Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkɔ Asɔrefi hɔ Bio

Ɔkɔ Asɔrefi hɔ Bio

Ti 103

Ɔkɔ Asɔrefi hɔ Bio

YESU ne n’asuafo no ada Betania nea ɛto so abiɛsa fi bere a wofi Yeriko bae no. Afei Dwoda, Nisan 10 anɔpa tutuutu no, wosi kwan so kɔ Yerusalem. Ɔkɔm de Yesu. Enti bere a ohu borɔdɔma dua a ahaban wɔ so no ɔkɔhwɛ sɛ asow anaa.

Ntease nim koraa sɛ ahaban wɔ dua no so efisɛ borɔdɔma ba wɔ June mu, nanso saa bere yi yɛ March awiei. Nanso, ɛda adi sɛ Yesu te nka sɛ esiane sɛ borɔdɔma no ayi ahaban ntɛm nti ebia ná asow ntɛm. Nanso wanya hwee wɔ so. Ahaban no ama dua no daadaa nnipa. Afei Yesu dome dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da!” Ade kyee no wohuu nea efii Yesu adeyɛ no mu bae ne nea ɛkyerɛ.

Yesu ne n’asuafo no toa so du Yerusalem. Ɔkɔ asɔrefi a ná wakɔhwehwɛ hɔ nnɛra awia no. Nanso ɛnnɛ de, ɔyɛ biribi sɛnea ɔyɛe mfe abiɛsa a atwam bere a ɔbaa Twam no wɔ afe 30 Y.B. mu no. Yesu pam wɔn a wodi gua wɔ asɔrefi hɔ no na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua. Ɔmma kwan mpo sɛ obi bɛsoa biribiara wɔ asɔrefi hɔ.

Ɔkasa tia sikasesafo ne wɔn a wɔtɔn mmoa wɔ asɔrefi hɔ no sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.” Wɔyɛ adwowtwafo efisɛ wogye bo akɛse fi wɔn a nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔtɔ mmoa a wɔde bɔ afɔre fi wɔn nkyɛn no hɔ. Enti Yesu bu adwuma a ɛte saa no sɛ nsisi anaasɛ adwowtwa.

Bere a asɔfo mpanyin, kyerɛwfo ne mpanyimfo no te nea Yesu ayɛ no, wɔsan bɔ pɔw sɛ wobekum no. Wɔde ɛno kyerɛ sɛ wontumi nsakra. Nanso, wonhu sɛnea wobekum Yesu, efisɛ nnipa no nyinaa atwa ne ho ahyia retie no.

Amanaman mufo nso ka Yudafo ho aba rebedi Twam no. Eyinom yɛ wɔn a wɔadan Yudafo, kyerɛ sɛ wɔasakra aba Yudafo nyamesom mu. Helani bi a ɛda adi sɛ wadan Yudani ka kyerɛ Filipo sɛ ɔpɛ sɛ ohu Yesu. Filipo ka kyerɛ Andrea a ebia obisa sɛ nhyiam a ɛte saa no fata anaa. Ɛda adi sɛ Yesu da so ara wɔ asɔrefi hɔ, beae a Helafo no tumi hu no.

Yesu nim sɛ aka ne nkwa nna kakraa bi, enti ɔyɛ ne tebea no ho mfatoho fɛfɛ sɛ: “Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa ba no anuonyam. Nokware, nokware, mise mo sɛ awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.”

Awifua nsom bo pii. Nanso, sɛ wɔde hyɛ dɔte mu na “ewu” a ɛnyɛ aba bio no ɛ? Efifi na ɛyɛ dua na ɛsow awi pii. Saa ara nso na Yesu yɛ onipa biako pɛ a ɔyɛ pɛ. Nanso sɛ okura nokwaredi mu ma Onyankopɔn na owu a, wɔbɛfa no so ama anokwafo a wɔwɔ ne ho a ɔde bɔ afɔre honhom no bi no anya daa nkwa. Enti Yesu ka sɛ: “Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.”

Ɛda adi sɛ Yesu nsusuw ne nkutoo ho, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi som me a, onni m’akyi, na nea me wɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’agya bedi no ni.” Yesu akyidi ne ne som ho akatua a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Ɛyɛ akatua a ɛne sɛ Agya no hyɛ obi anuonyam na ɔyɛ no Kristo yɔnko wɔ Ahenni no mu.

Yesu dwen amanehunu kɛse ne owu yayaw a ɛda hɔ ma no no ho enti ɔtoa so sɛ: “Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu!” Obetumi akwati nea ɛda hɔ ma no no ɛ! Nanso, dabi, sɛnea ɔka no: “Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.” Yesu pene Onyankopɔn nhyehyɛe mũ a n’ankasa afɔrebɔ wu ka ho no nyinaa so. Mateo 21:12, 13, 18, 19; Marko 11:12–18; Luka 19:45–48; Yohane 12:20–27.

▪ Dɛn nti na Yesu hwɛ kwan sɛ obenya borɔdɔma bere a ná ɛnyɛ ne bere no?

▪ Dɛn nti na Yesu frɛ wɔn a wɔtɔn ade wɔ asɔrefi hɔ no “adwowtwafo”?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu te sɛ awifua a ewu?

▪ Yesu te nka dɛn wɔ amanehunu ne owu a ɛda hɔ ma no no ho?