Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Anya Daakye A Ɛyɛ Anigye!

Wubetumi Anya Daakye A Ɛyɛ Anigye!

Ti 1

Wubetumi Anya Daakye A Ɛyɛ Anigye!

1, 2. Dɛn na wo Bɔfo no pɛ sɛ wunya?

ATUU a obi a wodɔ no yɛ wo anigye so. Anigye a mode serew bere a wo ne wo nnamfo a wodɔ wɔn redi aduan bi a ɛyɛ dɛ. Anika a wode hwɛ wo mma a wɔde anigye regoru no. Mmere a ɛtete sɛɛ ma wunya anigye wɔ asetra mu. Nanso, wɔ pii fam no, ɛte sɛ nea asetra ma wohyia ɔhaw a emu yɛ den ntoatoaso. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ma wo bo ntɔ wo yam.

2 Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wunya anigye a enni awiei wɔ tebea pa a ɛsen biara mu wɔ baabi a anigye wɔ. Eyi nyɛ adaeso ara kwa, efisɛ Onyankopɔn de daakye a ɛyɛ anigye a ɛte saa no safe ma wo ankasa. Saa safe no ne nimdeɛ.

3. Nimdeɛ bɛn na ɛma yenya anigye, na dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn betumi de saa nimdeɛ no ama?

3 Yɛreka nimdeɛ soronko bi a ɛkyɛn onipa nyansa koraa ho asɛm. Ɛyɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ [ankasa].” (Mmebusɛm 2:5) Bɛyɛ mfe 2,000 ni no, Bible kyerɛwfo bi kae sɛ: “Nokwarem no, ofie biara obi na osi, nanso nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4, NW) Susuw nimdeɛ a ɛbɛyɛ sɛ nneɛma nyinaa Yɛfo no wɔ ho! Bible no ka sɛ Onyankopɔn kan nsoromma nyinaa na ɔtoto wɔn din. Nsusuwii a ɛma obi ho dwiriw no bɛn ara ni, efisɛ nsoromma ɔpepepem pii na ɛwɔ yɛn nsorommakuw no mu, na nsoromma ho adenimfo ka sɛ nsoromma akuw afoforo bɛyɛ ɔpepepem ɔha na ɛwɔ hɔ! (Dwom 147:4) Onyankopɔn nim yɛn ho nsɛm nyinaa nso, enti hena bio na obetumi de asetra mu nsemmisa a ɛho hia ho mmuae ama?—Mateo 10:30.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de nkyerɛkyerɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan bɛma, na nhoma bɛn na edi ahiade yi ho dwuma?

4 Fa no sɛ mmarima baanu rebɔ mmɔden asiesie wɔn kar. Esiane sɛ ɔbarima biako aba mu abu nti, ɔde ne nnwinnade gu hɔ. Ɔfoforo no de ntoboase siesie dekode a asɛe no, okyim safe no, na ɔserew bere a afiri no fi ase yɛ adwuma yiye no. Ɛnyɛ den sɛ wode w’adwene bɛkyerɛ mmarima baanu no mu nea ɔwɔ nkyerɛkyerɛ nhoma a efi nea ɔyɛɛ afiri no hɔ. Ntease nnim sɛ Onyankopɔn de nkyerɛkyerɛ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetra mu bɛma? Sɛnea ebia wunim no, Bible no kyerɛ sɛ ɛte saa pɛpɛɛpɛ—nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ nhoma a efi yɛn Bɔfo no hɔ, a wɔayɛ ma ɛde Onyankopɔn ho nimdeɛ ma.—2 Timoteo 3:16.

5. Mfaso bɛn na ɛwɔ Bible mu nimdeɛ so?

5 Sɛ nea Bible ka no yɛ nokware a, susuw nimdeɛ ademude ara a ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ saa nhoma no mu ho! Ɛhyɛ yɛn nkuran wɔ Mmebusɛm 2:1-5 sɛ yɛnhwehwɛ nyansa, yɛmmɔre nhwehwɛ te sɛ nea yɛbɛhwehwɛ ademude a ahintaw—wɔ Onyankopɔn ankasa Asɛm mu na ɛnyɛ dɔte a ɛyɛ nnipa nsusuwii mu. Sɛ yɛhwehwɛ wɔ hɔ a, yebenya “Onyankopɔn nimdeɛ [ankasa].” Esiane sɛ Onyankopɔn nim yɛn sintɔ ne yɛn ahiade ahorow nti, ɔde nkyerɛkyerɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya asetra a asomdwoe ne anigye wom ma yɛn. (Dwom 103:14; Yesaia 48:17) Afei nso, Onyankopɔn nimdeɛ de asɛmpa a ɛyɛ anigye ma yɛn.

