Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma A Ɛda Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Adi

Nhoma A Ɛda Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Adi

Ti 2

Nhoma A Ɛda Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Adi

1, 2. Dɛn nti na yehia yɛn Bɔfo no akwankyerɛ?

NTEASE wom sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no de nhoma a nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ wom bɛma adesamma. Na wunnye ntom sɛ adesamma hia akwankyerɛ?

2 Bɛboro mfe 2,500 ni no, odiyifo ne abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnnɛ, nokware a saa asɛm no yɛ no da adi kɛse sen bere biara! Enti, abakɔsɛm kyerɛwfo William H. McNeill ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ onipa suahu wɔ okyinsoromma yi so ayɛ ɔhaw ahorow a ɛba toatoa so ne nnipa nhyehyɛe a wɔde asi hɔ a ɛyɛ basaa bere nyinaa.”

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesua Bible no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn afi Bible no mu nhwehwɛmu ase?

3 Bible no ma yenya akwankyerɛ a nyansa wom a yehia nyinaa. Nokwarem no, nnipa pii ho dwiriw wɔn bere a edi kan a wɔhwehwɛ Bible no mu no. Ɛyɛ nhoma kɛse, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte n’afã horow bi ase. Nanso sɛ wɔde mmara krataa bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nsa aka agyapade a ɛsom bo bi ma wo a, worennye bere nhwehwɛ mu yiye? Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte krataa no afã horow bi ase a, ebia wobɛhwehwɛ mmoa afi obi a ne ho akokwaw wɔ nneɛma a ɛtete saa mu hɔ. Dɛn nti na womfa su a ɛte saa ara nhwehwɛ Bible no mu? (Asomafo no Nnwuma 17:11) Pii wom sen honam fam agyapade. Sɛnea yehui wɔ ti a edi eyi anim mu no, Onyankopɔn ho nimdeɛ betumi ama yɛanya daa nkwa.

4 Ma yɛnhwehwɛ nhoma a ɛda Onyankopɔn ho nimdeɛ adi no mu. Yebedi kan aka Bible no ho nsɛntitiriw tiawa. Afei yebesusuw nea enti a nnipa animdefo pii gye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho.

NEA ƐWƆ BIBLE NO MU

5. (a) Dɛn na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu? (b) Dɛn na ɛwɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu?

5 Bible no kura nhoma 66 a ɛwɔ afã horow abien, a wɔtaa frɛ no Apam Dedaw ne Apam Foforo. Wɔde Hebri titiriw na ɛkyerɛw Bible no mu nhoma 39, na wɔde Hela na ɛkyerɛw 27. Hebri Kyerɛwnsɛm no a efi Genesis kosi Malaki no ka adebɔ ne adesamma abakɔsɛm mu mfe 3,500 a edi kan no ho asɛm. Sɛ yɛhwehwɛ Bible no fã yi mu a, yesua sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo dii—fi bere a wɔyɛɛ wɔn ɔman wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu kosi afeha a ɛto so 5 A.Y.B. mu no. * Hela Kyerɛwnsɛm no a nhoma a ɛne Mateo kosi Adiyisɛm wom no de adwene si Yesu Kristo ne n’asuafo nkyerɛkyerɛ ne wɔn dwumadi ahorow wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu so.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Bible mũ no nyinaa?

6 Ebinom kyerɛ sɛ “Apam Dedaw” no wɔ hɔ ma Yudafo, na “Apam Foforo” no wɔ hɔ ma Kristofo. Nanso sɛnea 2 Timoteo 3:16 kyerɛ no, “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” Enti, sɛ wubesua Kyerɛwnsɛm no ma afata a, ɛsɛ sɛ wusua Bible mũ no nyinaa ka ho. Nokwarem no, Bible no afã horow abien no ma ɔfã biara di mũ na emu nsɛm hyia ma enya asɛmti biako.

7. Dɛn ne Bible no asɛmti?

7 Ebia woakɔ asɔre mfe pii na woate sɛ wɔkenkan Bible no afã horow bi den. Anaasɛ ebia w’ankasa woakenkan emu nsɛm bi. Wunim sɛ Bible no kura asɛmti biako fi Genesis kosi Adiyisɛm? Yiw, asɛmti koro no ara da adi wɔ Bible no nyinaa mu. Dɛn ne saa asɛmti no? Ɛyɛ hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi adesamma so tumi a wɔsan ho ne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom a ɔnam n’Ahenni no so bɛma abam no. Akyiri yi, yebehu sɛnea Onyankopɔn bɛma atirimpɔw yi abam.

8. Dɛn na Bible da no adi wɔ Onyankopɔn nipasu ho?

8 Wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm a Bible no ka akyi no, ɛda ne nipasu adi. Sɛ nhwɛso no, yehu fi Bible no mu sɛ Onyankopɔn wɔ nkate ne sɛ nea yɛpaw ho asɛm hia no. (Dwom 78:40, 41; Mmebusɛm 27:11; Hesekiel 33:11) Dwom 103:8-14 ka sɛ Onyankopɔn yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfo . . . ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso.” Ɔwɔ ayamhyehye ma yɛn, na ɔkae sɛ ‘wɔde dɔte kɛkɛ na ɛnwenee yɛn’ na yewu a, yɛsan kɔ mu. (Genesis 2:7; 3:19) Su horow a ɛyɛ nwonwa ara a ɔda no adi! Ɛnyɛ Onyankopɔn a wopɛ sɛ wosom no ni?

9. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow pefee, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya nimdeɛ a ɛte saa no so mfaso?

9 Bible no ma yehu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow pefee. Ɛtɔ mmere bi a wɔka eyinom ho asɛm sɛ mmara. Nanso, mpɛn pii no ɛda adi wɔ nnyinasosɛm ahorow a wɔnam nhwɛsode ahorow so kyerɛkyerɛ mu. Onyankopɔn ma wɔkyerɛw tete Israelfo abakɔsɛm mu nsɛm bi too hɔ na yɛanya mu mfaso. Saa kyerɛwtohɔ ahorow a ɛka nsɛm pefee yi kyerɛ nea ɛba bere a nkurɔfo yɛ ade ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia, ne awerɛhosɛm a efi mu ba bere a wɔn ankasa yɛ nea wɔpɛ no. (1 Ahene 5:4; 11:4-6; 2 Beresosɛm 15:8-15) Akyinnye biara nni ho sɛ saa asetram nsɛm a esisii ankasa no a yɛbɛkenkan no bɛka yɛn koma. Sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ nsɛm a esisii a wɔakyerɛw ato hɔ no ho mfonini wɔ yɛn adwenem a, yebetumi afa no sɛ yɛte sɛ nnipa a wɔka wɔn ho asɛm no. Yɛnam saayɛ so betumi anya nhwɛso pa so mfaso na yɛakwati asiane ahorow a esum nnebɔneyɛfo afiri no. Nanso, ɛho hia sɛ yebua asemmisa a ɛho hia yi: Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ nea yɛkenkan wɔ Bible mu no fi Onyankopɔn home mu ampa?

WUBETUMI DE WO HO ATO BIBLE NO SO?

10. (a) Dɛn nti na ebinom te nka sɛ Bible no mu nsɛm atwam? (b) Dɛn na 2 Timoteo 3:16, 17 ka wɔ Bible no ho kyerɛ yɛn?

10 Ebia woahyɛ no nsow sɛ nhoma pii a ɛde afotu ma no mu nsɛm twam wɔ mfe kakraa bi mu. Na Bible no nso ɛ? Akyɛ yiye, na emu nsɛm a etwa to a wɔkyerɛwee no adi bɛyɛ mfe 2,000. Enti ebinom te nka sɛ yentumi mfa nni dwuma wɔ yɛn nnɛ bere yi mu. Nanso sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu a, ɛsɛ sɛ wotumi de n’afotu di dwuma bere nyinaa a sɛnea akyɛ yiye no mfa ho. Ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no kɔ so yɛ nea “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

11-13. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible no so wɔ mfaso wɔ yɛn bere yi mu?

11 Nhwehwɛmu a emu dɔ da no adi sɛ wotumi de Bible mu nnyinasosɛm di dwuma nnɛ te sɛ bere a wodii kan kyerɛwee no. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa nnipa nyinaa ho no, Bible no da ntease kɛse a ɛfa adesamma awo ntoatoaso biara ho adi. Yebetumi ahu eyi ntɛm ara wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a ɛwɔ Mateo nhoma, atiri 5 kosi 7 no mu. Indiafo kannifo Mohandas K. Gandhi a wafi mu no ani gyee asɛm yi ho araa ma wɔkyerɛ sɛ ɔka kyerɛɛ Britania aban panyin bi sɛ: “Sɛ wo man ne me de yi bɛbom agye nkyerɛkyerɛ a Kristo de mae wɔ Bepɔw so Asɛnka yi mu atom a, anka ɛnyɛ yɛn aman no haw ahorow nko na yebetumi adi ho dwuma na mmom wiase nyinaa de nso.”

12 Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ ho! Wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yebenya anigye ankasa. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛne afoforo ntam akasakasa mu. Yesu de ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae ho akwankyerɛ mae. Ɔdaa su a nyansa wom sen biara a ɛsɛ sɛ yenya wɔ honam fam ahiade ahorow ho adi, na ɔde Mmara Pa a ɛbɛma yɛne afoforo anya abusuabɔ pa no mae. Nsɛm a ɔkae wɔ ɔkasa yi mu no bi nso ne sɛnea yebehu ɔsom mu nsisi ne sɛnea yebenya daakye a ahotɔ wom.

13 Bible no ka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛsɛ sɛ yɛkwati na ama yɛn asetra ayɛ papa ho asɛm pefee kyerɛ yɛn wɔ Bepɔw so Asɛnka no ne afei emu nsɛm a aka no nyinaa mu. N’afotu so wɔ mfaso araa ma ɛkaa ɔkyerɛkyerɛfo bi ma ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ meyɛ ntoaso sukuufo fotufo a mikura bachelor ne master abodin wɔ nhomasua mu, na makenkan adwene ho akwahosan ne adwene ho nimdeɛ ho nhoma pii de, nanso mihui sɛ Bible afotu a ɛfa nneɛma bi te sɛ aware a ɛsɔ, mmofrabɔnesɛm anosiw ne sɛnea wobenya nnamfo na wɔn adamfofa no atra hɔ ho no sen biribiara a makenkan anaa masua wɔ kɔlege no koraa.” Wɔ mfaso a ɛwɔ Bible no so ne dwuma a wotumi de di bere nyinaa akyi no, yebetumi de yɛn ho ato so.

ƐYƐ NOKWARE NA YETUMI DE YƐN HO TO SO

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no ka nyansahu mu nokware?

14 Ɛwom sɛ Bible no nyɛ nyansahu nhoma de, nanso nyansahu ho nsɛm a ɛka no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, bere a na nnipa dodow no ara gye di sɛ asase yɛ tratraa no, odiyifo Yesaia kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “kontonkron” (Hebri, chugh, a adwene a ekura ne “kurukuruwa”). (Yesaia 40:22) Nnipa pii annye nsusuwii a ɛne sɛ asase no yɛ kurukuruwa no antom kosii mfe mpempem pii wɔ Yesaia nna no akyi. Bio nso, Hiob 26:7—wɔkyerɛwee bɛboro mfe 3,000 ni—ka sɛ Onyankopɔn de “asase sɛn nea biribi nni.” Bible ho ɔdenimfo bi ka sɛ: “Nea ɛyɛe a Hiob huu nokwasɛm a ɛne sɛ asase nsɛn hwee so wɔ ahunmu, a nsoromma ho nimdeɛ akyerɛ sɛ ɛyɛ nokware no yɛ asɛm a ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔka sɛ Kyerɛw Kronkron no mfi honhom mu no bebua.”

15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔkaa Bible mu nsɛm no hyɛ ahotoso a obi wɔ wom no mu den?

15 Sɛnea wɔka nsɛm a yehu wɔ Bible mu no nso hyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nhoma a akyɛ yiye yi mu no mu den. Esiane sɛ Bible no nte sɛ anansesɛm nti, ɛde nsɛm a esisii a ɛka no bata nnipa ne mmere pɔtee bi ho. (1 Ahene 14:25; Yesaia 36:1; Luka 3:1, 2) Na bere a ɛkame ayɛ sɛ tete abakɔsɛm akyerɛwfo guguu wɔn sodifo nkonimdi ahorow mu dodo na wɔkatakataa wɔn nkogudi ne mfomso ahorow so bere nyinaa no, Bible akyerɛwfo no kaa nokware—faa wɔn ankasa bɔne ahorow a anibere wom mpo ho.—Numeri 20:7-13; 2 Samuel 12:7-14; 24:10.

NKƆMHYƐ NHOMA

16. Adanse a ɛsen biara bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu?

16 Nkɔmhyɛ a anya mmamu de adanse a edi mu ma sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu. Nkɔmhyɛ pii a anya mmamu pɛpɛɛpɛ wɔ Bible no mu. Ɛda adi sɛ nnipa kɛkɛ rentumi mma eyi mma saa. Ɛnde, dɛn na ɛhyɛ nkɔmhyɛ ahorow yi akyi? Bible no ankasa ka sɛ “[nkɔmhyɛ] bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron no,” anaasɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, “de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” (2 Petro 1:21) Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

17. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛkaa Babilon asehwe ho asɛm siei, na ɔkwan bɛn so na eyinom nyaa mmamu?

17 Babilon asehwe. Yesaia ne Yeremia nyinaa hyɛɛ Babilon a Mediafo ne Persiafo bedi so nkonim ho nkɔm. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔkyerɛw asɛm yi ho nkɔm a Yesaia hyɛe no too hɔ bere a na Babilon tumi adu ne mpɔmpɔn so, bɛyɛ mfe 200 ansa na wɔresɛe no! Seesei nkɔmhyɛ afã horow a edidi so yi wɔ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ mu: Eufrate Asubɔnten no a wɔnam ne nsu a wɔdan koguu ɔtare bi a wotui mu so ma ɛyowee (Yesaia 44:27; Yeremia 50:38); Babilon asubɔnten apon ano a wɔanwɛn no yiye (Yesaia 45:1); ne ɛso nkonim a sodifo bi a wɔfrɛ no Kores dii.—Yesaia 44:28.

18. Ɔkwan bɛn so na “Hela hene” sɔre ne n’asehwe maa Bible nkɔmhyɛ nyaa mmamu?

18 “Hela hene” sɔre ne n’asehwe. Wɔ anisoadehu mu no, Daniel hui sɛ ɔpapo bi sii odwennini bi, na obubuu ne mmɛn abien. Afei, ɔpapo no abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan fifi sii ananmu. (Daniel 8:1-8) Wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Daniel sɛ: “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene; na ɔpapo a ɔyɛ kekã no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan; na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.” (Daniel 8:20-22) Sɛnea nkɔmhyɛ yi kyerɛe no, bɛyɛ mfeha abien akyi no, “Hela hene,” Aleksanda Ɔkɛseɛ tuu Medo-Persia Ahemman a na ɛyɛ mmɛn abien no gui. Aleksanda wui wɔ 323 A.Y.B. mu, na awiei koraa no n’asraafo mpanyin baanan bedii n’ade. Nanso, ahenni a ɛbaa akyiri yi biara nni hɔ a na ne tumi te sɛ Aleksanda ahemman no.

19. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na Yesu Kristo ma enyaa mmamu?

19 Yesu Kristo asetra. Nkɔmhyɛ bebree a Yesu awo, ne som adwuma, ne wu, ne ne wusɔre ma enyaa mmamu wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, Mika ka siei bɛboro mfe 700 sɛ wɔbɛwo Mesia anaa Kristo no wɔ Betlehem. (Mika 5:2; Luka 2:4-7) Yesaia a ɔtraa ase wɔ Mika bere so no hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛbɔ Mesia no na wɔatete ntasu agu no so. (Yesaia 50:6; Mateo 26:67) Sakaria ka siei mfe ahanum sɛ wobeyi Mesia no ama de agye nnwetɛbona 30. (Sakaria 11:12; Mateo 26:15) Dawid kaa Yesu a ɔne Mesia no wu ho nsɛm siei bɛboro mfe apem. (Dwom 22:7, 8, 18; Mateo 27:35, 39-43) Na Daniel nkɔmhyɛ no dii kan kyerɛɛ bere a Mesia no bepue ne bere tenten a ɔde bɛyɛ ne som adwuma ne bere a obewu no bɛyɛ mfeha anum ansa na ɛrebam. (Daniel 9:24-27) Eyi yɛ nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so ho nhwɛso kakraa bi pɛ. Sɛ wokenkan ne ho nsɛm pii akyiri yi a, wubenya so mfaso.

20. Ɛsɛ sɛ Bible kyerɛwtohɔ a edi mũ a ɛfa nkɔmhyɛ a anya mmamu ho no ma yenya ahotoso bɛn?

20 Bible mu nkɔmhyɛ afoforo pii a akyɛ no anya mmamu dedaw. Ebia wubebisa sɛ, ‘Na eyi ka m’asetra dɛn?’ Sɛ obi de mfe pii aka nokware akyerɛ wo a, wubefiti prɛko pɛ agye biribi foforo a ɔka kyerɛ wo ho kyim? Dabi! Onyankopɔn aka nokware wɔ Bible no mu nyinaa. Ɛnsɛ sɛ eyi hyɛ ahotoso a wowɔ wɔ Bible bɔhyɛ ahorow te sɛ asase so paradise a ɛreba ho nkɔmhyɛ ahorow no mu den? Nokwarem no, yebetumi anya ahotoso te sɛ Paulo, Yesu afeha a edi kan no mu asuafo no mu biako, a ɔkyerɛwee sɛ ‘Onyankopɔn nni atoro’ no. (Tito 1:2) Afei nso, sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no na yɛde n’afotu di dwuma a, na yɛreda nyansa a nnipa ankasa ntumi nnya adi, efisɛ Bible no ne nhoma a ɛda Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛma daa nkwa no adi.

‘NYA AKƆNNƆ’ WƆ ONYANKOPƆN HO NIMDEƐ HO

21. Sɛ ɛte sɛ nea nneɛma bi a wusua fi Bible mu no ma wo ho dwiriw wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

21 Bere a wusua Bible no, ebia wubesua nneɛma a ɛyɛ soronko wɔ nea wɔakyerɛkyerɛ wo dedaw no ho. Ebia wubehu mpo sɛ ɔsom mu amanne ahorow a w’ani gye ho no bi nsɔ Onyankopɔn ani. Wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ papa ne bɔne ho gyinapɛn a ɛkorɔn sen nea abu so wɔ wiase a ɛma biribiara ho kwan yi mu no. Ebia eyi bɛma wo ho adwiriw wo mfiase no. Nanso nya boasetɔ! Hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Hu sɛ ebetumi aba sɛ Bible mu afotu betumi ahwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ wo nsusuwii ne nneyɛe mu.

22. Dɛn nti na woresua Bible no, na ɔkwan bɛn na wubetumi afa so aboa afoforo ma wɔate eyi ase?

22 Ebia nnamfo ne abusuafo a wɔwɔ wo ho adwempa bɛsɔre atia Bible no a wusua no, nanso Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:32, 33) Ebia ebinom besuro sɛ wode wo ho rekɔhyɛ sum ase kuw bi mu anaa wobɛyɛ katee. Nanso, nokwarem no, mmɔden kɛkɛ na worebɔ sɛ wubenya Onyankopɔn ne ne nokware no ho nimdeɛ a edi mu. (1 Timoteo 2:3, 4) Nea ɛbɛyɛ na woaboa afoforo ma wɔate eyi ase no, da ntease adi, wo ne wɔn nnnye akyinnye bere a woreka nea woresua no ho asɛm akyerɛ wɔn no. (Filipifo 4:5) Kae sɛ ‘wonya’ nnipa pii a “ɔkasa nni mu” bere a wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa nya Bible mu nimdeɛ so mfaso ankasa no.—1 Petro 3:1, 2.

23. Wobɛyɛ dɛn atumi ‘anya akɔnnɔ’ wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho?

23 Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Munnya asɛm nufusu kronkron no ho akɔnnɔ sɛ nkokoaa.’ (1 Petro 2:2) Akokoaa nkwa gyina aduan a efi ne maame hɔ so, na ɔhyɛ sɛ ɔmfa saa ahiade no mma no. Saa ara nso na nimdeɛ a efi Onyankopɔn hɔ no na ɛwowaw yɛn. ‘Nya’ n’Asɛm no ho ‘akɔnnɔ’ denam w’adesua no a wobɛtoa so no so. Nokwarem no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible no da biara. (Dwom 1:1-3) Eyi bɛma woanya nhyira pii, efisɛ Dwom 19:11 ka Onyankopɔn mmara ahorow ho asɛm sɛ: “Ɛsodi mu wɔ akatua pii.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 A.Y.B. kyerɛ “ansa na Yɛn Bere Yi Ba,” na ɛteɛ sen A.K. (“Ansa na Kristo Reba”). Y.B. kyerɛ “Yɛn Bere Yi,” nea wɔtaa frɛ no A.D. a wɔde gyina hɔ ma anno Domini a ɛkyerɛ “wɔ yɛn Awurade afe no mu.”

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Akwan bɛn so na Bible da nsow wɔ nhoma afoforo nyinaa ho?

Dɛn nti na wubetumi de wo ho ato Bible no so?

Dɛn na ɛma wuhu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 14 adaka]

FA WO BIBLE DI DWUMA YIYE

Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu Bible ho nsɛm. Hwɛ faako a wɔahyehyɛ Bible mu nhoma no din no sua sɛnea wɔahyehyɛ nhoma no nnidiso nnidiso ne faako a ɛwowɔ. Bible mu nhoma ahorow no wɔ atiri ne nkyekyem a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubebue ahwɛ. Wɔde emu a wɔakyekyɛ ayɛ no atiri no kaa ho wɔ afeha a ɛto so 13 mu, na ɛda adi sɛ afeha a ɛto so 16 no mu Franseni nhomatintimfo bi na ɔkyekyɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no mu yɛɛ no nkyekyem sɛnea ɛte nnɛ no. Bible mũ a edii kan nyaa atiri ne nkyekyem nɔma no yɛ Franse kasa mu nkyerɛase bi a wotintimii wɔ 1553 mu.

Sɛ wɔbɔ kyerɛw nsɛm din wɔ nhoma yi mu a, nɔma a edi kan no kyerɛ ne ti na nea edi so no kyerɛ nkyekyem. Sɛ nhwɛso no, “Mmebusɛm 2:5” kyerɛ Mmebusɛm nhoma no, ti 2, nkyekyem 5. Sɛ wubue kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no hwɛ a, ɛrenkyɛ na woate nka sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu Bible kyerɛw nsɛm.

Ɔkwan pa a ɛsen biara a wobɛfa so ahu Bible no mu nsɛm ne sɛ wobɛkenkan da biara. Mfiase no, ebia eyi bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den. Nanso sɛ wugyina ne tenten so kenkan atiri abiɛsa kosi anum da biara a, wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa awie wɔ afe biako mu. Dɛn nti na wumfi ase nnɛ?

[Kratafa 19 adaka]

BIBLE NO—NHOMA A ƐDA NSOW

• Bible no “fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Ɛwom sɛ nnipa na wɔkyerɛw nsɛm no de, nanso Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ wɔn nsusuwii kwan, ma enti Bible no yɛ “Onyankopɔn asɛm” ankasa.—1 Tesalonikafo 2:13.

• Akyerɛwfo bɛyɛ 40 a wɔn asetra mu nsɛm gu ahorow na wɔde bɛboro mfeha 16 kyerɛw Bible no. Nanso, Bible mũ no nyinaa mu nsɛm hyia, efi ne mfiase kosi awiei.

• Bible no agyina akyinnyegye a emu yɛ den ano sen nhoma foforo biara. Wɔ Mfinimfini Mfe no mu no, wɔhyew nnipa pii wɔ dua ho esiane Kyerɛwnsɛm no a na wɔwɔ bi kɛkɛ nti.

• Bible no ne nhoma a wɔatɔ sen biara wɔ wiase. Wɔakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase akɔ kasa horow bɛboro 2,000 mu. Wɔatintim ɔpepepem pii, na ɛkame ayɛ sɛ ebi wɔ asase so baabiara.

• Wɔkyerɛw Bible no fã a akyɛ sen biara no wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu. Wɔkyerɛwee ansa na Hindufo Rig-Veda (wowiei bɛyɛ 1300 A.Y.B.), anaasɛ Buddhafo “Canon of the Three Baskets” (afeha a ɛto so anum A.Y.B.), anaasɛ Nkramofo Koran (afeha a ɛto so ason Y.B.), ne Shinto Nihongi (720 Y.B.) nso reba.

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 20]