Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere A Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Asase So Ma

Bere A Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Asase So Ma

Ti 19

Bere A Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Asase So Ma

1, 2. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa abɔde ho tɔɔ kyima?

FA NO sɛ seesei ara na mfoniniyɛfo bi a wagye din yɛɛ mfonini fɛfɛɛfɛ bi wiei. Obu no sɛ ɛyɛ fɛ yiye—adwini mu krabɛhwɛ—ma ɛfata! Nanso ne tamfo ɔhoɔyawfo bi sɛe anim. Ɔkwan a ntease wom so no, eyi ma mfoniniyɛfo no di yaw kɛse. Hwɛ sɛnea ne ho pere no sɛ obehu sɛ wɔakyere ɔdesɛefo no ato afiase! Na wubetumi ayɛ sɛnea mfoniniyɛfo no pɛ sɛ osiesie n’ade no ma ɛyɛ sɛnea na ɛte kan no ho mfonini wɔ w’adwenem.

2 Te sɛ saa mfoniniyɛfo no, Yehowa yɛɛ adwini krabɛhwɛ bi bere a ɔresiesie asase no de adesamma atra so no. Bere a ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea wiei no, ɔkaa n’asase so adwuma nyinaa ho asɛm sɛ “eye papa.” (Genesis 1:31) Ná Adam ne Hawa yɛ Onyankopɔn ankasa mma, na na ɔdɔ wɔn. Ɔpɛe sɛ wonya daakye a anigye ne anuonyam wom. Ampa, Satan maa wɔtew atua, nanso Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa no ansɛe annu baabi a wontumi nsiesie.—Genesis 3:23, 24; 6:11, 12.

3. Dɛn ne “nokware nkwa no”?

3 Onyankopɔn asi ne bo sɛ obesiesie nneɛma. Ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obehu sɛ yɛtra ase sɛnea ɔbɔɔ ne tirim kan no. Ɛnyɛ yɛn asetra tiawa a ɔhaw wom no ne “nokware nkwa no,” efisɛ ɛba fam koraa sen nea na ɛwɔ Yehowa adwenem no. “Nokware nkwa” a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no ne “daa nkwa” wɔ tebea horow a ɛyɛ pɛ mu.—1 Timoteo 6:12, 19.

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Paradise anidaso no bɛbam? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn daakye anidaso ho?

4 Onyankopɔn ho nimdeɛ ma wunya asɛyɛde wɔ Yehowa anim. (Yakobo 4:17) Nanso sɛ wode saa nimdeɛ no di dwuma na wobɔ mmɔden sɛ wubenya daa nkwa a, susuw nhyira horow a wubenya no ho. Yehowa aka sɛnea saa asetra no bɛyɛ wɔ Paradise asase a abɛn pɛɛ no so ho asɛm dɛdɛɛdɛ wɔ n’Asɛm Bible no mu. Nokwarem no, sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, ɛnyɛ akatua a yɛpɛ nkutoo nti na yɛsom Onyankopɔn. Yɛsom Onyankopɔn efisɛ yɛdɔ no. (Marko 12:29, 30) Bio nso, wɔmfa nkwa mma yɛn sɛ Yehowa som ho akatua. Daa nkwa yɛ Onyankopɔn akyɛde. (Romafo 6:23) Ɛbɛyɛ papa ama yɛn sɛ yebedwennwen asetra a ɛte saa ho efisɛ Paradise anidaso no kae yɛn Onyankopɔn ko a Yehowa yɛ—“wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo” a ɔwɔ dɔ. (Hebrifo 11:6) Anidaso a ɛhyerɛn yiye wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu bɛma yɛatumi agyina amanehunu ano wɔ Satan wiase no mu.—Yeremia 23:20.

5 Afei ma yɛmfa yɛn adwene nsi daa nkwa wɔ daakye Paradise asase so ho anidaso a egyina Bible so no so. Asetra bɛyɛ dɛn bere a Onyankopɔn ho nimdeɛ yɛ asase so ma no?

HARMAGEDON AKYI NO—PARADISE FIE

6. Dɛn ne Harmagedon, na dɛn na ɛbɛkyerɛ ama adesamma?

6 Sɛnea yɛadi kan ada no adi no, ɛrenkyɛ na Yehowa Nyankopɔn asɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no. Wiase no rebɛn nea Bible frɛ no Harmagedon, anaa Armagedon, no ntɛmntɛm. Ebia asɛmfua no bɛma nnipa bi asusuw nuklea ɔsɛe a amanaman a wɔreko de bɛba ho, nanso Harmagedon nte saa koraa. Sɛnea Adiyisɛm 16:14-16 kyerɛ no, Harmagedon yɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko.” Ɛyɛ ɔko a “asase so ahene,” anaa amanaman, no ka ho. Ɛrenkyɛ na Yehowa Nyankopɔn Ba, Ɔhene a wapaw no no, afi ɔko no ase. Yenim nea ebefi mu aba no pefee. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni na wɔyɛ Satan nhyehyɛe bɔne no fã no nyinaa. Wɔn a wodi Yehowa nokware nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu.—Adiyisɛm 7:9, 14; 19:11-21.

