Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Onyankopɔn Ayɛ A Ɔde Begye Adesamma

Nea Onyankopɔn Ayɛ A Ɔde Begye Adesamma

Ti 7

Nea Onyankopɔn Ayɛ A Ɔde Begye Adesamma

1, 2. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Romani sraani panyin bi huu onii ko a Onyankopɔn Ba no yɛ? (b) Dɛn nti na Yehowa maa kwan ma Yesu wui?

FEFƐW bere awia bi bɛyɛ mfe 2,000 ni no, Romafo asraafo panyin bi hwɛɛ mmarima baasa a na wɔrewu owu yawyaw nkakrankakra no. Saa ɔsraani no hyɛɛ wɔn mu biako nsow yiye—Yesu Kristo. Na wɔde nnadewa abobɔ Yesu afam dua ho. Wim duruu sum owigyinae bere a ne wu bɛnee no. Bere a owui no, asase wosow denneennen, na ɔsraani no teɛɛm sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ [Onyankopɔn] ba.”—Marko 15:39.

2 Onyankopɔn Ba! Saa ɔsraani no kaa nokware. Ná seesei ara na ɔrehu asɛm a ɛho hia sen biara a asi pɛn wɔ asase so. Wɔ mmere a atwam no mu no, na Onyankopɔn ankasa afrɛ Yesu sɛ ne Dɔba. (Mateo 3:17; 17:5) Dɛn nti na Yehowa maa kwan ma ne Ba no wui? Efisɛ na eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn nam so begye adesamma afi bɔne ne owu mu.

WƆPAW NO MA ATIRIMPƆW TITIRIW BI

3. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔpaw Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no ma odi atirimpɔw titiriw bi a ɛfa adesamma ho dwuma?

3 Sɛnea yɛasua wɔ nhoma yi mu dedaw no, na Yesu atra ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. Wɔfrɛ no Onyankopɔn “ba koro” efisɛ Yehowa ankasa na ɔbɔɔ no. Ɛno akyi no, Onyankopɔn de Yesu dii dwuma ma ɔbɔɔ nneɛma foforo a aka nyinaa. (Yohane 3:18; Kolosefo 1:16) Ná Yesu ani gye adesamma ho kɛse. (Mmebusɛm 8:30, 31) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa paw ne Ba koro no sɛ onni atirimpɔw titiriw bi ho dwuma bere a adesamma baa owu afobu ase no!

4, 5. Ansa na Yesu reba asase so no, dɛn na Bible no daa no adi faa Aseni a ɔne Mesia no ho?

4 Bere a Onyankopɔn rebu Adam, Hawa, ne Satan ntɛn wɔ Eden turo mu no, ɔkaa Ogyefo bi a ɔbɛba daakye ho asɛm sɛ ‘aseni.’ Saa aseni yi bɛba na wama amanehunu a Satan Ɔbonsam, “ɔwɔ dedaw no,” ama aba no to atwa. Nokwarem no, Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛsɛe Satan ne wɔn a wodi n’akyi nyinaa pasaa.—Genesis 3:15; 1 Yohane 3:8; Adiyisɛm 12:9.

5 Wɔ mfehaha pii mu no, Onyankopɔn daa Aseni, nea wɔsan frɛ no Mesia, no ho nsɛm pii adi nkakrankakra. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 37 mu no, nkɔmhyɛ pii de n’asase so asetra afã horow ho nkyerɛkyerɛmu pii mae. Sɛ nhwɛso no, ná obegyina ayayade kɛse ano na ama wadi afã a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ho dwuma.—Yesaia 53:3-5.

NEA ENTI A NA MESIA NO BEWU

6. Sɛnea Daniel 9:24-26 kyerɛ no, dɛn na Mesia no bɛyɛ, na ɔbɛyɛ no wɔ ɔkwan bɛn so?

6 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 9:24-26 ka siei sɛ Mesia no—Nea Onyankopɔn Asra No—bɛma atirimpɔw kɛse bi anya mmamu. Ɔbɛba asase so ‘abɛma bɔne awie du, na wapata amumɔyɛ na wama daa trenee aba.’ Mesia no beyi owu afobu afi adesamma anokwafo so. Nanso ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ eyi? Nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘wobetwa no akyene,’ anaasɛ wobekum no.

