Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?

Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?

Ti 5

Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?

1. Dɛn na na Samariani bea bi pɛ sɛ ohu wɔ ɔsom ho?

SO WOABISA wo ho pɛn sɛ, ‘Henanom som na Onyankopɔn gye tom?’ Ebia asemmisa bi a ɛte saa baa ɔbea bi adwenem bere a ɔne Yesu Kristo kasae wɔ Bepɔw Gerisim ho wɔ Samaria no. Ɔbea no retwe adwene asi nsonsonoe a ɛda Samariafo ne Yudafo som ntam so no, ɔkae sɛ: “Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.” (Yohane 4:20) Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ Onyankopɔn gye ɔsom nyinaa tom? Anaasɛ ɔkae sɛ nneɛma pɔtee bi ho hia na ama obi asɔ Onyankopɔn ani?

2. Bere a Yesu rebua Samariani bea bi no, dɛn na ɔkae?

2 Yesu mmuae a ɛyɛ ahodwiriw no ne sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre agya no.” (Yohane 4:21) Ná Samariafo no de bere tenten asom Yehowa ne anyame foforo wɔ Bepɔw Gerisim so. (2 Ahene 17:33) Afei Yesu Kristo kae sɛ saa beae no anaa Yerusalem ho renhia wɔ nokware som mu.

WƆSƆRE HONHOM NE NOKWARE MU

3. (a) Dɛn nti na na Samariafo nnim Onyankopɔn ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yudafo anokwafo ne afoforo betumi ahu Onyankopɔn?

3 Yesu toaa so ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ: “Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.” (Yohane 4:22) Ná Samariafo no kura atoro nyamesom nsusuwii na Bible no mu nhoma anum a edi kan no nkutoo na wogye toom sɛ wɔnam honhom so kyerɛwee—na na eyi wɔ wɔn ankasa kyerɛwnsɛm a wɔfrɛ no Samariafo Pentateuch no mu. Enti, na wonnim Onyankopɔn ankasa. Nanso, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ ama Yudafo no. (Romafo 3:1, 2) Kyerɛwnsɛm no de nea na Yudafo anokwafo ne afoforo a wobetie no hia na ama wɔahu Onyankopɔn no maa wɔn.

4. Sɛnea Yesu kyerɛe no, sɛ na Onyankopɔn begye Yudafo ne Samariafo nyinaa som atom a, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

4 Nokwarem no, Yesu kyerɛe sɛ na ɛsɛ sɛ Yudafo ne Samariafo no nyinaa sakra ɔkwan a wɔfa so som no na ama wɔasɔ Onyankopɔn ani. Ɔkae sɛ: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Ɛho hia sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ‘honhom mu’ a koma a gyidi ne ɔdɔ ayɛ no ma kanyan yɛn. Yebetumi asom Onyankopɔn “nokware mu” denam n’Asɛm, Bible, no a yebesua, ne som a yɛbɛsom ma ɛne ne nokware a wada no adi ahyia so. Wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛyɛ saa?

5. (a) “Ɔsom” kyerɛ dɛn? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn som tom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

5 Yesu sii so dua sɛ Onyankopɔn hwehwɛ nokware som. Eyi kyerɛ sɛ ɔsom ahorow bi wɔ hɔ a Yehowa nnye ntom. Onyankopɔn a yɛbɛsom no kyerɛ sɛ yɛde ɔsom mu nidi ne ɔsom kronn bɛma no. Sɛ wopɛ sɛ wudi sodifo tumfoɔ bi ni a, ebia wubenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛsom no na woayɛ nea ɛsɔ n’ani. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani. Enti, sɛ anka yɛbɛka kɛkɛ sɛ ‘M’ani gye me som ho no,’ ɛho hia sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛn som du nea Onyankopɔn hwehwɛ no ho.

AGYA NO APƐDE A YƐBƐYƐ

6, 7. Dɛn nti na Yesu annye ebinom a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ n’asuafo no antom?

