Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkasa a Ɛsen Biara a Wɔama Pɛn

Ɔkasa a Ɛsen Biara a Wɔama Pɛn

Ti 35

Ɔkasa a Ɛsen Biara a Wɔama Pɛn

ADEHWƐ no yɛ nea werɛ remfi da wɔ Bible abakɔsɛm mu: Yesu te bepɔw bi so na ɔma ne Bepɔw so Kasa a agye din yiye no. Beae no bɛn Galilea Po, ebia ɛbɛn Kapernaum. Anadwo mũ nyinaa a Yesu de bɔɔ mpae akyi no, bere tiaa bi ni a wapaw n’asuafo no mu 12 sɛ asomafo. Afei ɔne wɔn nyinaa foro bepɔw no ba beae a ɛda fam yi.

Ebedu saa bere yi no ebia wubesusuw sɛ Yesu abrɛ na ɔpɛ sɛ ɔda. Nanso nkurɔfokuw pii aba hɔ, ebinom fi Yudea ne Yerusalem a ɛbɛyɛ sɛ akwansin 60 kosi 70. Ebinom fi Tiro ne Sidon mpoano a ɛwɔ kusuu fam. Wɔrebetie Yesu na wasa wɔn yare. Wɔn mu binom mpo yɛ wɔn a adaemone, Satan abɔfo bɔne haw wɔn.

Bere a Yesu si fam no, ayarefo bɛn no na woso ne mu na ɔsa wɔn nyinaa yare. Ɛno akyi no ɛda adi sɛ Yesu foro kɔ beae a ɛkɔ soro wɔ bepɔw no so. Ɔtra ase wɔ hɔ na ofi ase kyerɛkyerɛ nkurɔfokuw a wɔtete n’anim wɔ beae a ɛda fam no. Na wode susuw ho hwɛ! Atiefo no mu biara nni hɔ a ɔyɛ ɔyarefo!

Nnipa no ho pere wɔn sɛ wobetie ɔkyerɛkyerɛfo a otumi yɛ anwowade ahorow yi. Nanso, Yesu asuafo a ɛbɛyɛ sɛ wɔwɔ ne nkyɛn pɛɛ no titiriw nti na ɔma ɔkasa no. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mu mfaso nti, Mateo ne Luka nyinaa kyerɛw too hɔ.

Mateo asɛnka no ho kyerɛwtohɔ no ware sen Luka de no bɛyɛ mpɛn anan. Bio nso, Mateo kyerɛwtohɔ no fã bi wɔ hɔ a Luka kyerɛw te sɛ nea akyiri yi na Yesu kae wɔ ne som adwuma no mu sɛnea sɛ yɛde Mateo 6:9-13 toto Luka 11:1-4 ho na yɛde Mateo 6:25-34 toto Luka 12:22-31 ho a, yebetumi ahu no. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Ɛda adi sɛ Yesu kaa asɛm koro mpɛn pii, na Luka kyerɛw eyinom mu bi wɔ mmere horow mu.

Ɛnyɛ honhom mu ntease a emu dɔ a ɛwɔ Yesu asɛm no mu nkutoo na ɛma ɛsom bo pii saa, na mmom nokware no a ɔka no ɔkwan tiaa so na ɔma emu da hɔ no nso. Ɔde osuahu a ntease wom ne nneɛma a nnipa no nyinaa nim di dwuma, na ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn a wɔhwehwɛ asetra a eye kyɛn so wɔ Onyankopɔn kwan so no nyinaa te nea ɔka no ase.

Henanom Na Wɔwɔ Anigye Ankasa?

Obiara pɛ sɛ n’ani gye. Esiane sɛ Yesu nim eyi nti, ɔka wɔn a wɔwɔ nokware anigye ho asɛm de fi ne Bepɔw so Asɛnka no ase. Sɛnea yebetumi ahu no, eyi bɛyɛ n’atiefo pii no dɛ ntɛm ara. Nanso ne nsɛm a ɔde fi ase no bɛyɛ te sɛ abirabɔ ma nnipa no mu pii.

Yesu ka asɛm no kyerɛ n’asuafo no na ofi ase sɛ: “Nhyira ne mo ahiafo, na Onyankopɔn ahenni yɛ mo dea. Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, na wɔbɛma moamee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛserew. Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo . . . Momma mo ani nnye da no, na munni ahurusi! na hwɛ, mo akatua so ɔsoro.”

Eyi yɛ Yesu kasa no mfiase ho kyerɛwtohɔ a Luka yɛe. Nanso sɛnea Mateo kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu kae nso sɛ wɔn a wodwo, mmɔborohunufo, wɔn a wɔn komam tew ne apatafo nso wɔ nhyira. Yesu ka sɛ eyinom wɔ nhyira efisɛ wobenya asase no adi, wobehu wɔn mmɔbɔ, wobehu Nyankopɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

Nanso anigye a Yesu ka no nyɛ anigye a obi nya bere a odi agoru no. Nokware anigye mu dɔ, ɛma asetra mu akomatɔyam.

Enti Yesu ka sɛ wɔn a wɔwɔ nokware anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, wɔn bɔne tebea ma wɔn werɛ how, na wobehu Nyankopɔn na wɔsom no. Afei sɛ mpo wɔtan wɔn anaasɛ wɔtaa wɔn esiane sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nti a, wɔn ani gye efisɛ wonim sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani na wobenya daa nkwa akatua afi ne hɔ.

Nanso, Yesu atiefo no mu pii te sɛ nnipa binom a wɔwɔ hɔ nnɛ a wosusuw sɛ yiyedi ne anigyede ahorow a obi benya mu kyɛfa no na ɛma anigye no. Yesu ne eyinom nyɛ adwene. Ɔka asɛm a ɛbɛma n’atiefo no ho adwiriw wɔn sɛ:

“Nanso mo a moyɛ adefo, munnue! na moanya mo awerɛkyekye dedaw. Mo a moamee, munnue! na ɔkɔm bɛde mo. Mo a moreserew yi, munnue! na mo werɛ bɛhow, na moasu. Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue! na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no.”

Yesu kyerɛ dɛn? Dɛn nti na ahonya, ɔserew a wɔde di anigyede akyi ne nkamfo a efi nnipa hɔ de awerɛhow ba? Efisɛ sɛ obi nsa ka nneɛma yi na n’ani gye ho a, oyi Onyankopɔn som a ɛno nkutoo na ɛde nokware anigye ba no fi n’asetra mu. Bere koro no ara mu no, Yesu nka sɛ ohia, ɔkɔm ne awerɛhow a obi di ara kwa no kyerɛ sɛ obenya anigye. Nanso, ɛtaa ba sɛ ahiafo a wɔte saa no tie Yesu nkyerɛkyerɛ na wɔde nokware anigye hyira wɔn.

Afei Yesu ka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Mone asase so nkyene.” Nokwarem no, ɔnkyerɛ sɛ wɔyɛ nkyene ankasa. Mmom no nkyene tumi kora ade so. Na pii gu afɔremuka no ho wɔ Yehowa asɔrefi, na asɔfo a wɔsom no de hyɛ afɔrebɔde nkyene.

Yesu asuafo no yɛ “asase so nkyene” a ɛkyerɛ sɛ wɔn nkɛntɛnso kora nnipa so. Nokwarem no, wɔn nkrasɛm no bɛbɔ obiara a obetie no nkwa ho ban! Ɛbɛma nnipa yi anya suban pa, nokwaredi, na asiw honhom ne honam mu ɔporɔw biara kwan wɔ wɔn mu.

Yesu ka kyerɛ n’asuafo no sɛ, “Mone wiase hann.” Sɛnea wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so no, saa ara na Yesu ka sɛ: “Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” Yesu asuafo yɛ eyi denam wɔn baguam adansedi no so, ne afei sɛ wɔbɛhyerɛn wɔ abrabɔ a ɛne Bible nnyinaso hyia ho nhwɛso ahorow mu.

Gyinapɛn a Ɛkorɔn ma N’akyidifo

Nyamesom akannifo no bu Yesu sɛ obi a obu Onyankopɔn Mmara so, na mpo ɛnkyɛe na wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. Enti Yesu toa ne Bepɔw so Asɛnka no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifo no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ no ma.”

Yesu wɔ obu a emu dɔ sen biara ma Onyankopɔn Mmara, na ɔhyɛ afoforo nso nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. Nokwarem no, ɔka sɛ: “Obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu,” a ɛkyerɛ sɛ saa onipa no renkɔ Ahenni no mu koraa.

Sɛ anka Yesu bebu n’ani agu Onyankopɔn Mmara so mmom no, ɔkasa tia su ahorow a ɛma obi bu so no mpo. Bere a Yesu ka sɛ Mmara no ka sɛ “Nni awu” akyi no, ɔde ka ho sɛ: “Na me de mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ.”

Esiane sɛ obi yɔnko a ne bo befuw no no yɛ aniberesɛm na mpo ebetumi de awudi aba nti, Yesu yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na asomdwoe aba no ho mfatoho. Ɔkyerɛkyerɛ sɛ: “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”

Yesu dan adwene si Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so ason no so na ɔtoa so sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware!” Nanso Yesu kasa tia suban a ɛma wɔsɛe aware no mpo. “Mise mo sɛ obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”

Ɛnyɛ ɔbra bɔne ho a obi dwen bere tiaa mu ara kwa ho asɛm na Yesu ka, na mmom sɛ ‘ɔbɛkɔ so ahwɛ.’ Ade a wɔkɔ so hwɛ saa no kanyan akɔnnɔ bɔne a sɛ hokwan bue a, ebetumi akowie awaresɛe mu. Ɔkwan bɛn so na obi betumi abɔ eyi ho ban na amma saa? Yesu yɛ nea ehia biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ho nhwɛso sɛ: “Na sɛ w’aniwa nifa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! . . . Na sɛ wo nsa nifa to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene.”

Mpɛn pii no nkurɔfo fi wɔn pɛ mu twa wɔn honam akwaa a ɔyare wom de gye wɔn ho nkwa. Nanso sɛnea Yesu kyerɛ no, ɛho hia yiye sɛ ‘wɔtow ade biara kyene,’ mpo biribi a ɛho hia te sɛ aniwa anaa nsa, na abɔ obi ho ban afi ɔbra bɔne ho adwene ne nneyɛe ho. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ, anyɛ saa a, wɔde nnipa a wɔte saa begu Gehena (sumina a ogya dɛw wɔ mu a ɛbɛn Yerusalem), a egyina hɔ ma daa ɔsɛe.

Yesu ka nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne na wɔfom afoforo nso ho asɛm. Ɔde afotu ma sɛ, “Mo ne ɔbɔne no nni asi, na nea ɔpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.” Yesu nka sɛ ɛnsɛ sɛ obi bɔ n’ankasa anaa n’abusua ho ban bere a wɔatua no no. Asotɔre mpira, na mmom ɛyɛ ɔyaw. Enti, nea Yesu ka ne sɛ obi ka wo ntɔkwaw denam sotɔre ankasa anaasɛ ɔyaw so, na sɛ woyɛ bi tua so ka a, ɛyɛ mfomso.

Bere a Yesu atwe adwene asi Onyankopɔn mmara a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi dɔ ne yɔnko so akyi no, ɔka sɛ: “Na me de mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, (munhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye), na mommɔ mpae mma wɔn a (wɔhaw mo, na) wɔtaa mo.” Ɔde nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa no ka ho sɛ: “Na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so.”

Yesu de ne kasa no fa yi ba awiei denam afotu yi so: “Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ.” Yesu nkyerɛ sɛ nnipa betumi ayɛ pɛ koraa. Mmom no, ɛdenam Onyankopɔn nhwɛso akyi a wobedi so no, wobetumi atrɛw wɔn dɔ mu ma aka wɔn atamfo mpo. Luka kyerɛwtohɔ no ka Yesu nsɛm yi sɛ: “Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no.”

Mpaebɔ, ne Onyankopɔn mu Ahotoso

Bere a Yesu toa n’asɛm no so no, ɔkasa tia nyaatwom a nnipa yɛ de kyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn no. Ɔka sɛ, “Sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim sɛnea nyaatwomfo no yɛ no.”

Yesu toa so sɛ, “Na sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyia adan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn.” Mmom no ɔhyɛ sɛ: “Na wo de, wobɔ mpae a, hyɛn wo mpiam, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae.” Yesu ankasa bɔɔ mpae wɔ baguam, enti ɔnkasa ntia eyi yɛ. Nea ɔkasa tia ne mpae a wɔbɔ de twe atiefo adwene na wɔanya wɔn hɔ ayeyi.

