Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn

Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn

Ti 9

Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn

1, 2. (a) Henanom ne Yudafo atitiriw a wɔanya abakɔsɛm ne amammerɛ so nkɛntɛnso no bi? (b) Asɛm bɛn na ebinom bebisa?

MOSE, Yesu, Mahler, Marx, Freud, ne Einstein—ade biako bɛn na ɛda adi wɔ wɔn nyinaa ho? Ná wɔn nyinaa yɛ Yudafo, na wɔn nyinaa anya adesamma abakɔsɛm ne amammerɛ so nkɛntɛnso wɔ akwan horow so. Ɛda adi pefee sɛ Yudafo ada nsow mfe mpempem pii. Bible no ankasa di eyi ho adanse.

2 Yudasom nte sɛ tete ɔsom ne amammerɛ afoforo no, enti egyina abakɔsɛm so na ɛnyɛ anansesɛm. Nanso ebinom betumi abisa sɛ: Yudafo nnɔɔso koraa, wɔbɛyɛ ɔpepem 18 wɔ wiase a nnipa bɛboro ɔpepepem 5 wom no mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn som ho?

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Yudasom Ho

3, 4. (a) Dɛn na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu? (b) Nea ɛsɛ sɛ ɛma yesusuw Yudafo som ne ne mfiase ho no bi ne dɛn?

3 Ade biako nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ Yudasom fii ase bɛyɛ mfe 4,000 wɔ abakɔsɛm mu, na ɔsom akɛse foforo gye ne Kyerɛwnsɛm tom kosi baabi. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 220.) Kristosom a Yesu (Hebri, Ye·shuʹa‛), afeha a edi kan no mu Yudani de bae no gyina Hebri Kyerɛwnsɛm no so. Na sɛnea Qur’ān akenkan biara bɛkyerɛ no, Islām nso nyaa ne nsɛm pii fii saa kyerɛw nsɛm no mu. (Qur’ān, surah 2:49-57; 32:23, 24) Enti, bere a yɛhwehwɛ Yudafo som mu no, na yɛhwehwɛ ɔsom afoforo ɔhaha pii fibea nso mu.

4 Ade a ɛto so abien a ɛho hia ne sɛ Yudafo som no ma adesamma nya nnyinaso titiriw bi wɔ nokware Nyankopɔn no a wɔhwehwɛ no mu. Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, na Abram, Yudafo nana, no resom nokware Nyankopɔn no dedaw bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni. * Ntease wom sɛ yebisa sɛ, Yudafo ne wɔn som fi he?—Genesis 17:18.

Yudafo Fi He?

5, 6. Sɛ yɛbɛka no tiawa a, Yudafo ne wɔn din ho abakɔsɛm ne dɛn?

5 Yudafo yɛ tete Sem asefo bi a wɔka Hebri kasa. (Genesis 10:1, 21-32; 1 Beresosɛm 1:17-28, 34; 2:1, 2) Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni, wɔn nana Abram tu fii Kaldeafo kurow Ur a ɛretrɛw a na ɛwɔ Sumer no kɔtraa Kanaan asase a na Onyankopɔn aka ho asɛm sɛ: “W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn” no so. * (Genesis 11:31–12:7) Wɔfrɛ no “Hebrini Abram” wɔ Genesis 14:13, ɛwom sɛ akyiri yi wɔsakraa ne din frɛɛ no Abraham de. (Genesis 17:4-6) Ne mu na Yudafo abusua a ne ba Isak ne ne banana Yakob a wɔsakraa ne din frɛɛ no Israel na wodi kan no fi. (Genesis 32:27-29) Israel woo mmabarima 12 a wɔwoo Israel mmusuakuw 12 no. Wɔn mu biako ne Yuda, edin a emu na akyiri yi wonyaa asɛmfua “Yudafo” fii no.—2 Ahene 16:6, JP.

6 Bere bi akyi no, wɔamfa din “Yudafo” no amfrɛ Yuda asefo nkutoo na mmom Israelfo nyinaa. (Ester 3:6; 9:20) Esiane sɛ wɔsɛee Yudafo anato ho kyerɛwtohɔ ahorow wɔ 70 Y.B. mu bere a Romafo sɛee Yerusalem no nti, Yudani biara nni hɔ nnɛ a obetumi akyerɛ abusua ko a ofi mu pefee. Nanso tete Yudafo som no atrɛw na asakra wɔ mfe mpempem pii a atwam no mu. Yudafo ɔpepem pii a wɔwɔ Republic of Israel ne wɔn a wɔahwete wiase nyinaa no de wɔn ho hyɛ Yudasom mu nnɛ. Dɛn so na wɔn som no gyina?

Mose, Mmara no, ne Ɔman Bi

7. Ntam bɛn na Onyankopɔn kaa Abraham, na dɛn ntia?

7 Onyankopɔn paw Abram sɛ n’akoa titiriw wɔ 1943 A.Y.B. * mu, na nokware a odii wɔ pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔde ne ba Isak bɔ afɔre no mu nti, akyiri yi Ɔkaa no ntam kɛse, ɛwom mpo sɛ wammɔ afɔre no anwie da de. (Genesis 12:1-3; 22:1-14) Onyankopɔn kae wɔ saa ntam no mu sɛ: “AWURADE [Hebri: יהוה, YHWH] ka sɛ Meka Me ho ntam sɛ: Esiane sɛ woayɛ eyi na woamfa wo ba a wopɛ n’asɛm ankame me nti, Mehwie me nhyira agu wo so na Mɛma w’asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma . . . Asase so amanaman nyinaa nam w’asefo [“aseni,” JP] so benya nhyira, efisɛ woadi M’ahyɛde so.” Ɔsan kaa ntam yi kyerɛɛ Abraham ba ne ne banana, na afei ɛtoaa so wɔ Yuda abusua ne Dawid asefo mu. Na Onyankopɔn teasefo biako pɛ a ɔne adesamma di tẽẽ ho adwene katee yi da nsow wɔ tete wiase no mu, na ɛno na ɛbɛyɛɛ Yudafo som no nnyinaso.—Genesis 22:15-18; 26:3-5; 28:13-15; Dwom 89:4, 5, 29, 30, 36, 37 (Dwom 89:3, 4, 28, 29, 35, 36, NW).

8. Hena ne Mose, na dɛn na ɔyɛe wɔ Israel?

8 Sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn adi bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Abraham so no, ɔne Abraham asefo yɛɛ apam titiriw bi de too ɔman bi nhyɛase. Wɔyɛɛ apam yi denam Mose, Hebrini kannifo kɛse ne Onyankopɔn ne Israelfo ntamgyinafo no so. Hena ne Mose, na dɛn nti na ne ho hia Yudafo kɛse saa? Bible mu Exodus kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ Israelfo awofo a na wɔne Israelfo foforo yɛ nkoa wɔ nnommumfa mu na wɔwoo no wɔ Misraim (1593 A.Y.B.). Ɔne nea “AWURADE paw no” sɛ onni Ne man anim nkonya ahofadi wɔ Kanaan, Bɔhyɛ Asase, no so. (Deuteronomium 6:23; 34:10) Mose yɛɛ adwuma titiriw sɛ Mmara apam a Onyankopɔn de maa Israel no ntamgyinafo kaa odiyifo, ɔtemmufo, ɔkannifo, ne abakɔsɛm kyerɛwfo a na ɔyɛ ma wɔn no ho.—Exodus 2:1–3:22.

9, 10. (a) Mmara bɛn na wɔnam Mose so de mae no? (b) Asetra afã horow bɛn na Mmara Nsɛm Du no ka ho asɛm? (d) Asɛyɛde bɛn na Mmara apam no de too Israel so?

9 Ná Nsɛm anaa Mmara Nsɛm Du ne mmara bɛboro 600 a ɛyɛ da biara abrabɔ ho akwankyerɛ a emu da hɔ na ɛwɔ Mmara a Israel gye toom no mu. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 211.) Na ɛfa asase so nneɛma ne akronkronne—honam ne abrabɔ fam ahwehwɛde ahorow ne Onyankopɔn som—ho.

10 Mmara apam anaasɛ ɔsom ho mmara yi so na na tete agyanom no gyidi gyina. Esiane eyi nti, Abraham asefo bɛyɛɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn som. Enti sɛnea Yudafo som no te fii ase daa adi ankasa, na Yudafo bɛyɛɛ ɔman a wɔahyehyɛ wɔn ama wɔn Nyankopɔn som ne n’adwuma. Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ wɔ Exodus 19:5, 6 sɛ: “Sɛ mode nokwaredi betie Me na moadi m’apam so a, . . . mobɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron ama Me.” Enti, na Israelfo no bɛyɛ ‘ɔman a wɔapaw wɔn’ a wobedi Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho dwuma. Nanso, na apam no bɔhyɛ ahorow mmamu gyina nnyinasode a ese ‘Sɛ mubetie a’ no so. Afei de, na saa ɔman a wɔahyira wɔn ho so no bebu akontaa akyerɛ wɔn Nyankopɔn no. Enti, akyiri yi (afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu), Onyankopɔn tumi ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “M’adansefo ne mo—Awurade [Hebri יהוה, YHWH] na ose—M’akoa a Mapaw no.”—Yesaia 43:10, 12.

