Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSIA

Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusua

Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusua

1. Na dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma abusua nhyehyɛe no?

BERE a Yehowa kaa Adam ne Hawa boom wɔ aware mu no, Adam nam asɛm a ɔkae a ɛno ne Hebri anwensɛm a edi kan pɛɛ a wɔakyerɛw ato hɔ no so daa n’anigye adi. (Genesis 2:​22, 23) Nanso, na Ɔbɔadeɛ no wɔ nneɛma pii wɔ n’adwenem sen anigye a na ɔbɛma ne mma a wɔyɛ nnipa anya kɛkɛ no. Na ɔpɛ sɛ awarefo ne wɔn mmusua yɛ n’apɛde. Ɔka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:​28) Hwɛ sɛnea na ɛyɛ adwuma a mfaso kɛse wɔ so! Sɛ Adam ne Hawa de osetie a edi mũ yɛɛ Yehowa apɛde a, hwɛ anigye a anka wɔne wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no benya!

2, 3. Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi anya anigye a ɛsen biara nnɛ?

2 Ɛnnɛ nso, mmusua nya anigye sen biara bere a wɔbom yɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Abusua a ɛde onyamesom pa tra ase na edi Yehowa akwankyerɛ a ɛwɔ Bible no mu akyi no benya anigye wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” mu. (Dwom 1:​1-3; 119:​105; 2 Timoteo 3:​16) Sɛ abusua no muni biako pɛ mpo na ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma a, tebea no yɛ papa sen sɛ obiara nyɛ saa.

3 Nhoma yi aka Bible mu nnyinasosɛm pii a ɛboa ma wonya abusua mu anigye ho asɛm. Ebia woahyɛ no nsow sɛ emu bi apue mpɛn pii wɔ nhoma yi mu nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ nokware ahorow a tumi wom a edi boa obiara wɔ abusua asetra afã horow nyinaa mu. Abusua a ɛbɔ mmɔden de Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi di dwuma no hu sɛ onyamesom pa ‘de nkwa a ɛwɔ hɔ yi ho bɔhyɛ ma.’ Ma yɛnsan nhwɛ nnyinasosɛm atitiriw yi mu anan.

AHOSODI SO MFASO

4. Dɛn nti na ahosodi ho hia wɔ aware mu?

4 Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:​28; 29:​11) ‘Honhom a wosianka no,’ ahosodi a wɔda no adi, ho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya aware a anigye wom no. Nkate bɔne, te sɛ abufuhyew anaa akɔnnɔ bɔne a wobɛma adi wo so no bɛsɛe ade a ebegye mfe pii na wode asiesie​—sɛ wubetumi asiesie mpo a.

5. Ɔkwan bɛn so na onipa a ɔnyɛ pɛ betumi anya ahosodi, na mfaso horow bɛn na obenya?

5 Nokwarem no, Adam aseni biara ntumi nni ne honam a ɛtɔ sin no so nwie koraa. (Romafo 7:​21, 22) Nanso, ahosodi yɛ honhom no aba. (Galatifo 5:​22, 23) Enti, Onyankopɔn honhom no bɛma yɛanya ahosodi, sɛ yɛbɔ mpae bisa saa su yi, de afotu a ɛfata a yehu wɔ Kyerɛwnsɛm mu di dwuma, na yɛne afoforo a wɔda no adi bɔ fekuw na yɛkwati wɔn a wɔnna no adi a. (Dwom 119:​100, 101, 130; Mmebusɛm 13:​20; 1 Petro 4:7) Adeyɛ a ɛte saa bɛboa yɛn ma ‘yɛaguan aguamammɔ,’ bere a wɔsɔ yɛn hwɛ mpo no. (1 Korintofo 6:​18) Yɛbɛpow basabasayɛ na yɛakwati sadweam na yɛadi so. Yɛde odwo kɛse bedi abufusɛm ne tebea a emu yɛ den ho dwuma. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa​—a mmofra ka ho​—besuasua sɛnea yebenya honhom aba a ɛho hia yi bi.​—Dwom 119:​1, 2.

ADWENE A ƐTEƐ WƆ TIYƐ HO

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahyehyɛ tiyɛ? (b) Sɛ ɔbarima tiyɛ bɛma n’abusua anya anigye a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkae?

