Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?

Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?

Ti 9

Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?

1. Nkurɔfo te nka dɛn bere a wɔn dɔfo bi wu no?

“SƐ OBI dɔfo wu a, ohu amane, efisɛ owu ma ɔhwere biribi koraa.” Saa na ɔbabarima bi a ne papa wui na ɛno akyi bere tiaa bi no ne maame wui no kae. Ɛyaw a odii ne hu a ohui sɛ wahwere ade kɛse no ma ɔtee nka sɛ “ɔrehaw dodo.” Ebia woahu amane wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Ebia woadwen faako a w’adɔfo wɔ ne sɛ ebia wobɛsan ahu wɔn bio no ho.

2. Nsemmisa a ɛhaw adwene bɛn na ɛsɔre wɔ owu ho?

2 Wɔaka akyerɛ awofo bi a wɔredi awerɛhow sɛ, “Onyankopɔn paw nhwiren a ɛyɛ fɛ sen biara no de kɔ soro.” Ɛte saa ankasa? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no akɔ ahonhom atrae bi? Ɛno na wɔfrɛ no Nirvana, a wɔka ho asɛm sɛ tebea a anigye wom a obi de ne ho fi ɛyaw ne akɔnnɔ biara ho no? Wɔn a yɛdɔ wɔn no ahyɛn ɔpon bi mu kɔ asetra a owu nnim mu wɔ paradise? Anaasɛ sɛnea afoforo kyerɛ no, owu ma wɔyɛ wɔn a wɔfom Onyankopɔn no ayayade daa? Awufo betumi anya yɛn asetra so tumi? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa nsemmisa no ho mmuae a ɛyɛ nokware no, ɛho hia sɛ yɛkɔhwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible, no mu.

DƐN NE “HONHOM” A ƐWƆ NNIPA MU NO?

3. Adwene bɛn na na Socrates ne Plato wɔ wɔ awufo ho, na eyi nya nnipa so tumi dɛn nnɛ?

3 Tete Helafo nyansapɛfo Socrates ne Plato kyerɛe sɛ ɛbɛyɛ sɛ biribi a enwu da wɔ ɔbarima ne ɔbea mu—ɔkra bi a ɛtra ase wɔ owu akyi a enwu da ankasa. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii gye eyi di nnɛ. Saa gyidi yi taa ma wosuro awufo na ɛma wodwen wɔn yiyedi ho nso. Bible no kyerɛkyerɛ yɛn biribi a ɛyɛ soronko koraa wɔ awufo ho.

4. (a) Dɛn na Genesis ka kyerɛ yɛn wɔ ɔkra ho? (b) Dɛn na Onyankopɔn de hyɛɛ Adam mu ma ɔbaa nkwa mu?

4 Sɛ yɛresusuw awufo tebea ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na yɛn papa a odi kan, Adam, nni ɔkra. Ná ɔyɛ ɔkra. Onyankopɔn de asase mu nneɛma atitiriw bɔɔ onipa—ɔkra no—na afei ohuw “nkwa home” guu ne mu wɔ adebɔ a ɛyɛ nwonwa mu. Genesis 2:7 ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra ɔteasefo.” Home a Adam homee no ma ɔkɔɔ so traa nkwa mu. Nanso, nkwa home a Onyankopɔn huw guu Adam mu no nyɛ mframa kɛkɛ a ohuw guu onipa ohurututu mu. Bible no ka “nkwa tumi” a ɛyɛ adwuma wɔ asase so abɔde a nkwa wom mu ho asɛm.—Genesis 7:22, NW.

5, 6. (a) Dɛn ne “nkwa tumi no”? (b) Sɛ “honhom” a wɔka ho asɛm wɔ Dwom 146:4 no ntumi mma nipadua no ntra nkwa mu bio a, dɛn na ɛba?

5 Dɛn ne “nkwa tumi no”? Ɛyɛ nkwa tumi bi a ɛho hia a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam nipadua a nkwa nnim no mu. Afei ɔhome maa tumi yi kɔɔ so traa hɔ. Ɛnde dɛn ne “honhom” a wɔka ho asɛm wɔ Dwom 146:4 no? Saa nkyekyem no ka fa obi a owu ho sɛ: “Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Bere a Bible akyerɛwfo no de asɛmfua “honhom” dii dwuma wɔ saa kwan yi so no, na ɛnyɛ ɔkra bi a enni nipadua a ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no wu ho asɛm na ɛwɔ wɔn adwenem.

