Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNAN

Bere a Yɛn Nyinaa Nyinyin

Bere a Yɛn Nyinaa Nyinyin

1, 2. (a) Nsakrae bɛn na ɛba bere a obi bɔ akwakoraa anaa aberewa no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no nyaa akomatɔyam wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu?

NSAKRAE pii ba bere a yɛn mfe kɔ anim no. Ɔhonam mu mmerɛwyɛ ma yɛn ahoɔden so tew. Sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ mu a, yehu mpomponee foforo ne sɛ yɛn ti nhwi redan dwen nkakrankakra​—yɛn ti so repa mpo. Ebia yɛbɛyare awerɛfiri. Yenya abusuabɔ foforo bere a yɛn mma no ware, ne bere a yenya mmanana no nso. Ebinom de, adwuma a onyin ma wogyae no ma wofi asetra foforo ase.

2 Nokwarem no, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ betumi ayɛ tebea a emu yɛ den. (Ɔsɛnkafo 12:​1-8) Nanso, susuw Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no ho. Ɛwom sɛ awiei koraa wowuwui de, nanso wonyaa nyansa ne nhumu a ɛma wonyaa akomatɔyam kɛse wɔ wɔn nkwakoraa bere ne mmerewabere mu. (Genesis 25:8; 35:​29; Hiob 12:​12; 42:​17) Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa anigye wɔ wɔn nkwakoraabere ne mmerewabere mu? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnam wɔn asetra a wɔmaa ɛne nnyinasosɛm ahorow a yehu nnɛ sɛ ɛwɔ Bible mu hyiae no so.​—Dwom 119:​105; 2 Timoteo 3:​16, 17.

3. Afotu bɛn na Paulo de maa nkwakoraa ne mmerewa?

3 Ɔsomafo Paulo de akwankyerɛ pa maa wɔn a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa no wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Tito no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonntwiri nnipa, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa.” (Tito 2:​2, 3) Nsɛm yi a wubedi so no bɛboa wo ma woagyina nkwakoraabɔ anaa mmerewabɔ mu nsɛnnennen ano.

PENE SO MA WO MMA NTEW WƆN HO

4, 5. Ɔkwan bɛn so na awofo pii yɛ wɔn ade bere a wɔn mma fi fie no, na ɔkwan bɛn so na ebinom yɛ ade ma ɛne tebea foforo no hyia?

4 Sɛ obi nya asɛyɛde foforo a, ɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ nsakrae. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware bere a mma a wɔanyinyin fi fie kɔware no! Wɔ awofo pii fam no, eyi ne nkaebɔ a edi kan a ɛkyerɛ sɛ wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa. Ɛwom sɛ awofo ani gye sɛ wɔn mma anyin abɛyɛ mpanyimfo de, nanso wɔtaa dwen ho sɛ ebia wɔyɛɛ nea wobetumi biara de siesiee wɔn mma na wɔn ankasa atumi abɔ wɔn bra anaa. Na ebia wɔn ani begyina wɔn wɔ fie.

5 Ntease wom sɛ awofo kɔ so ma wɔn mma yiyedi ho asɛm hia wɔn, bere a wɔn mma no afi fie mpo no. Ɛna bi ka sɛ: “Sɛ metumi ate wɔn nka mpɛn pii, na ama manya awerɛhyem sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ a​—anka m’ani begye.” Agya bi ka sɛ: “Bere a yɛn babea fii fie no, na ɛyɛ bere a emu yɛ den yiye. Ɛmaa yɛhweree ade kɛse bi wɔ yɛn abusua no mu efisɛ na yɛyɛ biribiara bom bere nyinaa.” Ɔkwan bɛn so na awofo yi atumi ayɛ wɔn ade bere a wɔn mma nni wɔn nkyɛn no? Wɔn mu pii dwen nnipa afoforo ho na wɔboa wɔn.

6. Dɛn na ɛboa ma wonya abusua mu abusuabɔ ho adwempa?

6 Sɛ mma ware a, awofo asɛyɛde sakra. Genesis 2:​24 ka sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Tiyɛ ho nnyinasosɛm ahorow a awofo begye atom ne nhyehyɛe pa a wɔbɛyɛ bɛma wɔatoto biribiara yiye.​—1 Korintofo 11:3; 14:​33, 40.