Ɔman a Ɛwɔ Asɔfo, Adiyifo ne Ahene

11. Ɛyɛɛ dɛn na asɔfodi ne ahenni no bae?

11 Bere a na Israel man da so ara wɔ anhweatam no so, na wɔde wɔn ani akyerɛ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔhyehyɛɛ asɔfokuw wɔ Mose nua Aaron asefo mu. Ntamadan anaa ahyiae ntamadan kɛse bi a wotumi soa kyinkyin bɛyɛɛ beae a na Israelfo som bɔ afɔre. (Exodus, ti 26–28) Bere bi akyi no, Israelfo duu Bɔhyɛ Asase a ɛne Kanaan no so, na wodii so nkonim sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ no. (Yosua 1:2-6) Awiei koraa no, wɔhyehyɛɛ asase so ahenni, na Dawid a ofi Yuda abusua mu no bɛyɛɛ ɔhene wɔ 1077 A.Y.B. mu. Ɛdenam ne nniso so no, ahenni ne asɔfodi no nyinaa gyinae pintinn wɔ ɔman no ahenkurow foforo, Yerusalem, mu.—1 Samuel 8:7.

12. Ná bɔ bɛn na Onyankopɔn ahyɛ Dawid?

12 Dawid wu akyi no, ne ba Salomo sii asɔredan fɛfɛ bi wɔ Yerusalem de sii ahyiae ntamadan no ananmu. Esiane sɛ na Onyankopɔn ne Dawid ayɛ apam sɛ ahenni no bɛtra n’abusua mu daa nti, wɔtee ase sɛ da bi Ɔhene a wɔasra no, Mesia no, befi Dawid abusuafo mu aba. Nkɔmhyɛ kyerɛe sɛ Israel ne amanaman nyinaa nam Mesia Hene anaa “aseni” yi so benya nniso a ɛyɛ pɛ. (Genesis 22:18, JP) Anidaso yi timii, na wohuu sɛnea Mesia no te pefee wɔ Yudafo som mu.—2 Samuel 7:8-16; Dwom 72:1-20; Yesaia 11:1-10; Sakaria 9:9, 10.

13. Henanom na Onyankopɔn de wɔn teɛɛ Israelfo a na wɔretwe wɔn ho no so? Ma nhwɛso.

13 Nanso, Yudafo no maa kwan ma Kanaanfo ne aman foforo a atwa wɔn ho ahyia no atoro som nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Esiane eyi nti, wobuu wɔne Onyankopɔn ntam apam no so. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ateɛ wɔn so akyerɛ wɔn kwan asan aba ne nkyɛn no, ɔsomaa adiyifo pii ma wɔkɔkaa ne nkrasɛm kyerɛɛ nnipa no. Enti, nkɔmhyɛ bɛyɛɛ Yudafo som mu ade foforo a ɛda nsow na ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no fã kɛse. Nokwarem no, adiyifo din da Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 18 so.—Yesaia 1:4-17.

14. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii no kyerɛe sɛ nea Israel adiyifo no kae no yɛ nokware?

14 Saa adiyifo atitiriw no bi ne Yesaia, Yeremia ne Hesekiel, a wɔn nyinaa de asotwe a na Yehowa de bɛba ɔman no so wɔ wɔn abosonsom ho no ho kɔkɔbɔ mae. Asotwe yi bae bɛyɛ 607 A.Y.B., bere a Israelfo ɔwae nti, Yehowa maa Babilon a saa bere no na ɛne wiase nyinaa tumi no kwan ma ɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi na ɛde ɔman no kɔɔ nnommumfa mu no. Nkɔm a adiyifo no hyɛe no baa mu, na Israel mfe 70 nkoasom wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu fã kɛse ara yɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ. —2 Beresosɛm 36:20, 21; Yeremia 25:11, 12; Daniel 9:2.

15. (a) Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom foforo ase timii wɔ Yudafo mu? (b) Tumi bɛn na hyia adan nyaa wɔ ɔsom a na ɛwɔ Yerusalem no so?

15 Wɔ 539 A.Y.B. mu no, Persiani Kores dii Babilon so nkonim na ɔmaa Yudafo no kwan sɛ wɔnsan nkɔtra wɔn asase so, nsan nkosi asɔrefie no wɔ Yerusalem. Ɛwom sɛ nkaefo bi kɔe de, nanso Yudafo dodow no ara traa Babilonfo nkɛntɛnso ase. Akyiri yi Persiafo amammerɛ nyaa Yudafo no so nkɛntɛnso. Enti, wɔkyekyee Yudafo nkurow wɔ Mediterranea ne ho nsase so. Wɔhyehyɛɛ ɔsom foforo wɔ kurow biara mu a na wɔde hyiadan, beae a Yudafo hyia, di dwuma. Sɛnea ɛte no, nhyehyɛe yi brɛɛ adwene a na wɔde si asɔrefi a na wɔasan asi wɔ Yerusalem so no ase. Ná afei de Yudafo no ahwete kɔ mmeae pii ampa.—Esra 2:64, 65.

Helafo Nneyɛe Hyɛn Yudasom Mu

16, 17. (a) Nkɛntɛnso foforo bɛn na na ɛretrɛw wɔ Mediterranea aman mu wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu? (b) Henanom titiriw na wɔmaa Helafo amammerɛ trɛwee, na ɔkwan bɛn so? (d) Enti ɔkwan bɛn so na Yudasom daa adi wɔ wiase no mu?

16 Eduu afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na Yudafo kɔ so hwete ma enti wɔn a wɔnyɛ Yudafo amammerɛ pii a na ɛretrɛw wɔ Mediterranea aman ne aman foforo so no nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Nsusuwii no fi Hela, na ɛmaa Helafo nsusuwii wuraa Yudasom mu.

17 Wɔ 332 A.Y.B. mu no, Helafo sahene Aleksanda Ɔkɛseɛ de ahoɔhare dii Mediterranea nsase so nkonim na bere a ɔbaa Yerusalem no, Yudafo no maa no akwaaba. * Aleksanda adedifo toaa ne nhyehyɛe sɛ ɔbɛma wɔagye Hela amammerɛ atom no so, na wɔmaa Hela kasa, amammerɛ ne nyansapɛ trɛw wɔ ahemman no mu nyinaa. Eyi nti, wofii ase de Helafo ne Yudafo amammerɛ frafrae a na nea ebefi mu aba no bɛyɛ nwonwa.

18. (a) Dɛn nti na na Hebri Kyerɛwnsɛm no Hela Septuagint nkyerɛase no ho hia? (b) Helafo amammerɛ bɛn na enyaa Yudafo no so nkɛntɛnso titiriw?

18 Yudafo a na wɔahwete no fii ase kaa Hela kasa mmom sen Hebri. Enti, ɛrekɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mfiase no, wofii Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase a edi kan a wɔyɛ kɔɔ Hela kasa mu a wɔfrɛ no Septuagint no ase, na Amanaman mufo pii nam so nyaa obu maa Yudafo som na wohui sɛnea ɛte, na ebinom mpo bɛyɛɛ emufo. * Na Yudafo nso rehu Helafo nsusuwii na ebinom mpo bɛyɛɛ nyansapɛfo, ade foforo koraa ma Yudafo. Wɔn mu biako ne afeha a edi kan Y.B. mu Philo a ofi Alexandria, a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde Helafo nyansapɛ bɛkyerɛkyerɛ Yudasom mu te sɛ nea abien no nyinaa ka nokware biako ho asɛm no.

19. Yudani nhoma kyerɛwfo bi ka bere a wɔde Helafo ne Yudafo amammerɛ frafrae no ho asɛm dɛn?

19 Yudani nhoma kyerɛwfo Max Dimont reka bere a Helafo ne Yudafo gyee wɔn ho wɔn ho amammerɛ toom ho asɛm tiawa no, ɔkae sɛ: “Yudafo nhomanimfo a na wokura Plato adwene, Aristotle nyansapɛ ne Euclidia nyansahu de nnwinnade foforo dii Torah no ho dwuma. . . . Wɔde Helafo adwene kaa Yudafo adiyisɛm ho.” Na nsɛm a ebesisi wɔ Roma nniso a edii Hela Ahemman so, ne afei Yerusalem so wɔ 63 A.Y.B. mu no bebue hokwan ma nsakrae atitiriw pii mpo aba.

