Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkyerɛkyerɛ Nikodemo

Ɔkyerɛkyerɛ Nikodemo

Ti 17

Ɔkyerɛkyerɛ Nikodemo

BERE a Yesu wɔ Twam afahyɛ no ase wɔ afe 30 Y.B. mu no, ɔyɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwade ahorow. Eyi nti nnipa pii gye no di. Ɛka Nikodemo a ɔyɛ Yudafo asennibea kɛse a wɔfrɛ no Sanhedrin no muni no koma, na ɔpɛ sɛ osua nneɛma pii ka ho. Enti ɔkɔ Yesu nkyɛn anadwo sum mu, a ebia osuro sɛ sɛ Yudafo mpanyimfo afoforo hu no a, n’anim begu ase.

Ɔka sɛ: “Rabi, yenim sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Yesu bua Nikodemo sɛ, sɛ obi betumi ahyɛn Onyankopɔn Ahenni mu a, gye sɛ “wɔwo no foforo.”

Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi awo obi foforo? Nikodemo bisa sɛ: “Obi betumi akɔ ne na yam bio ma wɔawo no?”

Dabi, ɛnyɛ saa na obi a wɔwo no foforo no kyerɛ. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.” Bere a wɔbɔɔ Yesu asu na honhom kronkron sian baa ne so no, na ɛkyerɛ sɛ wofi “nsu ne honhom mu” awo no. Ɛdenam mpaemuka a efi soro a na ɛka ho a ese ‘Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani’ no so no, Onyankopɔn bɔɔ amanneɛ sɛ wawo honhom mu ɔba bi a ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛhyɛn ɔsoro Ahenni no mu. Akyiri yi, wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, afoforo a wɔabɔ wɔn asu benya honhom kronkron na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔawo wɔn nso sɛ Onyankopɔn honhom mu mma.

Nanso afã a Onyankopɔn Ba titiriw a ɔyɛ ɔdesani yi wɔ no ho hia. Yesu ka kyerɛ Nikodemo sɛ: “Sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma onipa ba no so, na obiara a ogye no di anya daa nkwa.” Yiw, sɛnea na ɛsɛ sɛ Israelfo a awɔ a wɔwɔ bɔre kekaa wɔn no hwɛ kɔbere ɔwɔ no na wɔanya nkwa no, saa ara na ɛho hia sɛ adesamma nyinaa nya gyidi wɔ Onyankopɔn Ba no mu na wɔagye wɔn nkwa afi wɔn owu tebea no mu.

Bere a Yesu resi Yehowa afã a ɔdɔ wom wɔ eyi mu no so dua no, ɔka kyerɛ Nikodemo bio sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Enti, ɛha wɔ Yerusalem bere a Yesu fi ne som adwuma no ase akyi asram asia no, ɔma emu da hɔ pefee sɛ ɔno ne nea Yehowa Nyankopɔn nam ne so gye adesamma nkwa.

Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mu kyerɛ Nikodemo sɛ: “Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn,” kyerɛ sɛ wammebu adesamma abusua no kumfɔ. Mmom no, sɛnea Yesu ka no, wɔsomaa no “sɛ wɔmfa no so nnye wiase.”

Nikodemo nam sum ase aba Yesu nkyɛn efisɛ osuro. Enti ɛyɛ anigye sɛ Yesu de ɔne no nkɔmmɔbɔ no ba awiei sɛ: “Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann [a Yesu ma ɛdaa adi wɔ n’asetra ne ne nkyerɛkyerɛ mu] no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Na obiara a ɔyɛ bɔne tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔayi no ne nnwuma ho ntɛn. Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.” Yohane 2:23–3:21; Mateo 3:16, 17; Asomafo no Nnwuma 2:1–4; Numeri 21:9.

▪ Dɛn na ɛma Nikodemo kɔ Yesu nkyɛn, na dɛn nti na ɔkɔ anadwo?

▪ Sɛ “wɔwo obi foforo” no kyerɛ dɛn?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ afã a ɔwɔ wɔ yɛn nkwagye mu no ho mfatoho?

▪ Sɛ Yesu ammebu wiase atɛn no kyerɛ dɛn?