Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ASON

So Otuatewfo Wɔ Fie Hɔ?

So Otuatewfo Wɔ Fie Hɔ?

1, 2. (a) Mfatoho bɛn na Yesu yɛe de sii nokware a Yudafo nyamesom akannifo anni no so dua? (b) Mmerantewaa ne mmabaawa ho asɛm bɛn na yebetumi asua afi Yesu mfatoho no mu?

BERE a ka nna kakraa bi ma Yesu awu no, obisaa Yudafo nyamesom akannifo kuw bi asɛm bi a ɛkanyan adwene. Ɔkae sɛ: “Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma! Na obuae sɛ: Wiɛ, owura, na wankɔ. Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri no, onuu ne ho, na ɔkɔe. Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ?” Na Yudafo akannifo no buae sɛ: “Nea odi akyiri no.”​—Mateo 21:​28-31.

2 Na Yesu resi nokware a na Yudafo akannifo no nni so dua wɔ ha. Na wɔte sɛ ɔbabarima a odi kan no, wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde nanso wɔanni wɔn bɔhyɛ no so. Nanso awofo pii behu sɛ na Yesu mfatoho no kyerɛ sɛ ɔte abusua asetra ase yiye. Sɛnea ɔdaa no adi yiye no, ɛtaa yɛ den sɛ wobehu nea mmofra redwen ho anaa nea wɔbɛyɛ. Abofra bi betumi ahaw adwene pii wɔ ne mmerante anaa ne mmabaa bere mu na afei wanyin abɛyɛ ɔpanyin pa a wobu no yiye. Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere a yesusuw asɛm a ɛne mmerantewaa ne mmabaawa atuatew ho no.

HENA NE OTUATEWFO?

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo pere wɔn ho ka sɛ abofra bi yɛ otuatewfo?

3 Ɛtɔ mmere bi a, ebia wɔbɛte mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu a wɔtew atua ankasa tia wɔn awofo ho asɛm. Ebia w’ankasa wunim abusua bi a ɛte sɛ nea wontumi nteɛ emu aberantewaa anaa ababaawa bi a onnii mfe aduonu. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu sɛ ebia abofra yɛ otuatewfo ankasa. Afei nso, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛte nea enti a mmofra bi tew atua na afoforo​—a wofi ofie koro no ara mpo mu​—nyɛ saa. Sɛ awofo susuw sɛ ebia wɔn mma no biako redan otuatewfo koraa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Sɛ yebebua a, ɛsɛ sɛ yedi kan ka onii ko a otuatewfo yɛ ho asɛm.

4-6. (a) Hena ne otuatewfo? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo ma ɛtra wɔn adwene mu bere a wɔn ba aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu yɛ asoɔden wɔ bere ne bere mu no?

4 Sɛ yɛbɛka no tiawa a, otuatewfo yɛ obi a ɔhyɛ da yɛ asoɔden anaa ɔko tia tumi a ɛkorɔn na obu no animtiaa bere nyinaa. Nokwarem no, ‘agyimisɛm wɔ abofra koma mu.’ (Mmebusɛm 22:​15) Enti mmofra nyinaa ko tia wɔn awofo ne afoforo tumi wɔ bere bi mu. Eyi yɛ nokware titiriw wɔ bere a wonyin wɔ honam ne nkate mu a wɔfrɛ no mmerante anaa mmabaa bere mu no. Onipa biara asetra mu nsakrae biara de adwennwene ba na mmerante anaa mmabaa bere de nsakrae pii ba. Wo babarima anaa wo babea a onnii mfe aduonu no renyin abɛyɛ ɔpanyin. Esiane eyi nti, ɛyɛ den ma awofo bi ne wɔn mmofra sɛ wobetumi abɔ wɔ mmofra no mmerante anaa mmabaa bere mu. Mpɛn pii no awofo fi nkate mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ nsakrae no ase, bere a mmofra a wonnii mfe aduonu pɛ sɛ enya nkɔanim ntɛmntɛm no.

