Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANUM

Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase

Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase

1, 2. Ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ mmoa a wɔde bɛtete wɔn mma fi hena hɔ?

ƆWOFO bi a ɔwɔ anisɔ kaa bɛyɛ mfe 3,000 ni sɛ: “Awurade agyapade ne mmabanin.” (Dwom 127:3) Nokwarem no, ɔwofoyɛ mu anigye yɛ akatua a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛwɔ hɔ ma awarefo dodow no ara. Nanso, ɛnkyɛ na wɔn a wɔwɔ mma no ahu sɛ awofo a wɔyɛ no ma wonya asɛyɛde ka anigye no ho.

2 Mmofra ntetee yɛ adwumaden wɔ nnɛ bere yi mu titiriw. Nanso, nnipa pii atumi ayɛ ma ayɛ yiye, na odwontofo a wɔde honhom kaa no no kyerɛ ɔkwan a wɔfaa so no: “Sɛ Awurade ansi dan no a, wɔn a wosi no yɛ ho adwuma kwa.” (Dwom 127:1) Dodow a wudi Yehowa akwankyerɛ akyi pɛɛ no, dodow no ara na wobɛyɛ ɔwofo pa. Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata Awurade ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.” (Mmebusɛm 3:5) So wopɛ sɛ wubetie Yehowa afotu bere a woyɛ wo mfe 20 mmofra ntetee adwuma no?

NEA BIBLE KA A WUBEGYE ATOM

3. Asɛyɛde bɛn na agyanom wɔ wɔ mmofra ntetee mu?

3 Wɔ afie pii mu wɔ wiase nyinaa no, mmarima bu mmofra ntetee sɛ ɔbea adwuma titiriw. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ agya no asɛyɛde titiriw ne sɛ ɔbɛbɔ akɔnhama. Nanso, ɛsan ka sɛ ɔwɔ asɛyɛde ahorow wɔ fie. Bible ka sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi.” (Mmebusɛm 24:​27) Wɔ Onyankopɔn fam no, agya ne ɛna na wɔtete abofra.​—Mmebusɛm 1:​8, 9.

4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu ɔbabarima sɛ ɔkorɔn sen ɔbabea?

4 Wubu wo mma dɛn? Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ “wɔntaa nkyerɛ mmabea awo ho anigye” wɔ Asia. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔda so ara bu ani gu mmeawa so wɔ Latin Amerika, wɔ “mmusua a wɔn ani abue kɛse” mpo mu. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ mmeawa nyɛ mmofra mpapahwekwa. Yakob, agya bi a na ɔwɔ din wɔ tete mmere no mu, kaa ne mma nyinaa, a ne mmabea a na wawo wɔn saa bere no nyinaa ka ho, ho asɛm sɛ “mma a Onyankopɔn de adom [me].” (Genesis 33:​1-5; 37:​35) Saa ara nso na Yesu hyiraa “mmofraa” (mmarimaa ne mmeawa) a wɔde wɔn brɛɛ no nyinaa. (Mateo 19:​13-15) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔdaa Yehowa adwene adi.​—Deuteronomium 16:14.

5. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo susuw ho bere a wɔresi sɛnea wɔn abusua kɛse bɛyɛ ho gyinae no?

5 So wo mpɔtam hɔfo hwɛ kwan sɛ ɔbea bɛwo pii sɛnea obetumi? Ɛfata sɛ awarefo ankasa na wosi mma dodow a wɔbɛwo no ho gyinae. Na sɛ awofo nni nea wɔde bɛtɔ aduan ne atade ama mmofra pii na wɔahwɛ wɔn sukuu nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ awarefo no susuw eyi ho bere a wɔresi wɔn abusua no kɛse ho gyinae no. Awarefo binom a wontumi nhwɛ wɔn mma nyinaa de asɛyɛde no to wɔn abusuafo so sɛ wɔntete wɔn mu binom. So adeyɛ yi fata? Ɛnte saa ankasa. Na enyi mmofra no ho asɛyɛde mfi wɔn awofo so. Bible ka sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Awarefo a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn “fifo” dodow ho nhyehyɛe na ama wɔatumi ‘ahwɛ wɔn ankasa nnipa.’ So wobetumi asua sɛnea wosiw awo ano na wɔatumi ayɛ saa? Ɛno nso yɛ awarefo no ankasa gyinaesi, na sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛyɛ saa a, wɔn ankasa na wɔbɛpaw nnuru a wɔde besiw awo no ano. “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.” (Galatifo 6:5) Nanso, awo anosiw biara a ɛma wotu nyinsɛn gu ne Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ abira. Yehowa Nyankopɔn ne “nkwa nsuti.” (Dwom 36:9) Enti, sɛ wosɛe nkwa bi bere a woanyinsɛn no no a, ɛbɛkyerɛ sɛ wunni obu koraa ma Yehowa na ɛyɛ awudi.​—Exodus 21:​22, 23; Dwom 139:​16; Yeremia 1:5.

