, nhomakyerɛw, amansɛm, abrabɔ ho nimdeɛ ne nyansahu anaa nea na wonim wɔ ho saa bere no. Ɛbɛyɛ sɛ ogyee din yiye, efisɛ wɔkae sɛ bere bi na ɔwɔ asuafo 3,000.

27. Dɛn na wonim wɔ Konfusio sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ho? (Fa toto Mateo 6:26, 28; 9:16, 17; Luka 12:54-57; Yohane 4:35-38 ho.)

27 Wɔ Apuei Fam no, wobu Konfusio kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a waben. Nokwarem no, nsɛm a wɔakyerɛw agu n’adamoa so wɔ Ch’üfou, Shantung Mantam mu, frɛ no tiawa sɛ “Tete Ɔkyerɛkyerɛfo Kronkron a Ɔsen Biara.” Atɔe fam nhoma kyerɛwfo bi kaa ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ho asɛm sɛɛ se: “Okyinkyin ‘mmeaemmeae a na wɔn a wogye adwene a okura wɔ asetra ho tom no ka ne ho.’ Bere biara a wotu kwan tenten no, ɔtra teaseɛnam a afurum twe mu. Sɛnea aboa no nantew brɛoo no maa n’asuafo no tumi nantew dii akyi, na ɛda adi sɛ nsɛm a esisii wɔ ɔkwan so no na na ɛtaa kyerɛ nneɛma a ɔma ho ɔkasa.” Nea ɛyɛ anigye no, akyiri yi Yesu a ɔnyɛ ne suani no nso faa ɔkwan a ɛte saa ara so.

28. Sɛnea Chinani nhoma kyerɛwfo Lin Yutang kyerɛ no, dɛn na ɛmaa Konfusio yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ nidi?

28 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛmaa Konfusio yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wodi no ni wɔ Apuei famfo mu ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na n’ankasa yɛ osuani pa, titiriw wɔ abakɔsɛm ne abrabɔ ho nimdeɛ ho no. Lin Yuntang kyerɛwee sɛ: “Ná nkurɔfo pɛ Konfusio asɛm, ɛnyɛ sɛ na ɔne ne bere so onyansafo a ɔsen biara nti, na mmom na onim nhoma sen obiara, na ne nkutoo na na otumi kyerɛ wɔn tete nhoma ne nhomasua wɔ ne bere so.” Bere a Lin rekyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ adesua a n’ani gye ho yi ne atirimpɔw titiriw nti a Konfusiosom bɛyɛɛ kuw a ɛsen nkyerɛkyerɛ akuw foforo nyinaa no, ɔbɔɔ asɛm no mua sɛɛ se: “Na Konfusiosom akyerɛkyerɛfo wɔ biribi pɔtee a wɔkyerɛ, bere a na Konfusiosom asuafo wɔ biribi pɔtee a wosua, a ɛne abakɔsɛm, na na nkyerɛkyerɛ akuw foforo da wɔn ankasa nsusuwii adi kɛkɛ.”

“Ɔsoro na Enim Me!”

29. (a) Na dɛn ne Konfusio botae ankasa wɔ asetra mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedu ne botae ho, na dɛn na efii mu bae?

29 Nkonim a Konfusio dii sɛ ɔkyerɛkyerɛfo nyinaa akyi no, wammu adekyerɛ sɛ n’asetra mu adwuma. Ɔtee nka sɛ ne nsusuwii a ɛfa abrabɔ pa ne ɛho nimdeɛ ho no betumi agye ne bere so wiase a ɔhaw wom no, sɛ anka atumfo no de bedi dwuma denam ɔno anaa n’asuafo a wɔbɛfa wɔn ma wɔayɛ adwuma ama aban no so a. Esiane eyi nti, ɔne n’asuafo kuw ketewaa bi a ɔne wɔn bɔ sen biara no fii ne mantam Lu mu kokyinkyinii amantam foforo mu de bɔɔ mmɔden sɛ wobehu sodifo nyansafo a obegye ne nsusuwii a ɛfa aban ne asetra nhyehyɛe ho atom no. Dɛn na efii mu bae? Shih Chi ka sɛ: “Awiei koraa no, ofii Lu, wogyaw no wɔ Ch’i, wɔpam no fii Sung ne Wei, na ehiaa no wɔ Ch’en ne Ts’ai ntam.” Wɔ mfe 14 akwantu akyi no, ɔsan kɔɔ Lu a na n’abam abu nanso na ɔmpaa abaw.

