Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Ti 8

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

1, 2. Nkurɔfo taa yɛ wɔn ade dɛn wɔ amanehunu a ɛto nnipa no ho?

SƐ ASIANE si, na ɛsɛe nneɛma kunkum nnipa a, nnipa pii ntumi nhu nea enti a nneɛma bɔne a ɛtete saa ba. Faako a nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ atrɛw akodu, sɛnea ɛyɛ hu fa, ne sɛnea abu so no haw afoforo. Ebia wo nso woasusuw ho sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?’

2 Esiane sɛ nnipa pii nnyaa asemmisa yi ho mmuae a ɛma akomatɔyam nti, wɔahwere Onyankopɔn mu gyidi. Wɔte nka sɛ n’ani nnye adesamma ho. Afoforo a wogye amanehunu tom sɛ ɛka asetra ho no bo fuw na wɔde nnebɔne a ɛrekɔ so wɔ adesamma abusua no mu nyinaa ho asodi to Onyankopɔn so. Sɛ wote nka saa a, ɛda adi sɛ w’ani begye nea Bible no ka wɔ saa nsɛm yi ho no ho yiye.

AMANEHUNU MFI ONYANKOPƆN

3, 4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ampa sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma bɔne ne amanehunu ba?

3 Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔma amanehunu a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia no ba. Sɛ nhwɛso no, Kristoni suani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, entumi mma sɛ Onyankopɔn na ɔma amanehunu pii a adesamma rehyia no ba. Ɔnsɔ nnipa nhwɛ na ama wɔafata ama ɔsoro asetra, na ɔmma nnipa nhu amane wɔ nea wose ɛyɛ bɔne a wɔyɛe wɔ asetra bi a atwam mu ho.—Romafo 6:7.

4 Bio nso, ɛwom mpo sɛ nnipa ayɛ nnebɔne pii wɔ Onyankopɔn anaa Kristo din mu de, nanso hwee nni Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn baanu no mu bi apene saa nneyɛe no so pɛn. Onyankopɔn ne Kristo ne wɔn a wɔka sɛ wɔsom wɔn nanso wosisi afoforo na wotwa wɔn dwow, wokunkum wɔn na wɔfow wɔn nneɛma, na wɔyɛ nneɛma foforo pii ma nnipa hu amane no nni hwee yɛ. Nokwarem no, “ɔbɔnefo kwan yɛ [Yehowa] akyide.” Onyankopɔn “ne abɔnefo ntam ware.”—Mmebusɛm 15:9, 29.

5. Yehowa su horow no bi ne nea ɛwɔ he, na ɔte nka dɛn wɔ n’abɔde ho?

5 Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ ‘n’ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.’ (Yakobo 5:11) Ɛka sɛ “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28, NW; Yesaia 61:8) Ɔnyɛ ɔweredifo. Ofi mmɔborohunu mu hwɛ n’abɔde, na ɔde nea eye ma wɔn yiyedi sen biara ma wɔn nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 14:16, 17) Yehowa ayɛ saa fi bere a edi kan koraa a nkwa baa asase so no.

MFIASE A ƐYƐ PƐ

6. Atetesɛm bi ka adesamma abakɔsɛm mfiase ho asɛm dɛn?

6 Yɛn nyinaa hu ɛyaw ne amanehunu na yɛte nka. Enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ bere bi a amanehunu nni hɔ ho mfonini wɔ yɛn adwenem, nanso saa na na nneɛma te wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase. Aman bi atetesɛm mpo ka saa mfiase a ɛyɛ anigye no ho asɛm. Wɔ Helafo anansesɛm mu no, na wɔfrɛ “Onipa Mmere Anum” mu nea edi kan no sɛ “Bere Pa.” Saa bere no nnipa traa ase wɔ anigye mu, a na ɔbrɛ, ɛyaw ne onyin mu ahohia nni hɔ. Chinafo ka sɛ wɔ anansesɛm mu Ɔhempɔn Akokɔsrade (Huang-Ti) ahenni mu no, nkurɔfo traa ase asomdwoe mu, na wim tebea ne nkekaboa ansɛe wɔn asomdwoe. Persiafo, Misrifo, Tibetfo, Perufo, ne Mexicofo nyinaa wɔ atetesɛm a ɛfa bere a na anigye ne pɛyɛ wɔ hɔ wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase ho.

7. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase ne adesamma abusua no?

7 Amanaman no atetesɛm no retĩ nea adesamma abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a akyɛ sen biara, Bible, no ka no mu kɛkɛ. Ɛbɔ yɛn amanneɛ sɛ Onyankopɔn de nnipa baanu a wodi kan no, Adam ne Hawa, traa paradise bi a wɔfrɛ no Eden turo mu na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Ná yɛn awofo a wodi kan no yɛ pɛ, na na wɔwɔ anidaso sɛ wobehu sɛ asase no nyinaa abɛyɛ paradise a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ a wɔte hɔ wɔ asomdwoe ne anigye a enni awiei mu na wɔte so. Ɛno ne atirimpɔw a enti Onyankopɔn bɔɔ asase ne adesamma no.—Yesaia 45:18.

MPOATWA BƆNE

8. Ahyɛde bɛn na na wɔhwɛ kwan sɛ Adam ne Hawa bedi so, nanso dɛn na esii?

8 Sɛ na Adam ne Hawa bɛkɔ so anya Onyankopɔn anim dom a, na ɛnsɛ sɛ wodi “papa ne bɔne hu dua no” bi. (Genesis 2:16, 17) Sɛ wodii Yehowa mmara so a, anka amanehunu biara rensɛe nnipa asetra. Sɛ wodii Onyankopɔn ahyɛde so a, anka wɔbɛda no adi sɛ wɔdɔ Yehowa na wodi no nokware. (1 Yohane 5:3) Nanso sɛnea yesuae wɔ Ti 6 no, amma saa. Esiane sɛ Satan hyɛɛ Hawa nkuran nti, odii saa dua no aba no bi. Akyiri yi Adam nso dii saa aduaba a na wɔabara no bi.

9. Nsɛmpɔw a ɛfa Yehowa ho bɛn na Satan ma ɛsɔree?

9 Wuhu aniberesɛm a nea esii no yɛ no? Na Satan rekasa atia Yehowa dibea sɛ Ɔsorosoroni no. Bere a Ɔbonsam kae sɛ, “Ɛnyɛ owu na mubewu” no, ɔkyerɛe sɛ ka a Onyankopɔn kae sɛ, “owu na mubewu” no nyɛ nokware. Nsɛm a Satan san kae no kyerɛe sɛ Yehowa de sɛnea Adam ne Hawa betumi abɛyɛ te sɛ Onyankopɔn, ma enti wɔrenhia No na wɔasi papa ne bɔne ho gyinae no, rehintaw wɔn. Enti Satan mpoatwa no maa fata a Yehowa dibea sɛ Amansan Hene no fata ho baa asɛm.—Genesis 2:17; 3:1-6.

10. Nsɛm bɛn na Satan ka faa nnipa ho?

10 Satan Ɔbonsam kyerɛe nso sɛ nnipa bɛkɔ so ayɛ osetie ama Yehowa mpɛn dodow a osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn no de mfaso brɛ wɔn no. Ɔkwan foforo so no, ogyee nnipa mudi mu kura ho kyim. Satan bɔɔ sobo sɛ onipa biara nni hɔ a obefi ne pɛ mu akɔ so adi Onyankopɔn nokware. Wɔada Satan mpoatwa bɔne yi adi pefee wɔ Hiob, Yehowa somfo nokwafo a sɔhwɛ kɛse bi too no bere bi ansa na 1600 A.Y.B. reba, ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no mu. Sɛ wokenkan Hiob nhoma no atiri abien a edi kan no a, wubetumi ahu nea enti a nnipa hu amane na Onyankopɔn ma ho kwan no.

11. Ná Hiob yɛ onipa bɛn, nanso sobo bɛn na Satan bɔe?

11 Satan de ntua baa Hiob, “ɔbarima a odi mu na ɔteɛ” no so. Mfiase no, Satan kae sɛ Hiob kura adwene a ɛnteɛ denam asɛm yi a obisae so, “Ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no?” Afei Ɔbonsam nam anifere so kaa Onyankopɔn ne Hiob ho asɛmmɔne denam sobo a ɔbɔɔ Yehowa sɛ ɔnam ahobammɔ ne nhyira a ɔde ma Hiob no so ama no adanmude nti na odi no nokware no so. Satan twaa Yehowa mpoa sɛ: “Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!”—Hiob 1:8-11.