6 Ma yɛnkenkan Mateo 7:21-23 na yɛnhwɛ sɛ yebetumi ahu ade titiriw bi a ɛkyerɛ sɛ ebia ɔsom nyinaa sɔ Onyankopɔn ani anaa. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”

7 Yesu Kristo a yebegye no atom sɛ Awurade no ho hia wɔ nokware som mu. Nanso biribi bɛtɔ sin wɔ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu asuafo no som mu. Ɔkae sɛ ebinom bɛyɛ “ahoɔdenne” te sɛ nea wose ɛyɛ anwonwakwan so ayaresa. Nanso, wɔrenyɛ nea Yesu ka sɛ ɛho hia no. Wɔrenyɛ ‘n’Agya apɛde.’ Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yehu Agya no apɛde na afei yɛyɛ.

NOKWARE NIMDEƐ—ƐYƐ AHOBAMMƆ

8. Sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, dɛn na ehia, na adwene a ɛnteɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

8 Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ hwehwɛ sɛ yebenya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa ho nokware nimdeɛ. Saa nimdeɛ no ma daa nkwa. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yebu asɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yenya nokware nimdeɛ fi Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no aniberesɛm. Ebinom ka sɛ ɛho nhia sɛ yɛhaw yɛn ho, mpɛn dodow a yefi komam yɛ ade na yɛda nnamyɛ adi wɔ yɛn som mu no. Afoforo ka sɛ, ‘Sɛ wunnim pii a, wɔnhwehwɛ pii mfi wo hɔ.’ Nanso, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a yɛwɔ no nkɔ anim.—Efesofo 4:13; Filipifo 1:9; Kolosefo 1:9.

9. Nokware nimdeɛ bɔ yɛn ho ban dɛn, na dɛn nti na yehia saa ahobammɔ no?

9 Saa nimdeɛ no yɛ ahobammɔ a ɛmma yɛn som ho ngu fĩ. Ɔsomafo Paulo kaa honhom abɔde bi a ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” ho asɛm. (2 Korintofo 11:14) Esiane sɛ honhom abɔde yi—Satan—mma yenhu sɛnea ɔte ankasa nti, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia. Honhom abɔde foforo a wɔne Satan bɔ no nso regu nkurɔfo som ho fĩ, efisɛ Paulo kae sɛ: “Afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn.” (1 Korintofo 10:20) Ebia, nnipa pii asusuw sɛ na wɔresom wɔ ɔkwan pa so, nanso na wɔnyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Na wɔadaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som a aporɔw mu. Yebesua Satan ne adaemone no ho ade pii akyiri yi, nanso akyinnye biara nni ho sɛ saa Onyankopɔn atamfo yi regu adesamma som ho fĩ.

10. Sɛ obi hyɛ da de awuduru gu nsu a wonom mu a, dɛn na wobɛyɛ, na dɛn na Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ boa yɛn ma yɛyɛ?

10 Sɛ wunim sɛ obi ahyɛ da de awuduru agu nsu a wonom mu a, wobɛkɔ so anom? Ɛda adi pefee sɛ wobɛyɛ ntɛm ahwehwɛ baabi a wubenya nsu kurennyenn a awuduru nnim. Ɛnde, Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ boa yɛn ma yehu nokware som na yɛpow efĩ a ɛmma ɛnsɔ Onyankopɔn ani no.

NNIPA AHYƐDE HOROW A WOBU NO SƐ NKYERƐKYERƐ

11. Dɛn na na atoto wɔ Yudafo pii som ho?

11 Bere a na Yesu wɔ asase so no, Yudafo no pii anyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ anhyia. Enti wɔhweree hokwan a na ɛbɛma wɔanya Yehowa anim gyinabea a ɛho tew. Paulo kyerɛw faa wɔn ho sɛ: “Midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonnim no [nokware] nimdeɛ mu.” (Romafo 10:2) Wɔn ankasa sii sɛnea wɔbɛsom Onyankopɔn ho gyinae sen sɛ anka wobetie nea ɔkae no.

12. Dɛn na ɛmaa Israelfo som ho guu fĩ, na dɛn na efii mu bae?

12 Mfiase no, Israelfo no de wɔn ho hyɛɛ nokware som a Onyankopɔn de maa wɔn no mu, nanso wɔde nnipa nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ahorow guu ho fĩ. (Yeremia 8:8, 9; Malaki 2:8, 9; Luka 11:52) Ɛwom sɛ na Yudafo nyamesom akannifo a wɔfrɛ wɔn Farisifo no susuw sɛ Onyankopɔn gye wɔn som tom de, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”—Marko 7:6, 7.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yɛn ade te sɛ Farisifo no?

