Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ko Tia Ahonhommɔne Dɔm

Ko Tia Ahonhommɔne Dɔm

Ti 12

Ko Tia Ahonhommɔne Dɔm

1. Yesu yɛɛ n’ade dɛn bere a ɔne ahonhommɔne dii asi no?

YESU KRISTO asubɔ akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ Yudea sare so kɔbɔɔ mpae dwennwen nsɛm ho. Satan Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wabu Onyankopɔn mmara so wɔ hɔ. Nanso, Yesu pow Ɔbonsam nnɛɛdɛe no, na n’afiri no anyi no. Yesu ne ahonhommɔne afoforo dii asi wɔ n’asase so som adwuma no mu. Nanso, ɔkaa wɔn anim ko tiaa wɔn mpɛn pii.—Luka 4:1-13; 8:26-34; 9:37-43.

2. Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Ɛsɛ sɛ Bible mu nsɛm a ɛfa saa asidi no ho no ma yegye di sɛ ahonhommɔne dɔm wɔ hɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nnipa. Nanso, yebetumi ako atia saa ahonhommɔne yi. Na ahonhommɔne fi he? Dɛn nti na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nnipa? Na akwan bɛn na wɔfa so du wɔn botae ho? Nsemmisa te sɛ eyinom ho mmuae a wubenya bɛboa wo ma woako atia ahonhommɔne dɔm.

AHONHOMMƆNE —FAAKO A WOFI NE WƆN BOTAE

3. Ɛyɛɛ dɛn na Satan Ɔbonsam bae?

3 Yehowa Nyankopɔn yɛɛ honhom abɔde pii bere tenten ansa na ɔrebɔ nnipa. (Hiob 38:4, 7) Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Ti 6 no, abɔfo yi mu biako pɛe sɛ onya nnipa ma wɔsom no sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Esiane sɛ ɔbɔfo bɔne yi dii saa botae no akyi nti, ɔko tiaa Ɔbɔadeɛ no twirii no, na ɔmaa ɔbea a odi kan no nyaa adwene mpo sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo. Ɛnde, ɛfata sɛ wɔbɛfrɛɛ honhom abɔde otuatewfo yi sɛ Satan (ɔsɔretiafo) ne Ɔbonsam (otwirifo).—Genesis 3:1-5; Hiob 1:6.

4. Ɔkwan bɛn so na abɔfo bi yɛɛ bɔne wɔ Noa nna no mu?

4 Akyiri yi, abɔfo foforo kɔɔ Satan Ɔbonsam afã. Wɔ ɔbarima treneeni Noa nna no mu no, eyinom mu bi gyaw wɔn adwuma wɔ soro bɛfaa honam nipadua too wɔn ho so de dwudwoo akɔnnɔ a wonyae sɛ wɔne asase so mmea bɛda no ano. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan na ɔdaadaa saa abɔfo no ma wɔyɛɛ saa asoɔden no. Ɛma wɔwoo afrafra mma a wɔfrɛɛ wɔn Nefilim, a wɔbɛyɛɛ asisifo atirimɔdenfo. Bere a Yehowa maa Nsuyiri kɛse no bae no, ɛsɛee adesamma a wɔn bra asɛe ne saa abɔfo asoɔdenfo no mma a wɔnyɛ adebɔ su kwan so de no. Abɔfo atuatewfo no nam wɔn honam nipadua a wɔsakraa no na wɔsan kɔɔ ahonhom atrae no so guanee ɔsɛe. Nanso Onyankopɔn siankaa saa adaemone yi denam bu a obuu wɔn sɛ akobɔfo a ɛsɛ sɛ wɔtra honhom mu sum mu no so. (Genesis 6:1-7, 17; Yuda 6) Nanso Satan, “ahonhommɔne panyin” no, ne n’abɔfo bɔne no akɔ so atew atua ara. (Luka 11:15) Wɔn botae ne dɛn?

5. Botae bɛn na Satan ne adaemone de asi wɔn ani so, na dɛn na wɔde sum nnipa afiri?

5 Satan ne adaemone no botae bɔne no ne sɛ wɔbɛma nnipa atwe wɔn ho afi Yehowa Nyankopɔn ho. Enti, atirimɔdenfo yi adaadaa nnipa, ayi wɔn hu atow ahyɛ wɔn so wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu. (Adiyisɛm 12:9) Nnɛyi nhwɛso horow si so dua sɛ adaemone ntua no ano ayɛ den seesei sen bere biara a atwam. Nea ɛbɛyɛ na adaemone no asum nnipa afiri no, wɔtaa de ahonhonsɛmdi ahorow nyinaa bi di dwuma. Ɔkwan bɛn so na adaemone no di wɔn nnɛɛdɛe no ho dwuma, na wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ho ban?