5 Abofra a onnii mfe aduonu a ɔyɛ otuatewfo no pow n’awofo gyinapɛn ahorow. Nanso, kae sɛ asoɔden kakraa bi mma obi nyɛ otuatewfo. Ɛdefa honhom fam nneɛma ho no, ebia mfiase no mmofra bi renkyerɛ Bible mu nokware ho anigye kɛse anaa wɔrenkyerɛ ho anigye koraa, nanso ebia na wɔnyɛ atuatewfo. Sɛ ɔwofo no, nyɛ ntɛm nka sɛ wo ba no agye nsam.

6 So atua nko ara na mmofra nyinaa tew tia awofo tumi wɔ wɔn mmerante anaa mmabaa bere mu? Dabi, ɛnte saa koraa. Nokwarem no, ɛte sɛ nea adanse no kyerɛ sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu no mu kakraa bi pɛ na wɔtew atua kɛse wɔ wɔn mmerante anaa wɔn mmabaa bere mu. Na abofra a ɔsen ne kɔn tew atua bere nyinaa no nso ɛ? Dɛn na ebetumi de atuatew a ɛte saa no aba?

NEA ƐDE ATUATEW BA

7. Ɔkwan bɛn so na Satan wiase no betumi ama abofra atew atua?

7 Ade titiriw a ɛma obi tew atua ne Satan wiase no. “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:​19) Wiase a Satan di so tumi no anya subammɔne bi a ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia. (Yohane 17:​15) Saa suban no dodow no ara nye koraa, ɛde asiane kɛse ba, na ɛwɔ nkɛntɛnso bɔne pii nnɛ sen kan. (2 Timoteo 3:​1-5, 13) Sɛ awofo ankyerɛkyerɛ wɔn mma, ammɔ wɔn kɔkɔ ammɔ wɔn ho ban a, “honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu” no betumi abunkam wɔn so ntɛm. (Efesofo2:2) Nea ɛka eyi ho ne atipɛnfo nhyɛso. Bible ka sɛ: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:​20) Saa ara nso na ɛda adi sɛ wiase yi honhom betumi anya nea ɔne wɔn a wɔwɔ saa honhom no bɔ no so nkɛntɛnso. Sɛ mmofra hu sɛ nnyinasosɛm pa sodi ne asetra kwan a eye paa nnyinaso a, ɛbɛboa wɔn.​—Yesaia 48:​17, 18.

8. Nneɛma bɛn na ebetumi ama abofra atew atua?

8 Ade foforo a ɛde atuatew ba betumi ayɛ fie hɔ tebea. Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo no mu biako yɛ ɔsadweam, ɔnom nnubɔne, anaa ɔhwe ɔwofo foforo no a, ebetumi asɛe aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu adwene wɔ asetra ho. Wɔ afie a asomdwoe a ɛfata wom mpo mu no, abofra betumi atew atua bere a ɔte nka sɛ n’awofo nni ne ho anigye biara no. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na afoforo nneyɛe nti mmofra tew atua. Mmofra bi pow wɔn awofo gyinapɛn ahorow ɛmfa ho sɛ wɔwɔ awofo a wɔde nnyinasosɛm pa di dwuma na wɔbɔ wɔn ho ban kɛse wɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no mu no. Dɛn ntia? Ebia efi ade foforo a ɛde yɛn haw ba no​—ɔdesani sintɔ. Paulo kae sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:​12) Ná Adam yɛ otuatewfo pɛsɛmenkominyafo, na ɔde agyapade a enye gyaw n’asefo nyinaa. Mmofra binom paw sɛ wɔbɛtew atua kɛkɛ, sɛ nea wɔn nana yɛe no.

ELI A NA ƆYƐ ABAHYƐBƆNE NE REHABEAM A NA ƆYƐ KATEE NO

9. Nneɛma a wɔyɛ tra so wɔ abofra ntetee mu bɛn na ebetumi ama watew atua?

9 Ade foforo a ama mmofra a wonnii mfe aduonu tew atua ne mmofra ntetee ho adwene a ɛnkari pɛ a awofo wɔ no. (Kolosefo 3:​21) Awofo bi a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase de anohyeto ne nteɛso a emu yɛ den dodo ma wɔn mma. Afoforo nso ma wɔn mma mmerantewaa ne mmabaawa a wonni osuahu no yɛ nea wɔpɛ na wɔmfa akwankyerɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban mma. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ ade abien yi pɛpɛɛpɛ. Na ɛsono abofra biara ne n’ahiade. Ebia ebehia sɛ awofo no de wɔn ani si obiako so pii sen ɔfoforo. Nanso, Bible mu nhwɛso abien bɛboa yɛn ma yɛahu asiane ahorow a ɛwɔ katee a yɛbɛyɛ dodo anaa abahyɛbɔne a yɛbɛyɛ no mu.

