Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ABIƐSA

Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa

Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa

1, 2. (a) Wɔhyehyɛ aware sɛ ɛntra hɔ nkosi bere bɛn? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?

BERE a Onyankopɔn kaa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan boom wɔ aware mu no, biribiara ankyerɛ sɛ aware no bɛyɛ bere tiaa bi de. Na Adam ne Hawa bɛtra abom wɔn nkwa nna nyinaa. (Genesis 2:​24) Onyankopɔn gyina pɛn ma aware a nidi wom ne sɛ ɔbarima biako ne ɔbea biako bɛka abom. Nna ho ɔbrasɛe a anibere wom a ahokafo no biako anaa wɔn baanu nyinaa de wɔn ho hyɛ mu nkutoo na ɛma wonya nea wobegyina so wɔ kyerɛwnsɛm mu agyae aware atumi asan aware bio.​—Mateo 5:​32.

2 So ebetumi aba sɛ nnipa baanu bɛtra ase abom wɔ anigye mu daa? Yiw, na Bible kyerɛ nneɛma atitiriw abien a ɛboa ma eyi tumi yɛ yiye. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa de eyinom di dwuma a, wobenya anigye ne nhyira pii. Nneɛma yi ne dɛn?

ADE A EDI KAN

3. Ɔdɔ abiɛsa bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo nya?

3 Ade a edi kan ne ɔdɔ. Nea ɛyɛ anika ne sɛ wɔka ɔdɔ ahorow ho asɛm wɔ Bible mu. Biako yɛ ɔdɔ a emu yɛ hyew a wonya ma obi, nnamfo paa ntam dɔ. (Yohane 11:3) Nea ɛka ho ne ɔdɔ a ɛkɔ so wɔ abusuafo ntam. (Romafo 12:​10) Nea ɛto so abiɛsa ne ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ. (Mmebusɛm 5:​15-20) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nya eyi nyinaa bi. Nanso ɔdɔ bi a ɛto so anan wɔ hɔ, nea ɛho hia sen nea aka no.

4. Ɔdɔ bɛn na ɛto so anan?

4 Asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa saa ɔdɔ a ɛto so anan yi wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mfitiase kasa mu ne a·gaʹpe. Wɔde saa asɛmfua no di dwuma wɔ 1 Yohane 4:8, faako a wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” Nokwarem no, “yɛdɔ, efisɛ [Onyankopɔn] na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:​19) Kristoni di kan nya ɔdɔ a ɛte saa no ma Yehowa Nyankopɔn, ne afei ne mfɛfo nnipa. (Marko 12:​29-31) Wɔsan de asɛmfua a·gaʹpe no di dwuma wɔ Efesofo 5:2, nea ɛka sɛ: “Monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn.” Yesu kae sɛ wɔde saa ɔdɔ yi behu ne nokware akyidifo: “Sɛ mododɔ [a·gaʹpe] mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”(Yohane 13:​35) Hyɛ dwuma a wɔde a·gaʹpe di wɔ 1 Korintofo 13:​13 no nso nsow: “Gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ [a·gaʹpe] ne emu kɛse.”

5, 6. (a) Dɛn nti na ɔdɔ yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso? (b) Nea enti a ɔdɔ bɛboa na aware angu no bi ne dɛn?

5 Dɛn na ɛma saa a·gaʹpe dɔ yi yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso? Egyina nnyinasosɛm​—nnyinasosɛm a ɛteɛ​—a wohu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so. (Dwom 119:​105) Ɛyɛ nea Onyankopɔn bu no sɛ ɛteɛ na ɛyɛ papa a wodwen ho yɛ ma afoforo a emfi pɛsɛmenkominya mu, sɛ ebia ɛte sɛ nea onii no fata sɛ onya ade no anaa ɔmfata. Ɔdɔ a ɛte saa no tumi ma awarefo di Bible afotu yi akyi: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:​13) Awarefo a wɔwɔ ɔdɔ nya “ɔdɔ a emu yɛ den [a·gaʹpe] [ma wɔn ho], efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Hyɛ no nsow sɛ ɔdɔ kata mfomso ahorow so. Enyi mfomso mfi hɔ, efisɛ onipa ɔnyɛ pɛ biara nni hɔ a obetumi akwati mfomso.​—Dwom 130:​3, 4; Yakobo 3:2.

