Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam A Wobɛhyehyɛ

Abusua A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam A Wobɛhyehyɛ

Ti 15

Abusua A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam A Wobɛhyehyɛ

1-3. Dɛn nti na ebinom ntumi nni aware ne awofo a wɔyɛ mu ɔhaw ahorow ho dwuma, nanso dɛn nti na Bible no betumi aboa?

FA NO sɛ woreyɛ nhyehyɛe asi w’ankasa fie. Wotɔ asase. Wode akwanhwɛ a emu yɛ den yɛ wo fie foforo no ho mfonini wɔ w’adwenem. Na sɛ wunni nnwinnade ne adansi ho nimdeɛ biara nso ɛ? Hwɛ sɛnea wo mmɔdenbɔ bɛyɛ ɔkwa!

2 Awarefo pii ware a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya abusua a anigye wom, nanso wonni nnwinnade anaa nimdeɛ a wohia de ahyehyɛ no. Ayeforohyia da no akyi pɛɛ no, su horow a ɛmfata fi ase da adi. Wɔko ntɔkwaw, na wɔham da biara. Sɛ wɔwo mma a, agya ne ɛna foforo no hu sɛ wɔn ho nkokwawee sɛ awofo te sɛ nea wɔn ho nkokwawee wɔ aware mu no ara pɛ.

3 Nanso, anigyesɛm ne sɛ Bible betumi aboa. Ne nnyinasosɛm te sɛ nnwinnade a ɛma wutumi hyehyɛ abusua a anigye wom. (Mmebusɛm 24:3) Ma yɛnhwɛ sɛnea wobɛyɛ no.

NNWINNADE A WƆDE HYEHYƐ ABUSUA A ANIGYE WOM

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ ɔhaw ahorow bɛba aware mu, na gyinapɛn ahorow bɛn na wɔde ama wɔ Bible mu?

4 Ɛmfa ho sɛnea awarefo bi fata wɔn ho yiye no, ɛsono wɔn nkate, wɔn mmofraberem osuahu ahorow, ne wɔn abusua mu nsɛm tebea. Enti, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobehyia ɔhaw ahorow bi wɔ aware no akyi. Wobedi ho dwuma dɛn? Sɛ adansifo si ofie bi a, wɔhwɛ ɛho mfonini a wɔayɛ no so. Eyinom yɛ akwankyerɛ ahorow a ɛsɛ sɛ wodi akyi. Bible no de Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa abusua a anigye wom a wobɛhyehyɛ ho ma. Afei ma yɛnhwehwɛ eyi mu kakraa bi mu.

5. Ɔkwan bɛn so na Bible no si hia a nokwaredi hia wɔ aware mu no so dua?

5 Nokwaredi. Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no mma onipa nntetew mu.” * (Mateo 19:6) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Enti ɛsɛ sɛ awarefo te nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wobedi wɔn ahokafo nokware.—Genesis 39:7-9.

6. Ɔkwan bɛn so na nokwaredi bɛboa ma aware agyina?

6 Nokwaredi ma nidi ne ahobammɔ ba aware no mu. Awarefo a wodi wɔn ho nokware nim sɛ nea ebesi biara no, wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho. (Ɔsɛnkafo 4:9-12) Hwɛ sɛnea wɔyɛ soronko wɔ wɔn a wohu sɛ ɔhaw bi reba pɛ a, na wɔagyae aware no ho! Saafo no ka ntɛm ara sɛ ‘wɔampaw obi a ɔfata wɔn,’ na ‘wɔnnɔ wɔn ho bio,’ na ano aduru ne sɛ wobenya ɔhokafo foforo. Nanso eyi mma awarefo baanu no mu biara nnya kwan nnyin. Mmom no, saafo a wonni wɔn ho nokware no bɛma ahokafo foforo a wobenya wɔn no ahyia ɔhaw koro no ara. Sɛ obi wɔ fie fɛfɛ bi nanso ohu sɛ suhyɛ no nwunu a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obesiesie. Ontu nkɔtra ofie foforo mu kɛkɛ. Saa ara nso na ɔhokafo a wɔsakra no nyɛ ɔkwan a wɔfa so siesie nsɛm a ɛde ntɔkwaw ba aware mu no. Sɛ ɔhaw ahorow sɔre a, mmɔ mmɔden sɛ wubegu aware no, na mmom yere wo ho sɛ wobɛma agyina. Nokwaredi a ɛte saa no ma wobu nkabom no sɛ biribi a ɛfata sɛ wɔbɔ ho ban, wosiesie na wɔkyerɛ ho anigye.

