Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ASIA

Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso

Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso

1, 2. Nsɛnnennen ne anigye bɛn na mfe dumiɛnsa kosi dunkron no betumi de aba?

WƆ A wowɔ abofra a wadi fi mfe dumiɛnsa kosi dunkron wɔ fie no yɛ soronko koraa sen sɛ wowɔ abofra a wadi mfe anum anaa du mpo. Efi mfe dumiɛnsa kosi dunkron de nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow ba de, nanso ebetumi de anigye ne akatua nso aba. Nhwɛso horow te sɛ nea Yosef, Dawid, Yosia, ne Timoteo yɛe no da no adi sɛ mmofra betumi ayɛ nea ɛfata na wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa. (Genesis 37:​2-11; 1 Samuel 16:​11-13; 2 Ahene 22:​3-7; Asomafo no Nnwuma 16:​1, 2) Mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma ɛda adi saa ara. Ebia wunim wɔn mu binom.

2 Nanso, ebinom bu mfe dumiɛnsa kosi dunkron sɛ ɔhaw bere. Ɛtɔ mmere bi a, mmerantewaa ne mmabaawa ani gye, na mmere foforo nso wɔyɛ basaa. Ebia mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu bɛpɛ sɛ wonya ahofadi pii, na ebia wɔn bo befuw wɔ anohyeto ahorow a wɔn awofo de ma wɔn no ho. Nanso, mmofra a wɔte saa no nni osuahu kɛse, na ɛho hia sɛ wɔn awofo de ɔdɔ ne boasetɔ boa wɔn. Yiw, fi mfe dumiɛnsa kosi dunkron no betumi ayɛ anigye bere, nanso ebetumi​—ama awofo ne mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu nyinaa​—ayɛ basaa. Wɔbɛyɛ dɛn atumi aboa mmofra wɔ saa mfe yi mu?

3. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma a wɔyɛ mmerante ne mmabaa anya hokwan a eye wɔ asetra mu?

3 Awofo a wodi Bible afotusɛm akyi ma wɔn mma a wɔyɛ mmerante ne mmabaa nya hokwan a ɛsen biara a ɛbɛma wɔatumi afa saa sɔhwɛ no mu abɛyɛ mpanyin pa. Wɔ aman nyinaa mu ne bere nyinaa mu no, awofo ne mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wɔboom de Bible nnyinasosɛm ahorow dii dwuma no adi nkonim.​—Dwom 119:1.

NKƆMMƆBƆ A WƆDA NOKWASƐM A EFI KOMAM ADI WOM

4. Dɛn nti na atirimsɛm a wɔka hia titiriw wɔ mfe dumiɛnsa kosi dunkron no mu?

4 Bible no ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ [atirimsɛm ka, NW] a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:​22) Sɛ na ɛho hia sɛ moka atirimsɛm bere a mmofra no susua no a, ɛnde na ɛho hia titiriw fi mfe dumiɛnsa kosi dunkron no mu​—bere a mmofra ntaa ntra fie na wɔne wɔn sukuu nnamfo anaa ayɔnkofo foforo bɔ mmere pii no. Sɛ mma ne wɔn awofo nka atirimsɛm​—mmɔ nkɔmmɔ a wɔda nokwasɛm a efi komam adi wom​—a, mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu betumi adan ahɔho wɔ fie. Enti ɔkwan bɛn so na wobetumi ama nkɔmmɔbɔ ho kwan ada hɔ?

5. Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛ mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu nkuran sɛ wonsusuw wɔne wɔn awofo ntam nkɔmmɔbɔ ho?

