Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?

Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?

Ti 3

Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?

1. Dɛn nti na nnipa pii gye Bible mu nsɛm a edi kan no tom?

SƐ WOHWƐ soro anadwo a wim tew a, wo ho nnwiriw wo sɛ wuhu nsoromma pii? Wokyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a ɛbae no mu dɛn? Na nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ asase so—nhwiren a ɛyɛ fɛ, nnomaa ne wɔn su a ɛyɛ dɛ, abonsu a wɔn ho yɛ den a wohuruhuruw wɔ po mu no nso ɛ? Yebetumi akɔ so aka nneɛma bebree. Eyinom nyinaa ntumi mma ara kwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii gye Bible mu nsɛm a edi kan yi tom: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase”!—Genesis 1:1.

2. Dɛn na Bible no ka fa Onyankopɔn ho, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ dɛn?

2 Adesamma adwene nhyia koraa wɔ Onyankopɔn ho nsɛm ho. Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn yɛ tumi bi a onni nipasu. Nnipa ɔpepem pii som wɔn nananom a wɔawuwu, na wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ akyirikyiri dodo sɛ wɔbɛbɛn no. Nanso Bible no da no adi sɛ nokware Nyankopɔn no yɛ ɔteasefo ankasa a ɔkyerɛ yɛn mu biara ho anigye kɛse. Enti na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnhwehwɛ Onyankopɔn’ bere a ɛka eyi no: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:27.

3. Dɛn nti na yentumi nyɛ Onyankopɔn mfonini?

3 Onyankopɔn te dɛn? N’asomfo kakra anya n’anuonyam atrae no ho anisoadehu. Ɔyɛɛ ne ho mfonini wɔ eyi mu sɛ ɔte ahengua so, na hann a ɛhyerɛn yiye fi ne hɔ ba. Nanso, wɔn a wonyaa saa anisoadehu no anka animdua pɔtee bi ho asɛm. (Daniel 7:9, 10; Adiyisɛm 4:2, 3) Nea enti a ɛte saa ne sɛ “Onyankopɔn yɛ honhom”; onni ɔhonam nipadua. (Yohane 4:24) Nokwarem no, yentumi nyɛ yɛn Bɔfo no nipadua ankasa mfonini pɛpɛɛpɛ, efisɛ “obi nhuu Nyankopɔn pɛn.” (Yohane 1:18; Exodus 33:20) Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn ho nsɛm pii.

NOKWARE NYANKOPƆN NO WƆ DIN

4. Abodin a ɛkyerɛ biribi a wɔde ka Onyankopɔn ho asɛm wɔ Bible mu no bi ne dɛn?

4 Wɔde nsɛm te sɛ ‘Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,’ ‘Ɔsorosoroni,’ ‘Ɔbɔadeɛ Kunini,’ ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini,’ ‘Amansan Hene,’ ne “Mmeresanten Hene” ka nokware Nyankopɔn no ho asɛm wɔ Bible no mu. (Genesis 17:1; Dwom 50:14; Ɔsɛnkafo 12:1; Yesaia 30:20; Asomafo no Nnwuma 4:24; 1 Timoteo 1:17) Saa abodin ahorow no ho a yebesusuw no betumi aboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii.

5. Onyankopɔn din de dɛn, na mpɛn ahe na epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu?

5 Nanso, Onyankopɔn wɔ din soronko bi a epue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nkutoo mu—epue mpɛn pii sen n’abodin biara. Bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni no, Yudafo no nam gyidihunu so gyaee din kronkron no bɔ. Wɔamfa ɛnne nkyerɛwee anka nkyerɛwee a wɔde kyerɛw Hebri kasa mu Bible no ho. Enti, yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu sɛnea Mose, Dawid, anaasɛ tetefo afoforo bɔɔ anom nkyerɛwee anan (יהוה) a ɛka bom yɛ din kronkron no pɛpɛɛpɛ. Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔbɔ Onyankopɔn din no “Yahwe,” nanso wontumi nhu pefee sɛ ɛte saa. Wɔde sɛnea wɔbɔ no wɔ Twi mu sɛ “Yehowa” no adi dwuma mfehaha pii, na wogye sɛnea wɔbɔ no wɔ kasa horow pii mu no tom wɔ mmeae pii nnɛ.—Hwɛ Exodus 6:3 ne Yesaia 26:4.