7. Su pa bɛn na agya bi nyae bere a ne mmabea fii fie kɔwaree no?

Bere a awarefo bi mmabea baanu ware kɔe no, awarefo no tee nka sɛ biribi tɔ sin wɔ wɔn asetra mu. Mfiase no, okunu no bo fuw ne nsenom no. Nanso bere a osusuw tiyɛ ho nnyinasosɛm no ho no, ohui sɛ ne mmabea no kununom no na afei ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn fifo. Enti, bere a ne mmabea no abebisa afotu no, obisa adwene a wɔn kununom wɔ wɔ asɛm no ho, na afei ɔhwɛ hui sɛ ɔbɛboa wɔn sɛnea obetumi. Mprempren ne nsenom no bu no sɛ wɔn adamfo na wotie n’afotu.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na awofo bi ayɛ wɔn ade ma ɛne asɛm a ɛne sɛ wɔn mma a wɔanyinyin ankasa tumi bɔ wɔn bra ahyia?

8 Na sɛ wɔn a wɔaware foforo anyɛ nea wɔn awofo susuw sɛ eye paa, bere a wɔnyɛ biribiara a ebu Kyerɛwnsɛm so no nso ɛ? Awarefo bi a wɔwɔ mma a wɔaware kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛboa wɔn bere nyinaa ma wohu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho, nanso sɛ yɛne wɔn anyɛ adwene wɔ wɔn gyinaesi bi ho a, yegye tom na yɛboa wɔn hyɛ wɔn nkuran.”

9 Wɔ Asia aman bi mu no, ɛyɛ den titiriw ma ɛnanom bi sɛ wɔbɛpene so ma wɔn mmabarima atew wɔn ho. Nanso, sɛ wɔwɔ obu ma Kristofo nhyehyɛe ne tiyɛ a, wohu sɛ wɔne wɔn nsenom mmea ntam akasakasa so tew. Kristoni bea bi hu sɛ fi a ne mma mmarima afi abusua no fie no ayɛ “ade a ɛma onya anisɔ bere nyinaa.” N’ani gye sɛ ohu sɛ wotumi hwɛ wɔn mmusua foforo no. Ɛno nso ama honam ne adwene fam adesoa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu soa no mu ayɛ hare bere a wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa no.

MO AWARE A MOBƐSAN AHYƐ MU DEN

10, 11. Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔakwati bere a wɔanyinyin abɛyɛ mmarima ne mmea mpanyimfo no mu mfiri no bi?

10 Sɛ nkurɔfo nyin bɛyɛ mmarima ne mmea mpanyimfo a, wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan horow so. Mmarima bi siesie wɔn ho wɔ ɔkwan soronko so na ama wɔayɛ sɛ mmerante. Mmea pii dwennwen nsakrae a bratwa de ba no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmarima ne mmea mpanyimfo mu binom ma wɔn ahokafo bo fuw na wɔtwe ninkunu denam mmerante anaa mmabaa a wɔde wɔn ho twitwiw wɔn no so. Nanso, nkwakoraa a wosuro Nyankopɔn ‘adwenem tew,’ wosiw akɔnnɔ bɔne ano. (1 Petro 4:7) Mmea a wɔn ho akokwaw nso yere wɔn ho sɛ wɔbɛma asomdwoe atra wɔn aware mu, esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn kununom ne pɛ a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nti.

11 Wɔde honhom kaa Ɔhene Lemuel ma ɔkyerɛw ayɛ a woyii “ɔyepa” a ‘ɔyɛɛ ne kunu yiye, a wanyɛ no bɔne bi, ne nkwa nyinaa’ de tuaa ne ka ho asɛm. Ɛsɛ sɛ okunu Kristoni ma n’ani sɔ mmɔden a ne yere bɔ sɛ obegyina ateetee biara a ɔte nka no ano bere a wanyin abɛyɛ ɔbaapanyin no. Ɔdɔ a okunu no wɔ no bɛma ‘wayi ne yere ayɛ.’​—Mmebusɛm 31:​10, 12, 28.

12. Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi abɛn wɔn ho paa bere a wɔn mfe kɔ anim no?

