Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkyerɛkyerɛ Bio Wɔ Da a Ɛto so Ason No

Ɔkyerɛkyerɛ Bio Wɔ Da a Ɛto so Ason No

Ti 68

Ɔkyerɛkyerɛ Bio Wɔ Da a Ɛto so Ason No

ƐDA SO ara yɛ Asese Afahyɛ no da a etwa to a ɛne da a ɛto so ason. Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi no fã baabi a wɔfrɛ no sɛ “Sikakorabea hɔ.” Ɛda adi sɛ eyi wɔ beae a wɔfrɛ no Mmea Atrae a wɔde nnaka a nnipa no de wɔn ntoboa ahorow gu mu sisi no.

Wɔsɔ akanea wɔ saa beae a ɛwɔ asɔrefi hɔ yi da biara anadwo wɔ afahyɛ no mu. Wɔde akaneannua akɛse anan a emu biara wɔ ayowa akɛse anan a ngo wom sisi ha. Ayowa 16 yi mu ngo a ɛredɛw no hann ano yɛ den araa ma ɛhyerɛn kɔ akyirikyiri anadwo. Afei nea Yesu ka yi betumi ama n’atiefo akae saa adeyɛ yi. Yesu ka sɛ: “Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu na obenya nkwa hann.”

Farisifo no kasa tia eyi: “Wo de, wudi w’ankasa wo ho adanse; w’adanse no nyɛ nokware.”

Yesu bua sɛ: “Sɛ midi m’ankasa me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim nea mifi ne nea merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Me na midi me ho adanse, na agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”

Farisifo no bisa sɛ, “Ɛhe na w’agya wɔ?”

“Yesu bua sɛ: “Munnim me, na munnim m’agya nso; sɛ munim me a, anka munim agya no nso.” Ɛwom mpo sɛ na Farisifo no da so ara pɛ sɛ wɔkyere Yesu de, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Yesu ka bio sɛ: “Me de, merekɔ, na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.”

Bere a ɔka eyi no, Yudafo no fi ase bisa sɛ: “Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo de mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wi yi ase; me de, mimfi wi yi ase.” Afei ɔde ka ho sɛ: “Sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu.”

Nokwarem no, na Yesu reka n’asetra ansa na ɔbɛyɛɛ onipa ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔne Mesia anaasɛ Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ no ho asɛm. Nanso wɔde animtiaabu kɛse bisa sɛ: “Wone hena?”

Esiane sɛ wɔpow no no nti, Yesu bua sɛ: ‘Dɛn nti na merekasa akyerɛ mo mpo koraa?’ Nanso ɔtoa so sɛ: “Nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.” Yesu toa so sɛ: “Sɛ munya ma onipa ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.”

Bere a Yesu ka eyinom no, nnipa pii gye no di. Ɔka kyerɛ eyinom sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”

N’asɔretiafo de wɔn ano to asɛm no mu bi na wɔka sɛ: “Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?”

Ɛwom sɛ na Yudafo no taa kɔhyɛ tumidi foforo ase de, nanso na wonnye nhyɛsofo biara ntom sɛ wɔn wura. Wɔampene sɛ wɔbɛfrɛ wɔn nkoa. Nanso Yesu da no adi kyerɛ wɔn sɛ wɔyɛ nkoa. Ɔkwan bɛn so? Yesu ka sɛ: “Nokware mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.”

Bɔne nkoa a Yudafo no pow sɛ wɔyɛ no de wɔn gyina gyinabea a asiane wom mu. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Akoa nka fie daa; na ɔba de, ɔtra hɔ daa.” Esiane sɛ akoa nni awunyade hokwan biara nti, ɔwɔ asiane a ɛne sɛ wobetumi apam no bere biara mu. Ɔba a wɔwoo no anaasɛ wɔagye no aba fie hɔ no nkutoo na ɔtra hɔ “daa,” kyerɛ sɛ ɔte hɔ bere dodow a ɔda so te ase.

Yesu toa so sɛ: “Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.” Enti nokware a ɛma nnipa de wɔn ho no yɛ nokware a ɛfa Ɔba no, Yesu Kristo ho. Ɛnam ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no nkutoo so na wobetumi agye obi afi bɔne a edi awu no mu. Yohane 8:12–36.

▪ Ɛhe na Yesu kyerɛkyerɛ wɔ da a ɛto so ason no? Dɛn na esi wɔ hɔ anadwo, na ɔkwan bɛn so na eyi fa Yesu nkyerɛkyerɛ ho?

▪ Dɛn na Yesu ka wɔ faako a ofi no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi da no adi wɔ onii a ɔyɛ no ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yudafo no yɛ nkoa, nanso nokware bɛn na ɛbɛma wɔayɛ adehye?