Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?

Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?

TI 8

Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?

“Sɛ me bo fuw a, ɛyɛ a na merepɛ obi aka nea ɛwɔ me mu akyerɛ no. Sɛ me werɛ how nso a, ɛyɛ a na merepɛ obi a ɔbɛka akyerɛ me sɛ ɛbɛyɛ yiye. Na sɛ m’ani gye a, ɛyɛ a na mepɛ sɛ meka kyerɛ obi ma ɔno nso te bi. Me deɛ, mihu sɛ obiara hia nnamfo.”​—Brittany.

YƐTAA ka sɛ nkwadaa hia wɔn a wɔne wɔn bedi agorɔ; ɛnna mmabun nso hia nnamfo. Nsonsonoe bɛn na ɛwom?

Obi a wo ne no di agorɔ ma w’ani ka.

Yɛka adamfo a, ɔyɛ obi a nneɛma a ehia wo no, ehia ɔno nso.

Afei nso Bible ka sɛ, “ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.” (Mmebusɛm 17:17) Nea Bible reka yi yɛ adamfofa a ɛkɔ akyiri paa; ɛkyɛn obi a na yɛne no di agorɔ yɛn nkwadaaberem!

Nokwasɛm: Bere a worenyin no, wubehia nnamfo a,

1. Wɔwɔ suban pa

2. Wɔbɔ bra pa

3. Wɔbɛboa wo ama woayɛ adepa

Asɛmmisa: Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo a wɔte saa? Nea ɛma obi yɛ adamfo pa no, momma yɛmfa no mmaako mmaako.

Nea Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa #1​—Suban Pa

Nea ɛsɛ sɛ wuhu. Ɛnyɛ obiara a ɔka sɛ ɔyɛ adamfo no na ɔyɛ adamfo ankasa. Bible mpo ka sɛ, “ayɔnkofo bi wɔ hɔ a, obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no.” (Mmebusɛm 18:24) Wohwɛ a, wobɛka sɛ yɛaka akɔ akyiri dodo. Nanso wo deɛ hwɛ: Woafa “adamfo” bi ama no adidi wo ho pɛn? Woafa adamfo bi ama waka wo ho asɛm anaa wadi wo ho nkɔnkɔnsa pɛn? Ɛba saa a, anhwɛ a worennye no nni bio. * Kae sɛ adamfo deɛ, sɛ wunya baako na ɔyɛ papa a, ɛyɛ sen sɛ wubenya apem a wɔnyɛ papa!

Nea wubetumi ayɛ. Worepɛ adamfo a, pɛ obi a ne suban yɛ fɛ a wubetumi asuasua.

“M’adamfo Fiona deɛ, obiara bɔ no din pa. Me nso, mepɛ sɛ nkurɔfo bɔ me din pa. Mepɛ sɛ meyɛ sɛ ɔno, efisɛ ne suban yɛ me fɛ.”—Yvette, wadi mfe 17.

Sɔ wei hwɛ.

1. Kenkan Galatifo 5:22, 23.

2. Bisa wo ho sɛ, ‘Suban a me nnamfonom wɔ no, ɛka “honhom no aba no” ho anaa?’

3. Wɔn a wɔyɛ wo nnamfo paa no, kyerɛw wɔn din wɔ ase ha. Afei suban a ɛwɔ obiara ho paa no, kyerɛw hyɛ ne din ano.

Edin

․․․․․

Suban

․․․․․

Nea wode behu: Sɛ nea wokyerɛw faa wɔn ho no nyinaa yɛ suban bɔne a, ɛnde hwehwɛ nnamfo foforo a wɔwɔ suban pa!

Nea Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa #2​—Abrabɔ Pa

Nea ɛsɛ sɛ wuhu. Sɛ wopere wo ho fa adamfo a, anhwɛ a na woakɔfa adamfo bɔne. Bible ka sɛ: “Nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) “Nkwaseafo” a Bible reka wɔn ho asɛm wɔ ha yi, ɛnkyerɛ nkurɔfo a wonnim ade anaa wɔn a wonnim nyansa. Ɛkyerɛ wɔn a wɔmfa afotu pa nyɛ hwee na mmom wɔyɛ nneɛma a ɛmfa kwan mu. Nnipa sei deɛ, enhia sɛ wofa wɔn nnamfo!