7. Dɛn nti na na Yudafo bɔ mmoa afɔre, na na eyi yɛ dɛn ho mfonini?

7 Na tete Israelfo nim sɛ wɔpata bɔne. Wɔde mmoa bɔɔ afɔre daa wɔ wɔn som mu wɔ Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae no ase. Eyinom kaee Israelfo no sɛ na nnipa hia biribi a wɔde bɛpata wɔn bɔne ahorow anaa wɔde bɛkata so. Ɔsomafo Paulo kaa nnyinasosɛm no ho asɛm tiawa sɛɛ se: “Mogya angu a, fafiri mma.” (Hebrifo 9:22) Kristofo nhyɛ Mose Mmara ne emu ahwehwɛde ahorow, te sɛ afɔrebɔ ahorow no ase. (Romafo 10:4; Kolosefo 2:16, 17) Wonim nso sɛ mmoa afɔrebɔ ahorow ntumi mfa bɔne fafiri a edi mu koraa mma. Mmom no, na afɔrebɔ ahorow yi yɛ afɔrebɔ bi a ɛsom bo sen ɛno—Mesia, anaa Kristo de—ho mfonini. (Hebrifo 10:4, 10; fa toto Galatifo 3:24 ho.) Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘Na ehia ankasa sɛ Mesia no wu?’

8, 9. Nneɛma a ɛsom bo bɛn na Adam ne Hawa hweree, na ɔkwan bɛn so na wɔn nneyɛe no kaa wɔn asefo?

8 Yiw, sɛ na wobegye adesamma a, na ɛsɛ sɛ Mesia no wu. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn adwene kɔ Eden turo no mu na yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu sɛnea ade a Adam ne Hawa hweree bere a wɔtew atua tiaa Onyankopɔn no kɛse te. Na wɔde daa nkwa asi wɔn anim! Sɛ́ Onyankopɔn mma no, wɔne no nyaa abusuabɔ tẽẽ nso. Nanso bere a wɔpow Yehowa tumidi no, wɔhweree ne nyinaa na ɛde bɔne ne owu baa adesamma abusua no so.—Romafo 5:12.

9 Ná ɛte sɛ nea yɛn awofo a wodi kan no asɛe agyapade kɛse bi, na wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ ɛka kɛse bi mu. Adam ne Hawa de saa ka no maa wɔn asefo. Esiane sɛ wɔanwo yɛn wɔ pɛyɛ mu na yɛyɛ bɔne nti, yɛn mu biara yɛ ɔbɔnefo na yewuwu. Sɛ yɛyare anaasɛ yɛka asɛm bi a ɛhaw afoforo a ɛkaa yɛn nko a anka yɛatwe asan a, na yɛrete nea afi ɛka a yenya fii awo mu de aba no nka—onipa sintɔ. (Romafo 7:21-25) Yɛn anidaso koro pɛ no gyina nea Adam hweree a yɛbɛsan anya no so. Nanso, yentumi nnya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ. Esiane sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa yɛ bɔne nti, owu na yɛn nyinaa nya, na ɛnyɛ nkwa.—Romafo 6:23.

10. Dɛn na na ehia na wɔasan agye nea Adam hweree no?

10 Nanso, yebetumi de biribi ama de agye nkwa a Adam hweree no anaa? Onyankopɔn atɛntrenee gyinapɛn hwehwɛ sɛ nea wɔhweree ne nea wɔde si ananmu kari pɛ, wɔma ‘ɔkra si ɔkra ananmu.’ (Exodus 21:23) Enti na ɛsɛ sɛ wɔde nkwa ma de si nkwa a wɔhweree no ananmu. Wontumi mfa nkwa biara kɛkɛ nsi ananmu. Dwom 49:7, 8, NW, ka nnipa a wɔnyɛ pɛ ho asɛm sɛ: “Wɔn mu biara ntumi mfa ɔkwan biara so nnye onua mpo, na ontumi mfa agyede mma Onyankopɔn mma no; (na wɔn kra agyede som bo araa de kosi daa).” Enti wontumi nyɛ tebea no ho hwee koraa? Ɛnte saa, wobetumi ayɛ ho biribi.

11. (a) Asɛmfua “agyede” no kyerɛ dɛn wɔ Hebri mu? (b) Hena nkutoo na na obetumi agye adesamma, na dɛn ntia?

11 Wɔ Hebri kasa mu no, asɛmfua “agyede” no kyerɛ sika a wotua de gye dommum bi, na ɛkyerɛ ade a ɛne biribi kari pɛ nso. Onipa a ɔwɔ ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ nkutoo na na obetumi de nea ɛne nea Adam hweree no yɛ pɛ ama. Adam akyi no, ɔbarima biako pɛ a ɔyɛ pɛ a wɔawo no wɔ asase yi so ne Yesu Kristo. Enti, Bible no frɛ Yesu sɛ “Adam a odi akyiri,” na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Kristo “de ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa yɛn nyinaa.” (1 Korintofo 15:45; 1 Timoteo 2:5, 6, NW) Bere a Adam de owu maa ne mma no, daa nkwa na Yesu de mae. Korintofo Nhoma a Edi Kan 15:22 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.” Ɛnde, ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu sɛ “Daa-agya.”—Yesaia 9:6, 7.

SƐNEA WOTUAA AGYEDE NO

12. Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Mesia no, na asetra kwan bɛn na odii akyi wɔ ɛno akyi?

12 Wɔ afe 29 Y.B. fefɛw bere mu no, Yesu kɔɔ ne busuani Yohane nkyɛn ma ɔbɔɔ no asu na ɔnam saayɛ so de ne ho mae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Saa bere no Yehowa de honhom kronkron sraa Yesu. Enti Yesu bɛyɛɛ Mesia, anaa Kristo, nea Onyankopɔn asra no. (Mateo 3:16, 17) Afei Yesu fii ne mfe abiɛsa ne fã som adwuma no ase. Otutuu akwan faa ne man no mu nyinaa, kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na ɔboaboaa akyidifo anokwafo ano. Nanso, sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ankyɛ na ɔsɔretia a wɔde baa ne so no yɛɛ kɛse.—Dwom 118:22; Asomafo no Nnwuma 4:8-11.

13. Nsɛm a esisii bɛn na ɛma wokum Yesu sɛ mudi mu kurafo?

13 Yesu de akokoduru daa nyamesom akannifo no nyaatwom adi, na wɔpɛe sɛ wokum no. Awiei koraa no wɔbɔɔ pɔw bɔne bi ma wɔnam so yii no mae, wɔnam ɔkwammɔne so kyeree no, wodii n’asɛm wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so na wotwaa asɛm too no so sɛ otutu ɔman ase. Wɔboroo Yesu, wɔtetee ntasu guu no so, wodii ne ho fɛw, na wɔde mpire a ɛtetew ne honam hwee no. Afei Roma amrado Pontio Pilato buu no kumfɔ ma wɔbɔɔ no asɛnduam. Wɔde nnadewa bobɔɔ no fam dua ho ma ɔsɛn so. Ahome biara a ogui ma ɔtee yaw, na edii nnɔnhwerew pii ansa na ɔrewu. Yesu kuraa ne mudi a ɛyɛ pɛ mu maa Nyankopɔn wɔ saa amanehunu no nyinaa mu.

14. Dɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma ne Ba no huu amane na owui?

14 Enti, Nisan 14, 33 Y.B. na Yesu de ne nkwa mae sɛ ‘agyede maa nnipa pii.’ (Marko 10:45; 1 Timoteo 2:5, 6) Yehowa fi soro tumi hui sɛ ne Dɔba no rehu amane na ɔrewu. Dɛn nti na Onyankopɔn maa adebɔne a ɛte saa hokwan ma ɛbae? Adesamma ho dɔ nti na ɔyɛɛ saa. Yesu kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yesu wu no nso kyerɛ yɛn sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a n’atɛntrenee yɛ pɛ. (Deuteronomium 32:4) Ebia ebinom bɛka sɛ dɛn nti na Onyankopɔn amfa n’atɛntrenee mu nnyinasosɛm ahorow a ɛhwehwɛ sɛ ɔkra si ɔkra ananmu no anto nkyɛn na wammu n’ani angu bo a na Adam bɔne no hwehwɛ sɛ wotua no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yehowa di ne mmara ahorow so na ogyina akyi bere nyinaa, bere a ɛma ɔhwere biribi kɛse mpo no.

15. Esiane sɛ anka ɛrenteɛ sɛ wɔbɛma Yesu nkwa aba awiei koraa nti, dɛn na Yehowa yɛe?

15 Yehowa atɛntrenee hwehwɛ nso sɛ Yesu wu no de anigye bɛba. Sɛ yɛhwɛ a, ɛbɛyɛ atɛntrenee sɛ ɔbɛma ɔnokwafo Yesu ada wɔ owu mu daa? Dabida! Ná Hebri Kyerɛwnsɛm no ahyɛ nkɔm sɛ saa onii a odi Onyankopɔn nokware no renka ɔdamoa mu. (Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 13:35) Ɔdae wɔ owu mu nnansa mu fã bi na afei Yehowa Nyankopɔn nyan no baa nkwa mu sɛ honhom abɔde tumfoɔ.—1 Petro 3:18.

16. Bere a Yesu duu soro no, dɛn na ɔyɛe?

16 Wɔ Yesu wu mu no, ɔde ne desani nkwa too hɔ koraa. Bere a wonyan no kɔɔ ɔsoro asetra mu no, ɔbɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa. Bio nso, bere a Yesu foro kɔɔ amansan no mu kronkronbea paa no, ɔsan kɔkaa n’Agya a ɔdɔ no no ho, na afei ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bo maa No. (Hebrifo 9:23-28) Afei na wobetumi de saa nkwa a ɛsom bo no bo adi dwuma ama adesamma asoɔmmerɛfo. Ɛno kyerɛ dɛn ma wo?

KRISTO AGYEDE NO NE WO

17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina Kristo agyede afɔrebɔ no so anya bɔne fafiri?

17 Susuw akwan abiɛsa a Kristo agyede no ho ba wo mfaso nnɛ mpo no ho. Nea edi kan ne sɛ ɛde bɔne fafiri ba. Yɛnam Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi so ‘nya ogye a ɛnam agyede so,’ yiw, ‘yɛn mfomso fafiri.’ (Efesofo 1:7) Enti sɛ yɛayɛ bɔne bi a anibere wom mpo a, yebetumi abisa Onyankopɔn ma ɔde yɛn bɔne afiri yɛn wɔ Yesu din mu. Sɛ yenu yɛn ho ampa a, Yehowa de ne Ba no agyede afɔrebɔ no bo di dwuma ma yɛn. Onyankopɔn de yɛn bɔne firi yɛn, na ɔma yenya nhyira a ɛne ahonim pa sen sɛ anka obebu yɛn kumfɔ a bɔne a yɛyɛ ma yɛfata no.—Asomafo no Nnwuma 3:19; 1 Petro 3:21.

18. Ɔkwan bɛn so na Yesu afɔrebɔ no ma yenya anidaso?

18 Nea ɛto so abien ne sɛ Kristo agyede afɔrebɔ no de yɛn daakye ho anidaso nnyinaso ma. Wɔ anisoadehu mu no, ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn” a wobenya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛde nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei a ɛreba no mu no. Dɛn nti na wobenya nkwa bere a Onyankopɔn sɛe afoforo pii? Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yohane sɛ nnipakuw kɛse no ‘ahoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no, Yesu Kristo, mogya mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 14) Bere tenten a yɛkɔ so kyerɛ Yesu Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi na yɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow hyia no, yɛn ho bɛtew wɔ Onyankopɔn anim na yebenya daa nkwa ho anidaso.

19. Ɔkwan bɛn so na Yesu afɔrebɔ no kyerɛ sɛ ɔne n’Agya dɔ wo?

19 Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ agyede afɔrebɔ no ne Yehowa dɔ ho adanse a ɛsen biara. Kristo wu no daa nneyɛe abien a ɛkyerɛ ɔdɔ a ɛsen biara wɔ amansan no abakɔsɛm mu no adi: (1) Onyankopɔn dɔ sɛ ɔsomaa ne Ba sɛ ommewu mma yɛn; (2) Yesu dɔ sɛ ofii ne pɛ mu de ne ho mae sɛ agyede. (Yohane 15:13; Romafo 5:8) Sɛ yɛkyerɛ gyidi ampa a, saa ɔdɔ yi di yɛn mu biara ho dwuma. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔ me na ɔde ne ho ama me.’—Galatifo 2:20; Hebrifo 2:9; 1 Yohane 4:9, 10.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi?

20 Enti, momma yɛmfa aseda mma wɔ ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo yii no adi no ho denam Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yɛbɛkyerɛ so. Saayɛ ma yenya daa nkwa. (Yohane 3:36) Nanso, ɛnyɛ yɛn nkwagye ne ade a ɛho hia sen biara a enti Yesu bɛtraa asase so na owui. Dabi, nea na ehia no titiriw no yɛ ɔsɛmpɔw bi a ɛso sen saa mpo, nea ɛfa amansan no nyinaa ho. Sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ no mu no, ɔsɛmpɔw no fa yɛn nyinaa ho efisɛ ɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nsɛmmɔnedi ne amanehunu akɔ so bere tenten saa wɔ wiase yi mu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu wu de gye adesamma?

Ɔkwan bɛn na wɔfaa so tuaa agyede no?

Akwan bɛn so na wunya agyede no so mfaso?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 67]