DAA NKWA!

6. Awerɛhyem bɛn na Yesu Kristo de mae wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho?

6 Abakɔsɛm mu nipa Yesu Kristo a wonim no yiye no kaa Onyankopɔn ho nimdeɛ fã yi ho asɛm pefee. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, NW) Susuw ho—nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu!

7. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yebewu?

7 Nka ntɛm ara sɛ daa nkwa yɛ adaeso ara kwa. Mmom no, hwɛ sɛnea wɔyɛɛ nipadua no. Wɔyɛɛ no yiye na ama yɛate ade dɛ, ate asɛm, ate hua, ahu ade, na yɛate biribi nka. Nneɛma pii wɔ asase so a yɛn ani gye ho—aduan a ɛyɛ dɛ, nnomaa su a ɛyɛ dɛ, nhwiren a ɛyɛ huam, mmeae a ɛyɛ fɛ, ayɔnkofa a ɛyɛ anigye! Yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa no sen kɔmputa a ɛso sen biara, efisɛ ɛma yetumi kyerɛ nneɛma a ɛtete saa nyinaa ho anisɔ na yenya mu anigye. Wususuw sɛ na yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yewu na yɛhwere eyinom nyinaa? Ntease kɛse nnim sɛ yɛbɛka sɛ ɔpɛ sɛ yɛtra ase anigye mu na yenya asetra mu anigye daa? Ɛno ne nea Onyankopɔn ho nimdeɛ betumi ayɛ ama wo.

PARADISE MU ASETRA

8. Dɛn na Bible no ka wɔ adesamma daakye ho?

8 Yebetumi de asɛmfua biako agyina hɔ ama nea Bible no ka fa asase ne adesamma daakye ho no—Paradise! Yesu Kristo kaa ho asɛm bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ɔbarima bi a na ɔrewu no: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Akyinnye biara nni ho sɛ Paradise din a ɔbɔe no maa saa ɔbarima no kaee anigye tebea a na yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, wom no. Bere a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no, na wɔyɛ pɛ na wɔtraa turo bi a ɛte sɛ baabi a nnipa gye wɔn ani a Ɔbɔadeɛ no hyehyɛe na ɔyɛe mu. Ɛfata sɛ wɔfrɛɛ no Eden turo, edin a ɛkyerɛ anigye.

9. Na kan Paradise no mu tra te dɛn?

9 Hwɛ sɛnea na saa turo no mu yɛ anigye! Na ɛyɛ paradise ankasa. Na emu nnua a ɛyɛ fɛ no bi sow nnuaba a ɛyɛ dɛ. Bere a Adam ne Hawa hwehwɛɛ baabi a wɔte, nom hɔ nsu a ɛyɛ dɛ no bi, tetew hɔ nnua so aba no, na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wodwennwen anaasɛ ehu ka wɔn. Mmoa mpo anyi wɔn hu, efisɛ na Onyankopɔn akyerɛ ɔbarima no ne ne yere sɛ wonni wɔn so wɔ ɔdɔ mu. Afei nso, na nnipa baanu a wodi kan no wɔ akwahosan pa. Mpɛn dodow a na wɔkɔ so yɛ osetie ma Onyankopɔn no, na daakye a enni awiei a ɛyɛ anigye da wɔn anim. Wɔmaa wɔn adwuma a ɛma akomatɔyam a ɛne sɛ wɔnhwɛ wɔn Paradise fie fɛfɛ no so. Bio nso, Onyankopɔn de ahyɛde maa Adam ne Hawa sɛ ‘wɔnhyɛ asase so ma na wonni so.’ Na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn asefo trɛw Paradise no mu kosi sɛ yɛn okyinsoromma no nyinaa bɛdan beae a ɛyɛ fɛ na anigye wɔ.—Genesis 1:28.