6 “Honhom” a efi nnipa mu wɔ owu mu no ne nkwa tumi a efi yɛn Bɔfo no hɔ no. (Dwom 36:9; Asomafo no Nnwuma 17:28) Nkwa tumi yi nni abɔde a ɛma etumi tra nkwa mu no su horow no bi, sɛnea anyinam ahoɔden nni afiri a ɛma ɛyɛ adwuma no ho nneɛma bi no. Sɛ obi wu a, honhom (nkwa tumi) no mma nipadua no mu nkwammoawa nkwa bio, sɛnea kanea dum bere a wodum anyinam ahoɔden no. Sɛ nkwa tumi no ankɔ so ankanyan nipadua no a, onipa—ɔkra no—wu.—Dwom 104:29; Ɔsɛnkafo 12:1, 7.

“DƆTE MU NA WOBƐSAN AKƆ”

7. Sɛ Adam anyɛ osetie amma Onyankopɔn a, dɛn na na ɛbɛba no so?

7 Yehowa kyerɛkyerɛɛ nea owu bɛkyerɛ ama ɔbɔnefo Adam no mu pefee. Onyankopɔn kae sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Ná Adam bɛsan akɔ he? Ná ɔbɛkɔ fam, dɔte a wɔde bɔɔ no no mu. Adam befi nkwa mu kɛkɛ wɔ owu mu!

8. Sɛ akra no, ɔkwan bɛn so na nnipa korɔn sen mmoa?

8 Wɔ eyi mu no, nnipa wu nyɛ soronko wɔ mmoa de ho. Wɔn nyinaa yɛ akra, na honhom anaasɛ nkwa tumi koro no ara na ɛkanyan wɔn. (Genesis 1:24) Onyansafo Salomo ka kyerɛ yɛn wɔ Ɔsɛnkafo 3:19, 20 sɛ: “Sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ . . . ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.” Onipa korɔn sen mmoa efisɛ wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so, ɔda Yehowa su horow adi. (Genesis 1:26, 27) Nanso, wɔ owu mu no, nnipa ne mmoa nyinaa san kɔ dɔte mu.

9. Tebea bɛn na awufo wom, na ɛhe na wɔkɔ?

9 Salomo san kyerɛkyerɛɛ nea owu kyerɛ no mu bere a ɔkaa eyi no: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” Yiw, awufo nnim hwee koraa. Esiane eyi nti, Salomo hyɛɛ nkuran sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [Sheol] a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Ɛhe na awufo kɔ? Wɔkɔ Sheol (Hebri, sheʼohlʹ), adesamma nyinaa damoa mu. Yɛn adɔfo a wɔawuwu no nnim hwee. Wonhu amane, na wontumi nnya yɛn so tumi wɔ ɔkwan biara so.

10. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnsɛ sɛ owu yɛ ade a ɛde biribiara ba awiei?

10 Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn adɔfo nyinaa tra ase mfe kakraa bi pɛ na afei yefi nkwa mu koraa? Bible no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Bere a Adam tew atua no, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara a ɔde besiesie nneɛma bɔne a onipa bɔne de aba no. Na owu nka Onyankopɔn atirimpɔw ma onipa no ho. (Hesekiel 33:11; 2 Petro 3:9) Enti, ɛnsɛ sɛ owu yɛ ade a ɛma biribiara ba awiei ma yɛn anaasɛ yɛn adɔfo.

‘WADA’

11. Yesu kaa tebea a na n’adamfo Lasaro a wawu no wom ho asɛm dɛn?

11 Ɛyɛ Yehowa atirimpɔw sɛ obegye yɛne yɛn adɔfo a wɔawuwu afi Adam wu no mu. Enti, Onyankopɔn Asɛm ka awufo ho asɛm sɛ wɔadeda. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu Kristo tee sɛ n’adamfo Lasaro awu no, ɔka kyerɛɛ N’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.” Esiane sɛ asuafo no ante asɛm yi ase ntɛm ara nti, Yesu kaa no pen sɛ: “Lasaro awu.” (Yohane 11:11, 14) Afei Yesu kɔɔ Betania kurow no mu, faako a na Lasaro nuabeanom Marta ne Maria redi wɔn nuabarima wu no ho awerɛhow no. Bere a Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Wo nua no bɛsɔre” no, ɔkyerɛe sɛ ogye Onyankopɔn atirimpɔw a ese obesiesie nea owu de aba adesamma abusua no so no di. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.”—Yohane 11:23, 24.

12. Awufo ho anidaso bɛn na na Marta a na ne biribi awu no wɔ?

12 Marta anka ɔkra bi a enwu da a ɔkɔtra baabi foforo wɔ owu akyi ho asɛm biara. Wannye anni sɛ Lasaro akɔ ahonhom atrae bi dedaw rekɔtoa n’asetra so. Ná Marta gye owusɔre ho anidaso a ɛyɛ anigye no di. Ɔtee ase sɛ Lasaro a wawu no afi nkwa mu, na ɛnyɛ sɛ ɔkra a enwu da bi afi ne nuabarima no nipadua mu.

