Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdefo no ne Lasaro

Ɔdefo no ne Lasaro

Ti 88

Ɔdefo no ne Lasaro

NÁ YESU reka ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so de honam fam ahonyade di dwuma no ho asɛm akyerɛ n’asuafo no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yentumi nyɛ nkoa mma eyinom na bere koro no ara mu no yɛayɛ nkoa ama Onyankopɔn. Farisifo no nso retie, na wofi ase serew Yesu efisɛ wɔyɛ sikapɛfo. Enti ose wɔn sɛ: “Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.”

Bere adu sɛ nsakrae ba wɔn a wɔyɛ adefo wɔ wiase nneɛma mu, amammui tumi ne nyamesom sodi ne nkɛntɛnso so. Wɔbɛbrɛ wɔn ase, na wɔbɛma wɔn a wohu wɔn honhom mu ahiade no so. Yesu kyerɛ nsakrae a ɛte saa bere a ɔkɔ so ka kyerɛ Farisifo no sɛ:

“Mmara ne adiyifo no besii Yohane [Osuboni no] so; efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam abran so kɔ mu. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.”

Kyerɛwfo ne Farisifo no de Mose Mmara a wɔka sɛ wodi so no hoahoa wɔn ho. Kae sɛ bere a Yesu nam anwonwa kwan so maa ɔbarima bi huu ade wɔ Yerusalem no, wɔhoahoaa wɔn ho sɛ: “Yɛn de Mose asuafo ne yɛn. Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose.” Nanso afei Mose Mmara no adi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛkyerɛ ahobrɛasefo kwan akɔ Onyankopɔn Ɔhene a wayi no a ɔne Yesu Kristo so no ho dwuma awie. Enti efi Yohane som adwuma no mfiase no, nnipa nyinaa, titiriw ahobrɛasefo ne ahiafo, reyere wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no asefo.

Esiane sɛ afei de na Mose Mmara no renya ne mmamu nti, na wɔayi ɛsodi ho ahyɛde no afi hɔ. Mmara no ma kwan sɛ wogyina nneɛma ahorow bi so gyae aware, nanso afei de Yesu se: “Obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware, (na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)” Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛte saa no bɛma Farisifo no bo afuw, titiriw esiane sɛ wogyina nneɛma ahorow so ma awaregyae ho kwan nti!

Yesu retoa ne nsɛm a ɔreka akyerɛ Farisifo no so no, ɔma mfatoho bi a ɛfa nnipa baanu bi a wɔn gyinabea, anaa wɔn tebea sakrae mpofirim ho. So wubetumi ahu wɔn a mmarima no gyina hɔ ma wɔn ne nea wɔn tebea horow no a ani danee no kyerɛ?

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔdefo bi traa ase a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ ne nwera pa, na ɔde asetra fɛfɛ gye n’ani daa. Na ohiani bi nso traa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano na watutu akuru. Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu.”

Wɔ ha no, Yesu de ɔdefo no gyina hɔ ma Yudafo nyamesom akannifo a ɛnyɛ Farisifo ne kyerɛwfo no nko na mmom Sadukifo ne asɔfo mpanyin no nso. Wɔyɛ adefo wɔ honhom hokwan ahorow mu, na wɔyɛ wɔn ade te sɛnea ɔdefo no yɛe no. Wɔn atade kɔkɔɔ a ahene na wɔhyɛ no kyerɛ wɔn gyinabea a ɔdom wom no, na nwera pa no yɛ wɔn ho trenee a wobu no ho mfonini.

Saa ɔdefo kuw ahohoahoafo yi bu mpapahwekwa no animtiaa kɛse, na wɔfrɛ wɔn ‛am ha·’a΄rets, anaa famfo. Enti ɔdesrɛfo Lasaro gyina hɔ ma saafo yi a nyamesom akannifo no mma wɔn honhom mu aduan ne hokwan ahorow no. Enti, te sɛ Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuru no, wobu mpapahwekwa animtiaa sɛ wɔyare honhom mu na akraman na wɔfata sɛ wɔne wɔn bɔ. Nanso honhom mu kɔm ne sukɔm de Lasaro kuw no mufo na enti wɔwɔ abobow ano hwehwɛ sɛ wobenya honhom fam aduan mporoporowa kakra biara a ebefi ɔdefo no pon no so agu fam no.

Afei Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ nsakrae a ɛbae wɔ ɔdefo no ne Lasaro tebea no mu no mu. Dɛn ne nsakrae ahorow yi, na egyina hɔ ma dɛn?

Ɔdefo ne Lasaro Tebea Sakra

Ɔdefo no gyina hɔ ma nyamesom akannifo a na wɔwɔ honhom fam hokwan ahorow no na Lasaro yɛ mpapahwekwa a honhom mu aduan ho kɔm de wɔn no ho mfonini. Yesu toa n’asɛm no so na ɔka nsakrae titiriw bi a ɛbaa mmarima no nsɛm tebea mu ho asɛm.

Yesu ka sɛ: “Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no. Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman [Hades] no, na ɔwɔ aninyanne mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.”