10. Dɛn nti na ɛwom sɛ ebia na Eli yɛ sɔfopanyin nokwafo de, nanso na ɔnyɛ ɔwofo pa?

10 Na tete Israel sɔfopanyin Eli wɔ mma. Ɔsom mfe 40, na na akyinnye biara nni ho sɛ onim Onyankopɔn Mmara yiye. Ɛda adi sɛ Eli de nokwaredi kɛse yɛɛ n’asɔfodwuma a na ɔyɛ no daa no na ebia ɔkyerɛkyerɛɛ ne mma, Hofni ne Pinehas, Onyankopɔn Mmara fefeefe. Nanso, Eli korɔkorɔɔ ne mma no dodo. Hofni ne Pinehas somee sɛ asɔfo, nanso na wɔyɛ “mmahuhufo,” a na nea wɔn ani gye ho ara ne sɛ wobedwudwo wɔn akɔnnɔ ano. Nanso, bere a wɔyɛɛ animguasede wɔ kronkronbea no, Eli annya akokoduru annye wɔn dwumadi amfi wɔn nsam. Ɔkaa wɔn anim brɛoo kɛkɛ. Esiane sɛ Eli maa ne mma no yɛɛ nea wɔpɛ nti, odii wɔn ni sen Onyankopɔn. Ne saa nti, ne mma no tew atua tiaa Yehowa som a ɛho tew no na Eli fie nyinaa huu amane.​—1 Samuel 2:​12-17, 22-25, 29; 3:​13, 14; 4:​11-22.

11. Dɛn na awofo betumi asua afi Eli nhwɛso a ɛmfata no mu?

11 Ná Eli mma no yɛ mpanyimfo dedaw bere a nsɛm yi sisii no, nanso abakɔsɛm yi si asiane a ɛwɔ nteɛso a wɔmfa mma mu so dua. (Fa toto Mmebusɛm 29:​21 ho.) Ebia awofo binom bebu biribiara a wɔma ho kwan sɛ ɔdɔ a woyi no adi, wɔmfa ahyɛde a emu da hɔ na ɛfata mma, na wɔnhwɛ mma wonni so. Wɔmfa nteɛso a ɔdɔ wom mma bere a wobu nnyinasosɛm a eye so mpo no. Esiane sɛ wɔma wɔn mma yɛ nea wɔpɛ saa nti, ebia mmofra no remfa wɔn awofo tumi anaa tumi foforo biara nyɛ hwee.​—Fa toto Ɔsɛnkafo 8:​11 ho.

12. Mfomso bɛn na Rehabeam yɛe wɔ tumidi mu?

12 Rehabeam yɛ tumi ntraso ho nhwɛso. Na ɔne Israel ahemman a ɛyɛ biako no so hene a otwa to, nanso na ɔnyɛ ɔhene pa. Rehabeam bedii ɔman a na emu nnipa nni abotɔyam esiane nnesoa a ne papa Salomo de soaa wɔn nti no so. So Rehabeam daa ntease adi? Dabida. Bere a wotuu abɔfo kɔka kyerɛɛ no sɛ onyi nhyehyɛe ahorow a emu yɛ den no bi mfi wɔn so no, wantie afotu a n’afotufo mpanyimfo de ahokokwaw mae no, na ɔhyɛe sɛ wɔmma nnipa no kɔndua mu nyɛ duru nkyɛn sɛnea na ɛte kan no. N’ahantan no maa kusuu fam mmusuakuw du no tew atua, na ahemman no mu kyɛɛ abien.​—1 Ahene 12:​1-21; 2 Beresosɛm 10:19.

13. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi akwati Rehabeam mfomso no?