NEA Enti A Ɛsɛ Sɛ Wode Onyankopɔn Din Di Dwuma

6. Dɛn na Dwom 83:18 ka fa Yehowa ho, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ne din di dwuma?

6 Onyankopɔn din soronko, Yehowa, no ma ɔda nsow wɔ anyame afoforo nyinaa ho. Ɛno nti na saa din no pue mpɛn pii wɔ Bible no mu no, titiriw Hebri nkyerɛwee no. Nsɛm asekyerɛfo pii mfa din kronkron no nni dwuma, nanso Dwom 83:18, NW, ka pefee sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni asase nyinaa so.” Enti ɛfata sɛ yɛde Onyankopɔn din ankasa bedi dwuma bere a yɛka ne ho asɛm no.

7. Dɛn na nea edin Yehowa kyerɛ no kyerɛkyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn ho?

7 Edin Yehowa no yɛ Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ “ɛbɛyɛ.” Enti, Onyankopɔn din kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Enti Yehowa Nyankopɔn da ne ho adi sɛ Atirimpɔw Wura. Ɔma n’atirimpɔw ahorow bam bere nyinaa. Nokware Nyankopɔn no nkutoo na obetumi afa din yi ma afata, efisɛ nnipa ntumi nhu da sɛ wɔn nhyehyɛe ahorow bɛbam. (Yakobo 4:13, 14) Yehowa nkutoo na otumi ka sɛ: ‘Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ. Ebewie nea enti a mesomae no.’—Yesaia 55:11.

8. Atirimpɔw bɛn na Yehowa nam Mose so daa no adi?

8 Hebrifo tete agyanom a wɔne Abraham, Isak, ne Yakob ‘bɔɔ Yehowa din,’ nanso wɔanhu nea din kronkron no kyerɛ anwie. (Genesis 21:33; 26:25; 32:9; Exodus 6:3) Bere a Yehowa daa n’atirimpɔw adi akyiri yi sɛ obegye wɔn asefo, Israelfo no, afi nkoasom mu wɔ Misraim, na wama wɔn “asase a nufusu ne wo sen wɔ so no,” ebia ɛbɛyɛɛ te sɛ nea ɛnyɛ yiye. (Exodus 3:17) Nanso, Onyankopɔn sii nea ne din kyerɛ daa no so dua denam eyi a ɔka kyerɛɛ odiyifo Mose no so: “Ka kyerɛ Israel mma sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn.’ Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Exodus 3:15, NW.

9. Farao buu Yehowa dɛn?

9 Mose ka kyerɛɛ Farao, Misraim hene sɛ ɔmma Israelfo no nkɔsom Yehowa wɔ sare no so. Nanso, Farao, a na wobu n’ankasa sɛ onyame, a na ɔsom Misrifo anyame foforo no buae sɛ: “Hena ne Yehowa a enti ɛsɛ sɛ mitie ne nne na mema Israel kɔ? Minnim Yehowa no koraa, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.”—Exodus 5:1, 2, NW.

10. Wɔ tete Misraim no, dɛn na Yehowa yɛ de maa n’atirimpɔw a ɛfa Israelfo no ho no baam?

10 Afei Yehowa yɛɛ ade nkakrankakra de maa n’atirimpɔw baam, na ɔyɛɛ ade ma ɛne nea ne din kyerɛ hyiae. Ɔde ɔhaw ahorow du baa tete Misrifo no so. Ɔhaw a etwa to no kunkum Misraim mmakan nyinaa, a ɔhantanfo Farao abakan ka ho. Afei na Misrifo no ho pere wɔn sɛ Israel nkɔ. Nanso, Misrifo binom ani sɔɔ Yehowa tumi kɛse ma enti wɔne Israelfo no fii Misraim kɔe.—Exodus 12:35-38.

11. Anwonwade bɛn na Yehowa yɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no mu, na dɛn na wɔmaa n’atamfo gye toom?

11 Farao a na wapirim ne koma ne n’asraafo, ne akodi nteaseɛnam ɔhaha pii siim sɛ wɔresan akɔkyere ne nkoa no. Bere a Misrifo no bɛnee no, Onyankopɔn nam anwonwakwan so paee Po Kɔkɔɔ no mu na ama Israelfo no atumi afa asase kesee so atwa. Bere a ataafo no sii subɔnka no mu no, Yehowa ‘hunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru.’ Misrifo akofo no teɛteɛɛm sɛ: “Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ ɛda adi sɛ Yehowa reko atia Misrifo no ama wɔn.” Nanso na aka akyi dodo. Nsu no afasu kɛse no bui na ‘ɛkataa Farao dɔm nyinaa, nteaseɛnam ne apɔnkɔfo so.’ (Exodus 14:22-25, 28, NW) Yehowa nam saayɛ so gyee din kɛse, na werɛ mfii saa asɛm no de besi nnɛ.—Yosua 2:9-11.

12, 13. (a) Dɛn na Onyankopɔn din kyerɛ ma yɛn nnɛ? (b) Dɛn na ehia sɛ nkurɔfo de ntɛmpɛ sua, na dɛn ntia?

12 Edin a Onyankopɔn agye no kyerɛ biribi kɛse ma yɛn nnɛ. Ne din, Yehowa, no yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa abam. Nea ɛka eyi ho ne ne mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma yɛn asase yi adan paradise a ɛbɛbam no. (Genesis 1:28; 2:8) Ɛno nti, Onyankopɔn beyi wɔn a wɔsɔre tia ne tumidi nnɛ no nyinaa afi hɔ, efisɛ waka sɛ: ‘Wobehu sɛ mene Yehowa.’ (Hesekiel 38:23) Afei Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ obegye n’asomfo akɔ trenee wiase foforo mu no so.—2 Petro 3:13.

13 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no nyinaa sua sɛ wɔde gyidi bɛbɔ ne din. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Wobegye obiara a ɔbɔ Yehowa din no nkwa.” (Romafo 10:13, NW) Yiw, Yehowa din kyerɛ biribi titiriw. Yehowa din a wobɛbɔ sɛ wo Nyankopɔn ne wo Gyefo no betumi ama woanya anigye daadaa.

NOKWARE NYANKOPƆN NO SU HOROW

14. Onyankopɔn su atitiriw bɛn na Bible no si so dua?

14 Israel a Onyankopɔn gyee wɔn fii Misraim no si su atitiriw anan a ɔwɔ a ɔde di dwuma ma ɛkari pɛ no so dua. Sɛnea ɔne Farao dii no daa ne tumi a ɛyɛ hu no adi. (Exodus 9:16) Ahokokwaw a Onyankopɔn de dii saa tebea a emu yɛ den no ho dwuma no daa ne nyansa a ɛso nni no adi. (Romafo 11:33) Ɔnam nnipa a wɔyɛ mpĩ a wɔsɔre tiaa ne nkurɔfo na wɔhyɛɛ wɔn so no aso a ɔtwee no so daa n’atɛntrenee adi. (Deuteronomium 32:4) Onyankopɔn su a ɛkyɛn so ne ɔdɔ. Yehowa daa ɔdɔ soronko adi denam ne bɔhyɛ a ɛfa Abraham asefo ho a ɔma enyaa mmamu no so. (Deuteronomium 7:8) Ɔdaa ɔdɔ adi nso denam Misrifo bi a ɔma wɔpow atoro anyame na ɔma wonyaa nokware Nyankopɔn koro no afa a wɔbae so mfaso kɛse no so.

15, 16. Akwan bɛn so na Onyankopɔn ayi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn?

15 Bere a wokenkan Bible no, wubehu sɛ ɔdɔ ne Onyankopɔn su a ɛkyɛn so, na ɔda no adi wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, ɔdɔ nti na ɔbɛyɛɛ Ɔbɔadeɛ na odii kan ne ne honhom abɔde nyaa nkwa mu anigye. Saa abɔfo ɔpepehaha pii no dɔ Onyankopɔn na woyi no ayɛ. (Hiob 38:4, 7; Daniel 7:10) Onyankopɔn daa ɔdɔ adi nso denam asase a ɔbɔe na osiesiee so sɛ nnipa ntra so anigye mu no so.—Genesis 1:1, 26-28; Dwom 115:16.

16 Yenya Onyankopɔn dɔ so mfaso wɔ akwan pii a yentumi mmobɔ din so. Ade biako ne sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ yɛn nipadua wɔ anwonwakwan bi a ebetumi ama yɛanya asetra mu anigye so. (Dwom 139:14) Ne dɔ da adi, kyerɛ sɛ ‘ɔma osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma yɛn abotɔyam.’ (Asomafo no Nnwuma 14:17) Onyankopɔn ‘ma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.’ (Mateo 5:45) Ɔdɔ ka yɛn Bɔfo no nso ma ɔboa yɛn na yɛanya Onyankopɔn ho nimdeɛ asom no anigye so sɛ n’asomfo. Nokwarem no, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Nanso ne nipasu afã horow pii wɔ hɔ.

“ONYANKOPƆN MMƆBOROHUNUFO NE ƆDOMFOƆ”

17. Dɛn na yesua wɔ Onyankopɔn ho wɔ Exodus 34:6, 7?

17 Bere a Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no akyi no, na ɛho da so ara hia sɛ wohu Onyankopɔn yiye. Mose tee nka sɛ na ohia eyi na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w’anim dom.” (Exodus 33:13) Mose huu Onyankopɔn yiye bere a ɔtee sɛ Onyankopɔn ankasa paee mu kaa eyi no: “[Yehowa, Yehowa], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, na ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Onyankopɔn de ne dɔ ne atɛntrenee di dwuma ma ɛkari pɛ, na ɔmmɔ wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no ho ban wɔ nea wɔn nnebɔne no de ba no ho.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ mmɔborohunufo?

18 Sɛnea Mose hui no, Yehowa da mmɔborohunu adi. Mmɔborohunufo wɔ ayamhyehye ma wɔn a wohu amane na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn ho atɔ wɔn. Enti Onyankopɔn ayi mmɔborohunu adi akyerɛ adesamma denam nsiesiei a wayɛ na ama wɔade wɔn ho afi amanehunu, ɔyare ne owu ho daa no so. (Adiyisɛm 21:3-5) Amanehunu ahorow betumi ato Onyankopɔn asomfo esiane wiase bɔne yi mu tebea horow nti, anaasɛ wobetumi ayɛ ade a nyansa nnim na ɔhaw ato wɔn. Nanso sɛ wɔde ahobrɛase dan kɔ Yehowa nkyɛn sɛ ɔmmoa wɔn a, ɔbɛkyekye wɔn werɛ na waboa wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ ɔnam mmɔborohunu so da ayamhyehye adi kyerɛ n’asomfo.—Dwom 86:15; 1 Petro 5:6, 7.

19. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdomfoɔ?

19 Atumfoɔ pii yɛ afoforo basabasa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ sɛnea Yehowa hu n’asomfo ahobrɛasefo mmɔbɔ! Ɛwom sɛ ɔne otumfoɔ a ɔkorɔn sen biara wɔ amansan no mu de, nanso oyi ayamye soronko adi kyerɛ adesamma nyinaa. (Dwom 8:3, 4; Luka 6:35) Yehowa yi mmɔborohunu adi kyerɛ ankorankoro nso, na obua wɔn abisade pɔtee a wɔde hwehwɛ n’anim dom no. (Exodus 22:26, 27; Luka 18:13, 14) Nokwarem no, ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ Onyankopɔn beyi ɔdom anaa mmɔborohunu adi akyerɛ obiara. (Exodus 33:19) Enti, ehia sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn mmɔborohunu ne ne dom ho anisɔ a emu dɔ.—Dwom 145:1, 8.