SƐNEA AHONHOMMƆNE BƆ MMƆDEN SƐ WƆBƐDAADAA WO

6. Dɛn ne ahonhonsɛmdi, na ebi ne dɛn?

6 Dɛn ne ahonhonsɛmdi? Ɛyɛ adaemone, anaasɛ ahonhommɔne, a wɔne wɔn di nkitaho tẽẽ anaasɛ denam ɔdebisafo bi so. Adaemone de ahonhonsɛmdi di dwuma sɛnea abɔmmɔfo de mmoa akɔnnɔde sum wɔn afiri no: Ɛtwetwe mmoa a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no. Na sɛnea ɔbɔmmɔfo de nneɛma pii daadaa mmoa ma wɔbɛtɔ n’afiri mu no, saa ara na ahonhommɔne hyɛ ahonhonsɛmdi ahorow pii ho nkuran na ama wɔanya nnipa adi wɔn so. (Fa toto Dwom 119:110 ho.) Emu bi ne adebisa, ntafowayi, abosonkɔm, abayisɛm, kaberɛkyere, asumansɛm, ne asamanfrɛ.

7. Ahonhonsɛmdi atrɛw adu he, na dɛn nti na ɛkɔ so wɔ aman a wose ɛyɛ Kristofo nsase mpo mu?

7 Afiri no ntow mfom, efisɛ nnipa a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa ani gye ahonhonsɛmdi ho. Wɔn a wɔtete nkuraa ase kɔ akɔmfo nkyɛn, na nkurow akɛse mu akrakyefo kohu nsoromma mu ahwɛfo. Ahonhonsɛmdi nya nkɔanim wɔ nea wose ɛyɛ Kristofo nsase mpo so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma 30 a ne nyinaa dodow a wotintim boro 10,000,000 ka ahonhonsɛmdi ahorow ho asɛm wɔ United States nkutoo. Brazilfo sɛe boro dɔla ɔpepem 500 wɔ ahonhonsɛmdi nneɛma ho afe biara. Nanso, wɔn a wɔkɔ saa ɔman no mu mmeae a wodi ahonhonsɛm no mu ɔha biara mu 80 yɛ Katolekfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔkɔ Mass nso. Esiane sɛ asɔfo bi di ahonhonsɛm nti, nyamesomfo pii susuw sɛ ahonhonsɛmdi sɔ Onyankopɔn ani. Nanso ɛte saa?

NEA ENTI A BIBLE NO KASA TIA AHONHONSƐMDI

8. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ahonhonsɛmdi ho?

8 Sɛ wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ ahonhonsɛmdi bi yɛ akwan a wɔnam so ne ahonhom pa di nkitaho a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu nea Bible ka fa ahonhonsɛmdi ho. Wɔbɔɔ Yehowa nkurɔfo kɔkɔ sɛ: “Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho wɔ wɔn ho.” (Leviticus 19:31; 20:6, 27) Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm bɔ kɔkɔ sɛ “wɔn a wodi ahonhonsɛm” bɛkɔ “ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu. Eyi kyerɛ owuprenu [daa owu].” (Adiyisɛm 21:8, NW; 22:15) Yehowa Nyankopɔn mpene ahonhonsɛmdi biara so. (Deuteronomium 18:10-12) Dɛn nti na ɛte saa?

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nsɛm a efi ahonhom wiase no mu ba nnɛ no mfi Yehowa hɔ?

9 Yehowa somaa abɔfo pa, anaa abɔfo a wɔteɛ ma wɔne nnipa bi bedii nkitaho ansa na wɔkyerɛw Bible no wiei. Efi bere a wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm wiei no, ɛde akwankyerɛ a nnipa hia na wɔasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so ama. (2 Timoteo 3:16, 17; Hebrifo 1:1, 2) Ɔnkwati n’Asɛm kronkron no mfa nsɛm mmrɛ adebisafo. Nsɛm a ɛte sɛɛ a efi ahonhom wiase no mu ba nnɛ no fi ahonhommɔne hɔ. Ahonhonsɛmdi betumi ama adaemone ahaw obi anaa ahonhommɔne abɛhyɛ ne mu mpo. Enti, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ ahonhonsɛmdi nneyɛe biara mu. (Deuteronomium 18:14; Galatifo 5:19-21) Afei nso, sɛ yɛkɔ so di ahonhonsɛm bere a yɛabehu Yehowa adwene wɔ ho no akyi a, na yɛakogyina ahonhommɔne atuatewfo no afa, na yɛbɛyɛ Onyankopɔn atamfo.—1 Samuel 15:23; 1 Beresosɛm 10:13, 14; Dwom 5:4.

10. Dɛn ne adebisa, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

10 Ahonhonsɛmdi biako a agye din ne adebisa—mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛma ahonhom aboa no ma wahu nea ɛbɛba daakye anaa nea onnim. Adebisa no bi ne nsoromma mu hwɛ, ahwehwɛ bɔɔl mu hwɛ, dae asekyerɛ, nsamhwɛ, ne nkrataa a wɔde kyerɛ nea obi daakye bɛyɛ. Nnipa pii bu adebisa sɛ anigyede a asiane nnim, nanso Bible no kyerɛ sɛ akɔmfo ne ahonhommɔne bɔ abusua. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 16:16-19 ka “akɔm honhom” bi a ɛmaa abeawa bi tumi ‘hyɛɛ nkɔm’ ho asɛm. Nanso, bere a wotuu adaemone no, ɔhweree tumi a na ɔde kyerɛ nea ɛbɛba daakye no. Ɛda adi pefee sɛ adebisa yɛ nnɛɛdɛe kwan a adaemone nam so daadaa nnipa ma wɔtɔ wɔn afiri mu.

11. Ɔkwan bɛn so na mmɔden a obi bɔ sɛ ɔne awufo bedi nkitaho no ma ɔtɔ afiri mu?

11 Sɛ woredi wo busuani anaa w’adamfo bi a wodɔ no wu ho awerɛhow a, ɛnyɛ den sɛ ade foforo bi betumi asum wo afiri. Ɔdebisafo bi betumi aka asɛm soronko bi akyerɛ wo anaa obetumi de ɛnne bi a ɛte sɛ nea wawu no de akasa. Hwɛ yiye! Mmɔden a obi bɔ sɛ ɔne awufo bedi nkitaho no ma ɔkɔtɔ afiri mu. Dɛn ntia? Efisɛ awufo ntumi nkasa. Sɛnea ebia wokae no, Onyankopɔn Asɛm ka pefee sɛ onipa wu a, ɔsan “kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Awufo ‘nnim biribiara.’ (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Bio nso, wɔahu ankasa sɛ ɛyɛ adaemone na wosuasua owufo no nne na wɔka nea wawu no ho nsɛm kyerɛ ɔdebisafo bi. (1 Samuel 28:3-19) Enti ahonhommɔne resum “nea obisa afunu” no afiri, na ɔreyɛ nea ɛne Yehowa Nyankopɔn apɛde nhyia.—Deuteronomium 18:11, 12; Yesaia 8:19.

WƆTWETWE NKURƆFO ADWENE TOW HYƐ WƆN SO

12, 13. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ adaemone kɔ so sɔ nnipa hwɛ na wɔhaw wɔn?

12 Sɛ wudi Onyankopɔn Asɛm mu afotu a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no so a, wopow nea adaemone de sum afiri no. (Fa toto Dwom 141:9, 10; Romafo 12:9 ho.) Eyi kyerɛ sɛ ahonhommɔne begyae mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya wo so tumi no? Dabida! Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe mprɛnsa akyi no, “ogyaw no kɔe kosii bere pa foforo.” (Luka 4:13, NW) Saa ara nso na ɛnyɛ nnipa adwene nko na ahonhom a wɔapirim wɔn koma no twetwe na mmom wɔtow hyɛ wɔn so nso.

