Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni Di Tumi

Onyankopɔn Ahenni Di Tumi

Ti 10

Onyankopɔn Ahenni Di Tumi

1, 2. Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ nnipa nniso ntumi nyɛ nea ɛfata sɛ wɔyɛ no?

EBIA woanya osuahu a ɛne sɛ wokɔtɔɔ afiri bi, na wuhui sɛ ɛnyɛ adwuma. Ma yɛmfa no sɛ wokɔfrɛɛ obi a otumi siesie. Nanso bere a “osiesie” wiei pɛ no, ɛsɛee. Abasamtu bɛn ara ni!

2 Nnipa nniso horow te saa ara. Bere nyinaa adesamma pɛ sɛ wonya nniso a ɛde asomdwoe ne anigye bɛba. Nanso, mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wobesiesie asetra mu nneɛma a asɛe no nyɛɛ yiye ankasa. Wɔyɛ asomdwoe apam pii—na afei wobu so. Bio nso, nniso bɛn na atumi ama ohia, afoforo ho adwemmɔne, nsɛmmɔnedi, ɔyare, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no no agyae? Wontumi nsiesie nnipa nniso. Onyansafo Ɔhene Salomo a ofi Israel mpo bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa behu n’akwan mu?”—Mmebusɛm 20:24.

3. (a) Ná Yesu asɛnka no asɛmti ne dɛn? (b) Nnipa bi ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm dɛn?

3 Mpa abaw! Wiase nniso a ebegyina nyɛ adaeso ara kwa. Ná ɛyɛ Yesu asɛnka no asɛmti. Ɔfrɛɛ no “Onyankopɔn ahenni,” na ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae. (Luka 11:2; 21:31) Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ asɔre ahorow mu. Nokwarem no, nnipa ɔpepem pii bɔ ho mpae da biara bere a wɔbɔ Awurade Mpae (a wɔsan frɛ no Yɛn Agya a Wowɔ Soro anaa mpaebɔ nhwɛso) no. Nanso sɛ wobisa nkurɔfo sɛ “Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?” a, wobua wɔ akwan horow so. Ebinom ka sɛ, “Ɛwɔ wo koma mu.” Afoforo frɛ no soro. Bible no de mmuae a emu da hɔ pefee ma sɛnea yebehu no.

AHENNI A ƐWƆ ATIRIMPƆW

4, 5. Dɛn nti na Yehowa pawee sɛ ɔbɛda ne tumidi adi wɔ ɔkwan foforo so, na dɛn na ɛbɛyɛ?

4 Yehowa Nyankopɔn yɛ amansan no so Hene anaa Sodifo Pumpuni bere nyinaa. Nokwasɛm a ɛne sɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no ma onya saa dibea a ɛkorɔn no. (1 Beresosɛm 29:11; Dwom 103:19; Asomafo no Nnwuma 4:24) Nanso Ahenni a Yesu kaa ho asɛm no hyɛ Onyankopɔn amansan tumidi no ase. Saa Mesia Ahenni no wɔ atirimpɔw pɔtee bi, nanso ɛne dɛn?

5 Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Ti 6 no, nnipa baanu a wodi kan no tew Onyankopɔn tumidi ho atua. Esiane nsɛmpɔw a ɛsɔree no nti, Yehowa pawee sɛ ɔbɛda ne tumidi adi wɔ ɔkwan foforo so. Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma “aseni” bi a ɔbɛpɛtɛw Ɔwɔ no, Satan, aba na wabeyi nea bɔne a adesamma nya fii awo mu de aba no afi hɔ. “Aseni” titiriw no ne Yesu Kristo, na “Onyankopɔn ahenni” no so na ɔbɛfa adi Satan so nkonim koraa. Yesu Kristo nam Ahenni yi so bedi asase no so wɔ Yehowa din mu na wabu Onyankopɔn tumidi a ɛfata no bem akosi daa.—Genesis 3:15, NW; Dwom 2:2-9.

6, 7. (a) Ahenni no wɔ he, na henanom ne Ɔhene no ne ne mfɛfo sodifo no? (b) Henanom ne Ahenni no manfo?

6 Sɛnea asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Farisifo nsɛmmɔnedifo no nkyerɛase biako kyerɛ no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ.” (Luka 17:21, Twi Bible) Yesu kyerɛe sɛ Ahenni no wɔ saa nnipa ahohwifo no koma bɔne no mu? Dabi. Mfitiase Hela no nkyerɛase a edi mu kɛse kenkan sɛ: “Onyankopɔn ahenni wɔ mo ntam.” (NW) Yesu a na ɔwɔ wɔn ntam no nam saayɛ so kaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔno na daakye ɔbɛyɛ Ɔhene no. Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni nyɛ biribi a obi wɔ wɔ ne komam nti, ɛyɛ nniso a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛredi tumi a ɛwɔ sodifo ne ɔmanfo. Ɛyɛ ɔsoro nniso, efisɛ wɔfrɛ no “ɔsoro ahenni” ne “Onyankopɔn ahenni.” (Mateo 13:11; Luka 8:10) Wɔ anisoadehu mu no, odiyifo Daniel huu Ɛsodifo no sɛ “obi a ɔte sɛ onipa ba” a wɔde no baa Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn anim, na wɔde daa “tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no.” (Daniel 7:13, 14) Hena ne Ɔhene yi? Bible frɛ Yesu Kristo sɛ “onipa ba.” (Mateo 12:40; Luka 17:26) Yiw, Yehowa paw ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔnyɛ Ɔhene.

7 Ɛnyɛ Yesu nkutoo na odi tumi. Wɔn a wɔka ne ho ne 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so” sɛ wɔnyɛ ne mfɛfo ahene ne asɔfo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3; Luka 22:28-30) Onyankopɔn Ahenni no manfo bɛyɛ wiase nyinaa adesamma abusua a wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ Kristo akanni ase. (Dwom 72:7, 8) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Ahenni no bebu Onyankopɔn tumidi bem na ama paradise tebea horow asan aba yɛn asase so ampa?

WƆ A ONYANKOPƆN AHENNI WƆ HƆ ANKASA

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni ho bɔhyɛ ahorow no yɛ nokware no ho mfatoho? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Ahenni no wɔ hɔ?

8 Fa no sɛ ogya asɛe wo fie. Afei w’adamfo bi a ɔwɔ nneɛma a ebetumi asi wo fie no hyɛ wo bɔ sɛ ɔbɛboa wo ma woasan asi na wama w’abusua no aduan. Sɛ damfo no aka nokware akyerɛ wo bere nyinaa a, worennye no nni? Fa no sɛ ade kyee no wufi adwuma baa fie na wubehui sɛ adwumayɛfo afi ase dedaw resesaw nneɛma a ogya no asɛe no na wɔde aduan abrɛ w’abusua no. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya ahotoso koraa sɛ bere bi akyi no, ɛnyɛ sɛ wobesiesie nneɛma nko na mmom ɛbɛyɛ papa asen kan no mpo.

9 Saa ara na Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ Ahenni no wɔ hɔ ampa. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Bible nhoma a ɛne Hebrifo mu no, na Mmara no mu nneɛma pii yɛ Ahenni nhyehyɛe no ho mfonini. (Hebrifo 10:1) Ná sɛnea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ ho nneɛma nso da adi wɔ Israel asase so ahenni no mu. Na ɛnyɛ nniso bi ara kwa, efisɛ sodifo ahorow no traa ‘Yehowa agua’ so. (1 Beresosɛm 29:23) Afei nso, na wɔaka asie sɛ: “Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo [Silo, NW] a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.” (Genesis 49:10) * Yiw, na wɔbɛwo Onyankopɔn nniso no daa Hene, Yesu, no ato saa Yuda ahene abusua no mu.—Luka 1:32, 33.

10. (a) Bere bɛn na wɔtoo Onyankopɔn Mesia Ahenni no nhyɛase? (b) Adwuma a ɛho hia bɛn na Yesu mfɛfo adedifo no bedi anim wɔ asase so?

10 Wɔtoo Onyankopɔn Mesia Ahenni no nhyɛase bere a wɔpaw Yesu asomafo no. (Efesofo 2:19, 20; Adiyisɛm 21:14) Eyinom ne 144,000 a wɔne Yesu Kristo bedi tumi wɔ soro sɛ ne mfɛfo ahene no mufo a wodi kan. Bere a saafo a wɔbɛyɛ mfɛfo ahene yi wɔ asase so no, na wobedi asɛnka ɔsatu bi anim ma ɛne Yesu ahyɛde yi ahyia: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.”—Mateo 28:19.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔreyɛ Ahenni asɛnka adwuma no nnɛ, na dɛn na ɛreyɛ?

11 Seesei wɔredi ahyɛde a ese wɔnyɛ asuafo no so wɔ ɔkwan a ɛmmaa saa da so. Yehowa Adansefo rebɔ Ahenni asɛmpa no dawuru wɔ asase so nyinaa ma ɛne Yesu nkɔmhyɛ nsɛm yi hyia: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔreyɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi sɛ́ Ahenni asɛnka adwuma no fã biako. Wɔn a wodi Onyankopɔn Ahenni no mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow so no renya asomdwoe ne biakoyɛ a nnipa nniso horow ntumi nnya no dedaw. Eyi nyinaa di adanse pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ankasa!

12. (a) Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɛfrɛ Ahenni adawurubɔfo sɛ Yehowa Adansefo? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsono Onyankopɔn Ahenni no wɔ nnipa nniso horow ho?

12 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Mone m’adansefo, . . . m’akoa a mayi no no.” (Yesaia 43:10-12) Yesu, “Ɔdansefo Nokwafo” no, de nnamyɛ kaa Ahenni ho asɛmpa no. (Adiyisɛm 1:5; Mateo 4:17) Enti ɛfata sɛ wɔde edin Yehowa Adansefo a Onyankopɔn apaw no frɛ nnɛyi Ahenni adawurubɔfo. Nanso dɛn nti na Adansefo no de bere ne mmɔdenbɔ pii ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo? Wɔyɛ eyi efisɛ Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ. Awiei koraa no nnipa nniso horow gu, nanso Onyankopɔn Ahenni rengu da. Yesaia 9:6, 7 frɛ Ɛsodifo a ɔne Yesu sɛ “Asomdwoe-hene,” na ɛde ka ho sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” Onyankopɔn Ahenni nte sɛ onipa nniso horow—ɛba nnɛ, ɔkyena na wɔatu agu. Nokwarem no, Daniel 2:44 ka sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, . . . na ɛno de, ebegyina daa.”

13. (a) Ɔhaw ahorow a Onyankopɔn Ahenni bedi ho dwuma no bi ne dɛn? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam?

13 Ɔhene a ɔyɛ onipa bɛn na obetumi ama ɔko, nsɛmmɔnedi, ɔyare, ɔkɔm, ne afie a wonnya ntra mu to atwa? Afei nso, asase so sodifo bɛn na obetumi anyan wɔn a wɔawuwu no? Onyankopɔn Ahenni ne ne Hene bedi saa nsɛm yi ho dwuma. Ahenni no rentɔ sin te sɛ afiri bi a entumi nyɛ adwuma a ɛho hia sɛ wosiesie no bere nyinaa. Mmom no, Onyankopɔn Ahenni bedi nkonim, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “M’asɛm a efi m’anom . . . [rensan] mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:11) Onyankopɔn atirimpɔw renni nkogu, nanso bere bɛn na na Ahenni no befi ase adi tumi?

AHENNI NNISO—BERE BƐN?

14. Dɛn na na Yesu asuafo no nte ase wɔ Ahenni no ho, nanso dɛn na na Yesu nim wɔ ne tumidi no ho?

14 “Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?” Asɛm a Yesu asuafo no bisae yi daa no adi sɛ saa bere no na wonnim Onyankopɔn Ahenni no atirimpɔw ne bere a wɔahyɛ sɛ ebefi ase adi tumi. Bere a Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn tirim ka biribi wɔ asɛm no ho no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.” Ná Yesu nim sɛ asase so tumi a obedi no yɛ nea wɔahyɛ ato hɔ ama daakye, bere tenten wɔ ne wusɔre ne ne sorokɔ akyi. (Asomafo no Nnwuma 1:6-11; Luka 19:11, 12, 15) Na Kyerɛwnsɛm no ahyɛ eyi ho nkɔm. Ɔkwan bɛn so?

15. Ɔkwan bɛn so na Dwom 110:1 ma yehu bere a Yesu bedi tumi?

15 Bere a na Ɔhene Dawid refrɛ Yesu wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ ne “Wura” no, ɔkae sɛ: “[Yehowa] asɛm a osee me wura ni: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.” (Dwom 110:1; fa toto Asomafo no Nnwuma 2:34-36 ho.) Nkɔmhyɛ yi kyerɛ sɛ na Yesu remfi ase nni tumi wɔ ne sorokɔ akyi pɛɛ. Mmom no, na ɔbɛtwɛn wɔ Onyankopɔn nifa. (Hebrifo 10:12, 13) Ná ɔbɛtwɛn akosi bere bɛn? Bere bɛn na na obefi ase adi tumi? Bible no boa yɛn ma yenya mmuae no.

16. Dɛn na esii wɔ 607 A.Y.B. mu, na na eyi fa Onyankopɔn Ahenni ho dɛn?

16 Asase nyinaa so kurow biako pɛ a Yehowa de ne din too so ne Yerusalem. (1 Ahene 11:36) Afei nso na ɛyɛ asase so ahenni a Onyankopɔn pene so a ɛyɛ Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no nsusuwso no ahenkurow. Enti Yerusalem a Babilonfo sɛee no wɔ 607 A.Y.B. mu no kyerɛ biribi titiriw. Asɛm a esii yi yɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so no so tumi a odii tẽẽ a emu twae bere tenten no mfiase. Bɛyɛ mfeha asia akyi no, Yesu kyerɛe sɛ ahenni bere a na emu atwa yi kɔ so ara, efisɛ ɔkae sɛ: “Amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”—Luka 21:24.

17. (a) Dɛn ne “amanaman no bere,” na na ebegye bere tenten ahe? (b) Bere bɛn na “amanaman no bere” fii ase na ɛbaa awiei?

17 Wɔ “amanaman no bere” mu no, na wɔbɛma wiase nniso horow no kwan ma wɔama nniso a Onyankopɔn pene so mu atwa. Yerusalem sɛe wɔ 607 A.Y.B. mu na efii saa bere no ase, na Daniel kyerɛe sɛ ɛbɛkɔ so “mmere nson.” (Daniel 4:23-25) Ɛno yɛ bere tenten ahe? Bible no kyerɛ sɛ “mmere” abiɛsa ne fã yɛ nnafua 1,260. (Adiyisɛm 12:6, 14) Saa mmere no mmɔho abien, anaa mmere nson, bɛyɛ nnafua 2,520. Nanso biribi titiriw biara amma wɔ saa bere tiaa no awiei. Nanso, sɛ yɛde ‘da koro yɛ afe’ wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu, na yɛkan mfe 2,520 fi 607 A.Y.B. a, ɛde yɛn bedu 1914 Y.B. mu.—Numeri 14:34; Hesekiel 4:6.

18. Bere a Yesu nsa kaa Ahenni tumi ara pɛ no, dɛn na ɔyɛe, na eyi kaa asase no dɛn?

18 Yesu fii ase dii tumi wɔ soro saa bere no anaa? Yebesusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a yebegyina so aka sɛ ɔyɛɛ saa no ho wɔ ti a edi hɔ no mu. Nokwarem no, na Yesu nniso no mfiase no remma asomdwoe mma asase so ntɛm ara. Adiyisɛm 12:7-12 kyerɛ sɛ sɛ Yesu nsa ka Ahenni no ara pɛ a, ɔbɛpam Satan ne abɔfo bɔne no afi soro. Eyi bɛma amanehunu aba asase so, nanso ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkenkan sɛ Ɔbonsam “bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Ɛrenkyɛ, yebetumi adi ahurusi a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no di tumi nko nti, na mmom esiane sɛ ɛde nhyira bɛbrɛ asase no ne adesamma asoɔmmerɛfo nso nti. (Dwom 72:7, 8) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛrenkyɛ na eyi asi?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Edin Silo no kyerɛ “Nea Ɛyɛ Ne De; Nea Ade no Wɔ No.” Bere bi akyi no, ɛbɛdaa adi sɛ “Silo” ne Yesu Kristo, “Yuda abusuakuw mu gyata no.” (Adiyisɛm 5:5) Yudafo Targum ahorow no bi de “Mesia no” anaasɛ “ɔhene Mesia no” sii asɛmfua “Silo” ananmu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na ɛhe na efi di tumi?

Henanom na wodi tumi wɔ Ahenni no mu, na henanom ne ne manfo?

Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ n’Ahenni no wɔ hɔ ankasa?

Bere bɛn na “amanaman no bere” fii ase na ɛbaa awiei?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Kratafa 94 adaka]

NSƐNTITIRIW BI A ESISII A ƐFA ONYANKOPƆN AHENNI HO

• Yehowa de n’atirimpɔw a ese ɔbɛma “aseni” a ɔbɛpɛtɛw Ɔwɔ no, Satan Ɔbonsam, ti aba no too gua.—Genesis 3:15, NW.

• Wɔ 1943 A.Y.B. mu no, Yehowa kyerɛe sɛ “aseni” yi bɛyɛ onipa a ɔyɛ Abraham aseni.—Genesis 12:1-3, 7; 22:18, NW.

• Mmara apam a wɔde maa Israel wɔ 1513 A.Y.B. mu no de “nnepa a ɛbɛba no sunsuma” mae.—Exodus 24:6-8; Hebrifo 10:1.

• Israel asase so ahenni no fii ase 1117 A.Y.B., na ɛkɔɔ so akyiri yi wɔ Dawid abusua mu.—1 Samuel 11:15; 2 Samuel 7:8, 16.

• Wɔsɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu, na “amanaman no bere” fii ase.—2 Ahene 25:8-10, 25, 26; Luka 21:24.

• Wɔ 29 Y.B. mu no, wɔsra Yesu sɛ Ɔhene a Wɔapaw no ma ofi n’asase so som adwuma ase.—Mateo 3:16, 17; 4:17; 21:9-11.

• Wɔ 33 Y.B. mu no, Yesu foro kɔ soro sɛ ɔkɔtwɛn wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn nifa kosi sɛ obefi ase adi tumi.—Asomafo no Nnwuma 5:30, 31; Hebrifo 10:12, 13.

• Wosi Yesu hene wɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ 1914 Y.B. mu bere a “amanaman no bere” ba awiei no.—Adiyisɛm 11:15.

• Wɔtow Satan ne n’adaemone baa asase so ha na ɛde amanehunu pii brɛɛ adesamma.—Adiyisɛm 12:9-12.

• Yesu hwɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka wɔ wiase nyinaa no so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.