Nea wubetumi ayɛ. Sɛ worefa adamfo a, ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ wofa no adamfo; hwehwɛ mu yiye. (Dwom 26:4) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ pɛ obi asɛm na tan obi. Nea yɛreka ne sɛ fa w’ani to fam na ama ‘woahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.’—Malaki 3:18.

“Ɛyɛ me dɛ paa sɛ me maame ne me papa boaa me maa minyaa nnamfo a wɔne me bɔ tipɛn a wɔde Nyankopɔn asɛm bɔ wɔn bra.”​—Christopher, wadi mfe 13.

Bua nsɛmmisa yi:

Sɛ me ne me nnamfo wɔ hɔ a, ɛyɛ a misuro sɛ anhwɛ a wɔbɛma mayɛ biribi a me ara minim sɛ ɛyɛ bɔne?

□ Aane

□ Daabi

Ɛhaw me sɛ mede me nnamfo bɛkyerɛ me maame ne me papa, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a na wɔn bo afuw sɛ makɔfa saa nnamfo no?

□ Aane

□ Daabi

Nea wode behu: Nsɛm a yɛabisa no, sɛ wokaa aane a, ɛnde hwehwɛ nnamfo a wɔbɔ bra pa, kyerɛ sɛ nnamfo a wɔn abrabɔ nyinaa kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo papa.

Nea Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa #3​—Wɔn a Wɔbɛboa Wo Ama Woayɛ Adepa

Nea ɛsɛ sɛ wuhu. Bible se: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Ababaawa bi a yɛfrɛ no Lauren kaa sɛ: “Nea me sukuufo bɛka sɛ menyɛ no, gye sɛ meyɛ ansa na wɔagye me atom. Ɛyɛ a na mayɛ ankonam, enti nea wɔyɛ no ara bi na na me nso meyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye me atom.” Lauren huu sɛ, sɛ wudi nea wo nnamfo bɛka biara akyi a, ɛnde na woayɛ sɛ bɔɔl. Obiara bɔ wo kɔ baabi a ɔpɛ. Nnyaagyaa wo ho saa!

Nea wubetumi ayɛ. Wɔn a wɔhyɛ wo sɛ bɔ wo bra sɛnea wɔbɔ wɔn bra no, wo ne wɔn ntwa adamfo mu. Woyɛ saa a, wo nnamfo so bɛtew; nanso w’ani begye na ebebue kwan ama woanya nnamfo pa, nnamfo a wɔbɛma woayɛ ade pa.—Romafo 12:2.

“Clint yɛ m’adamfo paa. Onim nyansa na odwen nnipa ho, ɛno nti waboa me paa.”—Jason, wadi mfe 21.

Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi:

Ɛyɛ a misiesie me ho basabasa, mekasa basabasa anaa meyɛ nneɛma basabasa sɛnea me nnamfo pɛ sɛ meyɛ anaa?

□ Aane

□ Daabi

Baabi a nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne a anka merenkɔ hɔ no, ɛyɛ a me nnamfo nti mikopue baabi a ɛte saa anaa?

□ Aane

□ Daabi

Nea wode behu: Sɛ wubua nsɛmmisa yi sɛ aane a, ɛnde kohu wo maame anaa wo papa anaa obi foforo a wanyin a n’ani da fam ma ɔmmoa wo. Sɛ woyɛ Yehowa Danseni a, wubetumi akɔ asafo mu panyin bi nso nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na fa nnamfo a wɔbɛma woabɔ bra pa.