10. Na Yesu kyerɛ dɛn, bere a ɔkaa Paradise ho asɛm no?

10 Nanso, bere a Yesu bɔɔ Paradise din no, na ɛnyɛ sɛ ɔreka akyerɛ ɔbarima bi a na ɔrewu no sɛ onsusuw bere bi a atwam dedaadaw ho. Dabi, na Yesu reka daakye ho asɛm! Na onim sɛ yɛn fie a ɛne asase no nyinaa bɛdan paradise. Enti Onyankopɔn bɛma ne kan atirimpɔw a ɛfa adesamma ne yɛn asase ho no abam. (Yesaia 55:10, 11) Yiw, ɔbɛma Paradise asan aba! Na ɛbɛyɛ sɛ dɛn? Ma Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible, no mmua.

PARADISE A WƆASAN DE ABA MU ASETRA

11. Dɛn na ɛbɛba ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu so wɔ Paradise a wɔbɛma asan aba mu?

11 Ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu rentra hɔ bio. “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

12. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne amumɔyɛsɛm biara rentra hɔ wɔ Paradise a wɔbɛma asan aba no mu?

12 Nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne amumɔyɛsɛm befi hɔ koraa. ‘Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ. Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ. Ɔrentra hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi.’ (Dwom 37:9-11) “Na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.Mmebusɛm 2:22.

13. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so de asomdwoe aba?

13 Asomdwoe bɛtra asase so nyinaa. “[Onyankopɔn ma] akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin.” (Dwom 46:9) “Ɔtreneeni besi frɔmm, . . . na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.”—Dwom 72:7.

14, 15. Dɛn na Bible no ka wɔ adan, adwuma, ne aduan ho wɔ Paradise a wɔbɛma asan aba no mu?

14 Adan ho renyɛ nã, na adwuma bɛma akomatɔyam. “Na wobesisi adan atra mu . . . Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.”—Yesaia 65:21-23.

15 Aduan a ɛma ahoɔden bebu so. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) “Asase [bɛbɔ] n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.”—Dwom 67:6.

16. Dɛn nti na Paradise asetra bɛyɛ anigye?

16 Daa nkwa wɔ paradise asase so bɛyɛ anigye. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

NIMDEƐ NE WO DAAKYE

17. (a) Sɛ w’ani gye Paradise asetra ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn bɛma nsakrae akɛse aba asase so?

17 Sɛ w’ani gye Paradise mu asetra ho a, mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Ɔdɔ adesamma, na ɔbɛyɛ nsakrae ahorow a ehia na yɛn asase no ayɛ paradise no. Anyɛ hwee koraa no, sɛ wowɔ tumi a wode bɛma amanehunu ne atɛnkyea a abu so kɛse wɔ wiase no to atwa a, anka worenyɛ saa? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛyɛ saa? Nokwarem no, Bible no ka bere bi a Onyankopɔn beyi wiase nhyehyɛe yi a akodi ayɛ no pasaa no afi hɔ, na ɔde trenee nniso a ɛyɛ pɛ asi ananmu ho asɛm pefee. (Daniel 2:44) Nanso Bible no ma yehu pii sen eyi ho asɛm a ɛka kyerɛ yɛn no. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya nkwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.—2 Petro 3:13; 1 Yohane 2:17.

18. Dɛn na Onyankopɔn ho nimdeɛ betumi ama woanya nnɛ?

18 Onyankopɔn ho nimdeɛ betumi aboa wo pii mprempren nso. Wɔde asetra mu nsemmisa a emu dɔ na ɛhaw adwene sen biara ho mmuae ma wɔ Bible no mu. N’akwankyerɛ a wubegye atom bɛboa wo ma wo ne Onyankopɔn anya adamfofa. Hokwan kɛse bɛn ara ni! Eyi betumi ama woanya asomdwoe a Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ama no. (Romafo 15:13, 33) Bere a wufi ase nya nimdeɛ a ɛho hia yi no, na woreyɛ ade a ɛho hia na mfaso wɔ so sen biara wɔ w’asetra mu. Worennu wo ho da sɛ worenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.

19. Asemmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

19 Yɛaka Bible no ho asɛm sɛ nhoma a Onyankopɔn ho nimdeɛ wom. Nanso, yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ nhoma a wɔde onipa nyansa na ɛkyerɛwee, na mmom biribi a ɛsen saa koraa? Yebesusuw asemmisa yi ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Dɛn nti na Onyankopɔn ho nimdeɛ betumi ama woanya daa anigye?

Asetra bɛyɛ sɛ dɛn wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu?

Dɛn nti na wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a woresua nnɛ no so mfaso?

[Adesua no ho nsɛmmisa]