6 Sɛ awarefo nya Onyankopɔn dɔ ne yɔnkodɔ a ɛte saa a, wɔn aware no rengu na wɔn ani begye, efisɛ “ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Ɔdɔ yɛ “pɛyɛ hama.” (Kolosefo 3:​14) Sɛ woaware a, ɔkwan bɛn so na wo ne wo hokafo betumi anya saa ɔdɔ yi? Mommom nkenkan Onyankopɔn Asɛm, na mommɔ ho nkɔmmɔ. Munsua ɔdɔ ho nhwɛso a Yesu yɛe no na mommɔ mmɔden sɛ mubesuasua no, sɛ mubedwen ayɛ mo ade te sɛ ɔno. Bio nso, monkɔ Kristofo nhyiam horow, faako a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm. Na mommɔ mpae nsrɛ Onyankopɔn mmoa na ama moanya ɔdɔ a ɛkorɔn, a ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba, yi bi.​—Mmebusɛm 3:​5, 6; Yohane 17:3; Galatifo 5:​22; Hebrifo 10:​24, 25.

ADE A ƐTO SO ABIEN

7. Dɛn ne obu, na henanom na ɛsɛ sɛ wɔda obu adi wɔ aware mu?

7 Sɛ awarefo dɔ wɔn ho ampa a, ɛnde wobenya obu nso ama wɔn ho, na obu ne ade a ɛto so abien a ɛma obi nya aware a anigye wom. Wɔkyerɛ obu ase sɛ “susuw a wosusuw afoforo ho, di a wodi wɔn ni.” Onyankopɔn Asɛm tu Kristofo nyinaa, a okununom ne ɔyerenom ka ho, fo sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:​10) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni.” (1 Petro 3:7) Wotu ɔyere fo sɛ “ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:​33) Sɛ wopɛ sɛ wudi obi ni a, wuyi ayamye adi kyerɛ saa onipa no, wokyerɛ obu ma saa onii no dibea ne ne nsusuwii a ɔda no adi, na woyɛ krado sɛ wobɛyɛ biribiara a ɛfata a obisa wo no ama no.

8-10. Akwan bɛn so na obu bɛboa ma asomdwoe ne anigye atra aware mu?

8 Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya aware a anigye wom no kyerɛ obu ma wɔn ahokafo denam ‘hwehwɛ a wɔnhwehwɛ wɔn nko de, na mmom wɔn ahokafo de nso a wɔhwehwɛ’ no so. (Filipifo 2:4) Wonsusuw nea eye ma wɔn nkutoo ho​—ɛno bɛyɛ pɛsɛmenkominya. Mmom no, wosusuw nea eye paa ma wɔn ahokafo nso ho. Nokwarem no, wɔma ɛyɛ wɔn asɛnhia titiriw.

9 Obu bɛboa awarefo ma wɔagye atom sɛ wobetumi anya adwene soronko wɔ nneɛma ho. Ntease nnim sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ nnipa baanu adwene behyia wɔ biribiara ho. Nea ebia ɛho hia okunu no ho nhia ɔyere no, na ebia nea ɔyere pɛ no nyɛ nea okunu pɛ. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara kyerɛ obu ma ɔfoforo no nsusuwii ne nneɛma a ɔpɛ, mpɛn dodow a eyinom mmu Yehowa mmara ne nnyinasosɛm ahorow so no. (1 Petro 2:​16; fa toto Filemon 14 ho.) Afei nso, ɛsɛ sɛ obiara di ɔfoforo no ni denam animtiaabu nsɛm a ɔrenka nkyerɛ no anaa ne ho fɛw a onni wɔ baguam anaa kokoam no so.

