Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nna A Edi Akyiri No Ni!

Nna A Edi Akyiri No Ni!

Ti 11

Nna A Edi Akyiri No Ni!

1. Dɛn nti na sɛ ebinom dwen nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu ho a, ɛhaw wɔn wɔ ɔkwan bi so, nanso ɛhe na yebetumi ahu nsɛm a esisi wɔ wiase no mu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nokware?

ƐYƐƐ dɛn na yɛn wiase a basabasayɛ wom no abedu sɛɛ? Ɛhe na yɛn ani kyerɛ? Woabisa nsɛm a ɛtete saa pɛn? Sɛ ebinom hwɛ sɛnea wiase no te a, wɔhaw wɔ ɔkwan bi so. Nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa te sɛ akodi, nyarewa, ne nsɛmmɔnedi ma nkurɔfo dwen nea ɛbɛba daakye ho. Aban mpanyimfo mma yennya anidaso ahe biara. Nanso, Onyankopɔn de bere a ɔhaw wom yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nokware ma wɔ n’Asɛm mu. Bible no boa yɛn nokwarem ma yehu bere ko a yɛwom. Ɛkyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” mu.—2 Timoteo 3:1.

2. Asɛm bɛn na Yesu asuafo bisaa no, na obuaa dɛn?

2 Sɛ nhwɛso no, susuw mmuae a Yesu de mae wɔ nsɛm bi a n’asuafo no bisae no ho. Aka nnansa ma Yesu awu no, wobisaa no sɛ: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” * (Mateo 24:3, NW) Yesu rebua no, ɔkaa nsɛm ne tebea pɔtee a ɛbɛba wiase no mu a ɛbɛkyerɛ pefee sɛ nhyehyɛe bɔne yi adu ne nna a edi akyiri mu ho asɛm.

3. Dɛn nti na asase so tebea horow sɛee bere a Yesu fii ase dii tumi no?

3 Sɛnea wɔakyerɛ wɔ ti a edi eyi anim no mu no, Bible mmerebu ma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni afi ase di tumi dedaw. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Nneɛma sɛe na ɛnyɛ papa. Nokwarem no, eyi yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni afi ase di tumi. Dɛn ntia? Dwom 110:2 ka kyerɛ yɛn sɛ Yesu bedi hene wɔ ‘n’atamfo mfinimfini’ akosi bere bi. Nokwarem no, ade a odii kan yɛe sɛ ɔsoro Hene ne sɛ ɔtow Satan ne n’adaemone guu asase so ha. (Adiyisɛm 12:9) Dɛn na efii mu bae? Nea Adiyisɛm 12:12 ka siei no ara pɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Saa ‘bere tiaa’ no mu na yɛte seesei.

4. Nna a edi akyiri no mu nneɛma no bi ne dɛn, na ɛkyerɛ dɛn? (Hwɛ adaka no mu.)

4 Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wobisaa Yesu ne ba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne no, ɔmaa mmuae a ɛma obi dwen nneɛma ho yiye. Sɛnkyerɛnne no afã horow wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 102 no mu. Sɛnea wubetumi ahu no, Kristofo asomafo Paulo, Petro, ne Yohane de nna a edi akyiri no ho nkyerɛkyerɛmu foforo ma yɛn. Ɛwom, sɛnkyerɛnne no ne nna a edi akyiri no ho nneɛma dodow no ara fa tebea horow a ɛhaw adwene ho. Nanso, ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu ma yegye di sɛ nhyehyɛe bɔne yi abɛn n’awiei. Ma yɛnhwehwɛ nna a edi akyiri no mu nneɛma atitiriw no bi mu yiye.

NNA A EDI AKYIRI NO MU NNEƐMA

5, 6. Ɔkwan bɛn so na akodi ne ɔkɔm ho nkɔmhyɛ ahorow no renya mmamu?

5 “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:4) Nhoma kyerɛwfo Ernest Hemingway frɛɛ Wiase Ko I no “awudi, okunkɛse a ɛsen biara a wɔanni ho dwuma wɔ ɔkwampa so a asi wɔ asase so pɛn.” Sɛnea nhoma The World in the Crucible—1914-1919 kyerɛ no, na ɛyɛ “ɔko foforo, ɔko a edi kan koraa a ɛtoo adesamma. Bere tenten a edii, emu den ne sɛnea ɛtrɛwee no kyɛn ebiara a na wɔahu dedaw anaasɛ wɔhwɛ kwan.” Afei ɛno akyi no, Wiase Ko II bae, na ɛbɛsɛee nneɛma koraa sen Wiase Ko I. Abakɔsɛm ho nimdefo Hugh Thomas ka sɛ: “Atuo a ɛtow ntɛmntɛm, ntwitwiridii, B-52 wim akohyɛn, nuklea ɔtopae, ne awiei koraa no, aprɛm adi akoten wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu. Akodi a mogyahwiegu ne adesɛe akɔ so wom sen bere foforo biara a abɛsen ama ada nsow.” Ampa, wɔkaa akode a wɔtow gu ho nsɛm pii bere a Amammui mu Ntawntawdi no baa awiei no. Nanso, amanneɛbɔ biako bu akontaa sɛ nuklea aprɛm mmɛmma bɛyɛ 10,000 kosi 20,000—ano den boro nea wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko II mu no so mpɛn 900—bɛkɔ so atra hɔ bere a wɔkae sɛ wɔntew ne dodow so no akyi.

6 ‘Ɔkɔm bɛba.’ (Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:5, 6, 8) Anyɛ yiye koraa no ɔkɔm akɛse 20 aba fi 1914 reba no. Bangladesh, Burundi, Cambodia, China, Ethiopia, Greece, India, Nigeria, Russia, Rwanda, Somalia, ne Sudan ka mmeae a ɛbae wɔ hɔ no ho. Nanso ɛnyɛ aduan a ɛho yɛ nã na ɛde ɔkɔm ba bere nyinaa. Kuadwuma ho nyansahufo ne sikasɛm mu abenfo kuw bi kae sɛ: “Aduan a wiase no nya wɔ nnansa yi mfe du du mu no adɔɔso ntɛmntɛm asen emu nnipa. Nanso esiane sɛ anyɛ yiye koraa no nnipa bɛyɛ ɔpepem 800 di hia buruburoo nti, . . . wontumi ntɔ aduan a abu so no dodow a ɛbɛso wɔn di na ama wɔakwati aduan pa a wonnya nni bere nyinaa no.” Wɔ nsɛm afoforo mu no, amammuisɛm a wɔde batabata ho no ka ho bi na ɛba. Onimdefo Abdelgalil Elmekki a ɔwɔ Toronto Sukuupɔn mu no ka nhwɛso abien a ɛkyerɛ sɛ na ɔkɔm de nnipa mpempem pii bere a aman a wofi mu no kɔtɔn nnuan bebree wɔ amannɔne ho asɛm. Ɛte sɛ nea amannɔne sika pii a nniso horow no benya de atua wɔn akodi ho ka no ho hia wɔn kɛse sen sɛ wɔbɛma wɔn manfo aduan. Onimdefo Elmekki de asɛm no baa awiei dɛn? Mpɛn pii no “aduan kyekyɛ ne aban nhyehyɛe” na ɛma ɔkɔm ba.

7. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔyaredɔm rekɔ so nnɛ?

7 “Ɔyaredɔm.” (Luka 21:11; Adiyisɛm 6:8) Anyɛ yiye koraa no, Spania influensa a ɛbae 1918-19 no kunkum nnipa ɔpepem 21. A. A. Hoehling kyerɛw wɔ The Great Epidemic mu sɛ: “Owudifo bi nkunkum nnipa bebree ntɛmntɛm saa da wɔ wiase no abakɔsɛm mu.” Ɛnnɛ, ɔyaredɔm kɔ so a wontumi nyɛ ho hwee. Afe biara, kokoram kunkum nnipa ɔpepem anum, nyarewa a ɛma ayamtu kunkum nkokoaa ne mmofra bɛboro ɔpepem abiɛsa, na nsamanwaw kunkum ɔpepem abiɛsa. Ɔhome nkwaadɔm mu nyarewa, titiriw mpafe, kunkum mmofra a wonnii mfe anum ɔpepem 3.5. Na nnipa ɔpepepem 2.5—wiase no mu nnipa fã—wɔ nyarewa a nsu a ɛnnɔɔso, nsu a efĩ wom ne efĩ na ɛma wonyae. Na AIDS a ɛretrɛw no san kae onipa sɛ nneɛma atitiriw a watumi ayɛ wɔ aduruyɛ mu nyinaa akyi no, ontumi ntuu ɔyaredɔm ase.

8. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo rekyerɛ sɛ wɔyɛ ‘sikaniberefo’?

8 ‘Nnipa bɛyɛ sikaniberefo.’ (2 Timoteo 3:2) Wɔ wiase aman nyinaa mu no, ɛte sɛ nea nnipa pɛ sɛ wonya ahode pii bere nyinaa. Wɔtaa gyina obi akatua so na ɛkyerɛ ne “yiyedi,” na nneɛma dodow a ɔwɔ na ɛkyerɛ “nea watumi ayɛ.” Aguade ho dawurubɔ adwuma bi titrani abadiakyiri kae sɛ: “Honam fam ade dodowpɛ bɛkɔ so ayɛ tumi horow a epiapia Amerikafo no mu biako . . . na nea ɛrekɔ so yɛ tumi a ɛho hia wɔ aguadi atitiriw foforo mu.” Eyi rekɔ so wɔ baabi a wote no?

9. Dɛn na yebetumi aka wɔ awofo asɛm ho asoɔden ho nkɔmhyɛ no ho?

9 “Awofo asɛm ho asoɔdenfo.” (2 Timoteo 3:2) Nnɛyi awofo, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo ankasa wɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ mmofra pii mmu ade na wɔyɛ asoɔdenfo. Ɛyɛ ade a mmofra yi mu binom reyɛ wɔ wɔn awofo suban ho anaa wɔresuasua wɔn. Mmofra a wɔn dodow rekɔ anim rehwere gyidi wɔ sukuu, mmara, nyamesom, ne wɔn awofo mu—na wɔretew ho atua. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo biako a wakyerɛ ade akyɛ ka no, “sɛ ade a ɛrekɔ so no, ɛte sɛ nea wonni obu mma biribiara.” Nanso, anigyesɛm ne sɛ mmofra pii a wosuro Onyankopɔn bu bra pa.

10, 11. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa yɛ keka na wonni dɔ?

10 ‘Wɔyɛ keka.’ (2 Timoteo 3:3) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “keka” no kyerɛ sɛ ‘obi a wontumi nnwudwo no, n’ani so yɛ krakra, onni ayamhyehye ne tema.’ Hwɛ sɛnea eyi fata nnɛyi basabasayɛfo pii! Samufo bi kae sɛ: “Asetra yɛ amanehunu ara nko, mogyahwiegu ayɛ mu ma araa ma ɛsɛ sɛ obi yɛ nea hwee mfa ne ho na watumi akenkan atesɛm nkrataa da biara.” Polisini bi kae sɛ ɛte sɛ nea mmofra pii nsusuw nea ebefi wɔn nneyɛe mu aba no ho. Ɔkae sɛ: “Wɔte nka sɛ, ‘Minnim nea ɛbɛba ɔkyena. Menya nea mepɛ no nnɛ.’”

11 “Wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:3) Wɔkyerɛɛ asɛm yi ase fii Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “atirimɔden” mu, na ɛkyerɛ “ɔdɔ a wonni mma abusua.” (The New International Dictionary of New Testament Theology) Yiw, wɔntaa nhu ɔdɔ wɔ baabi a ɛsɛ sɛ woyi kyerɛ no—fie. Aware mu ahokafo, mmofra ne awofo a wɔn mfe akɔ anim mpo a wɔyɛ wɔn ayayade ho amanneɛbɔ adɔɔso dodo. Nhwehwɛmu kuw bi kae sɛ: “Nnipa a wɔyɛ wɔn basabasa—sɛ ebia wɔbɔ wɔn sotɔre anaa wosunsum wɔn, wɔwɔ wɔn sekan anaa wɔtow wɔn tuo—taa sisi wɔ fie sen baabiara wɔ nnipa asetra mu.”

12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nkurɔfo da onyamesom pa bi adi kɛkɛ?

12 “Wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.” (2 Timoteo 3:5) Bible no wɔ tumi a ɛsakra obi asetra ma ɛyɛ papa. (Efesofo 4:22-24) Nanso, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii de nyamesom kata wɔn anim de yɛ nneɛma a ɛnteɛ a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Nyamesom akannifo taa pene atorodi, korɔnbɔ ne nna mu ɔbrasɛe so. Nyamesom pii ka ɔdɔ ho asɛm nanso wɔboa akodi. India Today nsɛmma nhoma no mu samufo bi asɛm ka sɛ: “Nnipa de Ɔbɔadeɛ Pumpuni no din adi dwuma de ayɛ wɔn mfɛfo nnipa atirimɔdenne a ɛsen biara.” Nokwarem no, akodi abien a wohwiee mogya guu wom sen biara a akɔ so nnansa yi—Wiase Ko I ne II—no fii ase wɔ Kristoman mu pɛɛ.

13. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔresɛe asase no?

13 ‘Asase no a wɔresɛe no.’ (Adiyisɛm 11:18) Nyansahufo bɛboro 1,600 a wofi wiase nyinaa a 104 a wɔanya Nobel akyɛde ka ho no gyee kɔkɔbɔ bi a Nyansahufo a Nsɛm Haw Wɔn Kuw bi de mae no toom, nea ɛka eyi no: “Nnipa ne wiase no mu nneɛma a atwa wɔn ho ahyia rebenya ntawntawdi . . . Mfe a aka a hokwan a wɔde bɛkwati asiane ahorow no befi wɔn nsa no sua.” Amanneɛbɔ no kae sɛ onipa nneyɛe a ɛde ne nkwa to asiane mu no “betumi asakra wiase no araa ma entumi mma nkwa nkɔ so ntra hɔ sɛnea yenim no.” Wɔkaa ade a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔfrɛ no ozone a ɛresa, nsu a wɔyɛ no fĩ, kwae a wobu gu, dɔte a ɛma nnɔbae a ɛresa, ne mmoa ne afifide ahorow pii a wɔn ase retɔre ho asɛm sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm. Nyansahufo a Nsɛm Haw Wɔn Kuw no kae sɛ: “Nneɛma pii betumi afi nneɛma a nkwa wom a ɛdan wɔn ho wɔn ho a wɔresɛe no mu aba, a nhyehyɛe ahorow a nkwa gyina so a yɛnte ase yiye dwumadi ahorow a ɛbɛsɛe ka ho.”

14. Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ Mateo 24:14 renya mmamu wɔ yɛn nna yi mu?

14 “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no wiase nyinaa, de adi amanaman nyinaa adanse. Ɛdenam Onyankopɔn mmoa ne ne nhyira so no, Yehowa Adansefo ɔpepem pii de nnɔnhwerew ɔpepem pii yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma yi. (Mateo 28:19, 20) Yiw, Adansefo no nim sɛ, sɛ wɔanka asɛmpa no a, wobedi mogya ho fɔ. (Hesekiel 3:18, 19) Nanso wɔn ani gye sɛ nnipa mpempem pii de anisɔ tie Ahenni nkrasɛm no afe biara, na wosi gyinae bɛyɛ nokware Kristofo, kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɛyɛ hokwan a ɛso nni sɛ yɛbɛsom Yehowa na yɛnam saayɛ so ama Onyankopɔn ho nimdeɛ atrɛw. Na bere a yɛaka asɛmpa no wɔ asase nyinaa so awie no, nhyehyɛe bɔne yi bɛba n’awiei.

TIE ADANSE NO

15. Ɔkwan bɛn so na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no bɛba awiei?

15 Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe yi bɛba awiei? Bible no kaa “ahohiahia kɛse” bi a tow a wiase yi amammui ahyehyɛde no bɛtow ahyɛ “Babilon Kɛse” so no na ebefi ase ho asɛm siei. (Mateo 24:21; Adiyisɛm 17:5, 16) Yesu kae sɛ wɔ bere yi mu no “owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe ase, na ɔsoro ahoɔden awosow.” (Mateo 24:29) Ebia eyi bɛkyerɛ ɔsoro anwonwade bi. Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛpa nyamesom mu atitiriw a wɔhyerɛn no ho ntama na wɔasɛe wɔn. Afei, Satan a wɔfrɛ no “Gog a ofi Magog” no de nnipa a wɔn bra asɛe bedi dwuma atow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so koraa. Nanso, Satan bedi nkogu, efisɛ Onyankopɔn begye wɔn. (Hesekiel 38:1, 2, 14-23) “Ahohiahia kɛse” no bɛba awiei koraa wɔ Harmagedon, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu. Wobeyi Satan asase so ahyehyɛde no mu nneɛma biara a aka afi hɔ, na ama adesamma a wobenya nkwa no atumi anya nhyira horow a enni awiei.—Adiyisɛm 7:9, 14; 11:15; 16:14, 16; 21:3, 4.

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nna a edi akyiri no ho nkɔmhyɛ mu nneɛma no fa yɛn bere yi ho?

16 Ebia ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ ahorow a ɛka nna a edi akyiri no ho asɛm mu nneɛma bi ankasa fa abakɔsɛm mu mmere foforo ho. Nanso sɛ wɔka bom a, nkɔmhyɛ no mu adanse ahorow no twe adwene si yɛn bere yi so. Ɛho mfatoho ni: Obi nsateaa ano nsensanee ka bom yɛ agyiraehyɛde a entumi nyɛ obi foforo biara de. Saa ara nso na nna a edi akyiri no wɔ n’ankasa agyiraehyɛde ahorow, anaasɛ nsɛm a ebesisi. Eyinom ka bom yɛ “nsateaa ano nsensanee” a entumi nyɛ bere foforo biara de. Sɛ yesusuw ɛno ho ka Bible mu adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ seesei Onyankopɔn soro Ahenni redi tumi no ho a, adanse no ma yenya nea yebegyina so pintinn aka sɛ nna a edi akyiri no ni ampa. Afei nso, Kyerɛwnsɛm mu adanse a emu da hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na wɔasɛe mprempren nhyehyɛe bɔne no wɔ hɔ.

17. Dɛn na nim a yenim sɛ nna a edi akyiri no ni no kanyan yɛn ma yɛyɛ?

17 Wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ nna a edi akyiri no ni no ho? Susuw eyi ho: Sɛ ahum bi a ɛbɛsɛe nneɛma pii rebetu a, yɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛanya ahobammɔ ntɛm ara. Wiɛ, ɛsɛ sɛ nea Bible no ka sie wɔ nneɛma nhyehyɛe yi ho no kanyan yɛn ma yɛyɛ ho biribi. (Mateo 16:1-3) Yetumi hu pefee sɛ yɛte wiase nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu. Ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn ma yɛyɛ nsakrae biara a ehia na yɛanya Onyankopɔn anim dom. (2 Petro 3:3, 10-12) Yesu reka ne ho asɛm sɛ agyenkwa no, ɔkaa asɛm a egye ntɛmpɛ yi: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:34-36.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Bible nkyerɛase ahorow bi de asɛmfua “wiase” di dwuma na ɛnyɛ “nneɛma nhyehyɛe.” W. E. Vine Expository Dictionary of New Testament Words ka sɛ Hela asɛmfua ai·onʹ “kyerɛ bere tenten bi a wonnim n’awiei pɔtee, anaa bere bi a wosusuw sɛ nsɛm bi besisi wom.” Parkhurst Greek and English Lexicon to the New Testament (kratafa 17) de asɛm “nneɛma nhyehyɛe yi” nso di dwuma bere a ɛreka dwuma a wɔde ai·oʹnes (dodow kabea) dii wɔ Hebrifo 1:2 ho asɛm no. Enti, nkyerɛase “nneɛma nhyehyɛe” no ne mfitiase Hela kyerɛwsɛm no hyia.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn na Bible no ka siei wɔ nsɛm a ebesisi wɔ wiase no mu wɔ Kristo nniso mfiase no ho?

Nna a edi akyiri no mu nneɛma no bi ne dɛn?

Dɛn na ɛma wugye di sɛ nna a edi akyiri no ni?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 102 adaka]

NNA A EDI AKYIRI NO MU NNEƐMA NO BI

• Akodi a ebi mmae da.—Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:4.

• Ɔkɔm.—Mateo 24:7; Adiyisɛm 6:5, 6, 8.

• Ɔyaredɔm.—Luka 21:11; Adiyisɛm 6:8.

• Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso.—Mateo 24:12.

• Asase a wɔbɛsɛe no.—Adiyisɛm 11:18.

• Asasewosow.—Mateo 24:7.

• Mmere a emu yɛ den.—2 Timoteo 3:1.

• Sikanibere.—2 Timoteo 3:2.

• Awofo asɛm ho asoɔden.—2 Timoteo 3:2.

• Ɔdɔ a wonni.—2 Timoteo 3:3.

• Anigyede a wɔbɛdɔ asen Nyankopɔn.—2 Timoteo 3:4.

• Ahosodi a wɔrennya.—2 Timoteo 3:3.

• Papa a wɔrempɛ.—2 Timoteo 3:3.

• Asiane a wonhu sɛ ɛba.—Mateo 24:39.

• Nna a edi akyiri ho adanse a fɛwdifo pow.—2 Petro 3:3, 4.

• Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa.—Matthew 24:14.

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 101]