12. (a) Nsemmisa bɛn na na wobetumi abua, sɛ Onyankopɔn ma Satan kwan ma ɔsɔ Hiob hwɛ nkutoo a? (b) Dɛn na efii Hiob sɔhwɛ no mu bae?

12 Ná Hiob resom Yehowa esiane nneɛma pa a onya fii Onyankopɔn hɔ no nyinaa ara kwa nti? Ná Hiob betumi akɔ so akura ne mudi mu wɔ sɔhwɛ mu? Na Yehowa nso wɔ ahotoso a ɛfata wɔ ne somfo no mu a ɔbɛma kwan ma wɔasɔ no ahwɛ? Sɛ Yehowa ma kwan ma Satan de sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara ba Hiob so a, wobetumi abua nsemmisa yi. Hiob nokwaredi wɔ sɔhwɛ a Onyankopɔn maa ho kwan no mu, sɛnea wɔka wɔ Hiob nhoma no mu no, bɛyɛɛ Yehowa trenee ne onipa mudi mu kura a wɔsanee ho wɔ ɔkwan a edi mu so.—Hiob 42:1, 2, 12.

13. Ɔkwan bɛn so na nea esii wɔ Eden ne nea ɛtoo Hiob no fa yɛn ho?

13 Nanso, nea esii wɔ Eden turo no mu ne nea ɛtoo ɔbarima Hiob no kyerɛ biribi a ɛsen saa. Nsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree no fa adesamma nyinaa ho, a yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ka ho. Wɔkaa Onyankopɔn din ho asɛmmɔne na wotwaa ne tumidi mpoa. Wogyee ɔnokwafo a Onyankopɔn abɔde a ɔne onipa yɛ no ho kyim. Ná ɛsɛ sɛ wodi nsɛmpɔw yi ho dwuma.

SƐNEA WOBEDI NSƐMPƆW NO HO DWUMA

14. Sɛ wotwa obi mpoa bɔne a, dɛn na obetumi ayɛ?

14 Sɛ mfatoho no, ma yɛmfa no sɛ woyɛ ɔwofo a wowɔ ɔdɔ a wo mma dɔɔso wɔ abusua a anigye wom mu. Fa no sɛ w’afipamfo no mu biako ka atosɛm, na ɔbɔ wo sobo sɛ wonyɛ ɔwofo pa. Sɛ wo fipamfo no ka sɛ wo mma nnɔ wo, na wonni baabi pa biara a wɔbɛkɔ nti na wɔte wo nkyɛn, na sɛ obi ma wɔn baabi a, wobefi wo nkyɛn nso ɛ. Ebia wobɛka sɛ: ‘Ɛyɛ nkwaseasɛm!’ Yiw, nanso wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ asɛm no nte saa? Ebetumi ama awofo binom bo afuw. Wɔ ɔhaw pii a saa abufuw no de bɛba akyi no, ɛbɛkyerɛ sɛ atosɛm no yɛ nokware. Ɔkwan pa a wobɛfa so adi ɔhaw a ɛte sɛɛ ho dwuma ne sɛ wobɛma nea ɔtoto w’ano no anya hokwan de akyerɛ sɛ nea ɔka no yɛ nokware na wo mma no adi adanse sɛ wofi wɔn komam dɔ wo.

15. Yehowa pawee sɛ obedi Satan mpoatwa no ho dwuma dɛn?

15 Yehowa te sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ no. Yebetumi de Adam ne Hawa atoto ne mma no ho, na Satan begyina hɔ ama ofipamfo ɔtorofo no. Onyankopɔn nim nyansa nti wansɛe Satan, Adam, ne Hawa ntɛm ara, na mmom ɔmaa kwan sɛ abɔnefo yi nkɔ so ntra nkwa mu kakra. Eyi maa yɛn awofo a wodi kan no fii ase woo adesamma abusua no, na ama Ɔbonsam anya hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ebia nea ɔkae no yɛ nokware, ma enti wobetumi adi nsɛmpɔw no ho dwuma. Nanso, efi mfiase no, na Onyankopɔn nim sɛ nnipa bi bedi nokware ama no na wɔnam saayɛ so akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Hwɛ aseda a ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa sɛ wakɔ so ahyira wɔn a wɔdɔ no aboa wɔn!—2 Beresosɛm 16:9; Mmebusɛm 15:3.

