Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 4

Adesua 4

Ɛnnɛ osu atɔ paa.

Tomoko kae sɛ:

“Adɛn koraa na osu yi ntew?

Ɛmma mintumi mpue.”

Afei biribi sii!

Owia puei.

Osu no tewee.

Tomoko ani gyei!

Tomoko tuu mmirika kɔɔ abɔnten, na ohuu biribi a ɛyɛ fɛ paa.

Tomoko ka sɛ, “Minnim sɛ sɛ Onyankopɔn ma osu tɔ a, nhwiren fifi!”

DWUMADI

Kenkan kyerɛ wo ba:

Asomafo Nnwuma 14:17

Ma wo ba mfa ne nsa nkyerɛ:

Mpomma Anomaa Tomoko

Dua Nhwiren

Hwehwɛ eyinom wɔ mfonini no mu.

Bɔɔl Wimhyɛn

Bisa wo ba sɛ:

Adɛn nti na Yehowa ma osu tɔ?