Yudasom Wɔ Roma Nniso Ase

20. Na Yudafo no nyamesom tebea te dɛn wɔ Y.B. afeha a edi kan no mu?

20 Na Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan Yudasom adu baabi soronko. Max Dimont ka sɛ na “adi Helafo adwene ne Romafo nkrante” ntam asensɛnmu. Na Yudafo wɔ anidaso kɛse esiane amammui nhyɛso ne Mesia ho nkɔmhyɛ nkyerɛase ahorow, titiriw Daniel de no nti. Na wɔakyekyɛ Yudafo mu akuwakuw. Farisifo sii mmara a wɔde ano ka kyerɛ (hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 221) so dua sen asɔrefie afɔrebɔ. Sadukifo no sii sɛnea asɔrefie no ne asɔfodi ho hia so dua. Na Essenefo, Zealotfo, ne Herod akyidifo nso wɔ hɔ. Na ɛsono wɔn mu biara adwene wɔ ɔsom ne nyansapɛ ho. Na Yudafo akannifo a wɔfrɛ wɔn rabi (awuranom, akyerɛkyerɛfo) kɔɔ so nyaa anuonyam na wɔbɛyɛɛ honhom mu akannifo afoforo esiane Mmara no a na wonim nti.

21. Nsɛm a esisii bɛn na enyaa mfeha abien a edi kan Y.B. no mu Yudafo so nkɛntɛnso kɛse?

21 Nanso Yudasom mu kɔɔ so paapaee, titiriw wɔ Israel man mu. Awiei koraa no, wɔtew atua ankasa tiaa Roma, na Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae wɔ 70 Y.B. mu sɛee kurow no, hyew n’asɔrefi no dwerɛbee, na wɔbɔɔ emufo hwetee. Awiei koraa no, wɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ Yudafo kɔ Yerusalem koraa bio. Esiane sɛ na Yudasom nni asɔrefi, enni asase, na wɔabɔ emufo ahwete Roma Ahemman mu nyinaa nti, na ehia biribi foforo wɔ ɔsom mu na akɔ so atra hɔ.

22. (a) Ɔkwan bɛn so na asɔrefi a wɔsɛee no wɔ Yerusalem no kaa Yudasom? (b) Yudafo kyekyɛɛ Bible no mu dɛn? (b) Dɛn ne Talmud, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?

22 Bere a wɔsɛee asɔrefie no, Sadukifo ase gui na mmara a wɔde ano ka a Farisifo no ma enyaa nkɔso no bɛyɛɛ Rabifo Yudasom foforo mu ade titiriw. Adesua a emu yɛ den, mpaebɔ ne ayamye nnwuma besii asɔrefie afɔrebɔ ne akronkronne a wɔkɔhwɛ ananmu. Enti na Yudasom betumi atra baabiara, bere biara, wɔ amammerɛ biara mu. Rabifo kyerɛw mmara a wɔde ano ka yi de kaa ɛho nkyerɛkyerɛmu ho, na afei wɔde ɛho nkyerɛkyerɛmu pii a ne nyinaa ka bom yɛ Talmud mae.—Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 220-1.

23. Nsakrae bɛn na Helafo nsusuwii nkɛntɛnso ma ɛbae?

23 Dɛn na nkɛntɛnso a egu ahorow yi de bae? Max Dimont ka wɔ ne nhoma Jews, God and History mu sɛ ɛwom sɛ na Farisifo no kura Yudafo amammui ho adwene ne wɔn som kanea de, nanso “Helafo nyansapɛfo ankasa na wɔsɔɔ kanea no.” Ɛwom sɛ Talmud no fã kɛse no ara si mmara so dua kɛse de, nanso emu mfatoho ne nkyerɛkyerɛmu da Helafo nyansapɛ nkɛntɛnso adi pefee. Sɛ nhwɛso no, wɔdaa Helafo som mu gyidi te sɛ ɔkra a enwu da no adi sɛnea Yudafo te ase. Nokwarem no, wɔ saa Rabifo bere foforo mu no, Talmud no a na wɔsom—denam saa bere no mu mmara ne Helafo nyansapɛ a wɔde afra so—no nyaa nkɔanim wɔ Yudafo mu kosii sɛ ebeduu Mfinimfini Mmere no mu, a na Yudafo wɔ obu kɛse ma Talmud no sen Bible ankasa.

Yudasom Wɔ Mfinimfini Mmere Mu

24. (a) Akuw atitiriw abien bɛn na ɛbaa Yudafo mu wɔ Mfinimfini Mmere no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na enyaa Yudasom so nkɛntɛnso?

24 Wɔ Mfinimfini Mmere no mu (fi bɛyɛ afe 500 besi 1500 Y.B.) no, Yudafo akuw soronko abien daa adi—Sefardi Yudafo a wodii yiye wɔ Nkramofo nniso ase wɔ Spain, ne Ashkenasi Yudafo a na wɔwɔ Mfinimfini ne Apuei fam Europa. Akuw abien yi nyinaa tetee Rabifo nhomanimfo a wɔn nhoma ne wɔn adwene na wɔde akyerɛkyerɛ Yudasom mu abedu nnɛ. Nea ɛyɛ anika ne sɛ amanne ne ɔsom mu nneɛma a wɔyɛ nnɛ wɔ Yudasom mu no pii fii ase wɔ Mfinimfini Mmere no mu.—Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 231.

25. Awiei koraa no dɛn na Katolek Asɔre no yɛɛ Yudafo wɔ Europa?

25 Wɔ afeha a ɛto so 12 mu no, wofii ase pam Yudafo fii aman horow mu. Sɛnea Israelni nhoma kyerɛwfo Abba Eban kyerɛkyerɛ mu wɔ My People—The Story of the Jews no mu no: “Asɛnkoro na esii wɔ ɔman biara . . . a na Katolek Asɔre nkutoo na ɛwɔ so tumi no mu; woguu wɔn anim ase paa, wɔyɛɛ wɔn ayayade, wokunkum wɔn, na wɔpam wɔn.” Awiei koraa wɔ 1492 mu no, Spain a na Katolekfo asan abedi so no nso hyɛe sɛ wɔmpam Yudafo nyinaa mfi n’asase so. Enti ebeduu afeha 15 awiei no, na wɔapam Yudafo afi Europa Atɔe fam aman dodow no ara mu, na woguan kɔɔ Europa Apuei fam ne Mediterranea aman mu.

26. (a) Dɛn na ɛmaa Yudafo no aba mu bui? (b) Mpaapaemu atitiriw bɛn na efii ase baa Yudafo mu?

26 Wɔ mfehaha pii nhyɛso ne ɔtaa no mu no, nnipa pii a wose wɔyɛ Mesia sɔree wɔ Yudafo mu wɔ wiase afã horow, na wogyee wɔn nyinaa toom koduu baabi, nanso ɛde abasamtu bae. Ebeduu afeha 17 no, na wohia akwan foforo a wɔbɛfa so ahyɛ Yudafo no den de agye wɔn afi saa amanehunu bere yi mu. Wɔ afeha a ɛto so 18 mfinimfini mu hɔ no, wonyaa Yudafo no abasamtu no ano aduru. Ná ɛyɛ Hasidsom (hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 226), ahonhonsɛmdi ne ɔsom mu anigye a afrafra a wɔda no adi wɔ da biara som ne dwumadi mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, bɛyɛ saa bere koro no ara mu no, nyansapɛfo Moses Mendelssohn a ɔyɛ Germanni Yudani no de ano aduru foforo mae, ɛne Haskala anaasɛ anibuei, a ɛde nea wobu wɔ abakɔsɛm mu sɛ “Nnɛyi Yudasom” bae no.

Efi “Nimdeɛ” So Kɔ Sionsom Mu

27. (a) Ɔkwan bɛn so na Moses Mendelssohn nyaa Yudafo su horow so nkɛntɛnso? (b) Dɛn nti na Yudafo pii poo Mesia teasefo bi mu anidaso?

27 Sɛnea Moses Mendelssohn (1729–86) kyerɛ no, sɛ́ na Yudafo befi Talmud no anohyeto ahorow no ase ayɛ wɔn ade ma ɛne Atɔe fam amammerɛ ahyia a, na wobegye wɔn atom. Wɔ ne bere so no, ɔbɛyɛɛ Yudafo a na Amanaman mufo bu wɔn sen biara no mu biako. Nanso, basabasa a wɔsan yɛɛ Sem asefo bio wɔ afeha 19 mu, titiriw wɔ “Kristofo” Russia no maa ahyehyɛde no mufo aba mu bui, na afei wɔn mu pii de wɔn adwene sii amammui mu guankɔbea a wobenya ama Yudafo no so. Wɔpoo adwene a ɛne sɛ Mesia teasefo bi bedi Yudafo anim asan de wɔn akɔ Israel, na wofii ase sɛ wɔbɛfa akwan foforo so akyekye Yudafo Man. Afei eyi bɛyɛɛ Sionsom adwene: “Yudafo mesia mu gyidi . . . a wɔbɛdan no wiasesɛm,” sɛnea nhoma bi kae no.

28. Nsɛm a asisi wɔ afeha a ɛto so 20 mu bɛn na anya Yudafo su horow so tumi?

28 Europa Yudafo bɛyɛ ɔpepem asia a wokunkum wɔn wɔ Okunkɛse (1935–45) a Nasifo hyɛɛ ho nkuran mu no maa Sionsom nyaa mpamden a etwa to ne ahummɔbɔ wɔ wiase nyinaa. Sionfo anidaso baa mu wɔ 1948 mu bere a wɔkyekyee Israel Man, a ɛde yɛn ba Yudasom wɔ yɛn bere yi mu ne asɛmmisa a ɛne, Dɛn na nnɛyi Yudafo gye di? so no.