DƐN NA WƆAMA ADA ADI?

16. Ɛyɛɛ dɛn na wiase no baa Satan tumi ase?

16 Ɛkame ayɛ sɛ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, Satan anya ahofadi de adi ne nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma wadi adesamma so tumi no ho dwuma. Nneɛma a wayɛ no bi ne sɛ wanya amammui atumfoɔ so nkɛntɛnso na wahyɛ ɔsom ahorow a wɔnam anifere kwan so som ɔno mmom sen sɛ wɔbɛsom Yehowa ho nkuran. Enti Ɔbonsam abɛyɛ “wi yi ase nyame,” na wɔfrɛ no “wi yi ase sodifo no.” (2 Korintofo 4:4; Yohane 12:31) Nokwarem no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Eyi kyerɛ sɛ Satan akyerɛ sɛ asɛm a ɔkae sɛ obetumi atwe adesamma nyinaa afi Yehowa Nyankopɔn ho no yɛ nokware anaa? Dabida! Ɛwom sɛ Yehowa ama kwan ma Satan akɔ so atra nkwa mu de, nanso Yehowa akɔ so adi n’ankasa atirimpɔw ho dwuma. Ɛnde, dɛn na Bible no da no adi wɔ nsɛmmɔnedi a Onyankopɔn ma ho kwan no ho?

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ nea ɛde nsɛmmɔnedi ne amanehunu bae no ho?

17 Ɛnyɛ Yehowa na ɔma nsɛmmɔnedi ne amanehunu ba. Esiane sɛ Satan ne wiase yi sodifo ne nneɛma nhyehyɛe yi nyame nti, ɔne wɔn a wɔwɔ n’afã no na wɔama tebea a adesamma abusua wom mprempren ne amanehunu a ato adesamma nyinaa no aba. Obiara ntumi nka no nokwarem sɛ Onyankopɔn na wama saa amanehunu no aba.—Romafo 9:14.

18. Dɛn na nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Yehowa ama ho kwan no ama ada adi fa twe a nnipa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no ho?

18 Nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Yehowa ama ho kwan no ada no adi sɛ Onyankopɔn a nnipa atwe wɔn ho afi ne ho no mfaa wiase papa bi mmae. Akyinnye biara nni ho sɛ asiane ahorow ayɛ abakɔsɛm mu ma. Nea enti a aba saa ne sɛ nnipa apaw sɛ wɔbɛfa wɔn ankasa ahofadi kwan so na wonni obu ankasa mma Onyankopɔn asɛm ne n’apɛde. Bere a Yehowa tete nkurɔfo ne wɔn akannifo anni nokware na wɔfaa ‘kwan a nnipa dodow no ara pɛ’ so na wɔpow n’asɛm no, asiane na efi mu bae. Onyankopɔn nam ne diyifo Yeremia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anyansafo ani bewu, wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn. Hwɛ, [Yehowa] asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?” (Yeremia 8:5, 6, 9) Esiane sɛ adesamma nni Yehowa gyinapɛn ahorow so nti, wɔn mu dodow no ara abɛyɛ sɛ po so hyɛn a enni kudɔɔ a ehinhim di akɔneaba wɔ po a ahum tu wɔ so so.

19. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Satan ntumi mma nnipa nyinaa nsɔre ntia Onyankopɔn?

19 Nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no akyerɛ nso sɛ Satan ntumi nnanee adesamma nyinaa mfii Yehowa ho. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere nyinaa nnipa ankorankoro bi wɔ hɔ a wɔkɔɔ so dii nokware maa Onyankopɔn a sɔhwɛ ne amanehunu biara a ɛtoo wɔn mfa ho. Wɔ mfehaha no mu no, Yehowa de ne tumi adi aboa n’asomfo, na wɔaka ne din ho asɛm wɔ asase so nyinaa. (Exodus 9:16; 1 Samuel 12:22) Hebrifo ti 11 ka anokwafo pii a wɔn mu bi ne Habel, Henok, Noa, Abraham ne Mose ho asɛm kyerɛ yɛn. Hebrifo 12:1 frɛ wɔn ‘adansefo mununkum pii.’ Ná wɔyɛ Yehowa mu gyidi a enhinhim ho nhwɛso. Ɛnnɛ bere yi mu nso, nnipa pii de wɔn nkwa ama de akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn. Saafo yi nam wɔn gyidi ne wɔn dɔ so da no adi pefee sɛ Satan ntumi mma nnipa nyinaa nsɔre ntia Onyankopɔn.