5 Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔadi mfe dumiɛnsa kosi dunkron ne awofo nyinaa yɛ wɔn fam de wɔ eyi mu. Nokwarem no, ebetumi ayɛ den ama mmerantewaa ne mmabaawa sɛ wɔne wɔn awofo bɛbɔ nkɔmmɔ sen sɛnea wɔyɛe bere a na wosusua no. Nanso, kae sɛ “nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoee wɔ agyinatufo dodow mu.” (Mmebusɛm 11:​14) Nsɛm yi fa obiara ho, mmofra ne mpanyin nyinaa. Mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wonim eyi no behu sɛ wɔda so ara hia akwankyerɛ a wɔnam ahokokwaw so de ma, efisɛ wohyia ɔhaw a emu yɛ den pii sen kan no. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔn awofo a wɔyɛ gyidifo no fata yiye sɛ afotufo efisɛ wɔwɔ osuahu pii wɔ asetra mu na wɔada no adi mfe pii sɛ wofi ɔdɔ mu dwen wɔn ho. Enti, mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ nyansa no rentwe wɔn ho mfi wɔn awofo ho wɔ saa bere yi mu wɔ wɔn asetra mu.

6. Su bɛn na awofo a wɔwɔ nyansa ne ɔdɔ benya wɔ wɔne wɔn mma ntam nkɔmmɔbɔ ho?

6 Nkɔmmɔbɔ a wɔda nokwasɛm adi wom kyerɛ sɛ ɔwofo no bɛbɔ mmɔden kɛse ma aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu no nsa aka no bere a ɔte nka sɛ ɛho hia sɛ ɔne no bɔ nkɔmmɔ no. Sɛ woyɛ ɔwofo a, hwɛ hu sɛ anyɛ yiye koraa no, wo fam de, wobɛma nkɔmmɔbɔ ho kwan ada hɔ. Ebia eyi renyɛ mmerɛw. Bible ka sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Bere a wo ba a onnii mfe aduonu no te nka sɛ adu bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa no, ebia na ɛyɛ bere a wopɛ sɛ woyɛ komm. Ebia wode saa bere no asi hɔ ama kokoam adesua, ahomegye, anaa fie adwuma bi. Nanso, sɛ wo ba pɛ sɛ ɔka asɛm bi kyerɛ wo a, bɔ mmɔden sakra wo nhyehyɛe na tie no. Anyɛ saa a, ebia ɔrenka nkyerɛ wo bio. Kae Yesu nhwɛso no. Da koro bi na ɔde bere bi asi hɔ sɛ ɔde begye n’ahome. Nanso bere a nkurɔfo bebree betwaa ne ho hyiae sɛ wobetie no no, wannya ankɔhome na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Marko 6:​30-34) Mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu no mu dodow no ara nim sɛ wɔn awofo nni adagyew wɔ wɔn asetra mu, nanso ɛho hia sɛ wɔma wonya awerɛhyem sɛ sɛ wohia wɔn awofo a, wɔn nsa bɛka wɔn. Enti nya bere ma wɔn na da ntease adi.

7. Dɛn na ehia sɛ awofo kwati?

7 Bɔ mmɔden sɛ wobɛkae sɛnea na nneɛma te bere a na wunnii mfe aduonu no, na mma wo bo mmfuw! Ɛho hia sɛ awofo ani gye bere a wɔwɔ wɔn mma ho no. Sɛ awofo nya bere a, dɛn na wɔde yɛ? Sɛ wɔpɛ sɛ wɔde bere a wonya no yɛ nneɛma a wɔn abusua nka ho a, wɔn mma mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu no behu ntɛm. Sɛ mmerante ne mmabaa nya adwene sɛ wɔn sukuu nnamfo dwen wɔn ho sen wɔn awofo a, wobetumi ahyia ɔhaw ahorow.

NEA ƐSƐ SƐ MOBƆ HO NKƆMMƆ

8. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nokwaredi, adwumaden ne ɔbrapa ho anisɔ ahyɛ mmofra komam?