WO BA AHIADE AHOROW A WUBEDI HO DWUMA

6. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wofi ase tete abofra?

6 Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so.” Mmofra ntetee yɛ awofo adwuma titiriw foforo. Nanso, bere bɛn na ɛsɛ sɛ wofi saa ntetee no ase? Ɛsɛ sɛ wofi ase ntɛm. Ɔsomafo Paulo kae sɛ wɔtetee Timoteo ‘fii ne mmofraase.’ (2 Timoteo 3:​15) Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ akokoaa ketewaa anaa akokoaa a wɔyem no mpo. (Luka 1:​41, 44; Asomafo no Nnwuma 7:​18-20) Enti, wɔtetee Timoteo fi bere a na osua koraa no—na ɛteɛ sɛ wɔyɛɛ saa. Mmofraase ne bere pa a ɛsɛ sɛ wofi ase tete abofra. Akokoaa ketewaa mpo pɛ sɛ onya nimdeɛ.

7. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo baanu no nyinaa ne abofra no nya abusuabɔ a emu yɛ den? (b) Abusuabɔ bɛn na na ɛda Yehowa ne ne Ba a ɔwoo no koro no ntam?

7 Ɛna bi ka sɛ: “Bere a edi kan a mihuu me ba no, minyaa ɔdɔ maa no.” Saa na ɛnanom dodow no ara yɛ. Ɛna ne akokoaa ntam ayɔnkofa fɛfɛ yi mu yɛ den bere a ɔhwɛ no wɔ awo no akyi no. Nufu a ɔma no no ma saa abusuabɔ no mu yɛ den. (Fa toto 1 Tesalonikafo 2:7 ho.) Akokoaa a ne maame bɛkorɔkorɔ no na wakasa akyerɛ no no ho hia na wadi akokoaa no nkate mu ahiade ho dwuma. (Fa toto Yesaia 66:​12 ho.) Na agya no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔno nso ne ne ba foforo no nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Yehowa ankasa yɛ eyi ho nhwɛso. Yehu Yehowa ne ne Ba a ɔwoo no koro a wɔkyerɛ sɛ ɔka sɛ: “Awurade bɔɔ me de fii n’adwuma ase . . . meyɛ n’adɔde daa” no ntam abusuabɔ wɔ Mmebusɛm nhoma no mu. (Mmebusɛm 8:​22, 30; Yohane 1:​14) Saa ara nso na agya pa ne ne ba nya abusuabɔ a emu yɛ hyew na ɔdɔ wom fi abofra no asetra mfiase pɛɛ. Ɔwofo bi ka sɛ: “Nya ɔdɔ pii ma no. Abofra biara nni hɔ a atuu a wɔyɛ no ne n’ano a wofew akum no da.”

8. Nneɛma a ɛkanyan adwene bɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ ma mmofra ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara?

8 Nanso nkokoaa hia nneɛma pii sen saa. Efi bere a wɔwo wɔn ara pɛ no, wɔn amemene yɛ krado sɛ ebegye nsɛm de asie, na awofo titiriw na wɔde eyi ma. Fa kasa sɛ nhwɛso. Nhwehwɛmufo ka sɛ wosusuw sɛ sɛ abofra betumi akasa akenkan ade yiye a, “egyina sɛnea abofra no ne n’awofo dii nkitaho wɔ ne mmofraase no so kɛse.” Kasa na kenkan ade kyerɛ wo ba no fi bere a ɔyɛ akokoaa no. Wɔ bere tiaa bi akyi no, ɔbɛpɛ sɛ osuasua wo, na ɛnkyɛ na woakyerɛ no akenkan. Ebetumi aba sɛ obetumi akenkan ade ansa na wafi sukuu ase. Sɛ wote ɔman a akyerɛkyerɛfo nnɔɔso wom na nnipa akyere so wɔ sukuu adan mu mu a, eyi betumi aboa titiriw.

