Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?

Dɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?

Ti 6

Dɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?

1. Dɛn na nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛɛ mu wɔ onipa nkwa ho?

NYANSAHUFO nnim nea enti a nnipa nyinyin na wowuwu. Ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛn nkwammoaa yɛ wɔn ho foforo na ɛsɛ sɛ yɛtra ase daa. Nhoma Hyojun Soshikigaku (Mmoa ne Afifide mu Nneɛma Ho Adesua) ka sɛ: “Sɛnea nkwammoaa nyin ne sɛnea obi nyin na owu wɔ abusuabɔ no yɛ ahintasɛm kɛse.” Nyansahufo pii gye di sɛ nkwa wɔ anohyeto a wonya fi “awo mu.” Wususuw sɛ nea wɔka no yɛ nokware?

2. Esiane sɛ nkwa ba awiei ntɛm nti, dɛn na ebinom ayɛ?

2 Nnipa pɛ bere nyinaa sɛ wɔbɛtra ase akyɛ, na wɔabɔ mmɔden mpo sɛ wobenya asetra a owu nnim. Efi afeha a ɛto so anan A.Y.B. no, China adehye de wɔn adwene kɔɔ nnuru a wose wɔyɛe na ama wɔanya asetra a owu nnim so. Chinafo ahempɔn bi a wɔbaa akyiri yi sɔɔ nnuru a wose ɛbɛma wɔatra ase daa—a wɔde mercury yɛe—hwɛe, na wowuwui! Wɔ wiase afanan nyinaa no, nkurɔfo gye di sɛ owu nyɛ wɔn asetra awiei. Buddhafo, Hindufo, Nkramofo ne afoforo wɔ owu akyi asetra ho anidaso kɛse. Wɔ Kristoman mu no, nnipa pii susuw sɛ wobenya owu akyi asetra a ɛyɛ anigye wɔ soro.

3. (a) Dɛn nti na nnipa pɛ daa nkwa? (b) Owu ho nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ yebua?

3 Adwenhorow a nnipa wɔ wɔ owu akyi anigye ho kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wonya daa nkwa. Bible no ka daa nkwa ho adwene a Onyankopɔn de hyɛɛ yɛn mu no ho asɛm sɛ: “Ɔde bere a enni awiei mpo ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) Ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no ma wonyaa anidaso sɛ wobetumi atra ase daa wɔ asase so. (Genesis 2:16, 17) Ɛnde, dɛn nti na nnipa wuwu? Ɛyɛɛ dɛn na owu baa wiase? Onyankopɔn ho nimdeɛ ma yenya nsemmisa yi ho mmuae.—Dwom 119:105.

PƆW BƆNE

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ɔsɛmmɔnedifo a ɔma nnipa wuwu no adi?

4 Ɔsɛmmɔnedifo bɔ mmɔden katakata nneɛma so na wɔankyere no. Saa ara na nea odii nsɛmmɔne a ama nnipa ɔpepepem pii awuwu no nso ayɛ. Wafa kwan bi so akatakata nneɛma so ma onipa wu ayɛ ahintasɛm. Yesu Kristo kyerɛɛ saa ɔsɛmmɔnedifo yi bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wokum No no: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:31, 40, 44.

5. (a) Ɛyɛɛ dɛn na nea ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no bɛyɛɛ obi a ɔte saa? (b) Nsɛmfua “Satan” ne “Ɔbonsam” kyerɛ dɛn?

5 Yiw, Ɔbonsam yɛ “owudifo” tirimɔdenfo. Bible da no adi sɛ ɔyɛ ɔteasefo ankasa, ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ obi komam kɛkɛ. (Mateo 4:1-11) Ɛwom sɛ wɔbɔɔ no sɛ ɔbɔfo a ɔteɛ de, nanso ‘wannyina nokware no mu.’ Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam! (Adiyisɛm 12:9) Wɔfrɛ no “Satan,” anaasɛ “ɔsɔretiafo,” efisɛ wasɔre atia Yehowa na wako atia no. Wɔsan frɛ ɔsɛmmɔnedifo yi sɛ “Ɔbonsam,” a ɛkyerɛ “otwirifo,” efisɛ waka abususɛm de atoto Onyankopɔn ano.

6. Dɛn nti na Satan tew atua tiaa Onyankopɔn?

6 Dɛn na ɛkanyan Satan maa ɔtew atua tiaa Onyankopɔn? Adifudepɛ. Ɔnam adifudepɛ so maa n’ani beree ɔsom a nnipa de ma Yehowa no. Ɔbonsam anyi akɔnnɔ a onyae sɛ obenya ɔsom a ɛte saa no amfi hɔ, nea na ɛfata sɛ wɔde ma Ɔbɔadeɛ no nkutoo no. (Fa toto Hesekiel 28:12-19 ho.) Mmom no, ɔbɔfo a ɔbɛyɛɛ Satan no maa ne pɛsɛmenkominya akɔnnɔ yi nyinii kosii sɛ ɛsow aba maa bɔne fii mu bae.—Yakobo 1:14, 15.

7. (a) Dɛn na ɛma nnipa wuwu? (b) Dɛn ne bɔne?

7 Yɛahu omumɔyɛfo a ne nsɛmmɔnedi ama nnipa wuwu no. Nanso dɛn pɔtee na ɛma nnipa wu? Bible ka sɛ: “Owu nwowɔee ne bɔne.” (1 Korintofo 15:56) Na dɛn ne bɔne? Sɛ yɛbɛte asɛmfua yi ase a, ma yensusuw nea ɛkyerɛ wɔ kasa horow a wodii kan de kyerɛw Bible no mu ho. Hebri ne Hela adeyɛ nsɛm a wɔtaa kyerɛ ase sɛ “wɔyɛ bɔne” no kyerɛ sɛ “wɔbɛtow afom” a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔtow fom botae anaasɛ wonnu ho. Botae bɛn na yɛn nyinaa nnu ho? Botae a ɛne osetie a edi mu a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na bɔne baa wiase?

SƐNEA WODII PƆW A WƆBƆE NO HO DWUMA

8. Ɔkwan bɛn so na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa asom no?

8 Satan de ahwɛyiye bɔɔ pɔw bi a osusuwii sɛ ɛbɛma wadi nnipa nyinaa so na wɔasom no. Osii gyinae sɛ ɔbɛdaadaa nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, ma wɔayɛ bɔne atia Onyankopɔn. Ná Yehowa ama yɛn awofo a wodi kan no nimdeɛ a anka ɛde wɔn bɛkɔ daa nkwa mu. Na wonim sɛ wɔn Bɔfo no ye, efisɛ na ɔde wɔn atra Eden turo fɛfɛ no mu. Adam titiriw na ɔtee ne soro Agya no papayɛ nka bere a Onyankopɔn maa no ɔyere hoɔfɛfo ne ɔboafo no. (Genesis 1:26, 29; 2:7-9, 18-23) Ná osetie a nnipa baanu a wodi kan no bɛyɛ ama Onyankopɔn na ɛbɛma wɔakɔ so atra ase.

9. Ahyɛde bɛn na Onyankopɔn de maa onipa a odi kan no, na dɛn nti na na eyi nyɛ den?

9 Onyankopɔn hyɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, na Yehowa Nyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ma n’abɔde na ɔkyerɛ wɔn papa ne bɔne. Ná n’ahyɛde no nyɛ den efisɛ na Adam ne Hawa wɔ hokwan sɛ wodi turo no mu nnua foforo no nyinaa so aba no bi. Na wobetumi adi mmara yi so de akyerɛ sɛ wɔwɔ anisɔ ma Yehowa tumidi a ɛfata no sen sɛ wɔde ahantan bɛhyehyɛ wɔn ankasa abrabɔ ho gyinapɛn ahorow.

10. (a) Ɔkwan bɛn na Satan faa so kɔɔ nnipa nkyɛn na watwe wɔn akɔ n’afã? (b) Adwemmɔne bɛn na Satan kyerɛe sɛ Yehowa wɔ? (d) Adwene bɛn na wukura wɔ ntua a Satan de baa Onyankopɔn so no ho?

10 Ɔbonsam bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtwe nnipa a wodi kan no afi Onyankopɔn ho. Nea ɛbɛyɛ na Satan atwe wɔn aba n’afã no, odii atoro. Bere a Ɔbonsam de ɔwɔ dii dwuma sɛnea obi a ɔkasa fa abaduaba so yɛ no, obisaa Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Bere a Hawa kaa Onyankopɔn ahyɛde no, Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Afei ɔkyerɛe sɛ Yehowa kura adwemmɔne denam eyi a ɔkae no so: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:1-5) Enti Ɔbonsam kyerɛe sɛ Onyankopɔn de biribi pa rekame wɔn. Hwɛ sɛnea otwirii Yehowa, ɔsoro Agya nokwafo a ɔwɔ ɔdɔ no!

11. Ɛyɛɛ dɛn na Adam ne Hawa bɛyɛɛ Satan bɔne no fafafo?

11 Hawa san hwɛɛ dua no bio, afei na ɛte sɛ nea n’aba no yɛ akɔnnɔ yiye. Enti ɔtew aduaba no dii. Akyiri yi, ne kunu hyɛɛ da kɔkaa ne ho wɔ bɔne a ɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden yi mu. (Genesis 3:6) Ɛwom sɛ wɔdaadaa Hawa de, nanso ɔne Adam nyinaa boaa pɔw a Satan bɔe sɛ obedi adesamma abusua no so no. Nokwarem no, wɔbɛyɛɛ ne bɔne no fafafo.—Romafo 6:16; 1 Timoteo 2:14.

12. Dɛn na efii atua a nnipa tew tiaa Onyankopɔn no mu bae?

12 Ná ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa gyina nea wɔn nneyɛe no de bae no ano. Wɔanyɛ sɛ Onyankopɔn, na wɔannya nimdeɛ soronko. Mmom no, wɔn ani wui na wɔkɔtɛwee. Yehowa buu Adam fɔ na ɔde afobu yi mae: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) “Da” a yɛn awofo a wodi kan no dii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, Onyankopɔn buu wɔn fɔ na wowui wɔ n’ani so. Afei ɔpam wɔn fii Paradise na wofii ase goruwee de kosii honam fam owu mu.

SƐNEA BƆNE NE OWU TRƐWEE

13. Ɛyɛɛ dɛn na bɔne trɛw kaa adesamma abusua no nyinaa?

13 Ɛda adi sɛ na Satan adi nkonim wɔ pɔw a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nnipa asom no no mu. Nanso, wantumi amma n’asomfo ankɔ so antra nkwa mu. Bere a bɔne fii ase yɛɛ adwuma wɔ nnipa baanu a wodi kan no mu no, wɔantumi amfa pɛyɛ amma wɔn mma bio. Te sɛ nsɛm a wɔakyerɛw agu ɔbo so no, na wɔakurukyerɛw bɔne wɔ yɛn awofo a wodi kan no awosu mu tɔnn. Enti, na mma a wɔnyɛ pɛ nkutoo na wobetumi awo wɔn. Esiane sɛ Adam ne Hawa yɛɛ bɔne ansa na wonyinsɛn wɔn mma nyinaa nti, wɔn asefo nyaa bɔne ne owu.—Dwom 51:5; Romafo 5:12.

14. (a) Yebetumi de wɔn a wɔka sɛ wonni bɔne no atoto hena ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Israelfo no hui sɛ wɔyɛ abɔnefo?