7. Dɛn nti na nkɔmmɔbɔ taa yɛ den ma awarefo, nanso ɔkwan bɛn so na “nipasu foforo” a wɔbɛhyɛ no bɛboa?

7 Nkɔmmɔbɔ. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Nanso, nkitahodi yɛ den ma awarefo binom. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ nnipa wɔ akwan horow a wɔfa so bɔ nkɔmmɔbɔ. Eyi yɛ nokwasɛm a ɛtaa de akasakasa ne abasamtu kɛse ba. Ebia ntetee ka ho bi na ɛma eyi ba saa. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔtetee ebinom wɔ afie a wɔn awofo ko ntɔkwaw wom bere nyinaa mu. Afei sɛ́ awarefo a wɔanyinyin no, ebia wonnim sɛnea wɔde ayamye ne ɔdɔ kasa kyerɛ wɔn ahokafo. Nanso, ɛho nhia sɛ wo fie sɛe yɛ ‘ofie a ɔko ayɛ hɔ ma.’ (Mmebusɛm 17:1) Bible no si so dua sɛ yɛnhyɛ “nipasu foforo no,” na ɛmpene bobɔne, nteɛteɛm, ne ɔyaw so.—Efesofo 4:22-24, 31, NW.

8. Sɛ wo ne wo hokafo adwene nhyia a, dɛn na ebetumi aboa?

8 Sɛ mo adwene nhyia a, dɛn na mubetumi ayɛ? Sɛ mo bo fi ase refuw a, eye sɛ mubedi afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 17:14 no so: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” Yiw, mubetumi atu asɛm a mususuw ho no ahyɛ da foforo, bere a wo ne wo hokafo no bo adwo no. (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Sɛnea ɛte biara no, bɔ mmɔden sɛ ‘wobɛyɛ ntɛm atie, ayɛ nyaa akasa, na woayɛ nyaa afa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wubesiesie tebea no, na ɛnyɛ sɛ wobɛma w’asɛm ayɛ dɛ asen ne de. (Genesis 13:8, 9) Paw nsɛm ne ɔkwan a wofa so kasa a, ɛbɛma wo ne wo hokafo no bo adwo. (Mmebusɛm 12:18; 15:1, 4; 29:11) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛnsɛ sɛ moma mo bo kɔ so fuw, na mmom monhwehwɛ mmoa denam ahobrɛase mu a mubefi abom abɔ Onyankopɔn a mo ne no bedi nkitaho no mpae no so.—Efesofo 4:26, 27; 6:18.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nkɔmmɔbɔ fi ase wɔ komam?

9 Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ n’anom.” (Mmebusɛm 16:23) Ɛnde, nokwarem no, nea ɛma yetumi bɔ nkɔmmɔ yiye ne yɛn koma no, na ɛnyɛ yɛn ano. Su bɛn na wuyi no adi kyerɛ wo hokafo? Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonhuhu mma wɔn ho.’ (1 Petro 3:8) Wubetumi ayɛ eyi bere a w’aware mu hokafo hyia dadwen a ɛma ɔbotow no? Sɛ wutumi yɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea wobɛma mmuae.—Yesaia 50:4.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi de afotu a ɛwɔ 1 Petro 3:7 no adi dwuma?

10 Nidi ne Obu. Wɔka kyerɛ okununom Kristofo sɛ wɔne wɔn yerenom ntra “nimdeɛ mu saa ara, na [wonni] wɔn ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.” (1 Petro 3:7, NW) Di a obi bedi ne yere ni no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔsom bo. Okunu a ɔne ne yere tra “nimdeɛ” mu kyerɛ obu kɛse wɔ ne nkate, ne dom akyɛde, nyansa ne nidi ho. Ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ nso sɛ obesua sɛnea Yehowa bu mmea ne sɛnea ɔne wɔn di nso.

11 Ma yɛmfa no sɛ wowɔ adekorade bi a ɛso wɔ mfaso kɛse a enni ahoɔden koraa wɔ wo fie. Worenhwɛ so yiye? Petro de asɛm “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” dii dwuma saa ara, na ɛsɛ sɛ eyi kanyan okunu Kristoni ma ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no brɛbrɛ.

12. Ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi akyerɛ sɛ obu ne kunu yiye?

12 Nanso afotu bɛn na Bible de ma ɔyere? Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:33) Sɛnea ɛho hia sɛ ɔyere te nka sɛ ne hokafo di no ni na ɔdɔ no no, saa ara na ɛho hia sɛ okunu te nka sɛ ne yere bu no. Ɔyere a obu ade remmɔ ne kunu mfomso ahorow dawuru, sɛ ebia ne kunu yɛ Kristoni anaasɛ ɔnyɛ bi no. Ɔremfa ne nidi nkame no denam kasa a ɔbɛkasa atia no abu no animtiaa wɔ kokoam anaa baguam no so.—1 Timoteo 3:11; 5:13.

13. Ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛ wɔn adwene wɔ asomdwoe mu?