30. Nhoma ahorow bɛn na Konfusiosom gyina so?

30 Ɔde ne nkwa nna a ɛkae no kyerɛw nhoma kyerɛkyerɛe. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 177.) Ɛwom sɛ onwiinwii pefee sɛ nkurɔfo nnim no yiye de, nanso ɔkae sɛ: “Minnwiinwii nhyɛ Ɔsoro. Minnwiiwii nhyɛ onipa. Misua m’ade wɔ asase so ha, na me ne Ɔsoro di nkitaho. Ɔsoro na enim me!” Awiei koraa no, owui wɔ afe 479 A.Y.B. mu bere a na wadi mfe 73.

Konfusio Nsusuwii mu Nsɛntitiriw

31. Dɛn na Konfusio kyerɛe sɛ ɛne ɔkwan a wɔfa so nya asetra mu asomdwoe?

31 Ɛwom sɛ Konfusio gyee din kɛse sɛ nhomanimfo ne ɔkyerɛkyerɛfo kɛse de, nanso ɛnyɛ nhomasua nkutoo na onyaa so nkɛntɛnso. Nokwarem no, na ɛnyɛ abrabɔ ne ɔbrasu nko na Konfusio de yɛɛ botae sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ, na mmom sɛ ɔbɛma nnipa a saa bere no mu nsase wuranom adefo ntam akodi ama wɔn mu apaapae no anya asomdwoe ne ahotɔ. Nea ɛbɛyɛ na Konfusio adu saa botae no ho no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ obiara, efi ɔhempɔn so kosi ɔpapahwekwa so hu nea wɔhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ ɔman mu na ɔyɛ saa.

32, 33. (a) Na adwene bɛn na Konfusiofo kura wɔ li ho? (b) Sɛnea Konfusio kyerɛ no, dɛn na ebefi li a wɔde bedi dwuma no mu aba?

32 Wɔfrɛ nkyerɛkyerɛ yi wɔ Konfusiosom mu sɛ li, na ɛkyerɛ suban pa, nidi, nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ, na sɛ wɔtrɛw mu a, ɛkyerɛ ɔsom mu amanne, guasodeyɛ ne obu. Bere a Konfusio rebua asɛmmisa a ɛne “Li kɛse yi yɛ dɛn ade?” no, ɔde nkyerɛkyerɛmu a edi so yi mae:

“Li ne nneɛma a nnipa de bɔ wɔn bra nyinaa no mu kɛse. Sɛ ɛnyɛ li a, yenhu sɛnea yɛde ɔsom a ɛfata bɛma amansan no mu ahonhom; anaa ɔhene ne ɔman asoafo, ne sodifo ne ɔmamma, ne mpanyin ne mmofra dibea; anaa mmarima ne mmea, awofo ne mma ne anuanom ntam abrabɔ fam abusuabɔ; anaa sɛnea yebehu abusua mu abusuabɔ ahorow. Ɛno nti na obi a odi ne ho ni wɔ obu kɛse ma li saa no.”

33 Enti, li ne abrabɔ ho mmara a obi a odi ne ho ni ankasa (chün-tzu, ɛtɔ da bi a wɔkyerɛ ase sɛ “onipa a ɔkorɔn”) de di n’asetra mu abusuabɔ nyinaa ho dwuma. Konfusio kae sɛ, sɛ obiara bɔ mmɔden yɛ saa a, “biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ abusua, ɔman ne wiase mu,” na ɛne bere a wɔyɛ Tao, anaasɛ ɔsoro kwan. Nanso ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so da li adi? Ɛno de yɛn kɔ Konfusiosom mu nsusuwii titiriw foforo so—jen (wɔbɔ din ren), ayamhyehye anaasɛ mmɔborohunu.

