Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfrɛ Asuafo Baanan

Ɔfrɛ Asuafo Baanan

Ti 22

Ɔfrɛ Asuafo Baanan

MMƆDEN a wɔbɔe sɛ wobekum Yesu wɔ ne kurom Nasaret akyi no, ɔkɔ Kapernaum a ɛbɛn Galilea Po no. Eyi ma Yesaia nkɔmhyɛ foforo bi nya mmamu. Ɛyɛ nea ɛka siei sɛ nnipa a wɔte Galilea a ɛwɔ mpoano behu hann kɛse no.

Bere a Yesu yɛ ne kanea kura adwuma a ɛne Ahenni ho asɛnka wɔ ha no, ohu n’asuafo no mu baanan. Bere bi a atwam mu no, eyinom ne no nantewee, nanso bere a wɔne Yesu fii Yudea bae no, wɔsan kɔyɛɛ wɔn mpataayi adwuma no. Akyinnye biara nni ho sɛ, afei Yesu hwehwɛ wɔn, efisɛ bere aso sɛ onya daa aboafo a obetumi atete wɔn ma wɔatoa ɔsom adwuma no so wɔ ne kɔ akyi.

Enti bere a Yesu nam po no ano no, ohu Simon Petro ne ne mfɛfo sɛ wɔhoro wɔn asawu, na ɔkɔ wɔn nkyɛn. Ɔforo Petro ɔkorow na ɔka sɛ ɔnhare na wɔnkɔ. Bere a wɔkɔ akyiri kakra no, Yesu tra ase wɔ korow no mu na ofi ase kyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ mpoano hɔ no.

Ɛno akyi no, Yesu ka kyerɛ Petro sɛ: “Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam!”

Petro bua sɛ, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛanya hwee, nanso w’asɛm nti megu asawu no.”

Bere a wogu asawu no, wɔkyere nam pii araa ma asawu no fi ase tetew. Mmarima no frɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow foforo a ɛbɛn hɔ mu no ntɛm ara sɛ wɔmmɛboa wɔn. Bere tiaa bi no, mpataa pii yɛ akorow abien nyinaa ma araa ma efi ase mem. Bere a Petro hu eyi no, ɔhwe Yesu anim na ɔka sɛ: “Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa ɔdebɔneyɛfo.”

Yesu bua sɛ, “Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.”

Yesu frɛ Petro nua Andrea nso. Ɔhyɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” Wɔfrɛ wɔn yɔnkonom mpataayifo Yakobo ne Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no nso saa ara, na wotie a wɔntwentwɛn wɔn nan ase. Enti wɔn baanan no gyaw wɔn mpataayi adwuma no na wɔbɛyɛ Yesu daa asuafo baanan a wodi kan. Luka 5:1–11; Mateo 4:13–22; Marko 1:16–20; Yesaia 9:1, 2.

▪ Dɛn nti na Yesu frɛ n’asuafo no sɛ wonni n’akyi, na eyi yɛ henanom?

▪ Anwonwade bɛn na ɛma Petro suro?

▪ Mpataayi adwuma bɛn na Yesu frɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ?