Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNNUM

Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni

Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni

1. Ɛka bɛn na yɛde yɛn awofo, enti ɛsɛ sɛ yɛte nka na yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ wɔn ho?

ONYANSAFO a ɔtraa ase bere tenten a atwam ni no tuu fo sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:​22) Ebia wobɛka sɛ: ‘Menyɛ saa da!’ Sɛ anka yebebu yɛn maame​—anaa yɛn papa​—animtiaa no, yɛn mu dodow no ara wɔ ɔdɔ kɛse ma wɔn. Yenim sɛ yɛde wɔn ka pii. Nea edi kan koraa no, yɛn awofo na wɔmaa yɛn nkwa. Ɛwom sɛ Yehowa ne Nkwamafo de, nanso sɛ ɛnyɛ yɛn awofo a, anka yɛnte nkwa mu. Biribiara a yɛde ma yɛn awofo nsom bo sɛ nkwa ankasa. Afei, susuw wɔn ho a wɔde bɔ afɔre, dadwen, sika, ne ɔdɔ a wɔde hwɛ abofra boa no fi ne mmofrabere mu kosi sɛ obenyin ayɛ ɔpanyin no ho. Enti, hwɛ ntease a ɛwom sɛ Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Di w’agya ne wo na ni . . . na awie wo yiye, na wo nna aware asase so”!​—Efesofo 6:​2, 3.

NKATE MU AHIADE AHOROW A WUBEHU

2. Ɔkwan bɛn so na mma a wɔanyinyin betumi de ‘akatua a ɛfata’ ama wɔn awofo?

2 Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: ‘Ma mma anaa mmanana nsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.’ (1 Timoteo 5:4) Mma a wɔanyinyin de ‘akatua a ɛfata’ yi ma denam anisɔ a wɔkyerɛ wɔ mfe pii a wɔn awofo ne wɔn nananom de dɔɔ wɔn, yɛɛ adwuma, na wɔhwɛɛ wɔn ho no so. Ɔkwan biako a mma betumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobehu sɛ nkwakoraa ne mmerewa hia ɔdɔ ne awerɛkyekye te sɛ obi foforo biara pɛ​—mpɛn pii wohia no denneennen. Te sɛ yɛn mu biara no, ɛho hia sɛ wɔte nka sɛ wɔn ho wɔ mfaso. Ɛho hia sɛ wɔte nka sɛ wɔn nkwa som bo.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi yɛn awofo ne yɛn nananom ni?

3 Enti yɛnam hu a yɛbɛma yɛn awofo ne yɛn nananom ahu sɛ yɛdɔ wɔn no so betumi adi wɔn ni. (1 Korintofo 16:​14) Sɛ ɛnyɛ yɛne yɛn awofo na ɛte a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ te a wɔbɛte yɛn nka no betumi akyerɛ pii ama wɔn. Krataa emu nsɛm yɛ dɛ, telefon so frɛ, anaa nsrahwɛ betumi ama wɔn ani agye kɛse. Bere a Miyo a ɔte Japan no dii mfe 82 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me babea [a ne kunu yɛ ɔhwɛfo kwantufo no] ka kyerɛ me sɛ: ‘Mama, mesrɛ sɛ wo ne yɛn “ntu kwan.”’ Ɔde wɔn dapɛn biara akwantu nhyehyɛe ne wɔn telefon nɔma brɛ me. Mitumi bue m’asase mfonini mu ka sɛ: ‘Ɛhee. Mprempren wɔwɔ ha!’ Meda Yehowa ase daa sɛ wahyira me ma manya ɔba a ɔte saa.”

HONAM FAM NNEƐMA A WODE BƐBOA

4. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom mu atetesɛm hyɛɛ atirimɔden a wɔbɛbɔ awofo ho nkuran?

4 So ebetumi aba sɛ obi awofo honam fam ahiade ahorow a ɔde bɛma wɔn no nso ka di a ɛsɛ sɛ odi wɔn ni no ho? Yiw. Mpɛn pii no ɛte saa. Wɔ Yesu nna no mu no, na Yudafo nyamesom akannifo no kura atetesɛm a ɛne sɛ, sɛ obi ka sɛ ne sika anaa agyapade yɛ ‘ayɛyɛde ma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ n’asɛyɛde bio sɛ ɔde bɛhwɛ n’awofo. (Mateo 15:​3-6) Atirimɔdensɛm bɛn ara ni! Nokwarem no, na saa nyamesom akannifo no rehyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonnni wɔn awofo ni na mmom wommu wɔn animtiaa denam pɛsɛmenkominya mu a wofi de wɔn ahiade bɛkame wɔn no so. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ saa da!​—Deuteronomium 27:16.

5. Nsiesiei a aman bi mu nniso ayɛ nyinaa akyi no, dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, sika fam mmoa a obi de bɛma n’awofo ka di a obedi wɔn ni no ho?

5 Wɔ nsase pii so nnɛ no, asetra mu mmoa a aban de ma no ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim nya honam fam ahiade ahorow bi, te sɛ nnuan, ntade, ne dabere. Ɛno akyi no, ebia na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no atumi ayɛ nsiesie bi ama wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa bere. Nanso sɛ saa nsiesiei yi sa anaa esua a, mma di wɔn awofo ni denam nea wobetumi a wɔyɛ de ma wɔn awofo nya wɔn ahiade ahorow no so. Nokwarem no, obi awofo a wɔn mfe akɔ anim a ɔhwɛ wɔn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ onyamesom pa, kyerɛ sɛ, ɔsom Yehowa Nyankopɔn, abusua nhyehyɛe no Farebae no.

ƆDƆ NE OBI HO A ƆDE BƆ AFƆRE

6. Asetra mu nhyehyɛe bɛn na ebinom ayɛ na ama wɔde wɔn awofo ahiade ahorow ama wɔn?

6 Mma a wɔyɛ mpanyimfo nam ɔdɔ ne wɔn ho a wɔde bɔ afɔre so de wɔn awofo a wɔayɛ mmerɛw ahiade ahorow ma wɔn. Ebinom de wɔn awofo kɔtra wɔn ankasa fie, anaa wotu kɔtra baabi a ɛbɛn wɔn. Afoforo tu kɔtra wɔn awofo nkyɛn. Mpɛn pii no, saa nhyehyɛe ahorow no yɛ nhyira ma awofo ne wɔn mma nyinaa.

7. Dɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ wɔde ntɛmpɛ besisi gyinae afa awofo a wɔn mfe akɔ anim ho?

7 Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mfaso mma tu a wotu saa no so. Dɛn ntia? Efisɛ ebia wosisi gyinae ahorow bi ntɛm dodo anaa egyina nkate nkutoo so. Bible de kɔkɔbɔ ma wɔ nyansam sɛ: “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:​15) Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ɛyɛ den ma wo maame aberewa no sɛ ne nkutoo bɛtra na wususuw sɛ mfaso bɛba so sɛ obetu abɛtra wo nkyɛn. Bere a wufi nyansam dwen nea wobɛyɛ ho no, wubetumi asusuw nea edidi so yi ho: Nneɛma bɛn na ohia ankasa? So asetra mu mmoa a ɔman anaa ankorankoro de ma a ɛma munya ano aduru a ɛfata wɔ hɔ? So ɔpɛ sɛ obetu? Sɛ otu a, ɛbɛka n’asetra wɔ akwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ ogyaw ne nnamfo hɔ? Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka no wɔ nkate fam? So wo ne no asusuw eyinom ho? Ɔkwan bɛn so na adeyɛ a ɛte saa no bɛka wo, wo hokafo, ne w’ankasa wo mma? Sɛ ɛho hia sɛ wɔhwɛ wo maame a, hena na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no? Wo ne afoforo betumi abom adi asɛyɛde no ho dwuma? Wo ne wɔn a asɛm no fa wɔn ho nyinaa asusuw ho?

8. Henanom na wubetumi akohu wɔn bere a woresi sɛnea wobɛboa w’awofo a wɔn mfe akɔ anim ho gyinae no?

8 Esiane sɛ ɛyɛ mma a wɔwɔ abusua no mu nyinaa asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ no nti, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛyɛ abusua nhyiam na ama mo nyinaa asi gyinae no. Kristofo asafo no mu mpanyimfo anaa wɔn nnamfo a wɔakɔ tebea a ɛte saa ara mu a wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ no nso betumi aboa. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.”​—Mmebusɛm 15:22.

DA TEMA NE NTEASE ADI

9, 10. (a) Ɛmfa ho sɛ wɔn a wɔn mfe rekɔ anim no rebɔ nkwakoraa ne mmerewa no, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn ho wom? (b) Ɛmfa ho nea ɔba a wanyin bɛyɛ ama n’awofo a wɔn mfe akɔ anim biara no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn daa?

9 Yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim a yebedi wɔn ni no hwehwɛ sɛ yɛda tema ne ntease adi. Bere a onyin ma wohyia nsɛnnennen no, ebetumi akɔ so ayɛ den ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔbɛnantew, wobedidi, na wɔakae nsɛm. Ebia wobehia mmoa. Mpɛn pii no wɔn mma bɔ wɔn ho ban tra so anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn akwankyerɛ. Nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim no anya nyansa ne osuahu pii wɔ asetra mu, asetra a wɔahwɛ wɔn ho na wɔasisi wɔn ankasa gyinae ahorow wom. Ebia wɔn nipasu ne obu a wɔwɔ ma wɔn ho no gyina wɔn asɛyɛde sɛ awofo ne mpanyimfo no so. Ebia awofo a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma wɔn mma di wɔn asetra so bɛbotow anaa wɔn bo befuw. Sɛ ebinom hu nea ebia wobu no sɛ ɛyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegye wɔn ahofadi afi wɔn nsam a, wɔn bo fuw na wɔko tia.

10 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobenya ɔhaw ahorow a ɛte saa no ano aduru, nanso ɛyɛ ayamye sɛ wɔbɛma awofo a wɔn mfe akɔ anim no kwan ma wɔahwɛ wɔn ho asisi wɔn ankasa gyinae sɛnea wobetumi. Ɛnyɛ papa sɛ wubesi nea eye ma w’awofo ho gyinae a wunni kan ne wɔn nka ho asɛm. Ebia wɔahwere nneɛma pii. Nnye kakra a wɔda so wɔ no mfi wɔn nsam. Ebia wubehu sɛ bere a wommɔ mmɔden pii sɛ wubedi w’awofo asetra so no, wo ne wɔn ntam abusuabɔ bɛyɛ papa. Wɔn ani begye kɛse, na wo nso w’ani begye. Sɛ ɛho hia sɛ wode wo nan si fam yɛ nneɛma bi na ama w’awofo adi yiye mpo a, di a wubedi w’awofo ni no hwehwɛ sɛ wode anuonyam ne obu a ɛfata wɔn no ma wɔn. Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.”​—Leviticus 19:32.

SU PA A WUBEKURA MU

11-13. Sɛ ɔba a wanyin ne n’awofo ntam nyɛ papa wɔ bere a atwam mu a, ɔkwan bɛn so na obetumi akɔ so ahwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakoraabere ne mmerewabere mu?

11 Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma mma a wɔanyin ayɛ mpanyimfo sɛ wobedi wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no ni esiane sɛnea na wɔne wɔn awofo no te bere a na wɔyɛ mmofra no nti. Ebia na wo papa nni tema na ne tirim yɛ den, wo maame yɛ nhyɛso ne katee. Ebia woda so ara te abasamtu ne abufuw nka, anaa wudi yaw efisɛ na wɔnyɛ awofo a wopɛ sɛ wɔyɛ no. Wubetumi adi nkate horow a ɛte saa so? *

12 Basse a onyinii wɔ Finland no ka sɛ: “Na me maame kunu yɛ Nasi Germany SS polisini. Na ne bo nkyɛ fuw, na sɛ ne bo fuw a, ne ho yɛ hu. Ɔhwee me maame mpɛn pii wɔ m’anim. Da bi a ne bo fuw me no, ohim ne bɛlt na ano dade no bɔɔ m’anim. Ɛbɔɔ me denneennen araa ma mifi mpa so hwee fam.”

13 Nanso, na ɔwɔ su afoforo. Basse de ka ho sɛ: “Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔyɛɛ adwuma denneennen na wammu n’ani angu n’abusua honam fam nneɛma so. Wanyi ɔdɔ adi ankyerɛ me sɛ agya da, nanso na minim sɛ wafa ɛyaw mu pɛn. Ne maame pam no fii fie bere a na ɔyɛ aberantewaa no. Ɔkoo ntɔkwaw de nyinii, na ɔde ne ho hyɛɛ ɔko no mu sɛ aberante. Na mete tebea no ase kodu baabi, na mamfa asodi no anto no so. Bere a minyinii no, mepɛe sɛ meboa no sɛnea metumi kosi sɛ obewu. Na ɛnyɛ mmerɛw, nanso meyɛɛ nea metumi. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ɔba pa akosi awiei, na misusuw sɛ ogyee me toom saa.”

14. Kyerɛwnsɛm bɛn na yebetumi de adi dwuma wɔ tebea horow nyinaa mu, a nea ɛsɔre wɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim hwɛ mu ka ho?

14 Yebetumi de Bible no afotu adi dwuma wɔ abusua mu tebea horow ho, sɛnea yɛde di dwuma wɔ nsɛm foforo mu no: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”​—Kolosefo 3:​12, 13.

AHWƐFO NSO HIA ƆHWƐ

15. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a awofo hwɛ haw adwene?

15 Ɔwofo a onni ahoɔden hwɛ yɛ adwumaden, na egye nneɛma, asɛyɛde ne nnɔnhwerew pii. Nanso nea ɛyɛ den wom sen biara no taa yɛ nkate fam de. Ɛhaw adwene yiye sɛ wubehu sɛ w’awofo akwahosan resɛe, wontumi nkae nsɛm, na wɔahwere wɔn ahofadi. Sandy a ofi Puerto Rico ka sɛ: “Na me maame ne yɛn abusua no nnyinaso titiriw. Na ne hwɛ yɛ awerɛhow yiye. Nea di kan no, ofii ase tɔ guu so; afei ebehiae sɛ onya poma, afei yɛmaa no nnua a mmubuafo de nantew, ne afei mmubuafo akongua. Ɛno akyi no ne tebea kɔɔ so sɛee kosii sɛ owui. Onyaa dompe mu kokoram a na ɛho hia sɛ wɔhwɛ bere nyinaa​—awia ne anadwo. Yeguaree no maa no aduan kenkan nhoma kyerɛɛ no. Na ɛyɛ den yiye​—wɔ nkate fam titiriw. Bere a mihui sɛ me maame rewu no, misui efisɛ na medɔ no kɛse.”

16, 17. Afotu bɛn na ebetumi aboa obi a ɔhwɛ n’awofo ma wanya adwene a ɛkari pɛ wɔ nneɛma ho?

16 Sɛ wuhu wo ho wɔ tebea a ɛte saa ara mu a, dɛn na wubetumi ayɛ na woagyina ano? Tie a wubetie Yehowa denam Bible akenkan ne mpaebɔ a wonam so bɛka wo nsɛm akyerɛ no so bɛboa wo kɛse. (Filipifo 4:​6, 7) Nea ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ wubedi nnuan a ahoɔden wom, na woabɔ mmɔden sɛ wobɛda sɛnea ɛsɛ. Sɛ woyɛ saa a, wo tebea bɛyɛ papa, nkate ne honam fam nyinaa, na ama woahwɛ wo dɔfo no. Ebia wubetumi agye w’ahome wɔ bere ne bere mu. Sɛ wuntumi nnya akwamma mpo a, nyansa wom ara sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe anya bere bi de agye w’ahome. Nea ɛbɛyɛ na woanya bere de agye w’ahome no, ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma obi foforo abɛtra wo maame anaa wo papa a ɔyare no ho.

17 Mpɛn pii no, ahwɛfo a wɔanyin hwɛ nneɛma a ntease nnim kwan fi wɔn ankasa hɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ woma nea wuntumi nyɛ no ma wote afobu nka. Wɔ tebea horow bi mu no, ebia ɛho behia sɛ wɔde wo dɔfo no kɔtra beae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Sɛ wo na worehwɛ w’akwakoraa anaa w’aberewa a, fa nneɛma a ntease wom sisi w’ani so. Ɛsɛ sɛ wokari pɛ wɔ w’awofo, wo mma, wo hokafo, ne w’ankasa nso ahiade ho.

AHOƆDEN A ƐBORO SO

18, 19. Mmoa ho bɔ bɛn na Yehowa ahyɛ, na osuahu bɛn na ɛda no adi sɛ odi ne bɔhyɛ so?

18 Yehowa nam N’asɛm Bible so fi ɔdɔ mu de akwankyerɛ a ɛbɛboa obi kɛse ma wahwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim ma, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne mmoa a ɔde ma. Wɔde honhom kaa odwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa . . . na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.” Yehowa begye, anaa ɔbɛkora n’anokwafo so wɔ tebea a emu yɛ den sen biara mpo mu.​—Dwom 145:​18, 19.

19 Myrna a ɔwɔ Philippines no huu eyi bere a na ɔrehwɛ ne maame a na ne fã adwudwo ma ontumi nyɛ hwee no. Myrna kyerɛw sɛ: “Biribiara nhaw adwene sɛ wubehu sɛ wo dɔfo rehu amane, na ontumi nkyerɛ faako a ɛyɛ ne yaw. Ɛte sɛ nea mihu sɛ nsu refa no nkakrankakra, na mintumi nyɛ ho hwee. Na mibu nkotodwe mpɛn pii bɔ Yehowa mpae wɔ sɛnea mabrɛ no ho. Misui sɛ Dawid, nea ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nsu nhyɛ tumpan mu na ɔnkae no no. [Dwom 56:8] Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, ɔmaa me ahoɔden a na mihia no. ‘Yehowa yɛɛ m’akyidua.’”​—Dwom 18:18.

20. Bible mu bɔhyɛ ahorow bɛn na ɛboa wɔn a wɔhwɛ awofo no ma wonya adwempa, sɛ nea wɔhwɛ no no wu mpo a?

20 Wɔaka sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim hwɛ yɛ “ade a n’awiei yɛ awerɛhosɛm.” Mmɔden a ɛsen biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nyinaa akyi no, ebia wobewu sɛnea Myrna maame wui no. Nanso wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no nim sɛ ɛnyɛ owu ne asɛm no awiei. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:​15) Wɔn a wɔahwere awofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ owu mu no ma owusɔre ho anidaso no ne wiase foforo a anigye wom a ‘owu nnim’ a Onyankopɔn de bɛba no ho bɔhyɛ kyekye wɔn werɛ.​—Adiyisɛm 21:4.

21. Nnepa bɛn na efi awofo a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ni no mu ba?

21 Onyankopɔn asomfo wɔ obu a emu dɔ ma wɔn awofo, ɛwom sɛ ebia eyinom abɔ nkwakoraa ne mmerewa de. (Mmebusɛm 23:​22-24) Wodi wɔn ni. Bere a wɔyɛ saa no, wohu nea abebusɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no ka no: “Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.” (Mmebusɛm 23:​25) Nea ɛsen biara no, wɔn a wodi wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim ni no sɔ Yehowa Nyankopɔn ani na wodi no ni nso.

^ nky. 11 Nea yɛreka ho asɛm wɔ ha no nyɛ tebea horow a ɛkyerɛ sɛ awofo de wɔn tumi ne wɔn mu ahotoso a wɔwɔ no dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so koduu baabi a wobetumi abu no sɛ nsɛmmɔnedi wɔ mmara mu.