34. Adwene bɛn na Konfusiofo kura wɔ jen ho, na ɔkwan bɛn so na ɛboa ma wodi asetram ɔhaw ahorow ho dwuma?

34 Bere a li nam mmara so si ahosodi so dua no, jen fa nipasu, anaasɛ komam nipa ho. Konfusiofo adwene, titiriw nea Konfusio suani Mencius daa no adi no ka sɛ nipasu ye ankasa. Enti, asetra mu ɔhaw nyinaa ano aduru ne sɛ obi de ntete bɛma ne ho, na nhomasua ne nimdeɛ na wɔde fi ase. The Great Learning ti a edi kan no ka sɛ:

“Sɛ obi nya nokware nimdeɛ a, afei apɛde bɛyɛ papa; sɛ apɛde no yɛ papa a, ɛma koma no yɛ papa . . . ; sɛ koma no papa a, esiesie n’ankasa asetra; sɛ esiesie n’ankasa asetra a, afei ɛkyerɛ abusua asetra kwan; sɛ ɛkyerɛ abusua asetra kwan a, ɔman asetra kɔ so pɛpɛɛpɛ; sɛ ɔman asetra kɔ so pɛpɛɛpɛ a, afei asomdwoe ba wiase yi mu. Ɛsɛ sɛ obiara, efi ɔhempɔn so kosi mpapahwekwa so, bu ntetee a obi de ma ne ho no sɛ nhyɛase anaasɛ fapem.”

35. (a) Yebetumi abɔ li ne jen nnyinasosɛm no mua wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa da adi wɔ adwene a Chinafo kura wɔ asetra ho no mu?

35 Enti, sɛnea Konfusio kyerɛ no, li a nnipa bedi so no bɛma wɔatumi ayɛ nea ɛfata wɔ tebea biara mu, na jen a wonya bɛma wɔne obi foforo biara adi wɔ ayamye mu. Nkyerɛkyerɛ fam no, ɛde asomdwoe ne biakoyɛ ba nnipa ntam. Yebetumi aka Konfusiofo adwene a egyina li ne jen nnyinasosɛm so no ho asɛm tiawa wɔ saa kwan yi so:

“Ayamye wɔ agya mu, obu ma awofo wɔ ɔba mu

Odwo wɔ onuabarima panyin mu, na ahobrɛase ne obu wɔ onua kumaa mu

Adetreneeyɛ wɔ okunu mu, osetie wɔ ɔyere mu

Ayamhyehye wɔ mpanyin mu, obu wɔ mmofra mu

Adɔe wɔ sodifo mu, nokwaredi wɔ aban asoafo ne ɔmamma mu.”

Eyinom nyinaa boa ma wɔkyerɛkyerɛ nea enti a Chinafo ne Apuei famfo de wɔn adwene si abusuasɛm, nsiyɛ, nhomasua ne obi gyinabea a obehu na wayɛ ade ma ɛne no ahyia kɛse no mu. Sɛ Konfusio adwene yi ye anaa enye no, aka Chinafo tirim yiye wɔ mfehaha pii a wɔde akyerɛkyerɛ no mu.

Konfusiosom Bɛyɛɛ Ɔman Som

36. Ɛyɛɛ dɛn na Konfusiosom bɛyɛɛ Ɔman som?

36 Bere a Konfusiosom bae no, “nkyerɛkyerɛ akuw ɔha” bere no baa awiei. Han abusua ahenni no mu Ahempɔn huu ɔkwan a ehia sɛ wɔfa so hyɛ ahenni tumi mu den wɔ Konfusiofo nkyerɛkyerɛ a ɛfa nokware ma sodifo ho no mu. Wɔ Ɔhempɔn Wu Ti a yɛaka ne ho asɛm dedaw wɔ Taosom mu ase no, wɔyɛɛ Konfusiosom Ɔman som. Wɔn a na wɔasua Konfusio nhoma ahu no yiye nkutoo na wɔpaw wɔn sɛ Ɔman no mpanyimfo, na na ɛsɛ sɛ obiara a ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ aban adwuma no di nkonim wɔ sɔhwɛ a egyina Konfusiofo nhoma so a wɔyɛ wɔ ɔman no mu nyinaa no mu. Konfusiofo amanne bɛyɛɛ ɔsom wɔ ahemfie.

37. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Konfusiosom dan nyamesom? (b) Nokwarem no, dɛn nti na Konfusiosom nyɛ nyansapɛ kɛkɛ?

37 Nsakrae yi yɛɛ pii de pagyaw Konfusio gyinabea wɔ Chinafo mu. Han ahempɔn no na wofii amanne a ɛne afɔre a wɔbɔ wɔ Konfusio ɔdamoa so no ase. Wɔmaa no abodin a ɛhyɛ no anuonyam. Afei, wɔ afe 630 Y.B. mu no, T’ang ɔhempɔn T’ai Tsung hyɛe sɛ wonsi Ɔman asɔredan wɔ ɔmantam ne ɔmansin biara mu wɔ ahemman no mu nyinaa mma Konfusio na wɔmmɔ afɔre daa. Nokwasɛm no ne sɛ wopagyaw Konfusio sɛ onyame, na Konfusiosom bɛyɛɛ te sɛ Taosom anaasɛ Buddhasom ara pɛ.—Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 175.

Apuei Fam Nyansa na Ɛde Bae

38. (a) Dɛn na aba Taosom ne Konfusiosom so fi 1911? (b) Nanso dɛn ade na ɛda so ara yɛ nokware wɔ ɔsom ahorow yi mfitiase gyidi ho?

38 Efi bere a ahene abusua nniso baa awiei wɔ China wɔ 1911 mu no, wɔakasa atia Konfusiosom ne Taosom pii, ahyia ɔtaa mpo. Wɔaka Taosom ho nsɛmmɔne esiane ne nkonyaayi ne gyidihunu nti. Wɔaka sɛ Konfusiosom yɛ nhyɛso, ɛma nnipa, titiriw mmea nya adwene sɛ wɔyɛ nnipa afoforo nkoa. Nanso saa aban kasatia no nyinaa akyi no, ɔsom ahorow yi adwene atitiriw no aka Chinafo tirim yiye ma ɛda so ara wɔ nnipa no mu pii so nkɛntɛnso denneennen.

39. Dɛn na nsɛm ho amanneɛbɔ bi ka wɔ nyamesom mu gyidihunu nneyɛe wɔ China ho?

39 Sɛ nhwɛso no, Canada atesɛm krataa Globe and Mail bɔɔ amanneɛ wɔ 1987 mu wɔ asɛmti “Wɔntaa Nhu Chinafo Nyamesom Amanne Wɔ Beijing Nanso Ɛretrɛw Wɔ Mpoano Amantam Mu” ase sɛ bɛyɛ mfe 40 a nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ adi tumi wɔ China akyi no, ayiyɛ ho amanne, asɔredan mu asɔre ne gyidihunu nneyɛe pii abu so ara wɔ nkuraa ase. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Nkuraa no dodow no ara wɔ fengshui, a ɔtaa yɛ obi a ne mfe akɔ anim a onim sɛnea wotumi hwɛ mframa (feng) ne nsu (shui) mu de hu beae a ɛfata yiye sɛ wɔyɛ biribiara, obi nananom adamoa, ofi foforo anaa ɔdan mu apon ne nkongua.”

