Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Tumi Na Ɛsɛ Sɛ Wugye Tom?

Hena Tumi Na Ɛsɛ Sɛ Wugye Tom?

Ti 14

Hena Tumi Na Ɛsɛ Sɛ Wugye Tom?

1, 2. So tumi horow nyinaa pira yɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

“TUMI” yɛ asɛmfua a nnipa pii mpɛ sɛ wɔte. Ntease wɔ eyi mu, efisɛ wɔtaa de tumi di dwuma ɔkwammɔne so—wɔ adwumam, abusua mu, ne nniso horow mu. Bible ka no nokwarem sɛ: ‘Onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Yiw, nnipa pii nam atirimɔden ne ahopɛ so adi afoforo so.

2 Nanso ɛnyɛ tumi nyinaa na edi awu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka sɛ yɛn nipadua wɔ yɛn so tumi. “Ɛhyɛ” yɛn sɛ yɛnhome, yennidi, yɛnnom nsu, na yɛnna. So eyi yɛ nhyɛso? Dabi. Eyinom a yɛyɛ no ye ma yɛn. Ɛwom sɛ ebia yemfi yɛn pɛ mu na yɛde yɛn nipadua ahiade ma de, nanso tumi afoforo bi wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase ma. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

NEA ƆWƆ TUMI SEN BIARA NO

3. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔfrɛ Yehowa “Otumfoɔ Pumpuni” (NW)?

3 Wɔfrɛ Yehowa sɛ “Otumfoɔ Pumpuni” (NW) bɛboro mpɛn 300 wɔ Bible no mu. Otumfoɔ yɛ obi a ɔwɔ tumi sen biara. Dɛn na ɛma Yehowa fata dibea yi? Adiyisɛm 4:11 bua sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”

4. Ɔkwan bɛn na Yehowa paw sɛ ɔbɛfa so adi ne tumi?

4 Sɛ yɛn Bɔfo no, Yehowa wɔ hokwan sɛ odi tumi sɛnea ɔpɛ. Ɛte sɛ nea ebia eyi bɛma ehu aka yɛn, titiriw bere a yenim sɛ Onyankopɔn wɔ “tumi dodow.” Wɔfrɛ no ‘Nyankopɔn Tweaduampɔn’—asɛm a ɛda adwene a ɛne ahoɔden a enni ano adi wɔ Hebri mu. (Yesaia 40:26; Genesis 17:1) Nanso, Yehowa da n’ahoɔden adi wɔ adɔe kwan so, efisɛ ne su titiriw ne ɔdɔ.—1 Yohane 4:16.

5. Dɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama Yehowa tumidi?

5 Ɛwom sɛ Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ ɔbɛtwe abɔnefo a wonnu wɔn ho no aso de, nanso na Mose nim no titiriw sɛ “Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so.” (Deuteronomium 7:9) Susuw ho hwɛ! Nea Ɔwɔ Tumi Sen Biara wɔ amansan no mu nhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Mmom no, yetwiw bɛn no esiane ne dɔ nti. (Romafo 2:4; 5:8) Ɛyɛ anigye mpo sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Yehowa tumi ase, efisɛ ne mmara ahorow ma esi yɛn yiye bere nyinaa.—Dwom 19:7, 8.

6. Ɛyɛɛ dɛn na tumi ho ɔsɛmpɔw no sɔree wɔ Eden turo no mu, na dɛn na efii mu bae?

6 Yɛn awofo a wodi kan no pow Onyankopɔn tumidi. Ná wɔn ankasa pɛ sɛ wosi papa ne bɔne ho gyinae. (Genesis 3:4-6) Eyi nti, wɔpam wɔn fii wɔn Paradise fie no mu. Ɛno akyi no, Yehowa maa nnipa kwan ma wɔde tumi ho nhyehyɛe a ɛbɛma wɔatumi atra ase wɔ abusua a wɔnyɛ pɛ nanso wɔyɛ ade wɔano wɔano mu no sii hɔ. Tumi horow no bi ne dɛn, na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama akodu he?

“ATUMFOƆ A WƆKORƆN”

7. Henanom ne “atumfoɔ a wɔkorɔn,” na abusuabɔ bɛn na wɔn gyinabea ne Onyankopɔn tumi wɔ?

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, efisɛ tumi biara nni hɔ gye nea efi Onyankopɔn.” Henanom ne “atumfoɔ a wɔkorɔn” no? Nsɛm a Paulo ka wɔ nkyekyem ahorow a edi hɔ mu kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa nniso mu atumfoɔ. (Romafo 13:1-7, NW; Tito 3:1) Ɛnyɛ Yehowa na ɔde nnipa nniso mu atumfoɔ no sisii hɔ, na mmom wama kwan sɛ wɔntra hɔ. Enti Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn de atumfoɔ no asisi wɔn sɛso gyinabea.” Dɛn na eyi kyerɛ wɔ asase so tumi a ɛte saa no ho? Ɛkyerɛ sɛ ennu, anaasɛ ɛba fam sen Onyankopɔn tumi. (Yohane 19:10, 11) Enti, sɛ onipa mmara ne Onyankopɔn mmara bɔ abira a, ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ahonim a wɔde Bible atete no kyerɛ wɔn kwan. ‘Ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:29.

8. Ɔkwan bɛn so na wunya atumfoɔ a wɔkorɔn no so mfaso, na ɔkwan bɛn na wubetumi afa so akyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma wɔn?

8 Nanso, mpɛn pii no nniso mu atumfoɔ a wɔkorɔn yɛ adwuma sɛ ‘Onyankopɔn asomfo ma yɛn papa.’ (Romafo 13:4) Akwan bɛn so? Susuw nnwuma pii a atumfoɔ a wɔkorɔn no yɛ no ho, te sɛ nkrataa a wɔde mena, polisifo ne ogya ho ahobammɔ, ahotew ne nhomasua. Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.” (Romafo 13:6) Ɛsɛ sɛ ‘yedi nokware’ wɔ towtua ne mmara mu asɛyɛde foforo biara mu.—Hebrifo 13:18.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na atumfoɔ a wɔkorɔn no ne Onyankopɔn nhyehyɛe hyia? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobɛsɔre atia atumfoɔ a wɔkorɔn no?

9 Ɛtɔ mmere bi a, atumfoɔ a wɔkorɔn no de wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so. So eyi ma yɛfa yɛn ho di wɔ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn no ho? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Yehowa hu atumfoɔ yi nneyɛe bɔne no. (Mmebusɛm 15:3) Nnipa nniso a wama ho kwan no nkyerɛ sɛ obu n’ani gu emu ɔporɔw so; na ɔnhwɛ kwan nso sɛ yɛbɛyɛ saa. Nokwarem no, ɛnkyɛ Onyankopɔn ‘bebubu ahenni horow yi nyinaa’ na ɔde n’ankasa trenee nniso tumidi asi ananmu. (Daniel 2:44) Nanso, ansa na ɔbɛyɛ saa no, atumfoɔ a wɔkorɔn no di atirimpɔw bi a mfaso wɔ so ho dwuma.

10 Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɔne tumi no di asi no resɔre atia Onyankopɔn nhyehyɛe.” (Romafo 13:2, NW) Atumfoɔ a wɔkorɔn no yɛ Onyankopɔn “nhyehyɛe,” kyerɛ sɛ, wɔma asomdwoe bi tra hɔ, anyɛ saa a basabasayɛ kɛse bɛkɔ so. Sɔre a yɛbɛsɔre atia wɔn no ne Kyerɛwnsɛm renhyia na nyansa nnim. Ɛho mfatoho ni: Fa no sɛ wɔayɛ wo oprehyɛn na wɔde nhama apam kuru no. Ɛwom sɛ hama no nyɛ nipadua no fã de, nanso edi atirimpɔw bi ho dwuma kosi bere bi. Sɛ bere no nnui na wuyiyi a, wubepira wo ho. Saa ara nso na na nnipa nniso mu atumfoɔ nyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no fã. Nanso, enkosi sɛ n’Ahenni bedi asase so koraa no, nnipa nniso horow ka adesamma bom, na ɛyɛ adwuma bi a ɛne Onyankopɔn apɛde ma nnɛ bere yi hyia. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma atumfoɔ a wɔkorɔn no, bere a yɛde Onyankopɔn mmara ne ne tumi di kan no.

TUMIDI WƆ ABUSUA NO MU

11. Wobɛkyerɛkyerɛ tiyɛ ho nnyinasosɛm no mu dɛn?

11 Abusua no ne adesamma abusua no nnyinaso titiriw. Okunu ne ɔyere betumi anya ayɔnkofa a ɛsom bo wom, na wobetumi abɔ mmofra ho ban atete wɔn ama wɔn mpanyin bere. (Mmebusɛm 5:15-21; Efesofo 6:1-4) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa a ɛte saa yi wɔ ɔkwan a ɛma abusua no mufo tumi tra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu so. Nea Yehowa nam so yɛ eyi ne tiyɛ nnyinasosɛm no, nea wɔka ho asɛm tiawa wɔ 1 Korintofo 11:3 sɛɛ no: “Ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.”

