Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Ti 17

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

1, 2. Ɔkwan bɛn so na tebea a adesamma wom no te sɛ nea nnipa a wɔte baabi a ahum asɛe hɔ wom?

FA NO sɛ ahum bi a ano yɛ den asɛe baabi a wote no. Wo fie adwiriw agu, na woahwere w’ahode nyinaa. Aduan ho ayɛ nã. Ɛte sɛ nea wuntumi nyɛ tebea no ho hwee. Afei, wo nsa ka nneɛma a wɔde rebɛboa wo mpofirim. Wɔma wo aduan ne ntade bebree. Wosi ofie foforo ma wo. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛda onipa a ɔde saa nneɛma yi maa wo no ase.

2 Biribi a ɛte saa rekɔ so nnɛ. Te sɛ ahum no, Adam ne Hawa atuatew no sɛee adesamma abusua no kɛse. Adesamma Paradise fie no fii wɔn nsa. Efi saa bere no reba no, nnipa nniso horow ntumi mmɔ nnipa ho ban mfi ɔko, nsɛmmɔnedi, ne atɛnkyea ho. Nyamesom ama nnipa bebree nnya honhom fam aduan pa nni. Nanso, seesei Yehowa Nyankopɔn rema nnipa aduan, ntade, ne hintabea wɔ honhom fam. Ɔkwan bɛn so na ɔreyɛ saa?

“AKOA NOKWAFO NE ƆBADWEMMA” NO

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nneɛma ma adesamma, na nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ saa?

3 Wɔtaa fa nhyehyɛe bi a wɔayɛ so na ɛde nneɛma a wɔde boa wɔn a asiane ato wɔn no ma, na Yehowa ayɛ saa ara wɔ honhom fam nneɛma a ɔde ma ne nkurɔfo no ho. Sɛ nhwɛso no, na Israel yɛ “Yehowa asafo” bɛyɛ mfe 1,500. Na wɔn a Onyankopɔn nam wɔn so kyerɛkyerɛ ne Mmara wɔ wɔn mu. (1 Beresosɛm 28:8, NW; 2 Beresosɛm 17:7-9) Yehowa hyehyɛɛ Kristofo ahyehyɛde no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow, na ɛyɛɛ adwuma wɔ sodikuw a na asomafo ne mpanyimfo no na wɔyɛ emufo akwankyerɛ ase. (Asomafo no Nnwuma 15:22-31) Ɛnnɛ nso, Yehowa nam kuw bi a wahyehyɛ so na ɔne ne nkurɔfo di. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

4. Hena na ada adi sɛ ɔne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na ɔkwan bɛn so na wɔde Onyankopɔn honhom mu nsiesiei ama nnɛ?

4 Yesu kae sɛ bere a ɔbɛba n’Ahenni tumi mu no, obehu sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no rema N’akyidifo “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45-47) Bere a wɔde Yesu sii ahengua so sɛ ɔsoro Hene wɔ 1914 mu no, ɛbɛdaa adi sɛ hena ne saa “akoa” yi? Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ Kristoman asɔfo no. Na nea wɔyɛ titiriw ne sɛ wɔka nsɛm a ɛsɛe adwene a ɛkyerɛe sɛ wogyina wɔn aman nniso akyi wɔ Wiase Ko I no mu na ɛkyerɛ wɔn nguankuw no. Nanso na nokware Kristofo kuw no a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron asra wɔn a wɔyɛ wɔn a Yesu frɛ wɔn sɛ “kuw ketewa” no mufo no de honhom fam aduan pa a ɛyɛ ne bere mu de rema. (Luka 12:32) Saa Kristofo a wɔasra wɔn yi kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na ɛnyɛ nnipa nniso horow. Eyi nti, wɔ mfe pii a atwam no mu no, “nguan foforo” ɔpepem pii a wɔwɔ koma pa abɛka “akoa” a wɔasra no no ho ma wɔresom nokware som. (Yohane 10:16) Onyankopɔn nam “akoa nokwafo” no ne ne nnɛyi Sodikuw no so kyerɛ ne nkurɔfo a wɔahyehyɛ wɔn no kwan sɛ wɔmma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nsiesiei yi bi honhom fam aduan, ntade ne hintabea.

“ADUAN ƐBERE A ƐSƐ MU”

5. Honhom mu tebea bɛn na ɛwɔ wiase no mu nnɛ, nanso dɛn na Yehowa reyɛ wɔ eyi ho?

5 Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipa dodow no ara ntie Onyankopɔn asɛm. Sɛnea Yehowa diyifo Amos hyɛɛ nkɔm no, ‘ɔkɔm a ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na Yehowa asɛm tie de,’ aba. (Amos 8:11) Nnipa a wɔpɛ nyamesom yiye mpo di kɔm wɔ honhom mu. Nanso, Yehowa pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa ma wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:3, 4) Ne saa nti, ɔde honhom fam aduan pii rema. Nanso ɛhe na yebetumi anya bi?

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama ne nkurɔfo aduan wɔ honhom mu wɔ bere a atwam no mu?

6 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa de honhom fam aduan ama ne nkurɔfo sɛ kuw. (Yesaia 65:13) Sɛ nhwɛso no, Israel asɔfo no boaboaa mmarima, mmea, ne mmofra ano kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Mmara sɛ kuw. (Deuteronomium 31:9, 12) Wɔ sodikuw no akwankyerɛ ase no, afeha a edi kan no mu Kristofo hyehyɛɛ asafo ahorow na wɔyɛɛ nhyiam horow de kyerɛkyerɛe, na wɔde hyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Romafo 16:5; Filemon 1, 2) Yehowa Adansefo di nhwɛso yi akyi. Wɔde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra wɔn nhyiam horow no nyinaa bi.

7. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam a yɛkɔ daa fa nimdeɛ ne gyidi ho?

7 Nanso, ebia woasua pii dedaw wɔ Bible no a w’ankasa wusua no mu. Ebia obi aboa wo. (Asomafo no Nnwuma 8:30-35) Nanso wobetumi de wo gyidi atoto afifide bi a sɛ wɔanhwɛ no yiye a, ebewu no ho. Enti, ɛsɛ sɛ wunya honhom mu aduan pa di. (1 Timoteo 4:6) Kristofo nhyiam horow de nkyerɛkyerɛ dwumadi a wɔde ma na ahyɛ wo den honhom mu, aboa wo ma wo gyidi akɔ so anyin bere a Onyankopɔn ho nimdeɛ a wowɔ yɛ kɛse no, ma bere nyinaa.—Kolosefo 1:9, 10.

8. Dɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow?

8 Nhyiam horow di atirimpɔw foforo bi a ɛho hia ho dwuma: Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.” (Hebrifo 10:24, 25) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ntwetwe” no betumi akyerɛ nso sɛ “sew ano.” Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Dade sew dade ano na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Ɛho hia sɛ wɔkɔ so ‘sew’ yɛn nyinaa. Nhyɛso horow a efi wiase no mu da biara betumi akum yɛn gyidi ano. Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow a, yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Romafo 1:11, 12) Asafo no mufo di ɔsomafo Paulo afotu a ɛne sɛ ‘wɔnkɔ so nkyekye wɔn ho wɔn ho werɛ na wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho den’ no akyi, na nneɛma a ɛtete saa no sew yɛn gyidi ano. (1 Tesalonikafo 5:11) Kristofo nhyiam horow a yɛkɔ daa no nso kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na ɛma yenya hokwan kamfo no.—Dwom 35:18.

“MONHYƐ ƆDƆ”

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ ɔdɔ a wɔda no adi ho nhwɛso?

9 Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.” (Kolosefo 3:14) Yehowa fi ayamye mu ama yɛn saa ade a yɛbɛhyɛ yi. Ɔkwan bɛn so? Kristofo betumi ada ɔdɔ adi efisɛ ɛyɛ Yehowa honhom kronkron no aba a ɔde ama no biako. (Galatifo 5:22, 23) Yehowa ankasa ada ɔdɔ a ɛsen biara adi denam ne Ba a ɔwoo no koro no a ɔsomaa no na yɛatumi anya daa nkwa no so. (Yohane 3:16) Ɔdɔ a wɔdaa no adi wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so yi so no yɛ nhwɛso ma yɛn sɛ yɛnna su yi adi. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.”—1 Yohane 4:11.

10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ‘anuanom kuw no nyinaa’ so mfaso?

10 Nhyiam horow a wobɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no bɛma woanya hokwan a ɛkyɛn so de ada ɔdɔ adi. Wubehyia nnipa ahorow pii wɔ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye wɔn mu pii ho ntɛm ara. Nokwarem no, nipasu gu ahorow wɔ wɔn a wɔsom Yehowa mpo mu. Ebia kan no wokwatii nnipa a wɔn ani nnye nneɛma anaa su horow a w’ani gye ho no. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘dɔ anuanom fekuw no nyinaa.’ (1 Petro 2:17) Enti, fa yɛ wo botae sɛ wubehu wɔn a wɔwɔ Ahenni Asa no so no—nnipa a ebia ɛsono wɔn mfe, nipasu, abusua, ne wɔn nhomanim wɔ wo de ho no. Ɛda adi sɛ wubehu sɛ wɔn mu biara bɔ su pa bi ho mmɔden.