40. Nyamesom nneyɛe bɛn na wohu wɔ Taiwan?

40 Mmeae foforo no, wohu Taosom ne Konfusiosom wɔ baabiara a tete Chinafo amammerɛ da so ara wɔ hɔ no. Wɔ Taiwan no, ɔbarima bi a ose ɔyɛ Chang Tao-ling aseni som sɛ “ɔsoro wura” a ɔwɔ tumi a ɔde hyɛ Taofo asɔfo (Tao Shih). Wɔsom onyamewa Matsu a wagye din a wɔfrɛ no “Ɛna Kronkron a ɔwɔ Soro” no sɛ ɔhotefo a ɔbɔ supɔw, hyɛnmufo ne apofofo ho ban. Nea nnipa mpapahwekwa no yɛ titiriw ne sɛ wɔbɔ afɔre ahorow ma nsu, mmepɔw ne nsoromma ahonhom; adwuma biara nyame; ne akwahosan, akraye ne ahonyade anyame. *

41. Ɔkwan bɛn na wɔnam so som Konfusiosom nnɛ?

41 Konfusiosom nso ɛ? Adwuma a ɛyɛ sɛ ɔsom no so atew ma adan ade a wɔde kae ɔman no. Wɔ China wɔ Ch’ü–fou, faako a wɔwoo Konfusio no, Ɔman no de Konfusio Asɔredan ne n’abusuafie ayɛ baabi a nkurɔfo kɔhwehwɛ hɔ. Sɛnea China Reconstructs nsɛmma nhoma no ka no, “wɔsan yɛ ɔsom mu amanne bi ma Konfusio.” Na wɔ Singapore, Taiwan, Hong Kong Asia ne Apuei fam mmeae foforo no, nkurɔfo da so ara di Konfusio awoda.

42. Ɔkwan bɛn so na Taosom ne Konfusiosom tɔ sin sɛ akwan a wɔfa so hwehwɛ nokware Nyankopɔn no?

42 Wɔ Konfusiosom ne Taosom mu no, yehu sɛnea nhyehyɛe a egyina onipa nyansa ne ne nsusuwii so tɔ sin koraa wɔ nokware Nyankopɔn a wɔhwehwɛ no no mu, a ntease ne adwempa a ɛwɔ akyi no mfa ho. Dɛn ntia? Efisɛ ebu ani gu ade titiriw bi so, ɛne Onyankopɔn teasefo bi apɛde ne n’ahwehwɛde. Konfusiosom bu yɛn nipasu sɛ tumi a ɛma yɛyɛ papa, na Taosom de ne ho to abɔde ankasa so. Nanso eyi yɛ ahotoso a ɛmfata efisɛ ɛkyerɛ sɛ ɛsom abɔde mmom na ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no.—Dwom 62:9; 146:3, 4; Yeremia 17:5.

43. Ɔkwan bɛn so na Chinafo nyamesom atetesɛm anni ammoa wɔn wɔ nokware Nyankopɔn no hwehwɛ mu?

43 Ɔkwan foforo so no, nananom a wɔawuwu som ne ahonisom, obu ma ahunmu nneɛma, abɔde mu ahonhom a wɔsom ne ɛho amanne adi Chinafo ti yiye ma wogye eyinom tom sɛ nokware a wɔnka. Mpɛn pii no ɛyɛ den yiye sɛ wɔne Chinani bɛka Onyankopɔn anaa Ɔbɔadeɛ teasefo bi ho asɛm, efisɛ adwene a ɛte saa yɛ ade foforo koraa ma no.—Romafo 1:20-25.

44. (a) Mmadwemma yɛ wɔn ade dɛn wɔ abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no ho? (b) Dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

44 Akyinnye biara nni ho sɛ anwonwade akɛse ne nyansa da adi wɔ abɔde mu, na wɔama yɛn nnipa tumi a yɛde susuw ade ho ne ahonim a ɛyɛ nwonwa. Nanso sɛnea wɔdaa no adi wɔ ti a ɛka Buddhasom ho asɛm mu no, anwonwade ahorow a yehu wɔ abɔde mu no ama mmadwemma ka sɛ Odwumfo anaa Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (Hwɛ nkratafa 151-2.) Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, so ntease nnim sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ Ɔbɔadeɛ no akyi kwan? Nokwarem no, Ɔbɔadeɛ no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” (Yesaia 40:26) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnyɛ onii ko a Ɔbɔadeɛ no yɛ, kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn, nko na yebehu, na mmom nea ɔwɔ ma yɛn daakye nso.