12 Bere a na motete mmofra a munni adagyew no, ebia mo baanu nyinaa de nea mo ankasa mopɛ too nkyɛn na ama moadi mo mma no ahiade ho dwuma. Bere a wɔafi mo nkyɛn kɔ yi, bere aso sɛ mosan de mo adwene si mo aware asetra so. Okunu bi ka sɛ: “Bere a me mmabea fii fie no, me ne me yere fii ase yɛɛ sɛnea afei na yɛrebɛware.” Okunu foforo ka sɛ: “Yɛmaa yɛn ani kuu yɛn mu biara akwahosan ho, na yɛkae yɛn ho yɛn ho sɛ ɛho hia sɛ yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu.” Nea ɛbɛyɛ na ɔne ne yere ante nka sɛ wɔn ani nka no, woyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ asafo no mufo afoforo. Yiw, afoforo a wɔkyerɛ wɔn ho anigye de nhyira horow ba. Afei nso, ɛsɔ Yehowa ani.​—Filipifo 2:4; Hebrifo 13:​2, 16.

13. Dɛn na nsɛm a wofi komam ka pefee ne nokwaredi tumi yɛ bere a awarefo nyinyin no?

13 Mma wo ne wo hokafo ntam nkɔmmɔbɔ mu nntwa. Monka mo komam asɛm nkyerɛ mo ho. (Mmebusɛm 17:​27) Okunu bi ka sɛ: “Hwɛ a obiara hwɛɛ ne yɔnko na yedwennwen yɛn ho yɛn ho ho no ma yɛtee yɛn ho ase kɛse.” Ne yere gye tom, na ɔka sɛ: “Esiane sɛ yɛn mfe akɔ anim nti, yɛn ani abegye ho sɛ yɛbɛbom anom tii, abɔ nkɔmmɔ ayɛ biako.” Nsɛm a mubefi mo komam aka pefee no betumi aboa ma moahyɛ mo aware no mu den, ma ayɛ nea etumi gyina Satan, aware sɛefo no, ntua ano.

KYERƐ WO MMANANA HO ANIGYE

14. Dɛn na ɛda adi sɛ Timoteo nanabea yɛe de ma onyin bɛyɛɛ Kristoni?

14 Mmanana yɛ nkwakoraa ne mmerewa “abotiri.” (Mmebusɛm 17:6) Ayɔnkofa a wɔne mmanananom nya betumi ayɛ anigye ankasa​—ɛyɛ dɛ na ahomeka wom. Bible no ka Lois, nenabea bi a ɔne ne babea Eunike kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ ne nana akokoaa Timoteo, no ho asɛmpa. Saa abofra yi nyinii a na onim sɛ ne maame ne ne nanabea baanu nyinaa bu Bible mu nokware sɛ ɛsom bo.​—2 Timoteo 1:5; 3:​14, 15.

15. Ɛdefa mmanana ho no, mmoa a ɛsom bo bɛn na nananom betumi de ama, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkwati?

15 Ɛnde, eyi ne biribi titiriw a nananom betumi aboa paa wom. Nananom, moaka Yehowa atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a mowɔ no ho asɛm akyerɛ mo mma dedaw. Afei mubetumi aka akyerɛ awo ntoatoaso foforo nso! Mmofra nkumaa pii ani gye ho sɛ wɔbɛte sɛ wɔn nananom reka Bible mu nsɛm. Nokwarem no, wunnye agya no asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔde Bible mu nokware ahorow bɛhyɛ ne mma komam no mfi ne nsam. (Deuteronomium 6:7) Mmom no, woyɛ bi boa no. Ɛmmra sɛ wo mpaebɔ bɛyɛ sɛ odwontofo no de yi: “Onyankopɔn, nkwakoraabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.”​—Dwom 71:​18; 78:​5, 6.

16. Ɔkwan bɛn so na nananom betumi akwati sɛ wɔbɛma akasakasa aba wɔn abusua mu?