13 Awofo betumi asua nneɛma atitiriw bi afi nea Bible ka fa Rehabeam ho no mu. Ɛho hia sɛ ‘wɔhwehwɛ Yehowa’ wɔ mpaebɔ mu, de Bible nnyinasosɛm ahorow pɛɛpɛɛ akwan a wɔfa so tete wɔn mma no mu. (Dwom 105:4) Ɔsɛnkafo 7:7 ka sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.” Anohyeto ahorow a wɔasusuw ho yiye a wɔde ma no ma mmerantewaa ne mmabaawa tumi nyin bere a wɔbɔ wɔn ho ban wɔ nneɛma a ebetumi apira wɔn ho no. Nanso ɛnsɛ sɛ mmofra tra tebea a ɛyɛ katee dodo a ɛmma wɔn ankasa nnya ahotoso a ɛfata mu. Sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkari pɛ wɔ hokwan a ɛfata ne anohyeto pefee a wɔde ma mu a, mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu dodow no ara rente nka kɛse sɛ wɔbɛtew atua.

AHIADE ATITIRIW A WƆDE MA BETUMI ASIW ATUATEW ANO

Ɛda adi sɛ mmofra benyin abɛyɛ nnipa a wosi pi, sɛ wɔn awofo boa wɔn ma wogyina wɔn mmofraberem ɔhaw ahorow ano a

14, 15. Ɛsɛ sɛ awofo bu nyin a wɔn ba renyin no dɛn?

14 Ɛwom sɛ awofo ani gye sɛ wobehu sɛ wɔn ba fi ne mmofraase anyin abɛyɛ ɔpanyin de, nanso sɛ wɔn ba aberantewaa anaa ababaawa fi ase hwehwɛ ahofadi a ɛfata a, ebetumi ahaw wɔn. Wɔ nsakrae bere yi mu no, sɛ ɛtɔ mmere bi na wo ba aberantewaa anaa ababaawa a onnii mfe aduonu no sen ne kɔn anaa ɔne wo anyɛ biako a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa. Ma ɛntra w’adwenem sɛ botae a ɛsɛ sɛ awofo Kristofo de si wɔn anim ne sɛ wɔbɛtete Kristoni pa a ne ho akokwaw na osi pi.​—Fa toto 1 Korintofo 13:​11; Efesofo 4:​13, 14 ho.

15 Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den de, nanso ɛho hia sɛ awofo gyae sɛ bere biara a wɔn mma mmerantewaa anaa mmabaawa bɛhwehwɛ ahofadi kɛse kakra no, wɔbɛka sɛ dabi. Ɛho hia sɛ abofra nyin sɛ obi a ɔda nsow wɔ ɔkwan pa so. Nokwarem no, mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu mu binom fi ase yɛ wɔn ade kɛse sɛ mpanyimfo wɔ wɔn mmofraberem. Sɛ nhwɛso no, Bible ka Ɔhene kumaa Yosia ho asɛm sɛ: “Ɔda so yɛ abofra [a wadi bɛyɛ mfe 15] no, ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn.” Na abofra a ɔda nsow yi yɛ obi a otumi di asɛyɛde ho dwuma.​—2 Beresosɛm 34:​1-3.

16. Sɛ wɔma mmofra asɛyɛde a ɛdɔɔso a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohu?

16 Nanso, ahofadi ne akontaabu na ɛnam. Enti, ma wo ba a ɔrenyin ayɛ ɔpanyin no kwan ma onhu nea ne gyinaesi ne ne nneyɛe de ba no bi. Nnyinasosɛm a ɛne sɛ “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa” no fa mmerantewaa ne mmabaawa a wonnii mfe aduonu ne mpanyimfo nyinaa ho. (Galatifo 6:7) Wuntumi mmɔ wo mma ho ban daa. Na sɛ wo ba no pɛ sɛ ɔyɛ biribi a enye koraa nso ɛ? Sɛ ɔwofo pa no, ɛsɛ sɛ woka sɛ “Dabi.” Na ɛwom sɛ wubetumi akyerɛ nea enti a woka saa de, nanso ɛnsɛ sɛ woma biribiara sakra wo dabi no ma ɛyɛ yiw. (Fa toto Mateo 5:​37 ho.) Nanso, bɔ mmɔden sɛ wode odwo ne ntease bɛka “Dabi,” efisɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.”​—Mmebusɛm 15:1.