8 Sɛ awofo mfaa nokwaredi ne adwumaden ho anisɔ nhyɛɛ wɔn mma komam a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ɔkwan biara so bere a wɔadi mfe dumiɛnsa kosi dunkron no. (1 Tesalonikafo 4:​11; 2 Tesalonikafo 3:​10) Ɛho hia nso sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔn mma fi wɔn koma nyinaa mu gye di sɛ ɛho hia sɛ wobu bra pa a ɛho tew. (Mmebusɛm 20:​11) Ɔwofo nam nhwɛso so ka eyi ho nsɛm pii kyerɛ wɔn. Sɛnea wobetumi ‘afa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nnim so anya’ okununom no, saa ara nso na mmofra betumi afa wɔn awofo abrabɔ so ahu nnyinasosɛm ahorow a eye. (1 Petro 3:1) Nanso, nhwɛso nkutoo nnɔɔso, efisɛ mmofra hu nhwɛso bɔne bebree te nnaadaasɛm pii nso wɔ abɔnten. Enti, ɛho hia sɛ awofo a wodwen nneɛma ho hu adwene a wɔn mma mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu no kura wɔ nea wohu ne nea wɔte ho, na eyi gye nkɔmmɔbɔ a ɛma wɔte nneɛma ase.​—Mmebusɛm 20:5.

9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nna ho asɛm, na wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

9 Eyi yɛ nokware titiriw bere a wɔka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm no. Awofo, ɛyɛ mo aniwu sɛ mo ne mo mma bɛka nna ho asɛm? Sɛ ɛyɛ mo aniwu mpo a, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ saa, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ mo mma besua ho ade afi obi hɔ. Sɛ wɔansua amfi mo hɔ a, hena na obehu nsɛm a wɔakyinkyim no a wɔbɛka akyerɛ wɔn? Wɔ Bible mu no, Yehowa nkwati nna ho nsɛm, na ɛnsɛ sɛ awofo yɛ saa.​—Mmebusɛm 4:​1-4; 5:​1-21.

10 Anigyesɛm ne sɛ nna ho nneyɛe ho akwankyerɛ a emu da hɔ wɔ Bible no mu, na Ɔwɛn Aban Asafo no atintim nsɛm a mfaso wɔ so pii de akyerɛ sɛ wɔda so ara tumi de akwankyerɛ yi di dwuma wɔ nnɛ wiase yi mu. Dɛn nti na womfa saa mmoa yi nni dwuma? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na mo ne mo babarima anaa mo babea no nsusuw Questions Young People Ask​Answers That Work no fã a ɛne “Ɔbarima ne Ɔbea Nna ne Ɔbrapa” no ho? Nea ebefi mu aba no betumi ama mo ho adwiriw mo yiye.

11. Ɔkwan a etu mpɔn paa bɛn na awofo betumi afa so akyerɛ wɔn mma sɛnea ɛsɛ sɛ wɔsom Yehowa?

11 Asɛm a ɛho hia paa bɛn na ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma susuw ho? Ɔsomafo Paulo twee adwene sii so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛn [mo mma] Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no. (Efesofo 6:4) Ɛho hia sɛ mmofra kɔ so sua Yehowa ho ade. Titiriw no, ɛho hia sɛ wosua sɛnea wɔbɛdɔ no, na ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no. Eyi mu nso, wobetumi de nhwɛso akyerɛ nneɛma pii. Sɛ mmerante ne mmabaa hu sɛ wɔn awofo ‘fi wɔn koma nyinaa mu ne wɔn kra nyinaa mu ne wɔn adwene nyinaa mu’ dɔ Onyankopɔn, na eyi sow aba pa wɔ wɔn awofo asetra mu a, ebetumi anya wɔn so nkɛntɛnso yiye ma wɔayɛ saa ara. (Mateo 22:​37) Saa ara nso na sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo kura honam fam nneɛma ho adwene a ɛfata, de Onyankopɔn Ahenni di kan a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya adwenkoro no ara.​—Ɔsɛnkafo 7:​12; Mateo 6:​31-33.

Daa Bible adesua ho hia ma abusua no

12, 13. Sɛ abusua adesua betu mpɔn a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra adwenem?