10 Yiw, Onyankopɔn dɔ ne yɔnkodɔ ne obu ne nneɛma atitiriw abien a ɛma aware sɔ. Wɔbɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma wɔ aware asetra afã horow a ɛho hia kɛse no mu?

TIYƐ A ƐTE SƐ KRISTO DE NO

11. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, hena ne ti wɔ aware mu?

11 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔde su horow a ɛbɛma ɔbarima no ayɛ abusua ti a otumi yɛ n’asɛde bɔɔ no. Ne saa nti, wɔ Yehowa anim no ɔbarima no na ne yere ne ne mma honhom ne honam fam yiyedi ho asodi bɛda no so. Ɛsɛ sɛ osi gyinae ahorow a ɛkari pɛ a ɛne Yehowa apɛde hyia na ɔyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ pa mu. “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efesofo 5:​22, 23) Nanso, Bible ka sɛ okunu nso wɔ ti, Obi a ɔwɔ no so tumi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Okunu nyansafo sua sɛnea obedi ne tiyɛ no ho dwuma denam n’ankasa ti, Kristo Yesu, a obesuasua no no so.

12. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛe de daa ahobrɛase ne sɛnea wodi tiyɛ ho dwuma adi?

12 Yesu nso wɔ ti, Yehowa, na ɔbrɛ ne ho ase ma No yiye. Yesu kae sɛ: “Menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 5:​30) Nhwɛso a eye kyɛn so bɛn ara ni! Yesu ne “abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:​15) Ɔbɛyɛɛ Mesia. Na ɔno na ɔbɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no Ti, ne Onyankopɔn Ahenni no Hene, wɔ abɔfo nyinaa so. (Filipifo 2:​9-11; Hebrifo 1:4) Wɔ saa dibea ne tebea a ɛkorɔn a ɛda ɔdesani Yesu anim nyinaa akyi no, na ne tirim nyɛ den, ɔnyɛ obi a onnyae nsɛm mu, anaa ɔhwehwɛ pii dodo fi afoforo hɔ. Na ɔnyɛ kankabi, a ɔkae n’asuafo bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma no. Ná Yesu wɔ ɔdɔ ne ayamhyehye ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no titiriw. Ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:​28-30) Ná ɛyɛ anigye sɛ wɔne no bɛbɔ.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na okunu a ɔwɔ ɔdɔ bedi ne tiyɛ ho dwuma de asuasua Yesu?

13 Ɛyɛ papa sɛ okunu a ɔpɛ sɛ onya abusua asetra a anigye wom no susuw Yesu su pa no ho. Okunu pa tirim nyɛ den na ɔnyɛ kankabi, a ɔde ne tiyɛ no di dwuma ɔkwammɔne so te sɛ abaa a ɔde hunahuna ne yere. Mmom no, ɔdɔ no na odi no ni. Sɛ na Yesu ‘brɛ ne ho ase koma mu’ a, ɛnde na okunu wɔ ntease kɛse a enti ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa efisɛ bere a Yesu yɛ pɛ no, ɔno de odi mfomso. Sɛ ɔyɛ saa a, ɔpɛ sɛ ne yere te ase. Enti, okunu hobrɛasefo gye ne mfomso tom, ɛwom mpo sɛ ebia ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛka sɛ, “Manyɛ no yiye; wudi bem” de. Ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama ɔyere sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama okunu a odwo na ɔbrɛ ne ho ase sen nea ɔyɛ ahantan na opirim ne koma. Ɔyere a obu ade nso pa kyɛw bere a ɔyɛ mfomso no.

14 Onyankopɔn de su pa a ɔbea no betumi de aboa ma aware ayɛ anigye no bɔɔ no. Okunu nyansafo begye eyi atom na ɔrensiw no kwan wɔ nneɛma ho. Mmea pii taa nya ayamhyehye ne tema kɛse, su horow a ɛho hia wɔ abusua sohwɛ ne nnipa ntam abusuabɔ a wɔhyehyɛ no mu. Mpɛn pii no, ɔbea no nim ɔkwan a wɔfa so ma fie hɔ yɛ baabi a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛtra no yiye. Ná “ɔyepa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm ti 31 no wɔ su pa ne ɔdom akyɛde pii a eye paa, na n’abusua nyaa so mfaso kosii ase. Dɛn ntia? Efisɛ na ne kunu de ne koma ‘ato no so.’​—Mmebusɛm 31:​10, 11.

15. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi ada ɔdɔ ne obu a ɛte sɛ Kristo de no adi akyerɛ ne yere?

15 Wɔ amammerɛ bi mu no, wosi okunu tumi so dua dodo, ma enti wobu no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ wobebisa no asɛm mpo. Ɛkame ayɛ sɛ obetumi ne ne yere adi te sɛ afenaa. Ɛnyɛ ne yere nko na ne ti a odi wɔ ɔkwammɔne a ɛte saa so no ma ɔne ne ntam abusuabɔ sɛe, na mmom Onyankopɔn nso. (Fa toto 1 Yohane 4:​20, 21 ho.) Wɔ ɔkwan foforo so no, okununom bi nni nneɛma anim, na wɔma wɔn yerenom di fie no so. Okunu a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase yiye no nsisi ne yere na ommu no animtiaa. Mmom no, osuasua Yesu dɔ a ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre no na ɔyɛ sɛnea Paulo tuu fo no: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:​25) Na Kristo Yesu dɔ n’akyidifo araa ma owu maa wɔn. Okunu pa bɛbɔ mmɔden asuasua saa su a pɛsɛmenkominya nnim no, ahwehwɛ ne yere yiyedi, sen sɛ ɔbɛhwehwɛ pii afi ne hɔ. Sɛ okunu brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase na ɔda ɔdɔ ne obu a ɛte sɛ Kristo de no adi a, ɛbɛka ne yere ma wabrɛ ne ho ase ama no.​—Efesofo 5:​28, 29, 33.

ƆYERENOM AHOBRƐASE

16. Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere da no adi wɔ ɔne ne kunu ntam abusuabɔ mu?

16 Bere bi wɔ Adam bɔ akyi no, “Awurade Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” (Genesis 2:​18) Onyankopɔn bɔɔ Hawa sɛ ‘ɔboafo,’ na ɛnyɛ sɛ ɔkansifo. Na aware renyɛ te sɛ po so hyɛn mu mpanyimfo baanu a wosi akan. Na ɛsɛ sɛ okunu no di ne tiyɛ no ho dwuma wɔ ɔdɔ mu, na na ɛsɛ sɛ ɔyere no da ɔdɔ ne obu adi, na ofi ne pɛ mu brɛ no ho ase.

17, 18. Akwan a ɔyere betumi afa so ayɛ ɔboafo ankasa ama ne kunu no bi ne nea ɛwɔ he?

17 Nanso, ɔyere pa yɛ pii sen sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase kɛkɛ. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ɔboafo ankasa, ɔbɛboa ne kunu wɔ ne gyinaesi ahorow mu. Nokwarem no, sɛ ɔpene ɔbarima no gyinaesi ahorow so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛyɛ saa. Nanso sɛ ɔmpene so mpo a, ne mmoa ankasa betumi ama biribi pa afi ne gyinaesi no mu aba.

18 Ɔyere betumi aboa ne kunu ma wayɛ ti pa wɔ akwan foforo so. Obetumi akyerɛ mmɔden a ɔbarima no bɔ sɛ obedi nneɛma anim no ho anisɔ, sen sɛ ɔbɛkasa atia no anaa ɔbɛma wate nka sɛ ontumi nyɛ nea ɔno ɔbea no pɛ mma no da. Bere a ɔne ne kunu di wɔ ɔkwan pa so no, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ “honhom a edwo . . . bo yɛ den Onyankopɔn anim,” na ɛnyɛ ne kunu nkutoo ani so. (1 Petro 3:​3, 4; Kolosefo 3:​12) Na sɛ okunu no nyɛ gyidini nso ɛ? Sɛ ɔyɛ gyidini anaa ɔnyɛ bi no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ ɔyerenom nkuran sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wonnwen adwempa, nhwɛ wɔn ho so, nyɛ wɔn afi yiye, nyɛ adɛɛfo, mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.’ (Tito 2:​4, 5) Sɛ ahonim ho nsɛm sɔre a, ɛda adi kɛse sɛ okunu a onnye nni bɛkyerɛ obu ama ne yere gyinabea, sɛ ɔbea no de ‘odwo ne obu’ da no adi a. ‘Wɔnam ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya’ okununom bi a wonnye nni ‘esiane sɛ wɔahu wɔn abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu nti.’​—1 Petro 3:​1, 2, 15; 1 Korintofo 7:​13-16.