13 Ebetumi aba sɛ ebia yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ Farisifo no? Sɛ yedi ɔsom mu atetesɛm a yɛn nsa kae akyi, na yɛanhwehwɛ nea Onyankopɔn aka afa ɔsom ho no mu a, ebetumi aba saa. Bere a Paulo de asiane ankasa yi ho kɔkɔbɔ rema no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.” (1 Timoteo 4:1) Enti ɛnnɔɔso sɛ yebesusuw ara kwa sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani. Te sɛ Samariani bea a ohyiaa Yesu no, ebia yenyaa yɛn som fii yɛn awofo hɔ. Nanso ɛho hia sɛ yehu ankasa sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.

HWƐ YIYE NA WOAMFOM ONYANKOPƆN

14, 15. Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn apɛde ho nimdeɛ bi mpo a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye?

14 Yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ayɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Yohane hwee ɔbɔfo bi nan ase sɛ “ɔresom no.” Nanso ɔbɔfo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ wo ne wo nuanom a wɔyɛ Yesu ho adanse adwuma no yɔnko akoa. Som Onyankopɔn!” (Adiyisɛm 19:10, NW) Enti, wuhu hia a ɛho hia sɛ wohwɛ hu sɛ abosonsom nneyɛe biara ngu wo som ho fĩ?—1 Korintofo 10:14.

15 Bere a Kristofo bi fii ase de wɔn ho hyɛɛ ɔsom mu amanne ahorow a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu no, Paulo bisae sɛ: “Ɛdɛn na modan kɔ mfitiase de a ɛyɛ mmerɛw na edi hia no ho na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio? Mubu nna ne asram ne mmere ne mfe. Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa.” (Galatifo 4:8-11) Na saa nnipa no anya Onyankopɔn ho nimdeɛ nanso wɔyɛɛ mfomso akyiri yi denam ɔsom mu amanne ahorow ne nnapɔnna a Yehowa nnye tom a wɔde wɔn ho hyehyɛɛ mu no so. Sɛnea Paulo kae no, ɛho hia sɛ ‘yɛsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no hwɛ.’—Efesofo 5:10.

16. Ɔkwan bɛn so na Yohane 17:16 ne 1 Petro 4:3 boa yɛn ma yehu sɛ ebia nnapɔnna ne amanne ahorow sɔ Onyankopɔn ani?

16 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛkwati ɔsom mu nnapɔnna ne amanne afoforo a ebu Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow so no. (1 Tesalonikafo 5:21) Sɛ nhwɛso no, Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Wo som mufo de wɔn ho hyehyɛ guasodeyɛ ahorow ne nnapɔnna a etia nnyinasosɛm a ese ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ wiase yi nsɛm mu no mu? Anaasɛ ɛtɔ mmere bi a, wo som mufo de wɔn ho hyehyɛ amanne ne afahyɛ horow a ebia agobɔne te sɛ nea ɔsomafo Petro kaa ho asɛm ka ho no mu? Ɔkyerɛwee sɛ: “Na ɛdɔɔso sɛ yɛn asetra bere a atwam no mu yɛyɛɛ nea amanaman no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.”—1 Petro 4:3.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ɛda wiase no honhom adi?

17 Ɔsomafo Yohane sii hia a ɛho hia sɛ yɛkwati nneyɛe biara a ɛda amumɔyɛ wiase a yɛte mu no honhom adi no so dua. Yohane kyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17) Wohyɛɛ no nsow sɛ wɔn a ‘wɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no’ na wɔbɛtra hɔ daa? Yiw, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde na yɛkwati dwumadi ahorow a ɛda wiase yi honhom adi a, yebetumi anya daa nkwa ho anidaso!

DI ONYANKOPƆN GYINAPƐN AHOROW A ƐKORƆN NO SO

18. Ɔkwan bɛn so na Korintofo bi dii mfomso wɔ abrabɔ ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi eyi mu?