Yesu kɔ so de afotu ma sɛ: “Na sɛ mobɔ mpae a, monnka asɛm koro mpɛn pii kwa sɛ abosonsomfo.” Yesu nkyerɛ sɛ asɛm koro a woti mu ka no ankasa yɛ mfomso. Bere bi a na n’ankasa rebɔ mpae no “ɔkaa asɛm koro no ara.” Nanso nea ɔkasa tia ne nsɛm a wɔakyere agu tirim a “woti mu ka bere nyinaa” te sɛ wɔn a wɔkan nhene na woti wɔn mpae a wɔakyere agu tirim mu bɔ no.

Yesu de mpaebɔ nhwɛso a ɛyɛ adesrɛ ason ma n’atiefo na aboa wɔn ma wɔatumi abɔ mpae. Abiɛsa a edi kan no fa Onyankopɔn tumidi ne n’atirimpɔw ho. Ɛyɛ Onyankopɔn din a ɛsɛ sɛ ɛho tew, n’Ahenni a ɛsɛ sɛ ɛba ne n’apɛde a ɛsɛ sɛ ɛyɛ hɔ ho adesrɛ. Anan a aka no yɛ obi ankasa ahiade ahorow a ɛne daa aduan, bɔne fafiri, sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ ɛboro n’ahoɔden so ne ɔbɔne no nsam a wobegye no afi ho adesrɛ.

Yesu toa so, na ɔka afiri a honam fam nneɛma a wɔde adwene si so pii yɛ no ho asɛm. Ɔhyɛ sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia.” Ɛnyɛ sɛ ademude a ɛte saa no tumi yera nko, na mmom enni Onyankopɔn anim dom biara nso.

Enti Yesu ka sɛ: “Na monhyehyɛ ademude ɔsoro.” Onyankopɔn som a wode bedi kan wɔ w’asetra mu no so na wobɛfa ayɛ eyi. Obiara ntumi nwia Onyankopɔn dom a wubenya afi eyi mu anaasɛ emu akatua a ɛsõ no. Afei Yesu de ka ho sɛ: “Nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”

Yesu retoa so aka afiri a ade dodowpɛ yɛ no ho asɛm no, ɔyɛ mfatoho sɛ: “Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu.” Aniwa a ɛyɛ adwuma yiye no te sɛ kanea a wɔasɔ wɔ sum mu ma nipadua no. Nanso sɛ aniwa behu ade yiye a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea eye, kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde adwene si ade biako so. Aniwa a enhu ade yiye mma wonsusuw nneɛma ho yiye, ɛma wɔde honam fam nneɛma hwehwɛ di Onyankopɔn som anim, na nea efi mu ba ne sɛ “nipadua no nyinaa” yɛ kusuu.

Yesu nam mfatoho a ɛfata so de asɛm yi ba awiei: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a, ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata obiako ho na wabu obiako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].”

Bere a Yesu de afotu yi ma wie no, ɔma n’atiefo no awerɛhyem sɛ sɛ wɔde Onyankopɔn som di kan a, ɛho renhia sɛ wodwinnwen wɔn honam fam ahiade ahorow ho. Ɔka sɛ: “Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn.” Afei obisa sɛ: “Na monsom bo nsen wɔn anaa?”

Afei, Yesu ka wuram sukooko ho asɛm na ɔka sɛ “Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako.” Ɔtoa so sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban . . . ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?” Enti Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? . . . Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”

Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwa Mu

Ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no ne Yesu nkyerɛkyerɛ a wobedi so. Nanso eyi a wɔbɛyɛ no nyɛ mmerɛw. Sɛ nhwɛso no, Farisifo no kasa tia afoforo na ɛda adi sɛ nnipa pii suasua wɔn. Enti Yesu toa Bepɔw so Asɛnka no so na ɔde afotu yi ma sɛ: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo.”

Farisifo a wɔyɛ katee no nhwɛso akyi a wobedi no yɛ asiane. Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Yesu yɛ asiane yi ho mfatoho sɛ: “So onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amoa mu anaa?”

Katee a wɔyɛ wɔ afoforo so, wɔn mfomso ho nsɛm a wɔka no pii na wɔkasa tia wɔn no yɛ mfomso a anibere wom. Enti Yesu bisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi duaa no mimfi w’aniwa mu, na hwɛ, mpuran wɔ w’aniwa mu? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’aniwa mu kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi duaa no afi wo nua aniwa mu.”

Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo no de nhumu di dwuma koraa wɔ nnipa afoforo ho nsɛm mu, efisɛ ɔka sɛ: “Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim.” Nokware a efi Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ kronkron. Ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nhene. Nanso sɛ nnipa binom a wɔte sɛ akraman anaasɛ mprako nkyerɛ nokware a ɛsom bo yi ho anisɔ a, ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no gyaw wɔn hɔ kɔhwehwɛ wɔn a wobetie.