19. Sɛ okunu ka kyerɛ ne yere sɛ ommu Onyankopɔn mmara so a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

19 Na sɛ kunu bi ka kyerɛ ne yere sɛ ɔnyɛ biribi a Onyankopɔn abara nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ Onyankopɔn ne ne Sodifo pumpuni. Ɔde nea asomafo no yɛe bere a atumfoɔ no kae sɛ wommu Onyankopɔn mmara so no yɛ nhwɛso. Asomafo no Nnwuma 5:​29 ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn [sɛ sodifo, NW] mmom sen nnipa.”

NKƆMMƆBƆ PA

20. Ade a ɛho hia bɛn mu na ɔdɔ ne obu ho hia?

20 Ɔdɔ ne obu ho hia wɔ aware mu ade foforo mu​—nkɔmmɔbɔ. Okunu a ɔwɔ ɔdɔ ne ne yere bɛbɔ nkɔmmɔ afa ɔbea no dwumadi, ne haw ahorow, ne adwene a okura wɔ nneɛma ahorow ho no ho. Ɔyere hia eyi. Okunu a ogye bere ne ne yere bɔ nkɔmmɔ na otie nea ɔka ankasa no da ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma no no adi. (Yakobo 1:​19) Ɔyerenom bi nwiinwii sɛ wɔn kununom nnye bere pii ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Eyi yɛ awerɛhosɛm. Ampa, wɔ bere a adagyew nni hɔ yi mu no, ebia okununom de nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma wɔ kurom, na ebia sikasɛm tebea bɛma ɔyerenom bi nso ayɛ honam fam adwuma. Nanso ɛho hia sɛ awarefo yi bere si hɔ ma wɔn ho wɔn ho. Anyɛ saa a, obiara bɛfa ne kwan. Sɛ tebea no ma wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ayɔnkofo a wobenya tema ama wɔn wɔ aware nhyehyɛe no akyi a, ebetumi de ɔhaw ahorow a emu yɛ den aba.

21. Ɔkwan bɛn so na kasa pa bɛboa ma aware ayɛ anigye?

21 Ɔkwan a ɔyerenom ne okununom fa so bɔ nkɔmmɔ ho hia. “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ . . . ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.” (Mmebusɛm 16:​24) Sɛ wo hokafo no yɛ gyidini anaa ɔnyɛ bi no, Bible afotu yi fa wo ho: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu,” kyerɛ sɛ, ɛnyɛ kasa pa. (Kolosefo 4:6) Sɛ obi hyiaa asɛnnennen wɔ da no mu a, nsɛm kakra a ɛkyerɛ ayamye ne ayamhyehye a ne hokafo bɛka no betumi aboa pii. “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:​11) Wo nne a wode kasa ne nsɛmfua a wopaw no ho hia yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia obiako de abufuw ne ɔhyɛ bɛka akyerɛ ɔfoforo no sɛ: “To pon no mu!” Nanso hwɛ sɛnea “nkyene wɔ” nsɛm a wɔde ntease ka no bɔkɔɔ yi mu, “Mesrɛ wo, wonto pon no mu?”

