Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔde Asɔrefi Ɔsom Adwuma Ba Awiei

Ɔde Asɔrefi Ɔsom Adwuma Ba Awiei

Ti 110

Ɔde Asɔrefi Ɔsom Adwuma Ba Awiei

YESU kɔ asɔrefi hɔ nea etwa to. Nokwarem no, aka ne kyere ne ne kum a ɛbɛba nnansa ntam no na ɔde ne baguam ɔsom adwuma wɔ asase so no aba awiei. Mprempren de ɔkɔ so kasa tia kyerɛwfo ne Farisifo no.

Ɔka mpɛn abiɛsa bio sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!” Nea edi kan no, ɔka sɛ wonnue efisɛ wotwiw “kuruwa ne abeyaa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifude ahyɛ no ma.” Enti ɔde afotu ma sɛ: “Twiw kuruwa no mu kan, na akyiri nso afi.”

Nea edi hɔ no, ɔka due gu kyerɛwfo ne Farisifo no so esiane sɛ wɔaporɔw na wɔasɛe wɔ wɔn mu nanso wɔbɔ mmɔden yɛ wɔn ho trenee de kata so no nti. Ɔka sɛ, “mote sɛ ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma.”

Awiei koraa no, wɔn nyaatwom no da adi wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ ada ama adiyifo na wɔasiesie ma atwetwe adwene asi wɔn ankasa nnwuma pa so no mu. Nanso, te sɛ nea Yesu ma ɛda adi no, wɔyɛ “wɔn a wokum adiyifo” no mma. Nokwarem no, obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn nyaatwom no ada adi no da asiane mu!

Yesu retoa so no, ɔka n’atemmu nsɛm a emu yɛ den sen biara. Ɔka sɛ, “Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan [Gehenna] atemmu?” Gehenna yɛ obon bi a wɔtow nneɛma funu gu mu wɔ Yerusalem. Enti Yesu reka sɛ esiane kyerɛwfo ne Farisifo no akwammɔne a wɔnam so no nti, wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu.

Yesu ka fa wɔn a ɔbɛsoma wɔn sɛ n’ananmusifo no ho sɛ: “Mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛndua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu; na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia [wɔfrɛ no Yehoiada wɔ Beresosɛm Nhoma a Ɛto so Abien no mu] ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so. Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.”

Esiane sɛ Sakaria kasa tiaa Israelfo mpanyimfo no nti, “wɔpam ne tiri so, na wokosiw no abo, sɛ ɔhene hyɛe no, [Yehowa] fi abangua so.” Nanso sɛnea Yesu ka sie no, Israel betua mogya trenee a wɔahwie agu yi nyinaa so ka. Wotuaa ka mfe 37 akyi wɔ afe 70 Y.B. mu, bere a Roma asraafo sɛee Yerusalem na Yudafo bɛboro ɔpepem biako wuwui no.

Bere a Yesu susuw tebea huhu yi ho no, ne ho hiahia no. Ɔka bio sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.”

Afei Yesu de ka ho sɛ: “Efi sesɛɛ morenhu me de bɛkɔ akosi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam [Yehowa] din mu reba no.” Saa da no bɛyɛ bere a Kristo ba ne soro Ahenni mu na nkurɔfo de gyidi aniwa hu no no.

Afei Yesu kɔtra beae a obetumi ahu ntoboa adaka a ɛwɔ asɔredan no mu a nkurɔfo de sika gu mu no. Adefo no de sika pii gu mu. Nanso afei okunafo hiani bi ba na ɔde mman abien a ɛyɛ sika a ɛnsom bo pii gu mu.

Yesu frɛ n’asuafo no na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa.” Ebia wobesusuw sɛnea eyi te saa no ho. Enti Yesu kyerɛ mu: “Wɔn nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro so no mu na wɔde bi abegu mu; na oyi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu.” Bere a Yesu ka nneɛma yi no, ofi asɔrefi hɔ kɔ nea etwa to.

N’asuafo no a asɔredan no kɛse ne ne fɛ ama wɔn ho adwiriw wɔn no mu biako ka sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!” Nokwarem no, wɔka sɛ abo no tenten boro anammɔn 35, ne trɛw boro anammɔn 15 na ne sorokɔ boro anammɔn 10!

Yesu bua sɛ, “Woahu aban akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam.”

Bere a Yesu ka nneɛma yi wie na ɔne n’asuafo no twa Kidron Bon no, wɔforo Ngo Bepɔw no. Wobetumi afi hɔ ahu asɔredan fɛfɛ no. Mateo 23:25–24:3; Marko 12:41–13:3; Luka 21:1–6; 2 Beresosɛm 24:20–22.

▪ Dɛn na Yesu yɛ bere a ɔkɔ asɔrefi hɔ nea etwa to no?

▪ Ɔkwan bɛn so na kyerɛwfo ne Farisifo no nyaatwom da adi?

▪ “Gehenna atemmu” no kyerɛ dɛn?

▪ Dɛn nti na Yesu ka sɛ okunafo no yii ntoboa pii sen adefo no?