13 Eyi nkyerɛ sɛ ɔbea ntumi nkyerɛ n’adwene. Sɛ biribi haw no a, obetumi de obu aka ho asɛm. (Genesis 21:9-12) Yebetumi de adwene bi a ɔreda no adi akyerɛ ne kunu no atoto bɔɔl a ɔretow ama no no ho. Obetumi atow no brɛoo ama no ma wasɔw a ɔremmrɛ ho anaasɛ obetumi atow no denneennen ma apira no. Hwɛ ye a eye sɛ ahokafo no nyinaa bɛkwati sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho wɔn ho sobo, na wɔde ayamye ne odwo bɛkasa mmom!—Mateo 7:12; Kolosefo 4:6; 1 Petro 3:3, 4.

14. Sɛ wo hokafo ani nnye ho kɛse sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ mo aware mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

14 Sɛnea yɛahu no, Bible nnyinasosɛm ahorow betumi aboa wo ma woahyehyɛ aware a anigye wom. Na sɛ wo hokafo nkyerɛ nea Bible ka ho anigye kɛse nso ɛ? Sɛ wode Onyankopɔn ho nimdeɛ di dwuma wɔ w’asɛyɛde mu a, wubetumi ayɛ pii. Petro kyerɛwee sɛ: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.” (1 Petro 3:1, 2) Nokwarem no, ɛte saa ara wɔ okunu a ne yere nkyerɛ Bible ho anigye no fam. Biribiara a wo hokafo paw sɛ ɔbɛyɛ no, ma Bible nnyinasosɛm mma wonyɛ ɔhokafo pa. Onyankopɔn ho nimdeɛ nso betumi ama woayɛ ɔwofo pa.

MMOFRA A WƆTETE WƆN SƐNEA ONYANKOPƆN HO NIMDEƐ TE

15. Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ mmere bi a wɔde ntetee a ɛmfata ma nkyirimma, nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi asakra eyi?

15 Sradaa anaa asae a obi wɔ kɛkɛ no mma ɔnyɛ duadwumfo a ne ho akokwaw. Saa ara nso na mma a obi wɔ kɛkɛ no mma ɔnyɛ ɔwofo a ne ho akokwaw. Sɛ́ awofo nim anaa wonnim no, wɔtaa tete wɔn mma sɛnea wɔtetee wɔn ankasa no. Enti, awo ntoatoaso biako taa de ntetee a ɛmfata ma awo ntoatoaso foforo. Tete Hebrifo bɛ bi ka sɛ: “Agyanom twɛre abun, na mma sẽ fem.” Nanso, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ obi fa ɔkwan a n’awofo atwa ato hɔ so. Obetumi apaw ɔkwan foforo, nea Yehowa mmara ama wɔatwa ato hɔ no.—Hesekiel 18:2, 14, 17.

16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wohwɛ w’abusua, na dɛn na eyi kyerɛ?

16 Yehowa hwɛ kwan sɛ Kristofo awofo bɛma wɔn mma akwankyerɛ pa na wɔahwɛ wɔn yiye. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Nsɛm a tumi wom bɛn ara ni! W’asɛde sɛ ɔdemafo a wobɛyɛ, a ɛkyerɛ wo mma honam, honhom, ne nkate fam ahiade a wode bɛma wɔn no yɛ hokwan ne asɛyɛde a obi a osuro Onyankopɔn wɔ. Bible de nnyinasosɛm a ebetumi aboa awofo ma wɔahyehyɛ tebea a anigye wom ama wɔn mma ama. Susuw eyinom bi ho.

17. Sɛ Onyankopɔn mmara bɛtra mo komam a, dɛn na ɛho hia?

17 Yɛ nhwɛso pa. Wɔhyɛɛ Israelfo awofo sɛ: “Fa [Onyankopɔn nsɛm] kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow. Nanso wɔde asɛm yi dii afotu yi anim sɛ: “Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.” (Deuteronomium 6:6, 7) Yiw, awofo ntumi mfa nea wonni mma. Sɛ mopɛ sɛ wɔkyerɛw Onyankopɔn mmara gu mo mma koma so a, ɛsɛ sɛ mudi kan kyerɛw gu mo de so.—Mmebusɛm 20:7; fa toto Luka 6:40 ho.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa awofo wɔ ɔdɔ a ɔdaa no adi no mu?

18 Ma wonnya awerɛhyem sɛ wodɔ wɔn. Wɔ Yesu asubɔ mu no, Yehowa kae sɛ: “Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.” (Luka 3:22) Enti Yehowa gyee ne Ba no toom, na ofii ne pɛ mu kae sɛ ɔsɔ n’ani na ɔma onyaa no mu awerɛhyem sɛ Ɔdɔ no. Akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.” (Yohane 17:24) Enti, sɛ awofo a musuro Onyankopɔn no, momfa kasa ne nneyɛe nkyerɛ mo mma sɛ modɔ wɔn—na monyɛ saa mpɛn pii. Monkae bere nyinaa sɛ “ɔdɔ de, ɛma nkɔso.”—1 Korintofo 8:1.