7. Ɛhe na Ɔbonsam ne n’adaemone bɛwɔ wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu, na ɔkwan bɛn so na adesamma benya eyi so mfaso?

7 Fa no sɛ woanya wo ti adidi mu wɔ saa ɔsɛe no mu. Asetra bɛyɛ dɛn wɔ asase so wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu? (2 Petro 3:13) Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi, efisɛ Bible ka kyerɛ yɛn, na nea ɛka no yɛ anigyesɛm. Yehu sɛ Satan ne n’adaemone dwumadi bɛba awiei, na wɔde wɔn agu bun mu a wontumi nyɛ hwee wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Saa abɔde nsɛmmɔnedifo atirimɔdenfo no renhintaw afoforo akyi bio, mfa ɔhaw mma na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ nneɛma a ɛnkyerɛ nokwaredi atia Onyankopɔn bio. Ahotɔ bɛn ara ni!—Adiyisɛm 20:1-3.

8, 9. Wɔ wiase foforo no mu no, dɛn na ɛbɛba amanehunu, ɔyare, ne mpanyinyɛ so?

8 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, nyarewa ahorow nyinaa betu ayera. (Yesaia 33:24) Saa bere no mmubuafo de anan a emu yɛ den bɛsɔre agyina hɔ, anantew, atu mmirika, na wɔasaw. Bere a asotifo de mfe pii atra ase a wɔnte asɛm no, wɔbɛte nnyigyei a ɛyɛ dɛ a atwa wɔn ho ahyia no. Anifuraefo ho bedwiriw wɔn bere a wɔde wɔn ani hu nneɛma su horow a ɛyɛ fɛ no. (Yesaia 35:5, 6) Awiei koraa no, wobehu wɔn adɔfo anim! Ebia saa bere no wɔn aniwa a atɛɛtɛɛ nsu no na ɛremma wonhu ade yiye bere tiaa bi mu.

9 Susuw ho hwɛ! Ahwehwɛniwa, mmubuafo mpoma, nnuru, ɛse ayaresabea, ne ayaresabea nni hɔ bio! Nkate mu nyarewa ne adwenemhaw remma nnipa nni awerɛhow bio. Ɔyare remma obiara nhu amane wɔ mmofraberem bio. Wɔbɛma adesɛe a efi mpanyinyɛ mu ba no to atwa. (Hiob 33:25) Yebenya akwahosan ne ahoɔden kɛse. Anɔpa biara yɛde ahoɔden foforo benyan afi nnapa mu, a yɛwɔ apɔwmuden na yɛn ho pere yɛn sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ da foforo mu asetra pa ne adwuma a akomatɔyam wom no mu.

10. Adwuma bɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛyɛ?

10 Wɔn a wobetwa Harmagedon no benya adwuma pii a ɛyɛ anigye ayɛ. Wɔbɛma asase no adan paradise. Wɔbɛpra nhyehyɛe dedaw a efĩ wom no mu biribiara a ɛbɛka no afi hɔ. Agodibea ne aturo besi adangow ne asase a wɔasɛe no ananmu. Obiara benya ofie a ahotɔ ne anigye wom. (Yesaia 65:21) Bere rekɔ so no, saa asase no mmeaemmeae a ɛhɔ adan paradise no bɛtrɛw abehyiam kosi sɛ asase mũ no nyinaa bɛyɛ fɛfɛɛfɛ sɛnea Ɔbɔadeɛ no hyehyɛe sɛ ɛnyɛ wɔ Eden turom no. Hwɛ akomatɔyam ara a ɛbɛyɛ sɛ wubenya saa nsiesiei adwuma no mu kyɛfa!

11. Abusuabɔ bɛn na ɛbɛtra adesamma ne asase so nneɛma ne mmoa ntam daakye?

11 Wɔbɛyɛ eyi nyinaa wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase na amma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ansɛe. Asomdwoe bɛtra nnipa ne mmoa ntam. Sɛ́ anka onipa de atirimɔden bekunkum wɔn agu no, obefi ase ahwɛ asase no ne mmoa no so yiye. Yɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ mpataku ne nguammaa, agyata ne anantwi mma bom didi—na afiemmoa wɔ ahobammɔ korakora. Abofra ketewaa mpo rensuro nkekaboa, saa ara nso na nnipa atirimɔdenfo a wɔyɛ keka rensɛe wiase foforo no mu asomdwoe. (Yesaia 11:6-8) Hwɛ wiase foforo a asomdwoe wom a ɛno bɛyɛ!

WƆSAKRA ADESAMMA

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 11:9 renya mmamu nnɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛbam wɔ Paradise?

12 Yesaia 11:9 ka nea enti a wɔrenyɛ bɔne biara wɔ asase so nyinaa no kyerɛ yɛn. Ese: “[Yehowa] hu [nimdeɛ, NW] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” Eyi fa nnipa ho efisɛ mmoa ntumi nnya ‘Yehowa ho nimdeɛ’ na wɔayɛ nsakrae, esiane sɛ nkate na ɛkyerɛ wɔn kwan nti. Nanso, yɛn Bɔfo no ho nimdeɛ sakra nnipa. Akyinnye biara nni ho sɛ esiane sɛ wode Onyankopɔn ho nimdeɛ redi dwuma wɔ w’asetra mu nti, woayɛ nsakrae bi dedaw. Ɔpepem pii ayɛ saa. Enti, saa nkɔmhyɛ yi afi ase renya mmamu dedaw wɔ wɔn a wɔresom Yehowa no mu. Nanso, ɛkyerɛ bere a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkwati mmoa ne basabasayɛ su biara, na wɔayɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe daa nso.

13. Ɔkyerɛkyerɛ adwuma bɛn na wɔbɛyɛ wɔ asase so?

13 Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a Onyankopɔn ho nimdeɛ yɛ asase so ma no! Wɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi wɔ Ɔhene Yesu Kristo ne ne mfɛfo ahene 144,000 no akwankyerɛ ase. Saa bere no yebefi ase de “nhoma” foforo adi dwuma. Ɛda adi sɛ eyi yɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a wɔakyerɛw a wɔde bɛkyerɛkyerɛ asase sofo. (Adiyisɛm 20:12) Adesamma besua asomdwoe na ɛnyɛ ɔko. Akode a ɛsɛe ade nyinaa befi hɔ koraa. (Dwom 46:9) Wɔbɛkyerɛkyerɛ wiase foforo no mufo ma wɔayi ɔdɔ, obu ne nidi adi akyerɛ wɔn mfɛfo nnipa.

14. Ɔkwan bɛn so na wiase no bɛyɛ soronko bere a adesamma yɛ abusua biako a wɔaka abom no?

14 Adesamma bɛyɛ abusua biako a wɔaka abom. Biakoyɛ ne onuayɛ ho akwanside biara rentra hɔ. (Dwom 133:1-3) Obiara rento ne dan mu na awifo amma mu. Asomdwoe bɛtra koma biara mu, ofie biara mu, ne asase no fã biara.—Mika 4:4.

OWUSƆRE A ƐYƐ ANIGYE NO

15. Akuw abien bɛn na wobenyan wɔn wɔ asase so?

15 Owusɔre no bɛba wɔ saa Mfirihyia Apem no mu. Wɔrennyan wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne tia Onyankopɔn honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi no, denam ade a wɔyɛ ma ɛne ne dwumadi anaa n’akwankyerɛ bɔ abira no so a wonnu wɔn ho. (Mateo 23:15, 33; Hebrifo 6:4-6) Nokwarem no, Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ nea ɔyɛɛ bɔne a ɛte saa. Nanso wobenyan akuw soronko abien—“wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Esiane sɛ wɔbɛyɛ no nnidiso nnidiso nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wɔn a wobedi kan ama wɔn akwaaba aba nkwa mu wɔ asase so no bɛyɛ wɔn a wɔteɛ no, wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa no.—Hebrifo 11:35-39.

16. (a) Henanom na wɔbɛka “wɔn a wɔteɛ” a wobenyan wɔn wɔ asase so no ho? (b) Anokwafo a wɔtraa ase tete bɛn na wopɛ sɛ wuhyia wɔn titiriw, na dɛn ntia?

16 Sɛ anka Yehowa asomfo bɛte akodi, asiane, ne owu ho asɛm no, wɔbɛte owusɔre ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye. Ɛbɛyɛ anigye sɛ wɔbɛte sɛ mmarima ne mmea anokwafo te sɛ Habel, Henok, Noa, Abraham, Sara, Hiob, Mose, Rahab, Rut, Dawid, Elia, Ester asɔre aba. Hwɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛka koma a wɔbɛka bere a wɔde nea ɛyɛe a Bible mu nsɛm pii sisii ho nkyerɛkyerɛmu ma no! Akyinnye biara nni ho sɛ wɔne atreenefo a wowuwui nnansa yi ara ho bɛpere wɔn sɛ wɔbɛte Satan nhyehyɛe no awiei ne sɛnea Yehowa tew ne din kronkron no ho na obuu ne tumidi bem no ho asɛm.

