Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔde Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Ɔde Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Ti 43

Ɔde Mfatoho Kyerɛkyerɛ

ƐDA adi sɛ bere a Yesu kaa Farisifo no anim no na ɔwɔ Kapernaum. Akyiri yi saa da no ara no, ofi fie na ɔkɔ Galilea Po a ɛbɛn hɔ no ano, faako a nkurɔfokuw aboa wɔn ho ano no. Ɛhɔ no, ɔtra ɔkorow bi mu, ɔtwe ne ho kakra na ofi ase ka ɔsoro Ahenni ho asɛm kyerɛ nkurɔfo no wɔ mpoano hɔ. Ɔnam mmebu anaasɛ mfatoho ahorow a emu biara yɛ nea nkurɔfo no nim ho biribi so na ɛyɛ saa.

Nea edi kan no, Yesu ka ogufo a ogu aba ho asɛm. Aba no bi gu kwankyɛn na nnomaa di. Aba no bi gu dɔte a ɛwɔ abotan so mu. Esiane sɛ ntini no nkɔ fam nti, awia ma afifide foforo no hyew. Aba no foforo nso gu nsɔe mu, na bere a efifi no ɛwowɔ no. Awiei koraa no, aba no bi gu asase pa mu na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia ne ebi aduasa.

Wɔ mfatoho foforo mu no, Yesu de Onyankopɔn Ahenni no toto ɔbarima bi a ogu aba ho. Bere a nna kakraa twam, na ɔbarima no da na ɔsɔre no, aba no nyin. Ɔbarima no nnim ɔkwan a ɛnam so. N’ankasa nyin na ɛsow aba. Bere a aba no hoa no, ɔbarima no twa na odi.

Yesu de mfatoho a ɛto so abiɛsa a ɛfa ɔbarima bi a ogu aba pa na bere a nnipa ada no, ɔtamfo bi ba begu wura wɔ awi no mu no ho ma. Ɔbarima no nkoa bisa sɛ wontutu wura no anaa. Nanso obua sɛ: ‘Dabi, anyɛ saa a mubetutu awi no bi afra. Momma n’abien no nyinaa ntra hɔ nkosi twa bere. Na mɛka akyerɛ twafo no sɛ wɔmmoaboa wura no ano nhyew na wɔmfa awi no nhyɛ ɔsan so.’

Yesu toa kasa a ɔka kyerɛ nkurɔfo no wɔ mpoano hɔ no so na ɔma mfatoho afoforo abien. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔsoro ahenni” te sɛ sinapi aba biako a onipa dua. Yesu se ɛwom sɛ ɛyɛ aba nyinaa mu nea esua sen biara de, nanso enyin yɛ nnua nyinaa mu nea ɛso sen biara. Ɛyɛ dua a nnomaa da n’abãã so. Ebinom ka sɛ nnua aba a esusuae sen sinapi aba wɔ hɔ nnɛ. Nanso ná Yesu nkyerɛkyerɛ afifide ho ade. Ná sinapi aba ne aba ahorow a ne bere so Galileafo nim mu nea esua koraa. Enti wɔte ne nyin a ɛyɛ nwonwa ho asɛm a Yesu de yɛ mfatoho no ase.

Awiei koraa no, Yesu de “ɔsoro ahenni no” toto mmɔkaw a ɔbea bi de fra asikresiam susukora akɛse abiɛsa mu ho. Ɔka sɛ ɛkaw mmɔre mũ no nyinaa.

Bere a Yesu abu mmɛ anum yi awie no, ogya nkurɔfokuw no kwan na ɔsan kɔ fie a ɔte mu no mu. Ankyɛ n’asomafo 12 no ne afoforo ba ne nkyɛn wɔ hɔ.

Yesu Mfatoho Ahorow No Mu Mfaso a Yebenya

Bere a asuafo no ba Yesu nkyɛn wɔ ɔkasa a ɔka kyerɛɛ nkurɔfokuw no wɔ mpoano no akyi no, wɔn ani gye ɔkwan foforo a ɔnam so kyerɛkyerɛ no ho. Wɔate sɛ ɔde mfatoho di dwuma pɛn de, nanso ɛnyɛ pii saa. Enti wobisa sɛ: “Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?”

Ade biako nti a ɔyɛ saa ne sɛ ɛbɛma odiyifo no nsɛm no anya mmamu: “Mebue m’ano mmebu mu, meyi atetesɛm adi sɛ akasabebui.” Nanso na nneɛma pii ka eyi ho. Mfatoho ahorow a ɔde di dwuma no ho atirimpɔw ne sɛ ɛboa ma nnipa no komam adwene da adi.

Nokwarem no, nnipa pii ani gye Yesu ho esiane sɛ onim kasa na ɔyɛ anwonwade, na ɛnyɛ sɛ obi a ɛsɛ sɛ wɔsom no sɛ Awurade na wɔde nokwaredi di n’akyi. Wɔmpɛ sɛ biribiara sakra adwene a wɔwɔ wɔ nneɛma ho no anaasɛ wɔn asetra kwan. Wɔmpɛ sɛ nkrasɛm no boa wɔn saa.

Enti Yesu ka sɛ: “Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nanso wɔnte ase. Na wɔn mu na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu sɛ . . . wɔamfa wɔn koma ante ase.”

Yesu kɔ so ka sɛ: “Na mo de, nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte. Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, nso wɔante.”

Yiw, asomafo 12 no ne wɔn a wɔka wɔn ho no wɔ koma a egye di. Enti Yesu ka sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.” Esiane sɛ asuafo no hwehwɛ sɛ wɔte ase nti, Yesu kyerɛkyerɛ ogufo bɛ no mu.

Yesu ka sɛ, “aba no ne Nyankopɔn asɛm,” asase no ne koma. Ɔkyerɛkyerɛ aba a eguu kwankyɛn no mu sɛ: “Ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, aba a egu ɔbotan so no ne nnipa a wɔde anigye gye asɛm no ntɛmntɛm no koma. Nanso esiane sɛ asɛm no ntumi nnye ntini wɔ nnipa yi komam nti, sɛ ɔtaa anaa amanehunu ba a, wɔhwe ase.

Yesu toa so sɛ aba a egu nsɔe mu no fa nnipa a wɔate asɛm no ho. Nanso asetra mu dadwen ne ahonyade ne anigyede twetwe wɔn ma enti emia wɔn koraa na wontumi nyɛ ho hwee.

Awiei koraa no, Yesu ka sɛ, aba a wogu no asase pa mu no ne wɔn a, bere a wɔde koma pa atie asɛm no akyi no, wɔde boasetɔ sow aba.

Hwɛ sɛnea asuafo a wɔhwehwɛɛ Yesu na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu no nyaa anigye! Yesu pɛ sɛ wɔte ne mfatoho ahorow no ase na ama wɔaka nokware no akyerɛ afoforo nso. Ɔka sɛ, “obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so.” Enti Yesu de ka ho sɛ: “Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa.”

Wɔde Akwankyerɛ Pii Hyira Wɔn

Bere a asuafo no nsa aka Yesu ogufo ho bɛ no mu nkyerɛkyerɛmu akyi no, wɔpɛ sɛ wohu nneɛma pii. Wobisa sɛ, “kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase.”

Hwɛ sɛnea ɛsono asuafo no adwene wɔ nkurɔfokuw a wɔwɔ mpoano hɔ no de ho! Saa nnipa no nni ɔpɛ sɛ wobɛte mfatoho ahorow no ase, efisɛ nea wɔte no ara dɔɔso ma wɔn. Yesu de mpoano hɔ atiefo yi toto n’asuafo a wɔpɛ nneɛma mu ahu no no ho na ɔka sɛ:

“Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde ebi bɛka mo ho.” Asuafo no susuw anigye ne osetie ma Yesu, enti wɔdom wɔn akwankyerɛ pii. Enti Yesu ma n’asuafo no adebisa no ho mmuae na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Nea ogu aba pa no ne onipa ba no; afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma; ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.”

Bere a Yesu akyerɛ ne mfatoho no mu ade biara awie no, ɔka nea ebefi mu aba no ho asɛm. Ɔka sɛ awiei bere no mu no, twafo anaasɛ abɔfo no bɛpaw atoro Kristofo a wɔne wura a ɛte sɛ awi no afi nokware “ahenni no mma” no mu. Afei wɔbɛsɛe “ɔbɔne no mma” no, nanso Onyankopɔn Ahenni no mma, “atreneefo” no bɛhyerɛn wɔ wɔn Agya Ahenni mu.

Ɛno akyi no Yesu de mfatoho abiɛsa bio dom asuafo a wotie no no. Nea edi kan no ɔka sɛ: “Ɔsoro ahenni te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.”

Ɔtoa so sɛ: “Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.”

Yesu ankasa te sɛ onipa a ohu akorade no ne oguadini a ohu nhene pa a ne bo yɛ den no. Sɛnea yɛbɛka no no, ɔtɔn biribiara, ogyaw dibea a nidi wom wɔ ɔsoro bɛyɛ ɔdesani a ɔba fam. Afei, sɛ onipa wɔ asase so no, ohu animguase ne ɔtaa a enye, na edi adanse sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo.

Ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo no nso tɔn biribiara na wɔn nsa aka akatua kɛse a ɛne Kristo yɔnko adedifo ne Ahenni no asase so nkoa a wɔbɛyɛ no. So wubebu Onyankopɔn Ahenni no mu kyɛfa a wubenya no sɛ ade a ɛsom bo sen asetra mu biribiara, te sɛ nhene pa a ɛsom bo sen biara?

Awiei koraa no, Yesu de “ɔsoro ahenni no” toto asawu a ɛkyere mpataa ahorow nyinaa bi ho. Bere a woyiyi mpataa no mu no, wɔtow nea enye no gu na wɔkora nea eye no so. Yesu se, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei; abɔfo no beyi nnipa bɔne no afi atreneefo no mu, na wɔakora wɔn so ama ɔsɛe.

Yesu ankasa na ofi mpataayi adwuma no ase, na ɔfrɛ n’asuafo a wodi kan no “nnipa yifo.” Wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no, mpataayi adwuma no akɔ so wɔ mfehaha no mu. Awiei koraa no, bere so sɛ wɔtwetwe “asawu” no a egyina hɔ ma asase so ahyehyɛde ahorow a wɔka sɛ ɛyɛ Kristofo de no.

Ɛwom sɛ wɔsɛe mpataa bɔne no de, nanso yebetumi ama yɛn ani agye sɛ yɛka ‘mpataa a eye’ a wɔkora wɔn so no ho. Sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebenya nimdeɛ ne ntease, te sɛ nea Yesu asuafo no yɛe no a, ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ pii nko na wɔde bɛdom yɛn, na mmom Onyankopɔn nhyira a ɛne daa nkwa nso. Mateo 13:1–52; Marko 4:1–34; Luka 8:4–18; Dwom 78:2; Yesaia 6:9, 10.

▪ Bere bɛn, na ɛhe na Yesu de mfatoho ahorow kasa kyerɛ nkurɔfokuw no?

▪ Mfatoho anum bɛn na afei Yesu de ma nkurɔfokuw no?

▪ Dɛn nti na Yesu ka sɛ sinapi aba ne nnua aba mu nea esua koraa no?

▪ Dɛn nti na Yesu de mfatoho kasa?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo no da wɔn ho adi sɛ ɛsono wɔn wɔ nkurɔfokuw no ho?

▪ Ogufo bɛ no ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na Yesu de ma?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɛsono asuafo no wɔ nkurɔfokuw a wɔwɔ mpoano hɔ no ho?

▪ Hena anaa dɛn na egyina hɔ ma ogufo no, afuw no, aba pa no, ɔtamfo no, twa bere no, twafo no?

▪ Mfatoho abiɛsa bɛn bio na Yesu de ma, na dɛn na yebetumi asua afi mu?