13. Tumi a Onyankopɔn de ama bɛn na na Yesu wɔ, na ɔkwan bɛn so na ɔdaa tumi yi adi?

13 Yesu Kristo ne onii a Yehowa Nyankopɔn ama no tumi sɛ onnye adesamma. (Hosea 13:14) Enti, Yesu rebua asɛm a Marta kae no, ɔkae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa, nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25) Yesu daa tumi a Onyankopɔn de ama no wɔ eyi ho no adi bere a ɔkɔɔ Lasaro a na wawu nnanan ɔboda ho konyan no ma ɔsan baa nkwa mu bio no. (Yohane 11:38-44) Wo de susuw anigye a wɔn a wohuu owusɔre yi anaa afoforo a Yesu Kristo nyan wɔn no nyae no ho!—Marko 5:35-42; Luka 7:12-16.

14. Dɛn nti na owusɔre ne ɔkra a enwu da ho adwene no nhyia?

14 Gyina na susuw eyi ho: Sɛ ɔkra a enwu da bi tra ase wɔ owu akyi a, ɛho renhia sɛ wonyan obiara fi owu mu anaasɛ wɔde no san ba nkwa mu bio. Nokwarem no, ɛrenyɛ ayamye sɛ wobenyan obi te sɛ Lasaro afi owu mu ma wabenya asetra a ɛnyɛ pɛ sɛ na wakonya ɔsoro akatua pa bi dedaw a. Nokwarem no, Bible no mfaa asɛm “ɔkra a enwu da” no nnii dwuma da. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔkra a ɔyɛ onipa a ɔyɛ bɔne no wu. (Hesekiel 18:4, 20) Enti Bible no twe adwene si owusɔre nsiesiei no so sɛ ɛne owu ano aduru ankasa.

“WƆN A WƆWƆ ADA MU NYINAA”

15. (a) Dɛn na asɛmfua “owusɔre” no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ankorankoro wusɔre nyɛ ɔhaw biara mma Yehowa Nyankopɔn?

15 Nea asɛmfua a Yesu asuafo no de gyinaa hɔ maa “owusɔre” no kyerɛ ankasa ne sɛ “obi rema ne mu so” anaasɛ “ɔresɔre agyina hɔ.” Eyi yɛ owu tebea a nkwa nnim a wɔma obi so fi mu—sɛ yɛbɛka a, adesamma nyinaa damoa a wɔsɔre fi mu. Ɛnyɛ den mma Yehowa Nyankopɔn sɛ obenyan obi. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa ne nkwa Farebae. Ɛnnɛ, nnipa tumi kyere mmarima ne mmea nne ne wɔn mfonini gu video so na wotumi yi bɔ anaa woyi eyinom kyerɛ wɔ saafo no wu akyi. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn Bɔfo a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ no betumi akyere onipa biara ho nsɛm asie na wanyan onipa koro no ara ama no nipadua foforo.

16. (a) Bɔ bɛn na Yesu hyɛe wɔ wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa no ho? (b) Dɛn na ɛbɛkyerɛ owusɔre ko a obi benya?

16 Yesu Kristo kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29) Wobenyan wɔn a Yehowa bɛkae wɔn nyinaa akyerɛkyerɛ wɔn n’akwan. Eyi bɛyɛ nkwa sɔre ama wɔn a wɔyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ hyia. Nanso, ɛbɛyɛ afobu sɔre ama wɔn a wɔpow Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ne ne nniso.

17. Henanom na wobenyan wɔn?

17 Sɛnea ɛte no, wobenyan wɔn a wɔafa ɔkwantrenee so sɛ Yehowa asomfo no. Nokwarem no, owusɔre anidaso no hyɛɛ nnipa pii den ma wogyinaa owu ano, wɔ ɔtaa a emu yɛ den mpo mu. Na wonim sɛ Onyankopɔn betumi anyan wɔn aba nkwa mu. (Mateo 10:28) Nanso nnipa ɔpepem pii awuwu a wɔankyerɛ sɛ ebia wobedi Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow so. Wobenyan wɔn nso. Esiane sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛfa eyi ho mu ahotoso nti, ɔkae sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.

