Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔde No Hyɛ Wɔn Nsa ma Wɔde No Kɔ

Ɔde No Hyɛ Wɔn Nsa ma Wɔde No Kɔ

Ti 124

Ɔde No Hyɛ Wɔn Nsa ma Wɔde No Kɔ

BERE a Pilato a Yesu a wɔayɛ no ayayade no kommyɛ a nidi wom anya no so tumi bɔ mmɔden bio sɛ obegyae Yesu no, asɔfo mpanyin no bo fuw kɛse. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma hwee nsiw wɔn pɔ bɔne no kwan. Enti wɔsan teɛteɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu, bɔ no asɛndua mu!”

Pilato de abufuw bua sɛ: “Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu!” (Nea ɛne nea wodii kan kae no bɔ abira no, ebia na Yudafo no wɔ tumi sɛ wokum nsɛmmɔnedifo wɔ ɔsom fam bɔne ahorow a anibere wom ho.) Afei, anyɛ yiye koraa no, Pilato ka no mpɛn anum so sɛ Yesu nni fɔ, bere a ɔka eyi no: “Minhu no mu afobusɛm biara.”

Esiane sɛ Yudafo no hu sɛ wɔn amammui sobo no ayɛ kwa nti, wɔsan fa nyamesom sobo a ɛne abususɛm a wɔde bɔɔ Yesu wɔ n’asɛm a wodii wɔ Sanhedrin no anim mfiase no. Wose: “Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.”

Na eyi yɛ sobo foforo ma Pilato, na ɛma osuroe pii. Afei de, wahu sɛ Yesu nyɛ onipa papahwekwa bi kɛkɛ, sɛnea ne yere adaeso ne Yesu nipasu daa no adi no. Nanso, so ɔyɛ “Onyankopɔn ba”? Pilato nim sɛ Yesu fi Galilea. Nanso, so ebetumi aba sɛ na watra ase pɛn? Pilato de no kɔ ahemfi hɔ bio, na obisa sɛ: “Wufi he?”

Yesu ammua. Na waka akyerɛ Pilato dedaw sɛ ɔyɛ ɔhene, nanso n’Ahenni nyɛ wiase yi fã. Nkyerɛkyerɛmu foforo biara nni hɔ a ɛho bɛba mfaso pa bi. Nanso, bua a wammua no yɛɛ Pilato yaw, na ɔde abufuw ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛndua mu?”

Yesu de obu bua sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara.” Na ɔkyerɛ kwan a Onyankopɔn ama nnipa sodifo sɛ wonni asase so nsɛm ho dwuma no. Yesu de ka ho sɛ: “Eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.” Nokwarem no, asodi kɛse da ɔsɔfo panyin Kaiafa ne n’aboafo ne Yuda Iskariot so sen Pilato wɔ ayayade a ɛnteɛ a wɔyɛɛ Yesu no ho.

Esiane sɛ Pilato ani gyee Yesu ho kɛse, na osuro sɛ ebia ofi soro nti, ɔbɔ mmɔden bio sɛ obegyaa No. Nanso, Yudafo no de animtiaabu pow nea Pilato ka no. Woti̇̃ wɔn amammui sobo no mu, na wɔde anitew hunahunaa no sɛ: “Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare.”

Wɔ aniberesɛm a ebefi mu aba nyinaa akyi no, Pilato de Yesu pue bio. Ɔde to wɔn anim bio sɛ: “Hwɛ, mo hene ni!”

Wobua sɛ: “Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”

Pilato de ahoyeraw bisa sɛ: “Memmɔ mo hene asɛnduam anaa?”

Na Yudafo no bo fuw wɔ wɔn so tumi a Romafo no di no ho. Nokwarem no, na wɔmpɛ sɛ Romafo no di wɔn so tumi! Nanso, asɔfo mpanyin no de nyaatwom ka sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.”

Esiane sɛ Pilato suro sɛ ne dibea ne din a ɔwɔ wɔ amammui mu no befi ne nsa nti, awiei koraa no, nea Yudafo no kɔ so bisa ne wɔn ahunahuna no ma ɔpene nea wɔka no so. Ɔde Yesu ma wɔn. Asraafo no yi Yesu atade kɔkɔɔ no de n’ankasa atade hyɛ no. Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnduam no, wɔma ɔsoa n’ankasa asɛndua.

Na ɛyɛ Fida anɔpa, Nisan 14; ebia ɛrebɛn owigyinae. Na Yesu nhomee fi Yawda anɔpa, na na wɔayɛ no ayayade pii. Enti, na asɛndua no mu duru ama wayɛ mmerɛw. Enti wɔkyere obi a ɔretwam, Simon bi a ofi Kirene wɔ Afrika sɛ ɔnsoa mma no. Bere a wɔrekɔ no, na nnipadɔm kɛse di wɔn akyi, a mmea pii a wɔredi Yesu nkɔmmɔ na wɔresu ka ho.

Yesu dan n’ani kyerɛ mmea no ka sɛ: “Yerusalem mmabea, munnsu me, na munsu mo ho ne mo mma! Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoe da ne nufu a wonnumii da. Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkoko sɛ: Monkata yɛn so! Na sɛ wɔde eyi reyɛ dumono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui?”

Yesu reka dua a ɛyɛ Yuda man no a nkwa bi da so ara wom esiane sɛ Yesu ne nkaefo bi a wogye di wɔ hɔ nti no ho asɛm. Nanso sɛ woyi eyinom fi ɔman no mu a, honhom mu duwui nkutoo na ɛbɛka, yiw ɔman ahyehyɛde a awu. Oo, hwɛ nea ɛbɛma wɔasu bere a Romafo asraafo a wɔyɛ adwuma sɛ Onyankopɔn abrafo sɛe Yuda man no! Yohane 19:6-17; 18:31; Luka 23:24-31; Mateo 27:31, 32; Marko 15:20, 21.

▪ Sobo bɛn na nyamesom akannifo no de bɔ Yesu bere a wɔn amammui sobo no yɛ ɔkwa no?

▪ Dɛn nti na Pilato suro?

▪ Henanom na wɔyɛ bɔne kɛse wɔ nea ɛto Yesu no mu?

▪ Awiei koraa no, ɔkwan bɛn so na asɔfo no tumi ma Pilato de Yesu ma wɔn sɛ wɔnkokum no?

▪ Dɛn na Yesu ka kyerɛ mmea a na wosu no no, na dɛn na ɔkyerɛ bere a ɔka “dumono” ne afei “duwui” ho asɛm no?