9. Botae a ɛho hia paa bɛn na ɛho hia sɛ awofo kae?

9 Awofo a wɔyɛ Kristofo ahiasɛm titiriw ne wɔn ba honhom fam ahiade a wobedi ho dwuma. (Hwɛ Deuteronomium 8:3.) Atirimpɔw bɛn nti na wɔyɛ saa? Wɔbɛboa wɔn ba no ma wanya Kristo nipasu, nokwarem no, ma wahyɛ “nipasu foforo no.” (Efesofo 4:​24, NW) Eyi nti, ɛho hia sɛ wosusuw nneɛma pa a ebetumi ama wɔayɛ saa ne akwan pa a wɔbɛfa so ayɛ ho.

FA NOKWARE NO DUA WO BA MU

10. Su ahorow bɛn na ɛho hia sɛ mmofra nya?

10 Ɛbo a ɔdan som no gyina nneɛma a wɔde sii no so titiriw. Ɔsomafo Paulo kae sɛ nneɛma a eye paa a wɔde hyehyɛ Kristofo nipasu ne “sika, dwetɛ, abo pa.” (1 Korintofo 3:​10-12) Eyinom yɛ su horow te sɛ gyidi, nyansa, nhumu, nokwaredi, obu, ne ɔdɔ mu a wofi kyerɛ Yehowa ne ne mmara ahorow ho anisɔ ho mfonini. (Dwom 19:​7-11; Mmebusɛm 2:​1-6; 3:​13, 14) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma afi wɔn mmofraase pɛɛ ma wɔanya su horow yi? Wɔnam ɔkwan bi a wɔkaa ho asɛm bere tenten ni a wɔbɛfa so no so.

11. Ɔkwan bɛn so na Israelfo awofo boaa wɔn mma ma wonyaa nipasu a eye?

11 Aka bere tiaa bi ma Israel man adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo a na wɔyɛ awofo sɛ: “Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:​6, 7) Yiw, ɛho hia sɛ awofo yɛ nhwɛsofo, ayɔnkofo, nkɔmmɔbɔfo, ne akyerɛkyerɛfo.

12. Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo yɛ nhwɛso pa?

12 Yɛ nhwɛso. Nea edi kan no, Yehowa kae sɛ: “Nsɛm yi . . . nna wo koma so.” Afei, ɔka kaa ho sɛ: “Fa kyerɛkyerɛ wo mma.” Enti ɛsɛ sɛ su pa di kan tra ɔwofo no komam. Ɛsɛ sɛ ɔwofo no dɔ nokware no na ɔde yɛ n’asetra kwan. Ɔnam saayɛ nkutoo so na obetumi adu abofra no komam. (Mmebusɛm 20:7) Dɛn ntia? Efisɛ nea mmofra hu nya wɔn so nkɛntɛnso sen nea wɔte.​—Luka 6:​40; 1 Korintofo 11:1.

13. Ɔkwan bɛn so na awofo Kristofo betumi asuasua Yesu nhwɛso no wɔ wɔn ani a wɔbɛma aku wɔn mma ho no mu?

13 Yɛ ɔyɔnko. Yehowa ka kyerɛɛ awofo a na wɔwɔ Israel sɛ: ‘Mo ne mo mma nkasa wɔ mo afitra ne mo kwan so nantew mu.’ Eyi hwehwɛ sɛ awofo nya bere ma wɔn mma, ɛmfa ho sɛ wonni adagyew. Ɛda adi sɛ Yesu tee nka sɛ ɛfata sɛ onya bere ma mmofra. Wɔ ne som adwuma no nna a etwa to mu no, “wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so.” Dɛn na Yesu yɛe? “Ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” (Marko 10:​13, 16) Susuw ho, na Yesu nkwa nna mu bere a etwa to no reba awiei ntɛmntɛm. Nanso, onyaa bere maa mmofra yi na ɔhwɛɛ wɔn. Asuade a ɛfata bɛn ara ni!

14. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ awofo benya bere ama wɔn mma?

14 Yɛ nkɔmmɔbɔfo. Bere a wubenya ama wo ba no bɛboa wo ma wo ne no abɔ nkɔmmɔ. Dodow a mobɔ nkɔmmɔ no, dodow no ara na wubehu sɛnea ne nipasu renyin no yiye. Nanso, kae sɛ nkɔmmɔbɔ nyɛ kasa kɛkɛ. Ɛna bi a ɔwɔ Brazil kae sɛ: “Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea wotie asɛm, mede me koma tie asɛm.” Ne boasetɔ no sow aba bere a ne babarima no fii ase kaa ne nkate ho asɛm kyerɛɛ no no.