14 Nanso, ɛnnɛ nnipa pii nnye nni sɛ wɔyɛ abɔnefo. Wɔ wiase no afã horow bi no, nnipa dodow no ara nnim sɛ yenyaa bɔne fii awo mu. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ bɔne nni hɔ. Abarimaa bi a n’anim ayɛ fĩ betumi aka sɛ n’anim nyɛɛ fĩ, gye bere a wahwɛ ahwehwɛ mu nkutoo na obetumi agye adi sɛ ɛte saa. Na tete Israelfo te sɛ saa abarimaa no bere a wɔnam Onyankopɔn diyifo Mose so nyaa Ne Mmara no. Mmara no daa no adi pefee sɛ bɔne wɔ hɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne.” (Romafo 7:7-12) Te sɛ abarimaa no a ɔrehwɛ ahwehwɛ mu no, Israelfo no nam Mmara no a wɔde hwɛɛ wɔn ho no so tumi hui sɛ wɔn ho ntew wɔ Yehowa ani so.

15. Dɛn na ahwehwɛ a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no mu a yɛhwɛ no ma ɛda adi?

15 Sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm no mu na yɛhyɛ emu gyinapɛn ahorow no nsow a, yebetumi ahu sɛ yɛnyɛ pɛ. (Yakobo 1:23-25) Sɛ nhwɛso no, susuw nea Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no faa Onyankopɔn ne wɔn yɔnko a wɔbɛdɔ no, a wɔakyerɛw wɔ Mateo 22:37-40 no ho. Hwɛ mpɛn dodow a nnipa ntumi nnu eyinom ho! Nnipa pii ahonim nhaw wɔn mpo wɔ ɔdɔ a wɔnkyerɛ mma Onyankopɔn anaa wɔn mfɛfo no ho.—Luka 10:29-37.

HWƐ YIYE WƆ SATAN NNƐƐDƐE HO!

16. Dɛn na yebetumi ayɛ na Satan nnɛɛdɛe no annya yɛn, na dɛn nti na eyi yɛ den?

16 Satan pɛ sɛ ɔma yɛhyɛ da yɛ bɔne. (1 Yohane 3:8) Ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so a ne nnɛɛdɛe no nnya yɛn? Yiw, nanso eyi hwehwɛ sɛ yɛko tia su horow a ɛbɛma yɛahyɛ da ayɛ bɔne. Esiane sɛ awosu a ɛma yɛyɛ bɔne no ano yɛ den yiye nti, eyi nyɛ mmerɛw. (Efesofo 2:3) Ná ɛsɛ sɛ Paulo di apere ankasa. Dɛn ntia? Efisɛ na bɔne te ne mu. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia bɔne su horow a ɛwɔ yɛn mu no.—Romafo 7:14-24; 2 Korintofo 5:10.

17. Dɛn na ɛma ko a yɛko tia yɛn bɔne su ahorow no yɛ den kɛse?

17 Esiane sɛ bere nyinaa Satan hwehwɛ hokwan ahorow a ɔde bɛdaadaa yɛn ma yɛabu Onyankopɔn mmara ahorow so nti, ko a yɛko tia bɔne no nyɛ mmerɛw. (1 Petro 5:8) Bere a na Paulo redwen ne mfɛfo Kristofo ho no, ɔkae sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” (2 Korintofo 11:3) Satan fa akwan a ɛtete saa so nnɛ. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn keserenee wɔ Yehowa papayɛ ne Onyankopɔn mmara so a yebedi so mfaso horow ho. Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔde bɔne su horow a yenya fii awo mu no bedi dwuma de ama yɛada ahantan, adifudepɛ, ɔtan, ne afoforo ho adwemmɔne adi.

18. Ɔkwan bɛn so na Satan de wiase no di dwuma de hyɛ bɔne ho nkuran?

18 Nnɛɛdɛe a Ɔbonsam de di dwuma tia yɛn no mu biako ne wiase a odi so tumi no. (1 Yohane 5:19) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, nnipa a wɔn bra asɛe ne asisifo a wɔwɔ wiase a yɛte mu no mu no bɛhyɛ yɛn ma yɛafa ɔkwammɔne bi a ebu Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow so no so. (1 Petro 4:3-5) Nnipa pii bu wɔn ani gu Onyankopɔn mmara ahorow so na wontie wɔn ahonim mpo, na ɛma awiei koraa no ewu. (Romafo 2:14, 15; 1 Timoteo 4:1, 2) Ebinom de nkakrankakra paw ɔkwan bi a kan no na wɔn ahonim a ɛnyɛ pɛ no mpo mma kwan sɛ wɔmfa so no.—Romafo 1:24-32; Efesofo 4:17-19.

19. Dɛn nti na ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛbɔ ɔbra pa kɛkɛ?

19 Ɔbra pa a yɛbɔ no kyerɛ sɛ yɛatumi ayɛ biribi wɔ wiase yi mu. Nanso, sɛ yɛbɛsɔ yɛn Bɔfo no ani a, pii ho hia. Ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi nso na yɛte nka sɛ yɛwɔ asɛyɛde wɔ n’anim. (Hebrifo 11:6) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” (Yakobo 4:17) Yiw, Onyankopɔn ne ne mmara ahorow a yɛbɛhyɛ da abu yɛn ani agu so no ankasa yɛ bɔne.

20. Ɔkwan bɛn so na Satan betumi abɔ mmɔden sɛ obesiw wo kwan na woanyɛ nea ɛteɛ, nanso dɛn na ɛbɛboa wo ma woako atia saa nhyɛso horow no?

20 Ɛda adi yiye sɛ Satan bɛma wɔasɔre atia wo wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ a wonam Bible no a wusua so hwehwɛ no ho. Yɛwɔ anidaso ankasa sɛ woremma nhyɛso ahorow a ɛtete saa no nsiw wo kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ. (Yohane 16:2) Ɛwom sɛ sodifo pii gyee Yesu dii wɔ ne som adwuma no mu de, nanso wɔanka ne ho asɛm ankyerɛ efisɛ na wosuro sɛ afoforo ne wɔn remmɔ wɔ baabi a wɔte no. (Yohane 12:42, 43) Satan nam atirimɔden so bɔ mmɔden sɛ obehunahuna obiara a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Nanso, bere nyinaa ɛsɛ sɛ wokae anwonwade ahorow a Yehowa ayɛ no na wokyerɛ ho anisɔ. Wubetumi aboa asɔretiafo mpo ma wɔanya anisɔ a ɛte saa ara.

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi wiase no ne yɛn ankasa bɔne su horow so nkonim?

21 Mpɛn dodow a yɛnyɛ pɛ no, yɛbɛyɛ bɔne. (1 Yohane 1:8) Nanso, yɛwɔ mmoa wɔ akodi yi mu. Yiw, yebetumi adi nkonim wɔ ko a yɛreko atia ɔbɔnefo, Satan Ɔbonsam, no mu. (Romafo 5:21) Wɔ Yesu asase so som adwuma no awiei no, ɔde nsɛm yi hyɛɛ n’akyidifo nkuran: “Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo betumi adi wiase no so nkonim denam Onyankopɔn mmoa so. Satan nni wɔn a wɔsɔre tia no na ‘wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase’ no so tumi biara. (Yakobo 4:7; 1 Yohane 5:18) Sɛnea yebehu no, Onyankopɔn de ɔkwan bi a yɛbɛfa so afi bɔne ne owu nkoasom mu ama.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Hena ne Satan Ɔbonsam?

Dɛn nti na nnipa nyinyin na wowuwu?

Dɛn ne bɔne?

Ɔkwan bɛn so na Satan twetwe nnipa ma wɔhyɛ da yɛ bɔne tia Onyankopɔn?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 54]