12 Dapɛn biara abusua Bible adesua boa yiye wɔ honhom fam nneɛma ho asɛm a wɔka kyerɛ mmofra no mu. (Dwom 119:​33, 34; Mmebusɛm 4:​20-23) Ɛho hia sɛ wɔyɛ adesua a ɛte saa no daa. (Dwom 1:​1-3) Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔma abusua adesua ho hia sen nneɛma foforo, na ɛnyɛ sɛ nneɛma foforo ho behia asen ɛno. Afei nso, sɛ abusua adesua betu mpɔn a, su pa ho hia. Agya bi kae sɛ: “Nea ɛma etu mpɔn ne sɛ adesua no sohwɛfo mma ɛnyɛ denneennen nanso ɔma ɛyɛ tebea a obu wom​—ɛyɛ fakaa nanso wommu no adehunu. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkari pɛ sɛnea ɛsɛ, na ɛho behia sɛ mmofra sakra wɔn su mpɛn pii. Sɛ nneɛma ankɔ yiye pɛnkoro anaa mprenu a, mpa abaw na fa w’ani to nea edi hɔ no so.” Agya yi ara kae sɛ bere biara a ɔbɔ mpae fi adesua no ase no, ɔhyɛ da srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn na obiara a ɔka ho no nnya ho adwempa.​—Dwom 119:66.

13 Awofo gyidifo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ abusua adesua no yɛ so. Nokwarem no, ebia awofo bi nnim nkyerɛkyerɛ yiye, na ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobenya akwan a wɔbɛfa so ama abusua adesua no ayɛ anigye. Nanso, sɛ modɔ mo mma wɔ “nneyɛe ne nokware mu” a, mubenya ɔpɛ sɛ mode ahobrɛase ne nokwaredi bɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu nkɔso. (1 Yohane 3:​18) Ebia wobenwiinwii wɔ bere ne bere mu, nanso wobetumi ahu sɛ mudwen wɔn yiyedi ho yiye.

14. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Deuteronomium 11:​18, 19 adi dwuma bere a wɔne mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu bɔ honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ no?

14 Ɛnyɛ abusua adesua nkutoo ne bere a ɛsɛ sɛ mobɔ nneɛma a ɛho hia wɔ honhom fam ho nkɔmmɔ. Mokae ahyɛde a Yehowa de maa awofo no? Ɔkae sɛ: “Momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 11:​18, 19; hwɛ Deuteronomium 6:​6, 7 nso.) Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo ka asɛm no kyerɛ wɔn mma bere nyinaa. Nanso ɛsɛ sɛ bere nyinaa no abusua ti a ɔwɔ dɔ hwehwɛ hokwan ahorow a ɔde bɛhyɛ n’abusua den wɔ honhom mu.

NTEƐSO NE OBU

15, 16. (a) Dɛn ne nteɛso? (b) Hena na ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso ma, na hena na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wogye tom?

15 Nteɛso yɛ ntetee a esiesie ade, na nkɔmmɔbɔ ka ho. Nteɛso kura adwene a ɛne teɛ a wɔteɛ obi sen asotwe​—ɛwom sɛ asotwe ho betumi ahia de. Bere a na mo mma susua no, na wohia nteɛso, na mprempren a wɔadi boro mfe dumiɛnsa no, wɔda so ara hia nteɛso bi, na ebia wohia no kɛse mpo. Mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ nyansa nim sɛ eyi yɛ nokware.

16 Bible ka sɛ: “Ogyimfo tew n’agya nteɛso ahi, na nea obu nkaanim no ani bɛtew.” (Mmebusɛm 15:5) Yesua nneɛma pii fi kyerɛwsɛm yi mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔde nteɛso bɛma. Abofra ntumi ‘mmu nkaanim,’ sɛ wɔamfa amma a. Yehowa de nteɛso a wɔde ma ho asɛyɛde ama awofo, titiriw agya no. Nanso, abofra no na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ obetie saa nteɛso no. Sɛ otie ne papa ne ne maame nteɛso a nyansa wom no a, obesua nneɛma pii na wadi mfomso kakraa bi. (Mmebusɛm 1:8) Bible ka sɛ: “Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam.”​—Mmebusɛm 13:18.