15. Dɛn na ɛho hia sɛ wɔkae wɔ agodie ho?

15 Mmofra ‘hia bere a wɔde bɛserew ne bere a wɔde behuruhuruw,’ ahomegye bere. (Ɔsɛnkafo 3:​1, 4; Sakaria 8:5) Sɛ awofo ne mmofra bom di agoru a, ɛso ba mfaso yiye. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔ afie pii mu no ahomegye kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ television. Ɛwom sɛ television so dwumadi ahorow bi betumi ayɛ anigye de, nanso pii sɛe suban pa, na television hwɛ ntaa mma wɔmmɔ nkɔmmɔ wɔ abusua mu. Enti, dɛn nti na wo ne wo mma mfa mo ankasa adwene nyɛ biribi? Monto nnwom, munni agoru, mo ne mo nnamfo mmom nyɛ ade, monkɔhwɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anigye. Nneɛma a ɛte saa no ma mutumi bɔ nkɔmmɔ.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma fa Yehowa ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no?

16 Yɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Yehowa kae sɛ: “Fa [nsɛm yi] kyerɛkyerɛ wo mma.” Nsɛm foforo a ɛka ho no kyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ. Nea edi kan no, “fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Afei, ‘fa nsɛm yi dua wɔn mu.’ Fa nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔafi wɔn kra nyinaa mu adɔ Yehowa ne ne mmara ahorow ma. (Fa toto Hebrifo 8:​10 ho.) Asɛmfua “dua” no kyerɛ ntimu so a wɔnam kyerɛkyerɛ. Enti, nokwarem no, Yehowa ka kyerɛ wo sɛ ɔkwan titiriw a wobɛfa so aboa wo mma ma wɔanya nipasu pa ne sɛ wobɛka ne ho asɛm bere nyinaa. Bible adesua a wo ne wɔn bɛyɛ daa ka eyi ho.

17. Dɛn na ebia ebehia sɛ awofo ma wɔn ba nya wɔ ne mu? Dɛn ntia?

17 Awofo dodow no ara nim sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔde nsɛm bɛhyɛ abofra komam. Ɔsomafo Petro hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn.” (1 Petro 2:2) Asɛmfua “mompɛ” no kyerɛ sɛ nnipa pii mfi awosu mu nnya honhom fam aduan ho akɔnnɔ. Ebia ɛho behia sɛ awofo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ama wɔn ba anya saa akɔnnɔ no.

18. Akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe a wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wonsuasua no bi ne nea ɛwɔ he?

18 Yesu duu koma mu denam mfatoho ahorow a ɔde dii dwuma no so. (Marko 13:​34; Luka 10:​29-37) Saa ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi tu mpɔn wɔ mmofra fam. Kyerɛkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow denam nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ anigye, te sɛ nea ɛwɔ Me nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma mu a wode bedi dwuma no so. * Ma mmofra no mfa wɔn ho nhyem. Ma wɔmfa wɔn ankasa adwene nyɛ Bible mu nsɛm ho mfonini ne ɔyɛkyerɛ. Yesu de nsɛmmisa nso dii dwuma. (Mateo 17:​24-27) Suasua ɔkwan a ɔfaa so no bere a moyɛ mo abusua adesua no. Sɛ anka wobɛka Onyankopɔn mmara bi kɛkɛ no, bisa nsɛm te sɛ, Dɛn nti na Yehowa de mmara yi maa yɛn? Sɛ yedi so a, dɛn na ɛbɛba? Sɛ yɛanni so a, dɛn na ɛbɛba? Nsɛmmisa a ɛte saa no boa mmofra ma wodwen na wohu sɛ Onyankopɔn mmara ahorow ye.​—Deuteronomium 10:13.

19. Sɛ awofo di Bible mu nnyinasosɛm ahorow akyi bere a wɔne wɔn mma di a, mfaso akɛse bɛn na mmofra no benya?

19 Sɛ woyɛ nhwɛsofo, ɔyɔnko, nkɔmmɔbɔfo, ne ɔkyerɛkyerɛfo a, wubetumi aboa wo ba ma ɔne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den fi ne mmofraase pɛɛ. Saa abusuabɔ yi bɛhyɛ wo ba no nkuran ma n’ani agye sɛ Kristoni. Ɔbɛbɔ mmɔden atra ase ma ɛne ne gyidi ahyia bere a ohyia atipɛnfo nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow mpo. Boa no bere nyinaa ma ɔnkyerɛ saa abusuabɔ a ɛsom bo yi ho anisɔ.​—Mmebusɛm 27:11.