11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma gu a nipasu gu ahorow wɔ Yehowa nkurɔfo mu no haw yɛn?

11 Ɛnsɛ sɛ gu a nipasu gu ahorow wɔ asafo no mu no haw wo. Sɛ mfatoho no, fa no sɛ lɔre pii nam ɔkwan bi a wonam so no so. Wɔn nyinaa mmirikatu nyɛ pɛ, na wɔn nyinaa ahoɔden nyɛ pɛ. Ebinom atwa akwansin pii, nanso, te sɛ wo no, afei na afoforo afi wɔn akwantu no ase. Nanso, nsonsonoe yi nyinaa akyi no, wɔn nyinaa nam ɔkwan no so. Ɛte saa ara wɔ nnipa ankorankoro a wɔka bom yɛ asafo no fam. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wonya Kristofo su horow ntɛm. Afei nso, ɛsono wɔn mu biara ahoɔden ne ne nkate. Ebinom asom Yehowa mfe pii; afei na ebinom afi ase. Nanso, wɔn nyinaa nam daa nkwa kwan no so, wokura “adwenkoro ne nsusuwii koro.” (1 Korintofo 1:10) Enti, hwehwɛ asafo no mufo mmɔdenbɔ na ɛnyɛ wɔn mmerɛwyɛ. Saa a wobɛyɛ no bɛma wo koma ani agye, efisɛ wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ nnipa yi mu ampa. Na akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wotra eyinom mu.—1 Korintofo 14:25.

12, 13. (a) Sɛ asafo no muni fom wo a, dɛn na wubetumi ayɛ? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ woremfa ne ho abufuw?

12 Esiane sɛ onipa biara nyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a ebia asafo no muni bi bɛka anaa ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw wo. (Romafo 3:23) Osuani Yakobo kyerɛw nokwasɛm yi sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ.” (Yakobo 3:2) Sɛ obi fom wo a, dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” (Mmebusɛm 19:11) Sɛ wubenya nhumu kyerɛ sɛ wobɛhwɛ tebea bi mu akɔ akyiri, wobɛte nneɛma atitiriw a ɛma obi kasa anaa ɔyɛ n’ade ɔkwan bi so no ase. Yɛn mu dodow no ara de nhumu pii di dwuma de yi yɛn ho ano wɔ yɛn ankasa mfomso ahorow ho. Dɛn nti na yɛmfa nni dwuma mfa nte afoforo sintɔ ase mmu yɛn ani ngu so?—Mateo 7:1-5; Kolosefo 3:13.

13 Mma wo werɛ mmfi da sɛ sɛ yebenya Yehowa hɔ bɔne fafiri a, ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn. (Mateo 6:9, 12, 14, 15) Sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra a, yɛne afoforo bedi wɔ ɔdɔ mu. (1 Yohane 1:6, 7; 3:14-16; 4:20, 21) Enti, sɛ wo ne asafo no muni bi nya asɛm a, ko tia nya a wubenya ne ho menasepɔw. Sɛ wohyɛ ɔdɔ a, wobɛbɔ mmɔden sɛ wubesiesie asɛm no, na sɛ woafom no a, worentwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛpa no kyɛw.—Mateo 5:23, 24; 18:15-17.

14. Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ?

14 Ɛsɛ sɛ yɛde su afoforo a ɛne ɔdɔ wɔ abusuabɔ kɛse no ka yɛn honhom fam atade no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” Su horow yi a egyina ɔdɔ so no yɛ ‘nipasu foforo’ a esuro Onyankopɔn no fã. (Kolosefo 3:10, 12) Wobɛbɔ mmɔden ahyehyɛ wo ho wɔ saa kwan yi so? Ne titiriw no, sɛ wohyɛ onuadɔ a, wubenya Yesu asuafo no agyiraehyɛde no bi, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

BAABI A AHOBAMMƆ WƆ

15. Ɔkwan bɛn so na asafo no te sɛ hintabea?