45. Apuei fam ɔsom foforo bɛn na yebesusuw ho afei?

45 Nea ɛka Buddhasom, Konfusiosom ne Taosom a anya nnipa pii asetra so nkɛntɛnso wɔ Apuei Fam ho ne ɔsom foforo bi, Japanfo titiriw som—Shinto. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko? Efi he? So ama nkurɔfo ahu nokware Nyankopɔn no? Yebesusuw eyi ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Lin Yutang kyerɛ asɛm yi ase sɛ: “Esiane sɛ ɔne Tao yɛ biako nti, ɔte hɔ daa, na hwee renyɛ no wɔ n’asetra nyinaa mu.”

^ nky. 19 Susukora biako bɛyɛ galɔn abien

^ nky. 23 Asɛmfua “Confucius” anaa “Konfusio” no yɛ Latin asɛmfua a egyina hɔ ma China asɛmfua K’ung-fu-tzu, a ɛkyerɛ “Owura K’ung.” Jesuitfo asɔfo a wɔkɔɔ China wɔ afeha a ɛto so 16 mu na wɔde Latin din no bae bere a wɔka kyerɛɛ pope a ɔwɔ Rome no sɛ ɔnyɛ Konfusio Roman Katolek Asɔre no “ɔhotefo” no.

^ nky. 40 Taofo kuw biako a wɔwɔ Taiwan a wɔfrɛ no T’ien Tao (Ɔsoro Kwan) no kyerɛ sɛ wɔyɛ wiase som anum a wɔaka abom biako—Taosom, Konfusiosom, Buddhasom, Kristosom ne Islam.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 162 adaka]

Sɛnea Wɔbɔ Chinafo Nsɛmfua Din

Nea ɛbɛyɛ na ɛne nea nhomanimfo dodow no ara ayɛ ahyia no, wɔde sɛnea Wade-Giles bɔ Chinafo nsɛmfua din na edi dwuma wɔ nhoma yi mu. Wɔde sɛnea wɔbɔ wɔ Engiresi kasa mu ama wɔ ase ha:

ch j, sɛnea ɛte wɔ Tao Te Ching (jing) mu

ch’ ch, sɛnea ɛte wɔ Ch’in (chin) ahene abusua mu

hs sh, sɛnea ɛte wɔ Ta Hsüeh (shu-eh), The Great Learning mu

j r, sɛnea ɛte wɔ jen (ren), mmɔborohunu mu

k g, sɛnea ɛte wɔ Buddhafo nyamewa Kuan-yin (gwan-yin) mu

k’ k, sɛnea ɛte wɔ K’ung-fu-tzu (kung-ƒu-tzu), anaasɛ Konfusio mu

t d, sɛnea ɛte wɔ Tao (dao), Ɔkwan no mu

t’ t, sɛnea ɛte wɔ T’ang (tang) ahene abusua no mu

[Kratafa 175 adaka]

Konfusiosom—Nyansapɛ Anaasɛ Nyamesom?

Esiane sɛ Konfusio anka Onyankopɔn ho asɛm pii nti, nnipa pii bu Konfusiosom sɛ nyansapɛ kɛkɛ na ɛnyɛ nyamesom. Nanso nea ɔkae na ɔyɛe kyerɛ sɛ na ɔyɛ nyamesomni. Yebetumi ahu eyi wɔ akwan abien so. Nea edi kan no, na ɔwɔ obu ma amansan no mu honhom otumfoɔ pumpuni bi, nea Chinafo frɛ no T’ien, anaasɛ Ɔsoro, nea obuu no sɛ papayɛ ne abrabɔ pa nyinaa farebae, na ɔtee nka sɛ ne pɛ kyerɛ nneɛma nyinaa kwan no. Nea ɛto so abien no, osii so dua kɛse sɛ wonni ɔsoro ne nananom a wɔawuwu ahonhom a wɔsom ho amanne ne guasodeyɛ so.