18 Wɔn a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ n’asomfo ne wɔn a wodi n’abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn no so. Nnipa bi a na wɔwɔ tete Korinto no dii mfomso susuwii sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn abrabɔ bɔne no ho kwan. Yebetumi ahu sɛnea wodii mfomso no denam 1 Korintofo 6:9, 10 a yɛbɛkenkan no so. Sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn ma asɔ n’ani a, ɛsɛ sɛ nea yɛka ne nea yɛyɛ sɔ n’ani. Wo som rema woatumi ayɛ saa?—Mateo 15:8; 23:1-3.

19. Ɔkwan bɛn so na nokware som ka sɛnea yɛne afoforo di no?

19 Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛne nnipa afoforo di no nso ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia. Yesu Kristo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛne afoforo nni sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no, efisɛ eyi yɛ nokware som fã. (Mateo 7:12) Hyɛ nea ɔkae wɔ onuadɔ a yebeyi no adi ho no nsow: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɛsɛ sɛ Yesu asuafo dodɔ wɔn ho wɔn ho, na wɔyɛ wɔn mfɛfo asomfo ne afoforo papa.—Galatifo 6:10.

ƆSOM A EFI ƆKRA NYINAA MU

20, 21. (a) Ɔsom bɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? (b) Dɛn nti na Yehowa pow Israelfo som wɔ Malaki nna no mu?

20 Wɔ wo komam no, ebia wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wunya Yehowa adwene wɔ ɔsom ho. Osuani Yakobo sii so dua sɛ Onyankopɔn adwene na ɛho hia, na ɛnyɛ yɛn de. Yakobo kae sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.” (Yakobo 1:27) Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani nti, ɛho hia sɛ yɛn mu biara pɛɛpɛɛ ne som mu hwɛ hu sɛ nneyɛe bɔne nguu ho fĩ anaasɛ yemmuu yɛn ani nguu biribi a obu no sɛ ɛho hia so.—Yakobo 1:26.

21 Ɔsom a ɛho tew a efi ɔkra nyinaa mu nkutoo na ɛsɔ Yehowa ani. (Mateo 22:37; Kolosefo 3:23) Bere a Israel man amfa nea ɛte saa amma Onyankopɔn no, ɔkae sɛ: “Ɔba di n’agya nĩ, na akoa di ne wura nĩ; na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he?” Na wɔnam mmoa a wɔyɛ anifuraefo, mpakye ne ayarefo a wɔde bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn no so refom no, na ɔpow saa ɔsom mu nneyɛe no. (Malaki 1:6-8) Yehowa fata ɔsom kronn a ɛsen biara na ɔsom a edi mu nkutoo na ogye tom.—Exodus 20:5; Mmebusɛm 3:9; Adiyisɛm 4:11.

22. Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn som tom a, dɛn na yɛbɛkwati, na dɛn na yɛbɛyɛ?

22 Ná ɛte sɛ nea na Samariani bea a ɔne Yesu kasae no ani gye ho sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkwati nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a egu ho fĩ nyinaa. (2 Korintofo 6:14-18) Mmom no, yɛbɛyere yɛn ho sɛ yebenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ na yɛayɛ n’apɛde. Yebedi nea ɔhwehwɛ wɔ ɔsom a ɛsɔ n’ani ho no akyi pɛɛ. (1 Timoteo 2:3, 4) Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ, na wɔde anigye hyɛ wo nkuran sɛ wo ne wɔn nsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Yesu kae sɛ: “Wɔn a wɔsɔre no saa no na agya no rehwehwɛ.” (Yohane 4:23) Yɛwɔ anidaso sɛ woyɛ obi a ɔte saa. Akyinnye biara nni ho sɛ te sɛ Samariani bea no, wobɛpɛ sɛ wunya daa nkwa. (Yohane 4:13-15) Nanso wuhu sɛ nkurɔfo nyinyin na wowuwu. Ti a edi hɔ no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Yohane 4:23, 24 no, ɔsom bɛn na Onyankopɔn gye tom?

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia Onyankopɔn ani gye amanne ne afahyɛ ahorow bi ho?

Nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ ɔsom a ɛsɔ ani ho no bi ne dɛn?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 44]