19, 20. Dɛn na nteɛso a ɛfata a wɔde ma mmofra kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na awofo nya Yehowa nhwɛso no mu mfaso?

19 Nteɛso. Bible si hia a nteɛso a ɔdɔ wom ho hia so dua. (Mmebusɛm 1:8) Ɛda adi sɛ awofo a wobu wɔn ani gu wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma kwan so nnɛ no bedi awerɛhow kɛse daakye. Nanso wɔbɔ awofo kɔkɔ nso sɛ ɛnsɛ sɛ wɔteɛ wɔn mma ma ɛtra so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Ɛsɛ sɛ awofo kwati sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma ma atra so anaasɛ wɔbɛka wɔn sintɔ ho asɛm bere nyinaa na wɔakasa atia wɔn mmɔdenbɔ.

20 Yehowa Nyankopɔn, yɛn soro Agya no, yɛ nhwɛso wɔ nteɛso a wɔde ma mu. Ne nteɛso ntra so da. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mɛteɛ wo so sɛ ɛfata.” (Yeremia 46:28) Ɛsɛ sɛ awofo suasua Yehowa wɔ eyi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ nteɛso a ɛtra nea ɛfata anaasɛ ɛkɔ akyiri sen atirimpɔw nti a wɔde nteɛso ne nkyerɛkyerɛ ma no hyɛ abufuw ankasa.

21. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ahu sɛ ebia wɔn nteɛso tu mpɔn?

21 Awofo bɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia wɔn nteɛso tu mpɔn? Wobetumi abisa wɔn ho sɛ, ‘Dɛn na me nteɛso tumi yɛ?’ Ɛsɛ sɛ ɛkyerɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wo ba te nea enti a wode nteɛso ma no ase. Ɛsɛ sɛ awofo dwen nea efi wɔn nteɛso mu ba no nso ho. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ mfiase no nteɛso bɛhyɛ abofra biara abufuw. (Hebrifo 12:11) Nanso ɛnsɛ sɛ nteɛso ma ehu ka abofra no anaa ɔte nka sɛ wɔapow no anaa ɛma onya adwene sɛ ɔyɛ abofra bɔne fi awo mu. Ansa na Yehowa reteɛ ne nkurɔfo so no, ɔkae sɛ: “Nsuro . . . na midi w’akyi.” (Yeremia 46:28) Yiw, ɛsɛ sɛ mode nteɛso ma wɔ ɔkwan a ɛma mo ba te nka sɛ mo ne no te sɛ awofo a modɔ no na moboa no so.

“AKWANKYERƐ PA” A WUBENYA

22, 23. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya akwankyerɛ a wuhia de ahyehyɛ abusua a anigye wom?

22 Yebetumi de aseda ama sɛ Yehowa ama yɛn nnwinnade a yehia de ahyehyɛ abusua a anigye wom. Nanso nnwinnade no a yɛwɔ kɛkɛ no nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yesuasua sɛnea wɔde di dwuma yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔdansifo bi remfa ne nnwinnade nni dwuma yiye. Ebia ɔmfa ebi nni dwuma ɔkwampa so koraa. Wɔ tebea horow yi mu no, ɛda adi sɛ ɔkwan a ɔfa so no bɛma wayɛ aguade bi a ɛnyɛ papa. Saa ara na ebia mprempren wunim sɛ su horow a ɛmfata aba w’abusua mu. Ebia ebinom ase atim yiye na ɛyɛ den sɛ wobɛsakra. Nanso di Bible afotu yi akyi: “Onyansafo betie, na wanya nkyerɛkyerɛ pii, na onipa a ɔwɔ ntease ne nea onya akwankyerɛ pa.”—Mmebusɛm 1:5, NW.

23 Wubetumi anya atɛmpa denam Onyankopɔn ho nimdeɛ a wobɛkɔ so anya no so. Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa abusua asetra ho, na yɛ nsakrae wɔ baabi a ɛho hia. Hwɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ nhwɛso pa sɛ aware mu ahokafo ne awofo no. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo dadwen to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 55:22; Filipifo 4:6, 7) Obetumi aboa wo ma woanya abusua asetra a anigye wom a ɛhyɛ no anuonyam.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Kyerɛwnsɛm mu asɛm biako pɛ a ɛma kwan ma obi gyae aware san ware bio ne “aguamammɔ”—fi a obi fi ne hokafo akyi.—Mateo 19:9.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Ɔkwan bɛn so na nokwaredi, nkɔmmɔbɔ, nidi ne obu boa ma aware yɛ anigye?

Akwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma anya awerɛhyem sɛ wɔdɔ wɔn?

Nneɛma bɛn na ɛka nteɛso a ɛfata ho?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 147]