HIA A NTEƐSO HO HIA

20. Dɛn ne nteɛso, na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma dɛn?

20 Nteɛso yɛ ntetee a esiesie adwene ne koma no. Mmofra hia bere nyinaa. Paulo tu agyanom fo sɛ ‘wɔnyɛn wɔn mma Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’ (Efesofo 6:4) Ɛsɛ sɛ awofo de nteɛso ma wɔ ɔdɔ mu, sɛnea Yehowa yɛ no. (Hebrifo 12:​4-11) Yebetumi de nteɛso a egyina ɔdɔ so ama denam nneɛma ho a yesusuw so. Enti, wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yentie nteɛso.’ (Mmebusɛm 8:​33) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde nteɛso ma?

21. Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ awofo ma ɛtra wɔn adwenem bere a wɔde nteɛso rema wɔn mma no?

21 Awofo binom susuw sɛ nea nteɛso a wɔde bɛma wɔn mma kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛteɛteɛm agu wɔn so, wɔbɛka wɔn anim, anaa wɔbɛyeyaw wɔn mpo. Paulo de kɔkɔbɔ ma wɔn wɔ asɛnkoro no ara ho: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw.” (Efesofo 6:4) Wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ ‘wonnwo mma nnipa nyinaa, na wɔmfa odwo nkasa nkyerɛ wɔn a wɔne wɔn di asi.’ (2 Timoteo 2:​24, 25) Bere a awofo Kristofo hu sɛ ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ wɔgow wɔn nsam no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nsɛm yi atra wɔn adwene mu bere a wɔde nteɛso ma wɔn mma no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛnnɔɔso sɛ mo ne wɔn besusuw nneɛma ho, ebia asotwe bi ho behia.​—Mmebusɛm 22:15.

22. Sɛ ɛho hia sɛ wɔde asotwe ma abofra a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ɔte ase?

22 Abofra biara ne nteɛso a ɛfata no. ‘Nsɛm kɛkɛ ntumi nteɛ ebinom so.’ Wɔn de, asoɔden ho asotwe a wɔde ma wɔn wɔ bere ne bere mu no betumi agye wɔn nkwa. (Mmebusɛm 17:​10; 23:​13, 14; 29:​19) Nanso, ɛsɛ sɛ abofra hu nea enti a wɔretwe n’aso. “Abaa ne animka ma nyansa.” (Mmebusɛm 29:​15; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Hiob 6:​24) Afei nso, asotwe wɔ anohyeto. Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mɛteɛ wo so sɛ ɛfata.” (Yeremia 46:​28b; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no) Bible no mpene so koraa sɛ wɔde abufuw bɛhwe abofra anaa wɔbɛhwe no pasaa, a ɛma opira mpo no.​—Mmebusɛm 16:32.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ abofra tumi hu bere a n’awofo twe n’aso no?

23 Bere a Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ ɔde nteɛso bɛma wɔn no, odii kan kae sɛ: “Nsuro . . . na midi w’akyi.” (Yeremia 46:​28a) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ nteɛso a awofo de ma, ɛmfa ho sɛnea ɛte no, ma abofra bi te nka da sɛ wɔapow no. (Kolosefo 3:​21) Mmom no, ɛsɛ sɛ abofra no te nka sɛ ɔwofo no de nteɛso ma efisɛ ‘odi n’akyi,’ ɔwɔ n’afa.

BƆ WO BA HO BAN FI ASIANE HO

24, 25. Ahude a mmofra hia ahobammɔ wɔ ho nnansa yi no biako ne dɛn?

24 Mpanyimfo pii bu kɔmpɔ hwɛ wɔn mmofraberem sɛ anigye bere. Wɔkae sɛnea na wɔte ahobammɔ nka, awerɛhyem a ɛne sɛ wɔn awofo bɛhwɛ wɔn so wɔ tebea biara mu. Awofo pɛ sɛ wɔn mma te nka saa, nanso wɔ nnɛ wiase a asɛe yi mu no, ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛbɔ mmofra ho ban sen sɛnea na anka ɛte.

25 Ahude biako a anya nkɔanim wɔ nnansa yi mfe mu ne mmofra a wɔto wɔn mmonnaa. Wɔ Malaysia no, mmonnaa a wɔto mmofra ho amanneɛbɔ bu bɔɔ ho mpɛn anan wɔ mfe du mu. Wɔ Germany no, wɔto mmofra bɛyɛ 300,000 mmonnaa afe biara, na sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, wobu akontaa sɛ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa afe biara wɔ Amerika Kesee fam ɔman bi mu no dodow yɛ 9,000,000! Awerɛhosɛm a ɛwom ne sɛ nnipa a mmofra yi mu dodow no ara nim wɔn na wɔwɔ wɔn mu ahotoso na wɔto wɔn mmonnaa wɔ mmofra no ankasa afie. Nanso, ɛsɛ sɛ awofo yɛ ahobammɔ a ɛyɛ den ma wɔn mma. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ayɛ ahobammɔfo?

26. Akwan a wobetumi afa so abɔ mmofra ho ban no bi ne nea ɛwɔ he, na ɔkwan bɛn so na nimdeɛ betumi abɔ abofra ho ban?

26 Esiane sɛ osuahu da no adi sɛ mmofra a wonnim nna ho nsɛm ahe biara no titiriw na ɛyɛ mmerɛw sɛ nnipa a wɔto mmofra mmonnaa benya wɔn nti, ade titiriw a wɔde besiw ano ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ abofra no, bere a ɔda so ara sua mpo no. Nimdeɛ betumi de ahobammɔ ama “afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho.” (Mmebusɛm 2:​10-12) Nimdeɛ bɛn? Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa abrabɔ a ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho no ho nimdeɛ. Nimdeɛ a ɛma wohu sɛ mpanyimfo binom yɛ nneɛma bɔne na ɛnsɛ sɛ abofra tie nnipa a wɔka sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛmfata no nso ka ho. (Fa toto Daniel 1:​4, 8; 3:​16-18 ho.) Mfa nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no mma pɛnkoro pɛ. Ɛsɛ sɛ woti asuade bi mu mpɛn pii kyerɛ mmofra nkumaa dodow no ara ansa na wɔatumi akae no yiye. Bere a mmofra nyin kakra no, agya no befi ɔdɔ mu akyerɛ obu ama hokwan a ne babea wɔ sɛ ɔyɛ nneɛma bi wɔ kokoam, na ɛna nso ayɛ saa ara wɔ ne babarima ho​—na ama nea ɛfata ho adwene a abofra no wɔ mu ayɛ den. Nokwarem no, mmonnaato ho ahobammɔ a ɛsen biara no biako ne sɛ mobɛhwɛ wɔn so yiye paa sɛ awofo.

HWEHWƐ ONYANKOPƆN AKWANKYERƐ

27, 28. Hena ne awofo Boafo a ɔsen biara bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden a ɛne mmofra ntetee no?

27 Nokwarem no, abofra a wɔtete no fi ne mmofraase yɛ adwumaden, nanso ɛnsɛ sɛ awofo a wɔyɛ gyidifo nkutoo yɛ adwumaden no. Wɔ Atemmufo no nna mu bere a ɔbarima bi a wɔfrɛ no Manoa hui sɛ ɔrebɛyɛ agya no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no akwankyerɛ ne ba no ntetee ho. Yehowa tiee ne mpaebɔ no.​—Atemmufo 13:​8, 12, 24.

28 Ɛnnɛ nso, bere a awofo a wɔyɛ gyidifo retete wɔn mma no, wobetumi ne Yehowa akasa wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Ɔwofo a obi yɛ no yɛ adwumaden, nanso ɛso wɔ akatua pii. Kristofo awarefo bi a wɔwɔ Hawaii ka sɛ: “Wowɔ mfe 12 a wode bɛyɛ w’adwuma no awie ansa na saa mfe a emu yɛ den no aba. Nanso sɛ wobɔɔ mmɔden de Bible nnyinasosɛm ahorow dii dwuma a, ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wunya anigye ne asomdwoe bere a wofi wɔn komam si gyinae sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no.” (Mmebusɛm 23:​15, 16) Sɛ wo ba si gyinae no a, ɛbɛka wo nso ma woaka sɛ: “Awurade agyapade ne mmabanin [ne mmabea].”

^ nky. 18 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.