18. (a) Owusɔre ho anisoadehu bɛn na ɔsomafo Yohane nyae? (b) Dɛn na wɔsɛe no wɔ “ogya tare” no mu, na “ɔtare” yi yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

18 Ɔsomafo Yohane nyaa wɔn a wɔanyan wɔn a wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anim ho anisoadehu bi a ɛyɛ anigye. Afei Yohane kyerɛwee sɛ: “Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne asaman [Hades] kyenee ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no.” (Adiyisɛm 20:12-14) Susuw ɛno ho hwɛ! Awufo a Onyankopɔn bɛkae wɔn nyinaa wɔ anidaso sɛ wobegye wɔn afi Hades (Hela, haiʹdes), anaa Sheol, adesamma nyinaa damoa mu. (Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 2:31) Wobenya hokwan de wɔn nneyɛe akyerɛ sɛ ebia wɔbɛsom Onyankopɔn anaa. Afei wɔbɛtow “owu ne asaman” akyene nea wɔfrɛ no “ogya tare,” a ɛyɛ ɔsɛe pasaa ho mfonini no mu, sɛnea asɛmfua “Gehena” nso kyerɛ no. (Luka 12:5, NW) Adesamma nyinaa damoa ankasa bɛda mpan na sɛ owusɔre no ba awiei a, ɛrentra hɔ bio. Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yebesua afi Bible no mu sɛ Onyankopɔn nyɛ obiara ayayade!—Yeremia 7:30, 31.

OWUSƆRE KƆ HE?

19. Dɛn nti na wobenyan adesamma binom akɔ soro, na nipadua bɛn na Onyankopɔn de bɛma wɔn?

19 Wobenyan mmarima ne mmea dodow bi akɔ ɔsoro asetra mu. Sɛ nnipa a wɔne Yesu bɛyɛ ahene ne asɔfo no, wobenya nea owu de aba a adesamma nya fii onipa a odi kan, Adam, hɔ a wobesiesie no mu kyɛfa. (Romafo 5:12; Adiyisɛm 5:9, 10) Nnipa baahe na Onyankopɔn bɛfa wɔn akɔ soro ma wɔne Kristo akodi ade? Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔyɛ 144,000 pɛ. (Adiyisɛm 7:4; 14:1) Yehowa bɛma saafo a wobenyan wɔn yi mu biara honhom nipadua sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi atra soro.—1 Korintofo 15:35, 38, 42-45; 1 Petro 3:18.

20. Dɛn na adesamma asoɔmmerɛfo, a wɔn a wobenyan wɔn ka ho, no benya?

20 Wobenyan wɔn a wɔawuwu no mu dodow no ara aba paradise asase so. (Dwom 37:11, 29; Mateo 6:10) Nea enti a wɔrenyan ebinom akɔ soro no fã bi ne sɛ wobewie Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no. Yesu Kristo ne 144,000 a wɔbɛtra soro no de nkakrankakra bɛma adesamma asoɔmmerɛfo asan anya pɛyɛ a yɛn awofo a wodi kan tow kyenee no. Wɔn a wɔka eyi ho ne wɔn a wobenyan wɔn, sɛnea Yesu kyerɛe bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ɔbarima a ɔrewu a na wɔabɔ no asɛnduam wɔ ne nkyɛn no: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.”—Luka 23:42, 43.

21. Sɛnea odiyifo Yesaia ne ɔsomafo Yohane kyerɛ no, dɛn na ɛbɛba owu so?

21 Wɔ Paradise asase so no, wobeyi owu a ɛnnɛ ɛma nneɛma pii yɛ kwa no afi hɔ. (Romafo 8:19-21) Odiyifo Yesaia kae sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa.’ (Yesaia 25:8) Wɔde bere a adesamma asoɔmmerɛfo bɛde wɔn ho afi ɛyaw ne owu ho no ho anisoadehu maa ɔsomafo Yohane. Yiw, “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:1-4.

22. Owusɔre ho nimdeɛ ka wo dɛn?

22 Bible no nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no yi adwenem naayɛ a ɛfa nea ɛba awufo so ho no fi hɔ. Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ “ɔtamfo a odi akyiri” a wɔbɛsɛe no ne owu. (1 Korintofo 15:26) Hwɛ ahoɔden ne awerɛkyekye a yebetumi anya afi nimdeɛ a ɛfa owusɔre ho anidaso no ho mu! Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu a Onyankopɔn bɛkae wɔn no benyan afi owu nna mu abenya nneɛma pa a ɔde asie ama wɔn a wɔdɔ no nyinaa no mu anigye! (Dwom 145:16) Saa nhyira horow no nam Onyankopɔn Ahenni no so na ɛbɛba. Nanso bere bɛn na ne nniso befi ase? Ma yɛnhwɛ.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn ne honhom a ɛwɔ nnipa mu no?

Wobɛka awufo tebea ho asɛm dɛn?

Henanom na wobenyan wɔn?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 85 mfonini]

Sɛnea Yesu frɛɛ Lasaro fii ɔboda no mu no, saa ara na wobenyan nnipa ɔpepem pii

[Kratafa 86 mfonini]

Anigye bɛtra hɔ bere a ‘Onyankopɔn mene owu kosi daa’ no