Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUMIEN

Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So

Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So

1. Ɔhaw ahorow a ahintaw bɛn na ɛwɔ mmusua bi mu?

WƆHOHOROO kar dedaw no ho de aduru faa ho nkyɛe koraa. Nnipa a wotwam no hu sɛ ayɛ hyɛnhyɛn, na ayɛ foforo ne sa. Nanso kar no awe nkannare ma ɛresɛe. Saa na mmusua bi te. Ɛwom sɛ sɛ wɔhwɛ a, biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ de, nanso wɔde wɔn anim a ɛyɛ sereserew no kata ehu ne ɛyaw so. Nneɛma resɛe abusua no asomdwoe wɔ fie. Ɔhaw abien a ebetumi ayɛ saa ne sadweam ne basabasayɛ.

ADE A SADWEAM SƐE NO

2. (a) Dɛn na Bible ka wɔ mmosa a wɔnom ho? (b) Dɛn ne sadweam?

2 Bible nkasa ntia mmosa a wɔnom sɛnea ɛsɛ, nanso ɛkasa tia asabow. (Mmebusɛm 23:​20, 21; 1 Korintofo 6:​9, 10; 1 Timoteo 5:​23; Tito 2:​2, 3) Nanso, sadweam nyɛ asabow kɛkɛ; ɛyɛ mmosa a ne nom ka obi hɔ a sɛ wannya bi a ontumi ntra ase. Mpanyimfo betumi ayɛ asadweam. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wobetumi ayɛ mmofra nso.

3, 4. Ka sɛnea ɔsadweam bi asanom bebrebe no ka ne hokafo ne ne mma ho asɛm.

3 Bible kae wɔ bere tenten a atwam no mu sɛ asanom bebrebe betumi asɛe abusua asomdwoe. (Deuteronomium 21:​18-21) Adesɛe a sadweam de ba no ka abusua mũ no nyinaa. Ebia a mmɔden a ɔsadweam no hokafo bɛbɔ sɛ ɔbɛma wagyae n’asanom no anaa sɛnea ɔne no bɛtra wɔ ne nneyɛe a ɛsakrasakra no mu begye n’adwene nyinaa. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nsa no besie, ɔbɛtow agu, ɔde ne sika besie, na wahyɛ no nkuran sɛ onnya ɔdɔ mma n’abusua, nkwa, ne Onyankopɔn mpo​—nanso ɔsadweam no kɔ so nom nsa. Bere a odi nkogu mpɛn pii wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma wagyae n’asanom no mu no, n’abam bu na ɔte nka sɛ ontumi nyɛ ho hwee. Ebia ehu befi ase aka no, ne bo befuw, ɔbɛte afobu nka, ne koma betu, ɔbɛdwennwen, na onnya obu mma ne ho.

4 Nea efi ɔwofo sadweam mu ba no ka mmofra. Wɔhwe wɔn mu binom. Wɔto afoforo mmonnaa. Ebia wobebu wɔn ho sɛ wɔn na wɔama ɔwofo bi adan ɔsadweam. Sɛnea ɔsadweam no ntumi nsi pi wɔ ne nneyɛe mu no taa sɛe ahotoso a wɔwɔ wɔ afoforo mu no. Esiane sɛ mmofra ntumi nka nea ɛrekɔ so wɔ fie ho asɛm pefee nti, ebia wobesua sɛnea wɔbɛka wɔn nkate ahyɛ, na mpɛn pii no epira wɔn wɔ honam fam. (Mmebusɛm 17:​22) Mmofra a ɛte saa no betumi anyin abɛyɛ mpanyimfo a wonni ahotoso ne obu mma wɔn ankasa ho.

DƐN NA ABUSUA NO BETUMI AYƐ?

5. Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi sadweam ho dwuma, na dɛn nti na eyi yɛ den?

5 Ɛwom sɛ animdefo pii ka sɛ wontumi mma obi nnyae sadweam de, nanso dodow no ara gye tom sɛ wobetumi ama wagyae akodu baabi denam nhyehyɛe a wɔyɛ ma ogyae asanom koraa no so. (Fa toto Mateo 5:​29 ho.) Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛma ɔsadweam agye mmoa atom, efisɛ ɔtaa kyerɛ sɛ hwee nhaw no. Nanso, sɛ abusua no mufo yɛ nhyehyɛe di sɛnea sadweam no aka wɔn ho dwuma a, ebia ɔsadweam no befi ase ahu sɛ biribi haw no. Oduruyɛfo bi a wanya suahu wɔ asadweam ne wɔn mmusua a wɔboa wɔn mu no kae sɛ: “Misusuw sɛ ade a ɛho hia paa ne sɛ abusua no bɛyɛ wɔn da biara nnwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a wobetumi so. Ɔsadweam no kɔ so hu sɛnea nsonsonoe a ɛda ɔne abusua no mufo a aka ntam no kɛse te.”

6. Beae a eye paa bɛn na mmusua a emuni yɛ ɔsadweam betumi anya afotu?

6 Sɛ ɔsadweam wɔ mo abusua mu a, Bible mu afotu a efi honhom mu no betumi aboa ma moatra ase wɔ ɔkwampa a ɛsen biara a mubetumi so. (Yesaia 48:​17; 2 Timoteo 3:​16, 17) Susuw nnyinasosɛm a aboa mmusua ma wɔatumi adi sadweam ho dwuma no bi ho.

7. Sɛ abusua bi muni yɛ ɔsadweam a, hena na wama aba saa?

7 Gyae sɛ wode asodi no nyinaa bɛto wo ho so. Bible ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa,” na “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Galatifo 6:5; Romafo 14:​12) Ebia ɔsadweam no bɛbɔ mmɔden akyerɛ sɛ abusua no mufo na wɔma ɔyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbɛka sɛ: “Sɛ mo ne me di no yiye a, anka merennom nsa.” Sɛ ɛda adi sɛ afoforo ne no yɛ adwene a, na wɔrehyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nnom nsa. Nanso sɛ tebea no anaa nnipa foforo hyɛ yɛn so mpo a, yɛn nyinaa​—a asadweam ka ho​—nneyɛe ho asodi da yɛn ankasa so.​—Fa toto Filipifo 2:​12 ho.

8. Akwan a wobetumi afa so aboa ɔsadweam ma wadi nea ne haw no de ba ho dwuma no bi ne nea ɛwɔ he?

8 Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ ɔsadweam no ho ban fi nea n’asanom de ba no ho bere nyinaa. Bible mu bɛ bi a ɛfa obi a ne bo afuw ho betumi afa ɔsadweam no nso ho saa ara: “Sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio.” (Mmebusɛm 19:​19) Ma ɔsadweam no nte nea n’asanom de ba no nka. Ma n’ankasa nsiesie nneɛma a wayɛ no basaa no anaasɛ sɛ ɔkɔbow nsa na ade kye anɔpa a, ɔno ankasa nka nea asi nkyerɛ n’adwumawura wɔ telefon so.

9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua a asadweam wom no gye mmoa tom, na henanom mmoa titiriw na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ?

9 Gye mmoa a efi afoforo hɔ tom. Mmebusɛm 17:​17 ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” Sɛ ɔsadweam wɔ abusua mu a, na ahohia wɔ hɔ. Wuhia mmoa. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo ho bɛto ‘nokware nnamfo’ so ma wɔaboa wo. (Mmebusɛm 18:​24) Ebia afoforo a wɔte ɔhaw no ase anaa wɔakɔ tebea a ɛte saa ara mu pɛn a wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ no de nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ woyɛ ho nyansahyɛ a eye bɛma wo. Nanso kari pɛ. Nnipa a wowɔ wɔn mu ahotoso, a wɔbɛkora “w’atirimsɛm” so no na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ wɔn.​—Mmebusɛm 11:13.

10 Sua sɛnea wode wo ho bɛto Kristofo mpanyimfo so. Kristofo asafo no mu mpanyimfo betumi ayɛ mmoa kɛse ama wo. Wɔakyerɛkyerɛ mmarima a wɔn ho akokwaw yi Onyankopɔn Asɛm na wɔwɔ osuahu wɔ dwuma a wɔde emu nnyinasosɛm di no mu. Wobetumi ayɛ “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:2) Ɛnyɛ nkɛntɛnso bɔne nko na Kristofo mpanyimfo bɔ asafo mu no nyinaa ho ban wɔ ho, na mmom wɔkyekye ankorankoro a wɔwɔ ɔhaw ahorow werɛ, wɔma wonya ahoɔden, na wɔkyerɛ wɔn ho anigye nso. Fa wɔn mmoa no di dwuma kosi ase.

11, 12. Hena na ɔde mmoa a ɛsen biara ma mmusua a asadweam wom, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa mmoa no ma?

11 Nea ɛsen ne nyinaa no, nya ahoɔden fi Yehowa hɔ. Bible no ma yenya awerɛhyem anigye so sɛ: “Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:​18) Sɛ wote nka sɛ wo koma abubu anaa wo honhom apɛtɛw esiane abusua muni ɔsadweam a wo ne no te ho nhyɛso nti a, hu sɛ “Awurade bɛn” wo. Onim sɛnea w’abusua tebea mu yɛ den fa.​—1 Petro 5:​6, 7.

12 Nea Yehowa ka wɔ N’asɛm mu a wubegye adi no betumi aboa wo ma woagyina dadwen ano. (Dwom 130:​3, 4; Mateo 6:​25-34; 1 Yohane 3:​19, 20) Onyankopɔn Asɛm a wubesua de emu nnyinasosɛm ahorow abɔ wo bra no betumi ama woanya mmoa afi Onyankopɔn honhom kronkron hɔ, na ebetumi ama woanya “tumi a ɛboro so” de agyina nsɛm ano da biara.​—2 Korintofo 4:7. *

13. Dɛn ne ɔhaw a ɛto so abien a ɛsɛe mmusua pii?

13 Sadweam betumi de ɔhaw foforo a ɛsɛe mmusua pii​—fie basabasayɛ​—aba.

NEA FIE BASABASAYƐ SƐE NO

14. Bere bɛn na fie basabasayɛ fii ase, na tebea no te dɛn nnɛ?

14 Adesamma abakɔsɛm mu basabasayɛ a edi kan yɛ fie basabasayɛ a esii wɔ anuanom baanu, Kain ne Habel, ntam. (Genesis 4:8) Efi saa bere no, adesamma ahyia fie basabasayɛ ahorow nyinaa bi. Okununom a wɔhwe wɔn yerenom, ɔyerenom a wɔtow hyɛ wɔn kununom so, awofo a wɔhwe wɔn mma nkumaa atirimɔden so, ne mmofra a wɔanyinyin a wɔyɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim ayayade wɔ hɔ.

15. Ɔkwan bɛn so na fie basabasayɛ ma abusua no mufo teetee?

15 Ɛnyɛ twã kɛkɛ na ofie basabasayɛ ma oni nya. Ɔyere bi a wɔhwe no ka sɛ: “Wote afobu ne aniwu pii nka. Mpɛn pii no ade kye anɔpa a, wompɛ sɛ wosɔre fi mpa so, na wo yam a anka ɛyɛ dae bɔne bi kɛkɛ.” Mmofra a wohu fie basabasayɛ anaa ɛto wɔn no betumi ayɛ basabasa bere a wonyin na wonya wɔn ankasa mmusua no.

16, 17. Dɛn ne ateetee, na ɔkwan bɛn so na enya abusua mufo so tumi?

16 Ofie basabasayɛ nyɛ ɔhwe nkutoo. Ɛtaa yɛ ɔyaw. Mmebusɛm 12:​18 ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” Ofie basabasayɛ mu “nwowɔe” yi bi ne din horow a wɔde frɛ obi ne nteɛteɛm, daa ɔkasatia, ɔyaw a wɔde gu n’anim ase ne huna a wohunahuna no sɛ wɔbɛhwe no. Aniwa nhu sɛnea ateetee pira no, na afoforo ntaa nhu.

17 Nea ɛyɛ awerɛhow titiriw ne sɛnea wɔteetee abofra​—abofra mmɔdenbɔ, ne nyansa, anaa bo a ɔsom sɛ onipa a wɔkasa tia na wobu no abomfiaa bere nyinaa. Ɔyaw a ɛte saa no betumi asɛe ahotoso a abofra bi wɔ. Nokwarem no, abofra biara hia nteɛso. Nanso Bible ka kyerɛ agyanom sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”​—Kolosefo 3:21.

SƐNEA WƆBƐKWATI FIE BASABASAYƐ

Kristofo awarefo a wɔdɔ wɔn ho na wobu wɔn ho no besiesie wɔn ntam nsɛm ntɛm ara

18. Ɛhe na fie basabasayɛ fi ase, na dɛn na Bible kyerɛ sɛ ɛne ɔkwan a wɔfa so ma egyae?

18 Ofie basabasayɛ fi ase wɔ koma ne adwene mu; sɛnea yedwen no na efi sɛnea yɛyɛ yɛn ade ase. (Yakobo 1:​14, 15) Sɛ wɔbɛma basabasayɛ no agyae a, ɛho hia sɛ basabasayɛfo no sakra ne nsusuwii. (Romafo 12:2) Obetumi ayɛ saa? Yiw. Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi a ɛsakra nnipa. Ebetumi atu nsusuwii bɔne a “ase atim denneennen” ase. (2 Korintofo 10:4, NW; Hebrifo 4:​12) Bible no ho nokware nimdeɛ betumi aboa nnipa ma wɔasakra koraa ma wɔaka wɔn ho asɛm sɛ wɔhyɛ nipasu foforo.​—Efesofo 4:​22-24; Kolosefo 3:​8-10.

19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bu n’aware mu hokafo na ɔne no di?

19 Adwene a ɛsɛ sɛ obi nya wɔ n’aware mu hokafo ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:​28) Bible no san ka sɛ ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ‘ni sɛ ade a ne ho nyɛ den.’ (1 Petro 3:7) Wotu ɔyerenom fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom’ na ‘wɔmfɛre’ wɔn. (Tito 2:4; Efesofo 5:​33) Akyinnye biara nni ho sɛ okunu a osuro Onyankopɔn biara nni hɔ a obetumi aka wɔ nokwarem sɛ odi ne yere ni ankasa bere a ɔhwe no anaa ɔyeyaw no no. Na ɔyere biara a ɔteɛteɛm gu ne kunu so, de animtiaabu kasa kyerɛ no anaa ɔka n’anim bere nyinaa no ntumi nka sɛ ɔdɔ ne kunu na obu no ankasa.

20. Hena na awofo bebu wɔn mma ho akontaa akyerɛ no, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo hwɛ nneɛma a ntease nnim kwan wɔ wɔn mma ho?

20 Mmofra ho adwempa. Ɛfata sɛ awofo dɔ wɔn mma na wɔhwɛ wɔn, yiw ɛho hia wɔn. Onyankopɔn Asɛm frɛ mmofra sɛ “Awurade agyapade” ne “akatua.” (Dwom 127:3) Ɛyɛ awofo asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛhwɛ saa agyapade no. Bible no ka “mmofraasɛm” ne mmofraberem “agyimisɛm” ho asɛm. (1 Korintofo 13:​11; Mmebusɛm 22:​15) Sɛ awofo hu agyimisɛm wɔ wɔn mma ho a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa. Mmofra nyɛ mpanyimfo. Ɛnsɛ sɛ awofo hwehwɛ nea ɛboro abofra bi mfe, abusua no tebea, ne nea otumi yɛ so.​—Hwɛ Genesis 33:​12-14.

21. Dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so bu awofo a wɔn mfe akɔ anim na wɔne wɔn di?

21 Adwene a ɛsɛ sɛ wonya wɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim ho. Leviticus 19:​32 ka sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.” Onyankopɔn mmara nam saayɛ so ma wonyaa obu ne nidi kɛse maa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Eyi betumi ayɛ asɛnnennen bere a ɛte sɛ nea ɔwofo bi a ne mfe akɔ anim hwehwɛ nneɛma pii dodo anaa ɔyare na ebia ontumi nkeka ne ho anaa ontumi nnwen ntɛmntɛm no. Nanso eyi nyinaa akyi no, wɔkae mmofra sɛ ‘wontua wɔn awofo ka.’ (1 Timoteo 5:4) Eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn ni na wobu wɔn, na ebia wɔhwɛ wɔn wɔ sika fam mpo. Ayayade a wɔyɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim ne sɛnea Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn ade no bɔ abira koraa.

22. Dɛn ne ade titiriw a ɛma wodi fie basabasayɛ so, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ada no adi?

22 Nya ahosodi. Mmebusɛm 29:​11 ka sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.” Wobɛyɛ dɛn atumi adi wo honhom so? Sɛ anka wobɛma abasamtu ayɛ kɛse wɔ wo mu no, yɛ ntɛm siesie nsɛnnennen biara a ɛsɔre. (Efesofo 4:​26, 27) Sɛ asɛm bi sɔre na wuhu sɛ wohwere w’ahosodi a, fi hɔ kɔ. Bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ama woanya ahosodi. (Galatifo 5:​22, 23) Mpase a wubetu anaa biribi foforo a wobɛyɛ de ateɛteɛ w’apɔw mu no betumi aboa ma woadi wo nkate so. (Mmebusɛm 17:​14, 27) Bɔ mmɔden sɛ wobɛma ‘w’abufuw ayɛ nyaa.’​—Mmebusɛm 14:29.

SO MOBƐTETEW MU ANAA MOBƐKƆ SO ATRA ABOM?

23. Sɛ Kristofo asafo no muni bi bo fuw denneennen mpɛn pii a onnu ne ho, a ebia ɔhwe n’abusua mufo pasaa a, dɛn na ebetumi aba?

23 Bible no de ‘atutuw, kunsunkunsun ne abufuw’ ka nnwuma a Onyankopɔn kasa tia no ho, na ɛka sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:​19-21) Enti wobetumi atu obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ɔtaa de abufuw ntraso yɛ ade a onnu ne ho, a ebia ɔhwe ne hokafo anaa ne mma pasaa no afi Kristofo asafo no mu. (Fa toto 2 Yohane 9, 10 ho.) Wɔ saa kwan yi so no, woyi atutupɛfo fi asafo no mu ma ɛho tew.​—1 Korintofo 5:​6, 7; Galatifo 5:9.

24. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia aware mu ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade? (b) Ɔkwan bɛn so na ebia aware mu ɔhokafo a wɔyɛ no ayayade no nnamfo a wodwen ne ho ne mpanyimfo bɛboa no, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ?

24 Na Kristofo a wɔn ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade hwe wɔn mprempren a biribiara nkyerɛ sɛ wɔbɛsakra no nso ɛ? Ebinom apaw sɛ biribi nti wɔne wɔn hokafo a ɔyɛ wɔn ayayade no bɛtra. Afoforo apaw sɛ wobegyaw wɔn hɔ akɔ, efisɛ wɔte nka sɛ wɔn honam, adwene, ne honhom fam akwahosan​—ebia wɔn nkwa mpo​—da asiane mu. Nea obi a wɔyɛ no basabasa wɔ fie paw sɛ ɔbɛyɛ wɔ tebea ahorow yi mu no yɛ n’ankasa gyinaesi wɔ Yehowa anim. (1 Korintofo 7:​10, 11) Ebia nnamfo, abusuafo, ne Kristofo mpanyimfo a wokura adwempa bɛpɛ sɛ wɔde mmoa ne afotu ma, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ nea wɔyɛ no basabasa no ma ɔyɛ biribi pɔtee bi. N’ankasa na ɛsɛ sɛ osi ɛno ho gyinae.​—Romafo 14:4; Galatifo 6:5.

ƆHAW AHOROW A ƐSƐE ADE AWIEI

25. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma abusua no?

25 Bere a Yehowa kaa Adam ne Hawa boom sɛ awarefo no, na ɛnyɛ n’atirimpɔw da sɛ ɛsɛ sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɛe ade, te sɛ sadweam anaa basabasayɛ sɛe abusua no. (Efesofo 3:​14, 15) Na abusua no bɛyɛ baabi a ɔdɔ ne asomdwoe wɔ a emuni biara benya nea ohia wɔ adwene, nkate, ne honhom fam. Nanso, bere a bɔne bae no, abusua asetra sɛee ntɛmntɛm.​—Fa toto Ɔsɛnkafo 8:9 ho.

26. Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne Yehowa ahwehwɛde ahorow ahyia no?

26 Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa mpowee n’atirimpɔw ma abusua no. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo a asomdwoe wom a nnipa ‘bɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu’ bɛba. (Hesekiel 34:​28) Saa bere no, sadweam, fie basabasayɛ, ne ɔhaw foforo a aka a ɛsɛe abusua asetra nnɛ no nyinaa befi hɔ. Nnipa bɛsereserew, wɔmfa ehu ne ɛyaw nhintaw, efisɛ ‘wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’​—Dwom 37:11.

^ nky. 12 Ayaresabea ne nhyehyɛe ahorow a ɛboa asadweam ne wɔn mmusua titiriw wɔ aman bi mu. Obi ankasa na obesi gyinae sɛ ebia ɔbɛhwehwɛ mmoa a ɛte saa no anaa ɔnhwehwɛ. Ɔwɛn Aban Asafo no nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a bere a ɔhwehwɛ mmoa no, ɔrenyɛ nneɛma a ebu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow so.