Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo Nhyɛ no Nsow

Awofo Nhyɛ no Nsow

Dɛn ne akyɛde a eye sen biara a mubetumi de ama mo mma? Wohia nneɛma pii, na ebi ne ɔdɔ, akwankyerɛ, ne ahobammɔ. Nanso Yehowa ho nimdeɛ ne nokware a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no ne akyɛde a ɛsom bo sen biara a mubetumi de ama wɔn. (Yohane 17:3) Saa nimdeɛ no betumi aboa mo mma ma wɔadɔ Yehowa na wɔafi wɔn koma nyinaa mu asom no bere mpo a wosusua no.​—Mateo 21:16.

Awofo pii ahu sɛ wɔn mma nkumaa ani gye adesua ne dwumadi ntiantiaa ho paa. Enti, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛayɛ nhomawa a wɔato din Me Bible Adesua yi. Wɔayɛ adesua biara ma ɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so. Wɔyɛɛ mfonini ne ɛho nsɛm no maa mmofra a wonni mmoroo mfe abiɛsa titiriw. Wɔde ɔkwan a mo ne mo mma bɛfa so asua ho nyansahyɛ aka ho. Me Bible Adesua nhomawa yi nyɛ biribi a mmofra de bedi agoru. Mmom no, wɔyɛe sɛ mo ne mo mma mmom nkenkan na moatumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ.

Yegye di sɛ nhomawa yi bɛboa mo ma mode Bible mu nokware no akyerɛkyerɛ mo mma fi wɔn “mmofraase.”​—2 Timoteo 3:14, 15.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw