Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbabarima a Ɔyerae No Ho Asɛm

Ɔbabarima a Ɔyerae No Ho Asɛm

Ti 86

Ɔbabarima a Ɔyerae No Ho Asɛm

BERE a Yesu wie oguan ne drakma a ɛyerae ho bɛ a obu kyerɛɛ Farisifo no akyi bere tiaa bi no, ɔde bɛ foforo toa so; na eyi fa agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ne sɛnea ɔne ne mmabarima baanu a wɔn mu biara wɔ mfomso a anibere wom di no ho.

Nea odi kan no ne ne babarima kumaa a ɔne bɛ no mu onipa titiriw no. Ogye n’agyapade na n’agya de ma no a wantwentwɛn ne nan ase. Afei ofi fie na okobu ahohwibra. Nanso tie sɛnea Yesu ka asɛm no na hwɛ sɛ ebia wubetumi ahu wɔn a ɔde nnipa a wɔwɔ bɛ no mu no yɛ wɔn ho mfonini.

Yesu fi ase sɛ, “onipa bi wɔ mmabarima baanu. Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na [agya no] kyɛɛ n’asetrade mu maa wɔn.” Dɛn na akumaa yi de nea onyae no yɛ?

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi sɛee n’ahode nyinaa.” Nokwarem no, ɔne nguaman na edii ne sika no. Sɛnea Yesu kɔ so ka no, akyiri yi ne ho kyere no.

“Na owiee ne nyinaa hwere no, ɔkɔm kɛse baa asase no so, na efii ase hiaa no. Na ɔde ne ho kɔdan asase no so hɔni bi; na ɔmaa ɔkɔɔ ne mfuw mu kɔhwɛɛ mprako. Na ne kɔn dɔe sɛ ɔde asɛhono a mprako no di no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no.”

Hwɛ animguase ara a ɛyɛ sɛ biribi hyɛ no ma ɔhwɛ mprako, efisɛ sɛnea Mmara no kyerɛ no, eyinom yɛ mmoa a wɔn ho ntew! Nanso nea ɛyɛɛ ɔbabarima no yaw sen biara ne ɔkɔm a ɛkɔɔ so dee no a ɛmaa ne kɔn dɔɔ aduan a na wɔde ma mprako no. Yesu kae sɛ esiane amanehunu yi nti “n’ani baa ne ho so.”

Yesu toa n’asɛm no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔka [kyerɛɛ ne ho] sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonya aduan ma ɛboro so; na me de, ɔkɔm de me yi. Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. Na mensɛ sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafo no mu biako! Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn.”

Biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: Sɛ anka n’agya bo fuw no na ɔteɛteɛɛm guu no so bere a ofii fie no a, anka ɛda adi sɛ ɔrenhu ade pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ebia anka obesi gyinae sɛ ɔbɛsan aba na wabɔ mmɔden ahwehwɛ adwuma wɔ baabi foforo wɔ ne man mu a ɔrenkɔ n’agya nkyɛn bio. Nanso nsusuwii a ɛte saa biara amma ne tirim. Na faako a ɔpɛ sɛ ɔkɔ ne fie!

Ɛda adi sɛ agya a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no gyina hɔ ma yɛn soro Agya mmɔborohunufo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no. Na ebia wuhu sɛ ɔbabarima a ɔyerae no anaa ɔba hohwini no gyina hɔ ma wɔn a wonim wɔn sɛ abɔnefo no. Na Farisifo a Yesu ne wɔn kasa no akasa atia Yesu dedaw wɔ saafo a ɔne wɔn didi no ho. Nanso ɔbabarima panyin no gyina hɔ ma henanom?

Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae No

Bere a ɔba a ɔyerae anaa ɔba hohwini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no san ba n’agya fi no, wogye no dɛn? Tie sɛnea Yesu ka ho asɛm no:

“Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.” Agya mmɔborohunufo, ɔyamyefo a ogyina hɔ ma yɛn soro Agya Yehowa bɛn ara ni!

Ɛda adi sɛ na agya no ate ne ba no ahohwibra no ho asɛm. Nanso ogyee no baa fie a wantwɛn ma wankyerɛkyerɛ mu pii biara. Yesu nso wɔ ogye honhom, na odii kan kɔɔ abɔnefo ne towgyefo a ɔba hohwini no gyina hɔ ma wɔn wɔ ɛbɛ no mu no nkyɛn.

Ampa, akyinnye biara nni ho sɛ Yesu bɛ no mu agya a ɔwɔ nhumu no wɔ ne ba no adwensakra ho adwene bi denam n’anim mmɔbɔmmɔbɔ a bere a ɔsan ba no a ohu no so. Nanso ade a efi ɔdɔ mu a agya no di kan yɛ no ma ɛyɛ mmerɛw ma ɔba no sɛ ɔbɛka ne bɔne, sɛnea Yesu ka no: “Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio. Fa me yɛ w’apaafo no mu biako.”

Nanso, ɔba no rekasa no agya no yɛ biribi na ɔhyɛ ne nkoa so: “Ntɛm! Momfa ntade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa mpɛtea mmɛhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan. Na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye, efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.”

Bere no mu no, na agya no “ba panyin no wɔ afum.” Hwɛ sɛ wubetumi ahu wɔn a ogyina hɔ ma wɔn no denam asɛm no nkae a wubetie no so. Yesu ka fa ɔba panyin no ho sɛ: “Na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw. Enti ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no nea eyinom kyerɛ. Osee no sɛ, ‘Wo nua aba, na w’agya akum nantwi a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu.’ Nanso ne bo fuwii na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya fii adi bɛsrɛɛ no. Na obua see n’agya no sɛ, ‘Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede asom wo, nso memfom wo mmara da, nanso wommaa me apapowa bi sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. Nanso wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

Henanom na, te sɛ ɔba panyin no, wɔakasa atia mmɔborohunu a woyi adi kyerɛ abɔnefo ne adwene a wɔde si wɔn so no? So ɛnyɛ akyerɛwfo ne Farisifo no? Esiane sɛ wɔkasa tia Yesu sɛ ogye abɔnefo no na ɛma obuu saa bɛ no nti, ɛda adi pefee sɛ na ɔba panyin no gyina hɔ ma wɔn.

Yesu de agya no adesrɛ a ɔde too ne ba panyin no anim no wie n’asɛm no: “Ɔba wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea; nanso ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yedi ahurusi, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan, ɔyerae, na wɔahu no.”

Enti Yesu gyaw nea ɔba panyin no yɛ no wom a wɔanhu ano. Nokwarem, akyiri yi wɔ Yesu wu akyi no, “asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no” a na ebetumi aba sɛ na saa “ɔba panyin” kuw yi mufo a Yesu ne wɔn rekasa no bi ka ho.

Nanso henanom na mma baanu no gyina hɔ ma wɔn nnɛ mmere yi mu? Ɛbɛyɛ wɔn a wɔabehu Yehowa atirimpɔw ahorow no sɛnea ɛsɛ a wɔwɔ nea wobegyina so ne no anya abusuabɔ no. Ɔba panyin no gyina hɔ ma “kuw ketewa” anaa “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua” no mufo binom. Eyinom faa suban bi a ɛte sɛ ɔba panyin no de no. Na wonni ɔpɛ biara sɛ wobegye asase so kuw, “nguankuw foforo” no a na wɔte nka sɛ woregye wɔn anuonyam no.

Ɔkwan foforo so no, na ɔba hohwini no gyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo a wofi kɔhwehwɛ anigyede ahorow a wiase no de ma no. nanso, bere bi akyi no, eyinom san de adwensakra ba na wɔsan bɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ hyew. Ampa ara, ɔdɔ ne mmɔborohunu bɛn ara na Agya no wɔ wɔ wɔn a wohu hia a ɛho hia sɛ wonya fafiri na wɔsan ba ne nkyɛn no ho sɛɛ yi! Luka 15:11–32, NW; Leviticus 11:7, 8; Asomafo no Nnwuma 6:7; Luka 12:32; Hebrifo 12:23; Yohane 10:16.

▪ Yesu bu bɛ yi anaasɛ ɔka asɛm yi kyerɛ henanom, na dɛn ntia?

▪ Hena ne onipa titiriw wɔ asɛm no mu, na dɛn na ɛtoo no?

▪ Wɔ Yesu bere so no, na agya no ne ɔbabarima kumaa no gyina hɔ ma henanom?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu suasua agya mmɔborohunufo a ɔwɔ ne bɛ no mu no nhwɛso no?

▪ Ɔba panyin no adwene ne dɛn wɔ ne nua no a wogyee no no ho, na ɔkwan bɛn so na Farisifo no yɛ ade te sɛ ɔba panyin no?

▪ Yesu bɛ no fa yɛn bere yi ho dɛn?