17. Mmoa bɛn na anokwafo de bɛma afoforo a wobenyan wɔn no?

17 Hwɛ sɛnea saa anokwafo yi bɛboa wɔ owusɔre no fã a edi hɔ no mu, bere a woyi “wɔn a wɔnteɛ” ɔpepepem pii fi owu nkoasom mu no! Adesamma dodow no ara annya hokwan anhu Yehowa. Ná Satan ‘refura wɔn adwene ani.’ (2 Korintofo 4:4) Nanso wɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma. Wɔn a wɔnteɛ bɛsan aba asase fɛfɛ a asomdwoe wɔ so so. Nnipa a wɔahyehyɛ wɔn yiye sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, a ɔredi tumi ho nsɛm bɛma wɔn akwaaba. Bere a nnipa ɔpepepem pii a wɔanyan wɔn ba behu wɔn Bɔfo no na wonya ɔdɔ ma no no, Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma wɔ ɔkwan a ebi mmae da so.

18. Sɛ worema w’adɔfo a wobenyan wɔn no akwaaba a, wususuw sɛ wobɛte nka dɛn?

18 Hwɛ sɛnea owusɔre no bɛma yɛn koma ani agye! Hena na yɛn tamfo a ɔne owu nti onhuu amane? Nokwarem no, hena na bere a ɔyare, mpanyinyɛ, akwanhyia anaa basabasayɛ maa ne dɔfo bi hwere ne nkwa ma ɛsɛee abusuabɔ bi a ɔdɔ wom anaa adamfofa bi no, wanyɛ basaa koraa? Ɛnde, yɛ hyia a wɔbɛsan ahyiam wɔ Paradise no mu anigye ho mfonini wɔ w’adwenem. Ɛnanom ne agyanom, mmabarima ne mmabea, nnamfo ne abusuafo, de serew ne anigye nteɛm bɛyɛ wɔn ho atuu.

AWIEI KORAA PƐYƐ BA!

19. Anwonwade bɛn na ebesi wɔ Mfirihyia Apem no mu?

19 Anwonwade bi bɛkɔ so wɔ Mfirihyia Apem no nyinaa mu. Wɔ adesamma fam no, ebia ɛbɛyɛ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no fã a ɛyɛ anigye sen biara. Yehowa bɛka akyerɛ ne Ba no sɛ ɔmfa n’agyede afɔrebɔ no mu mfaso horow nni ɔbarima ne ɔbea nokwafo ne ɔsoɔmmerɛfo biara ho dwuma. Ɛdenam saayɛ so no, wobeyi bɔne nyinaa afi hɔ na wɔama adesamma ayɛ pɛ.—1 Yohane 2:2; Adiyisɛm 21:1-4.

20. (a) Dɛn na pɛ a obi bɛyɛ no bɛkyerɛ? (b) Bere bɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon ne wɔn a wobenyan wɔn no befi ase atra ase koraa?

20 Pɛyɛ! Dɛn na ɛbɛkyerɛ? Ɛbɛkyerɛ sɛ asetra bɛsan ayɛ nea na Adam ne Hawa wom ansa na wɔyɛɛ bɔne tiaa Yehowa Nyankopɔn no. Nnipa a wɔyɛ pɛ bedu Onyankopɔn gyinapɛn ho koraa wɔ—honam, adwene, nkate, abrabɔ, ne honhom fam—ɔkwan biara a wubetumi asusuw ho so. Nanso nnipa nyinaa bɛsesɛ wɔn ho? Ɛremma saa koraa! Yehowa abɔde—nnua, nhwiren, mmoa—nyinaa kyerɛ yɛn sɛ n’ani gye nneɛma a egu ahorow ho. Nnipa a wɔyɛ pɛ benya nipasu ne ɔdom akyɛde a egu ahorow. Obiara benya asetra mu anigye sɛnea Onyankopɔn kyerɛe sɛ ɛnyɛ no. Adiyisɛm 20:5 ka sɛ: “Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” Te sɛ nnipakuw kɛse a wotwaa Harmagedon no, wɔn a wobenyan wɔn no benya nkwa koraa bere a wodu pɛyɛ a bɔne nnim ho no.