12, 13. Hena ne abusua no ti, na dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu di ne tiyɛ no mu?

12 Okunu no ne abusua no ti. Nanso, ɔwɔ ti bi a ɔkorɔn sen no—Yesu Kristo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:25) Okunu da no adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Kristo bere a ɔyɛ ne yere sɛnea Yesu ayɛ asafo no bere nyinaa no. (1 Yohane 2:6) Wɔama Yesu tumi kɛse, nanso odi tumi no wɔ odwo, ɔdɔ, ne ntease a ɛsen biara mu. (Mateo 20:25-28) Sɛ́ onipa no, Yesu amfa ne dibea a tumi wom no anni dwuma ɔkwammɔne so da. Na ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu,’ na ɔfrɛɛ n’akyidifo sɛ “nnamfo” na ɛnyɛ “nkoa.” Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ “mɛma moahome,” na ɔyɛɛ saa.—Mateo 11:28, 29; Yohane 15:15.

13 Yesu nhwɛso no kyerɛ okununom sɛ Kristofo tiyɛ nyɛ dibea a ɛma wodi afoforo so atirimɔden so. Mmom no, ɛma obi da obu adi na ofi ɔdɔ mu de ne ho bɔ afɔre. Eyi kyerɛ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ obi yɛ ne hokafo ayayade anaasɛ ɔyeyaw no. (Efesofo 4:29, 31, 32; 5:28, 29; Kolosefo 3:19) Sɛ Kristoni barima yɛ ne yere ayayade saa a, mfaso remma ne nnwuma pa foforo so, na ne mpaebɔ kwan besiw.—1 Korintofo 13:1-3; 1 Petro 3:7.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ho nimdeɛ boa ɔyere ma ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu?

14 Sɛ okunu suasua Kristo nhwɛso no a, ɛyɛ mmerɛw ma ne yere sɛ obedi nsɛm a ɛwɔ Efesofo 5:22, 23 no so: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” Sɛnea ɛsɛ sɛ okunu brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu. Bible no nso kyerɛ pefee sɛ ɔyerenom mmɔdenbɔfo fata nidi ne nkamfo wɔ wɔn soro nyansa ne nsiyɛ no ho.—Mmebusɛm 31:10-31.

15 Brɛ a ɔyere Kristoni brɛ ne ho ase ma ne kunu no yɛ nea ekosi baabi. Eyi kyerɛ sɛ sɛ ne ho ase a ɔbɛbrɛ wɔ asɛm bi mu bɛma wabu Onyankopɔn mmara so a, ɛsɛ sɛ otie Onyankopɔn mmom sen onipa. Sɛ ɛba saa mpo a, ɛsɛ sɛ ɔyere “honhom a edwo na ɛyɛ komm” no da adi wɔ ne gyinabea pintinn no mu. Ɛsɛ sɛ ɛda adi sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ ama wayɛ ɔyere pa. (1 Petro 3:1-4) Eyi nso fa ɔbarima Kristoni a ne yere nyɛ gyidini no ho. Ɛsɛ sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a odi so no ma ɔyɛ okunu pa.

16. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi asuasua nhwɛso a Yesu yɛe bere a na ɔyɛ abofra no?

16 Efesofo 6:1 ka mmofra asɛyɛde ho asɛm sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.” Kristofo mmofra di Yesu a ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa n’awofo bere a na ɔrenyin no nhwɛso akyi. Sɛ́ abarimaa ɔsoɔmmerɛfo no, ‘onyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’—Luka 2:51, 52.

17. Sɛnea awofo di wɔn tumi no betumi anya nkɛntɛnso bɛn wɔ wɔn mma so?

17 Sɛnea awofo di wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma betumi akyerɛ sɛ ebia mmofra no bebu tumidi anaa wɔbɛtew ho atua. (Mmebusɛm 22:6) Enti ɛfata sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ, ‘So mede me tumi di dwuma ɔdɔ mu anaa atirimɔden so? Mema biribiara ho kwan?’ Wɔhwɛ kwan sɛ ɔwofo a osuro Onyankopɔn bɛda ɔdɔ adi adwen ne mma ho, nanso obedi nnyinasosɛm pa akyi pintinn. Ɛfata sɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw [nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ‘monnhyɛ wɔn abufuw’], na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21.

18. Ɛsɛ sɛ awofo de nteɛso ma dɛn?