6 Nnyinasosɛm a ɛho hia a ɛto so abien ne tiyɛ a yebegye atom. Paulo kaa sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔano wɔano ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn” no. (1 Korintofo 11:3) Eyi kyerɛ sɛ ɔbarima di abusua no anim, ne yere de nokwaredi boa, na mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo. (Efesofo 5:​22-25, 28-33; 6:​1-4) Nanso, hyɛ no nsow sɛ tiyɛ de anigye ba bere a wodi ho dwuma wɔ ɔkwampa so nkutoo no. Okununom a wɔde onyamesom pa tra ase no nim sɛ tiyɛ nkyerɛ kankabi. Wosuasua Yesu, wɔn Ti no. Ɛwom sɛ na Yesu bɛyɛ “ade nyinaa so ti” de, nanso ‘wamma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee.’ (Efesofo 1:​22; Mateo 20:​28) Saa ara na ɔbarima Kristoni di ne tiyɛ ho dwuma, sɛ ɔde bɛhwehwɛ ne yere ne ne mma yiyedi, na ɛnyɛ sɛ ɔde bɛpɛ mfaso.​—1 Korintofo 13:​4, 5.

7. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛbɛboa ɔyere ma wadi n’asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no wɔ abusua no mu ho dwuma?

7 Ɔyere a ɔde onyamesom pa tra ase de, ɔne ne kunu nsi akan na ɔnhwehwɛ sɛ obedi no so. N’ani gye sɛ ɔbɛboa no na ɔne no ayɛ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a, Bible no ka ɔyere ho asɛm sɛ ɔyɛ ne kunu “de,” na ɛma ɛda adi sɛ ne kunu ne ne ti. (Genesis 20:3, NW) Ɔnam aware so ba ne ‘kunu mmara’ ase. (Romafo 7:2) Bere koro no ara no, Bible no frɛ no ‘ɔboafo’. (Genesis 2:​20) Ɔde su horow ne ɔdom akyɛde horow a ne kunu nni ma, na ɔde mmoa a ohia ma no. (Mmebusɛm 31:​10-31) Bible san ka sɛ ɔyere yɛ ‘ɔhokafo,’ obi a ɔne ne kunu bom yɛ adwuma. (Malaki 2:​14) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow yi boa okunu ne ɔyere ma wohu obiara gyinabea na wonya obu ne nidi ma wɔn ho.

‘YƐ NTƐM TIE’

8, 9. Kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm ahorow bi a ɛbɛboa abusua no mufo nyinaa ma wɔn nkɔmmɔbɔ atu mpɔn.

8 Wosi hia a nkɔmmɔbɔ ho hia so dua mpɛn pii wɔ nhoma yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ tebea no yɛ papa bere a nnipa bɔ nkɔmmɔ na wotie nea wɔn mu biara ka no. Wosii so dua mpɛn pii sɛ obiakofo mmɔ nkɔmmɔ. Osuani Yakobo kaa ho asɛm sɛɛ se: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.”​—Yakobo 1:19.

9 Ɛho hia nso sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛkasa no nso yiye. Nsɛm a wɔde ahopere ka, atutupɛ, anaa ɔkasatia denneennen mmoa mma nkɔmmɔ nkɔ so. (Mmebusɛm 15:1; 21:9; 29:​11, 20) Sɛ nea yɛka no yɛ nokware mpo, na sɛ yɛka ma ɛyɛ yaw wɔ ahomaso mu ne ɔkwan a tema nnim so a, ebetumi apira onipa no mmom sen sɛ ɛbɛboa no. Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ dɛ na “nkyene wom.” (Kolosefo 4:6) Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ te sɛ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:​11) Mmusua a wosua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ yiye no atu anammɔn titiriw a ɛbɛma wɔanya anigye.

ADE TITIRIW A ƆDƆ YƐ

10. Ɔdɔ bɛn na ɛho hia wɔ aware mu?