Esiane sɛ ɔdefo no ne Lasaro nyɛ nnipa ankasa nti na mmom nnipa akuw ho mfonini nti, ntease wom sɛ wɔn wu no nso yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Wɔn wu no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne anaasɛ egyina hɔ ma dɛn?

Bere tiaa bi ni a Yesu atwe adwene asi nsɛm tebea mu nsakrae a aba no so bere a ɔkae sɛ ‘Mmara ne Adiyifo no besii Yohane Suboni so, na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa’ no. Enti, ɛyɛ Yohane ne Yesu Kristo asɛnka no ho na ɔdefo no ne Lasaro nyinaa wui wɔ wɔn kan tebea mu no.

Saa Lasaro kuw ahobrɛasefo a wɔasakra wɔn adwene no wu wɔ wɔn kan honhom mu ohia no ho na wobenya ɔsoro dom. Bere a na anka wɔhwɛ mporoporowa a afi honhom mu ɔpon so agu fam kwan fi nyamesom akannifo hɔ no, afei Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a Yesu de ma no redi wɔn ahiade ho dwuma. Enti wɔde wɔn ba Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn kokom anaasɛ n’anim gyinabea a ɔdom wom mu.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔka bom yɛ ɔdefo kuw no ba ɔsoro nnome ase esiane sɛ wɔkɔ so pow sɛ wobegye Ahenni asɛm a Yesu kyerɛkyerɛɛ no atom nti. Enti wowu wɔ wɔn kan tebea a ɛte sɛ nea ɔdom wom no ho. Nokwarem no, wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so aninyanne mu. Tie bere a ɔdefo no kasa no.

“Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu yaw ogyaframa yi mu.” Na Onyankopɔn atemmu nkrasɛm a ano yɛ hyew a na Yesu asuafo no rebɔ no dawuru no na na ɛrema ɔdefo kuw no mufo rehu aninyanne no. Wɔpɛ sɛ asuafo no gyae nkrasɛm a wɔka yi na wɔnam saayɛ so anya ahotɔ bi wɔ wɔn aninyanne no mu.

“Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wudii yiye na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu yaw. Na eyi nyinaa nkamfuaw, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohɔ ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.”

Hwɛ sɛnea nsakrae a ɛyɛ nwonwa ba Lasaro ne ɔdefo kuw no ntam ma ɛfata! Nsɛm tebea mu nsakrae no ba wɔ asram kakraa bi akyi wɔ Pentekoste, 33 Y.B. mu bere a wɔde apam foforo no sii Apam Dedaw no ananmu no. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ na asuafo no anya Onyankopɔn anim dom na ɛnyɛ Farisifo ne nyamesom akannifo afoforo no. Enti, “oku kɛse” a ɛda sɛnkyerɛnne kwan so ɔdefo no ne Yesu asuafo ntam no gyina hɔ ma Onyankopɔn trenee atemmu a ɛnsakra no.

Afei ɔdefo no srɛ “agya Abraham” sɛ ɔnsoma Lasaro nkɔ ‘n’agya fi; na ɔwɔ nuabarimanom baanum.’ Enti ɔdefo no ka ne bɔne kyerɛ sɛ ɔne agya foforo bi a ɔne Satan Ɔbonsam ankasa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔdefo no srɛ sɛ Lasaro mmrɛ Onyankopɔn atemmu nkrasɛm no ano a ɛyɛ den no ase sɛnea ɛbɛyɛ a ne “nuabarimanom baanum,” ne ɔsom mu nnamfo remma “aninyanne mu ha yi bi.”

“Na Abraham kae sɛ: Wɔwɔ Mose ne Adiyifo no; ma wontie wɔn!” Yiw, sɛ ne “nuabarimanom baanum” no bekwati aninyanne de a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wobetie Mose ne Adiyifo no nkyerɛwee a ɛma wohu Yesu sɛ Mesia no na afei wɔbɛyɛ n’asuafo. Nanso ɔdefo no pow eyi: “Dabi, agya Abraham na sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakra wɔn adwene. Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne Adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye nni.” Onyankopɔn remfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow mma na ama saafo agye adi. Sɛ nkurɔfo benya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no na wɔde di dwuma. Luka 16:14-31; Yohane 9:28, 29; Mateo 19:3-12; Galatifo 3:24; Kolosefo 2:14; Yohane 8:44.

▪ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔdefo no ne Lasaro wu no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, na wɔn wu no yɛ dɛn ho mfonini?

▪ Ɛdefi Yohane som adwuma no mfiase no, nsakrae bɛn na Yesu kyerɛ sɛ ɛba?

▪ Wɔ Yesu wu akyi no, na dɛn na wobeyi afi hɔ, na eyi bɛka awaregyae asɛm no dɛn?

▪ Wɔ Yesu mfatoho no mu no, henanom na wogyina hɔ ma ɔdefo no, ne Lasaro?

▪ Dɛn ne aninyanne a wɔyɛɛ ɔdefo no, na ɔkwan bɛn so na ɔsrɛe sɛ wonnye no mfi mu?

▪ “Oku kɛse” no gyina hɔ ma dɛn?

▪ Hena ne ɔdefo no agya ankasa, na henanom ne ne nuabarimanom baanum no?