17. Aberantewaa anaa abaabawa ahiade ahorow a ɛsɛ sɛ ɔwofo de ma no bi ne dɛn?

17 Mmofra hia nteɛso a wɔde ma bere nyinaa na abɔ wɔn ho ban no, ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wobegye anohyeto ne ahyɛde horow no atom ntɛm ara de. Sɛ ɔwofo gyina sɛnea ɔte nka bere biara so sakra ahyɛde horow mu mpɛn pii a, ɛde abasamtu ba. Afei nso, sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu nya nkuranhyɛ ne mmoa a wohia de gyina wɔn ho mu ahotoso a wonni ne fɛre ano a, wobetumi anyin ayɛ wɔn a wosi pi kɛse. Sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu hu sɛ wogye wɔn di a, wɔn ani sɔ.​—Fa toto Yesaia 35:​3, 4; Luka 16:​10; 19:​17 ho.

18. Mmerantewaa ne mmaabaawa ho nokwasɛm ahorow a ɛhyɛ nkuran no bi ne dɛn?

18 Awofo betumi anya awerɛkyekye bere a wohu sɛ sɛ asomdwoe, ahotɔ, ne ɔdɔ wɔ abusua no mu a, mmofra no taa nyin fɛw so no. (Efesofo 4:​31, 32; Yakobo 3:​17, 18) Mmofra pii atumi agyina ofie tebea bɔne mpo ano, wofi afie a asanom bebrebe, basabasayɛ, anaa nkɛntɛnso bɔne afoforo bi wom mu anyin abɛyɛ mpanyin pa. Enti, sɛ woma fie hɔ bɛyɛ beae a mmerantewaa ne mmaabawa a wonnii mfe aduonu te ahobammɔ nka na wonim sɛ wɔbɛdɔ wɔn ahwɛ wɔn​—sɛ anohyeto ne nteɛso a ɛfata a ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm hyia ka saa mmoa no ho mpo​—a, ɛda adi sɛ wobenyin abɛyɛ mpanyimfo a w’ani begye wɔn ho.​—Fa toto Mmebusɛm 27:​11 ho.

BERE A MMOFRA TƆ ƆHAW MU

19. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ abofra ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so de, nanso asɛyɛde bɛn na abofra no wɔ?

19 Ɛda adi sɛ ntetee pa tumi kyerɛ nea abofra bɛyɛ. Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Na mmofra a wohyia ɔhaw a emu yɛ den bere mpo a wɔwɔ awofo pa no nso ɛ? So ebetumi aba saa? Yiw. Ɛsɛ sɛ yesusuw nkyekyem foforo a esi so dua sɛ ɛyɛ abofra no asɛyɛde sɛ ‘otie’ n’awofo no ho na ama yɛate mmebusɛm no ase. (Mmebusɛm 1:8) Sɛ biakoyɛ bɛtra abusua no mu a, ɛsɛ sɛ ɔwofo no ne abofra no nyinaa yɛ biako de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma. Sɛ awofo ne mmofra ammom anyɛ ade a, ɛde nsɛnnennen bɛba.

20. Sɛ abofra yɛ bɔne esiane sɛ wɔansusuw nneɛma ho nti a, dɛn na nyansa wom sɛ awofo yɛ?

20 Sɛ abofra di mfomso na onya asɛm a, ɛsɛ sɛ awofo yɛ wɔn ade dɛn? Saa bere no titiriw na abofra no hia mmoa. Sɛ awofo kae sɛ wɔne abofra a onni osuahu na ɛredi nsɛm a, ɛbɛma wɔako atia su a ɛbɛma wɔayɛ ade atra so no kɛse. Paulo tuu asafo no mufo a wɔn ho akokwaw no fo sɛ: “Sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” (Galatifo 6:1) Awofo betumi afa saa ɔkwan yi ara so bere a wɔne abofra a nneɛma ho a onsusuw nti odi mfomso redi no. Bere a awofo rekyerɛkyerɛ nea enti a ne suban no mfata ne sɛnea ɔbɛkwati saa mfomso no mu pefee no, ɛsɛ sɛ wɔda no adi pefee sɛ subammɔne no na enye na ɛnyɛ abofra no.​—Fa toto Yuda 22, 23 ho.