20. Dɛn na nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Yehowa ama kwan ma akɔ so no ada no adi wɔ Onyankopɔn ne adesamma ho?

20 Awiei koraa no, nsɛmmɔnedi ne amanehunu a Yehowa ama kwan ma akɔ so no adi adanse sɛ Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, nkutoo na obetumi na ɔfata sɛ odi adesamma so na ama wɔanya daa nhyira ne anigye. Adesamma asɔ nniso horow pii ahwɛ mfehaha pii. Nanso dɛn na afi mu aba? Nsɛnnennen ne ɔhaw a emu yɛ den a amanaman no rehyia nnɛ no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ, sɛnea Bible ka no, ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne’ ampa. (Ɔsɛnkafo 8:9) Yehowa nkutoo na obetumi agye yɛn na wama ne mfitiase atirimpɔw no abam. Ɔbɛyɛ eyi dɛn, na bere bɛn?

21. Dɛn na wɔbɛyɛ Satan, na hena na wɔbɛma wayɛ eyi?

21 Bere a Satan nnɛɛdɛe no nyaa Adam ne Hawa akyi pɛɛ no, Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw a ɛfa nkwagye kwan ho kyerɛe. Nea Yehowa ka faa Satan ho ni: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no, ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15, NW) Saa asɛm a ɔkae no yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔremma Ɔbonsam kwan ma ɔnyɛ ne nneɛma bɔne no daa. Sɛ́ Mesia Ahenni no so Hene no, Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ, Yesu Kristo, ‘bɛbɔ Satan ti.’ Yiw, Yesu bɛpɛtɛw otuatewfo Satan “ntɛm”!—Romafo 16:20.

DƐN NA WOBƐYƐ?

22. (a) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wubua? (b) Ɛwom sɛ Satan de n’abufuw kowie wɔn a wodi Onyankopɔn nokware no so de, nanso dɛn na wobetumi anya mu awerɛhyem?

22 Esiane sɛ woahu nsɛmpɔw a ɛwom no nti, hena afa na wubegyina? So wode wo nneyɛe bɛkyerɛ sɛ woyɛ Yehowa okyigyinafo nokwafo? Esiane sɛ Satan nim sɛ bere a ɔwɔ yɛ tiaa nti, ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔde n’abufuw bewie wɔn a wɔpɛ sɛ wokura wɔn mudi mu ma Onyankopɔn no so. (Adiyisɛm 12:12) Nanso wubetumi de wo ho ato Onyankopɔn so ma waboa wo efisɛ “[Yehowa] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu.” (2 Petro 2:9) Ɔremma wɔnsɔ wo nhwɛ ntra nea wubetumi, na ɔbɛma ɔkwan abɛda hɔ ma woatumi agyina sɔhwɛ ahorow ano.—1 Korintofo 10:13.

23. Dɛn na yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan?

23 Momma yɛmfa ahotoso nhwɛ bere a Yesu Kristo bɛyɛ ade atia Satan ne n’akyidifo nyinaa no kwan. (Adiyisɛm 20:1-3) Yesu bɛsɛe wɔn a wɔka ho bi na amanehunu ne basabasayɛ a adesamma ahyia no aba no nyinaa. Ansa na saa bere no bɛba no, amanehunu biako a ɛyɛ yaw yiye ne yɛn adɔfo a yɛhwere wɔn wɔ owu mu no. Kenkan ti a edi hɔ no na woahu nea ɛba wɔn so.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma nnipa hu amane?

Nsɛmpɔw bɛn na Satan ma ɛsɔree wɔ Eden a ɛdaa adi pefee wɔ Hiob nna no mu?

Dɛn na amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no ama ada adi?

[Adesua no ho nsɛmmisa]