21. (a) Dɛn na ebesi wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei? (b) Dɛn na awiei koraa no ɛbɛba Satan ne wɔn a wɔboa no nyinaa so?

21 Nnipa a wɔyɛ pɛ no behyia sɔhwɛ biako a etwa to. Wɔ Mfirihyia Apem no awiei no, wobeyi Satan ne n’adaemone no afi ebun no mu bere tiaa bi na wɔama wɔn kwan ma wɔabɔ mmɔden a etwa to sɛ wɔbɛdan nnipa afi Yehowa ho. Ebinom de akɔnnɔ bɔne bedi ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn anim, nanso wobetwa saa atuatew yi so. Yehowa bɛsɛe nnipa pɛsɛmenkominyafo yi aka Satan ne n’adaemone nyinaa ho. Nnebɔneyɛfo nyinaa befi hɔ koraa saa bere no.—Adiyisɛm 20:7-10.

DƐN NA WOBƐYƐ?

22. Dɛn na wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ wɔ Paradise?

22 Wɔde daa nkwa besi wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn na wɔte Paradise asase so no anim. Ɛbɛyɛ den sɛ yebetumi ayɛ wɔn anigye no ho mfonini wɔ yɛn adwenem, na wo nso wubetumi anya eyi mu kyɛfa. Nnwom, mfonini, adwini—nea adesamma a wɔyɛ pɛ bɛyɛ no bɛkyɛn wiase dedaw no mu abenfo akɛse nnwuma pa a ɛsen biara no! Ɛbɛba saa, adesamma bɛyɛ pɛ na wobenya bere a enni ano. Susuw nea wubetumi ayɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no ho. Afei nso, susuw nea wo ne wo mfɛfo nnipa besua afa Yehowa abɔde ho—efi nsorommakuw ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan no mu kosi nneɛma a esua koraa sen atom so—no ho. Biribiara a adesamma bɛyɛ no bɛkɔ so ama yɛn soro Agya, Yehowa, a ɔwɔ ɔdɔ no koma ani agye.—Dwom 150:1-6.

23. Dɛn nti na asetra wɔ Paradise renyɛ mfonoe da?

23 Saa bere no, asetra renyɛ mfonoe. Bere rekɔ so no, ɛbɛkɔ so ayɛ anigye pii. Onyankopɔn ho nimdeɛ nni awiei. (Romafo 11:33) Bere biara, yebenya pii asua, na yɛanya nneɛma foforo ahwehwɛ mu daa nyinaa. (Ɔsɛnkafo 3:11) Bere a wokɔ so sua Yehowa Nyankopɔn ho ade no, wobɛkɔ so atra ase—ɛnyɛ mfe kakraa bi pɛ na mmom daa!—Dwom 22:26.

24, 25. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotra ase nnɛ ma ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ hyia?

24 Ɛnyɛ daakye a anigye wom wɔ paradise asase so a ɛfata mmɔdenbɔ anaa nneɛma biara a wode bɛbɔ afɔre? Nokwarem no, ɛfata saa! Ɛnde, Yehowa de safe a ɛbɛma woanya saa daakye no ama wo. Saa safe no ne Onyankopɔn ho nimdeɛ. Wode bedi dwuma?

25 Sɛ wodɔ Yehowa a, w’ani begye n’apɛde ho. (1 Yohane 5:3) Bere a wofa saa kwan no so no, hwɛ nhyira horow a wubenya! Sɛ wode Onyankopɔn nimdeɛ di dwuma a, ɛbɛma woatumi anya asetra a anigye kɛse wom wɔ wiase a ɔhaw wom yi mpo mu. Na akatua a wubenya daakye no so, efisɛ eyi ne nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no! Ɛnnɛ ne bere pa a ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi. Si wo bo sɛ wobɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ ahyia. Da ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no adi. Hyɛ ne din kronkron no anuonyam, na kyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yehowa Nyankopɔn, nyansa ne nimdeɛ ankasa Fibea no, nso bedi wo ho ahurusi wɔ ne koma kɛse a ɔdɔ wom no mu. (Yeremia 31:3; Sefania 3:17) Na ɔbɛdɔ wo daa!

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn ne “nokware nkwa no”?

Harmagedon akyi no, dɛn na ɛbɛba asase so?

Henanom na wobenyan wɔn wɔ asase so?

Ɔkwan bɛn so na adesamma bɛyɛ pɛ wɔ asase so na awiei koraa no wɔasɔ wɔn ahwɛ?

Anidaso bɛn na wowɔ wɔ Paradise ho?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 188, 189]

Wowɔ anidaso sɛ wobɛtra Paradise, bere a Onyankopɔn ho nimdeɛ yɛ asase so ma no?