Onyankopɔn Yɛ Biako

29. (a) Ne tiaatwa mu no, dɛn ne nnɛyi Yudasom? (b) Dɛn na ɛma wohu obi a ɔyɛ Yudasom muni? (d) Yudafo afahyɛ ne wɔn amanne ahorow no bi ne dɛn?

29 Ne tiaatwa mu ne sɛ Yudasom yɛ nnipa bi som. Enti obi a ɔsakra kɔ mu dan Yudani ne Yudafo som nso muni. Ɛyɛ ɔsom a egye onyame biako pɛ di, na ɛka sɛ Onyankopɔn de ne ho gye adesamma abakɔsɛm mu, titiriw Yudafo de. Yudafo som wɔ afe afe afahyɛ ne amanne ahorow pii. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 230–1.) Ɛwom sɛ wonni gyidikasɛm ahorow na nkyerɛkyerɛ nni hɔ a Yudafo nyinaa gye tom de, nanso Onyankopɔn a wose ɔyɛ biako sɛnea ɛda adi wɔ Shema, mpaebɔ a egyina Deuteronomium 6:4 (JP) so mu no yɛ hyiadan mu som fã titiriw: “OO ISRAEL, TIE, AWURADE YƐN NYANKOPƆN YƐ AWURADE KORO.”

30. (a) Ntease bɛn na Yudafo kura wɔ Onyankopɔn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na adwene a Yudafo kura wɔ Onyankopɔn ho ne Kristoman de bɔ abira?

30 Ɛde Onyankopɔn biako pɛ mu gyidi yi maa Kristosom ne Islām. Sɛnea Ɔbenfo J. H. Hertz a ɔyɛ rabi kyerɛ no: “Na Onyankopɔn biako pɛ ho asɛm a wɔka no pefee yi yɛ ko a wɔko tia anyame dodow som nyinaa . . . Saa ara na Shema no yi Kristofo Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fi mu sɛ etia Onyankopɔn Biakoyɛ.” * Nanso afei momma yɛnhwɛ Yudafo gyidi wɔ owu akyi asetra ho.

Owu, Ɔkra, ne Owusɔre

31. (a) Ɛyɛɛ dɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no baa Yudafo nkyerɛkyerɛ mu? (b) Asɛnnennen bɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no de bae?

31 Nnɛyi Yudasom gyidi atitiriw no mu biako ne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da a ɛkɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi. Nanso so eyi fi Bible no mu? Encyclopaedia Judaica gye tom pefee sɛ: “Ɛda adi sɛ Helafo nkɛntɛnso na ɛmaa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no baa Yudasom mu.” Nanso eyi de nkyerɛkyerɛ mu asɛnnennen bae sɛnea nhoma koro no ara ka no: “Ne titiriw no, gyidi ahorow abien a ɛne owusɔre ne ɔkra a enwu da no bɔ abira. Biako kyerɛ sɛ nnipa pii benya owusɔre wɔ nna no awiei, kyerɛ sɛ, awufo a wɔadeda wɔ asase mu no befi adamoa mu aba, na nea ɛka ho no kyerɛ ɔkra no tebea wɔ nipadua no wu akyi.” Wodii asɛnnennen no ho dwuma dɛn wɔ Yudafo nyamekyerɛ mu? “Wɔkae sɛ sɛ obi wu a, ne kra no kɔ so tra ase wɔ baabi foforo (eyi na ɛde ɔsoro ne hellgya ho gyidi horow no nyinaa bae), bere a ne nipadua da ɔdamoa no mu retwɛn awufo nyinaa wusɔre wɔ asase so ha no.”

32. Dɛn na Bible no ka wɔ awufo ho?

32 Sukuupɔn kyerɛkyerɛfo Arthur Hertzberg kyerɛw sɛ: “Wɔ [Hebri] Bible no ankasa mu no, onipa trabea ne wiase yi mu. Ɔsoro ne hellgya nkyerɛkyerɛ biara nnim, awufo sɔre a ɛbɛba wɔ nna no awiei ho adwene a ɛretrɛw nkutoo na ɛwom.” Eyi yɛ adwene a Bible da no adi no mu nkyerɛkyerɛmu tiawa a ɛyɛ nokware, kyerɛ sɛ “awufo nnim hwee . . . Efisɛ adeyɛ, nsusuwii, adesua, nyansa biara nni Sheol [adesamma ɔdamoa] a worekɔ hɔ no mu.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Daniel 12:1, 2; Yesaia 26:19.

33. Mfiase no na Yudafo bu owusɔre nkyerɛkyerɛ no dɛn?

33 Sɛnea Encyclopaedia Judaica kyerɛ no, “Wɔ rabifo bere so no, na wobu awufo sɔre ho nkyerɛkyerɛ no sɛ Yudasom nkyerɛkyerɛ atitiriw no mu biako,” na na “ɛsɛ sɛ wɔma ɛda nsow wɔ . . . ɔkra a enwu da gyidi no ho.” * Nanso nnɛ, ɛwom sɛ Yudasom akuw nyinaa gye ɔkra a enwu da no di de, nanso na wɔnyɛ saa wɔ awufo sɔre ho.

34. Nea ɛne nea Bible ka no bɔ abira no, Talmud kyerɛ sɛ ɔkra no yɛ dɛn? Dɛn na akyerɛwfo a wɔbaa akyiri yi ka?

34 Nea ɛne Bible no bɔ abira no, ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛmu ne ho nsɛm a wɔka mpo ayɛ Talmud a Helafo nsusuwii anya so nkɛntɛnso no mu ma. Akyiri yi, Yudafo ahonhonsɛmdi nhoma a wɔfrɛ no Kabbala, kyerɛkyerɛ mpo sɛ wɔsan wo obi a wawu (akra a wɔkɔhyɛ abɔde afoforo mu), a ɛyɛ tete Hindufo nkyerɛkyerɛ titiriw. (Hwɛ Ti 5.) Wɔ Israel nnɛ no, nnipa pii gye eyi tom sɛ ɛyɛ Yudafo nkyerɛkyerɛ, na edi dwuma titiriw nso wɔ Hasidfo gyidi ne wɔn nhoma ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, Martin Buber ka Elimelekh, rabi a ofi Lizhensk nkyerɛkyerɛ mu ɔkra ho asɛm wɔ ne nhoma Tales of the Hasidim—The Later Masters no mu sɛ: “Mpata Da no, sɛ Rabi Abraham Yehoshua bɔ Avodah, mpae a eti ɔsɔfo panyin no adwuma wɔ Yerusalem Asɔrefi hɔ no mu, na odu asɛm a ese: ‘Na sɛɛ na ɔkae’ no so a, ɔnka saa asɛm no da, na mmom ɔka sɛ: ‘Na sɛɛ na meka.’ Efisɛ ne werɛ mfii bere a na ne kra wɔ Yerusalem sɔfo panyin bi nipadua mu no.”

35. (a) Yudasom a Wɔasesɛw apaw gyinabea bɛn wɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho? (b) Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ a ɛfa ɔkra ho ne dɛn?

35 Yudasom a wɔasesɛw apo owusɔre no mu gyidi. Esiane sɛ ayi asɛmfua no afi Ɔsesɛw mpaebɔ nhoma ahorow mu nti, ɔkra a enwu da mu gyidi nkutoo na egye tom. Hwɛ sɛnea adwene a Bible da no adi wɔ Genesis 2:7 no mu da hɔ pefee: “Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefo.” (JP) Nipadua ne honhom anaasɛ nkwa tumi no na ɛka bom yɛ “ɔkra teasefo.” * (Genesis 2:7; 7:22; Dwom 146:4) Ɔkwan foforo so no, sɛ onipa ɔbɔnefo no wu a, na ɔkra no awu. (Hesekiel 18:4, 20) Enti, sɛ onipa wu a, onni nkwa mu bio koraa. Ne nkwa tumi san kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn. (Ɔsɛnkafo 3:19; 9:5, 10; 12:7) Bible mu nokware anidaso ma awufo ne owusɔre—Hebri: techi·yathʹ ham·me·thimʹ, anaasɛ “awufo a wobenyan wɔn.”

36, 37. Dɛn na Bible mmere mu Hebrifo anokwafo gye dii wɔ daakye asetra ho?

36 Ɛwom sɛ ebia adwene yi bɛyɛ Yudafo pii nwonwa de, nanso owusɔre no na ayɛ nokware Nyankopɔn no asomfo anidaso ankasa mfe mpempem pii. Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, ɔnokwafo Hiob a na ɔrehu amane no kaa bere bi a Onyankopɔn benyan no afi Sheol, anaasɛ ɔdamoa mu ho asɛm. (Hiob 14:14, 15) Wɔmaa odiyifo Daniel nso awerɛhyem sɛ wobenyan no “nna no awiei.”—Daniel 12:2, 12 (13, JP; NW).