Ɛwom sɛ Konfusio ankamfo adwenhorow yi ankyerɛ sɛ nyamesom de, nanso Chinafo awo ntoatoaso ahorow bu eyinom sɛ nea nyamesom kyerɛ nyinaa nen.

[Kratafa 177 adaka/mfonini]

Konfusiofo Nhoma Anan ne Nhoma Atitiriw Anum

Nhoma Anan No

1. The Great Learning (Ta Hsüeh), nhoma a obi a odi ne ho ni nhomasua gyina so, nhoma a na tete China sukuufo mmarimaa di kan sua

2. The Doctrine of the Mean (Chung Yung), anidahɔ a wɔde tete obi nipasu

3. The Analects (Lun Yü), Konfusio mmebusɛm nhoma, wobu no sɛ baabi a Konfusiofo nya wɔn nsusuwii fi titiriw

4. The Book of Mencius (Meng-tzu), Konfusio suani a ɔsen biara, Meng-tzu anaa Mencius, mmebusɛm nhoma

Nhoma Atitiriw Anum No

1. The Book of Poetry (Shih Ching), anwensɛm 305 a ɛma wohu da biara asetra wɔ Chou bere no mfiase (1000-600 A.Y.B.)

2. The Book of History (Shu Ching), ɛka Chinafo mfeha 17 abakɔsɛm a efi ase fi Shang ahene abusua (1766-1122 A.Y.B.) so ho asɛm

3. The Book of Changes (I Ching), adebisa nhoma, a egyina ɔkasamu anaa ɔkasasin asia a wɔaka abom 64 asekyerɛ so

4. The Book of Rites (Li Chi), guasodeyɛ ne amanne ahorow ho mmara nhoma

5. Annals of Spring and Autumn (Ch’un Ch’iu), Konfusio mantam Lu ho abakɔsɛm, ɛka 721-478 A.Y.B. mu nsɛm

[Mfonini]

Atifi hɔ, Nhoma Atitiriw Anum, ne benkum so, The Great Learning

(Nhoma Anan no mu biako) fã bi mu asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 181

[Kratafa 163 mfonini]

Tao, ‘ɔkwan a ɛsɛ sɛ onipa fa so’

[Kratafa 165 mfonini]

Lao–tzu, nyansapɛfo a ɔde Taosom bae, a ɔte ɛkoɔ so

[Kratafa 166 mfonini]

Taofo asɔredan a wosi maa Matsu, “Ɛnã Kronkron a ɔwɔ Soro,” wɔ Taiwan

[Kratafa 171 mfonini]

Mmepɔw a omununkum kata so, nsu a ɛtaa hɔ dinn, nnua a ehinhim ne nhomanimfo a wogye wɔn ahome—nneɛma atitiriw a Chinafo taa yɛ ho mfonini wɔ asase so nneɛma ho mfonini mu—ɛkyerɛ adwene a Taofo kura sɛ wɔne abɔde tra ase asomdwoe mu

[Kratafa 173 mfonini ahorow]

Benkum so, tete Taofo adwini a ɛfa Onyinkyɛ nyame ne Ateasefo Baawɔtwe a Wonwu Da ho. Nifa so, Tao sɔfo a wahyehyɛ ne kɔsɔɔ reyɛ ayi

[Kratafa 179 mfonini]

Konfusio, Chinafo nyansafo a ɔsen biara, wobu no sɛ abrabɔ ne ɛho nimdeɛ ho kyerɛkyerɛfo

[Kratafa 181 mfonini]

Afahyɛ ahorow a nnwom ka ho wɔ Sung Kyun Kwan, afeha 14 mu Konfusiofo nhomasuabea a ɛwɔ Seoul, Korea, ɛma Konfusiofo amanne nya nkɔso

[Kratafa 182 mfonini ahorow]

Efi benkum so, sɛ ebia Chinani ankasa yɛ Buddhani, Taoni anaasɛ Konfusioni no, odi ne nananom a wɔawuwu ni wɔ fie, ɔsom ahonyade nyame, na ɔbɔ afɔre asɔredan ahorow mu wɔ afahyɛ mmere mu