KENKAN ADAMFOFA HO ASƐM NO BI KA HO WƆ NHOMA YI FÃ A ƐTO SO MMIENU NO MU, TI 9

TI A EDI HƆ NO

W’adamfo anaa ebia wo ara w’akoma repiapia wo sɛ kɔyɛ nneɛma bɔne? Hwɛ nea wubetumi ayɛ de atwe wo ho afi ho!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Mfomso deɛ, obiara di bi. (Romafo 3:23) Enti sɛ w’adamfo yɛ ade ma no hye wo na onu ne ho a, kae sɛ “ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Petro 4:8.

KYERƐWNSƐM TITIRIW

“Adamfo bi de, ɔntwe ne ho da, ɔkyɛn onua mpo.”​Mmebusɛm 18:24.

WEI BƐBOA WO

Bɔ bra pa, na ɛbɛma wɔn a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden abɔ bra pa no aka aba wo ho. Wɔn na wɔbɛyɛ wo nnamfo papa paa!

SO WUNIM . . . ?

Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim anaa ɔnnɔ obi ntan obi, nanso sɛ ɔrehwehwɛ obi ama ‘wabɛsoɛ ne ntamadan mu’ deɛ a, ɔhwehwɛ mu yiye paa.​—Dwom 15:1-5.

NEA WUBETUMI AYƐ!

Sɛ mepɛ sɛ minya nnamfo pa a, nea mɛyɛ ni ․․․․․

Wɔn a wɔanyin kyɛn me a mepɛ sɛ mihu wɔn yiye no, ebi ne ․․․․․

Adamfofa ho asɛm a mepɛ sɛ mibisa me maame anaa me papa ni ․․․․․

WUDWEN HO SƐN?

● Suban bɛn paa na wopɛ sɛ wuhu no wɔ obi ho ansa na woafa no adamfo, na adɛn ntia?

● Suban pa bɛn na ɛsɛ sɛ wunya na ama woayɛ adamfo pa?

[Asɛm a wɔafa aka]

“Bere a me maame ne me papa maa metwee me ho fii me nnamfo bi ho no, nea mekae ne sɛ wɔn nko ara na mepɛ sɛ mefa wɔn nnamfo. Nanso na me maame ne me papa afotu no yɛ afotu pa. Bere a medwenee ho yiye no, mihuu sɛ sɛɛ nnamfo papa bi wɔ hɔ.”​—Cole

[Adaka]

Fa nea ɛwɔ ha yi yɛ adwuma hwɛ

Wo ne wo maame ne wo papa nni adamfofa ho nkɔmmɔ. Bisa wɔn sɛ bere a na wɔte sɛ wo no, henanom na wɔfaa wɔn nnamfo. Wonuu wɔn ho sɛ wɔfaa saa nkurɔfo no nnamfo anaa? Sɛ wɔka sɛ wonuu wɔn ho a, bisa wɔn sɛ adɛn nti na wonuu wɔn ho? Bisa wɔn sɛ, dɛn na ɛbɛboa wo na nea ɛtoo wɔn no bi anto wo.

Fa wo nnamfo kɔkyerɛ wo maame ne wo papa. Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wode wo nnamfo bɛkyerɛ wo maame ne wo papa a, bisa wo ho sɛ, ‘Adɛn ntia?’ Biribi wɔ wo nnamfo no ho a ɛbɛma wo maame ne wo papa bo afuw sɛ woakɔfa saa nnamfo no? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde sɛ wopɛ sɛ wofa nnamfo a ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye paa.

Yɛ aso tie. Ma w’adamfo asɛm nyɛ w’asɛm, na ma n’ahiasɛm nyɛ w’ahiasɛm.—Filipifo 2:4.

Fa bɔne kyɛ. Nhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Bible ka sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.”—Yakobo 3:2.

Ɛyɛ a twe wo ho fi w’adamfo ho kakra. Enhia sɛ wugye w’adamfo bɔ so; ɛyɛ a ma mframa mfa ne ho kakra. Yɔnko berɛbo deɛ, nsu mu oo, awia mu oo, wuhia no a ɔbɛba.—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.

[Mfoni]

Sɛ wudi nea wo nnamfo bɛka biara akyi a, ɛnde na woayɛ sɛ bɔɔl. Obiara bɔ wo kɔ baabi a ɔpɛ