15 Afei nso asafo no yɛ hintabea, guankɔbea a wubetumi ate nka sɛ wowɔ ahobammɔ wɔ hɔ. Wubehu nnipa komapafo a wɔrebɔ mmɔden ayɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so wom. Wɔn mu pii agyae subammɔne ne nneyɛe bɔne koro no ara a ebia worebɔ mmɔden adi so no. (Tito 3:3) Wobetumi aboa wo, efisɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yennyigye yɛn ho ade a ɛyɛ duru no nsoa.’ (Galatifo 6:2) Sɛnea ɛte no, ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu a wobɛfa so no yɛ w’ankasa asɛyɛde koraa. (Galatifo 6:5; Filipifo 2:12) Nanso, Yehowa de Kristofo asafo no ama sɛ ɔkwampa a wɔnam so nya mmoa. Ɛmfa ho sɛnea wo haw ahorow mu yɛ den fa no, wowɔ biribi a ɛsom bo wɔ hɔ—asafo a ɔdɔ wom a ebegyina w’akyi wɔ amanehunu anaa ahokyere mu.—Fa toto Luka 10:29-37; Asomafo no Nnwuma 20:35 ho.

16. Mmoa bɛn na asafo mu mpanyimfo de ma?

16 Wɔn a wɔbɛboa wo no bi ne “nnipa mu akyɛde”—asafo mu mpanyimfo anaasɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn, a wofi wɔn pɛ mu hwɛ nguan no. (Efesofo 4:8, 11, 12, NW; Asomafo no Nnwuma 20:28; 1 Petro 5:2, 3) Yesaia hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛ: “Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yesaia 32:2.

17. (a) Mmoa bɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔde ma titiriw? (b) Nsiesiei bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo?

17 Bere a na Yesu wɔ asase so no, na nyamesom akannifo no mfa ɔhwɛ a ɔdɔ wom mma koraa. Nnipa no tebea kanyan no kɛse, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn wɔ honhom mu titiriw. Wɔn asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ efisɛ na “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Hwɛ sɛnea eyi ka tebea a wɔn a wogyina ɔhaw ahorow a emu yɛ den ano a wonni obiara a wɔbɛkɔ ne nkyɛn akogye honhom mu mmoa ne awerɛkyekye wom ho asɛm yiye! Nanso Yehowa nkurɔfo wɔ honhom fam mmoa, efisɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka.”—Yeremia 23:4.

18. Sɛ yehia honhom mu mmoa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekohu ɔpanyin bi?

18 Bɔ mmɔden sɛ wubehu mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no. Wɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ a wɔde di dwuma mu osuahu pii, efisɛ wɔadu nea wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ho a wɔada no adi wɔ Bible mu no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Sɛ wuhia mmoa na ama woadi su bi a ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow nhyia so a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ akohu wɔn mu biako. Wubehu sɛ mpanyimfo no di Paulo afotu yi so: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu no werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”—1 Tesalonikafo 2:7, 8; 5:14.

WO NE YEHOWA NKURƆFO NNYA AHOBAMMƆ

19. Nhyira horow bɛn na Yehowa de ama wɔn a wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ n’asafo mu no?

19 Ɛwom sɛ yɛwɔ tebea horow a ɛnyɛ pɛ mu mprempren de, nanso Yehowa ma yɛn honhom fam aduan, ntade, ne hintabea. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no na ama yɛanya paradise a aniwa hu mu mfaso horow. Nanso seesei wɔn a wɔyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã renya honhom mu paradise bi mu ahobammɔ mu anigye. Hesekiel hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛ: “Wɔbɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.”—Hesekiel 34:28; Dwom 4:8.

20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛma yɛn biribiara a ebia ne som nti yɛde bɔɔ afɔre no foforo?

20 Hwɛ aseda a yebetumi de ama sɛ Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so yɛ honhom mu nsiesiei a ɔdɔ wom! Bɛn Onyankopɔn nkurɔfo. Mma nea wo nnamfo anaa w’abusuafo besusuw afa wo ho wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ a worenya ho no ho hu mmma wonntwentwɛn wo nan ase. Ebia ebinom anni rennye ho sɛ wo ne Yehowa Adansefo rebɔ fekuw, na wokɔ wɔn nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. Nanso Onyankopɔn bɛma woanya biribiara a ne som nti wode bɔ afɔre no foforo ma aboro so. (Malaki 3:10) Bio nso, Yesu kae sɛ: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi, [anaa nuabarimanom] anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.” (Marko 10:29, 30) Yiw, ɛmfa ho nea woagyaw anaasɛ woagyina ano no, wubetumi anya fekubɔ a ɛyɛ anigye ne honhom fam ahobammɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

Nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ de ma yɛn aduan wɔ honhom mu?

Ɔkwan bɛn so na Kristofo asafo no mufo betumi aboa yɛn?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 165]