16 Awerɛhosɛm ne sɛ nananom bi hyɛ mmofra nkumaa bɔne araa ma ɛma ntawtawdi ba nananom ne wɔn mma a wɔanyinyin no ntam. Nanso, ebia w’ayamye betumi ama ayɛ mmerɛw ama wo mmanananom no sɛ wɔbɛka wɔn atirimsɛm akyerɛ wo bere a wɔmpɛ sɛ wɔda nneɛma adi kyerɛ wɔn awofo no. Ɛtɔ mmere bi a, mmofra no hwɛ kwan sɛ wɔn nananom a wɔkorɔkorɔ wɔn no begyina wɔn akyi bere a wɔne wɔn awofo anya asɛm no. Dɛn na wobɛyɛ? Da nyansa adi na hyɛ wo mmanananom no nkuran sɛ wɔnna nneɛma adi pefee nkyerɛ wɔn awofo. Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ eyi sɔ Yehowa ani. (Efesofo 6:​1-3) Sɛ ɛho hia a, wubetumi atu wo ho ama de abue kwan ama mmofra no ayɛ saa denam wɔn awofo a wo ne wɔn bɛkasa no so. Ka nea woasua wɔ mfe a atwam no mu kyerɛ wo mmanananom pefee. Wobetumi anya wo nokwaredi ne w’adwempa no so mfaso.

YƐ NSAKRAE BERE A WO MFE KƆ ANIM NO

17. Dɛn na odwontofo no sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa suasua?

17 Bere a wo mfe kɔ anim no, wubehu sɛ wuntumi nyɛ nea anka woyɛ anaa wobɛpɛ sɛ woyɛ no nyinaa. Ɔkwan bɛn so na obi tumi di onyin ho dwuma? Wɔ w’adwenem no, ebia wote nka sɛ woadi mfe 30, nanso ahwehwɛ mu a wohwɛ no da no adi sɛ ɛnte saa. Mma w’abam mmmu. Odwontofo no srɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene nkwakoraabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.” Fa yɛ wo botae sɛ wubegyina mu sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔkae sɛ: “Na me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho.”​—Dwom 71:​9, 14.

18. Ɔkwan bɛn so na Kristoni a ne ho akokwaw betumi ama adwuma a onyin ama wagyae no so aba mfaso?

18 Nnipa pii adi kan asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma ayeyi a wɔde ma Yehowa no ayɛ kɛse bere a onyin ma wogyae adwuma no. Agya bi a mprempren onyin ama wogyae adwuma kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Midii kan yɛɛ nea mɛyɛ bere a yɛn babea awie sukuu no ho nhyehyɛe. Misii me bo sɛ mefi ase ayɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no, na metɔn m’adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na manya kwan asom Yehowa akosi ase. Mebɔɔ mpae de hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ.” Sɛ aka kakra na onyin ama woagyae adwuma a, ma asɛm a yɛn Bɔfo Kunini no kae no nkyekye wo werɛ: “Ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn.”​—Yesaia 46:4.

19. Afotu bɛn na wɔde ma wɔn a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa?

19 Ebia nsakrae a wobɛyɛ bere a onyin ama woagyae adwuma no renyɛ mmerɛw. Ɔsomafo Paulo tuu nkwakoraa fo sɛ wɔn “ani so nna hɔ.” Eyi hwehwɛ sɛ wonya ahosodi wɔ biribiara mu, na wɔrenhwehwɛ asetra a ɔbrɛ nnim. Ebia ɛho behia kɛse mpo sɛ woteɛ wo ho so sen bere biara a atwam bere a onyin ma wugyae adwuma no. Enti, keka wo ho, ‘yɛ pii wɔ Awurade adwuma mu bere nyinaa, bere a wunim sɛ wo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu’ no. (1 Korintofo 15:​58) Trɛw wo dwumadi ahorow mu fa boa afoforo. (2 Korintofo 6:​13) Kristofo pii yɛ saa denam nnam a wɔde ka asɛmpa no sɛnea wɔn ahoɔden betumi no so. Bere a wo mfe kɔ anim no, ‘yɛ den wɔ gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ mu.’​—Tito 2:2.

WO HOKAFO WU ANO A WUBEGYINA

20, 21. (a) Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, dɛn na awiei koraa no ɛbɛtetew awarefo ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na Hana yɛ nhwɛso pa ma awarefo a wɔn ahokafo awu?