17. Sɛ awofo de nteɛso rema a, dɛn na ɛho hia sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛkari pɛ wom?

17 Sɛ awofo de nteɛso rema mmofra a wonnii mfe aduonu no a, ɛho hia sɛ wɔkari pɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ katee dodo na wɔanhyɛ wɔn mma no abufuw, na ebia wɔasɛe mmofra no ahotoso mpo. (Kolosefo 3:​21) Nanso ɛnsɛ sɛ awofo ma wɔn mma yɛ nea wɔpɛ biara na ntetee a ɛho hia ammɔ wɔn. Nea wɔpɛ biara a wɔbɛma wɔayɛ no betumi ayɛ nea asiane wom. Mmebusɛm 29:​17 ka sɛ: “Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.” Nanso, nkyekyem 21, NW, ka sɛ: “Sɛ obi korɔkorɔ n’akoa fi ne mmofraase a, akyiri yi ɔbɛyɛ bonniayɛ wɔ n’asetra mu.” Ɛwom sɛ nkyekyem yi ka akoa ho asɛm de, nanso ɛfa abofra biara a ɔwɔ abusua no mu ho.

18. Nteɛso yɛ dɛn ho adanse, na dɛn na wɔkwati bere a awofo de nteɛso ma bere nyinaa no?

18 Nokwarem no, nteɛso a ɛfata yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwofo no dɔ ne ba no. (Hebrifo 12:​6, 11) Sɛ woyɛ ɔwofo a, wunim sɛ ɛyɛ den sɛ wode nteɛso a ntease wom bɛma bere nyinaa. Asomdwoe nti, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobɛma abofra a opirim ne koma no kwan ma wayɛ nea ɔpɛ. Nanso, awiei koraa no, ɔwofo a ɔyɛ saa no benya abusua a ontumi nteɛ wɔn.​—Mmebusɛm 29:​15; Galatifo 6:9.

ADWUMA NE AGORU

19, 20. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi adi anigyede a mmofra de wɔn ho hyem no ho dwuma nyansam?

19 Wɔ tete mmere no mu no, na wɔtaa hwɛ kwan sɛ mmofra bɛboa wɔ fie anaa afum. Ɛnnɛ mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu pii wɔ bere bebree a wɔde yɛ nea wɔpɛ. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya biribi de saa bere no ayɛ no, wiase nnwuma de nneɛma pii ma na wɔde agye wɔn ani. Sɛ wode nokwasɛm a ɛne sɛ wiase no mmu Bible mu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ahe biara ka eyi ho a, wunya nea ebetumi de asiane aba.

20 Enti, ɔwofo a ɔda atɛmpa adi kura hokwan a ɔwɔ sɛ osi anigyede ho gyinae a etwa to no mu. Nanso, mma wo werɛ mmfi sɛ aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu no renyin. Ɛda adi sɛ afe biara ɔbɛhwɛ kwan sɛ wo ne no bedi mpɛn pii sɛ ɔpanyin. Enti, nyansa wom sɛ ɔwofo bɛma ne ba no hokwan kɛse de apaw anigyede bere a ɔrenyin no​—mpɛn dodow a nneɛma a ɔpaw no da no adi sɛ ne ho rekokwaw wɔ honhom mu no. Ɛtɔ mmere bi a, ebia abofra no bɛpaw nnwom, ayɔnkofo ne nea ɛkeka ho a ɛmfata. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wɔne abofra no susuw ho na ama wapaw nea ɛyɛ papa daakye.

21. Ɔkwan bɛn so na bere a ɛfata a aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu de gye n’ani no bɛbɔ ne ho ban?

21 Bere ahe na ɛsɛ sɛ wode si hɔ ma anigyede? Wɔ aman bi mu no, wɔma mmofra a wonnii mfe aduonu gye di sɛ ɛsɛ sɛ wogye wɔn ani bere nyinaa. Enti, aberante bi betumi ayɛ nhyehyɛe na ama ‘wagye n’ani’ bere nyinaa. Awofo na ɛsɛ sɛ wɔma wosua sɛ ɛsɛ sɛ wonya bere ma nneɛma foforo, te sɛ abusua no, kokoam adesua, nnipa a wɔn ho akokwaw a wɔne wɔn bɛbɔ fekuw wɔ honhom fam, Kristofo nhyiam horow, ne ofie nnwuma, nso. Eyi remma ‘asetra yi mu anigyede’ mmia Onyankopɔn Asɛm no.​—Luka 8:​11-15.

22. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛne anigye kari pɛ wɔ abofra a onnii mfe aduonu asetra mu?

22 Ɔhene Salomo kae sɛ: “Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.” (Ɔsɛnkafo 3:​12, 13) Yiw, anigye yɛ asetra a ɛkari pɛ fã. Adwumaden nso te saa ara. Nnɛyi mmofra pii nhu akomatɔyam a adwumaden de ba anaa obu a wɔn ankasa nya bere a wodi ɔhaw ho dwuma no. Ebinom nnya hokwan mfa nsua nsaanodwuma a wɔde bɛhwɛ wɔn ho akyiri yi wɔ asetra mu. Eyi yɛ asɛnnennen ankasa ma awofo. Mobɛhwɛ sɛ mo ba benya hokwan ahorow a ɛte saa? Sɛ mubetumi akyerɛkyerɛ mo ba ma wahu adwumaden so mfaso na n’ani agye ho mpo a, obenya adwempa a ɛbɛma wanya mfaso horow ne nkwa nna nyinaa.

EFI BERE A ONNII MFE ADUONU KOSI MPANYIN BERE MU

Da ɔdɔ ne anisɔ adi kyerɛ wo mma

23. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ahyɛ wɔn mma mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu no nkuran?

23 Sɛ wo ba haw wo mpo a, kyerɛwsɛm yi yɛ nokware ara: “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Kɔ so yi ɔdɔ a akyinnye biara nni ho sɛ wote nka no adi kyerɛ. Bisa wo ho sɛ, ‘So mekamfo abofra biara wɔ ɔhaw anaa akwanside ahorow a otumi di so no ho? Mede hokwan ahorow a minya no da ɔdɔ ne anisɔ adi kyerɛ me mma ansa na saa hokwan ahorow no atwam akɔ? Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, mmofra no rente nea woyɛ no ase, nanso sɛ wɔwɔ awerɛhyem sɛ wodɔ wɔn a, ɛda adi kɛse sɛ wɔbɛdɔ wo.

24. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛyɛ nokware wɔ mmofra ntetee mu, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

24 Nokwarem no, bere a mmofra nyin bɛyɛ mpanyimfo no, awiei koraa no, wobesisi gyinae ahorow a emu yɛ duru ama wɔn ho. Wɔ tebea horow bi mu no, ebia awofo ani rennye saa gyinaesi ahorow no ho. Sɛ wɔn ba no si gyinae sɛ ɔnsom Yehowa Nyankopɔn bio nso ɛ? Ebetumi aba saa. Yehowa ankasa honhom mu mma no bi mpo antie n’afotu na wɔtew atua. (Genesis 6:2; Yuda 6) Mmofra nyɛ kɔmputa, a yebetumi ahyehyɛ ma ayɛ nea yɛpɛ. Wɔyɛ abɔde a wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ, na wobeyi wɔn ho ano akyerɛ Yehowa wɔ gyinae ahorow a wosisi no ho. Nanso, Mmebusɛm 22:6 yɛ nokware: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”

25. Ɔkwampa a ɛsen biara bɛn na awofo betumi afa so ada Yehowa ase wɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ awofo no ho?

25 Enti, dɔ wo mma pii. Yɛ nea wubetumi biara sɛ wubedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi wɔ wɔn ntetee mu. Yɛ ɔbrapa ho nhwɛso pa. Wonam saayɛ so bɛma wo mma anya hokwan a ɛsen biara a ɛbɛma wɔanyin abɛyɛ mpanyin pa a wosuro Onyankopɔn. Eyi ne ɔkwampa a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ awofo fa so da Yehowa ase wɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ awofo no ho.