10 Asɛmfua “ɔdɔ” pue mpɛn pii wɔ nhoma yi mu nyinaa. Wokae ɔdɔ ko a wɔkaa ho asɛm titiriw no? Ɛwom sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ (Hela, eʹros) di dwuma titiriw wɔ aware mu, na wɔ aware pa mu no, ɔdɔ ne adamfofa a emu yɛ den (Hela, phi·liʹa) yɛ kɛse wɔ okunu ne ɔyere ntam. Nanso nea ɛho hia sen saa mpo ne ɔdɔ a wɔde Hela asɛmfua a·gaʹpe gyina hɔ ma no. Eyi ne ɔdɔ a yenya ma Yehowa, Yesu, ne yɛn yɔnko no. (Mateo 22:​37-39) Ɛne ɔdɔ a Yehowa yi no adi kyerɛ adesamma. (Yohane 3:​16) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebetumi ayi ɔdɔ koro yi ara bi adi akyerɛ yɛn aware mu hokafo ne yɛn mma!​—1 Yohane 4:19.

11. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma aware bi yɛ papa?

11 Wɔ aware mu no, ɔdɔ a ɛkorɔn yi yɛ “pɛyɛ hama” ampa. (Kolosefo 3:​14) Ɛka awarefo bom na ɛma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea eye paa ama wɔn ho ne wɔn mma. Sɛ mmusua hyia tebea horow a emu yɛ den a, ɔdɔ boa wɔn ma wɔde biakoyɛ di nneɛma ho dwuma. Bere a awarefo mfe rekɔ anim no, ɔdɔ ma wɔboa wɔn ho na wɔkɔ so nya anisɔ ma wɔn ho wɔn ho. ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.’​—1 Korintofo 13:​4-8.

12. Dɛn nti na ɔdɔ a awarefo wɔ ma Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn aware no mu den?

12 Aware mu biakoyɛ mu yɛ den ɛnkanka bere a Yehowa ho dɔ titiriw hyɛ mu den na ɛnyɛ awarefo no ntam dɔ kɛkɛ no. (Ɔsɛnkafo 4:​9-12) Dɛn ntia? Wiɛ, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Enti, ɛsɛ sɛ awarefo de onyamesom pa tete wɔn mma efisɛ ɛyɛ Yehowa ahyɛde, na ɛnyɛ sɛ wɔdɔ wɔn kɛse kɛkɛ nti. (Deuteronomium 6:​6, 7) Ɛsɛ sɛ wɔkwati ɔbrasɛe, ɛnyɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho nkutoo nti, na mmom wɔdɔ Yehowa a ‘obebu nguaman ne awaresɛefo atɛn’ no nti. (Hebrifo 13:4) Sɛ awarefo no mu biako ma ɔhaw a emu yɛ den ba aware no mu mpo a, Yehowa ho dɔ bɛka ɔfoforo no ma wakɔ so de Bible nnyinasosɛm ahorow adi dwuma. Nokwarem no, mmusua a Yehowa ho dɔ hyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho mu den no wɔ anigye!

ABUSUA A ƐYƐ ONYANKOPƆN APƐDE

13. Ɔkwan bɛn so na si a ankorankoro besi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa so?

13 Kristoni asetra nyinaa gyina Onyankopɔn apɛdeyɛ so. (Dwom 143:​10) Eyi ne nea onyamesom pa kyerɛ ankasa. Onyankopɔn apɛdeyɛ bɛboa mmusua ma wɔde wɔn adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa so. (Filipifo 1:​9, 10) Sɛ nhwɛso no, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na meba mebɛpaapaee mu na onipa asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’ase; na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.” (Mateo 10:​35, 36) Sɛnea Yesu kɔkɔbɔ no kyerɛ no, abusuafo ataa n’akyidifo pii. Awerɛhow tebea a ɛyɛ yaw bɛn ara ni! Nanso, ɛnsɛ sɛ abusuasɛm bunkam ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no so. (Mateo 10:​37-39) Sɛ obi gyina mu wɔ abusua sɔretia nyinaa akyi a, ebia asɔretiafo no bɛsakra bere a wohu nnepa a efi onyamesom pa mu ba no. (1 Korintofo 7:​12-16; 1 Petro 3:​1, 2) Sɛ amma saa mpo a, adepa biara remfi mu mma bere a ɔsɔretia nti obi gyae Onyankopɔn som no.

14. Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ a awofo wɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛyɛ ade titiriw a ɛbɛboa wɔn mma?