37 Hwee nni Kyerɛwnsɛm mu a wobegyina so aka sɛ saa Hebrifo anokwafo no gye dii sɛ na wɔwɔ ɔkra a enwu da a ɛbɛtra ase wɔ owu akyi. Na wɔwɔ ntease a ɛsɛ pefee a ɛma wogye dii sɛ Amansan Hene a ɔkan amansan no mu nsoromma no dodow a ɔkyerɛ wɔn kwan no bɛkae wɔn nso wɔ owusɔre bere no mu. Wɔadi nokware ama ɔno ne ne din. Ɔno nso bedi wɔn nokware.—Dwom 18:26, (25, NW); 147:4; Yesaia 25:7, 8; 40:25, 26.

Yudasom ne Onyankopɔn Din

38. (a) Asɛm bɛn na asi wɔ mfehaha a atwam no mu wɔ Onyankopɔn din a wɔde di dwuma no ho? (d) Dɛn na Onyankopɔn din gyina so?

38 Yudasom kyerɛkyerɛ sɛ ɛwom sɛ wɔakyerɛw Onyankopɔn din ato hɔ de, nanso ɛyɛ kronkron dodo sɛ wɔbɛbɔ. * Nea afi mu aba ne sɛ bɛboro mfe 2,000 a atwam ni, wonhu sɛnea wɔbɔ din no ankasa. Nanso, na ɛnyɛ adwene a Yudafo kura bere nyinaa nen. Bɛyɛ mfe 3,500 ni, Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: AWURADE [Hebri: יהוה, YHWH] mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn: Eyi bɛyɛ Me din akosi daa, na eyi bɛyɛ M’abodin daa nyinaa.” (Exodus 3:15; Dwom 135:13) Na dɛn ne saa din ne abodin no? Tanakh ase hɔ asɛm no ka sɛ: “Wɔde edin YHWH (a na wɔbɔ no Adonai “AWURADE”) no bata mfitiase asɛmfua hayah a ɛne ‘bɛyɛ’ no ho.” Enti yehu Onyankopɔn din kronkron no wɔ ha, Tetragrammaton, Hebri anom nnyigyei nkyerɛwde YHWH (Yahweh) a wɔafrɛ Latin kasa mu de no wɔ Engiresi mu sɛ JEHOVAH [anaa YEHOWA wɔ Twi mu] mfe ɔhaha pii no.

39. (a) Dɛn nti na din kronkron no ho hia? (b) Dɛn nti na Yudafo gyaee din kronkron no bɔ?

39 Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, Yudafo buu Onyankopɔn ankasa din sɛ ɛho hia yiye bere nyinaa, ɛwom sɛ sɛnea wosi dwuma a wɔde di no so dua asakra kɛse fi tete de. Ɔbenfo A. Cohen ka wɔ Everyman’s Talmud mu sɛ: “[Na] wɔde obu soronko ma Onyame a Ɔdaa ne din adi kyerɛɛ Israelfo no ‘Din a ɛda nsow’ (Shem Hamephorash) a ɛne tetragrammaton, YHWH, no.” Na wobu edin kronkron no efisɛ na egyina hɔ ma Onyankopɔn ne ne nipasu ankasa. Ne nyinaa akyi no, Onyankopɔn ankasa na ɔbɔɔ ne din kyerɛɛ n’asomfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa nni dwuma. Pue a din no pue wɔ Hebri Bible mu mpɛn 6,828 no si eyi so dua. Nanso Yudafo a wɔpɛ nyamesom te nka sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din ankasa. *

40. Dɛn na Yudafo nhoma ahorow bi aka afa din kronkron no a wɔde di dwuma no ho?

40 Rabini A. Marmorstein kyerɛw tete rabifo (ɛnyɛ Bible) mmara a ese ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din no ho asɛm wɔ ne nhoma The Old Rabbinic Doctrine of God no mu sɛ: “Bere bi na Yudafo nnim mmara a ese [wɔmmfa din kronkron no nnni dwuma] koraa . . . Na Yudafo nnim mmara bi wɔ Misraim anaasɛ Babilon a na ɛbara sɛ wɔmmfa Onyankopɔn din, Tetragrammaton, no nnni dwuma wɔ nkɔmmɔbɔ anaasɛ nkyia kɛkɛ mu. Nanso, na mmara a ɛte saa wɔ hɔ fi afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. besi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B., na na wodi ne fã bi so.” Ɛnyɛ sɛ wɔmaa kwan sɛ wɔmfa Onyankopɔn din nni dwuma wɔ tete nko, na mmom sɛnea Ɔbenfo Cohen ka no: “Bere bi na wɔkamfo kyerɛ sɛ mpapahwekwa mpo mfi wɔn pɛ mu mfa Edin no nni dwuma baguam . . . Wɔaka sɛ na wɔpɛ sɛ wɔma Israelni da nsow wɔ [obi a ɔnyɛ Yudani] ho no nti na wɔkamfoo eyi kyerɛe.”

41. Sɛnea rabini bi kyerɛ no, nkɛntɛnso ahorow bɛn na ɛma wɔbarae sɛ wɔmmfa Onyankopɔn din nnni dwuma?

41 Ɛnde dɛn na ɛma wɔbarae sɛ wɔmmfa din kronkron no nnni dwuma no? Ɔbenfo Marmorstein bua sɛ: “Yudafo som a Helafo [Helafo nkɛntɛnso] sɔre tiae, asɔfo ne adehye no ɔwae na ɛma wɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Tetragrammaton no wɔ Asɔrefi [a na ɛwɔ Yerusalem] hɔ.” Esiane sɛ wɔbɔɔ mmɔden traa so sɛ wɔremma wɔmmɔ edin kronkron no kwa nti, wɔma wogyaee bɔ koraa wɔ kasa mu, na wɔsɛee nea ɛma wohu onii ko a nokware Nyankopɔn no yɛ ankasa. Esiane nhyɛso a ɔsom mu ɔsɔretia ne ɔwae de ba nti, wogyaee edin kronkron no bɔ wɔ Yudafo mu.

42. Dɛn na Bible kyerɛwtohɔ no da no adi wɔ din kronkron no a wɔde di dwuma no ho?

42 Nanso, sɛnea Ɔbenfo Cohen ka no: “Ɛte sɛ nea na ahyɛde biara nni hɔ wɔ Bible mmere mu a ɛka sɛ wɔmmfa [edin kronkron no] nni dwuma wɔ da biara da nkɔmmɔbɔ mu.” Tete agya Abraham “bɔɔ AWURADE din.” (Genesis 12:8) Hebri Bible akyerɛwfo no mu dodow no ara de obu fii wɔn pɛ mu de din no dii dwuma kosii sɛ wɔkyerɛw Malaki nhoma no wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu.—Rut 1:8, 9, 17.

43. (a) Dɛn na ɛda adi pefee wɔ edin no a Yudafo de dii dwuma no ho? (b) Ade biako a efii din kronkron no a Yudafo gyaee bɔ no mu bae tẽẽ ne dɛn?

43 Ɛda adi pefee sɛ tete Hebrifo no de din kronkron no dii dwuma na wɔbɔe. Marmorstein gye tom wɔ nsakrae a ɛbaa akyiri yi ho sɛ: “Efisɛ wɔ bere yi mu wɔ afeha a ɛto so abiɛsa [A.Y.B.] fã a edi kan mu no, na wohu nsakrae kɛse bi wɔ Onyankopɔn din a wɔde di dwuma no ho, na ɛde nsakrae pii baa Yudafo nyamekyerɛ ne nyansapɛ mu gyidi mu, nkɛntɛnso a wɔte nka de besi nnɛ.” Ade biako a efii edin no a ɛyerae no mu bae ne sɛ Onyankopɔn a wonnim ne din ho adwene no boa ma ɔkwan bi buei wɔ nyamekyerɛ mu ma Kristoman Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bae wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw kɛse so. *Exodus 15:1-3.

44. Nneɛma foforo a Onyankopɔn din a wɔma wogyaee bɔ de bae no bi ne dɛn?

44 Onyankopɔn din a wɔmpɛ sɛ wɔde bedi dwuma no brɛ nokware Nyankopɔn no som ase. Nkyerɛkyerɛmufo bi kae sɛ: “Nea enye ne sɛ, sɛ wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ‘Awurade’ a, ɛwom sɛ asɛmfua no teɛ de, nanso ɔhyew ne nkate nnim . . . Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ sɛ wɔkyerɛ YHWH anaasɛ Adonay ase sɛ ‘Awurade’ a, na wɔde asɛm a ɛnkyerɛ biribi pɔtee, nea wɔde di dwuma kɛkɛ, a ɛmmɛn mfitiase asɛm na enni mu koraa reka Apam Dedaw no mu nsɛm pii ho.” (The Knowledge of God in Ancient Israel) Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ wonhu edin titiriw Yahwe anaa Yehowa a ɛkorɔn paa no wɔ Bible nkyerɛase pii mu bere a epue pefee mpɛn mpempem pii wɔ mfitiase Hebri kyerɛwsɛm no mu!—Yesaia 43:10-12.

So Yudafo Da So Ara Twɛn Mesia No?

45. Bible mu nnyinaso a ɛma wogye Mesia di bɛn na ɛwɔ hɔ?

45 Nkɔmhyɛ pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a Yudafo nyaa wɔn Mesia ho anidaso no fii mu bɛboro mfe 2,000 a atwam ni. Samuel Nhoma a Ɛto so Abien 7:11-16 kyerɛe sɛ Mesia no bɛyɛ Dawid aseni. Yesaia 11:1-10 hyɛɛ nkɔm sɛ ɔde trenee ne asomdwoe bɛbrɛ adesamma nyinaa. Daniel 9:24-27 de bere a Mesia no beyi ne ho adi ne ne kum ho mmerebu mae.

46, 47. (a) Mesia bɛn na na Yudafo a wɔwɔ Roma nniso ase hwɛ no kwan? (b) Nsakrae bɛn na aba Yudafo akwanhwɛ a ɛfa Mesia no ho mu?

46 Sɛnea Encyclopaedia Judaica kyerɛkyerɛ mu no, ebeduu afeha a edi kan no mu no, na Mesia no ho akwanhwɛ no yɛ kɛse. Na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no bɛyɛ “Dawid aseni a n’akanni kanyan anigye a Romafo bere so Yudafo gye dii sɛ Onyankopɔn bɛma no so ma wabebubu abosonsomfo kɔndua no na wadi Israel ahenni a wɔasan de asi hɔ no so hene.” Nanso, na Mesia kofoni a Yudafo rehwɛ no kwan no mma.

47 Nanso, sɛnea The New Encyclopædia Britannica ka no, na Mesia ho anidaso no ho hia yiye na aka Yudafo no abom wɔ wɔn amanehunu pii no mu: “Akyinnye biara nni ho sɛ gu a Yudasom angu no fi Mesia no ho bɔhyɛ ne daakye mu gyidi a enhinhim no titiriw.” Nanso bere a nnɛyi Yudasom bae wɔ mfeha 18 ne 19 ntam no, Yudafo pii gyaee twɛn a na wɔtwɛn wɔn Mesia no kɛkɛ no. Awiei koraa no, Okunkɛse a Nasifo hyɛɛ ho nkuran no maa wɔn mu pii hweree wɔn boasetɔ ne wɔn anidaso. Wofii ase buu Mesia ho asɛm no sɛ ɛbɔ wɔn fam, ma enti wɔsan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yiyedi ne asomdwoe bere foforo kɛkɛ. Efi saa bere no, wontumi nka sɛ Yudafo sɛ ɔman no retwɛn Mesia teasefo bi, ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa de.

48. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa afa Yudasom ho ma afata?

48 Ɔsom no a wɔasakra no ayɛ nea enni Mesia yi ma nsɛmmisa a anibere wom sɔre. So Yudasom dii mfomso mfe mpempem pii sɛ egye dii sɛ Mesia no bɛyɛ onipa? Yudasom bɛn na ɛbɛboa obi ma wahwehwɛ nokware Nyankopɔn no? So ɛne tete Yudasom a wɔde Helafo nyansapɛ afrafra mu no? Anaasɛ ɛne Yudasom ahorow a enni Mesia a aba wɔ mfe 200 a atwam mu no? Anaasɛ ɔsom foforo bi wɔ hɔ a ɛde nokwaredi kora Mesia ho anidaso no so pɛpɛɛpɛ?

49. Dɛn na wɔto nsa frɛ Yudafo anokwafo sɛ wɔnyɛ?

49 Bere a nsɛmmisa yi wɔ yɛn adwenem no, yɛhyɛ nyansa sɛ Yudafo komapafo mfa nsɛm a Yudafo a wɔkyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm no aka afa Yesu Nasareni no ho nhwehwɛ Mesia ho asɛm no mu, na ɛnyɛ nea Kristoman ka no. Nsonsonoe kɛse wom. Kristoman asɔre ahorow no de wɔn Baasakoro nkyerɛkyerɛ a enni Bible mu, a ɛda adi pefee sɛ Yudani biara a n’ani gye nokware nkyerɛkyerɛ a ɛne “AWURADE YƐN NYANKOPƆN NO YƐ AWURADE BIAKO” ho no bɛpo no, aboa ma Yudafo apo Yesu. (Deuteronomium 6:4, JP) Enti yɛto nsa frɛ wo sɛ fa adwene pa kenkan asɛmti a edi hɔ no na woatumi ahu Hela Kyerɛwnsɛm mu Yesu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Fa toto Genesis 5:22-24, New World Translation of the Holy Scriptures—With References, ase hɔ asɛm a ɛto so abien a ɛfa nkyekyem 22 ho no ho.

^ nky. 5 Ti yi mu kyerɛw nsɛm nyinaa fi nnɛyi (1985) Tanakh, A New Translation of the Holy Scriptures a The Jewish Publication Society nhomanimfo yɛe no mu, gye sɛ ebia wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu.

^ nky. 7 Mmerebu a wɔde ama ha no gyina Bible mu nsɛm so. (Hwɛ nhoma “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” a Watchtower Bible and Tract Society of N.Y., Inc, tintimii no Adesua 3, “Measuring Events in the Stream of Time.”)

^ nky. 17 Afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo, Yosef ben Mattiyahu (Flavius Josephus), ka sɛ bere a Alexander duu Yerusalem no, Yudafo no buee apon no maa no na wɔde Daniel nhoma a na wɔakyerɛw bɛboro mfe 200 no mu nkɔmhyɛ a na ɛka Alexander nkonimdi ahorow ho asɛm pefee sɛ ‘Hela Hene’ no kyerɛɛ no.—Jewish Antiquities, Nhoma XI, Ti VIII 5; Daniel 8:5-8, 21.

^ nky. 18 Wɔ Makabiifo (Hasmonaeafo, fi 165 besi 63 A.Y.B. mu) bere so no, Yudafo akannifo te sɛ John Hyrcanus nam akodi mu nkonimdi so hyɛɛ nnipa pii ma wɔsakra baa Yudasom mu. Ɛfata sɛ yebehu sɛ Yɛn Bere yi mfiase no, na Mediterranea aman mu nnipa ɔha biara mu 10 yɛ Yudasom mufo. Wɔn dodow yi kyerɛ nkɛntɛnso a Yudasom nyae no pefee.

^ nky. 30 Sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no: “Kristofo baasakoro nkyerɛkyerɛ no . . . da nsow wɔ ɔsom abien a aka [Yudasom ne Islām] a wɔsom onyame biako pɛ no ho.” Asɔre no na ɛde Baasakoro no bae ɛwom mpo sɛ “Kristofo Bible no nka Onyankopɔn ho asɛm biara a ɛhyɛ da kyerɛ sɛ ɔyɛ baasakoro de.”

^ nky. 33 Wɔ nea Bible ka akyi no, wɔkyerɛkyerɛe sɛ Mishna (Sanhedrin 10:1) mu gyidi mu asɛm na wɔde kaa Maimonides gyidi nnyinasosɛm 13 no ho sɛ nea etwa to. Ansa na afeha 20 reba no, na wobu owusɔre a wonnye nni sɛ ɔsom mu atuatew.

^ nky. 35 “Bible no nka sɛ yɛwɔ ɔkra. ‘Nefesh’ ne onipa no ankasa, hia a ohia aduan, ne ntini mu mogya ankasa, ɔno ankasa.”—Ɔbenfo H. M. Orlinsky a ɔwɔ Hebrew Union College.

^ nky. 38 Hwɛ Exodus 6:3, baabi a Hebri Tetragrammaton pue wɔ Engiresi kasa mu wɔ Tanakh Bible nkyerɛase mu no.

^ nky. 39 Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Edin YHWH a wɔmpɛ sɛ wɔbɔ no . . . fi Mmara Asɛm a Ɛto so Abiɛsa (Ex. 20:7; Deut. 5:11) a wɔte ase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ ɛkyerɛ sɛ ‘Mmɔ YHWH wo Nyankopɔn din kwa,’ bere a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ‘Mfa YHWH wo Nyankopɔn din nka ntanhunu no.’”

^ nky. 43 George Howard, nyamesom ne Hebri kasa ho kyerɛkyerɛfo wɔ Georgia Sukuupɔn mu ka sɛ: “Bere kɔɔ so no, wɔkaa nnipa baanu yi [Onyankopɔn ne Kristo] boom kɛse kosii sɛ na ɛtaa yɛ den sɛ wobehu wɔn mu nsonsonoe. Enti ɛbɛyɛ sɛ Tetragrammaton a woyi fii mu no ka ho titiriw na ɛmaa Kristo ne n’adwuma ho nkyerɛkyerɛmu ne Baasakoro ho akyinnyegye a ɛkɔɔ so wɔ mfehaha a edi kan asɔre no mu bae. Sɛnea ɛte biara no, Tetragrammaton no a woyi fii mu no de nyamekyerɛ a ɛyɛ soronko wɔ nea na ɛwɔ afeha a edi kan mu Apam Foforo bere so no ho bae.”—Biblical Archaeology Review, March 1978.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 217]

Sefardi ne Ashkenasi Yudafo tew akuw abien

[Kratafa 211 adaka/mfonini]

Ɔsom ne Abrabɔ Ho Mmara Nsɛm Du

Nnipa ɔpepem pii ate Mmara Nsɛm Du no ho asɛm, nanso wɔn mu pii nkenkanee da. Enti, yɛasan de emu nsɛm dodow no ara aba ase ha.

“Nnya anyame foforo nka Me ho.

“Nyɛ ahoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro, anaa asase so wɔ fam, anaa nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa. Nkotow wɔn na nsom wɔn. . . . [Wɔ saa bere yi, 1513 A.Y.B. mu no, na mmara yi nkutoo na ɛbara abosonsom.]

“Mfa AWURADE [Hebri: יהוה] wo Nyankopɔn din nka ntanhunu . . .

“Kae homeda na di no kronkron. . . . AWURADE hyiraa homeda no na ɔtew ho.

“Di w’agya ne wo nã ni . . .

“Nni awu.

“Nsɛe aware.

“Mmɔ korɔn.

“Nni wo yɔnko ho adansekurum.

“Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi . . . ne yere . . . n’akoa anaa n’afenaa . . . ne nantwi anaa n’afurum, anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”—Exodus 20:3-17.

Ɛwom sɛ mmara nsɛm anan a edi kan no nkutoo na ɛfa ɔsom mu gyidi ne ɔsom ho tẽẽ de, nanso mmara nsɛm foforo no kyerɛ abusuabɔ a ɛwɔ ɔbra pa ne abusuabɔ pa a ɛsɛ sɛ yɛne Ɔbɔadeɛ no nya ntam.

[Mfonini]

Wɔ mmara a ɛda nsow a efi Onyankopɔn hɔ nyinaa akyi no, Israel suasuaa abosonsomfo a na wɔbemmɛn wɔn no nantwi som (Sika nantwi ba, Byblos) no

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 220, 221]

Hebrifo Kyerɛw Kronkron

“Tanakh” na efi Hebri kyerɛw kronkron no ase. Edin “Tanakh” fi Hebri kasa mu Yudafo Bible a wɔakyem abiɛsa no mu: Torah (Mmara), Nevi’im (Adiyifo), ne Kethuvim (Nkyerɛwee), na wɔde mu biara nkyerɛwde a edi kan na ayɛ asɛmfua TaNaKh no. Wɔkyerɛw nhoma ahorow yi wɔ Hebri ne Aram kasa fi afeha a ɛto so 16 besi 5 A.Y.B. mu.

Yudafo gye di sɛ wɔde honhom a ɛsono emu biara tumi na ɛkyerɛwee. Enti, Sɛnea emu biara ho hia fa na wɔde ahyehyɛ no nnidiso nnidiso:

Torah—Mose nhoma anum anaa Pentateuch (efi Hela asɛmfua ma “nhoma mmobɔwee anum” mu), Mmara no a ɛne Genesis, Exodus, Leviticus, Numeri, ne Deuteronomium. Nanso wobetumi de asɛmfua “Torah” no agyina hɔ ama Yudafo Bible mũ no nyinaa nso ne mmara a wɔde ano ka ne Talmud no (hwɛ kratafa a edi hɔ no).

Nevi’im—Adiyifo no, efi Yosua so kosi adiyifo akɛse a wɔne Yesaia, Yeremia, ne Hesekiel, ne adiyifo “nketewa” 12 fi Hosea kosi Malaki so.

Kethuvim—Nkyerɛwee no yɛ anwensɛm nhoma no, Nnwom, Mmebusɛm, Hiob, Nnwom mu Dwom, ne Kwadwom. Rut, Ɔsɛnkafo, Ester, Daniel, Esra, Nehemia, ne Beresosɛm Nhoma a Edi Kan ne Nea Ɛto so Abien nso ka ho.

Talmud No

Amanaman mufo bu “Tanakh” anaasɛ Yudafo Bible no sɛ Yudafo nhoma titiriw paa. Nanso, Yudafo mmu no saa. Yudafo pii begye asɛm a rabi Adin Steinsaltz kae no atom: “Sɛ Bible no yɛ Yudasom tweatibo a, ɛnde Talmud yɛ adum titiriw a esi fapem no so a honhom ne adwene fam dan no gyina so . . . Sɛ wɔde toto ho a, nhoma foforo biara nni hɔ a anya Yudafo nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso saa.” (The Essential Talmud) Ɛnde, Talmud no yɛ dɛn?

Yudafo gye di sɛ ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw anaasɛ Torah no nko na Onyankopɔn de maa Mose wɔ Bepɔw Sinai so, na mmom sɛnea wobedi saa Mmara no so ho nkyerɛkyerɛmu pɔtee nso, na wɔde ano na ɛbɛka eyinom akyerɛ afoforo. Wɔfrɛɛ eyi sɛ mmara a wɔde ano ka. Enti, Talmud no yɛ saa mmara a wɔde ano ka a wɔabɔ no mua a wɔakyerɛw, a rabifo boaboaa ano fi afeha a ɛto so abien Y.B. besi Mfinimfini Mmere no mu a wɔde ne nkyerɛase ne nkyerɛkyerɛmu kaa ho akyiri yi.

Mpɛn pii no wɔkyɛ Talmud no mu afã atitiriw abien:

Mishnah: Nkyerɛase a wɔaboaboa ano de aka Kyerɛwnsɛm Mmara ho, a egyina nkyerɛkyerɛ mu a rabifo a wɔfrɛ wɔn Tannaim (akyerɛkyerɛfo) de mae no so. Wɔkyerɛwee wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so abien awiei ne nea ɛto so abiɛsa Y.B. mfiase.

Gemara (mfiase no na wɔfrɛ no Talmud): Mishnah ho nkyerɛkyerɛmu a rabifo a wɔbaa akyiri yi (afeha a ɛto so abiɛsa besi nea ɛto so asia Y.B. mu) boaboaa ano.

Afa atitiriw abien yi akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Gemara ho nkyerɛkyerɛmu a rabifo de ma kosii Mfinimfini Mmere no mu nso ka Talmud no ho. Rabifo atitiriw yi no bi ne Rashi (Solomon ben Isaac, 1040-1105), a ɔma wotumi tee Talmud mu nsɛm a asete yɛ den ase kɛse no, ne Rambam (Moses ben Maimon, a wonim no paa sɛ Maimonides, 1135-1204), a ɔsan hyehyɛɛ Talmud no yɛɛ no nkyerɛase ketewaa (“Mishneh Torah”), ma enti Yudafo nyinaa nsa tumi ka bi no.

[Mfonini]

Ase hɔ, tete Torah a efi nea wɔfrɛ no Ester Ɔboda mu wɔ Iran; nifa so, Hebri ne Yiddish kasa mu ayeyi nnwom nhoma a egyina Kyerɛwnsɛm mu nsɛm so

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 226, 227]

Yudasom—Ɔsom a Ɛwɔ Ɛnne Pii

Nsonsonoe akɛse wɔ Yudasom akuw horow no ntam. Efi tete nyinaa no, Yudasom si ɔsom mu nneyɛe so dua titiriw. Nneɛma a ɛte saa, na ɛnyɛ gyidi, ho akyinnyegye ama akasakasa a emu yɛ den aba Yudafo no ntam ma Yudasom mu akyekyɛ ayɛ akuw atitiriw abiɛsa.

ORTODƆKS YUDASOM—Ɛnyɛ sɛ kuw yi gye tom sɛ Hebri “Tanakh” no yɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu nko, na mmom wogye di nso sɛ Mose nsa kaa mmara a wɔde ano ka no fii Onyankopɔn hɔ wɔ Bepɔw Sinai so wɔ bere a ne nsa kaa Mmara a wɔakyerɛw no ara mu. Ortodɔks Yudafo di mmara abien no mu nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Wogye di sɛ afei na Mesia no rebɛba na ɔde Israel akɔ bere pa mu. Esiane sɛ Ortodɔks kuw no mufo adwene nhyia wɔ nsɛm ho nti, wɔanya akuw foforo. Emu biako ne Hasidsom.

Hasidim (Chasidim, ɛkyerɛ “ɔhotefo”)—Wobu eyinom sɛ tete Yudasom akyidifo a wɔyɛ ade tra so. Israel ben Eliezer a wɔfrɛ no Baʽal Shem Tov (“Din Pa Wura”) na ɔde bae wɔ afeha a ɛto so 18 mfinimfini wɔ Europa Apuei fam, na wodi nkyerɛkyerɛ a esi nnwom ne asaw a ɛma wonya anigye soronko bi so dua akyi. Wɔn gyidi no pii, a obi a owu ma wɔsan wo no bio ka ho no, gyina Yudafo ahonhonsɛmdi nhoma a wɔfrɛ no Kabbala (Cabala) no so. Ɛnnɛ wɔn akannifo ne rebbefo (sɛnea Yidishfo frɛ “rabifo”), anaasɛ sadikim a wɔn akyidifo bu wɔn sɛ nnipa atreneefo anaa ahotefo akɛse no.

Ɛnnɛ wohu Hasidimfo wɔ United States ne Israel titiriw. Wɔhyɛ afeha 18 ne 19 mu Europa Apuei fam atade tuntum bi a ɛma wɔda nsow yiye, titiriw wɔ nnɛyi nkuropɔn mu. Ɛnnɛ wɔn mu akyekyɛ ayɛ akuwakuw a wodi rebbefo a wɔwɔ din akyi. Kuw biako a wɔyɛ nnam yiye ne Lubavitchfo a wɔka wɔn gyidi ho asɛm denneennen wɔ Yudafo mu no. Akuw no bi gye di sɛ Mesia no nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan de Israel si hɔ sɛ Yudafo man, ma enti wɔsɔre tia nnɛyi Israel man.

YUDASOM A WƆASESƐW (wɔsan frɛ wɔn sɛ “Wɔn a Wɔyɛ Fakaa” ne “Wɔn a Wɔkyerɛ Adwene Foforo Ho Anigye”)—Kuw no fii ase wɔ Europa Atɔe fam wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase. Egyina Moses Mendelssohn, afeha a ɛto so 18 mu Yudani nhomanimfo a na ogye di sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo gye Europa Atɔe fam amammerɛ tom sen sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Amanaman mufo ho no so. Yudafo asesɛwfo nnye ntom sɛ Torah yɛ nokware a wofi soro de mae. Wobu Yudafo mmara a ɛfa nnuan, ahotew ne ntadehyɛ ho sɛ atwam. Wogye nea wɔfrɛ no “Mesia bere so Amansan nyinaa nuayɛ” no di. Wɔafi ase yɛ wɔn ade te sɛ tete Yudasom mufo wɔ mfe kakra a atwam no mu.

YUDASOM A EKURA TETE ADWENE—Eyi fii ase wɔ Germany wɔ 1845 mu sɛ Yudasom a Wɔasesɛw a wɔtee nka sɛ apo tete Yudasom nneyɛe pii no fã bi. Yudasom a ekura tete adwene nnye ntom sɛ Mose nyaa mmara a wɔde ano ka no fii Onyankopɔn hɔ, na mmom wɔka sɛ rabifo a wɔpɛe sɛ wɔsakra Yudasom ma ɛne bere foforo mu tebea hyia na wɔyɛɛ Torah a wɔde ano ka no. Yudasom a ekura tete adwene di Bible mu mmara nsɛm ne Rabifo mmara so, sɛ “mmara no di nnɛyi Yudafo asetra mu ahwehwɛde ho dwuma” a. (The Book of Jewish Knowledge) Wɔde Hebri ne Engiresi na ɛyɛ asɔre na wɔwɔ nnuan ho mmara (kashruth) a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔreyɛ asɔre a, wɔma mmarima ne mmea bom tra faako, ade a tete Yudasom akyidifo mma ho kwan.

[Mfonini]

Benkum so, Yudafo wɔ Osu Ɔfasu no ho wɔ Yerusalem, na atifi ha nso, Yudani rebɔ mpae, na Yerusalem na ɛwɔ akyi hɔ no

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 230, 231]

Afahyɛ ne Amanne Atitiriw Bi

Yudafo afahyɛ dodow no ara gyina Bible so, na ɛtaa yɛ otwa bere anaasɛ abakɔsɛm mu nsɛm ho afahyɛ a wodi bere ne bere mu.

▪ Shabbat (Homeda)—Wobu Yudafo dapɛn da a ɛto so ason (fi Fida bere a owia akɔtɔ kosi Memeneda bere a owia akɔtɔ) sɛ wɔde tew dapɛn no ho, na da yi ho afahyɛ titiriw yɛ ɔsom fã titiriw. Yudafo kɔ hyiadan mu kotie Torah akenkan na wɔkɔbɔ mpae.—Exodus 20:8-11.

▪ Yom Kippur—Mpata Da, afahyɛ a wodi no komm, a wodi mmuada na wɔpɛɛpɛɛ wɔn ho mu wom. Ɛno na ɛde Nna Du Ahonu a Rosh Hashanah, Yudafo Afe Foforo, a esi September wɔ Yudafo kalenda so fi ase no ba awiei.—Leviticus 16:29-31; 23:26-32.

▪ Sukkot (atifi hɔ, nifa so)—Asese anaa Ntamadan anaa Anoboaboa Afahyɛ. Ɛyɛ otwa ne kuayɛ afe no fã titiriw awiei ho afahyɛ. Wodi wɔ October mu.—Leviticus 23:34-43; Numeri 29:12-38; Deuteronomium 16:13-15.

▪ Hanukkah—Ahosohyira Afahyɛ. Afahyɛ a agye din a wodi wɔ December mu de kae sɛnea Makabiifo maa Yudafo san nyaa ahofadi fii Siria ne Helafo nsam, ne Yerusalem asɔrefi no a wɔsan hyiraa so wɔ December 165 A.Y.B. mu. Wɔtaa sɔ kyɛnere nnawɔtwe de di.

▪ Purim—Ntontobɔ Afahyɛ. Wodi wɔ February awiei anaasɛ March mfiase de kae gye a wogyee Yudafo fii Haman ne n’awudi atirisopam no mu wɔ Persia wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu.—Ester 9:20-28.

▪ Pesach—Twam Afahyɛ. Wɔde sii hɔ de kae gye a wogyee Israel fii nkoasom mu wɔ Misraim (1513 A.Y.B.). Ɛne Yudafo afahyɛ kɛse paa a akyɛ sen biara. Wodi no Nisan 14 (Yudafo kalenda), na ɛtaa si wɔ March awiei anaasɛ April mfiase. Yudafo abusua biara hyiam di Twam aduan anaa Seder no. Wonni mmɔkaw biara wɔ nnanson a edi hɔ no mu. Wɔfrɛ bere yi sɛ Apiti Afahyɛ (Matzot).—Exodus 12:14-20, 24-27.

Yudafo Amanne Horow Bi

▪ Twetiatwa—Yudafo mmarimaa fam no, ɛyɛ ade titiriw a wɔyɛ bere a akokoaa no adi nnawɔtwe no. Wɔtaa frɛ no Abraham Apam, efisɛ na twetiatwa yɛ apam a Onyankopɔn ne no yɛe no ho sɛnkyerɛnne. Na ɛsɛ sɛ mmarima a wogye Yudasom tom nso twa twetia.—Genesis 17:9-14.

▪ Bar Mitzvah (ase hɔ)—Yudafo amanne foforo titiriw bi, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “mmara ba,” “asɛm a ɛkyerɛ sɛ obi ho akokwaw wɔ ɔsom ne mmara mu, ne bere a wosusuw sɛ mmarimaa adu saa gyinabea no bere a wɔadi mfe 13 ne da koro” no. Afeha a ɛto so 15 Y.B. mu nkutoo na ɛbɛyɛɛ Yudafo amanne.—Encyclopaedia Judaica.

▪ Mezuzah (atifi hɔ)—Mezuzah anaasɛ nhoma mmobɔwee adaka a wɔde sɛn apongua no nifa so no ma ɛtaa yɛ mmerɛw ma obi sɛ obehu Yudani fie bere a ɔrehyɛn mu no. Mezuzah no ankasa yɛ aboa nhoma ketewaa bi a wɔkyerɛw Deuteronomium 6:4-9 ne 11:13-21 mu nsɛm agu so. Wɔbobɔw eyi de hyɛ adaka ketewaa bi mu. Wɔde adaka no sɛn ɔdan biara a wɔda mu pon ano.

▪ Yarmulke (mmarima kyɛw)—Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Ortodɔks Yudafo . . . bu wɔn ti a wɔkata so wɔ hyiadan mu ne abɔnten sɛ Yudafo amanne a wodi so ho sɛnkyerɛnne.” Wɔnka wɔ Tanakh no baabiara sɛ wɔnkata wɔn ti bere a wɔresom no mu, ma enti Talmud no ka sɛ ɛyɛ amanne a obi pɛ a na ɔyɛ. Hasid Yudafo mmea kata wɔn ti bere nyinaa anaa wɔbɔ tikwa na wɔhyɛ wig.

[Kratafa 206 mfonini]

Abram (Abraham), Yudafo nana, som Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ mfe 4,000 ni

[Kratafa 208 mfonini]

Dawid nsoromma—Israel ne Yudasom sɛnkyerɛnne a enni Bible mu

[Kratafa 215 mfonini]

Yudani ɔkyerɛwfo a ɔrehwɛ Hebri kyerɛwsɛm so akyerɛw bi

[Kratafa 222 mfonini]

Hasid Yudafo abusua redi Homeda

[Kratafa 233 mfonini]

Yudafo a wɔpɛ wɔn som a wɔde nkae anaa mpaebɔ nhoma ntoa abobɔ wɔn abasa ne wɔn moma so