18 Ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ sɛnea wɔde ntetee ma no mu, titiriw sɛ wɔpɛ sɛ wɔn mma yɛ osetie na ama ɛde anigye abrɛ wɔn a. (Mmebusɛm 23:24, 25) Wɔ Bible mu no, nteɛso yɛ ɔkyerɛkyerɛ ankasa. (Mmebusɛm 4:1; 8:33) Wɔde bata ɔdɔ ne odwo ho, na ɛnyɛ abufuw ne atirimɔdensɛm. Enti, ɛho hia sɛ awofo Kristofo de nyansa yɛ ade nya ahosodi bere a wɔde nteɛso rema wɔn mma no.—Mmebusɛm 1:7.

TUMI A ƐWƆ ASAFO NO MU

19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe pa wɔ Kristofo asafo no mu?

19 Esiane sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ ade wɔano wɔano nti, ntease wom sɛ ɔde akanni a tumi ka ho a wahyehyɛ no yiye bɛma ne nkurɔfo. Enti, wapaw Yesu sɛ Kristofo asafo no Ti. (1 Korintofo 14:33, 40; Efesofo 1:20-23) Wɔ Kristo akanni a aniwa nhu ase no, Onyankopɔn ama wɔayɛ nhyehyɛe bi a mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo biara mu nam so fi wɔn pɛ ne ɔdɔ mu hwɛ nguan no. (1 Petro 5:2, 3) Asafo mu asomfo boa wɔn wɔ akwan horow so yɛ adwuma a mfaso wɔ so wɔ asafo no mu.—Filipifo 1:1.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn no, na dɛn nti na mfaso wɔ eyi so?

20 Paulo kyerɛw faa Kristofo mpanyimfo ho sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” (Hebrifo 13:17) Onyankopɔn fi nyansam ama Kristofo ahwɛfo asɛyɛde sɛ wonni asafo no mufo honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Mpanyimfo yi nyɛ asɔfokuw. Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ne ne nkoa, a wodi wɔn mfɛfo asomfo ahiade ahorow ho dwuma sɛnea yɛn Wura, Yesu Kristo, yɛe no ara pɛ. (Yohane 10:14, 15) Nim a yenim sɛ mmarima a wɔfata wɔ Kyerɛwnsɛm mu kyerɛ yɛn nkɔso ne yɛn honhom fam onyin ho anigye no hyɛ yɛn nkuran ma yɛne wɔn yɛ biako brɛ yɛn ho ase ma wɔn.—1 Korintofo 16:16.

21. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo a wɔapaw wɔn hwehwɛ sɛ wɔbɛboa wɔn mfɛfo Kristofo wɔ honhom fam?

21 Ɛtɔ mmere bi a, nguan betumi afom kwan anaasɛ wiase no nneɛma a edi awu de wɔn bɛto asiane mu. Wɔ Oguanhwɛfo Panyin no akanni ase no, mpanyimfo a wɔsom sɛ nguanhwɛfo nkumaa no ma wɔn ani da hɔ sɛ wobedi wɔn a wɔhwɛ wɔn no ahiade ahorow ho dwuma na wɔde nsiyɛ ma wɔn ani ku wɔn ho. (1 Petro 5:4) Wɔsrasra asafo no mufo ka nkuranhyɛ nsɛm kyerɛ wɔn. Esiane sɛ mpanyimfo no nim sɛ Ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn nkurɔfo asomdwoe nti, wɔda ɔsoro nyansa adi bere a wɔredi ɔhaw biara ho dwuma no. (Yakobo 3:17, 18) Wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma biakoyɛ ne gyidi mu koroyɛ atra hɔ, ade a Yesu ankasa bɔɔ ho mpae.—Yohane 17:20-22; 1 Korintofo 1:10.

22. Mmoa bɛn na mpanyimfo de ma wɔ bɔne a obi yɛ no ho?

22 Na sɛ asɛmmɔne bi to Kristoni anaa bɔne bi a wayɛ ma n’aba mu bu nso ɛ? Bible afotu a awerɛkyekye wom ne mpae a mpanyimfo no fi wɔn komam bɔ ma no no betumi aboa no ma wanya honhom fam ahoɔden. (Yakobo 5:13-15) Mmarima yi a honhom kronkron paw wɔn no wɔ tumi nso sɛ wɔde nteɛso ne animka bɛma obiara a ɔnam ɔkwammɔne bi so anaasɛ ɔma asafo no honhom ne abrabɔ fam ahotew ho ba asɛm no. (Asomafo no Nnwuma 20:28; Tito 1:9; 2:15) Nea ɛbɛyɛ na asafo no ho atew no, ebia ɛho behia sɛ ankorankoro ka bɔne a anibere wom kyerɛ. (Leviticus 5:1) Sɛ Kristoni a wayɛ bɔne bi a anibere wom gye Kyerɛwnsɛm mu nteɛso ne animka tom de adanse a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa ma a, wɔbɛboa no. Nokwarem no, wotu wɔn a wɔkɔ so bu Onyankopɔn mmara so a wonnu wɔn ho no fi asafo no mu.—1 Korintofo 5:9-13.

23. Dɛn na Kristofo ahwɛfo de ma de boa asafo no?

23 Bible no ka siei sɛ wɔ Yesu Kristo ase sɛ Ɔhene no, wɔbɛpaw mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo awerɛkyekye, ahobammɔ, ne ahotɔ. (Yesaia 32:1, 2) Wobedi wɔn anim sɛ asɛmpakafo, nguanhwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo na wama wɔakɔ so anyin honhom mu. (Efesofo 4:11, 12, 16) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a Kristofo ahwɛfo bɛka wɔn mfɛfo gyidifo anim atu wɔn fo de, nanso mpanyimfo nkyerɛkyerɛ pa a egyina Onyankopɔn Asɛm so a obi de di dwuma no boa ma ɔkɔ so nantew nkwa kwan no so.—Mmebusɛm 3:11, 12; 6:23; Tito 2:1.

GYE ADWENE A YEHOWA WƆ WƆ TUMIDI HO TOM

24. Nsɛmpɔw bɛn na wɔsɔ yɛn hwɛ wɔ ho da biara?

24 Wɔsɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no hwɛe wɔ ɔsɛmpɔw a ɛfa ahobrɛase a wɔyɛ ma tumidi ho no ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛte saa da biara. Satan Ɔbonsam ama atuatew honhom anya nkɔso wɔ adesamma mu. (Efesofo 2:2) Ɔnam nnaadaa so ma ahofadi bɛyɛ te sɛ nea eye kyɛn ahobrɛase.

25. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ wiase atuatew honhom no a yɛbɛpow ne yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama tumi a Onyankopɔn di anaasɛ ɔma ho kwan no so?

25 Nanso, ɛsɛ sɛ yɛpow wiase no atuatew honhom no. Bere a yɛyɛ saa no, yebehu sɛ ahobrɛase pa de akatua pii ba. Sɛ nhwɛso no, yɛbɛkwati dadwen ne abasamtu a wɔn a wɔne wiase atumfoɔ nya asɛm no taa hyia no. Yɛbɛma ntawntawdi a ɛwɔ mmusua pii mu no so atew. Na yebenya yɛne yɛn mfɛfo Kristofo gyidifo ntam fekubɔ a anigye ne ɔdɔ wom no mu mfaso horow. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛn ahobrɛase pa no bɛma yɛne Yehowa, Nea Ɔwɔ Tumi Sen Biara no, anya abusuabɔ pa.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Ɔkwan bɛn so na Yehowa di ne tumi?

Henanom ne “atumfoɔ a wɔkorɔn” no, na ɔkwan bɛn so na yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase ma wɔn?

Asɛyɛde bɛn na tiyɛ ho nnyinasosɛm no de to abusua muni biara so?

Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Kristofo asafo no mu?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 134 adaka]

AHOBRƐASE, ƐNYƐ ƆMAN ASE TUTU

Yehowa Adansefo nam wɔn baguam asɛnka adwuma no so kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ne adesamma anidaso koro pɛ a ɛbɛma wɔanya nokware asomdwoe ne ahotɔ. Nanso saa Onyankopɔn Ahenni ho dawurubɔfo a wɔyɛ nnam yi ntutu aban ase wɔ faako a wɔte no koraa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Adansefo ka ɔmamma a wobu ade na wodi mmara so sen biara no ho. Afrika man bi mu aban panyin bi kae sɛ: “Sɛ asɔre ahorow no nyinaa te sɛ Yehowa Adansefo a, anka awudi, korɔnbɔ, mmarato, nneduafo ne atɔm atopae befi hɔ. Yɛrentoto apon mu bere nyinaa.”

Esiane sɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ nsase pii so nim eyi nti, wɔama Adansefo no asɛnka adwuma ho kwan koraa. Wɔ nsase foforo so no, atumfoɔ no atwa bara a wɔbaraa Yehowa Adansefo anaa anohyeto a wɔde too wɔn so no mu bere a wohui sɛ wonya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa no. Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛw faa atumfoɔ a wɔkorɔn a wobetie wɔn no ho no: “Yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi.”—Romafo 13:1, 3.