14 Onyankopɔn apɛde a awofo yɛ no boa wɔn ma wosisi gyinae pa. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no awofo bu wɔn mma sɛ dwetiri, na wɔde wɔn ani to wɔn mma so sɛ wɔn na wɔbɛhwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu. Ɛwom sɛ ɛfata sɛ mma a wɔanyinyin hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no de, nanso ɛnsɛ sɛ saa adwene no piapia awofo ma wɔn mma di honam fam ade dodowpɛ asetra akyi. Sɛ awofo tete wɔn mma ma wobu honam fam nneɛma sen honhom fam nneɛma a, wɔmmoa wɔn wɔ ɔkwan biara so.​—1 Timoteo 6:9.

15. Ɔkwan bɛn so na Timoteo maame Eunike yɛɛ nhwɛso a eye kyɛn so sɛ ɔwofo a ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde?

15 Nea ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu ne Eunike, Paulo adamfo kumaa Timoteo maame. (2 Timoteo 1:5) Ɛwom sɛ na Eunike ware obi a onnye nni de, nanso ɔne Timoteo nanabea Lois, tumi tetee Timoteo yiye ma odii nyamesom pa akyi. (2 Timoteo 3:​14, 15) Bere a Timoteo nyinii sɛnea ɛsɛ no, Eunike maa no kwan ma ofii fie kɔyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma sɛ Paulo asɛmpatrɛw adwuma hokafo. (Asomafo no Nnwuma 16:​1-5) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a ne ba no bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔda nsow no! Onyamesom pa a ɔdaa no adi sɛ ɔpanyin no daa no adi sɛ onyaa ntetee pa fi ne mmofraase. Akyinnye biara nni ho sɛ Eunike nyaa akomatɔyam ne anigye bere a ɔtee nokwaredi a Timoteo de yɛɛ ne som adwuma ho asɛm no, ɛwom sɛ ebia na n’ani gyina no de.​—Filipifo 2:​19, 20.

ABUSUA NO NE WO DAAKYE

16. Sɛ ɔba no, afoforo ho adwempa bɛn na Yesu daa no adi, nanso na dɛn ne ne botae titiriw?

16 Wɔtetee Yesu wɔ abusua a na wosuro Onyankopɔn mu, na sɛ ɔpanyin no, ɔkyerɛe sɛ odwen ne maame ho yiye sɛ ɔba. (Luka 2:​51, 52; Yohane 19:​26) Nanso, na Yesu botae titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔ ne fam no, na ɔkwan a obebue ama adesamma anya daa nkwa ka eyi ho. Ɔyɛɛ eyi bere a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede maa adesamma abɔnefo no.​—Marko 10:​45; Yohane 5:​28, 29.

17. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na Yesu nokwaredi buee ho kwan maa wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no?

17 Yesu wu akyi no, Yehowa nyan no kɔɔ ɔsoro asetra mu na ɔmaa no tumi kɛse, na awiei koraa no osii no Hene wɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Mateo 28:​18; Romafo 14:9; Adiyisɛm 11:​15) Yesu afɔrebɔ no ma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔbɛpaw nnipa bi ma wɔne no adi tumi wɔ saa Ahenni no mu. Abue kwan nso ama adesamma komapafo a aka no ma wobenya nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ asase a wɔasan ama adan paradise so. (Adiyisɛm 5:​9, 10; 14:​1, 4; 21:​3-5; 22:​1-4) Hokwan a ɛsen biara a yɛwɔ nnɛ no mu biako ne sɛ yɛbɛka anuonyam asɛmpa no akyerɛ yɛn mfɛfo.​—Mateo 24:14.

18. Nkaebɔ ne nkuranhyɛ bɛn na wɔde ma awofo ne ankorankoro nyinaa?

18 Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛe no, onyamesom pa a nkurɔfo de tra ase no ma wonya anidaso sɛ wobetumi anya saa nhyira horow no wɔ asetra a “ɛrebɛba no” mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne ɔkwan pa a ɛsen biara a wobɛfa so anya anigye! Kae sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:​17) Enti sɛ ebia woyɛ abofra anaa ɔwofo, okunu anaa ɔyere, ɔpanyin a woyɛ sigyani a wowɔ mma anaa wunni bi no, bɔ mmɔden yɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ wuhyia nhyɛso anaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den mpo a, mma wo werɛ mmfi da sɛ wo Onyankopɔn teasefo no somfo. Enti, ma wo nneyɛe mma Yehowa ani nnye. (Mmebusɛm 27:​11) Na ɛmmra sɛ wo nneyɛe bɛma woanya anigye nnɛ ne daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu!