Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

Ti 16

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

1. Nsɛdi ahorow bɛn na ɛda adi wɔ ɔsom pii mu?

ƆSOM mu amanne horow a ɔbea bi a ɔresrasra Apuei Fam man bi mu hui wɔ Buddhafo asɔredan bi mu no maa ne ho dwiriw no. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ Maria anaa Kristo honi de, nanso na amanne no pii sesɛ n’asɔre a ɛwɔ ɔman a ofi mu no mu de. Sɛ nhwɛso no, ohui sɛ wɔde rosary ahorow di dwuma na wotĩ mpaebɔ mu mpɛn pii. Afoforo nso ayɛ ntotoho a ɛte saa. Wɔ Apuei anaa Atɔe Fam no, akwan a nyamesomfo fa so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn anaasɛ nneɛma a wɔsom no sesɛ yiye.

2. Wɔaka mpaebɔ ho asɛm dɛn, na dɛn nti na nnipa pii bɔ mpae?

2 Nkurɔfo bɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn denam bɔ a wɔbɛbɔ no mpae so. Wɔaka mpaebɔ ho asɛm sɛ “nkitaho a onipa ne ɔhotefo anaa ɔkronkronni—Onyankopɔn, anyame, ahonhom atrae, ne tumi horow a ɛsen nnipa de—di.” (The New Encyclopædia Britannica) Nanso, sɛ ebinom rekɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a, wosusuw nea wobenya afi mu nkutoo ho. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi bisaa Yehowa Adansefo mu biako bere bi sɛ: “Sɛ wobɔ mpae ma me a, ɔhaw ahorow a mihyia wɔ m’abusua mu, m’adwumam, ne m’akwahosan ho no begyae?” Ɛda adi sɛ ɔbarima no susuw saa, nanso nnipa pii bɔ mpae na wohu sɛ wɔn haw ahorow no nnyae. Enti yebetumi abisa sɛ, ‘Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn?’

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WOBƐN ONYANKOPƆN

3. Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na dɛn ntia?

3 Mpaebɔ nyɛ amanne hunu bi, na ɛnyɛ ɔkwan a yɛfa so nya biribi kɛkɛ nso. Ntease titiriw nti a yɛkɔ Onyankopɔn anim ne sɛ yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti Yehowa Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Odwontofo Dawid kae sɛ: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛne no mmenya abusuabɔ a asomdwoe wom. (Yesaia 1:18) Wɔn a wogye nsa a ɔto frɛ yɛn yi so no ne odwontofo a ɔkaa eyi no yɛ adwene: “Me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔbɛn Yehowa Nyankopɔn no benya anigye ankasa ne asomdwoe.—Dwom 73:28, NW.

4, 5. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae? (b) Abusuabɔ bɛn na yɛnam mpaebɔ so betumi ne Onyankopɔn ahyehyɛ?

4 Sɛ Onyankopɔn ‘nim nneɛma a ehia yɛn ansa na yɛabisa no’ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bisa ne mmoa? (Mateo 6:8; Dwom 139:4) Mpaebɔ kyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi na yebu no sɛ “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Fibea. (Yakobo 1:17; Hebrifo 11:6) Yehowa kyerɛ yɛn mpaebɔ ho anigye. (Mmebusɛm 15:8) N’ani gye ho sɛ ɔbɛte yɛn nsɛm a aba wom a yɛka de da anisɔ ne nkamfo adi, sɛnea agya bi ani gye bere a ɔte sɛ ne ba kumaa fi ne pɛ mu ka asɛm a ɛkyerɛ anisɔ no. (Dwom 119:108) Baabi a abusuabɔ pa wɔ agya ne ne ba ntam no, wodi nkitaho a anigye wom. Ɔba a wɔdɔ no no wɔ ɔpɛ sɛ ɔne ne papa bɛkasa. Ɛte saa ara wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu. Sɛ yɛwɔ nea yɛresua afa Yehowa ne ɔdɔ a wayi adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ ampa a, yebenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka yɛn nsɛm akyerɛ no wɔ mpaebɔ mu.—1 Yohane 4:16-18.

5 Sɛ yɛrekɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no anim a, ɛsɛ sɛ yɛda obu adi, ɛwom sɛ ɛho nhia sɛ yɛhaw yɛn ho dodo wɔ nsɛmfua pɔtee a yɛbɛka ho de. (Hebrifo 4:16) Yebetumi akɔ Yehowa anim bere nyinaa. Na hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yebetumi ‘ayi yɛn yam’ akyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu! (Dwom 62:8) Anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ma yɛne no nya abusuabɔ a anigye wom, te sɛ nea ɔbarima nokwafo Abraham nyae sɛ Onyankopɔn adamfo no. (Yakobo 2:23) Nanso sɛ yɛrebɔ Amansan Hene Pumpuni no mpae a, ɛsɛ sɛ yedi nea ɔhwehwɛ ansa na yɛakɔ n’anim no so.

AHWEHWƐDE A ƐBƐMA YƐATUMI ABƐN ONYANKOPƆN

6, 7. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nka sɛ yentua sika na watie yɛn mpaebɔ de, nanso sɛ yɛbɔ mpae a, dɛn na ɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ?

6 So sika ho hia na yɛakɔ Onyankopɔn anim? Nnipa pii tua sika ma asɔfo sɛ wɔmmɔ mpae mma wɔn. Ebinom gye di mpo sɛ sika dodow a woyi ho na wɔhwɛ tie wɔn mpaebɔ. Nanso, Onyankopɔn Asɛm nka sɛ wɔhwehwɛ sɛ yetua sika ansa na yɛakɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Ne honhom fam nsiesiei ne abusuabɔ a yɛne no nya wɔ mpaebɔ mu no mu nhyira horow wɔ hɔ a yentua hwee.—Yesaia 55:1, 2.

7 Ɛnde, dɛn na ɛhwehwɛ? Koma pa yɛ ade biako a ɛho hia. (2 Beresosɛm 6:29, 30; Mmebusɛm 15:11) Ɛsɛ sɛ yenya Yehowa Nyankopɔn mu gyidi wɔ yɛn komam sɛ “mpaebɔ Tiefo” ne “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Dwom 65:2; Hebrifo 11:6) Ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase koma nso. (2 Ahene 22:19; Dwom 51:17) Wɔ Yesu Kristo mmebu no biako mu no, ɔkyerɛe sɛ towgyeni hobrɛasefo bi a ɔwɔ ahobrɛase koma daa ne ho adi sɛ ɔteɛ sen Farisini ɔhantanni bi bere a na wɔrekɔ Onyankopɔn anim no. (Luka 18:10-14) Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a, momma yɛnkae sɛ “koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa] akyide.”—Mmebusɛm 16:5.

8. Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi ho?

8 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi ɔbra bɔne ho. Bere a osuani Yakobo hyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔmmɛn Onyankopɔn no, ɔde kaa ho sɛ: “Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta.” (Yakobo 4:8) Sɛ nnebɔneyɛfo mpo nu wɔn ho na wogyae wɔn kan abrabɔ a, wobetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a asomdwoe wom. (Mmebusɛm 28:13) Sɛ yɛhyɛ da yɛ yɛn ho sɛ yɛatew yɛn ho a, Yehowa rentie yɛn. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “[Yehowa] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ, na [Yehowa] ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.”—1 Petro 3:12.

9. Hena na ɛsɛ sɛ yɛfa no so kɔ Yehowa anim, na dɛn ntia?

9 Bible ka sɛ: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Enti ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ Yehowa Nyankopɔn anim?’ Bible no bua sɛ: “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yohane 2:1) Ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo de, nanso yebetumi afa Yesu Kristo a owui sɛ agyede maa yɛn no so de ɔkasa mu ahofadi akɔ Onyankopɔn anim. (Mateo 20:28) Ne nkutoo na yebetumi afa no so akɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (Yohane 14:6) Ɛnsɛ sɛ yɛde Yesu agyede afɔrebɔ no yɛ hokwan a yɛde hyɛ da yɛ bɔne. (Hebrifo 10:26) Nanso, sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkwati bɔne, nanso yɛyɛ bɔne wɔ mmere bi mu a, yebetumi anu yɛn ho na yɛabisa Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri. Sɛ yɛde ahobrɛase koma kɔ n’anim a, obetie yɛn.—Luka 11:4.

HOKWAN AHOROW A ƐBƐMA YƐABƆ ONYANKOPƆN MPAE

10. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu, na mmere bɛn na yebetumi abɔ mpae wɔ kokoam?

10 Yesu Kristo buu ɔne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo yiye. Enti, Yesu gyee bere ne Onyankopɔn kasae wɔ kokoam mpae mu. (Marko 1:35; Luka 22:40-46) Eye sɛ yebesua Yesu nhwɛso no na yɛabɔ Onyankopɔn mpae daa. (Romafo 12:12) Ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ befi da no ase, na bere a yɛrekɔ akɔda no, yebetumi ada Yehowa ase wɔ ɛda no dwumadi ho ma afata. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ Onyankopɔn anim “bere biara” wɔ ɛda no mu. (Efesofo 6:18, NW) Yebetumi abɔ mpae komm wɔ yɛn komam mpo, a yenim sɛ Yehowa betumi atie yɛn. Onyankopɔn a yɛne no kasa wɔ kokoam no boa yɛn ma yɛne ne ntam abusuabɔ mu yɛ den, na mpae a yɛbɔ Yehowa da biara no boa yɛn ma yɛbɛn no bere nyinaa.

11. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua bom bɔ mpae? (b) Sɛ woka “Amen” wɔ mpaebɔ bi awiei a, ɛkyerɛ dɛn?

11 Yehowa tie mpae a wɔbɔ ma nnipa akuw horow nso. (1 Ahene 8:22-53) Yebetumi abɛn Onyankopɔn sɛ abusua, bere a abusua no ti di anim. Eyi hyɛ abusua no ntam abusuabɔ mu den, na Yehowa bɛyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ma mmofra bere a wɔte sɛ wɔn awofo fi ahobrɛase mu bɔ Onyankopɔn mpae no. Na sɛ obi gyina kuw bi ananmu bɔ mpae, te sɛ ebia Yehowa Adansefo nhyiam bi ase nso ɛ? Sɛ yɛwɔ atiefo no mu a, momma yentie no yiye na ama yɛatumi afi koma nyinaa mu aka “Amen,” a ɛkyerɛ sɛ “Ɛmmra mu,” wɔ mpaebɔ no awiei.—1 Korintofo 14:16.

MPAEBƆ A YEHOWA TIE

12. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn mmua mpaebɔ binom? (b) Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a yehia nkutoo so?

12 Ebia ebinom bɛte nka sɛ Onyankopɔn ntie wɔn mpaebɔ, ɛwom mpo sɛ wɔfa Kristo so na wɔbɔ no mpae de. Nanso, ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Yɛsrɛ [Onyankopɔn] biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Enti, ɛho hia sɛ yebisa nea ɛne Onyankopɔn pɛ hyia. Esiane sɛ ɔkyerɛ yɛn honhom fam yiyedi ho anigye nti, biribiara a ɛka yɛn honhom fam yiyedi yɛ ade a ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae. Ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛde yɛn adwene nyinaa asi honam fam ahiade ahorow so. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ɛfata sɛ yɛbɔ mpae bisa nhumu ne ahoɔden a yɛde begyina ɔyare ano de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma akwahosan ho dadwen bunkam honhom mu nneɛma so. (Dwom 41:1-3) Esiane sɛ ɔbea Kristoni bi behui sɛ odwen n’akwahosan ho dodo nti, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onnya ne yare no ho adwene pa. Eyi nti, n’akwahosan ho asɛm no anhaw no kɛse, na ɔtee nka sɛ wɔama no “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔboa afoforo wɔ honhom fam no mu yɛɛ kɛse, na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo.

13. Sɛnea wɔkyerɛ wɔ Mateo 6:9-13 no, nsɛm a ɛfata bɛn na yebetumi de aka yɛn mpaebɔ ho?

13 Dɛn na yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu na Yehowa ani agye ho sɛ obetie? Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo mpaebɔ. Wɔ mpaebɔ nhwɛso a ɛwɔ Mateo 6:9-13 mu no, ɔdaa nsɛm a ɛyɛ nhwɛsode a ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae adi. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn mpaebɔ mu? Yehowa Nyankopɔn din ne n’Ahenni na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade titiriw. Ɛfata sɛ yebebisa yɛn honam fam ahiade. Ɛho hia nso sɛ yɛbɛsrɛ sɛ wɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn nnye yɛn mfi sɔhwɛ ne ɔbɔne, Satan Ɔbonsam, nsam. Ná Yesu mpɛ sɛ yeti mpae yi mu bɔ mpɛn pii a yensusuw nea ɛkyerɛ ho. (Mateo 6:7) Sɛ abofra bi ka asɛnkoro no ara bere biara a ɔne ne papa bɛkasa a, abusuabɔ bɛn na wobenya?

14. Nkotɔsrɛ akyi no, mpae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ?

14 Mpaebɔ ne nkotɔsrɛ a efi komam akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae a ɛyɛ ayeyi ne aseda. (Dwom 34:1; 92:1; 1 Tesalonikafo 5:18) Yebetumi abɔ mpae ama afoforo nso. Mpae a yɛbɔ ma yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wohu amane anaa wɔtaa wɔn no da no adi sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anigye, na Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛte sɛ yɛka nsɛm a ɛte saa a ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho no. (Luka 22:32; Yohane 17:20; 1 Tesalonikafo 5:25) Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

KƆ SO BƆ MPAE

15. Sɛ ɛte sɛ nea wontie yɛn mpaebɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

15 Ɛwom sɛ worenya Onyankopɔn ho nimdeɛ de, nanso wubetumi ate nka sɛ ɛtɔ mmere bi a ontie wo mpaebɔ. Ebetumi aba saa efisɛ ebia na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ pɔtee bi. (Ɔsɛnkafo 3:1-9) Ebia Yehowa bɛma kwan ma tebea bi akɔ so kakra, nanso otie mpaebɔ na onim bere a eye sen biara sɛ ɔyɛ saa.—2 Korintofo 12:7-9.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae, na ɔkwan bɛn so na saayɛ betumi aka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ?

16 Mpae a yɛbɛkɔ so abɔ no da no adi sɛ yɛwɔ nea yɛreka akyerɛ Onyankopɔn ho anigye a efi komam. (Luka 18:1-8) Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka akyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni mmerɛwyɛ bi so. Bere a yɛkɔ so bɔ mpae daa na yɛyɛ ade ma ɛne yɛn adesrɛ hyia no, yɛda no adi sɛ efi yɛn komam. Ɛsɛ sɛ yɛka nneɛma pɔtee ho asɛm na yedi nokware wɔ yɛn adesrɛ mu. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ bi a, ɛho hia titiriw sɛ yɛbɔ mpae a emu yɛ den. (Mateo 6:13) Bere a yɛkɔ so bɔ mpae na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn akɔnnɔ bɔne so no, yebehu sɛnea Yehowa boa yɛn. Eyi bɛhyɛ yɛn gyidi ne yɛne ne ntam abusuabɔ mu den.—1 Korintofo 10:13; Filipifo 4:13.

17. Ɔkwan bɛn so na yebenya mfaso afi mpaebɔ su a yebenya wɔ Onyankopɔn som mu no mu?