20 Ɛyɛ awerɛhow nanso ɛyɛ nokwasɛm sɛ awiei koraa no owu tete awarefo ntam wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu. Kristofo a wɔn aware mu ahokafo awu no nim sɛ mprempren wɔn adɔfo no adeda, na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔbɛsan ahu wɔn bio. (Yohane 11:​11, 25) Nanso adehwere no yɛ awerɛhow ara. Nea wɔawu agyaw no no bɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma? *

21 Nea Bible mu nipa bi yɛe a wobɛkae no bɛboa wo. Hana bɛyɛɛ okunafo bere a ɔwaree mfe ason pɛ akyi, na bere a yɛkenkan ne ho asɛm no, na wadi mfe 84. Yebetumi agye adi sɛ odii awerɛhow bere a ne kunu wui no. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa ano? Ɔde ɔsom kronn maa Yehowa Nyankopɔn awia ne anadwo wɔ asɔrefi hɔ. (Luka 2:​36-38) Akyinnye biara nni ho sɛ Hana nkwa a ɔnam mpaebɔ so de somee no bɛyɛɛ awerɛhow ne ankonamyɛ a ɔtee nka sɛ okunafo no ano aduru kɛse.

22. Ɔkwan bɛn so na akunafo bi atumi agyina ankonamyɛ ano?

22 Ɔbea bi a wadi mfe 72 a wayɛ okunafo mfe du ni kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛyɛ den ma me paa ne sɛ minni ɔhokafo a ɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ. Na me kunu yɛ otiefo pa. Na yɛbɔ asafo no ne Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yenya no ho nkɔmmɔ.” Okunafo foforo ka sɛ: “Ɛwom sɛ asɛm kyɛ a ɛma wo werɛ fi de, nanso mahu sɛ ɛyɛ nokware kɛse sɛ mɛka sɛ ɛyɛ nea obi de ne bere yɛ na ɛboa no ma ne werɛ fi nsɛm. Wubetumi aboa afoforo.” Okunafo bi a wadi mfe 67 gye tom, na ɔka sɛ: “Ɔkwan pa a wobɛfa so agyina wo biribi wu ano ne sɛ wode wo ho bɛma akyekye afoforo werɛ.”

WOSOM BO MA ONYANKOPƆN BERE A WO MFE KƆ ANIM NO

23, 24. Awerɛkyekye kɛse bɛn na Bible de ma nkwakoraa ne mmerewa, titiriw wɔn a wɔyɛ akunafo no?

23 Ɛwom sɛ owu fa wo hokafo a wodɔ no kɔ de, nanso Yehowa yɛ ɔnokwafo bere nyinaa. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no too dwom sɛ: “Ade biako na masrɛ Awurade, ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra Awurade fi, na mahwɛ Awurade animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.”​—Dwom 27:4.

24 Ɔsomafo Paulo de nkuranhyɛ mae sɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni.” (1 Timoteo 5:3) Afotu a ɔde mae wɔ ahyɛde yi akyi kyerɛ sɛ na akunafo a wɔfata a wonni abusuafo a wɔbɛn no behia honam fam mmoa. Nanso, adwene a ɛwɔ ahyɛde a ese ‘wonni wɔn ni’ no akyi no biako ne sɛ wobebu wɔn sɛ wɔsom bo. Hwɛ Awerɛkyekye a akunafo a wosuro Onyankopɔn betumi anya afi nim a wonim sɛ Yehowa bu wɔn sɛ wɔsom bo na ɔbɛwowaw wɔn no mu!​—Yakobo 1:27.

25. Botae bɛn na ɛda so wɔ hɔ ma nkwakoraa ne mmerewa?

25 Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka sɛ: “Nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Ɛyɛ ‘abotiri a ɛyɛ fɛ bere a wohu no trenee kwan so no.’ (Mmebusɛm 16:​31; 20:​29) Ɛnde, kɔ so sɛ wode Yehowa som bedi kan wɔ w’asetra mu, sɛ ebia woyɛ ɔwarefo anaa woadan ɔhokwafo bio no. Wonam saayɛ so benya din pa wɔ Onyankopɔn anim mprempren ne daa nkwa wɔ wiase bi a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu yaw rentra hɔ bio mu no ho anidaso.​—Dwom 37:​3-5; Yesaia 65:20.

^ nky. 20 Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.