22. Su horow bɛn na awarefo hia na ama wɔakɔ so abɔ nkɔmmɔ pa?

22 Nkɔmmɔbɔ pa nya nkɔso bere a wɔkasa bɔkɔɔ, wɔtew wɔn anim de nipadua no kasa, wɔda ayamye ntease, ne odwo adi. Sɛ okunu ne ɔyere bɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛkɔ so abɔ nkɔmmɔ pa a, wɔn baanu nyinaa befi wɔn pɛ mu aka wɔn ahiade ahorow akyerɛ, na wobetumi ayɛ awerɛkyekye ne mmoa ama wɔn ho wɔn ho bere a biribi di wɔn huammɔ anaa wɔahaw no. Onyankopɔn Asɛm hyɛ nkuran sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.” (1 Tesalonikafo 5:​14) Bere bi bɛba a okunu no bɛbotow na ɔyere no nso bɛyɛ saa bere foforo. Wobetumi ‘akyekye wɔn ho wɔn ho werɛ,’ na wɔahyɛ wɔn ho den.​—Romafo 15:2.

23, 24. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ne obu bɛboa bere a wɔn adwene nhyia no? Ma nhwɛso.

23 Awarefo a wɔda ɔdɔ ne obu adi no remmu biribiara a wɔn adwene nhyia wɔ ho no sɛ ɛyɛ asɛnnennen. Wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔremma “wɔn bo mfuw” wɔn ho “denneennen.” (Kolosefo 3:​19, NW) Ɛsɛ sɛ wɔn baanu nyinaa kae sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere [abufuw,NW].” (Mmebusɛm 15:1) Hwɛ yiye na woammu wo hokafo a ɔda ne komam nkate adi no abomfiaa anaa woankasa antia no. Mmom no, bu saa nsɛm a ɔka no sɛ hokwan a ɛbɛma woahu adwene a okura. Mommom mmɔ mmɔden sɛ mubedi nsɛm a mo adwene nhyia wɔ ho no ho dwuma na ama mode adwenkoro asi gyinae.

24 Kae bere a Sara kamfoo ɔhaw bi ano aduru kyerɛɛ ne kunu, Abraham, a na ɛsono sɛnea ɔte nka wɔ ho no. Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Tie.” (Genesis 21:​9-12) Abraham yɛɛ saa, na wohyiraa no. Saa ara na sɛ ɔyere de nyansahyɛ ma wɔ biribi a ɛsono ne kunu adwene wɔ ho ho a, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ okunu no tie. Bere koro no ara no, ɛnsɛ sɛ ɔyere no gye nkɔmmɔbɔ no fa, na mmom ɛsɛ sɛ otie nea ne kunu wɔ ka no. (Mmebusɛm 25:​24) Sɛ okunu anaa ɔyere ka sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ bere nyinaa a, ɛnkyerɛ ɔdɔ ne obu.

25. Ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔbɔ pa bɛboa ma anigye aba aware mu abusuabɔ a emu yɛ den mu?

25 Nkɔmmɔbɔ pa nso ho hia wɔ nna mu kyɛfa a awarefo nya no mu. Pɛsɛmenkominya ne ahosodi a wonni betumi asɛe aware mu abusuabɔ a emu yɛ den paa yi kɛse. Nkɔmmɔbɔ a wɔka nsɛm pefee wom ne boasetɔ ho hia. Sɛ obiara hwehwɛ ɔfoforo no yiyedi a pɛsɛmenkominya nnim a, nna ntaa nyɛ ɔhaw a emu yɛ den. “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de” wɔ eyi ne nneɛma foforo mu.​—1 Korintofo 7:​3-5; 10:​24.

26. Ɛwom mpo sɛ aware biara behyia ne haw ne anigye de, nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a awarefo betie no bɛboa wɔn ma wɔanya anigye?

26 Afotu pa a Onyankopɔn Asɛm de ma bɛn ara ni! Ampa, aware biara behyia ne haw ne anigye. Nanso, sɛ awarefo nya Yehowa adwene, sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu, na wɔde wɔn aware no gyina ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so ne obu so a, wobetumi anya ahotoso sɛ wɔn aware no begyina daa na ayɛ anigye. Wɔrenni wɔn ho wɔn ho nkutoo ni denam saayɛ so, na mmom aware Hyehyɛfo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no nso.