13 Kae ntua a Satan de baa Onyankopɔn somfo Hiob so a yɛasusuw ho dedaw no. Ɔbonsam ma ɔhweree ne nyɛmmoa, na ne nkoa dodow no ara wuwui. Satan kunkum Hiob mma mpo. Afei, ɔmaa ɔyare bi a ɛyɛ yaw kaa Hiob ankasa. Nanso Hiob kuraa ne mudi mu maa Onyankopɔn na wohyiraa no pii. (Hiob 1:7-19; 2:7, 8; 42:12) Efi saa bere no, adaemone ama nnipa bi adan mum anaa anifuraefo, na wɔakɔ so adi amane a nnipa hu no ho ahurusi. (Mateo 9:32, 33; 12:22; Marko 5:2-5) Ɛnnɛ, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ adaemone de nna haw nnipa bi na wɔma afoforo bɔ dam. Wɔkanyan ebinom ma wodi awu anaa wokum wɔn ho, a ɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn. (Deuteronomium 5:17; 1 Yohane 3:15) Nanso, nnipa mpempem pii a bere bi na wɔatɔ ahonhommɔne yi afiri mu atumi atetew wɔn ho. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ eyi? Wɔnam nneɛma a ɛho hia a wɔyɛe so na ayɛ saa.

SƐNEA WOBƐKO ATIA AHONHOMMƆNE

14. Nea ɛne afeha a edi kan no mu Efeso Kristofo nhwɛso no hyia no, ɔkwan bɛn so na wubetumi ako atia ahonhommɔne?

14 Dɛn ne ɔkwan biako a wubetumi afa so ako atia ahonhommɔne na woabɔ wo ne w’abusua ho ban afi wɔn nnɛɛdɛe ho? Afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Efeso a wodii ahonhonsɛm ansa na wɔrebɛyɛ gyidifo no yɛɛ nneɛma pa bi. Yɛkenkan sɛ “wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim.” (Asomafo no Nnwuma 19:19) Sɛ womfaa wo ho nhyɛɛ ahonhonsɛmdi mu mpo a, sɛe biribiara a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ biribi yɛ. Eyi bi ne nhoma, nsɛmma nhoma, video, mfonini, nnwom mpaawa ne kasɛt, ne nneɛma a wɔde di ahonhonsɛm. Ebi nso ne ahoni, nsɛbɛ ne nneɛma foforo a wohyɛ de bɔ wo ho ban, ne akyɛde a wunya fii ahonhonsɛmdifo hɔ. (Deuteronomium 7:25, 26; 1 Korintofo 10:21) Mfatoho bi ni: Ná adaemone ahaw awarefo bi a wɔwɔ Thailand bere tenten. Afei wɔsɛee nneɛma a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ biribi yɛ no. Dɛn na efii mu bae? Adaemone no gyaee wɔn haw, na ɛno akyi no wonyaa honhom mu nkɔso ankasa.

15. Ade foforo bɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ bere a yɛreko atia ahonhommɔne no?

15 Nea ɛbɛyɛ na woako atia ahonhommɔne no, ade foforo a ɛho hia sɛ woyɛ ne sɛ wode ɔsomafo Paulo afotu a ese yɛnhyɛ honhom fam akode a Onyankopɔn de ama no nyinaa bedi dwuma. (Efesofo 6:11-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn ho ban denneennen wɔ ahonhommɔne ho. Dɛn na ɛka eyi ho? Paulo kae sɛ: “Ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” Nokwarem no, dodow a wo gyidi yɛ den no, dodow no ara na wubetumi ako atia ahonhommɔne dɔm no.—Mateo 17:14-20.

16. Wobɛyɛ dɛn atumi ahyɛ wo gyidi den?

16 Wobɛyɛ dɛn atumi ahyɛ wo gyidi den? Ɛdenam Bible a wobɛkɔ so asua na wode emu afotu adi dwuma wɔ w’asetra mu no so. Sɛnea obi gyidi yɛ den no gyina sɛnea ɛwɔ nnyinaso pintinn—Onyankopɔn ho nimdeɛ—so titiriw. Wunnye ntom sɛ nokware nimdeɛ a woanya a wubu no aniberesɛm bere a woasua Bible no ama wo gyidi ayɛ den? (Romafo 10:10, 17) Enti, akyinnye biara nni ho sɛ bere a wotoa adesua yi so na wode yɛ wo su sɛ wobɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no, wo gyidi bɛyɛ den kɛse asen saa mpo. (Romafo 1:11, 12; Kolosefo 2:6, 7) Ɛbɛyɛ ahobammɔ kɛse wɔ adaemone ntua ho.—1 Yohane 5:5.

17. Nneɛma foforo bɛn na ebia ɛho behia ma yɛako atia ahonhommɔne dɔm?

17 Nneɛma foforo bɛn na obi a wasi ne bo sɛ ɔbɛko atia ahonhommɔne dɔm betumi ayɛ? Ná Efeso Kristofo hia ahobammɔ efisɛ na wɔte kurow a adaemonesɛm ayɛ mu ma mu. Enti, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommɔ mpae daa honhom mu.’ (Efesofo 6:18) Esiane sɛ yɛte wiase a adaemone ayɛ mu ma mu nti, mpae a emu yɛ den a yɛbɛbɔ abisa Onyankopɔn ahobammɔ ho hia na yɛako atia ahonhommɔne. (Mateo 6:13) Nea ɛboa wɔ eyi mu ne Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no honhom fam mmoa ne wɔn mpaebɔ.—Yakobo 5:13-15.

KƆ SO KO TIA AHONHOMMƆNE

18, 19. Sɛ adaemone haw obi bio a, dɛn na obetumi ayɛ?

18 Nanso, bere a ebinom ayɛ nneɛma atitiriw yi akyi mpo no, ahonhommɔne ahaw wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔwɔ Côte d’Ivoire ne Yehowa Adansefo suaa Bible na ɔsɛee ne nsɛbɛ nyinaa. Ɛno akyi no, onyaa nkɔso fɛfɛ, hyiraa ne nkwa so maa Yehowa, na wɔbɔɔ no asu. Nanso dapɛn biako wɔ n’asubɔ no akyi no, adaemone no fii ase haw no bio, na ɛnne ahorow ka kyerɛɛ no sɛ onnyae ne som foforo a wahu no. Sɛ eyi to wo a, ɛbɛkyerɛ sɛ woahwere Yehowa ahobammɔ anaa? Ɛnte saa ankasa.

19 Ɛwom sɛ na onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, wɔ Onyankopɔn ahobammɔ de, nanso ɔtee honhom abɔde Satan Ɔbonsam tirimɔdenfo no nne. Yesu kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asɛm a ɛte saa mu. Ɔka kyerɛɛ Ɔbonsam sɛ: “Fi me so, Satan!” (Mateo 4:3-10) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wutie ɛnne ahorow a efi ahonhom wiase mu no. Frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa na ko tia ahonhommɔne. Yiw, fa Onyankopɔn din bɔ mpae den. Mmebusɛm 18:10 ka sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Kristoni barima a ɔwɔ Côte d’Ivoire no yɛɛ saa, na ahonhommɔne no gyaee no haw.—Dwom 124:8; 145:18.

20. Ne tiaatwa mu no, dɛn na wubetumi ayɛ de ako atia ahonhommɔne?

20 Yehowa ama kwan sɛ ahonhommɔne no nkɔ so ntra ase, nanso ɔda ne tumi adi de boa ne nkurɔfo titiriw, na wɔreka ne din ho asɛm wɔ asase nyinaa so. (Exodus 9:16) Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, ɛho nhia sɛ wusuro ahonhommɔne. (Numeri 23:21, 23; Yakobo 4:7, 8; 2 Petro 2:9) Wɔn tumi sua. Wɔtwee wɔn aso wɔ Noa nna no mu, wɔpam wɔn fii soro nkyɛe, na mprempren wɔretwɛn atemmu a etwa to. (Yuda 6; Adiyisɛm 12:9; 20:1-3, 7-10, 14) Nokwarem no, wosuro wɔn sɛe a ɛreba no. (Yakobo 2:19) Enti sɛ ebia ahonhommɔne bɔ mmɔden sɛ wɔnam nnɛɛdɛe bi so bɛtwetwe w’adwene anaa wɔbɛtow ahyɛ wo so wɔ ɔkwan bi so a, wubetumi ako atia wɔn. (2 Korintofo 2:11) Kwati ahonhonsɛmdi biara, fa Onyankopɔn Asɛm mu afotu di dwuma, na hwehwɛ Yehowa anim dom. Yɛ eyi ntɛm ara, efisɛ wo nkwa gyina ahonhommɔne dɔm a wobɛko atia wɔn no so!

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Ɔkwan bɛn na ahonhommɔne fa so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nkurɔfo?

Dɛn nti na Bible kasa tia ahonhonsɛmdi?

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi atetew ne ho afi ahonhommɔne dɔm ho?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so ko tia ahonhommɔne?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 110 mfonini]

Wubu ahonhonsɛmdi a ɛwɔ afa horow pii no dɛn?