21. Bere a awofo di Kristofo asafo no nhwɛso akyi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade dɛn bere a wɔn mma yɛ bɔne a anibere wom no?

21 Na sɛ abofra no amumɔyɛ no yɛ nea anibere wom nso ɛ? Wɔ eyi mu no, abofra no hia mmoa soronko ne akwankyerɛ a etu mpɔn. Sɛ asafo no muni yɛ bɔne a anibere wom a, wɔhyɛ no nkuran sɛ ɛsɛ sɛ onu ne ho na okogye mmoa fi mpanyimfo no hɔ. (Yakobo 5:​14-16) Sɛ onu ne ho pɛ a, mpanyimfo no ne no bom yɛ adwuma na ama wasan anya honhom mu ahoɔden. Wɔ abusua no mu no, mmoa a wɔde bɛma abofra a wayɛ bɔne no ho asɛyɛde da awofo no so, ɛwom sɛ ebia ɛho behia sɛ wɔne mpanyimfo no susuw asɛm no ho de. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɔne ahorow biara a anibere wom a wɔn mma no biako yɛ no behintaw mpanyimfo kuw no.

22. Bere a awofo suasua Yehowa no, su bɛn na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda no adi bere a wɔn mma ayɛ bɔne a anibere wom no?

22 Sɛ obi ankasa mma yɛ bɔne a anibere wom a, ɛhaw adwene yiye. Esiane sɛ awofo no ayɛ basaa nti, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔde abufuw behunahuna abofra ɔsowuifo no; nanso nea eyi betumi ayɛ ara ne sɛ ɛbɛhyɛ no ahometew. Ma ɛntra w’adwenem sɛ abofra yi daakye betumi agyina sɛnea woyɛ no wɔ bere a emu yɛ den yi mu so. Kae sɛ na Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde befiri ne nkurɔfo bere a wɔyɛɛ nea ɛnteɛ no​—sɛ wonu wɔn ho nkutoo a. Tie nsɛm a ɔde ɔdɔ kae yi: “Mommra mma yenni ɛ, Awurade na ose; sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma, sɛ ɛbere sɛ nkranhoma a, ɛbɛyɛ sɛ oguan nhwi.” (Yesaia 1:​18) Nhwɛso pa ma awofo bɛn ara ni!

23. Ɛsɛ sɛ awofo yɛ wɔn ade dɛn bere a wɔn mma biako yɛ bɔne a anibere wom no, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkwati?

23 Enti, bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ ɔsowuifo no nkuran ma wasakra ne kwan. Hwehwɛ afotu pa fi awofo a wɔn ho akokwaw ne asafo mu mpanyimfo no hɔ. (Mmebusɛm 11:​14) Bɔ mmɔden sɛ woremfa nkate nyɛ ade, na nka anaa nyɛ nneɛma a ɛbɛma ayɛ den ama wo ba no sɛ ɔbɛsan aba wo nkyɛn. Kwati abufuw ne ɛyawdi ntraso. (Kolosefo 3:8) Mpa abaw ntɛm. (1 Korintofo 13:​4, 7) Bere a wukyi bɔne no, kwati sɛ wobɛbɔ wo ba no atirimɔden afa ne ho abufuw. Nea ehia titiriw no, ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn gyidi akɔ so ayɛ den wɔ Onyankopɔn mu.

OTUATEWFO A WAPIRIM NE KOMA A WUBEDI NE HO DWUMA

24. Awerɛhosɛm bɛn na ɛtɔ mmere bi a esi Kristofo abusua mu, na ɛsɛ sɛ awofo di ho dwuma dɛn?

24 Wɔ nsɛm bi mu no, ɛda adi sɛ abofra bi asi gyinae pefee sɛ ɔbɛtew atua na wapow Kristofo gyinapɛn ahorow koraa. Ɛnde ɛsɛ sɛ wodan adwene no si mmofra a aka no abusua asetra a wobɛhyehyɛ so. Hwɛ yiye na woamfa w’ahoɔden nyinaa anni otuatewfo no ho dwuma ma woammu w’ani angu mmofra a aka no so. Sɛ anka wobɛbɔ mmɔden de ɔhaw no ahintaw abusua no mufo a aka no, wo ne wɔn nsusuw asɛm no ho nkodu baabi a ɛfata wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanya awerɛhyem so.​—Fa toto Mmebusɛm 20:​18 ho.

25. (a) Bere a awofo di Kristofo asafo no nhwɛso akyi no, ɔkwan bɛn na wobetumi afa so ayɛ wɔn ade bere a wɔn ba dan otuatewfo a ɔsen ne kɔn no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo ma ɛtra wɔn adwenem bere a wɔn mma biako atew atua no?

25 Ɔsomafo Yohane kaa obi a wadan otuatewfo a wapirim ne koma wɔ asafo no mu ho asɛm sɛ: “Munnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!” (2 Yohane 10) Ebia awofo bɛte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ wɔn ankasa ba a wobu no sɛ wanyin a ɔdan otuatewfo koraa no saa ara. Ɛwom sɛ adeyɛ a ɛte saa betumi ayɛ den na ahaw adwene de, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛho hia na woabɔ abusua no mufo a aka no ho ban. Ɛho hia sɛ wokɔ so bɔ wo fiefo ho ban na wohwɛ wɔn. Enti, kɔ so fa abrabɔ ho anohyeto a emu da hɔ pefee nanso ntease wom ma. Wo ne mmofra afoforo no mmɔ nkɔmmɔ. Kyerɛ wɔn mmɔdenbɔ wɔ sukuu ne asafo no mu ho anigye. Afei nso, ma wonhu sɛ ɛwom mpo sɛ w’ani nnye abofra tuatewfo no nneyɛe ho de, nanso wontan no. Kasa tia adebɔne no mmom na ɛnyɛ abofra no, Bere a Yakob mmabarima baanu atirimɔdenne maa wɔn abusua no ho yɛɛ ahi no, Yakob kasa tiaa wɔn abufuhyew no, na ɛnyɛ ne mma no ankasa.​—Genesis 34:​1-31; 49:​5-7.

26. Sɛ awofo mmɔdenbɔfo mma biako tew atua a, dɛn na ebetumi ama wɔanya awerɛkyekye?

26 Wubetumi ate nka sɛ nea asi wɔ w’abusua mu no ho asodi da wo so. Nanso sɛ wonam mpaebɔ so ayɛ nea wubetumi nyinaa, adi Yehowa afotu so sɛnea wubetumi a, ɛho nhia sɛ wokasa tia wo ho wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Ma nokwasɛm no nkyekye wo werɛ sɛ obiara ntumi nyɛ ɔwofo a ɔyɛ pɛ, nanso bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ɔwofo pa. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:​26 ho.) Ɛyɛ awerɛhosɛm paa sɛ wubenya otuatewfo a wasen ne kɔn wɔ w’abusua mu, nanso sɛ wunya bi a, nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn te ase na ɔmpow n’asomfo a wɔwɔ ahofama da. (Dwom 27:​10) Enti si nketekrakye sɛ wobɛma wo fie ayɛ baabi a ahotɔ wɔ, beae a wo mma biara a wɔaka no te honhom mu ahobammɔ nka.

27. Sɛ awofo a wɔn ba atew atua kae ɔba hohwini no ho bɛ no a, dɛn na wobetumi anya mu anidaso bere nyinaa?

27 Afei nso, ɛnsɛ sɛ wopa abaw da. Awiei koraa no, mmɔden a wudii kan bɔe sɛ wode ntetee pa bɛma no betumi aka abofra a wafom kwan no koma ma n’ani aba ne ho so. (Ɔsɛnkafo 11:6) Kristofo mmusua bi anya osuahu a woanya no bi, na ebinom ahu sɛ mma asowuifo no asan aba, sɛnea agya a ɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho mu no hui no. (Luka 15:​11-32) Ebetumi aba saa ara wɔ wo fam.