17 Sɛ yenya mpaebɔ su wɔ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa Nyankopɔn no mu a, yebehu sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden so na yɛnam som no. Ɛyɛ Yehowa na ɔma yetumi yɛ saa. (1 Korintofo 4:7) Hu a yebehu eyi no bɛboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase na ama yɛne ne ntam abusuabɔ mu ayɛ den. (1 Petro 5:5, 6) Yiw, yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae. Yɛn mpaebɔ a efi komam ne sɛnea yɛbɛbɛn yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho nimdeɛ a ɛsom bo bɛma yɛn asetra ayɛ anigye ampa.

NKITAHO A WƆNE YEHOWA DI NYƐ ƆFÃ BIAKO ASƐM

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atie Onyankopɔn?

18 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yetie nea ɔka. (Sakaria 7:13) Ɔmfa ne nsɛm mfa adiyifo a wɔde honhom ka wɔn so mma bio, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔmfa ahonhonsɛmdi so. (Deuteronomium 18:10-12) Nanso yebetumi atie Onyankopɔn denam n’Asɛm, Bible, a yebesua so. (Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16, 17) Sɛnea ebia ɛho behia sɛ yenya honam fam aduan a eye ma yɛn ho akɔnnɔ no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yennya asɛm nufusu kronkron no ho akɔnnɔ.’ Nya honhom fam aduan ho akɔnnɔ denam Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan no da biara so.—1 Petro 2:2, 3; Asomafo no Nnwuma 17:11.

19. Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wubedwennwen nea wokenkan wɔ Bible mu no ho?

19 Dwen nea wokenkan wɔ Bible mu ho. (Dwom 1:1-3; 77:11, 12) Ɛno kyerɛ sɛ wubedwennwen asɛm no ho. Yebetumi de eyi atoto aduan a nipadua no yam ho. W’adwene betumi ayam honhom fam aduan denam nea wokenkan a wode bɛtoto nea wunim dedaw ho no so. Susuw sɛnea asɛm no ka w’asetra ho, anaa dwen nea ɛka fa Yehowa su horow ne ne nneyɛe ho no ho. Enti ɛdenam kokoam adesua so no, wubetumi adi honhom fam aduan a Yehowa de ma no. Eyi bɛma woabɛn Onyankopɔn kɛse na aboa wo ma woadi da biara ɔhaw ahorow ho dwuma.

20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam a yɛkɔ no boa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn?

20 Wubetumi abɛn Onyankopɔn nso denam n’Asɛm a wosusuw ho wɔ Kristofo nhyiam horow ase a wubetie no so, sɛnea Israelfo no yɛɛ komm tiee asɛm bere a wohyiaa mu tiee Onyankopɔn Mmara a na wɔkenkan wɔ baguam no. Akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kyerɛɛ Mmara a wɔkenkanee no ase, ma enti wɔboaa wɔn atiefo ma wɔtee ase na ɛkaa wɔn ma wɔde nea wɔtee no dii dwuma. Eyi de anigye kɛse bae. (Nehemia 8:8, 12) Enti fa yɛ wo su sɛ wobɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow. (Hebrifo 10:24, 25) Eyi bɛboa wo ma woate Onyankopɔn ho nimdeɛ ase na afei wode adi dwuma wɔ w’asetra mu, na ɛde anigye abrɛ wo. Wiase nyinaa Kristofo nuayɛ no muni a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woabɛn Yehowa. Na sɛnea yebehu no, wubetumi anya nokware ahobammɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɛn Yehowa?

Nneɛma a wɔhwehwɛ na obi atumi abɛn Onyankopɔn no bi ne dɛn?

Dɛn na wubetumi aka wɔ wo mpaebɔ mu?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so bɔ mpae?

Wobɛyɛ dɛn atumi atie Yehowa nnɛ?

[Adesua no ho nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 157]