Ɛwom sɛ Yesu aka mpaebɔ ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu dedaw de, nanso afei osi sɛnea ɛho hia sɛ wɔkɔ so kura mu no so dua. Ɔhyɛ sɛ: “Mummisa, na wɔbɛma mo.” Yesu yɛ krado a Onyankopɔn ayɛ wɔ mpaebɔ tie ho no ho mfatoho na obisa sɛ: “Mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? . . . Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?”

Ɛno akyi no Yesu de nea abɛyɛ abrabɔ mu mmara a agye din a wɔtaa frɛ no Mmara Pa no ma. Ɔka sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Mmara yi a yɛde bɛtra ase no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa, yɛbɛyɛ wɔn sɛnea yɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn.

Nea ɛkyerɛ sɛ nkwa kwan no so nantew nyɛ mmerɛw no da adi wɔ Yesu ahyɛde yi mu: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”

Asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛdaadaa obi no yɛ kɛse nti Yesu bɔ kɔkɔ sɛ: “Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.” Yesu ka sɛ te sɛ nea wobetumi de dua pa ne dua bɔne aba ahu wɔn no, saa ara na wobetumi de atoro adiyifo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ betumi ahu wɔn.

Yesu toa so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ nea obi ka ara kwa no na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Ne suani na mmom nea ɔyɛ. Ebinom ka sɛ Yesu ne wɔn Awurade, nanso sɛ wɔnyɛ n’Agya apɛde a, ɔka sɛ: “Mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”

Awiei koraa no, Yesu de ne kasa no ba awiei wɔ ɔkwan a werɛ remfi da so. Ɔka sɛ: “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ase ɔbotan so.”

Yesu ka nea ɛne eyi bɔ abira no ho asɛm sɛ: “Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anhwea so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛhwee ase, na n’asehwe no so.”

Bere a Yesu wie ne kasa no, nkurɔfokuw no ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no ho, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, ɛnyɛ te sɛ wɔn nyamesom akannifo no. Luka 6:12-23; Mateo 5:1-12; Luka 6:24-26; Mateo 5:13-48; 6:1-34, New World Translation; 26:36-45; 7:1-29; Luka 6:27-49.

▪ Ɛhe na Yesu wɔ bere a ɔma ɔkasa a agye din sen biara no, henanom na wɔwɔ hɔ, na dɛn na na asi bere tiaa bi ansa na ɔrema ɔkasa no?

▪ Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Luka kyerɛw ɔkasa no mu nkyerɛkyerɛ no bi wɔ tebea foforo mu?

▪ Dɛn na ɛma Yesu kasa no som bo?

▪ Henanom na wɔwɔ nokware anigye, na dɛn ntia?

▪ Henanom na wonnue, na dɛn ntia?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo yɛ “asase so nkyene” ne “wiase hann”?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu wɔ obu kɛse ma Onyankopɔn mmara?

▪ Ahyɛde a etu nea ɛde awudi ne awaresɛe ba ase bɛn na Yesu de ma?

▪ Dɛn na Yesu kyerɛ bere a ɔka sɛ wɔnnan aso biako no nso mma no?

▪ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ pɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ pɛ no?

▪ Mpaebɔ ho akwankyerɛ bɛn na Yesu de ma?

▪ Dɛn nti na ɔsoro ademude ye kyɛn so, na wɔyɛ dɛn nya?

▪ Mfatoho ahorow a ebetumi aboa obi ma wakwati honam fam ade dodowpɛ bɛn na ɔde ma?

▪ Dɛn nti na Yesu ka sɛ enhia sɛ wodwinnwen?

▪ Dɛn na Yesu ka wɔ afoforo a wobu wɔn ntɛn no ho; nanso ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛ sɛ ehia sɛ n’asuafo no de nhumu di dwuma wɔ nnipa ho?

▪ Dɛn na Yesu ka bio wɔ mpaebɔ ho, na abrabɔ mu mmara bɛn na ɔde ma?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ sɛ nkwa kwan no so nantew renyɛ mmerɛw, ne sɛ asiane a ɛne sɛ wobetumi adaadaa obi no wɔ hɔ?

▪ Yesu de ne kasa no ba awiei dɛn, na nkɛntɛnso bɛn na enya?