NE BO KYƐ FUW, ƆNHWƐ NNIPA ANIM, NA ƆYƐ ƆTRENEENI

20. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bo kyɛ fuw na ɔnhwɛ nnipa anim nso?

20 Yehowa bo kyɛ fuw. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ obu n’ani gu nneɛma so, efisɛ ɔsɛee Farao a na ɔyɛ mpĩ no ne n’asraafo wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. Yehowa nhwɛ nnipa anim nso. Enti, awiei koraa no, ne nkurɔfo a na wɔsɔ n’ani, Israelfo no, hweree n’anim dom efisɛ wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne. Onyankopɔn gye aman nyinaa mu nnipa tom sɛ n’asomfo, nanso ogye wɔn a wɔfa n’akwantrenee so nkutoo.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

21. (a) Dɛn na Adiyisɛm 15:2-4 kyerɛkyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn ho? (b) Dɛn na ɛbɛma ayɛ mmerɛw kɛse ma yɛayɛ nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ?

21 Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no si hia a ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn “trenee mmara” no so dua. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ ɔsoro abɔde to dwom sɛ: “[Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ [wo trenee mmara] ada adi.” (Adiyisɛm 15:2-4) Yɛda osuro pa adi kyerɛ Yehowa, anaa yebu no, denam nea ɔka sɛ ɛteɛ a yɛyɛ no so. Yɛma eyi yɛ mmerɛw bere a yɛkae Onyankopɔn nyansa ne ne dɔ no. Ne mmara nyinaa wɔ hɔ ma yɛn yiyedi.—Yesaia 48:17, 18.

‘YEHOWA YƐN NYANKOPƆN NO YƐ KORO’

22. Dɛn nti na wɔn a wogye Bible no tom nsom Baasakoro?

22 Tete Misrifo som anyame pii, nanso Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ahofama a edi mu.” (Exodus 20:5, NW) Mose kaee Israelfo no sɛ “[Yehowa] yɛn Nyankopɔn no [yɛ Yehowa] koro.” (Deuteronomium 6:4) Yesu Kristo tĩĩ saa nsɛm no mu. (Marko 12:28, 29) Enti, wɔn a wogye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm no nsom Baasakoro bi a emufo yɛ nnipa anaasɛ anyame baasa a wɔbom biako. Nokwarem no, asɛmfua “Baasakoro” no nni Bible mu mpo. Nokware Nyankopɔn no yɛ Ɔteasefo biako, ɛsono ɔno na ɛsono Yesu Kristo. (Yohane 14:28; 1 Korintofo 15:28) Onyankopɔn honhom kronkron no nyɛ onipa. Ɛyɛ Yehowa adeyɛ tumi, a Ade Nyinaa so Tumfoɔ no de ma n’atirimpɔw ahorow bam.—Genesis 1:2; Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 32, 33; 2 Petro 1:20, 21.

23. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse? (b) Dɛn na Yesu ka fa Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no no ho, na dɛn na ehia sɛ yesua fa Kristo ho?

23 Sɛ wususuw sɛnea Yehowa ho yɛ nwonwa no ho a, wunnye ntom sɛ ɛfata sɛ wosom no? Bere a wusua n’Asɛm, Bible, no, wubehu no yiye, na wubehu nea ɔhwehwɛ sɛ woyɛ na asi wo yiye na woanya anigye daa. (Mateo 5:3, 6) Afei nso, ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse. Ɛno fata, efisɛ Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:30) Ɛda adi sɛ na Yesu wɔ ɔdɔ a ɛte saa ma Onyankopɔn. Nanso dɛn na Bible no da no adi wɔ Yesu Kristo ho? Ɔfã bɛn na ɔwɔ wɔ Yehowa atirimpɔw mu?

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Onyankopɔn din de dɛn, na mpɛn ahe na wɔde di dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode Onyankopɔn din di dwuma?

Yehowa Nyankopɔn su horow bɛn na w’ani gye ho titiriw?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 29 mfonini]

Wunim Amansan Bɔfo no yiye kodu he?